Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 12/8 kr. 10-15
  • Sɛnea Wobɛyɛ Ma Anigye Aba W’abusua Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wobɛyɛ Ma Anigye Aba W’abusua Mu
  • Nyan!—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • DƆ WO YERE
  • BU WO KUNU
  • MUNNI MO HO MO HO NOKWARE
  • MA WO HOKAFO ANI NNYE
  • NYA BERE MA WO MMA
  • FA NTEƐSO A ƐFATA MA
  • MMOFRA​—MUNKWATI WIASE AKWAN
  • MOMMOM NSUA BIBLE
  • Mmusua a Wɔwɔ Anigye wɔ Wiase Nyinaa
  • Abusua Asetra A Wɔbɛma Ayɛ Yiye
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Sɛnea Wobɛma W’abusua Asetena Ayɛ Anigye
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Nya Abusua Asetra Mu Anigye
    Nya Abusua Asetra Mu Anigye
  • W’abusua Betumi Anya Anigye
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1980
g80 12/8 kr. 10-15

Sɛnea Wobɛyɛ Ma Anigye Aba W’abusua Mu

SƐ WUDI sɛnea wɔyɛ cake (keeki) ho akwankyerɛ pa akyi a, ɛma keeki no yɛ dɛ. Saa nso na, akwankyerɛ pa ho hia na yɛanya abusua a anigye wom.

Nyansam no, yebetumi ahwɛ kwan sɛ abusua Hyehyɛfo no de akwankyerɛ a ɛte saa bɛma. Na wayɛ saa. Onyankopɔn de nea ɛbɛma abusua asetra akɔ so yiye no ho akwankyerɛ ama wɔ Bible mu.

Nanso ebia nnipa pii bɛka sɛ: “Nnipa a wowɔ ‘Kristofo’ nsase so no akura Bible no wɔn asetra mu nyinaa, nanso ɛmma wonhuu wɔn abusua asetra mu nsɛm a emu sɛ den ano. Wɔn awaregu dodow taa yɛ nea ɛka nea ɛkɔ soro sen biara no ho.”

Eyi te saa. Mmusua ɔpepem pii a anigye nni mu wɔ Bible. Nanso so wɔakenkan? Nea ɛho ɛhia kɛse no, so wɔde emu nnyinasosɛm ahorow no adi dwuma wɔ wɔn asetra mu? Nokwasɛm no ne sɛ nnipa pii a wɔwɔ Bible no nkenkan na wɔmfa ne mmara ne nnyinasosɛm ahorow no nni dwuma.

Nanso, nnipa bi gye akinnye sɛ: “Mmusua horow bi wɔ hɔ a anigye wom a wɔmfa Bible nni dwuma sɛ akwankyerɛde, na obiara nni abusua no mu a ogye Onyankopɔn di mpo.”

Eyi nso te saa. Ɛnde, dɛn na ɛde wɔn anigye no aba? Ɛba, efisɛ, ɛwom sɛ wɔnhyɛ da nyɛ saa de, nanso abusua no mufo di nnyinasosɛm a ɛte sɛ nea wɔada no adi wɔ Bible mu no akyi. Nokwasɛm no ne sɛ, Onyankopɔn maa nnipa ahonim bere a ɔbɔɔ wɔn, na nnipa bi, ɛwom mpo sɛ wonnim de, nso wofa ɔkwan bi so a ɛbɛn Onyankopɔn mmara ne nnyinasosɛm ma abusua asetra.​—Rom. 2:14, 15.

Dɛn ne Onyankopɔn mmara ne nnyinasosɛm ahorow yi binom? Hwehwɛ mu wɔ nkratafa a edidi so yi so na hwɛ sɛ wunnye ntom sɛ dwuma a wode bedi bɛboa ma anigye aba wo abusua mu anaa.

DƆ WO YERE

Ɔsoro nyansa mu no, Bible ka sɛ: “Ɛsɛ okununom sɛ wodɔ wɔn ankasa wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua.” (Efe. 5:28-30) Bere ne bere mu no, osuahu ada no adi sɛ, sɛnea ɛbɛyɛ na ɔyerenom anya anigye no, ɛsɛ sɛ wɔte nka sɛ wɔdɔ wɔn. Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ okunu de n’adwene kɔ ne yere so titiriw, na oyi ɔdɔ ne ntease adi kyerɛ ma onya ne mu ahotoso. Ɛho hia sɛ ‘odi no nĩ,’ sɛnea Bible ka no, na osusuw ne ho biribiara a ɔyɛ mu. Saa kwan yi so no ɔbea no benya obu ama no.​—1 Pet. 3:7.

BU WO KUNU

Na ɔyerenom nso ɛ? Bible se: “Ɛsɛ sɛ ɔyere nya obu kɛse ma ne kunu.” (Efe. 5:33, NW) Saa afotu yi akyi a wonni yɛ ade titiriw a ɛma okununom bo fuw wɔn yerenom. Ɔyere kyerɛ obu denam ne kunu gyinaesi ahorow akyi a ogyina, na ofi ne kra nyinaa mu boa no ma abusua no dwumadi ahorow kɔ so. Ɛdenam Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde a ɔwɔ sɛ ‘ne kunu boafo ne ne hokafo’ no ho dwuma a odi so no, ɔma ɛyɛ mmerɛw ma ne kunu sɛ ɔbɛdɔ no.​—Gen. 2:18.

MUNNI MO HO MO HO NOKWARE

Bible se: “Ɛsɛ sɛ okununom ne ɔyerenom di wɔn ho wɔn ho nokware.” Ɛka kyerɛ okunu no sɛ: “Wo ne wo yere ani nnye na nya ababaa a wowaree no no ho anigye . . . dɛn nti na ɛsɛ sɛ wode wo dɔ ma ɔbea foforo? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ w’ani gye ɔbarima foforo yere ho?”​—Heb. 13:4: Mmeb. 5:18-20, Good News Bible

‘Nnipa dodow aware,’ ‘yɛ-nea-wopɛ aware’ ne nhyehyɛe afoforo a wɔde si aware ne abusua ananmu, a ɛyɛ awaresɛe ankasa no nyɛ nea ɛde anigye a edi mu ba. Obi a ɔyɛ aware ho nhwehwɛmu kae sɛ: “Nokware a wonni nyɛ nea ɛboa. Nnipa pii susuw sɛ obi foforo nkyɛn a wɔbɛkɔ no betumi ama aware asɔ, nanso adeyɛ a ɛte saa yɛ ɔhaw ho sɛnkyerɛnne bere nyinaa.”

MA WO HOKAFO ANI NNYE

Bible kyerɛkyerɛ sɛ: Anigye mma bere a obi dwen n’ankasa n’anigye ho titiriw wɔ ɔbarima ne ɔbea nna mu mmom sen sɛ obesusuw ne hokafo no ho na waboa ma n’ani agye no. Ese: “Okunu mma ɔyere nea ɛsɛ, na ɔyere nso mma okunu saa ara.” Nea wosi so dua ne ɔma. Na ɛdenam ɔma so no, nea ɔma no nso nya anigye ankasa, sɛnea Yesu Kristo kyerɛe bere a ɔkae sɛ: ‘Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.’​—1 Kor. 7:3; Aso. 20:35.

NYA BERE MA WO MMA

Abofra bi a ogyina klass 3 kyerɛwee sɛ: “M’agya yɛ adwuma bere nyinaa. Ɔmma fie. Ɔma me sika ne nneɛma pii a wode di agoru, nanso minhu no. Medɔ no na me yam a anka ɔrenyɛ adwuma bere nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ na matumi ahu no pii.” Nea ɛyɛ awerɛhow no, ɛte saa ara wɔ mmusua pii mu, na ɛde ɔhaw ba. Hwɛ soronko ara a ɛyɛ bere a awofo di Bible afotu akyi na wɔkyerɛkyerɛ wɔn mma wɔn afitra mu, wɔn kwan so nantew mu, wɔn nnã mu ne wɔn sɔre mu’! Bere a wubenya ama wo mma, na wo ne wɔn abom ayɛ nneɛma ahorow no yɛ nea ɛboa ma anigye ba abusua mu.​—Deut. 11:19.

FA NTEƐSO A ƐFATA MA

Ebia mmofra pii yam a anka wɔn awofo bɛma wɔayɛ biribiara a wɔpɛ. Nanso abofra bi a n’awofo amma no nteɛso biara no kae sɛ: “Ampa, ɛnyɛ agorudi. Ɛma mete nka sɛ midi fɔ na masɛe. Misuro sɛ da koro mɛyɛ biribi a enye koraa.” Esiane sɛ yehu nea ɛho hia nti, Bible no hyɛ nkuran sɛ: “Mo, agyanom, . . . monkɔ so nyɛn [mo mma] wɔ Yehowa kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” Sɛ nteɛso a wɔde ma no yɛ nea ɔhwe anaasɛ hokwan ahorow bi a wɔde kame ka ho mpo a, ɛyɛ nea edi ɔdɔ a awofo wɔ ho adanse. Bible se: “Nea ɔdɔ [ne ba] no teɛ no so ntɛm so.”​—Efe. 6:4; Mmeb. 13:24; 22:15; 23:13, 14.

MMOFRA​—MUNKWATI WIASE AKWAN

Wiase yi hyɛ mmofra ma ‘wɔyɛ nea wɔn ankasa pɛ,’ na wɔtew atua tia tumidi. Afei nso, sɛnea Bible ka no, “agyimisɛm kyekyere abofra koma ho.” (Mmeb. 22:15) Enti ebegye mmɔdenbɔ ankasa na wɔayɛ nea ɛteɛ.

Nanso Bible se: “Mmofra, ɛyɛ mo Kristofo asɛyɛde sɛ mutie mo awofo, efisɛ eyi ne ade a ɛteɛ sɛ moyɛ.” Ɛde nhyira pii bɛba. Enti hu nyansa. Tie afotu no: “Kae wo Bɔfo bere a woda so yɛ abofra.” Ko tia nnubɔne a wobɛfa, asabow, aguamammɔ nneɛma afoforo a ɛto Onyankopɔn mmara a wobɛyɛ ho sɔhwɛ ahorow.​—Efe. 6:1-4; Ɔsɛnk. 12:1, Good News Bible.

MOMMOM NSUA BIBLE

Sɛ abusua no muni biako sua na ɔde Bible mu nnyinasosɛm di dwuma a, ɛbɛboa ma anigye aba abusua no mu. Nanso sɛ wɔn nyinaa yɛ saa​—okunu, ɔyere ne mmofra​—a, nhyira bɛn ara na abusua yi benya! Wobenya abusuabɔ pa a anigye wom, na wɔatumi ne wɔn ho wɔn ho abɔ nkɔmmɔ, bere a abusua no muni biara bɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa wɔn a aka no ma wɔasom Yehowa Nyankopɔn no. Enti momma ɛnyɛ abusua no suban sɛ mobɛbom asua Bible!

Bere a adeyɛ bi ho akwankyerɛ ada adi sɛ etu mpɔw no, so ɛnyɛ nea nyansa wom sɛ wɔde di dwuma? Bible no ada adi sɛ etumi de abusua asetra a anigye wom ho akwankyerɛ pa a ɛte saa ma.

Amerika ɔmampanyin bi a wɔfrɛ no Thomas Jefferson kae sɛ: “Nhoma Kronkron no a wobesua no yiye no bɛma nnipa ayɛ ɔman mma pa, agyanom pa, ne okununom pa Bible no ma nnipa yɛ nnipa pa wɔ wiase.” Ɛma nkurɔfo yɛ nnipa a obiara ani gye sɛ ɔne wɔn bɛtra, nnipa a wɔma abusua yɛ nea anigye wom.

Na so adanse bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Bible mu afotu a wɔde bedi dwuma nnɛ no bɛboa ma anigye aba abusua mu! Yiw, Yehowa Adansefo gye di sɛ Onyankopɔn honhom so na wɔnam kyerɛw Bible no, na enti wobu no sɛ wɔn akwankyerɛde. Atesɛm kyerɛwfo bi a na ɔrekyerɛw wɔn nhyiam a wɔyɛe wɔ Europa ho asɛm no kae sɛ: “Wonim Bible no mu nsɛm araa ma wɔsen wɔn a wɔkɔ asɔfo sukuu no mufo a wɔbɔ mmɔden yiye no mu pii. Ɛno ne nhoma a ɛho hia wɔn sen biara, sɛ ɛnyɛ ɛno nkutoo ne nhoma a wɔn ani gye ho a.”​—Journal d’Europe, August 14, 1973.

Bible mu afotu a wɔde di dwuma no aka wɔn abusua asetra dɛn? Eyi taa da adi kɛse wɔ Yehowa Adansefo nhyiam horow ase. Bere a Green Bay, Wisconsin, Press Gazette atesɛm krataa no rebɔ wɔn nhyiam akɛse a wɔyɛɛ no 1976 mu no biako ho amanneɛ no, ɛkae sɛ:

“Na mmusua ahorow ahorow na ɛwɔ hɔ. Na na mmofra pii a wɔwɔ hɔ, efi nkokoaa a woturu wɔn so kosi wɔn a wɔrebɛn mpanyin afe so no nyɛ biribiara a ɛbɛhaw Adansefo a aka no asomdwoe.

“Mmom no ɛma wɔtee biakoyɛ, nidi ne anigye a na ɛwɔ nnipa pii a wɔahyiam wɔ Brown County Veterans Memorial agoruhwɛbea hɔ ntam no nka kɛse.”

Bible mu mmara horow ne nnyinasosɛm a wɔde di dwuma boa ma anigye ba abusua mu ampa! Okununom ne ɔyerenom pii tra ase ɔdɔ mu, wɔde nteɛso a nyansa wom ma mmofra, na mmofra nso nya obu ma wɔn awofo. Bere bi mu no wɔde mmusua a wɔwɔ anigye a wɔn nyinaa de Onyankopɔn mmara di dwuma bɛhyɛ asase so ma. Yɛbɛyɛ dɛn ahu no pefee saa?

Mmusua a Wɔwɔ Anigye wɔ Wiase Nyinaa

Efisɛ Yehowa Nyankopɔn ankasa na ɔhyehyɛɛ abusua no. Ɔno na ɔkaa nnipa baanu a wodi kan no boom wɔ aware mu, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monwo pii, na mo asefo bɛtra asase nyinaa so na wɔadi so.”​—Gen. 1:28, Good News Bible.

Ná Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ saa asase so mmusua horow yi benya anigye. Ná mmofra renyare na mpanyimfo remmɔ nkwakora ne mmerewa na awiei koraa no wonwuwu. Na Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma adesamma ne sɛ wɔbɛkɔ so atra ase daa wɔ pɛyɛ mu, na bere mu no, wɔasiesie asase yi nyinaa ma abɛyɛ paradise fɛfɛɛfɛ.

Afei na Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw yi benya mmamu. Wɔ mpae a yɛbɔ sɛ Onyankopɔn ahenni mmra mmɛyɛ n’apɛde wɔ asase so sɛnea wɔyɛ ɔsoro no ho mmuaema mu no, ɛrenkyɛ, Onyankopɔn soro nniso no bɛprapra mprempren asase so nniso horow ne wɔn nneyɛe a ɛmfata no nyinaa afi hɔ. (Mat. 6:9, 10; Dan. 2:44) Sɛnea Bible hyɛ bɔ no: “Onyankopɔn ankasa ne [nnipa] bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, kan nneɛma no atwam.”​—Adi. 21:3, 4.

So wopɛ abusua a anigye wom ampa? Yehowa Adansefo de wɔn ho asi hɔ boa nkurɔfo ma wosua Bible. Wɔn ani begye sɛ wɔne wo bɛkɔ so asusuw nneɛma afoforo a ɛfa nea Bible ka wɔ abusua a anigye wom a yebenya ho no ho. Sɛnea ɛbɛyɛ na woatumi ayɛ eyi ho nhyehyɛe no, kyerɛw nsɛmma nhoma yi yɛfo, anaasɛ hwehwɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ mpɔtam hɔ no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena