Ofie Basabasayɛ a Ebegyae
“Ofie basabasayɛ a wobesiw ano ne abusua mu basabasayɛ a wɔbɛbrɛ no ase no hwehwɛ nsakrae akɛse wɔ nnipa asetra mu nneyɛe, ne abusua mu de nyinaa.”—Behind Closed Doors.
ADESAMMA abakɔsɛm mu awudi a edi kan no sii wɔ anuanom ntam. (Genesis 4:8) Ɛno akyi mfe mpempem pii mu no, ofie basabasayɛ ahorow nyinaa aba onipa so. Wɔakamfo ano aduru bebree akyerɛ, nanso akwanside ahorow wɔ pii mu.
Sɛ́ nhwɛso no, basabasayɛfo a wogye wɔn tebea no tom nkutoo na wonya nsiesiei ho mfaso. Obi a ɔyɛ ne yere basabasa a ɔregyae kae sɛ: “Woyi yɛn mu biako biara [a wɔresiesiei no] a, mmarima baasa ka sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ wudi ɔbea no so.’” Enti ɛsɛ sɛ basabasayɛfo no hu sɛnea obedi n’ankasa ne tebea no ho dwuma. Dɛn nti na wadan basabasayɛfo? Ɛdenam mmoa a obenya de ateɛteɛ n’ankasa mfomso ahorow so no, obetumi adi n’asɛnnennen no so.
Abusuabɔ ho nhyehyɛe ahorow ho adwumayɛfo sua koraa. Enti wobu akontaa sɛ mmofra awudi a esi wɔ United States no ɔha biara mu nkyem 90 na wɔbɔɔ abusua mu tebea ahorow a ɛyɛ hu ho amanneɛ ansa na awudi no reba. Enti, nea abusuabɔ ho nhyehyɛe ne polisifo ahyehyɛde ahorow betumi ayɛ no sua. Ade foforo wɔ hɔ a ɛho hia yiye.
‘Onipa Foforo Ho’
Nhwehwɛmu kuw bi ka sɛ: “Biribiara ho nhia nsen abusuabɔ a ɛda abusua mufo ntam a ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ no yiye no.” Ofie basabasayɛ nyɛ ɔhwe ho asɛnnennen ara kwa; nea edi kan no ɛyɛ ɔhaw a efi adwene mu titiriw. Nea ɛma ɛba ne sɛnea abusua mufo—ɔhokafo, ɔba, ɔwofo, onua—bu wɔn ho wɔn ho. Abusuabɔ ahorow yi a wɔbɛhyehyɛ no foforo no kyerɛ sɛ wɔbɛhyɛ nea Bible frɛ no “onipa foforo” no.—Efesofo 4:22-24; Kolosefo 3:8-10.
Momma yɛnhwɛ Bible nnyinasosɛm ahorow a ɛfa abusua ho, a ɛboa yɛn ma yɛhyɛ onipa foforo a ɛte sɛ Kristo de no, a ebetumi aboa ma abusua mufo anya abusuabɔ pa no mu bi.—Hwɛ Mateo 11:28-30.
Sɛnea wobu mmofra: Ɔwofo a obi bɛyɛ no hwehwɛ pii sen abofra ara kwa a ɔbɛwo. Nanso, nea ɛyɛ awerɛhow no, nnipa pii bu wɔn mma sɛ adesoa bi, ma enti wɔn ani nku wɔn asɛyɛde sɛ awofo no ho. Eyinom betumi ayɛ basabasayɛfo kɛse.
Bible no frɛ mmofra sɛ “[Yehowa] agyapade” ne “akatua.” (Dwom 127:3) Awofo wɔ asɛyɛde wɔ Ɔbɔadeɛ no anim sɛ wɔhwɛ saa agyapade no so. Ehia sɛ wɔn a wobu mmofra sɛ adesoa bi no nya onipa foforo no wɔ eyi fam.a
Nea ɛfata sɛ wɔhwehwɛ wɔ mmfra ho: Nhwehwɛmu bi kyerɛe sɛ ɛnanom a wɔyɛ wɔn mma basabasa hwɛ kwan sɛ nkokoaa behu papa ne bɔne ansa na wɔadi afe. Wɔn a wɔyɛɛ wɔn ho nhwehwɛmu no mu nkyekyem abiɛsa biara mu biako kyerɛe pɔtee sɛ asram asia.
Bible no kyerɛ sɛ wɔwo obiara wɔ sintɔ mu. (Dwom 51:5; Romafo 5:12) Ɛnka sɛ wonya nhumu fi awo mu. Mmom no ɛka sɛ obi ‘nam dwumadi so’ ma adwene nsusuwii no tumi ‘nya ntetee wɔ papa ne bɔne yiyi mu.’ (Hebrifo 5:14) Afei, Bible no ka “mofraasɛm,” abofra “agyimisɛm” ne mmerantebere “ahuhude” ho asɛm. (1 Korintofo 13:11; Mmebusɛm 22:15; Ɔsɛnkafo 11:10) Ɛsɛ sɛ awofo te sintɔ ahorow yi ase, na wɔanhwehwɛ antra abofra no mfe ne ne mmɔdenbɔ so.
Nteɛso a wɔde ma mmofra: Wɔ Bible mu no, Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase sɛ “nteɛso” no kyerɛ “kyerɛkyerɛ.” Enti, nteɛso atirimpɔw titiriw ne sɛ ɛbɛtete, ɛnyɛ sɛ ɛbɛma obi ate yaw nka. Wobetumi ayɛ eyi pii a ɔhwe nnim, ɛwom sɛ ebia ɛtɔ da bi a ɛno ho behia de. (Mmebusɛm 13:24) Bible no se: “Muntie nteɛso na munhu nyansa.” (Mmebusɛm 8:33) Paulo nso kyerɛw sɛ ɛsɛ sɛ obi ‘hyɛ ne ho so wɔ bɔne mu,’ na ɔde animka ma wɔ “abodwokyɛre” mu. (2 Timoteo 2:24; 4:2) Eyi mma abufuw ne ɔhyɛ a emu yɛ den mfata, sɛ ɛboro ho behia mpo a.
Esiane Bible nnyinasosɛm ahorow yi nti, bisa wo ho sɛ: ‘So me nteɛso kyerɛkyerɛ, anaa edi tumi denam sɛnea epira no so ara kwa? So me nteɛso de nnyinasosɛm pa ahorow ma anaasɛ osuro ara kwa?’
Baabi a mpanyimfo betumi ayɛ ade akodu: Basabasayɛfo bi kyerɛe sɛ ne ho so a “wantumi anni” ara na ɛmaa ɔhwee ne yere. Ɔfotufo bi bisaa ɔbarima no sɛ ebia wawɔ ne yere sikan pɛn a. Ɔbarima no buae sɛ, “Merenyɛ saa da!” Wɔboaa ɔbarima no ma ohui sɛ ɔreyɛ ade wɔ anohyeto ahorow mu, nanso nea enye wɔ ho ne sɛ na ɛnyɛ anohyeto ahorow a ɛfata.
Ɛhe na wo yɛ ade kodu? So wugyae ansa na akasakasa adan ɔyaw? Anaa wo bo fuw boro so, ma ɛkowie nteɛteɛm, ɔyaw, apiapia, nneɛma totow, anaa ɔhwe mu?
Onipa foforo no wɔ anohyeto a ɛyɛ katee, a ɛmma adwene mu basabasayɛ ne ɔhwe ho kwan koraa. Efesofo 4:29 se: “Mommma asɛm a ɛmfra biara mmfi mo anom.” Nkyekyem 31 de ka ho sɛ: “Momma wonyi anobow nyinaa ne bobɔne ne abufuw ne ano kurokuro ne abususɛm, ɛne bɔnepɛ nyinaa mfi mo mu.” Hela asɛmfua ma “abufuw” no kyerɛ “nkate so a wogyina yɛ ade.” Nea ɛyɛ anika no, nhoma, Toxic Parents hyɛ no nsow sɛ nea ɛtaa hyɛ wɔn a wɔyɛ wɔn mma basabasa agyirae ne “nkate a wontumi nhyɛ so koraa.” Onipa foforo no hyɛ nkate ahorow so wɔ nneyɛe ne ɔkasa fam nyinaa.
Nokwarem no, ɛsɛ sɛ ɔyere ne okunu nyinaa hyɛ onipa foforo no. Ɛsɛ sɛ ɔbea no bɔ mmɔden sɛ ɔnhyɛ ne hokafo abufuw, ɔkyerɛ anisɔ wɔ mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛhwɛ abusua no ho, na ɔboa no. Na ɛnsɛ sɛ wɔn baanu no biara hwehwɛ biribi a ɔfoforo ntumi nyɛ fi ne hɔ—pɛyɛ. Mmom no ɛsɛ sɛ wɔn baanu no de 1 Petro 4:8 di dwuma: “Na ne titiriw no, momfa ɔdɔ a emu yɛ den nnodɔ mo ho, efisɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.”
Obu ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim: Leviticus 19:32 (Today’s English Version) ka sɛ: “Fa obu ma mpanyimfo na di wɔn ni.” Ebia eyi bɛyɛ den, bere a ɔwofo a ne mfe akɔ anim yare na ebia ɔhwehwɛ nneɛma boro so no. Timoteo nhoma a edi kan 5:3, 4 ka ‘nidi’ ne ‘akatua a ɛsɛ’ a wɔde bɛma awofo ho asɛm. Eyi betumi ayɛ sika fam mmoa ne obu a wɔde ma nso. Esiane nea yɛn awofo yɛ maa yɛn bere a yɛyɛ nkokoaa a yentumi nnyɛ hwee no nti, ɛsɛ sɛ yedwen wɔn ho saa ara bere a ɛho ehia saa no.
Di anuanom ntam atutuw so: Ansa na Kain ɔtan no kowiee ne nua Abel a okum no mu no, wɔbɔɔ no kɔkɔ sɛ: “Bɔne butuw wo pon ano. Ɛpɛ sɛ edi wo so, nanso ɛsɛ sɛ wudi so.” (Genesis 4:7, TEV) Wobetumi adi nkate so. Munsua sɛ mobɛtɔ mo bo ase ama mo ho mo ho, na “munnyae nneɛma mu ma ɛnka mmoma mo ho mo ho, esiane sɛ modɔ mo ho nti.”—Efesofo 4:2, Phillips.
Sɛnea Wosua sɛ Wɔbɛka Akyerɛ Obi
Wɔn a wɔyɛ wɔn basabasa wɔ fie no pii nka ho asɛm nkyerɛ obiara. Nanso Ɔbenfo John Wright hyɛ sɛ: “Ɛsɛ sɛ mmea a wɔyɛ wɔn basabasa hwehwɛ nkate ne honam fam ahobammɔ fi obi a ne ho nni asɛm no mu hɔ.” Eyi yɛ nokware wɔ abusua muni foforo biara a wɔyɛ no basabasa ho.
Ɛtɔ mmere bi a ɛyɛ den sɛ nea wɔyɛ no basabasa no bɛka akyerɛ onipa foforo bi. Nnipa abusuabɔ a emu yɛ den sen biara no—abusua no—mu ahotoso mpo de yawdi aba. Nanso, Mmebusɛm 18:24 se: “Adamfo bi wɔ hɔ a ɔfam ne ho sen onua.” Saa adamfo no a wubehu na woasua sɛ wufi anifere mu bɛka akyerɛ no no yɛ ade a ɛsom bo a ɛbɛma woanya mmoa a ɛho hia. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ basabasayɛfo no nso nya mmoa.
Nnipa ɔpehaha pii bɛyɛ Yehowa Adansefo afe biara. Eyinom gye asɛnnennen a ɛyɛ sɛ wɔbɛhyɛ onipa foforo no tom. Wɔn a anka wɔyɛ basabasa wɔ fie ka eyinom ho. Nea ɛbɛyɛ na wɔadi su biara a ɛbɛma wɔasan ayɛ saa so no, ɛsɛ sɛ wɔkɔ so ma Bible no ‘ho ba mfaso ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, ateɛteɛ.’—2 Timoteo 3:16.
Adansefo afoforo yi fam no, onipa foforo no a wɔde bɛhyɛ no yɛ adeyɛ a ɛkɔ so daa, efisɛ Kolosefo 3:10, New World Translation ka sɛ “wɔreyɛ no foforo.” Enti ehia sɛ wɔkɔ so bɔ mmɔden. Nea ɛyɛ anigye no, Yehowa Adansefo wɔ honhom fam “nuabarimanom ne nuabeanom ne ɛnanom ne mma” pii mmoa.—Marko 10:29, 30; hwɛ Hebrifo 10:24, 25 nso.
Afei nso, ahwɛfo a wɔwɔ ɔdɔ a wɔte sɛ “mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea” wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow bɛyɛ 70,000 a ɛwɔ wiase nyinaa no nyinaa mu. Wɔn “ani ne wɔn aso bebue ama nkurɔfo no ahiade ahorow.” (Yesaia 32:2, 3, TEV) Enti Yehowa Adansefo afoforo ne wɔn a wɔwɔ suahu kɛse no nyinaa nya mmoa nwonwaso a enni ano fi Kristofo asafo no mu bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ onipa foforo no.
Ahwɛfo Mmɔborohunufo
Sɛ nkurɔfo begye afotu fi Kristofo ahwɛfo a wɔwɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow no mu hɔ a, wɔatete ahwɛfo yi ma wotie obiara a wɔnhwɛ nnipa anim. Wɔhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnna mmɔborohunu ne ntease adi nkyerɛ obiara, titiriw, wɔn a wɔayɛ wɔn basabasa kɛse no.—Kolosefo 3:12; 1 Tesalonikafo 5:14.
Sɛ́ nhwɛso no, anka wobetumi apira ɔyere a wɔahwe no no kɛse. Wɔ nsase pii so nnɛ no, sɛ wɔhwee obi a onni abusua no mu saa ara a, anka wɔde basabasayɛfo no bɛto afiase. Enti ɛsɛ sɛ wɔne obi a wɔhwe no no di wɔ ayamye kɛse so, sɛnea wɔyɛ wɔn a wohyia basabasayɛ afoforo nyinaa, te sɛ nna mu basabasayɛ no.
Afei, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn a wodi nsɛmmɔne a etia Onyankopɔn mmara ahorow no yi wɔn ho ano. Saa kwan yi so no, wɔma asafo no ho tew, na wɔbɔ afoforo a asɛm nni wɔn ho no ho ban. Na nea ɛsen biara no, ensiw Onyankopɔn honhom no dwumadi kwan.—1 Korintofo 5:1-7; Galatifo 5:9.
Onyankopɔn Adwene wɔ Aware Ho
Sɛ nkurɔfo bɛyɛ Yehowa Adansefo a, wɔpene so sɛ wobedi Kristofo asetra mu nnyinasosɛm ahorow a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no so. Wosua sɛ wɔde ɔbarima no asi abusua no ti, sɛ onni anim wɔ nokware som mu. (Efesofo 5:22) Nanso tiyɛ mma kwan sɛ wɔhwe ɔyere, wɔsɛe ne nipasu, anaasɛ wobu ani gu nneɛma a ɔpɛ so.
Nea ɛne eyi bɔ abira no, Onyankopɔn Asɛm no ka no fann sɛ ɛsɛ sɛ okununom ‘kɔ so dɔ wɔn yerenom, sɛnea Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho mae maa no. Ɛsɛ sɛ okununom dɔ wɔn ankasa yerenom sɛ wɔn ankasa nnipadua. Nea ɔdɔ n’ankasa ne yere no dɔ ne ho; efisɛ obiara ntan n’ankasa honam, na mmom ɔyɛn no, na ɔhwɛ so yiye.’ (Efesofo 5:25, 28, 29) Nokwarem no, Onyankopɔn Asɛm ka no pefee sɛ ɛsɛ sɛ wɔde “nidi” ma ɔyerenom.—1 Petro 3:7; hwɛ Romafo 12:3, 10; Filipifo 2:3, 4 nso.
Nokwarem no, okunu Kristoni biara nni hɔ a obetumi akyerɛ nokwarem sɛ odi ne yere ni ankasa, bere a ɔkasa tia no na ɔhwe no. Ɛno bɛyɛ nyaatwomyɛ, efisɛ Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Okununom, monnɔ mo yerenom, na mommma mo bu mfuw wɔn mmoroso.” (Kolosefo 3:19, NW) Bere a ɛnkyɛ ma Onyankopɔn de atemmu aba nhyehyɛe bɔne yi so wɔ Armagedon no, wobebu nyaatwomfo atɛn sɛnea wɔbɛyɛ wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn nniso no ara pɛ.—Mateo 24:51.
Ɛsɛ sɛ okunu a osuro Onyankopɔn dɔ ne yere sɛ n’ankasa ne nipadua. So ɔbɛhwe n’ankasa nipadua, ɔbɛbobɔ n’ankasa anim, anaa ɔbɛtwe ne ti nhwi atirimɔden so? So ɔde animtiaabu ne ɔkasatia bebu ne ho abomfiaa wɔ afoforo anim? Nokwarem no, wobebu obi a ɔyɛ nneɛma a ɛte saa no sɛ n’adwene nye ma afata.
Sɛ Kristoni barima hwe ne yere a, ɛma ne Kristofo dwumadi a aka nyinaa yɛ kwa wɔ Onyankopɔn ani so. Kae sɛ “ɔmaanefo” mfata ɔsom hokwan ahorow wɔ Kristofo asafo no mu. (1 Timoteo 3:3; 1 Korintofo 13:1-3) Nokwarem no, ɔyere biara a ɔne ne kunu di saa ara no nso reto Onyankopɔn mmara.
Galatifo 5:19-21 bobɔ “ɔtan, akayɛ, . . . abufuw,” ka nneyɛe a Onyankopɔn kyi no ho, na ɛka sɛ “wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi rennya Onyankopɔn ahenni no.” Enti ɛmfata da sɛ obi hwe ne yere anaa ne mma. Ɛtaa tia ɔman mmara, na ɛda adi sɛ etia Onyankopɔn mmara.
Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma a Yehowa Adansefo na wotintim no de Kyerɛwnsɛm mu ntease ama wɔ asɛm no ho, na ɛka wɔ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo nanso wɔyɛ basabasa ho sɛ: “Wobetumi atu obiara a ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni na ɔtaa ma abufuw di no so a onnu ne ho no,” wɔne no mmɔ wɔ ɔsom mu.—Watchtower May 1, 1975, kratafa 287; fa toto 2 Yohane 9, 10 ho.
Nea Onyankopɔn Mmara Ma ho Kwan
Onyankopɔn bebu wɔn a wobu ne mmara ahorow so atɛn awiei koraa. Nanso mprempren, dɛn na n’Asɛm no ma kwan sɛ Kristofo a wɔhwe wɔn no nyɛ, bere a nea odi fɔ no nnu ne ho na ɔkɔ so hwe wɔn no? So ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn ho nni asɛm no kɔ so de wɔn honam, wɔn adwene, ne wɔn honhom mu akwahosan, ebia wɔn nkwa mpo, to asiane mu anaa?
Ɔwɛn-Aban no reka fie basabasayɛ ho asɛm no, ɛhyɛ nea Onyankopɔn Asɛm ma kwan no nsow. Ɛka sɛ: “Ɔsomafo Paulo tu fo sɛ: ‘Ɛnsɛ sɛ ɔyere fi ne kunu nkyɛn; na sɛ onya kɔ a, ma ɔntra ase sɛ ɔhokwafo, anyɛ saa a ma ɔnsan ne ne kunu nkɔbom; na ɛnsɛ sɛ okunu nso fi ne yere nkyɛn.’” Asɛm no kɔ so ka sɛ: “Sɛ ɛba sɛ ɔhwe no ano yɛ den dodow anaasɛ nkwa ankasa da asiane mu a, ɔhokafo gyidini no betumi apaw sɛ ‘obefi ne nkyɛn.’ Nanso ɛsɛ sɛ adwene a ɛwɔ akyi ne sɛ ɔbɛsan ne no ‘akɔbom’ bere a ɛsɛ mu. (1 Korintofo 7:10-16 NW) Nanso, ‘ne nkyɛn a obefi’ no ankasa mfa Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a wɔde gu aware san ware foforo mma; ebia mmara kwan so awaregyae anaa ntetewmu nso de ahobammɔ bi bɛma na basabasayɛ no ankɔ so.”—Watchtower March 15, 1983, nkratafa 28-9; hwɛ Ɔwɛn-Aban—June 1, 1989, nkratafa 22-3 nso.
Ɛsɛ sɛ nea obi a wɔyɛ no basabasa paw sɛ ɔbɛyɛ wɔ tebea ahorow yi mu no yɛ n’ankasa gyinaesi. “Obiara bɛsoa n’adesoa.” (Galatifo 6:5) Obi foforo biara nni hɔ a obetumi asi gyinae no ama ɔbea no. Na ɛnsɛ sɛ obiara hyɛ no ma ɔsan kɔ okunu a ɔyɛ basabasayɛfo bi hɔ, bere a n’akwahosan, ne nkwa, ne ne honhom mu yiyedi da asiane mu. Ɛsɛ sɛ ɛno yɛ n’ankasa gyinae a ofi n’ankasa pɛ mu si, ɛnyɛ sɛ afoforo na wɔrebɔ mmɔden de nea wɔpɛ ahyɛ n’adwene mu.—Hwɛ Filemon 14.
Ofie Basabasayɛ a Ebegyae
Yehowa Adansefo ahu sɛ fie basabasayɛ da nea Bible no ka siei wɔ nna a edi akyiri yi ho no adi, bere a nnipa bebree “bɛyaw,” a “wonni dɔ biara,” na wɔayɛ “keka” no. (2 Timoteo 3:2, 3, The New English Bible) Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ nna a edi akyiri yi akyi no, ɔde wiase foforo a asomdwoe wom bi bɛba, a nnipa “bɛtra ase dwoodwoo a obi bi renyi wɔn hu.”—Hesekiel 34:28.
Wɔ saa wiase foforo a emu yɛ anigye mu no, ofie basabasayɛ betwam korakora. “Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—Dwom 37:11.
Yɛhyɛ wo nkuran sɛ sua pii fa Bible no nkɔmhyɛ ahorow ma daakye no ho. Nokwarem no, wubetumi anya mfaso nnɛ mpo denam Bible nnyinasosɛm ahorow a wode bedi dwuma wɔ w’abusua mu no so.
[Ase hɔ asɛm]
a Afotu pa pii a ɛfa sɛnea obi bɛyɛ ɔwofo a otu mpɔn, wɔ nhoma, Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. no na wotintimii mu, ati 7 kosi 9, “Abawo—Asɛyɛde ne Akatua,” “Mo Asɛyɛde sɛ Awofo,” ne “Mma a Wɔtete Wɔn fi Mmofraase.”
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Bible nnyinasosɛm ahorow boa ma wosiesie abusua mu ntawntawdi ahorow
[Mfonini wɔ kratafa 13]
Ehia sɛ wɔn a wɔyɛ wɔn basabasa no ka kyerɛ adamfo a ɔfata bi