Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 3/1 kr. 8-13
  • Monsakra Mo Adwene Na Munnya Komam Nhumu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Monsakra Mo Adwene Na Munnya Komam Nhumu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Sɛnea Amanaman no Nantew’
  • Adwenhunu a Aduru Sum
  • Koma a Ennim de ne Nea Apirim
  • “Wɔn Ani Nwu Ade Bio”
  • “Monkɔ So Nnantew Sɛ Hann Mma”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Twe Wo Ho Fi Sum No Ho​—Tena Hann No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Monkɔ So Nnantew Yehowa Kwan So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Onyankopɔn Hann Hyerɛn Esum Mu!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 3/1 kr. 8-13

Monsakra Mo Adwene Na Munnya Komam Nhumu

“Enti meka eyi na midi adansi Awurade mu, sɛ monnnantew bio sɛnea amanaman a aka no nantew wɔn adwene hunuyɛ mu no.”​—EFESOFO 4:17.

1. Dɛn na yɛn adwene ne koma yɛ ma yɛn?

ADWENE ne koma ya akwaa a nnipa wɔ no mu abien a ɛyɛ nwonwa sen biara. Ewom sɛ wɔn dwumadi dɔɔso pii de, nanso ankorankoro biara de a ɔwɔ no yɛ soronko wɔ ɔfoforo de ho. Sɛnea yɛn adwene ne koma yɛ adwuma fa no nya yɛn nipasu, kasa, nneyɛe, nkate, ne nneɛma a ɛsom bo ma yɛn no so nkɛntɛnso kɛse.

2, 3. (a) Ɔkwan bɛn so na Bible de nsɛm “koma” ne “adwene” di dwuma? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma koma ne adwene no nyinaa ho hia yɛn?

2 Wɔ Bible mu no, wɔtaa de “koma” gyina hɔ ma nkanyan, ne nkate horow, na “adwene” nso gyina hɔ ma nyansa, ne nsusuwii tumi horow. Nanso, koma ne adwene nyinaa di nsɛ. Sɛ nhwɛso no, Mose hyɛɛ Israelfo no sɛ: “Fa sie wo koma mu [New World Translation ase hɔ asɛm, “ɛsɛ sɛ wokae wɔ w’adwenem”] sɛ, [Yehowa] ne Onyankopɔn.” (Deuteronomium 4:39) Yesu ka kyerɛɛ kyerɛwfo a na wɔrepam ne tiri so no sɛ: “Adɛn nti na mudwen bɔne mo koma mu?”​—Mateo 9:4; Marko 2:6, 7.

3 Eyi kyerɛ sɛ adwene ne koma wɔ abusuabɔ bi a emu yɛ den. Wɔne wɔn ho di nkitaho, ɛtɔ mmere bi a wɔboa wɔn ho wɔn ho ma wodi dwuma sɛ kuw a wɔayɛ biako, nanso wɔtaa ne wɔn ho wɔn ho di aperepere de pɛ nea obedi ne yɔnko so. (Mateo 22:37; fa toto Romafo 7:23 ho.) Enti, sɛ yebenya Yehowa anim dom a, ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ yehu yɛn adwene ne komam tebea yiye nko, na mmom ɛsɛ sɛ yɛtete wɔn ma wɔbom yɛ adwuma wɔ biakoyɛ mu, na wodi atirimpɔw koro ho dwuma. Ɛsɛ sɛ yɛsakra yɛn adwene na yenya adwenem nhumu.​—Dwom 119:34; Mmebusɛm 3:1.

‘Sɛnea Amanaman no Nantew’

4. Ɔkwan bɛn so na Satan anya nnipa adwene ne wɔn koma so nkɛntɛnso, na dɛn na afi mu aba?

4 Satan aben yiye wɔ sɛnea wɔdaadaa nnipa na ɔma wɔyɛ nea ɔpɛ mu. Onim sɛ, sɛ obetumi adi nnipa so a, ɛsɛ sɛ ɔde n’adwene si wɔn adwene ne wɔn koma so. Ofi nnipa abakɔsɛm mfiase pɛɛ afa akwan horow so na watumi adi saa atirimpɔw no ho dwuma. Nea afi mu aba ne sɛ, “wiase no nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) Nokwarem no, Satan atumi akɛntɛn wiase no mufo koma ne wɔn adwene so yiye araa ma Bible no ka wɔn ho asɛm sɛ “abusua a wɔakɔntɔn na wɔakyea.” (Filipifo 2:15) Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛ saa abusua a wɔakɔntɔn na wɔakyea no koma ne adwenem tebea mu pefee, na ne nsɛm yi yɛ kɔkɔbɔ ma yɛn nyinaa nnɛ. Sɛ nhwɛso no, yɛsrɛ wo kenkan Efesofo 4:17-19, na fa toto Paulo nsɛm a ɛwɔ Romafo 1:21-24 no ho.

5. Dɛn nti na Paulo kyerɛw afotu a emu yɛ den kɔmaa Efesofo no?

5 Sɛ yɛkae sɛ na Efeso kurow no agye dimmɔne wɔ ɔbrasɛe ne ahonisom mu a, ɛma yɛte nea enti a Paulo kyerɛw nsɛm a anibere wom sɛɛ kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ hɔ no ase. Ɛwom sɛ na Helafo no wɔ wɔn animdefo ne anyansapɛfo a na wɔagye din yiye no de, nanso ɛte sɛ nea Helafo nhomasua maa nnipa no mu pii tumi yɛɛ bɔne kɛse, na wɔn amammerɛ no ma wotumi yɛɛ wɔn nneɛma bɔne no yiye mmom. Ná Paulo mfɛfo Kristofo a wɔte tebea a ɛte sɛɛ mu no ho asɛm hia no yiye. Ná onim sɛ anka wɔn mu dodow no ara yɛ amanaman mufo a ‘wɔnantewee senea wi yi ase abrabɔ te.’ Nanso na afei de wɔagye nokware no atom. Wɔasakra wɔn adwene, na wɔanya komam nhumu. Nea ɛsen biara no, na Paulo pɛ sɛ ‘wɔnantew sɛnea ɛfata ɔfrɛ a wɔde afrɛ wɔn no.’​—Efesofo 2:2; 4:1.

6. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn ani ku Paulo nsɛm no ho?

6 Tebea no te saara nnɛ. Yɛn nso yɛte wiase bi a nneɛma bɔne na ebu sɛ ɛsom bo, emu abrabɔ aporɔw, na atorosom nneyeɛ wom mu. Yɛn mu pii atra ase sɛnea wiase yi abrabɔ te no pɛn. Ná ɛsɛ sɛ yɛn mu binom nso ne wiasefo bɔ da biara da. Ebinom tete afie a wiase honhom di akoten wom mu. Enti, ɛho hia yiye sɛ yɛte nea Paulo nsɛm no kyerɛ ase na yenya n’afotu no mu mfaso.

Adwenhunu a Aduru Sum

7. Dɛn na na Paulo nam asɛm “wɔn adwene hunuyɛ mu no” no so rekyerɛ?

7 Nea ɛbɛyɛ na Paulo anya biribi a emu yɛ den de agyina n’afotu a ese ɛnsɛ sɛ Kristofo ‘kɔ so nantew sɛnea amanaman no nantew” no akyi no, odi kan ka “wɔn adwene hunuyɛ” ho asɛm. (Efesofo 4:17) Dɛn na ɛno kyerɛ? Sɛnea The Anchor Bible kyerɛ no, asɛmfua a wokyerɛɛ ase “hunuyɛ” no kyerɛ adehunu, anihawde, ahuhude, nkwaseasɛm, nea atirimpɔw biara nni akyi, ne abasamtu.” Enti, na Paulo rekyerɛ sɛ ebia na edin a wogye wɔ Hela ne Roma wiase no mu ne mu anuonyam bɛyɛ sɛ nea ɛyɛ fɛ, nanso na nokwarem no, akyidi yɛ adehunu, nkwaseade, na atirimpɔw biara nnim. Ná wɔn a wɔpɛ sɛ wogye din na wonya anuonyam no rennya hwee sɛ abasamtu ne huammɔdi. Nnyinasosɛm koro yi ara di dwuma wɔ nnɛ wiase yi mu.

8. Akwan bɛn so na wiase no mmɔdemmɔ yɛ adehunu?

8 Wiase no wɔ mu animdefo ne atitiriw a wɔn nkyɛn na nnipa kɔhwehwɛ nsemmisa a ɛho hia te sɛ nea ɛyɛe a nkwa bae ne n’atirimpɔw ne sɛnea adesamma daakye bɛyɛ ho, mmuae. Nanso nhumu ne akwankyerɛ bɛn na wɔde ma? Gyidi a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn bi nni hɔ, Onyankopɔn a wɔrentumi nhu sɛ ɔwɔ hɔ anaa onni hɔ, adannandi, ne nsusuwii ne nkyerɛkyerɛmu afoforo pii a etu adwene fra na etia wɔn ho wɔn ho, na ɛmma nhumu biara te sɛ tete amanne ne gyidihunu ahorow no ara pɛ. Ɛte sɛ nea wiase mu nneɛma pii nso tumi ma obi nya abotɔyam ne anigye kakra. Nkurɔfo ka nkunim a wɔadi ne nea wɔatumi ayɛ wɔ nyansahu, adwinni, nnwonto, agumadi, amammui, ne nea ɛkeka ho mu ho asɛm. Wogye wɔn ani wɔ wɔn anuonyam mmere a ɛyɛ tiawa no mu. Nanso, nnipa a wogyee din wɔ nneɛma ahorow mu na werɛ afi wɔn ayɛ abakɔsɛm ne nnɛyi kyerɛwtohɔ nhoma ahorow mu ma. Eyi nyinaa yɛ adehunu, anihawde, ahuhude, nkwaseasɛm, nea atirimpɔw biara nnim, ne abasamtu nkutoo.

9. Nnwuma hunu bɛn na nnipa pii dan kodi akyi?

9 Bere a afoforo hu sɛnea nneɛma ahorow a wɔbɔ ho mmɔden yi yɛ adehunu no, pii dan kɔ honam fam nneɛma akyidi so ​—sika pii a wɔpɛ ne nea sika tumi tɔ a wɔhwehwɛ​—na wɔde eyinom yɛ wɔn asetram botae. Wogye di sɛ nea ɛde anigye ba ne adenya, ahonyade, ne anigyede akyidi. Ɛnyɛ sɛ wɔde wɔn adwene si so nkutoo, na mmom wɔwɔ ɔpɛ sɛ ɛno nti, wɔde biribiara ​—akwahosan, mmusua, ahonim mpo​—bɛbɔ afɔre. Dɛn na efi mu ba? Sɛ́ anka wobenya anigye mmom no, wɔde “yaw pii wowɔɔ wɔn ho.” (1 Timoteo 6:10) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Paulo hyɛɛ ne mfɛfo Kristofo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔnantew sɛnea amanaman a aka no nantew no bio esiane sɛnea adwene a ɛte saa no yɛ adehunu nti.

10. Ɔkwan bɛn so na wiase no mufo “adwenem aduru sum”?

10 Nea ɛbɛyɛ na wakyerɛ sɛ biribiara nni wiase no mu a ɛfata sɛ wɔn ani bere anaa wosuasua no, afei Paulo kae sɛ “wɔn na wɔn adwenem aduru sum.” (Efesofo 4:18) Nokwarem no, wiase no wɔ nnipa a wɔyɛ anyansafo ne animdefo wɔ ɛkame ayɛ sɛ dwumadi ahorow nyinaa mu. Nanso, Paulo kae sɛ wɔn adwenem aduru sum. Dɛn ntia? Nea ɔkae no mfa wɔn nimdeɛ anaa nea wotumi yɛ ho. Asɛm ‘adwene’ no nso betumi akyerɛ beae titiriw a onipa nhumu wɔ, ntease fibea titiriw, sɛnea onipa no te wɔ ne mu. Wɔwɔ sum mu efisɛ wonni hann bi a ɛkyerɛ wɔn kwan wɔ nneɛma a wɔyɛ no mu. Wotumi hu eyi wɔ sɛnea nea ɛyɛ papa ne bɔne atu afra wɔ wɔn adwenem no mu. Ebia nnipa besusuw sɛ nnɛyi nneɛma a wommu ho atɛn, obiara nyɛ nea ɔpɛ adwene no kyerɛ sɛ nnipa ani abue, nanso sɛnea Paulo kyerɛ no, ɛyɛ adwene a emu aduru sum ankasa. Honhom fam no, wɔrewɔ ntwɛtwɛdɛ wɔ sum kabii mu.​—Hiob 12:25; 17:12; Yesaia 5:20; 59:6-10; 60:2 fa toto Efesofo 1:17, 18 ho.

11. Dɛn na ama wiase no mufo adwenem aduru sum no?

11 Dɛn nti na etumi ba sɛ nnipa bi yɛ anyansafo, wɔyɛ animdefo yiye mpo, wɔ nneɛma pii mu nanso wɔwɔ honhom mu sum mu? Paulo maa yɛn ho mmuae wɔ 2 Korintofo 4:4 sɛ: “Wɔn mu na wi yi ase nyame afura wɔn a wonnye nni no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn suban no anuonyam asɛmpa no hann anharan amma wɔn.” Nhyira a ɛsom bo bɛn ara na ɛyɛ sɛ wɔn a wɔagye anuonyam asɛmpa no atom no asakra wɔn adwene na wɔanya komam nhumu sɛɛ!

Koma a Ennim de ne Nea Apirim

12. Ɔkwan bɛn so na wiase no yɛ “nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafo”?

12 Nea ɛbɛboa yɛn bio ma yɛahu nea nti a ɛsɛ sɛ yɛsakra yɛn adwene na yenya komam nhumu no, Paulo twee yɛn adwene kɔɔ nokwasɛm a ɛne sɛ wiase no kwan a ɛnam so ama “wɔayɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafo” no so. (Efesofo 4:18) Ɛnyɛ sɛ nnipa nnye Onyankopɔn nni bio anaasɛ wɔabɛyɛ wɔn a wɔmpɛ nyamesom koraa. Atesɛm krataa nsɛnkyerɛwfo biako kaa no saa kwan yi so sɛ: “Sɛ́ anka yɛbɛka no sɛ wɔmpɛ nyamesom no, yɛmfa asɛm foforo nni dwuma: Nyankopɔn mu gyidi a wɔwɔ nni wɔn asetra so nkɛntɛnso. Nnipa a Nyankopɔn mu gyidi a wɔwɔ no nni wɔn asetra so nkɛntɛnso no pɛ sɛ wɔkamfo wɔn sɛ wogye Nyankopɔn di, na bere koro no ara mu no, wɔde No sie adaka mu, wɔma Opue Kwasida anɔpa nkutoo, na wɔmma No kwan ma onnya wiase amammuisɛm ho adwene a wokura anaa wɔn ankasa asetra mu nkɛntɛnso biara da fi Dwoda kosi Memeneda. [Wowɔ] Onyankopɔn mu gyidi, nanso wonsusuw sɛ Ɔwɔ ahe biara ka wɔ nnɛyi abusua no ho.” Paulo ka no sɛɛ wɔ krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Romafo no mu: “Efisɛ wonim Nyankopɔn, nso wɔanhyɛ no anuonyam sɛ Onyankopɔn, na wɔanna no ase.” (Romafo 1:21) Da biara yehu nkurɔfo a wonnwen Onyankopɔn ho korakora wɔ wɔn asetram. Nokwasɛm ne sɛ, wɔmfa nidi anaa aseda biara mma no.

13. Dɛn ne “nkwa a Onyankopɔn ma no”?

13 Asɛm “nkwa a Onyankopɔn ma no” yɛ nea ɛho hia. Ɛkyerɛ sɛnea adwenem ne honhom fam sum tumi sɛe nnipa adwene wɔ nneɛma a ɛsom bo ho no mu kɔ akyiri. Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase wɔ ha sɛ “nkwa” no nyɛ bi’os (a emu na nsɛmfua te sɛ “biology,” “biography” fi), a ɛkyerɛ asetra kwan no. Mmom no, ɛyɛ zo-e’ (a emu na nsɛmfua te sɛ “zoo,” “Zoology” fi). Sɛnea Vine’s Expository Dictionary of Old and New Testament Words kyerɛ no, nea ɛkyerɛ ne “nkwa sɛ nnyinasosɛm, nkwa ankasa, nkwa sɛnea Onyankopɔn wɔ bi no. . . . Saa nkwa yi na onipa Asehwe no ama wabɛyɛ ho ɔnanani.” Enti na Paulo reka akyerɛ yɛn sɛ ɛnyɛ sɛ adwene ne honhom fam sum de wiase no mufo akɔ honam fam porɔwee mu nko, na mmom atetew wɔne daa nkwa anidaso a Onyankopɔn de hyɛ bɔ no ntam. (Galatifo 6:8) Dɛn nti na ɛte saa? Paulo kɔɔ so kyerɛɛ yɛn nea enti a ɛte saa.

14. Dɛn ne ade biako nti a wiase no yɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafo?

14 Nea edi kan koraa no, ɔkae se “esiane anibiannaso a ɛwɔ wɔn mu no nti.” (Efesofo 4:18; NW) Ɔkasamufã “a ɛwɔ wɔn mu” no si so dua sɛ wɔn anibiannaso no mfi hokwan a wonni na mmom efi Onyankopɔn ho nimdeɛ a wɔboapa pow. Ɔkasamufã yi nkyerɛase afoforo bi ne: “su a ɛwɔ wɔn mu a ɛne pow a wɔpow sɛ wobehu Nyankopɔn.” (The Anchor Bible); “wonni nimdeɛ efisɛ wɔmma kwan na ahyɛn wɔn komam.” (Jerusalem Bible) Esiane sɛ wɔpow, anaasɛ wɔboapa bu Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ animtiaa nti, wonni biribiara a wobegyina so anya nkwa a Yehowa de ma wɔn a wɔkyerɛ ne Ba a ɔkaa nea edi so yi mu gyidi no: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.”​—Yohane 17:3; 1 Timoteo 6:19.

15. Dɛn na ɛma wiase yi yɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafo?

15 Sɛnea Paulo kyerɛ no, ade foforo nso nti a wiase no mufo dodow no ara ayɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafo ne sɛ “wɔn koma apirim.” (Efesofo 4:18) Nea “apirim” kyerɛ wɔ ha ankasa ne biribi a ayɛ den te sɛ nea ɛho asisi kyekye. Yɛn nyinaa nim sɛnea kyekye ba obi ho. Ebia mfiase no na were no yɛ mmerɛw na ɛte ade nka, nanso sɛ biribi kɔ so mia no anaa etwitwiw no a, ɛyɛ den na ɛyɛ pipirii, si kyekye. Were no nte nea etwitwiw hɔ no nka bio. Saara na wɔmfa koma a apirim anaa asi kyekye nwo nnipa a enti wɔbɛwo wɔn no na wonni Onyankopɔn ho nkate biara. Nanso esiane sɛ yɛte wiase yi mu na emu honhom no tumi ka yɛn nti, sɛ wɔammɔ koma no ho ban a, ɛnkyɛ na asi kyekye anaa apirim. Ɛno nti na Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ yiye . . . na bɔne nnaadaa ampirim mo mu biara koma.” (Hebrifo 3:7-13; Dwom 95:8-10) Ɛnde, hwɛ sɛnea ehia sa yɛkɔ so yɛ wɔn a wɔaskra wɔn adwene na wɔanya komam nhumu!

“Wɔn Ani Nwu Ade Bio”

16. Dɛn na afi wiase mufo adwene a emu aduru sum ne nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafo a wɔayɛ no mu aba?

16 Paulo bɔ nea efi saa sum ne ho a wɔtwe no mu ba no mua wɔ ne nsɛm a ɔtoaa so kae yi mu: “Esiane sɛ wɔn ani nwu ade bio nti, wɔde wɔn ho ama ahohwi, na wɔyɛ afide nyinaa anibere mu.” (Efesofo 4:19) Nea nsɛm “esiane sɛ wɔn ani nwu ade bio” kyerɛ ankasa ne “esiane sɛ wɔnte yaw bio”, abrabɔ ho yaw. Saa na koma a asi kyekye no yɛ. Sɛ ɛnte ahonim afobu ne Onyankopɔn anim akontaabu nka bio a, ɛnde na biribiara nni hɔ a esianka no bio. Enti Paulo se “wɔde wɔn ho maa” ahohwi ne afideyɛ. Ɛyɛ ade a wɔboapa fi wɔn pɛ mu yɛ. Sɛnea wɔde “ahohwi” adi dwuma wɔ Bible no mu no, ɛkyerɛ anuɔden, ani a enwu ade su, mmara ne tumidi animtiaabu. Saara nso na, “afideyɛ nyinaa” nkyerɛ nna mu nneyɛe bɔne nko na mmom nneɛma bɔne a wɔyɛ wɔ nyamesom din mu, te sɛ abawo amanne horow a na wɔyɛ wɔ Artemis asɔredan mu wɔ Efeso, a na Paulo akenkanfo no nim no yiye no nso.​—Asomafo no Nnwuma 19:27, 35.

17. Dɛn nti na Paulo kae sɛ nnipa a wɔn ani nwu ade bio no yɛ bɔne “anibere mu” no?

17 Te sɛ nea ahohwibɔ ne afideyɛ nyinaa a saafo yi de wɔn ho hyɛɛ mu mmoroso no nyɛ bɔne ahe biara no, Paulo de ka ho sɛ na wɔyɛ ade “anibere mu.” Sɛ nnipa a wɔda so ara kura abrabɔ pa ho adwene bi yɛ bɔne a, anyɛ yiye koraa no, ebia wɔte ahonu nka na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔrenyɛ saa bio. Nanso wɔn a “wɔn ani nwu ade bio” no yɛ bɔne “anibere mu”, (na sɛnea The Anchor Bible ka no no, “wɔpɛ sɛ wɔyɛ pii ka ho). Bere bi radio so ɔkasafo bi kaa ho asɛm sɛ: “Sɛ wo pue kɔgye w’ani anadwo yi a, wubehia anigye a ɛkyɛn saa ɔkyena anadwo.” Wotutu mmirika de wɔn ho kɔhyɛ nnebɔneyɛ mu kɔ akyiri ara kosi sɛ wobɛmem akodu ahuhubra ase tɔnn ​—na wonhu mfomso biara wɔ ho. Hwɛ sɛnea eyi da “nea amanaman no pɛ” adi yiye! ​—1 Petro 4:3, 4.

18. Sɛ yɛbɔ no mua a, wiase no adwene ne honhom fam tebea bɛn na Paulo daa no adi?

18 Paulo nam nkyekyɛm abiesa pɛ, Efesofo 4:17-19 so da wiase no abrabɔ ne honhom fam tebea ankasa adi. Ɔda no adi sɛ nsusuwii ne nkyerɛkyerɛmu ahorow a wiase animdefo kamfo kyerɛ ne ahonyade ne anigyede akyi a wodi anibere so no yɛ adehunu koraa. Ɔda no adi pefee sɛ esiane wiase no adwene ne honhom mu sum a ɛwom nti, ɛwɔ abrabɔ fam dontori bi mu, na mem ara na ɛkɔ so mem. Awiei koraa no, esiane sɛ wiase no boapa yɛ anibiannaso na epirim ne koma nti, ayɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafo. Nokwarem no, yɛwɔ ntease pa nti a ɛnsɛ sɛ yɛkɔ so nantew sɛnea amanaman no nso nantew no!

19. Nsemmisa atitiriw bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho?

19 Esiane sɛ adwene ne komam sum na ɛma wiase no twe ne ho fi Yehowa Nyankopɔn ho nti, yɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ayi esum nyinaa afi yɛn adwene ne koma mu? Yiw, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛatumi akɔ so anantew sɛ hann mma na yɛakɔso anya Onyankopɔn anim dom? Yebesusuw eyi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

◻ Dɛn na ɛmaa Paulo de afotusɛm a emu yɛ den a ɛwɔ Efesofo 4:17-19 no mae?

◻ Dɛn nti na wiase no akwan yɛ adehunu na aduru sum?

◻ Dɛn na asɛm “nkwa a Onyankopɔn ma ho ananafo” no kyerɛ?

◻ Dɛn na efi adwene a aduru sum ne koma a apirim mu ba?

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Na Efeso agye dimmɔne wɔ ɔbrasɛe ne ahonisom mu

1. Roma Ɔkofo a ɔko gye nnipa ani wɔ Efeso

2. Artemis asɔredɔn amanfo

3. Efeso Agoruhwɛbea

4. Efesofo Artemi, abawo nyamewa

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Nhumu bɛn na wiase no mu atitiriw wɔ ma?

Nero

[mfonini Fibea]

Musei Capitolini, Roma

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena