Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 5/15 kr. 21-23
  • “Monhyɛ Onyankopɔn Akode Nyinaa”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Monhyɛ Onyankopɔn Akode Nyinaa”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akode No
  • Munkura Mpaebɔ Mu, Munnyina Pintinn
  • “Monhyɛ Onyankopɔn Akode Nyinaa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • ‘Monhyɛ Akode No Nyinaa’—Mprempren
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • Yehowa Bɛbɔ Wo Ho Ban—Ɔbɛyɛ No Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Yɛbɛyɛ Dɛn Ako Atia Adaemone?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 5/15 kr. 21-23

“Monhyɛ Onyankopɔn Akode Nyinaa”

KRISTOFO nhyɛ akode? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔfa adwinnade a wɔde di ako sɛɛ? So wɔnyɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe? (2 Timoteo 2:24) Yiw, wɔte saa. Nanso, nokware Kristofo nyinaa de wɔn ho ahyɛ ɔko bi mu​—nea wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi nkonim na ɛnyɛ sɛ wobekum afoforo wom.

Sɛ Satan antew atua a, anka ɔko a ɛte sɛɛ ho renhia da. Nanso ɔtew atua, na ɔdaadaa Adam ne Hawa ma wɔkɔkaa ne ho wɔ n’atuatew no mu. Efi saa bere no wiase nhyehyɛe no da “ɔbɔne no,” Satan Ɔbonsam tumi mu. (1 Yohane 5:19) Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Otumfo a ɔfata, Yehowa, ase no, ko tia wiase no ne ne sodifo nkɛntɛnso. Ɛsɛ sɛ wɔko pere wɔn nkwa wɔ honhom fam. Eyi nti, wotu Kristofo fo sɛ: “Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na moatumi agyina ne Ɔbonsam nnɛɛdɛe adi asi.”​—Efesofo 6:11.

Akode No

Hyɛ no nsow sɛ, sɛ yebenya ahobammɔ yiye a, yehia “Onyankopɔn akode no nyinaa.” Ɛnde, momma yɛnhwɛ akode yi afã biara a ɔsomafo Paulo ka ho asɛm no, na yɛmfa nokwaredi nhwehwɛ yɛn ankasa ho mu nhwɛ sɛ ebia yɛasiesie yɛn ho koraa ama honhom mu akodi anaa.​—Efesofo 6:14-17.

“Enti munnyina hɔ, momfa nokware nkyekye mo asen.” (Efesofo 6:14a) Wɔ Bible mmere mu no, na asraafo bɔ mmoa nhoma abɔso bi a ne trɛw yɛ sɛntimita 15. Abɔso yi boa ma wɔbɔ wɔn asen ho ban. Sɛ ɔsraani bi mia n’abɔso no mu a, na ɛkyerɛ sɛ wayɛ krado ama ɔsa.

Ɛnde hwɛ sɛnea ɛfata sɛ wɔde ɔsoro nokware no toto ɔsraani abɔso ho! Eyi kyerɛkyerɛ mu yiye sɛ ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn nokware Asɛm no bɛn yɛn pɛɛ, te sɛ nea yɛde abɔ yɛn asen. Ɛsɛ sɛ yedwen aba a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ho yiye. Eyi bɛbɔ yɛn ho ban na atoro ne nnaadaasɛm annaadaa yɛn. Bio nso, Yehowa anom nsɛm bɛwowaw yɛn na ahyɛ yɛn den wɔ honhom mu, na ahyɛ yɛn nokwaredi mu den.

“Monhyɛ trenee nkatabo.” (Efesofo 6:14b) Na ɔsraani nkatabo bɔ ne honam akwaa bi a ɛho hia​—koma ho ban. Enti wɔ akode a Onyankopɔn de ama yɛn no mu no, trenee bɔ yɛn koma ho ban. Wɔ Kyerɛwnsɛm mu no, koma no yɛ sɛnea yɛte wɔ yɛn mu​—yɛn nkate horow, nsusuwii horow, ne akɔnnɔde ho sɛnkyerɛnne wɔ ɔkwan a ɛfata so. Esiane sɛ Bible no ka nso sɛ koma no wɔ ɔpɛ sɛ ɛbɛyɛ bɔne nti, ɛho hia sɛ yesi yɛn bo sɛ yebekura Yehowa trenee gyinapɛn mu. (Yeremia 17:9) Ɛnsɛ sɛ osetie ma Onyankopɔn yɛ nyaatwom kwan so ade a yɛyɛ de kyerɛ nnipa; ɛsɛ sɛ efi komam. Eyi hwehwɛ sɛ yenya trenee ho dɔ a emu yɛ den, ne bɔne ho tan nso a emu yɛ den. (Dwom 45:7) Yɛnam saayɛ so bɛbɔ yɛn koma ho ban.

“Momfa asomdwoe asɛmpa no ho ahodaso nhyehyɛ mo anan.” (Efesofo 6:15) So woahyehyɛ w’anan saa? So w’anan de wo kɔ asɛnka daa ma wokɔka asɛmpa no kyerɛ? So worebɔ mmɔden sɛ wobɛma w’asɛnka ne wo nkyerɛkyerɛ adwuma no atu mpɔn? Nokwarem no, wontie asɛm no yiye wɔ nsasesin bi mu. Ebia nnipa no yɛ anibiannaso anaa wɔtan yɛn. Yɛn asɛnka no mpo betumi de ɔtaa aba yɛn so. Nanso, sɛ Kristofo gyina mu a, wonya Kristofo boasetɔ, su a ɛbɔ wɔn ho ban wɔ Satan ntua ho. Ɛwom sɛ na wɔtaa Paulo de, nanso ɔyɛɛ ɔsɛnkafo a ɔyɛ nnam, na wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yensuasua no, sɛnea ɔno nso suaa Kristo no.’​—1 Korintofo 11:1.

Pii a yɛbɛyɛ wɔ Ahenni asɛnka adwuma no mu no hyɛ ahotoso a yɛwɔ wɔ asɛmpa no mu no mu den. Afei nso, ɛma Yehowa honhom fa yɛn so yɛ adwuma de wie n’apɛde. Nokwarem no, adwuma a ɛte saa no ma yɛne abɔfo yɛ mfɛfo adwumayɛfo​—Yehowa Nyankopɔn ankasa mpo ka ho. (1 Korintofo 3:9; Adiyisɛm 14:6) Na ‘pii a yɛyɛ wɔ Awurade adwuma mu no’ ma ‘yegyina pintinn, yenhinhim.’ (1 Korintofo 15:58) Ahobammɔ a ɛyɛ nwonwa bɛn ara na eyi de ma sɛɛ yi!

“Munkura gyidi kyɛm.” (Efesofo 6:16) Esiane sɛ tete ɔsraani wɔ kyɛm kɛse nti, ɔbɔ ne ho ban fi mpeaw ne agyan ho. Sɛ wamfa kyɛm no anni dwuma a, wobetumi apira no kɛse anaasɛ wɔakum no mpo. Kristofo hyia akode a edi awu kɛse mpo sen saa​—“ɔbɔne no bɛmma a ɛredɛw.” Nneɛma nyinaa a Satan de di dwuma na ama yɛn gyidi ayɛ mmerɛw, na wakum yɛn wɔ honhom mu no ka eyinom ho. Emu bi ne ɔtaa, wiase nyansapɛ ahorow a ɛyɛ nnaadaa, honam fam nneɛma a ɛtwetwe adwene, ne sɔhwɛ a ɛbɛma yɛde yɛn ho ahyɛ ɔbrasɛe mu. Yehia kyɛm kɛse na yɛabɔ yɛn ho ban wɔ eyinom nyinaa ho. Yɛrentumi mma yɛn fã bi nna hɔ a yɛrempira.

Na Abraham ne ne yere Sara wɔ gyidi a emu yɛ den. Bere a na wɔanyin dodo sɛ wobetumi awo no, wonyaa gyidi wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ a ese wɔbɛwo aseni bi no mu. Akyiri yi Abraham daa gyidi a ɛyɛ nwonwa adi, bere a otiee ka a wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa ne ba koro Isak, a ɔne Sara a ɔdɔ no no woo no no, nkɔbɔ afɔre no. Yehowa soo Abraham nsam, na ɔde afɔrebɔde foforo sii ananmu maa no. Nanso na Abraham ayɛ krado sɛ obedi nea wɔka kyerɛɛ no no so. Dɛn ntia? Efisɛ na ɔwɔ gyidi koraa sɛ Yehowa betumi anyan ne ba no, na wama ne ho bɔ a ɔhyɛe no abam.​—Romafo 4:16-21; Hebrifo 11:11, 12, 17-19.

Na Mose nso wɔ gyidi a yehia no bi. Ɔpowee Misraim ahonyade, na ɔpaw sɛ ɔbɛma wɔahyɛ ɔne Onyankopɔn nkurɔfo so mmom. Dɛn ntia? Efisɛ na ɔwɔ gyidi sɛ Yehowa te ase na obegye Israelfo no. Na Mose gyidi no mu yɛ den araa ma “omiaa n’ani traa mu sɛnea ohu Nea wonhu no no.”​—Hebrifo 11:6, 24-27.

So yɛwɔ Yehowa mu gyidi a ɛte saa ara? So yɛne Yehowa ntam abusuabɔ mu yɛ den araa ma ɛte sɛ nea yetumi hu no? So yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛde biribi bɛbɔ afɔre, anaa yebegyina amanehunu biara ano na ama yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ no atra hɔ? So yɛwɔ Yehowa mu gyidi koraa? (Hebrifo 11:1) Sɛ saa a, Satan mmɛmma a ɛredɛw rentumi nwura yɛn gyidi kyɛm no mu.

“Momfa nkwagye dade kyɛw.” (Efesofo 6:17a) Ɔsraani dade kyɛw bɔ ne ti ne amemene​—nsusuwii akwaa no ho ban. Wɔde Kristoni nkwagye ho anidaso no toto dade kyɛw ho, efisɛ ɛbɔ adwene no ho ban. Wɔayɛ Kristoni adwene foforo denam nokware nimdeɛ so, nanso ɛda so ara yɛ onipa a ɔyɛ mmerɛw na ɔtɔ sin de. (Romafo 7:18; 12:2) Sɛ yedwen nsusuwii a ɛsɛe gyidi a wiase yi honhom de ba no ho a, ahotoso a yɛwɔ wɔ nkwagye no mu no bɛbrɛ ase, na ebia awiei no asa koraa. Nanso, sɛ yedwen Onyankopɔn nkuranhyɛ nsɛm ho a, yɛn anidaso no bɛkɔ so ada adi pefee. So wohyɛ wo dade nkwagye kyɛw no sɛnea ɛremfi ntɔ fam?

“Honhom nkrante a ɛne Onyankopɔn asɛm.” (Efesofo 6:17b) Asɛm a wɔka sɛ ahobammɔ a ɛsen biara ne sɛ wubefi ntua no ase kan yɛ nokware wɔ Kristoni akodi mu. Bere a yɛn anan a yɛde asomdwoe asɛmpa ahyehyɛ no de yɛn kyin wɔn a wɔnyɛ gyidifo mu no, yɛnyɛ nnipa a wonni akode. Onyankopɔn Asɛm, Bible no yɛ nkrante a ɛwɔ tumi a yɛde twitwa honhom mu atoro ne adwene a ɛnteɛ gu, na aboa nnipa komapafo ma wɔanya honhom mu ahofadi.​—Yohane 8:31, 32.

Yesu kyerɛɛ tumi a akode yi wɔ bere a ɔne Satan Ɔbonsam dii asi no. Bere a ɔsɔɔ no hwɛe wɔ sare no so no, Yesu de Onyankopɔn Asɛm dii dwuma ɔkwan a etu mpɔn so kae sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ” de bɔɔ ne ho ban mprensa wɔ Satan ntua abiɛsa ho. (Mateo 4:1-11) Sɛ yesua sɛnea yɛde nkrante yi bedi dwuma ahokokwaw so a, yebetumi aboa wɔn a wodwo ma wɔafi Satan tumi ase. Afei nso, asafo mu mpanyimfo de Onyankopɔn Asɛm di dwuma de bɔ nguankuw no ho ban wɔ wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe wɔn a wɔyɛ mmerɛw no gyidi no ho.​—Asomafo no Nnwuma 20:28-30.

Nkrante a ɔsraani de di dwuma ahokokwaw so no mma ntɛm ara. Ntetee ne ne ho a ɔde besi hɔ de bere tenten asua sɛnea ɔde bedi dwuma no ho hia na ɔde adi dwuma ahokokwaw so. Saa ara nso na wɔ honhom fam akodi mu no, egye adesua pii, ne ɔsom adwuma no a obi bɛyɛ no daa ansa na wayɛ nea ɔde Onyankopɔn Asɛm di dwuma ahokokwaw so. Nokwarem no, momma yɛmmɔ mmɔden a ɛho hia no na yɛayɛ honhom mu nkrante kurafo a wɔfata sɛ ‘wokura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.’​—2 Timoteo 2:15.

Munkura Mpaebɔ Mu, Munnyina Pintinn

Yɛn honhom mu akode no afã horow no nyinaa ho hia na yɛakura yɛn mudi mu ama Onyankopɔn. Nanso ɔkwan bɛn so na yebetumi akɔ so ahyɛ akode yi? Bible no a yebesua no daa, yɛn ho a yebedi kan asiesie ama Kristofo nhyiam horow, na afei yɛde boasetɔ atie de yɛn ho ahyem nnam so no, bɛboa yɛn ma yɛakɔ so ahyɛ yɛn akode no. (2 Timoteo 3:16; Hebrifo 10:24, 25) Asɛnka adwuma a yɛde nnamyɛ bɛyɛ no daa ne Kristofo fekubɔ pa nso bɛboa yɛn ma yɛahwɛ yɛn honhom mu akode a yɛde bɔ yɛn ho ban ne nea yɛde ko no so yiye.​—Mmebusɛm 13:20; Romafo 15:15, 16; 1 Korintofo 15:33.

Adwene a ɛteɛ a yebenya nso ho hia. Ɛnsɛ sɛ yɛma wiase yi mu afɛfɛde twetwe yɛn adwene. Mmom no, momma yennya ‘aniwa a eye.’ (Mateo 6:19-24) Ɛsɛ sɛ yesua sɛnea yɛbɛdɔ trenee na yɛatan bɔne nso de suasua Yesu Kristo. (Hebrifo 1:9) Nneɛma yi nyinaa boa yɛn ma yɛkɔ so hyɛ honhom mu akode a Onyankopɔn de ama yɛn no.

Bere a Paulo aka akode no fã biara ho asɛm awie no, ɔde asɛm no baa awie denam eyi a ɔkae no so: “Momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa mmɔ mpae daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn, na montoa so ara nsrɛ mma ahotefo nyinaa.” (Efesofo 6:18) Asraafo anokwafo kɔ so ne asraafo adwumayɛbea ti di nkitaho na wodi ahyɛde horow so. Sɛ Kristofo asraafo no, ehia sɛ yɛne yɛn Amansan Hene, Yehowa Nyankopɔn, di nkitaho denam ‘n’aman safohene kɛse’ Yesu Kristo no so. (Yesaia 55:4) Yebetumi ayɛ saa denam nkotɔsrɛ a efi komam a ɛda sɛnea yɛbɛn Yehowa kɛse na yɛde ahofama a emu dɔ ma no adi no so, na ɛnnam mpaebɔ biara kɛkɛ so. Sɛ yɛne Yehowa di nkitaho daa a, yenya ahoɔden da biara ma ɛwowaw yɛn wɔ ɔko no mu.

Yesu se: “Me na madi wiase no so nkonim.” (Yohane 16:33) Yehowa nso pɛ sɛ yɛyɛ nkonimdifo. Bere a ɔsomafo Paulo wu bɛnee no, otumi kae sɛ: “Ɔko pa no, mako; mmirika no, mawie tu; gyidi no, maso mu masie.” (2 Timoteo 4:7) Ɛmmra sɛ yebetumi aka asɛnkoro no ara afa yɛn fam de a yɛyɛ wɔ ɔko no mu no ho. Sɛ yɛpɛ eyi ankasa a, momma ‘yennyina ne Ɔbonsam nnɛɛdɛe nni asi’ denam Onyankopɔn akode no nyinaa a yɛbɛkɔ so ahyɛ no so.​—Efesofo 6:11

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena