Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 10/15 kr. 32
  • ‘Munnni Awerɛhow sɛ Wɔn a Aka No’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Munnni Awerɛhow sɛ Wɔn a Aka No’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 10/15 kr. 32

‘Munnni Awerɛhow sɛ Wɔn a Aka No’

SO WOAHU nhwiren bi a asi ne ti ase bere a atumi agyina ahum bi ano pɛn? Ɔkwan bi so no ɛyɛ ade a wohwɛ a ɛka koma. Anyɛ yiye koraa no, ahum a etui no maa mmoa ne nnipa dodow a wontumi nkan—a wɔyɛ den koraa sen nhwiren biara—guan kɔhwehwɛɛ hintabea. Nanso, nhwiren no gyinaa hɔ pintinn wɔ ahum a ano yɛ den no mu. Afei, ɛno na esi hɔ a hwee nyɛɛ no yi, asi ne ti ase de nanso emmui, na ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ den, ɛmfa ho sɛnea ne hwɛbea te sɛ nea ɛyɛ mmerɛw no. Bere a wohwɛ no, ebia wubesusuw ho sɛ ebetumi asan anya n’ahoɔden ama ne ti fɛfɛ no so ahwɛ soro bio anaa.

Ɛte saa ara wɔ nnipa fam. Yehyia ahum ahorow nyinaa wɔ ɔhaw mmere yi mu. Sikasɛm mu ahokyere, adwenemhaw, akwahosan a ɛsɛe, ɔdɔfo bi a owu—ahum a ɛtete saa to yɛn nyinaa bere ne bere mu, na ɛtɔ da bi a yentumi nkwati te sɛ nea nhwiren ntumi ntu nguan nkɔpɛ hintabea no ara pɛ. Ɛhyɛ nkuran sɛ wubehu ankorankoro bi a ɛte sɛ nea wɔyɛ mmerɛw sɛ wɔda ahoɔden bi a ɛyɛ nwonwa adi, na wogyina ntua a ɛtete saa ano. Ɛyɛ dɛn na wotumi yɛ saa? Mpɛn pii no, nea ɛma wotumi yɛ saa ne gyidi. Yesu Kristo nua Yakobo kyerɛwee sɛ: “Munhu sɛ mo gyidi sɔhwɛ a anya awiei pa yɛ boasetɔ.”—Yakobo 1:3.

Ade foforo ne anidaso. Sɛ́ nhwɛso no, sɛ ɔdɔfo bi wu a, anidaso betumi aboa wɔn a aka no kɛse. Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Tesalonika no sɛ: ‘Wɔn a wɔadeda no ho de, yɛmpɛ sɛ yɛkora mo so, na mo werɛ anhow sɛ wɔn a aka a wonni anidaso no.’ (1 Tesalonikafo 4:13) Bere a ɛyɛ nokware sɛ, esiane owu nti Kristofo di awerɛhow no, nsonsonoe wɔ wɔn de no mu. Wɔwɔ awufo tebea ne owusɔre ho anidaso ho nokware nimdeɛ.—Yohane 5:28, 29; Asomafo no Nnwuma 24:15.

Saa nimdeɛ yi ma wonya anidaso. Na saa anidaso no nso tew wɔn awerɛhow no so nkakrankakra. Ɛboa wɔn ma wogyina ano kɛse. Bere kɔ so no, te sɛ nhwiren a agyina ahum ano no, ebia wɔbɛma wɔn ti so afi awerɛhow no mu na wɔanya asetram anigye ne abotɔyam bio.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena