Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 8/8 kr. 23-25
  • Ɔkwan Bɛn So na Mpaebɔ Betumi Aboa Me?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkwan Bɛn So na Mpaebɔ Betumi Aboa Me?
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Onyankopɔn Tie Mpaebɔ
  • Ebetumi Aboa Wo Wɔ Wo Gyinaesi Ahorow Mu
  • Ebetumi Aboa Wo Ma Woahyɛ Wo Honhom So
  • Ebetumi Aboa Wo Bere a Woahaw
  • Ebetumi Ama Wo ne Nyankopɔn Anya Abusuabɔ Pa
  • Bɔ Onyankopɔn Mpae!
  • So Onyankopɔn Bua Me Mpaebɔ?
    Nyan!—1993
  • Sɛnea Wubetumi Abɛn Onyankopɔn
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛbɔ Mpae Daa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Sɛ Wobɔ Mpae a, Onyankopɔn Tie?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 8/8 kr. 23-25

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Ɔkwan Bɛn So na Mpaebɔ Betumi Aboa Me?

“Mpaebɔ na ɛboaa me ma mitumi siesiee m’asetra.”—Brad.a

MMOFRA pii bɔ mpae—ebia wɔn a wɔyɛ saa no dɔɔso sen sɛnea wususuw mpo. Nhwehwɛmu bi a Gallup Nhwehwɛmu Ahyehyɛde no yɛe wɔ mmofra a wɔadi mfe 13 kosi 17 mu wɔ United States no daa no adi sɛ wɔn mu ɔha mu 56 bɔ mpae ansa na wɔadidi. Nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ mmerante ne mmabaa ho no kyerɛe sɛ wɔn mu ɔha mu 62 bɔ mpae daa.

Nanso, mmofra pii bu mpae sɛ adeyɛ bi kɛkɛ. Mmofra kakraa bi na wɔwɔ Bible mu ‘nimdeɛ a ɛfa Onyankopɔn ho’ no. (Kolosefo 1:9, 10) Ne saa nti, Onyankopɔn nni akoten wɔ wɔn asetram. Wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe mu no, wobisaa mmofra a wɔredu wɔn mpanyin mfe so sɛ ebia wɔhwehwɛ Onyankopɔn mmoa wɔ wɔn gyinaesi atitiriw mu anaa. Abeawa bi buae sɛ: “Mebɔ mpae srɛ Onyankopɔn daa sɛ ɔmmoa me na mintumi nsi gyinae pa wɔ asetram.” Nanso, ɔkae sɛ: “Seesei menkae gyinae no mu biako mpo.” Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ mmofra pii nni ahotoso sɛ mpaebɔ so wɔ mfaso na ebetumi ayɛ biribi ama wɔn!

Nanso, te sɛ Brad a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no, mmofra mpepem pii ahu sɛ mfaso wɔ mpaebɔ so. Wo nso wubetumi ahu mfaso a ɛwɔ so! Asɛm a edi kan a ɛfa mpaebɔ ho no kyerɛɛ sɛnea yebetumi anya ahotoso sɛ Onyankopɔn betie yɛn mpaebɔ no.b Nanso, asɛmmisa no ne sɛ, Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ betumi aboa wo? Nea edi kan no, ma yensusuw sɛnea Onyankopɔn tie yɛn mpaebɔ no ho.

Sɛnea Onyankopɔn Tie Mpaebɔ

Wɔ Bible mmere mu no, gyidifo binom nyaa wɔn mpaebɔ ho mmuae amonom hɔ ara—denam anwonwakwan so mpo. Sɛ nhwɛso no, bere a owuyare bɔɔ Ɔhene Hesekia no, ɔsrɛɛ Onyankopɔn sɛ onnye no. Onyankopɔn buae sɛ: “Mate wo mpaebɔ, mahu wo nusu, hwɛ me na meresa wo yare.” (2 Ahene 20:1-6) Mmarima ne mmea afoforo a na wosuro Onyankopɔn nso nyaa Onyankopɔn mmoa a ɛte saa ara.—1 Samuel 1:1-20; Daniel 10:2-12; Asomafo no Nnwuma 4:24-31; 10:1-7.

Nanso, na ɛnyɛ bere nyinaa na Onyankopɔn ma mpaebɔ ho mmuae amonom hɔ ara, wɔ Bible mmere mu mpo. Mpɛn pii no, na Onyankopɔn tie ne nkoa mpaebɔ denam ‘ne ho nimdeɛ ne nyansa ne honhom fam ntease’ a ɔma wonya so, na mmom ɛnyɛ anwonwakwan so. (Kolosefo 1:9, 10) Yiw, Onyankopɔn boaa ne nkurɔfo denam honhom ne honam fam denhyɛ a ɔde maa wɔn no so—na ɔmaa wonyaa nyansa ne nimdeɛ a wɔnam so besi gyinae pa. Sɛ Kristofo kɔ ahokyere mu a, na Onyankopɔn nyi ɔhaw no mfi wɔn so prɛko pɛ. Mmom no, na ɔma wɔn “tumi a ɛboro so” na ama wɔatumi agyina mu!—2 Korintofo 4:7; 2 Timoteo 4:17.

Saa ara na nnɛ, ebia Onyankopɔn mmuae wɔ wo mpaebɔ ho no renyɛ anwonwakwan so. Nanso, te sɛ nea ɔyɛe tete no, Onyankopɔn betumi de ne honhom kronkron ahyɛ wo den na ama woatumi agyina ɔhaw biara a wobɛkɔ mu no ano. (Galatifo 5:22, 23) Sɛ nhwɛso no, ma yensusuw akwan anan a mpaebɔ betumi aboa wo ho.

Ebetumi Aboa Wo Wɔ Wo Gyinaesi Ahorow Mu

Karen ne aberante bi a na ɛte sɛ nea n’ani gye honhom fam botae ahorow ho kɛse yɛɛ aware nhyehyɛe. Ɔka sɛ: “Na aberante no ka kyerɛ me bere nyinaa sɛ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ ɔpanyin wɔ asafo no mu.” Na m’ani gye eyinom nyinaa ho. Nanso, “na ɔtaa ka adwuma bi a ɔpɛ sɛ ofi ase ne nneɛma a ɔpɛ sɛ ɔtotɔ ma me ho nsɛm. Na me tirim ntene me wɔ ne nokwaredi ho.” Karen bɔɔ ho mpae. “Mesrɛɛ Yehowa sɛ ommue m’ani na minhu ne ho nsɛm a ehia me no.”

Ɛtɔ da a, mpae a wobɛbɔ no ho hia, efisɛ ebetumi aboa wo ma woasusuw nsɛm ho de ahu Yehowa adwene. Nanso, na Karen hia afotu ankasa nso. So na wɔbɛma no mmuae wɔ anwonwakwan so? Susuw Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa Ɔhene Dawid ho no ho. Bere a Dawid hui sɛ n’adamfo Ahitofel a ɔwɔ ne mu ahotoso no retu ne ba Absalom otuatewfo no fo no, ɔbɔɔ mpae sɛ: “[Yehowa, NW] mesrɛ wo, ma Ahitofel agyinatu nnan nkwaseasɛm.” (2 Samuel 15:31) Nanso, Dawid ankasa nso yɛɛ ne mpaebɔ no ho adwuma. Ɔde hyɛɛ n’adamfo Husai nsa sɛ: ‘Mepɛ sɛ woma Ahitofel agyinatu no yɛ ɔkwa.’ (2 Samuel 15:34) Saa ara nso na Karen yɛɛ ne mpaebɔ no ho adwuma denam Kristoni panyin bi a ne ho akokwaw a onim barima a ɔne no ayɛ nhyehyɛe no a ɔne no kɔkasae no so. Ɔpanyin no sii asɛm bi a na ɛhaw Karen so dua: Na ɔbarima a ɔrebɛware no no mmɔ mmɔden koraa wɔ honhom fam.

Karen ka sɛ: “Saa asɛm no ma mihuu mfaso a ɛwɔ mpaebɔ so kɛse.” Awerɛhosɛm ne sɛ, barima a anka ɔne no rebɛware no de n’ani sii ahonyade so na ogyaee Onyankopɔn som. Karen ka sɛ: “Sɛ mewaree no a, anka seesei me nkutoo na mɛkɔ Kristofo nhyiam horow.” Mpaebɔ boaa Karen ma osii gyinae pa.

Ebetumi Aboa Wo Ma Woahyɛ Wo Honhom So

Bible ka wɔ Mmebusɛm 29:11 sɛ: ‘Ɔkwasea yi ne honhom nyinaa adi, na onyansafo twentwɛn ne honhom ase.’ Asɛm no ne sɛ, nnipa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ no taa fa abufuw kɛse na mpɛn pii no wontumi nni wɔn ho so—na ɛtɔ da a, ɛde ɔhaw kɛse ba. Aberante Brian ka sɛ: “Na me ne me yɔnko dwumayɛni bi wɔ asɛm. Da bi ɔtwee me so sekan.” Sɛ ɛyɛ wo a, anka wobɛyɛ dɛn? Brian bɔɔ mpae. Ɔka sɛ: “Yehowa boaa me ma midii me honhom so, na mitumi dwudwoo me yɔnko dwumayɛni no koma. Ɔde sekan no too hɔ na ɔkɔe.” Hyɛ a Brian tumi hyɛɛ ne ho so no amma ne bo amfuw, na eyi na ɛbɔɔ ne nkwa ho ban.

Ebia obi ntwe wo so sekan. Nanso, wubetumi akɔ tebea pii mu wɔ w’asetram a ɛsɛ sɛ wohyɛ wo ho so. Mpaebɔ betumi aboa wo ma woahyɛ wo ho so.

Ebetumi Aboa Wo Bere a Woahaw

Barbara ka bere bi a “ɔhawee kɛse” ho asɛm. Ɔka sɛ: “Wɔn a me ne wɔn yɛ adwuma, m’abusuafo, ne me nnamfo—wɔn mu biara antumi ammoa me. Na minhu nea menyɛ.” Barbara fi nkate mu bɔɔ mpae hwehwɛɛ mmoa. Nanso, na ɔwɔ ɔhaw bi. Ɔka sɛ: “Na minhu nea mimmisa Yehowa. Akyiri yi, mebɔɔ mpae hwehwɛɛ asomdwoe. Na mebɔ mpae anadwo biara sɛ ɔmmoa me mma minyi m’adwene mfiri biribiara so.”

Ɔkwan bɛn so na saa mpaebɔ no boaa no? Ɔka sɛ: “Nna kakraa bi akyi no, mihui sɛ ɛwom sɛ me haw no mfii hɔ koraa de, nanso na minnwennwen ho bio.” Bible hyɛ bɔ sɛ: ‘Momma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom, na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.’—Filipifo 4:6, 7.

Ebetumi Ama Wo ne Nyankopɔn Anya Abusuabɔ Pa

Susuw aberantewaa bi a wɔfrɛ no Paul suahu no ho hwɛ. Ɔka sɛ: “Afei na na me ne abusuafo bi abɛtra. Da koro anadwo bi, awerɛhow hyɛɛ me so kɛse. Na miwiee ntoaso sukuu nkyɛe, na na m’ani agyina me nnamfonom kɛse. Misui saa anadwo no efisɛ mekaee sɛnea na yegye yɛn ani fa no.” Dɛn na na Paul betumi ayɛ? Ɔbɔɔ mpae denneennen bere a edi kan. Ɔka sɛ: “Mifi me koma mu bɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔnhyɛ me den na ɔmma minnya asomdwoe.”

Dɛn na efi mu bae? Paul ka sɛ: “Ade kyee a mesɔree no, na manya ahotɔ sen bere biara wɔ m’asetram. Adwennwene a na ahyɛ me so no fii hɔ na mibenyaa ‘Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no.’” Afei a na Paul anya abotɔyam no, na obetumi asusuw nneɛma ho a ɔnnwennwen pii. Na akyiri yi ohui sɛ na ‘bere a atwam’ no mpo nyɛ anigye koraa. (Ɔsɛnkafo 7:10) Ohui ankasa sɛ na “nnamfo” a wafe wɔn kɛse no mmoa no mma no nyɛ adepa biara.

Nea ɛsen ne nyinaa no, Paul hui sɛ Yehowa dwene ne ho ankasa. Ɔtee asɛm a ɛwɔ Yakobo 4:8 no ase: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo.” Eyi de nsakrae kɛse baa n’asetram. Onyaa ɔpɛ sɛ ɔde Yehowa som bedi kan wɔ biribiara mu na wahyira ne nkwa so ama no.

Bɔ Onyankopɔn Mpae!

Osuahu a ɛtete saa no ma wunya awerɛhyem sɛ mpaebɔ betumi aboa wo. Nokwarem no, ɛno betumi ayɛ nokware, sɛ wunya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wobɛhwehwɛ Onyankopɔn, na wo ne no afa adamfo a. Awerɛhosɛm ne sɛ, mmofra pii nyɛ saa. Wɔtetee Carissa wɔ Kristofo abusua mu. Nanso ogye tom sɛ: “Misusuw sɛ mfe kakraa a atwam yi ara na mihuu som a ɛsom bo kɛse sɛ yɛne Yehowa benya abusuabɔ a emu yɛ den.” Wɔtetee Brad a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no sɛ Kristoni, nanso ɔtwee ne ho fii nokware som ho mfe pii. Ɔka sɛ: “Akyiri yi a mihui sɛ mahwere biribi no ansa na meresan abɛsom Yehowa. Afei na mahu sɛ sɛ abusuabɔ a ɛte saa no nni hɔ a, asetra so nni mfa biara.”

Nanso, mma ɔhaw bi nnto wo ansa na woahwehwɛ Onyankopɔn. Bɔ no mpae seesei—ne daa! (Luka 11:9-13) ‘Fi wo koma mu bɔ no mpae.’ (Dwom 62:8) Ɛnkyɛ koraa na woahu sɛ mpaebɔ betumi aboa wo ankasa!

[Ase hɔ nsɛm]

a Yɛasesa edin ahorow no bi.

b Hwɛ “Mmofra Bisa Sɛ . . . So Onyankopɔn Betie Me Mpaebɔ?” a ɛwɔ July 8, 2001, Nyan! mu no.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 25]

Mpaebɔ Betumi Aboa Wo Ma

● Woasisi Gyinae Pa

● Woahyɛ wo ho so bere a wuhyia nsɛnnennen no

● Woanya ahotɔ bere a woahaw no

● Wo ne Onyankopɔn anya abusuabɔ pa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena