Kyerɛ Nneɛma A Afoforo Tumi Yɛ Ho Anisɔ
Nea Akɔfa Ɔhaw No Aba
Ahomaso tumi ma obi bu nkurɔfo animtiaa. Obi a ɔyɛ ahomaso no bu ne ho tra so. Ɛyɛ no sɛ ɔkyɛn obiara, na nkurɔfo a wɔnte sɛ ɔno no, obu wɔn abomfiaa. Obiara betumi anya suban a ɛte saa. Nhoma bi ka sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ, mmusuakuw dodow no ara adwene yɛ wɔn sɛ, sɛnea wɔyɛ wɔn ade, nnuan a wodi, ntade a wɔhyɛ, wɔn suban, wɔn som, ne nneɛma foforo bi a wɔyɛ yɛ papa sen mmusuakuw a aka.” (Encyclopædia Britannica) Wei nyɛ adwempa, enti dɛn na yɛbɛyɛ na yɛannya saa adwene no bi?
Bible Mu Afotusɛm
“Mumfi ahobrɛase mu mmu afoforo sɛ wɔkyɛn mo.”—FILIPIFO 2:3.
Dɛn na saa asɛm yi kyerɛ? Sɛ yɛmpɛ sɛ yɛyɛ ahomaso a, ɛsɛ sɛ yesua sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase. Yɛwɔ ahobrɛase a, yebegye atom sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a, afoforo bɔ mu mmɔden sen yɛn. Enti nnipakuw bi ntumi nka sɛ wɔn nko ara na wɔwɔ suban pa anaa wɔn nko ara na wonim biribiara yɛ.
Yɛnhwɛ owura bi a wɔfrɛ no Stefan. Wɔtetee no wɔ Kɔmunis man bi mu. Bere bi a atwam no, sɛ obi mfi ne man mu a, na ɔne n’ani nhyia, nanso ɔbɔɔ mmɔden dii saa suban no so. Ɔkaa sɛ: “Migye di sɛ sɛ wubu afoforo sɛ wɔkyɛn wo a, ɛno paa na ebetumi aboa wo, na woannya wɔn ho adwemmɔne. Minim sɛ, nyansa nni baakofo tirim, enti metumi asua biribi afi obiara hɔ.”
Nea Wubetumi Ayɛ
Gye tom sɛ ɛnyɛ biribiara na wubetumi ayɛ, na wutumi di mfomso nso. Afei nso, hu sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a, ebinom bɔ mu mmɔden sen wo. Nnya nnipakuw bi ho adwene sɛ wɔn nyinaa suban yɛ pɛ.
Sɛ wuhyia obi a ofi abusuakuw bi mu a, sɛ́ anka wubenya ne ho adwemmɔne no, bisa wo ho sɛ:
Hu sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a, ebinom bɔ mu mmɔden sen wo
‘Nneɛma bi a ɔyɛ a m’ani nnye ho no, ɛyɛ ampa sɛ enye, anaa me ara na m’ani nnye ho?’
‘Ɔno nso, nneɛma bi wɔ me ho a ebetumi aba sɛ n’ani nnye ho anaa?’
‘Nneɛma bɛn na ɔbɔ mu mmɔden sen me?’
Saa nsɛmmisa yi, sɛ wudwinnwen ho yiye paa a, ebetumi aboa wo ama woayi adwemmɔne biara a wowɔ wɔ onipa no ho afi wo mu, na ebi mpo a wubehu nneɛma bi wɔ ne ho a w’ani gye ho.