‘Monkɔ So Nnantew Pɛpɛɛpɛ Adeyɛ Koro Yi Ara Mu’
“Nea yɛaka anim akodu dodow no, momma yɛnkɔ so nnantew pɛpɛɛpɛ adeyɛ koro yi ara mu.”—FILIPIFO 3:16 New World Translation.
1, 2. (a) Ɔkwan bɛn so na mmofra a wɔyɛ nhwɛso yɛ nkuranhyɛ? (b) Nanso, nsemmisa a ɛfa wɔn ho bɛn na ɛba adwene mu?
BERE a na Alisa adi boro mfe abien kakra no, na ɔnam Bible mu nhoma 66 no nyinaa ne asomafo 12 no din a otumi bobɔ, ne ne nsa ne ne nipadua a ɔde kyerɛ Onyankopɔn honhom aba akron no so ma obiara ani gye. (Mateo 10:2-4; Galatifo 5:22, 23) Bere a oduu mangoo anum wɔ sukuu no, na ɔne abeawa bi a ogyina mangoo abiɛsa yɛ Bible adesua dapɛn biara, na ɔno nso maa ne nuabarima panyin ani begyee Bible no ho. Alisa ne n’adamfo kumaa no de botae bi asi wɔn anim. Wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ ahokafo sɛ akwampaefo atitiriw wɔ bere a ɛsɛ mu.
2 Ampa, ɛbɛyɛ anigye sɛ yɛn mu biara behu mmofra a wɔte sɛ eyinom, na ebia wunim ebinom a wɔte saa. Nanso, bere koro no ara mu no, nea ɛba yɛn adwenem a yesusuw ho ne sɛ: Nnipa bɛn na wɔbɛyɛ bere a wɔanyinyin no? So wɔbɛtoa wɔn honhom mu nkɔso no so kosi sɛ wobedu wɔn botae no ho? Anaasɛ nneɛma afoforo bɛtwetwe wɔn a ɛremma wonnu wɔn botae no ho?
Nkɔso A Wonya Daa
3. Hena na ɛho hia sɛ onya nkɔso?
3 Ɛda adi sɛ mmeawa yi hia honhom mu nkɔso kɛse ansa na wɔadu wɔn botae no ho. Nanso so ɛyɛ mmofra anaa afoforo nko na ɛho hia sɛ wonya nkɔso? Nokwarem no, so nkɔso ho hia kosi bere a obi du honhom mu onyin ho anaasɛ ɔfata ma hokwan bi no nkutoo? Ɛnte saa. Susuw ɔsomafo Paulo ho. Sɛ́ anka ɔbɛka sɛ faako a wadu no ara ye no, ɔkae wɔ krataa a ɔde kɔmaa Filipifo no mu sɛ: “Ɛnyɛ sɛ me nsa anya aka, anaasɛ manya mawie pɛyɛ dedaw, mmom mekɔ m’anim ara na me nsa aka, sɛnea Kristo Yesu nso nsa aka me no.”—Filipifo 3:12.
4. “Botae” bɛn na na ɔsomafo Paulo repere adu ho no?
4 Ɛda adi sɛ na ɛnyɛ nea Paulo reka onyin ho a wobedu ho asɛm, efisɛ akyinnye biara nni ho sɛ na ɔyɛ Kristoni a ne ho akokwaw dedaw. Nanso ɔkae sɛ ‘ɔkɔ n’anim ara’ wɔ biribi a na ne ‘nsa nkae’ ho. Ná ɛyɛ dɛn? Paulo kɔɔ so kyerɛkyerɛɛ mu: “Mede mmirika mepɛ botae no ho madu, na makonya ɔsoro frɛ a Onyankopɔn nam Kristo Yesu mu afrɛ me no mu nkonimbo no.” (Filipifo 3:14) Botae a na ɔretiw no nyɛ Kristofo onyin anaa fata a wɔfata ma dibea bi ara kwa, na mmom na ɛyɛ biribi a ɛsen saa. Wɔ ɔno ne mfɛfo Kristofo a wɔasra wɔn no fam no, na ɛyɛ “ɔsoro frɛ,” ɔsoro asetra denam owusɔre so ho anidaso no.
5. (a) Dɛn nti na kɔ a obi bɛkɔ so anyin ho hia? (b) Dɛn na ebia ɛbɛyɛ nea ɛka ‘akyiri de a yɛafa yɛn were fi’ no ho?
5 Eyi boa yɛn ma yehu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛkɔ so nyin na yenya nkɔso wɔ honhom mu a ɛmfa ho sɛ bere tenten ahe na yɛde atra nokware no mu no. Sɛ obi nya nkɔso kodu baabi a ɛbɛma wɔabu no sɛ wanyin, anaasɛ ɛbɛma wafata ama hokwan titiriw bi nkutoo a, mfaso a ɛkyɛ bɛn na obenya? Onyin ne hokwan atitiriw bi a yebenya nyɛ nea ɛkyerɛ sɛ yebedu yɛn botae a etwa to—daa nkwa—no ho. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ sɛnea ɔsomafo Paulo yɛe no, ‘Ma wo werɛ mfi akyiri de, na twe wo mu pɛ anim de.’ (Filipifo 3:13) Ɛnyɛ nneɛma a mfaso nni so a ebia yɛyɛe ansa na yɛrebenya nokware no ho nimdeɛ no nko na ɛsɛ sɛ yegyaw gu yɛn akyi na mmom ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye nso na yɛanka sɛ nea yɛayɛ fi saa bere no ara dɔɔso. Wɔ ɔkwan foforo so no, afotu no ne sɛ, ɛnsɛ sɛ obi de ne ho to nneɛma pa a wayɛ atwam no so, na mmom sɛ ɔbɛkɔ n’anim a onnyae. So woreyɛ eyi, anaasɛ esiane biribi nti wɔrebrɛ wo nsa ase?—Hwɛ 1 Korintofo 9:26.
6. Wode Filipifo 3:12 ne 3:15 toto ho a, dɛn na wubetumi aka wɔ nkɔso a wobenya ho?
6 Esiane sɛ na Paulo nim sɛ eyi betumi aba nti, ɔtoaa so sɛ: “Ɛnde, momma yɛn mu dodow a yɛanyinyin no, nya adwene yi; na sɛ biribi wɔ hɔ a mudwen no foforo a, Onyankopɔn beyi su a ɛwɔ atifi no adi akyerɛ mo.” (Filipifo 3:15, NW) Wɔ nkyekyem 12 no, ɔsomafo Paulo kyerɛe sɛ wammu ne ho sɛ ‘wanya awie pɛyɛ dedaw.’ Nanso ɔkae wɔ ha sɛ “yɛn mu dodow a yɛanyinyin,” anaa “yɛayɛ pɛ.” (Kingdom Interlinear) Eyi nyɛ nea ɛbɔ ne ho abira. Mmom no, ɛma asɛm no mu da hɔ sɛ, ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔanyin te sɛ Paulo mpo ma ɛtra wɔn adwenem sɛ wonnya nnuu botae a etwa to no ho, na ɛsɛ sɛ wonya nkɔso ara sɛnea ɛbɛyɛ a wobedu ho. Ɛno nti na ɔkaa ne nyinaa boom wɔ saa kwan yi so no, sɛ: “Nea yɛakɔ anim akodu dedaw no, momma yɛnkɔ so nnantew pɛpɛɛpɛ adeyɛ koro yi ara mu.”—Filipifo 3:16, NW.
Ade Koro No Ara A Wɔhyɛ No Pɛpɛɛpɛ
7. “Adeyɛ koro yi ara” bɛn na na Paulo reka akyerɛ kristofo sɛ wonni akyi no?
7 Bere a Paulo hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ ‘wɔnkɔ so nnantew pɛpɛɛpɛ adeyɛ koro yi ara mu’ no, so na ɔreka akyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ adwuma no ho nhyehyɛe a eye ma wɔn ankasa na wɔnyɛ ɛno ara kosi sɛ bere no bedu na wɔn nsa aka akatua? Saa a wɔbɛyɛ no bɛma wɔayɛ sɛ akoa a ɔwɔ Yesu bɛ no mu a ɔde talente biako a ne wura de maa no no kosiei na ɔtwɛnee sɛ ne wura no bɛsan aba no. (Mateo 25:14-30) Ɛwom sɛ talente no amfi akoa no nsa anaasɛ wannyae adwuma no yɛ de, nanso ne wura no kae sɛ “ne ho nni mfaso” na ɔpow no. Ampa na ɛnyɛ nea Paulo reka akyerɛ yɛn sɛ yɛnkɔ so ara nkura nea yɛwɔ no mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɛremfi yɛn nsa. Ná ɔreka nkɔso a yebenya ho asɛm. Ɛda adi sɛ nea na ɛwɔ Paulo adwene mu bere a ɔkaa “adeyɛ koro yi ara” ho asɛm no ne anim a wɔkɔ bere nyinaa, biribi te sɛ ɔsraani a onnyina faako na mmom ɔkɔ n’anim.
8. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani kũ ho wɔ Onyankopɔn a yɛsom no no mu?
8 Ɛsɛ sɛ Paulo afotu no boa yɛn ma yehu hia a ɛho hia sɛ yɛbɛkɔ so abɔ mmɔden denneennen sɛ yɛbɛkɔ yɛn anim, yebenya nkɔso na yɛayere yɛn ho kɛse wɔ Yehowa som mu no. “Nea yɛakɔ anim akodu dedaw,” sɛ́ mpanyimfo, asafo mu asomfo, akwampaefo, anaa adawurubɔfo, no, nea ɛsɛ sɛ ehia yɛn titiriw ne sɛ yɛbɛma ɔkwan a yɛfa so som, ne sɛ ebetumi a, bere dodow a yɛde yɛ saa, no anya nkɔso. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛannya adwene a Israelfo asoɔdenfo a na wɔwɔ Malaki bere so nyae no bi a na wosusuw sɛ wɔafa wɔn ho adi wɔ afɔre a ɛnsom bo a wɔde brɛɛ Yehowa no mu no. Yehowa tee nka dɛn wɔ ho? Ɔkae sɛ, “Mode [mmoa a wɔyɛ mpakye ne ayarefo] bɛyɛ ayɛyɛde.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “So megye mo nsam ma ayɛ me fɛ anaa?”—Malaki 1:13.
9. Ɔkwan bɛn so na Paulo afotu a ɛwɔ Romafo 12:6-8, 11 no fa nkɔso a wobenya ho?
9 Nea ɛne eyi bɔ abira no, ɛsɛ sɛ yɛn som ma Yehowa no yɛ yɛn asɛnhia. Sɛnea Paulo kaee Romafo no, ɔsom hokwan biara a wɔde bɛma yɛn mu no, ɛsɛ sɛ ‘yɛyɛ,’ ‘wɔ mmɔdenbɔ ankasa mu na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ anihaw wɔ yɛn adwuma mu.’ (Romafo 12:6-8, 11) Sɛ́ wobɛyɛ anihaw ne sɛ wobɛnantenantew a wunni atirimpɔw biara a wonkɔ w’anim nkodu botae pɔtee bi ho. Nea ɛne eyi hyia no, nea asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no kyerɛ ara ne “akwadworɔ” a ɛyɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛfata sen biara no. Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ ɛwom sɛ aboa bi a ne din mu na wonyaa Engiresi asɛmfua ma akwadworɔ no fi no tumi nantew ntɛmntɛm bɛyɛ nnɔnhwerew 168, nanso mmoa yi biako tumi dae anaasɛ wankeka ne ho koraa nnɔnhwerew 139—bere a ɔde nantewee no mu ɔha biara mu 83. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wotu yɛn fo sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ “akwadworɔ” na mmom ‘yɛnyɛ honhom mu hyew’ na ‘yɛnsom [Yehowa]’! Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi ayɛ eyi?
10. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye Paulo afotu a ɔde kɔmaa Timoteo wɔ 1 Timoteo 4:12-16 no ho kɛse?
10 Ɔsomafo Paulo daa nneɛma a ɛsɛ sɛ Timoteo yɛ na ama ne “nkɔso ada adi ade nyinaa mu” no di pefee wɔ 1 Timoteo 4:12-16. Saa bere no de na osuani Timoteo nyɛ abofra anaa abɛɛfo. Nokwarem no, saa bere no de na ɔne Paulo abom ayɛ adwuma bɛboro mfirihyia du na na wɔde tumi ne asɛyɛde a emu yɛ duru ahyɛ ne nsa wɔ Kristofo asafo no mu a akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ nkɔso a na wanya dedaw abedu saa bere no nti. Nanso Paulo de afotu a, ɛte sɛɛ maa Timoteo. Ɛda adi sɛ ɛyɛ nea ɛho hia sɛ yɛn nyinaa betie nea Paulo wɔ ka no yiye.
11, 12. (a) Dɛn ne ade a edi kan a ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so wɔ nkɔso a yebenya mu? (b) Dɛn nti na ɛho hia sen nkɔso wɔ nimdeɛ anaa mmɔdenbɔ mu?
11 Nea edi kan no, Paulo kae wɔ nkyekyem 12 sɛ: “Mma obi mmu wo aberante a woyɛ no abomfiaa, na mmom yɛ gyidifo nhwɛso ɔkasa mu, abrabɔ mu, ɔdɔ mu, gyidi mu, ahotew mu.” Nneɛma a wɔabobɔ din yi kae yɛn “honhom aba” a Paulo kaa ho asɛm wɔ Galatifo 5:22, 23 no. Hena na obetumi agye hia a ɛho hia sɛ yɛn mu biara sow aba yi kɛse wɔ yɛn asetra mu no ho kyim? Yɛn mu pii bɔ mmɔden kɛse sɛ yebesua honhom aba akron no agu yɛn tirim, na yɛakyerɛkyerɛ mmofra ne afoforo ma wɔn nso ayɛ saa ara. Nanso so anyɛ yiye koraa no yɛbɔ mmɔden a ɛte saa ara sɛ yɛbɛsow aba no? Paulo kae sɛ, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔanyin no yɛ nhwɛso wɔ eyi mu. Ampa, eyi yɛ ade biako wɔ yɛn asetra mu a ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den sɛ yebenya nkɔso wom.
12 Wɔ ɔkwan biako so no, ebia, su horow yi yɛ nea ɛkyerɛ faako a yɛanya honhom mu nkɔso akodu kɛse mmom sen sɛnea nimdeɛ ne ahokokwaw yɛ no, efisɛ nea edi kan no yɛ Onyankopɔn honhom no aba a ɛsow, bere a nea etwa to no yɛ nea mpɛn pii wɔde bata obi mmɔdenbɔ ne nhomasua ho. Ná kyerɛwfo ne Farisifo a wɔwɔ Yesu bere so no nim Kyerɛwnsɛm no yiye na na wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi Mmara no mu fã ketewa biara so. Nanso, Yesu kasa tiaa wɔn sɛ: “Munnue, mo kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ muyi ɛme ne onunum ne tetɛ so ntotoso du du ma, na mugyaw mmara mu nea ɛsom bo no: atemmu ne mmɔborohunu ne gyidi.” (Mateo 23:23) Hwɛ hia ara a ɛho hia sɛ yɛbɛtoa so anya nkɔso wɔ “nea ɛsom bo” yi a yɛbɛsow wɔ yɛn asetra mu no mu!
13. Ɔkwan bɛn so na ahwɛfo a wɔapaw wɔn betumi anya mfaso afi Paulo afotu a ɛwɔ 1 Timoteo 4:13 no mu?
13 Afei, Paulo tuu Timoteo fo sɛ ‘ɔnkɔ so mfa ne ho mmata akenkan, afotu, ne ɔkyerɛkyerɛ ho.’ (1 Timoteo 4:13, NW) Wɔ ne nkrataa no mu wɔ baabi no, Paulo kaa Timoteo ho asɛm kɛse sɛ ɔsomfo mmɔdenbɔfo ne ɔnokwafo. (Filipifo 2:20-22; 2 Timoteo 1:4, 5) Nanso otuu Timoteo fo sɛ ɔnkɔ so mfa n’adwene nsi ɔhwɛfo asɛyɛde atitiriw yi so. Sɛ woyɛ obi a wɔapaw no sɛ ɔhwɛfo wɔ asafo no mu a, so ‘wokɔ so de wo ho bata’ nneɛma yi ho? Sɛ nhwɛso no, so wofa nyansahyɛ ahorow a wɔde ma wɔ Theocratic Ministry School Guidebook mu no aniberesɛm na woyɛ sintɔ ahorow no ho adwuma, anaasɛ wote nka sɛ afotu yi yɛ wɔn a afei na wɔrefi ase no nkutoo de? So wusua Bible no ne Asafo nhoma ahorow yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi de ‘atu fo, abodwokyɛre ne ɔkyerɛkyerɛ nyinaa mu’?—2 Timoteo 4:2; Tito 1:9.
14. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada nkɔso adi wɔ asɛnka adwuma mu?
14 Bere a nnipa kakraa bi na wɔpaw wɔn ma wɔkyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu no, Yesu Kristo de ahyɛ Kristofo nyinaa nsa sɛ wonnya Ahenni adansedi ne asuafoyɛ adwuma no mu kyɛfa. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Nea ɛka eyi ho ne nnipa koma pafo a wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn Bible mu nokware no na wɔatu wɔn fo ma wɔayɛ nsakrae wɔ wɔn asetra mu ma wɔabegyina Yehowa afã. So wode ‘wo ho bata’ ɔkwan a wɔfa so yɛ ɔsom adwuma no a wɔbɛma anya nkɔso ho? So woma w’ani da hɔ sɛ wode nyansahyɛ ahorow a wɔde ma wɔ Yɛn Ahenni Som mu ne dapɛn dapɛn Ɔsom Nhyiam ase no bedi dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wobɛyɛ ɔsɛmpakafo adwuma, awie wo som no koraa’?—2 Timoteo 4:5.
15. Ná dɛn ne Timoteo “akyɛde” no, na nnɛ nso ɛ?
15 Na Paulo adi kan akae Timoteo eyi: “Ma wo mu dom akyɛde a wɔnam nkɔmhyɛ ne mpanyimfo nsa a wɔde guu wo so no so de maa wo no nna hɔ kwa.” (1 Timoteo 4:14) Ɛda adi sɛ na wɔnam honhom no dwumadi so apaw Timoteo ama adwuma titiriw bi wɔ Kristofo asafo no mu. (1 Timoteo 1:18; 2 Timoteo 1:6) Saa ara na nnɛ pii wɔ ahyehyɛde no mu a wɔanya su horow a Onyankopɔn de ama ma enti wɔapaw wɔn sɛ ahwɛfo akwantufo, asɛmpatrɛwfo, daa akwampaefo anaa akwampaefo atitiriw, mpanyimfo ne nea ɛkeka ho. Ɛwom sɛ nkɔmhyɛ titiriw anaa nsaguso biara nni mu de, nanso afotu a ese “mma wo mu dom akyɛde . . . nna hɔ kwa” no yɛ nea ɛfa wɔn ho saa ara.
16. Dɛn na ebetumi abɔ yɛn ho ban afi yɛn “akyɛde” a yɛbɛma ada hɔ kwa no ho?
16 Sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma kyerɛ no, sɛ́ wobɛma biribi ada hɔ kwa no kyerɛ sɛ womfa w’adwene nsi so kɛse anaasɛ wonnyɛ ho hwee esiane anibiannaso nti. Sɛ biribi ba bɛyɛ nea ɛnsom bo bio a, ɛyɛ mmerɛw sɛ wobebu ani agu so. Eyi betumi aba, sɛ yegyae sɛ yebenya nkɔso, anaasɛ yɛbɛkɔ yɛn anim na yɛde yɛn dwumadi ahorow di agoru a. Enti, yebetumi anya mfaso wɔ nea Paulo kae wɔ Kolosefo 3:23, 24 no mu: “Adwuma biara a moyɛ no, mumfi ɔkra mu nyɛ no sɛ moyɛ ma [Yehowa] na monnyɛ mma nnipa, efisɛ munim sɛ [Yehowa] nsam na mubenya apɛgyade sɛ akatua, na Awurade Kristo na mosom no.”
Mmɔden A Wɔkɔ So Bɔ De Nhyira Horow Ba
17. Ɔkwan bɛn so nkutoo na yɛbɛfa ahu nea ebefi yɛn mmɔdenbɔ ahorow mu aba no?
17 Sɛ yɛde yɛn adwene si nsɛm a yɛasusuw ho wɔ atifi hɔ no so yiye a, yebetumi anya ahotoso sɛ yɛrenhwe afiri a ɛne yɛn ani a yɛbɛma asɔ yɛn ho wɔ nea yɛayɛ no mu anaasɛ ka a yɛbɛka sɛ nea yɛayɛ no ara ye no mu. Paulo kae sɛ, “Eyinom ho na bɔ mmɔden, eyinom mu na keka wo ho, na wo nkɔso ada adi ade nyinaa mu.” (1 Timoteo 4:15) Ɛwom,”nkɔso” no nyɛ nea obi de hoahoa ne ho anaasɛ ɛbɛma afoforo ani agye ne ho. Bere a yɛn nyinaa, mmofra ne mpanyin, nyin na yenya nkɔso wɔ honhom mu no, yɛde anigye ne nkuranhyɛ brɛ wɔn a wɔne yɛn bɔ nyinaa, te sɛ nea abeawa Alisa ne n’adamfowaa a yɛbɔɔ wɔn din wɔ asɛm yi mfiase yɛe no.
18. Sɛ yɛde Paulo afotu no di dwuma kɛse a, nhyira a ɛbɔ ho abien bɛn na ɛretwɛn yɛn?
18 Sɛ yɛde Paulo afotu no di dwuma yiye a, nhyira a ɛbɔ ho abien wɔ hɔ a ɛretwɛn yɛn. Paulo kae sɛ: “Ma w’ani mmra wo ho ne kyerɛ no so na tra mu, efisɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne w’atiefo nkwa.” (1 Timoteo 4:16) Yiw, ɛdenam yɛn ho mu a yɛbɛhwehwɛ bere nyinaa ahwɛ sɛ yɛreyɛ nea yɛkyerɛkyerɛ afoforo sɛ wɔnyɛ a ɛne sɛ wɔbɛkɔ wɔn anim, wobenyin, na wɔanya nkɔso honhom mu no so no, yebekwati asiane a ɛne sɛ ‘yɛbɛyɛ wɔn a wɔmfra’ no. (1 Korintofo 9:27) Mmom no, anidaso a ɛyɛ anigye a ɛne nkwa wɔ Onyankopɔn Nhyehyɛe Foforo a wahyɛ ho bɔ no mu bɛyɛ nea ɛwɔ hɔ ma yɛn ne wɔn a yenyaa hokwan a ɛyɛ anigye boaa wɔn no. Esiane nhyira a yɛne afoforo benya ne Yehowa Nyankopɔn a yebeyi no ayɛ nti: “Momma yɛnkɔ so nnantew pɛpɛɛpɛ adeyɛ koro yi ara mu”!—Filipifo 3:16.
So Wokae?
◻ “Botae” a etwa to bɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu? Ɔkwan bɛn so na yebetumi adu ho? (Hebrifo 3:12, 13)
◻ “Adeyɛ koro yi ara” bɛn na ɛsɛ sɛ yɛnantew mu no? (Filipifo 3:16, NW)
◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya nkɔso bere nyinaa wɔ Kristofo abrabɔ no ɔkasa mu? (1 Timoteo 4:12)
◻ Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo, asafo mu asomfo, ne afoforo betumi anya nkɔso wɔ ɔkwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ no mu? (1 Timoteo 4:13)
◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛamma “akyɛde” a wɔdɔ ahyɛ yɛn nsa no anna hɔ kwa? (1 Timoteo 4:14)
[Kratafa 11 mfoni]
Alisa ne ne Bible suani no de bere nyinaa som adwuma ayɛ wɔn botae