-
Yehowa Ɔhaw Ahorow a Ɛba Kristoman SoAdiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
29. Dɛn na ɛma nea wɔde “nsoromma kɛse bi a ɛredɛw sɛ kanea” no yɛɛ ho sɛnkyerɛnne no nya mmamu, na dɛn ntia?
29 Yɛahyia nea nsoromma ho sɛnkyerɛnne no yɛ dedaw wɔ Yesu nkrasɛm a ɔde kɔmaa asafo ahorow ason no a emu no nsoromma ason no yɛ asafo ahorow no mu mpanyimfo ho sɛnkyerɛnne no mu.b (Adiyisɛm 1:20) “Nsoromma” a wɔasra wɔn, ne afoforo a wɔasra wɔn nyinaa te ɔsoro wɔ honhom fam fi bere a wɔde honhom kronkron sɔ wɔn ano sɛ wɔn soro apɛgyade no ho sɛnkyerɛnne no. (Efesofo 2:6, 7) Nanso, ɔsomafo Paulo bɔ kɔkɔ sɛ awaefo, wɔn a wɔde mpaapaemu ba befi wɔn a wɔte sɛ nsoromma no mu aba, na wɔbɛdaadaa nguankuw no. (Asomafo no Nnwuma 20:29, 30) Nokware a wonni wɔ ɔkwan a ɛte saa so no bɛkɔ akowie gyidi ho ɔwae kɛse bi mu, na mpanyimfo a wɔahwe ase yi bɛka abom ayɛ onipa a onni mmara kuw bi a ɛbɛma ne ho so sɛ onyame wɔ adesamma mu. (2 Tesalonikafo 2:3, 4) Paulo kɔkɔbɔ ahorow no baa mu bere a Kristoman asɔfo puei wɔ wiase no. Wɔde sɛnkyerɛnne a ɛne “nsoromma kɛse bi a ɛredɛw sɛ kanea” gyinaa hɔ maa kuw yiye.
-
-
Yehowa Ɔhaw Ahorow a Ɛba Kristoman SoAdiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
31. (a) Bere bɛn na Kristoman asɔfo fi “ɔsoro” gyinabea bi hwee ase? (b) Ɔkwan bɛn so na nsu a asɔfo no de ma no abɛdan “awɔnwene,” na dɛn na afi mu aba nnipa bebree so?
31 Bere a Kristoman asɔfo wae fii nokware Kristosom ho no, wofi “ɔsoro” gyinabea a ɛkorɔn a Paulo kaa ho asɛm wɔ Efesofo 2:6, 7 no hwee ase. Sɛ anka wɔde nokware nsu pa bɛma mmom no, wɔde “awɔnwene” a ɛne atoro ahorow a ɛyɛ nwene te sɛ hellgya, ahodwiragya mfinimfinibea, Baasakoro ne hyɛbea na ɛma; afei nso wodii amanaman no anim kɔɔ ɔko na wɔantumi anhyɛ wɔn den sɛ Onyankopɔn asomfo a wobu ɔbra pa. Ekowiee dɛn? Honhom mu bɔre na wɔde maa wɔn a wogyee atoro ahorow yi dii no. Wɔn asɛm no te sɛ Yeremia bere so Israel a anni nokware a Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, merema wɔn awɔnwene adi na mama wɔn bɔre nsu anom, efisɛ Yerusalem adiyifo mu nkɔnkɔnsasɛm [ɔwae] afi kɔ asase no nyinaa so” no.—Yeremia 9:15; 23:15.
-