Nhoma A Efi Nyankopɔn Hɔ
“Adiyisɛm bi amfa nnipa pɛ so amma pɛn, na Onyankopɔn nnipa kronkron no, sɛnea [honhom kronkron, “NW”] de wɔn rekɔ no na wɔkasae.”—2 PETRO 1:21.
1, 2. (a) Dɛn nti na ebinom gye mfaso a ɛwɔ Bible no so ma nnɛ asetra no ho kyim? (b) Nsɛntitiriw abiɛsa bɛn na yebetumi agyina so de adi adanse sɛ Bible no fi Nyankopɔn hɔ?
SO Bible no so wɔ mfaso ma nnipa a wɔreyɛ adu afeha a ɛto so 21 mu no? Ebinom susuw sɛ ɛnte saa. Bere a Oduruyɛfo Eli S. Chesen rekyerɛ nea enti a na ɔte nka sɛ Bible atwam no, ɔkyerɛwee sɛ: “Obiara nni hɔ a ɔbɛka sɛ wɔmfa adufra ho nhoma a wɔkyerɛw no 1924 nkyerɛ sukuufo ade nnɛ—wɔasua adufra ho nsɛm pii fi saa bere no.” Sɛ yɛfa asɛm no ani ani a, ɛte sɛ nea ɛtɔ asom no. Efisɛ efi bere a wɔkyerɛw Bible no, nnipa asua nyansahu, adwene mu ayaresa ne nnipa nneyɛe ho nsɛm pii. Enti ebinom bisa sɛ: ‘Ɛbɛyɛ dɛn na tete nhoma a ɛte saa atumi ne nyansahu ahyia? Ɛbɛyɛ dɛn atumi anya afotu a ɛso wɔ mfaso ma nnɛ asetra?’
2 Bible ankasa ma ho mmuae. Wɔka kyerɛ yɛn wɔ 2 Petro 1:21 sɛ Bible adiyifo no, “sɛnea Honhom Kronkron de wɔn rekɔ no na wɔkasae.” Enti Bible no kyerɛ sɛ ɛyɛ nhoma a efi Nyankopɔn hɔ. Nanso yɛbɛyɛ dɛn atumi ama afoforo agye atom sɛ eyi te saa? Momma yensusuw nsɛntitiriw abiɛsa a edi adanse sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm ho: (1) Ɛne nyansahu hyia, (2) nnyinasosɛm ahorow a entwam da a ɛso wɔ mfaso ma nnɛ asetra wom, na (3) nkɔmhyɛ pɔtee bi a anya mmamu, sɛnea abakɔsɛm mu nokwasɛm ahorow ada no adi, wom.
Nhoma a Ɛne Nyansahu Hyia
3. Dɛn nti na nyansahu mu nkɔanim mmɔɔ Bible no nsɛm ngui?
3 Bible nyɛ nyansahu nhoma. Nanso ɛyɛ nhoma a ɛka nokware, na nokware tumi tra hɔ kyɛ. (Yohane 17:17) Nyansahu mu nkɔanim mmɔɔ Bible no nsɛm ngui. Sɛ ɛka nyansahu ho asɛm a, ɛne nea wobuu no sɛ “nyansahu mu nokwasɛm” a na tete no wogye tom a akyiri yi ɛbɛdaa adi sɛ ɛyɛ anansesɛm no nni abusuabɔ biara. Nokwarem no, ɛka nsɛm bi a ɛnyɛ sɛ ɛne nyansahu hyia nko, na mmom ɛne adwene a na nnipa dodow no ara kura saa bere no bɔ abira koraa nso. Sɛ nhwɛso no, susuw sɛnea Bible ne aduruyɛ mu nyansahu hyia no ho hwɛ.
4, 5. (a) Dɛn na na tete nnuruyɛfo nte ase wɔ nyarewa ho? (b) Dɛn nti na akyinnye biara nni ho sɛ na Mose nim sɛnea na Misraim nnuruyɛfo yɛ aduru?
4 Ná tete nnuruyɛfo nte akwan a nyarewa fa so trɛw no ase yiye, na na wonnim sɛnea ahotew bɔ ɔmanfo ho ban fi nyarewa ho nso. Sɛ yɛde akwan a na wɔfa so sa yare wɔ tete mmere mu no toto nnɛ de ho a, ɛte sɛ nea na ɛmfa kwan mu koraa. Aduruyɛ ho nhoma a akyɛ paa a ɛwɔ hɔ no mu biako ne Ebers Nhoma Mmobɔwee a Misrifo aduruyɛ ho nimdeɛ a efii ase wɔ 1550 A.Y.B. ho asɛm na ɛwom no. Ɛde nyarewa ahorow, “fi dɛnkyɛm ano bɔre so kosi obi bɔwerɛ a etutu no so,” ano aduru bɛyɛ 700 ma. Na akwan a wɔfa so sa yare no dodow no ara nni mũ, na na asiane kɛse wɔ emu bi nso mu. Sɛ kuru tu obi a, na ano aduru a wɔde ma no bi ne sɛ wɔde nnipa tiafi bɛfra nneɛma foforo de atare so.
5 Ɛkame ayɛ sɛ wɔkyerɛw Misraim aduruyɛ nhoma yi bere koro no ara a wɔkyerɛw Bible nhoma horow a edi kan a na Mose Mmara ka ho no. Mose a wɔwoo no 1593 A.Y.B. mu no nyinii wɔ Misraim. (Exodus 2:1-10) Sɛ́ obi a wɔtetee no wɔ Farao fie no, ‘wɔkyerɛɛ Mose Misrifo nyansa nyinaa.’ (Asomafo no Nnwuma 7:22) Na onim sɛnea Misraim “aduyɛfo no” yɛ wɔn ade. (Genesis 50:1-3) So akwan a na enni mũ na asiane wom a na wɔnam so sa yare no nyaa nea ɔkyerɛwee no so nkɛntɛnso?
6. Mose Mmara no mu ahotew mmara bɛn na nnɛyi aduruyɛ ho nimdeɛ bebu no sɛ ɛfata?
6 Nea ɛne no bɔ abira no, na ahyɛde ahorow a ɛfa ahotew ho, a anka nnɛyi aduruyɛ ho nimdeɛ bebu no sɛ ɛfata, wɔ Mose Mmara no mu. Sɛ nhwɛso no, na ɛyɛ mmara sɛ sɛ asraafo kɔbɔ nsra wɔ baabi a, ɛsɛ sɛ wogya wɔn anan wɔ nsra no akyi na wɔkata so. (Deuteronomium 23:13) Na eyi yɛ ahobammɔ a saa bere no na afoforo nnim koraa. Ɛmaa nsu ho tewee na ɛbɔɔ wɔn ho ban fii nyarewa ahorow a nwansena de ba te sɛ konkoruwa ne ayamtu afoforo a ɛda so kunkum nnipa ɔpepem pii afe biara wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu titiriw no ho.
7. Mose Mmara no mu ahotew mmara horow bɛn na ɛboa ma wosiw nsanyare ano?
7 Ná ahotew ho mmara foforo wɔ Mose Mmara no mu a ɛbɔɔ Israelfo ho ban fii nsanyare ho. Ná wɔmma obi a ɔwɔ nsanyare anaa wosusuw sɛ ɔwɔ bi no mma nnipa mu. (Leviticus 13:1-5) Sɛ aboa bi wu (sɛ ebia yare bi kum no) na ne ho ka atade anaa kuruwa bi a, ɛsɛ sɛ wɔhoro ansa na wɔasan de adi dwuma, anaa wɔsɛe no. (Leviticus 11:27, 28, 32, 33) Ná wobu obiara a oso funu mu sɛ ne ho ntew, na na ɛsɛ sɛ odi ahyɛde horow bi so ma ne ho tew, te sɛ n’atade a ɔbɛhoro ne guare a obeguare. Nnanson a na ɛsɛ sɛ ɔde tew ne ho no, na ɛnsɛ sɛ oso nnipa foforo biara mu.—Numeri 19:1-13.
8, 9. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ na Mose Mmara no mu ahotew mmara no yɛ nea ɛde besi saa bere no na ɛso bi mmae da koraa?
8 Saa ahotew mmara yi da nyansa a na ɛso bi mmae da koraa saa bere no adi. Nnɛyi aduruyɛ ho animdefo asua pii afa sɛnea nyarewa trɛw ne ɔkwan a wɔfa so siw ano ho. Sɛ nhwɛso no, aduruyɛ mu nkɔso a wonyae wɔ afeha a ɛto so 19 mu no ma wofii ɔyare mmoawa anosiw ase—ahotew a ɛbrɛ ɔyare mmoawa ase. Nea efi mu bae ne sɛ, ɛtew nyarewa ne ɔpatuwu so kɛse. Wɔ 1900 mu no, na nnipa a wɔwɔ Europa aman pii mu ne United States no nkwa nna nnu mfe 50. Efi saa bere no, mfe a wodi akɔ anim paa, a ɛnyɛ aduruyɛ mu nkɔso a ɛma wotumi sa yare yiye nko nti na aba saa, na mmom ahotew ho nhyehyɛe ne asetra mu tebea horow a etu mpɔn nso ntia.
9 Nanso, mfe mpempem ansa na nnuruyɛfo rebehu akwan a nyarewa fa so trɛw no, na Bible no de ahyɛde a nyansa wom a ɛbɛbɔ nnipa ho ban afi nyarewa ho ama. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Mose tumi kaa Israelfo a na wɔwɔ ne bere so dodow no ara ho asɛm sɛ wodi mfe 70 anaa 80. (Dwom 90:10) Ɛyɛɛ dɛn na Mose tumi huu saa ahotew mmara ahorow no? Bible no ankasa kyerɛkyerɛ mu sɛ: Mmara apam no yɛ nea “wɔnam abɔfo so na ɛhyehyɛe.” (Galatifo 3:19) Yiw, Bible no nyɛ nhoma a wɔde nnipa nyansa na ɛkyerɛwee; ɛyɛ nhoma a efi Nyankopɔn hɔ.
Nhoma a Yetumi De Bɔ Bra Nnɛ
10. Ɛwom sɛ ɛrekɔ mfe 2,000 ni a wɔkyerɛw Bible wiei de, nanso dɛn na ɛyɛ nokware wɔ emu afotu ho?
10 Ɛnkyɛ na nhoma a ɛde afotu ma mu nsɛm atwam ma wɔasakra mu anaa wɔde foforo asi ananmu. Nanso Bible no da mu fua ankasa. Dwom 93:5 ka sɛ: “W’adansesɛm yɛ nokware pii.” Ɛwom sɛ ɛrekɔ mfe 2,000 ni a wɔkyerɛw Bible no wiei de, nanso emu nsɛm no da so ara yɛ nea wotumi de di dwuma. Na ɛmfa ho yɛn honam ani hwɛbea anaa ɔman a yɛte mu no, obiara betumi de adi dwuma. Susuw Bible afotu a ɛyɛ “nokware pii” no ho nhwɛso horow bi ho hwɛ.
11. Mfe pii a atwam ni no, dɛn na wɔdaadaa awofo pii ma wobegye dii wɔ nteɛso a wɔde ma mmofra ho?
11 Mfe pii a atwam no, na awofo pii—a mmofra ntetee ho “adwene a aba so foforo” anya wɔn so nkɛntɛnso no—susuw sɛ “mmarahyɛ yɛ akyide.” Ná wosuro sɛ sɛ wɔtoto mmofra nneyɛe ano hye a, ɛbɛhaw wɔn adwene ama wɔayɛ basaa. Afotufo a na wɔwɔ adwempa sii so dua sɛ nea awofo betumi ayɛ ara ne sɛ wɔbɛteɛ wɔn mma so bɔkɔɔ. The New York Times no bɔ amanneɛ sɛ, seesei afotufo a wɔte saa no “rehyɛ awofo nkuran sɛ wommia wɔn nsɛm kakra, na wɔnsan nna wɔn tumi adi bio.”
12. Dɛn na Hela edin asɛm a wɔkyerɛ ase “nteɛso” no kyerɛ, na dɛn nti na mmofra hia nteɛso a ɛte saa?
12 Nanso Bible no fi bere tenten de mmofra ntetee ho afotu a emu da hɔ na ɛkari pɛ ama dedaw. Ɛhyɛ nyansa sɛ: “Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn [Yehowa, NW] kasakyerɛ [nteɛso, NW] ne nyansakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4) Hela edin asɛm a wɔkyerɛ ase “nteɛso” no kyerɛ “ɔyɛn, ntetee, nkyerɛkyerɛ.” Bible ka sɛ nteɛso anaa nkyerɛkyerɛ yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ awofo dɔ wɔn mma. (Mmebusɛm 13:24) Mmofra di yiye bere a wonya abrabɔ ho akwankyerɛ horow a emu da hɔ a ɛboa wɔn ma wohu papa ne bɔne no. Sɛ wɔteɛ wɔn so sɛnea ɛfata a, ɛma wɔte nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ; wohu sɛ wɔn awofo dwen wɔn ho na wɔntoo wɔn asaworam.—Fa toto Mmebusɛm 4:10-13 ho.
13. (a) Kɔkɔbɔ bɛn na Bible de ma awofo wɔ nteɛso ho? (b) Nteɛso bɛn na Bible hyɛ ho nkuran?
13 Nanso Bible de nteɛso a ɛte saa ho kɔkɔbɔ ma awofo. Ɛnsɛ sɛ awofo de wɔn tumi poopoo mmofra no. (Mmebusɛm 22:15) Ɛnsɛ sɛ wɔtwe abofra biara aso atirimɔden so. Pupopupo mfata abusua a wɔde Bible bɔ wɔn bra koraa. (Dwom 11:5) Saa ara nso na di a wodi afoforo ani mfata—ntaneanibɔ, daa ɔkasatia, ne atɛnnidi, a ne nyinaa betumi ama abofra abotow. (Fa toto Mmebusɛm 12:18 ho.) Bible no de kɔkɔbɔ a nyansa wom ma awofo sɛ: “Munnyi mo mma abufuw, na wɔn koma antu [anaasɛ, “moantu wɔn koma koraa,” Phillips].” (Kolosefo 3:21) Bible de nneɛma a ebetumi ayɛ ahobammɔ ho nyansahyɛ ma. Wɔhyɛ awofo nkuran wɔ Deuteronomium 11:19 sɛ wɔmfa hokwan biara a wobenya so mfa abrabɔ ne honhom fam nneɛma pa nnua wɔn mma mu. Mmofra ntetee ho afotu a ɛte saa a emu da hɔ na ntease wom yi tumi yɛ adwuma nnɛ sɛnea na ɛte wɔ Bible mmere mu no ara pɛ.
14, 15. (a) Ɔkwan bɛn so na nea Bible de ma no nyɛ afotu a nyansa wom kɛkɛ? (b) Bible nkyerɛkyerɛ bɛn na ebetumi aboa mmarima ne mmea a ɛsono wɔn honam ani hwɛbea ne ɔman a wofi mu ma wɔabu wɔn ho sɛ wɔyɛ pɛ?
14 Ɛnyɛ afotu a nyansa wom kɛkɛ na Bible de ma. Emu nsɛm ka koma. Hebrifo 4:12 se: “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu, na ano yɛ nnam sen nkrante anofanu biara, na ehwirew mu kodu sɛ ɛpaapae ɔkra ne honhom, akwaa ne hon mu, na ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo.” Susuw nhwɛso biako a ɛkyerɛ sɛnea Bible tumi kanyan nnipa no ho hwɛ.
15 Nneɛma te sɛ honam ani hwɛbea, ɔman a obi fi mu ne kasa a ɔka de mpaapaemu ba nnipa mu nnɛ. Mpaapaemu a nnipa ankasa na ɛde aba yi ama wɔakunkum nnipa a wɔn ho nni asɛm pii wɔ akodi mu wɔ wiase nyinaa. Nanso Bible no kura nkyerɛkyerɛ a ɛboa mmarima ne mmea a ɛsono wɔn honam ani hwɛbea ne ɔman a wofi mu, ma wobu wɔn ho sɛ wɔyɛ pɛ. Sɛ nhwɛso no, Asomafo no Nnwuma 17:26 ka sɛ Onyankopɔn ‘maa nnipa aman nyinaa fii onipa biako mu’ bae. Eyi kyerɛ sɛ abusua biako ankasa na ɛwɔ hɔ—adesamma abusua no! Afei Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yensuasua Onyankopɔn’ a ɛka ne ho asɛm sɛ: “[Ɔnhwɛ] onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.” (Efesofo 5:1; Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Saa nimdeɛ yi ma wɔn a wɔbɔ mmɔden ankasa sɛ wɔde Bible nkyerɛkyerɛ bɛbɔ wɔn bra no yɛ biako. Ɛka nnipa kɔ akyiri paa—wɔn koma—na eyi nneɛma a nnipa ayɛ a ɛde mpaapaemu ba nkurɔfo mu no fi hɔ. So etumi yɛ adwuma ankasa wɔ nnɛ wiase yi mu?
16. Ka osuahu bi a ɛkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo yɛ wiase nyinaa onuayɛ a edi mũ.
16 Akyinnye biara nni ho sɛ etumi yɛ saa! Wonim Yehowa Adansefo yiye sɛ wɔwɔ wiase nyinaa onuayɛ, a ɛka nnipa a wofi mmeaemmeae, a anka wɔrentumi ntra asomdwoe mu no bom. Sɛ nhwɛso no, bere a mmusuakuw ntam akodi rekɔ so wɔ Rwanda no, Yehowa Adansefo a wofi mmusua no biara mu bɔɔ wɔn nuanom Kristofo mmarima ne mmea a wofi abusua foforo mu no ho ban, a saa a wɔyɛe no de wɔn ankasa nkwa too asiane mu. Emu biako ne Hutuni Ɔdansefo bi a ɔde Tutsifo abusua a wɔyɛ baasia a na ɔne wɔn wɔ asafo biako mu hintaw ne fie no. Awerɛhosɛm ne sɛ, akyiri yi, wɔkɔkyeree Tutsifo abusua no kunkum wɔn. Ɛno akyi no, awudifo no benyaa onua Hutuni no ne n’abusua ho tan, enti ɛho behiae sɛ oguan kɔ Tanzania. Wɔde nsɛm a ɛtete saa pii ho amanneɛbɔ mae. Yehowa Adansefo gye tom ntɛm sɛ nea ama wɔatumi anya biakoyɛ a ɛte saa ne sɛ Bible mu asɛm a tumi wom no aka wɔn koma kɛse. Sɛnea Bible tumi ka nnipa bom wɔ wiase a ɔtan ahyɛ no ma yi mu no yɛ adanse kɛse a ɛkyerɛ sɛ efi Nyankopɔn hɔ.
Nkɔmhyɛ Nhoma a Ɛyɛ Nokware
17. Ɔkwan bɛn so na Bible nkɔmhyɛ ahorow nte sɛ nnipa nsɛm a wɔka to hɔ?
17 Sɛnea 2 Petro 1:20 kyerɛ no, “Adiyisɛm bi amfa nnipa pɛ so amma pɛn.” Bible adiyifo no anhwɛ sɛnea na nsɛm rekɔ wɔ wiase saa bere no amfi nyansa mu ammɔ wɔn tirim anka nsɛm bi a egyina sɛnea wɔn ankasa huu nsɛm a na ɛresisi no so. Saa ara nso na wɔanhyɛ nkɔm hunu a wobetumi adannan no ma ɛne asɛm biara a ebesi daakye ahyia. Sɛ nhwɛso no, momma yensusuw Bible nkɔmhyɛ bi a sɛnea ɛka nsɛm pɔtee no da nsow, a ɛka siei sɛ biribi a na ɛne nnipa a wɔte ase saa bere no akwanhwɛ bɔ abira koraa bɛba no ho.
18. Dɛn nti na akyinnye biara nni ho sɛ nnipa a na wɔwɔ tete Babilon no tee nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ kɛse, nanso nkɔm bɛn na na Yesaia ahyɛ afa Babilon ho?
18 Ebeduu afeha a ɛto so ason A.Y.B. mu no, na Babilon abɛyɛ Babilon Ahemman no ahenkurow a na ɛte sɛ nea obiara ntumi ntwi mfa so da. Na Eufrate Asubɔnten no da kurow no mfinimfini, na na wɔatutu nsuka akɛse a emu dɔ, atwe asubɔnten no mu nsu agu mu. Afei nso na wɔato afasu a ɛbɔ ho abien a ɛwɔ aban akɛse de abɔ kurow no ho ban. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a na wɔte Babilon no tee nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ kɛse. Nanso ansa na Babilon rebɛyɛ kurow kunini mpo no, na odiyifo Yesaia ahyɛ nkɔm wɔ afeha a ɛtɔ so awɔtwe A.Y.B. mu sɛ: “Babel . . . [bɛyɛ] sɛ Sodom ne Gomora butuw a Onyankopɔn butuw wɔn no. Obi rentra mu da biara da, na obi renkɔtra hɔ, awo ntoatoaso a edidi so mu, na Arabiani bi rensi ntamadan hɔ, na nguanhwɛfo nso remma wɔn mmoa mmutuw hɔ.” (Yesaia 13:19, 20) Hyɛ no nsow sɛ nkɔmhyɛ no anka anto hɔ sɛ wɔbɛsɛe Babilon kɛkɛ, na mmom sɛ bere bi bɛba a obiara rentra hɔ bio da. Na ɛno yɛ nkɔmhyɛ a ahotoso wom ankasa! So ebetumi aba sɛ Yesaia kyerɛw ne nkɔmhyɛ no bere a ohui sɛ Babilon adan amamfõ no akyi? Abakɔsɛm kyerɛ sɛ ɛnte saa!
19. Dɛn nti na October 5, 539 A.Y.B. no, na Yesaia nkɔmhyɛ no nnyaa mmamu nwiei?
19 Wɔ October 5, 539 A.Y.B. anadwo no, Medo-Persia asraafodɔm a na Kores Ɔkɛseɛ di wɔn anim no dii Babilon so nkonim. Nanso, Yesaia nkɔmhyɛ no annya mmamu anwie saa bere no. Bere a Kores dii so nkonim akyi no, Babilon bi a na nnipa te mu—nea na ɛnyɛ den sɛ kan de no—kɔɔ so traa hɔ mfehaha bi. Wɔ afeha a ɛto so abien A.Y.B. mu, bɛyɛ sɛ bere a wɔrehwɛ Ɛpo a Awu mu Yesaia Nhoma Mmobɔwee no so akyerɛw foforo no, Partifo bedii Babilon, a saa bere no na aman a atwa hɔ ahyia repere ho no so. Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus bɔɔ amanneɛ sɛ wɔ afeha a edi kan A.Y.B. mu no, na Yudafo “bebree” tete hɔ. Sɛnea The Cambridge Ancient History kyerɛ no, Palmyra aguadifo kyekyeree aguadi kurow a sika wom wɔ Babilon, wɔ 24 Y.B. mu. Enti wɔ afeha a edi kan Y.B. mu yi ara no, na Babilon nnya mmɛyɛɛ amamfõ koraa; nanso na wɔakyerɛw Yesaia nhoma no awie dedaadaw.—1 Petro 5:13.
20. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ awiei koraa no, Babilon bɛyɛɛ ‘abo akuwakuw’ ara kwa?
20 Yesaia antra ase anhu Babilon amamfõyɛ. Nanso sɛnea nkɔmhyɛ kyerɛe no, awiei koraa no, Babilon bɛyɛɛ ‘abo akuwakuw’ ara kwa. (Yeremia 51:37) Sɛnea Hebri kasa mu ɔbenfo Jerome (a wɔwoo no afeha a ɛto so anan Y.B. mu) kyerɛ no, ebeduu ne bere so no, na Babilon abɛyɛ baabi a wɔkɔ atwee a na “wuram mmoa horow nyinaa bi” nenam, na ɛda so ara da mpan de besi nnɛ. Sɛ wɔsan siesie Babilon sɛ nnipa nkɔsrasra hɔ a, wɔn ani begye ho, nanso Babilon “mma ne mmanana” ase atɔre koraa, sɛnea Yesaia hyɛɛ nkɔm no.—Yesaia 14:22.
21. Ɛyɛɛ dɛn na adiyifo anokwafo tumi hyɛɛ nea ɛbɛba ho nkɔm ma ɛbaam pɛpɛɛpɛ saa?
21 Odiyifo Yesaia amfi nyansam ammɔ ne tirim anka nsɛm bi. Saa ara nso na wankyerɛw nsɛm a asisi dedaw bio ma anyɛ te sɛ nkɔmhyɛ. Ná Yesaia yɛ odiyifo nokwafo. Ɛte saa ara wɔ Bible mu adiyifo foforo no nyinaa ho. Ɛyɛɛ dɛn na saa mmarima yi tumi yɛɛ biribi a nnipa foforo biara antumi anyɛ—nea ɛbɛba daakye a wɔka too hɔ ma ɛbaam pɛpɛɛpɛ? Mmuae no mu da hɔ. Nkɔmhyɛ no fi nkɔmhyɛ Nyankopɔn, Yehowa, ‘nea ofi mfiase ka awiei asɛm no’ hɔ.—Yesaia 46:10.
22. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara de hyɛ nnipa komapafo nkuran ma wɔn ankasa pɛɛpɛɛ Bible no mu?
22 Enti, so ɛfata sɛ yɛpɛɛpɛɛ Bible no mu? Yenim sɛ ɛte saa! Nanso nnipa pii nnye ntom saa. Wɔanya adwene bi wɔ Bible no ho dedaw, ɛwom mpo sɛ ebia wɔnkenkanee da de. Kae ɔbenfo a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi eyi anim no mfiase no. Ɔpenee Bible adesua so, na bere a ɔde ntoboase pɛɛpɛɛ Bible no mu akyi no, obegye toom sɛ ɛyɛ nhoma a efi Nyankopɔn hɔ. Akyiri yi, wɔbɔɔ no asu sɛ Yehowa Adansefo no mu biako, na ɛnnɛ, ɔsom sɛ asafo mu panyin! Momma yɛnyɛ nea yebetumi biara mfa nhyɛ komapafo nkuran ma wɔn ankasa mpɛɛpɛɛ Bible no mu na afei wonsi ho gyinae. Yɛwɔ ahotoso sɛ sɛ wɔn ankasa fi nokwaredi mu pɛɛpɛɛ mu a, wɔbɛba abehu sɛ nhoma a ɛda nsow yi, Bible, yɛ amansan nhoma ampa!
Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?
◻ Ɔkwan bɛn so na wubetumi de Mose Mmara no akyerɛ sɛ Bible no mfi nnipa?
◻ Bible mu nnyinasosɛm a entwam bɛn na yetumi de bɔ bra nnɛ?
◻ Dɛn nti na entumi mma sɛ wɔkyerɛw nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 13:19, 20 no bere a asɛm no sii akyi no?
◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ nnipa komapafo nkuran ma wɔyɛ, na dɛn ntia?
[Kratafa 19 adaka]
Nsɛm a Ɛho Adanse Nni Hɔ No Nso Ɛ?
Bible no ka nsɛm bi a ɛho adanse pɔtee biara nni hɔ. Sɛ nhwɛso no, nea ɛka fa atrae bi a aniwa ntumi nhu a ahonhom abɔde na wɔte hɔ ho no nyɛ nea yebetumi akyerɛ sɛ ɛyɛ nokware—anaa atoro—wɔ nyansahu mu. So nsɛm a yenni ho adanse saa no kyerɛ sɛ Bible ne nyansahu nhyia?
Ná saa asɛmmisa no wɔ abotan ne okyinnsoromma ho nimdefo bi a ofii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible mfe bi a atwam ni no adwene mu. Ɔkae sɛ: “Nokwasɛm ni, mfiase no na ɛyɛ den ma me sɛ megye Bible no atom efisɛ na mintumi nkyerɛ sɛ Bible mu nsɛm bi yɛ nokware wɔ nyansahu mu.” Ɔbarima a na ɔrepɛ biribi ahu paa yi toaa so suaa Bible no, na akyiri yi, obegye dii sɛ adanse a ɛwɔ hɔ no da no adi sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Eyi maa atenka a na mewɔ sɛ menya adanse ama Bible mu asɛm biara no brɛɛ ase. Ɛsɛ sɛ obi a n’ani gye nyansahu ho no nya ɔpɛ sɛ ɔde honhom fam adwene na ɛbɛhwehwɛ Bible mu, anyɛ saa a, ɔrennye nokware no ntom da. Ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ nyansahu betumi akyerɛkyerɛ Bible mu asɛm biara mu. Nanso sɛ yentumi nnya adanse nkyerɛ nsɛm bi mu a, ɛno ara kɛkɛ nkyerɛ sɛ ɛnyɛ nokware. Nea ɛho hia ne sɛ, wɔ baabiara a yebenya ho adanse no, wɔde nokware a Bible no yɛ ho adanse ma.”
[Kratafa 17 mfonini]
Mose kyerɛw ahotew ho mmara a na ɛso bi mmae da koraa wɔ ne bere so