Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 9/1 kr. 5-6
  • Nea Bible No Ka Wɔ Asomdwoe Ne Ahotɔ Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Bible No Ka Wɔ Asomdwoe Ne Ahotɔ Ho
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asomdwoe ne Ahotɔ​—Ebedi Dɛn Anim?
  • Wɔada Bere ho Nsɛm a Ɛwom Adi
  • Wiase Tumidi Ahorow Ntam ‘Apereperedi’
  • “Asomdwoe ne Ahotɔ!”​—Afei ‘Mpofirim Ɔsɛe’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Nea Ɛsen “Asomdwoe Ne Ahotɔ” A Nnipa De Bɛba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Asomdwoe a Efi Nyankopɔn Hɔ​—Bere Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nokware Asomdwoe Ne Ahotɔ
    Yɛn Ahenni Som—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 9/1 kr. 5-6

Nea Bible No Ka Wɔ Asomdwoe Ne Ahotɔ Ho

Nnipa pii bu wiase nyinaa biakoyɛ a ɛte sɛ nea wɔreyɛ anya no ne asomdwoe ne ahotɔ a ebia eyi de bɛba no sɛ ade a ebetumi aba ampa. Wɔn anidaso ne sɛ adeyɛ a ɛte sɛɛ bɛma wiase no ayɛ yiye sen sɛnea ɛte no. Nanso Bible no ma yehu sɛ nneɛma pii wɔ asɛm no mu sen sɛnea yetumi hu.

KRISTOFO ani gye asomdwoe ne ahotɔ asɛm no ho titiriw esiane asɛm a honhom kronkron kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛw kɔmaa afeha a edi kan Kristofo asafo bi no nti. Wɔakyerɛw ne nsɛm no wɔ Bible mu wɔ 1 Tesalonikafo 5:3 sɛ: “Na bere a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ, no, ɛnde mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so sɛ awoko ba ɔbea a ɔyem so, na wɔrennya ɔkwan nguan.” Kyerɛwsɛm yi ma nsemmisa a ɛho hia sɔre.

Asomdwoe ne Ahotɔ​—Ebedi Dɛn Anim?

Sɛ wokenkan nsɛm afoforo a ɛka Paulo nsɛm a wɔakyerɛw wɔ atifi hɔ no ho a, wubehu sɛ wɔn a wɔka sɛ “yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ no” nyɛ Kristofo a wɔn ani da hɔ yiye, na mmom wɔyɛ nnipa ankorankoro a wonhu nea ɛrekɔ so ankasa no. Wɔwɔ asiane tebea bi mu nanso wonnim efisɛ wosusuw sɛ nsɛm tebea ayɛ yiye. Nanso Paulo kaa Kristofo ho asɛm sɛ: “Na nna no ne mmere no de, anuanom, enhia mo sɛ wɔkyerɛw brɛ mo.” (1 Tesalonikafo 5:1) Yiw, ɛsɛ sɛ yehu Onyankopɔn mmere nhyehyɛe ma nsɛm a ebesisi no. Dɛn ntia? Efisɛ Paulo kae sɛ mpofirim ɔsɛe mmere bi a wɔfrɛ no “[Yehowa] da” reba “sɛ owifo ba anadwo” pɛpɛɛpɛ.​—1 Tesalonikafo 5:2.

Asomdwoe ne ahotɔ a wɔahyɛ nkɔm sɛ wɔbɛka ho asɛm no fa dɛn ho? Ɛda adi pefee sɛ ɛrenyɛ asɛm a wɔka ara kwa. Nnipa aka asomdwoe ho asɛm bere tenten te sɛ bere a wɔde adi ako no ara pɛ. Na Paulo reka bere bi a ɛbɛyɛ sɛ amanaman no renya asomdwoe ne ahotɔ wɔ ɔkwan a ɛda nsow so ho asɛm. Nanso eyi yɛ aniani ade a wohu ara kɛkɛ. Ɛda adi sɛ nea ɛte sɛ asomdwoe ne ahotɔ a ekowie mpofirim ɔsɛe mu no nyɛ asomdwoe ankasa anaasɛ nokware ahotɔ.

Yesu nso kaa mpofirim ɔsɛe yi ho asɛm. Ɔfrɛɛ no “ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da.” Odiyifo Daniel kaa ho asɛm mfehaha pii ansa na Yesu reba, na ɔkaa ho asɛm sɛ ɛyɛ “ahohia bere a efii sɛ ɔman bae no besi bere no so ɛmmae da.”​—Mateo 24:21; Daniel 12:1.

Sɛ́ wɔfrɛ no ahohiahia kɛse o, sɛ wɔfrɛ no ahohia bere o​—emu biara bɛsɛe Satan asase so nneɛma nhyehyɛe nyinaa pasaa, sɛnea nkɔmhyɛ ahorow kyerɛ no. Sɛ anka asomdwoe ne ahotɔ a wɔahyɛ nkɔm sɛ wɔbɛka ho asɛm no bɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ani gye wɔn ho mmom no, ɛde nea ɛne ɛno bɔ abira koraa na ɛbɛba!​—Fa toto Sefania 3:8 ho.

Wɔada Bere ho Nsɛm a Ɛwom Adi

So nea wɔreyɛ nnansa yi na ama wiase no ayɛ biako ne asomdwoe ne ahotɔ ho anidaso a afi mu aba no yɛ Paulo nkɔmhyɛ kɔkɔbɔ no mmamu anaa? Wiɛ, sɛnea nsɛmma nhoma yi ada no adi mpɛn pii no, fi 1914 no, yɛahu Bible nkɔmhyɛ pii a ɛfa Yesu mmae wɔ soro, wɔ Ahenni tumidi mu ho no mmamu. (Mateo, atiri 24, 25; 2 Timoteo 3:1-5; Adiyisɛm 6:1-8) Yesu kyerɛe sɛ Yehowa da no, a emu na mpofirim ɔsɛe bɛba abɔnefo so no, bɛba bere a awo ntoatoaso a ehuu bere yi mfiase no mufo bi da so ara te ase.​—Luka 21:29-33.

Ɔsomafo Paulo nso kaa bere ho asɛm bi. Ɔkae sɛ: “Bere a wɔreka asomdwoe ne ahotɔ ho asɛm no, mpofirim na ɔsɛe ba wɔn so.” Sɛnea wɔakyerɛ Paulo nsɛm yi ase wɔ The New English Bible no mu no kyerɛ pefee sɛ ahohiahia kɛse no bɛba “bere a wɔreka.” Sɛnea owifo ba anadwo​—wonni kan nhu sɛ ɔreba no​—saara na ɔsɛe bɛba bere a wɔnhwɛ kwan koraa, bere a nnipa pii adwene wɔ asomdwoe ne ahotɔ a wɔn ani da so no so no. Enti, bere a saa bere yi yɛrentumi nka no pen sɛ mprempren asomdwoe ne ahotɔ tebea no yɛ Paulo nsɛm no mmamu​—anaasɛ yɛrentumi nkyerɛ faako a wɔbɛka asomdwoe ne ahotɔ ho asɛm akodu no​—nokwasɛm a ɛne sɛ yɛrete sɛ wɔreka asɛm a ɛte saa no kɛse sen bere biara no ma Kristofo ani ba wɔn ho so sɛ ɛsɛ sɛ wɔwɛn bere nyinaa.

Wiase Tumidi Ahorow Ntam ‘Apereperedi’

Odiyifo Daniel nso kaa bere ho asɛm wɔ ahohia ho asɛm a ɔkae no mu. Ɔkyerɛe sɛ ahohia bere no bɛba wɔ aman a wɔwɔ tumi ahorow abien, a wɔfrɛ obiako “kusuu fam hene” ne ɔfoforo no “kesee fam hene” no ntam ntawntawdi awiei. (Daniel 11:5-43, New World Translation) Efi Wiase Ko II awiei no, wɔn a wogyina hɔ ma saa aman a wɔwɔ tumi yi ne kapitalistfo “kesee fam hene” ne sohyialistfo “kusuu fam hene” no.

Daniel ka siei sɛ akansi a emu yɛ den a ɛbɛkɔ so wɔ aman abien yi ntam, sɛnea wɔahu sɛ akɔ so wɔ mfe 45 a atwam no mu no, bɛyɛ sɛ ‘apereperedi’ te sɛ akofo baanu a wɔn mu biara pɛ sɛ odi ne yɔnko so nkonim. Nnansa yi, ɛte sɛ nea apereperedi no ano abrɛ ase. Sɛ nhwɛso no, wɔ afe a etwaam no May mu no, Rusia ɔsoafo a ɔhwɛ amannɔne ho nsɛm so no kae sɛ Tumidi ho Apereperedi no aba awiei. Wɔ June mu no, Time nsɛmma nhoma no kaa nhyiam bi a Amerika ne Rusia amampanyin yɛe no ho asɛm sɛ: “Akode a wɔbɛtew so ne nuklea atopae a wɔbɛsɔ ahwɛ ho gyinae ahorow binom a wosii no yɛ nea anka wobebu no sɛ ade a ɛyɛ nwonwa wɔ mfe kakraa bi a atwam mu. Nanso mprempren de, sɛ wɔka ne nyinaa bom mpo a, ɛte sɛ asɛm ketewaa bi kɛkɛ.”

Sɛ́ ebia nea ɛte sɛ aman abien a wɔwɔ tumi no ntam adamfofa yi bɛtra hɔ akyɛ anaasɛ ɛrenkyɛ no, akyiri yi na yebehu. Nanso, ade biako da adi pefee. Bere a Yesu kaa ho asɛm no akɔ anim yiye. Na nsɛm a ɛresisi wɔ wiase no mu da no adi sɛ yɛabɛn bere a nsɛm a ɔsomafo Paulo ne odiyifo Daniel kaa ho asɛm siei no bɛbam no yiye. Ɛwom sɛ amammui mu nsɛm a asisi nnansa yi no fã bi fi Kristoman asɔre ahorow no nkɛntɛnso de, nanso ɛremfa asomdwoe a ɛbɛtra hɔ daa mma. Adanse no kyerɛ sɛ ɛde nea ɛne eyi bɔ abira koraa mmom na ɛbɛba wiase yi amanaman no so.

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Bere a ɛbɛkyerɛ faako a nea ɛte sɛ aman a wɔwɔ tumi no ntam adamfofa yi bɛtra hɔ akodu

[Mfonini Fibea]

USSR Mission to the UN

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena