Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 8/8 kr. 26-29
  • Marabou—Anomaa a Wɔbɔ no Dimmɔne Ara Kwa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Marabou—Anomaa a Wɔbɔ no Dimmɔne Ara Kwa
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnomaa Mu Ɔkɛseɛ
  • Awofo a Wɔyɛn Wɔn Mma Yiye
  • Ahotew Ho Adwumayɛfo
  • Marabou Daakye
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2001
  • Wim Samanasamanafo
    Nyan!—1993
  • ‘Monhwɛ Nnomaa’
    Nyan!—2014
Nyan!—2001
g01 8/8 kr. 26-29

Marabou—Anomaa a Wɔbɔ no Dimmɔne Ara Kwa

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ KENYA HƆ

“Sɛ anomaa bi wɔ hɔ a ɔyɛ busueni sen marabou a . . . , ɛnde minnya nhuu no.” The World’s Wild Places—Africa’s Rift Valley.

NNOMAA bebrebe a ɛwɔ Afrika no mu biara nni hɔ a wɔka ne ho nsɛmmɔne te sɛ marabou. Wɔtaa ka anomaa no ho asɛm sɛ onni suban, ne ho nyɛ fɛ, na onni adwempa nso. Ɛda adi pefee sɛ, nkurɔfo nte sɛnea ɔyɛ n’ade no ase.

So wokyerɛ nnomaa a wɔn ho yɛ fɛ na wɔn sũ yɛ dɛ ho anigye? Wiɛ, marabou nni su yi mu biara. Anomaa no ti a ɛho yɛ kɔkɔɔ na ntakra nni ho no ma ne ho yɛ tan yiye. Wɔ wɔn a wɔanyin no fam no, ade pipiripi kɔkɔɔ bi a etumi huhuru a ɛte sɛ abɔkɔn no sɛn wɔn menem. Nnipa pii te nka sɛ saa ade no mma anomaa no ho nyɛ fɛ. Nanso, Ɔbenfo Leon Benun, a ɔyɛ Nnomaa Yɛmmea Dwumadibea a Ɛwɔ Kenya Man Tete Nneɛma Akorae no kwankyerɛfo no, ka sɛ: “Marabou kɔn mu pɔw no a ɛnyɛ nkurɔfo fɛ no nkyerɛ sɛ ɛyɛ anomaa no tan.” Sɛ saa mpo a, ɛde besi nnɛ no, obiara nnim dwuma a anomaa no kɔn mu pɔw yi di.

Anomaa no adidi nso mma nkurɔfo ani nnye ne ho. Ade biako ne sɛ, odi mmoa funu. Wɔkyerɛ sɛ sɛ onnya mmoa funu a, n’adidi dodow nti okum nnomaa foforo. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pii mpɛ n’asɛm koraa.

Nanso, ɛmfa ho sɛ anomaa yi ho nyɛ fɛ na onni suban no, ɔwɔ su horow bi a ɛyɛ anigye. Ka yɛn ho bere a yesusuw anomaa a wɔka ne ho nsɛmmɔne pii ho no.

Nnomaa Mu Ɔkɛseɛ

Yebetumi aka sɛ marabou yɛ anomaa a ɔso sen biara wɔ asukɔnkɔn abusua no mu. Onini no tumi nyin ma ne korɔn du sɛntimita 150, na ne mu duru tumi boro kilogram 8. Abere no nyɛ akɛse saa. Anomaa no ano a ɛte sɛ nnaame a emu yɛ duru no tumi nyin ma ne tenten boro sɛntimita 30—adwinnade titiriw a ɔde sosɔ mmoa funu.

Ɛmfa ho sɛ anomaa yi sõ no, onim tu yiye. Sɛ marabou trɛw ne ntaban mu a, ɛboro mita 2.5, na otumi tu te sɛ nnomaa foforo a wonim tu no. Sɛ otu na ɔka ne ti to ho na oyiyi ne nan kɔ n’akyi a, ne ho tumi yɛ fɛ ankasa. Sɛ mframa no mu yɛ hyew a, otumi tu kɔ soro araa ma wugyina asase so mpo a, wuntumi nhu no! Wɔkyerɛ sɛ marabou tumi tu kɔ soro bɛyɛ mita 4,000!

Awofo a Wɔyɛn Wɔn Mma Yiye

Ade titiriw a nkurɔfo ani gye ho wɔ marabou ho ne dwuma a odi sɛ ɔwofo no. Nokwarem no, abayɛn yɛ adwuma a ɛyɛ den a nea ɔde fi ase ne berebuw a ɔnwene. Onini no paw beae a ɛfata, na ɔbere no kɔka ne ho akyiri yi ma wofi ase nwene buw no. Ɛtɔ mmere bi a, efi fam rekɔ baabi a buw no wɔ no yɛ mita 30, nanso buw no nyɛ biribi a ɛkyɛn so biara. Mmabaa, nnubaa, ne nhaban na wɔde yɛ buw a ne kɛse yɛ anammɔn abiɛsa no. Nokwarem no, ɛtɔ mmere bi a, wɔde nnubaa ne nneɛma foforo siesie ebuw dedaw ma ɛyɛ foforo na wɔato agu so. Wɔkyerɛ sɛ marabou buw no bi tumi di mfe 50.

Bere a onini no gu so reyɛ buw foforo no, ofi ase hwehwɛ ɔhokafo. Nea ɛne ade a nnomaa pii taa yɛ bɔ abira no, onini no twɛn sɛ ɔbere no bɛba ne nkyɛn. Abere pii de wɔn ho bɛkyerɛ onini no, a wɔhwɛ kwan sɛ onini no bɛkyerɛ wɔn ho anigye. Mpɛn pii no, onini no nkyerɛ wɔn ho anigye. Nanso boasetɔ wie nkonimdi, na awiei koraa no onini no kyerɛ ɔbere bi a ɔde ne ho bɛkyerɛ no daa no ho anigye. Bere a aware nhyehyɛe no gu so no, nnomaa abien no nyinaa huhuru wɔn kɔn de yɛ dede kɛse de pam nnomaa a wɔmpɛ sɛ wɔbɛn wɔn no. Wɔkyerɛ sɛ wɔn sũ no tumi yɛ sɛ nantwi sũ, etumi yɛ sɛ nea wɔreporow wɔn menem, na etumi yɛ sɛ nea wɔrebɔ hwerɛma—eyi ne dede ahorow a marabou taa yɛ, gye sɛ ebia wɔkeka wɔn ano bɔ so yɛ dede bere foforo. Abusuabɔ a emu yɛ den bɛda wɔn ntam, na nea wɔtaa de hyɛ mu den ne sɛ bere biara a ɔhokafo bi bepue na ɔbɛsan aba buw no mu no, “wɔtwetwe wɔn kɔn sisi wɔn ti ase” de kyia wɔn ho. Nea wɔtaa yɛ ne sɛ wɔtwe wɔn ti kɔ akyi, si wɔn ti ase, na afei wɔkeka wɔn ano bɔ so bere tenten.

Awarefo yi bom wie buw no. Wɔn baanu no bom da nkesua no so. Sɛ wɔda so ɔsram biako akyi a, nkesua fitaa abien anaa abiɛsa behuan marabou nketewa kɔkɔɔ abien a wɔn ho nni ntakra, na awofo baanu no nyinaa kyerɛ mmofra yi ho anigye. Wɔhwɛ Marabou nkumaa yi yiye ma ɛyɛ nwonwa. Wofi ase yɛ aduanma ho nhyehyɛe anibere so, ma wɔn nnuan a ahoɔden wom te sɛ nsunam. Wɔ mmeae a nsu ataataa, a marabou taa kɔsra hɔ no, awofo no tumi nya mpɔtorɔ bebree, aduan foforo a nnomaa no taa di. Aduan a mmofra no tumi di ne mporoporowa a wɔn awofo de ba buw no mu no. Mmofra no nnyin ntɛm, gye sɛ wɔadi asram anan—bere a wɔn nso tumi tu fi buw no mu no—ansa na wɔn ankasa atumi ayɛ nea wɔpɛ.

Ahotew Ho Adwumayɛfo

Ɛwom sɛ wɔtaa ka marabou ho nsɛmmɔne sɛ odi mmoa funu de, nanso ɔyɛ adwuma a mfaso wɔ so ankasa. Mmoa a wokum mmoa we no gyaw mmoa a wɔakum wɔn yi afunu gu Afrika tataw so. Sɛ wɔanyɛ ho biribi a, afunu yi betumi de nyarewa a ɛyɛ hu abrɛ nnipa ne mmoa nyinaa. Nanso, marabou yɛ adwuma a mfaso wɔ so a ɛne sɛ obedi mmoa no afunu. Wɔne apete—nnomaa a wɔn nso tumi di mmoa afunu kɛse—kyinkyin beae hɔ hwehwɛ mmoa a wɔakum wɔn agu hɔ no. Sɛ wohu bi a, marabou no bɛtwɛn ma apete a wɔn ani yɛ den no de wɔn ano a akoa no akotue funu no mu. Bere a ɛfata mu no, marabou no de n’ano tenten a watwe no sɛ sekan a wɔde yɛ oprehyɛn no yɛ ntɛm kɔ funu no ho kɔte bi, na ɔsan kosi baabi twɛn hokwan foforo. Sɛ apete no di nea wobetumi wie a, marabou no nso pere nnikae no ho. Marabou no di biribiara a ebetumi afa wɔn menewa mu no, gye nnompe nko. Wotumi mene nam a emu duru bɛyɛ gram 600 a wɔmmrɛ ho.

Mfe kakra a abɛsen ni no, ɛnyɛ mmoa atrae nkutoo na marabou ma hɔ tew. Ɛkame ayɛ sɛ anomaa no nsuro nnipa bio, na seesei wɔtaa kɔsra nkurow akɛse ne nkuraa ase sumina so. Dɛn na efi mu ba? Wɔma ɛhɔ tew. Marabou hwehwɛ nsufi a efi nankwasedan mu ba mu mpo de n’ano yiyi nam nketenkete no. Nhwɛso a edi so yi kyerɛkyerɛ sɛnea anomaa yi ho yɛ den fa no mu. Bere a marabou bi reyiyi nsufi a efi nankwasedan mu ba mu nam nketenkete wɔ Kenya atɔe fam no, otumi menee nankwaseni sekan bi. Nnafua kakraa bi akyi no, wohuu sekan no—a ɛho yɛ fɛ na ɛhyerɛn—wɔ beae koro no ara, bere a marabou a ɔmenee sekan no san baa hɔ bedidii no, na na sekan a ɔmenee no mpiraa no!

Marabou Daakye

Bere a anomaa a ɔte sɛ ɔno, Asia asukɔnkɔn akɛse no so retew no, dɔ ara na marabou a wɔwɔ Afrika no redɔɔso. Aboa biara ntumi nkye no. Kan no, na marabou tamfo kɛse ne onipa. Ná wɔtow anomaa kɛse yi tuo de n’akyi ntakra mmerɛmmerɛw no siesie mmea ti nhwi. Storks, Ibises and Spoonbills of the World nhoma no ka sɛ: “Ɛyɛ nwonwa sɛ aboa a nkurɔfo mmu no yi ntakra tumi yɛ fɛ ma mmea de siesie wɔn ho.” Anigyesɛm ne sɛ, kum a na wokum nnomaa yi no so atew koraa wɔ mfe a abɛsen kɔ no mu, na wɔn dodow renya nkɔanim bio. Akyinnye biara nni ho sɛ, nhwehwɛmu kakra a yɛayɛ wɔ marabou ho no ada no adi sɛ ɛnsɛ sɛ wobu no animtiaa keka ne ho nsɛmmɔne koraa. Nsi a ɔyɛ ne mmɔden a ɔbɔ de ma mmeae ahorow tew no boa yɛn yiye. Ɛwom sɛ ɔyɛ anomaa a ne ho nyɛ fɛ de, nanso ɔhyɛ ne Bɔfo no anuonyam wɔ ɔkwan bi so.—Dwom 148:7, 10.

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Anomaa no ano a ɛte sɛ nnaame a ɛsõ no tumi yɛ tenten boro sɛntimita 30

[Mfonini wɔ kratafa 26, 27]

Sɛ “marabou” trɛw ne ntaban mu a, ɛboro mita 2.5

[Asɛm Fibea]

© Joe McDonald

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Wɔhwɛ “marabou” nkumaa ma ɛyɛ nwonwa

[Asɛm Fibea]

© M.P. Kahl/VIREO

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Wonnya nhuu dwuma a “marabou” de ne kɔn mu pɔw no di

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Ɛtɔ mmere bi a, efi fam rekɔ baabi a buw no wɔ no yɛ mita 30

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena