Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • bsi08-2 ti 54 kr. 6-8
  • Bible Nhoma a Ɛto So 54—1 Timoteo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nhoma a Ɛto So 54—1 Timoteo
  • “Kyerɛwnsɛm Nyinaa”—Ɛyɛ Nokware na Mfaso wɔ So, Ɔfã 17
  • Nsɛmti Nketewa
  • NEA ENTI A MFASO WƆ SO
“Kyerɛwnsɛm Nyinaa”—Ɛyɛ Nokware na Mfaso wɔ So, Ɔfã 17
bsi08-2 ti 54 kr. 6-8

Bible Nhoma a Ɛto So 54—1 Timoteo

Nea Ɔkyerɛwee: Paulo

Beae a Ɔkyerɛw No: Makedonia

Bere a Ɔkyerɛw Wiei: Bɛyɛ 61–64 Y.B.

BERE a Luka de Paulo ho kyerɛwtohɔ a ɔyɛe wɔ Asomafo nhoma no mu reba awiei no, na Paulo wɔ Roma retwɛn nea ebefi asɛm a ɔde kɔdan Kaesare no mu aba. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ na Paulo te fie a n’ankasa agye tua ho ka mu, na na ɔka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔba ne nkyɛn no nyinaa, ‘de nnamyɛ kɛse kyerɛkyerɛ wɔn a biribiara ansiw ho kwan.’ (Aso. 28:30, 31) Nanso bere a Paulo rekyerɛw ne krataa a ɛto so abien akɔma Timoteo no, ɔkyerɛwee sɛ: “Merehu amane ma wɔagu me mpokyerɛ sɛ ɔdebɔneyɛfo,” na ɔkae sɛ ne wu abɛn. (2 Tim. 2:9; 4:6-8) Na tebea no asesa koraa! Bere a edi kan no, wɔde nidi maa no wɔ afiase, nanso nea ɛto so abien no de, wobuu no sɛ ɔmammɔfo. Dɛn na esii fi bere a Luka kyerɛw Paulo ho asɛm wɔ afe 61 Y.B., a na wadi mfe abien wɔ Roma no, kosi bere a Paulo ankasa kyerɛw ne tebea ho asɛm kɔmaa Timoteo, bere tiaa bi ansa na ɔrewu no?

2 Sɛ wohwɛ bere a nsɛm a ɛwɔ Asomafo nhoma no mu gyei a, biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Paulo kyerɛw krataa kɔmaa Timoteo ne Tito saa bere no. Eyi ma Bible ho animdefo bi ka sɛ Paulo dii nkonim wɔ n’asɛm a ɔde kɔdan Kaesare no mu, na woyii no bɛyɛ afe 61 Y.B. Nhoma a ɛde The New Westminster Dictionary of the Bible ka sɛ: “Asomafo nhoma no nkyekyɛm a etwa to no foa so [sɛ bere a Paulo kɔdaa afiase no, woyii no mfe abien akyi]. Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wobuu ɔsomafo no kumfɔ kum no wɔ afiase hɔ. Luka sii so dua sɛ obiara ansiw n’adwuma no kwan; eyi kyerɛ sɛ na ne dwumadi no mmaa awiei.”a Eyi kyerɛ sɛ bere a woyii no fii afiasenna a edi kan wɔ Roma ne n’afiasenna a etwa to no ntam hɔ na ɔkyerɛw Timoteo Nhoma a Edi Kan no, anaa bɛyɛ afe 61-64 Y.B. mu.

3 Ɛda adi sɛ bere a woyii Paulo fii afiase no ɔsan fii n’asɛmpatrɛw adwuma no ase, na na Timoteo ne Tito ka ne ho. Sɛ́ Paulo duu Spania sɛnea ebinom susuw no anaa wannu no, yentumi nhu. Nanso Clement a ofi Roma kyerɛwee (bɛyɛ afe 95 Y.B.) sɛ Paulo “beduu Atɔe fam nohoa” a ɛbɛyɛ sɛ Spania ka ho.b

4 Ɛhe na Paulo kyerɛw ne krataa a edi kan no kɔmaa Timoteo? Asɛm a ɛwɔ 1 Timoteo 1:3 no kyerɛ sɛ Paulo yɛɛ nhyehyɛe maa Timoteo kodii dwuma bi wɔ Efeso asafo no mu, na ɔno ankasa de, ɔkɔɔ Makedonia. Ɛda adi sɛ ɛhɔ na na ɔwɔ bere a ɔkyerɛw krataa kɔmaa Timoteo wɔ Efeso no.

5 Efi tete nyinaa nnipa gye tom sɛ Paulo na ɔkyerɛw nkrataa abien no kɔmaa Timoteo, na ɛka Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no ho. Tete Kristofo nhoma akyerɛwfo te sɛ Polycarp, Ignatius, ne Clement a ofi Roma nyinaa gyee eyi toom, na wɔbɔɔ nkrataa no din wɔ tete nhoma a wɔahyehyɛ kyerɛwnsɛm wom no mu sɛ Paulo na ɔkyerɛwee. Nhomanimfo bi kyerɛwee sɛ: “Apam Foforo no mu nhoma biara nni hɔ a wɔadi ho adanse sen eyi . . . Enti sɛ nnɛ obi ka sɛ ɛnyɛ nokware a, ɛsɛ sɛ wobu no sɛ ɛyɛ nnɛɛmmafo adwene, na ɛne adanse a edi mũ a tete asɔre no de ma nhyia.”c

6 Adwene a Paulo de kyerɛw ne krataa a edi kan no kɔmaa Timoteo ne sɛ ɔbɛma wahu sɛnea ɛsɛ sɛ wodi asafo nsɛm ho dwuma wɔano wɔano. Na ɛho hia nso sɛ ɔbɔ Timoteo kɔkɔ na ɔyɛ ahwɛyiye wɔ atoro nkyerɛkyerɛ ho na ɔhyɛ anuanom no den ma wɔko tia ‘atoro nimdeɛ’ a ɛte saa. (1 Tim. 6:20) Bio nso na Efeso yɛ aguadi kurow, na na honam fam nneɛma ne ‘sikanibere’ betumi asum anuanom no afiri, enti na ehia sɛ ɔde kɔkɔbɔ a ɛfata ma. (6:10) Ná Timoteo adi kan anya osuahu ne ntetee a ɛbɛma watumi ayɛ adwuma yi. Na ne papa yɛ Helani, na ne maame yɛ Yudani a osuro Onyankopɔn. Yennim bere pɔtee a Timoteo behuu Kristosom. Bere a Paulo kɔɔ Listra wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abien no mu, bɛyɛ afe 49 Y.B. awiei anaa 50 Y.B. mfiase no, na Timoteo adi bɛyɛ mfe 20, na “anuanom a wɔwɔ Listra ne Ikoniom no kaa ne ho asɛm pa.” Enti Paulo yɛɛ nhyehyɛe ma Timoteo bɛkaa ɔne Silas ho tuu kwan. (Aso. 16:1-3) Timoteo din pue Paulo nkrataa 14 no mu 11 mu, na epue Asomafo nhoma no nso mu. Paulo de no yɛɛ ne ba, na ɔma ɔkɔsraa asafo ahorow som wɔn. Eyi yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Timoteo yɛɛ adwuma pa wɔ asɛmpatrɛw adwuma no mu ma enti na ɔfata sɛ wɔde asɛyɛde a emu yɛ duru hyɛ ne nsa.—1 Tim. 1:2; 5:23; 1 Tes. 3:2; Filip. 2:19.

NEA ENTI A MFASO WƆ SO

15 Krataa yi de kɔkɔbɔ a emu yɛ duru ma wɔn a wɔnam keka nsɛnhunu na wogye akyinnye hunu no. Ahomaso na ɛma ebinom ‘twe nsɛm ho manso,’ na ɛsɛ sɛ wɔkwati. Paulo ka kyerɛ yɛn sɛ ɛmma Kristoni nnyin, “na ɛde nsɛmmisa a egye bere mmom ba sen sɛ wobenya biribi afi Nyankopɔn hɔ akyɛ ama afoforo wɔ gyidi ho.” (6:3-6; 1:4) Akyinnyegye ne ɔhonam nnwuma nyinaa ‘tia nkyerɛkyerɛ pa, sɛnea anigye Nyankopɔn no anuonyam asɛmpa no te.’—1:10, 11.

16 Ná Efeso yɛ kurow a sikanibere wom, enti na Kristofo a wɔwɔ hɔ no hia afotu na wɔako atia ade dodowpɛ ne ɛho mfiri. Paulo de saa afotu no mae. Wiase no taa fa n’asɛm no ka sɛ, ‘Bɔne nyinaa ntini ne sikanibere,’ nanso baahe na wogye bere susuw n’asɛm no ho? Nokware Kristofo de, ɛsɛ sɛ wotie afotusɛm yi bere nyinaa. Ɛbɛkyerɛ nkwagye ama wɔn. Ehia sɛ wɔtwe wɔn ho fi ade dodowpɛ ho koraa na anni wɔn awu; na ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ho to “ahonyade a enni nnyinaso so, na mmom wɔmfa nto Nyankopɔn a ɔma yɛn ade nyinaa ma ebu so ma yɛn ani gye no so.”—6:6-12, 17-19.

17 Paulo krataa no kyerɛe sɛ Timoteo ankasa yɛɛ nhwɛso pa sɛ Kristoni aberante. Ɛwom sɛ na osua de, nanso na wanyin wɔ Onyankopɔn som mu. Na watumi abɛyɛ ɔhwɛfo, na hokwan ahorow a onyae no de nhyira pii brɛɛ no. Nanso te sɛ asomfo nkumaa a wɔyɛ nsi nnɛ no, na ehia sɛ odwennwen nsɛm yi ho na ɔde ne koma nyinaa si so na ama wanya nkɔso pii. Paulo afotu yi ho hia ma Kristoni biara a ɔpɛ sɛ onya nkɔso na n’ani gye wɔ ne som mu: “Ma w’ani mmra wo ho ne wo nkyerɛkyerɛ so bere nyinaa. Bata eyinom ho, na sɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne wɔn a wotie wo no nkwa.”—4:15, 16.

18 Krataa a efi honhom mu yi ma yehu sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ biribiara kɔ so wɔano wɔano. Ɛkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ mmarima ne mmea nyinaa yɛ wɔn ade na ama biribiara akɔ so fɛfɛɛfɛ teokrase kwan so wɔ asafo no mu. (2:8-15) Afei ɛtoa so kyerɛ nea wɔhwehwɛ fi ahwɛfo ne asafo mu asomfo hɔ. Honhom kronkron no na ɛkyerɛ nea wɔhwehwɛ fi wɔn a wobenya hokwan titiriw asom saa no hɔ. Krataa no hyɛ Kristofo asomfo a wɔahyira wɔn ho so nyinaa nkuran sɛ wonnu ahwehwɛde no ho, na ɛka sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ ɔbɛyɛ ahwɛfo adwuma a, na ɔpɛ adwuma pa.” (3:1-13) Krataa no ka adwene a ɛfata a ɛsɛ sɛ ahwɛfo nya wɔ nkwakoraa ne mmerewa, ne mmerante ne mmabaa a wɔwɔ asafo no mu no ho, ne nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ bere a wɔabɔ obi sobo wɔ adansefo anim no. Bere a Paulo reka sɛ ɛsɛ sɛ yɛde nidi mmɔho ma mpanyimfo a wɔbɔ wɔn ho mmɔden wɔ kasa ne ɔkyerɛkyerɛ mu no, ɔkaa Hebri Kyerɛwnsɛm no mu asɛm mprenu de foaa n’asɛm so. Ɔkae sɛ: “Kyerɛwsɛm no ka sɛ: ‘Nantwi a ɔreporow awi no, nkyekyere n’ano’; afei: ‘Odwumayɛni akatua sɛ no.’”—1 Tim. 5:1-3, 9, 10, 19-21, 17, 18; Deut. 25:4; Lev. 19:13.

19 Bere a Paulo de afotu pa yi mae akyi no, ɔde kaa ho sɛ ɛsɛ sɛ wodi ahyɛde yi so a nkekae anaa asɛm biara nni ho ‘kosi yɛn Awurade Yesu Kristo ahoyi mu, nea ɔyɛ ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade no.’ Ahenni anidaso yi nti, bere a ɔrewie ne krataa no, ɔde nsɛm a tumi wom maa Kristofo sɛ “wɔnyɛ papa, wɔnyɛ adefo nnwuma pa mu, wommue wɔn nsam, na wɔnkyɛ ade, na wɔnto fapem pa nsie yiye mma daakye, na ama wɔatumi aso nkwa ankasa no mu denneennen.” (1 Tim. 6:14, 15, 18, 19) Afotusɛm a ɛwɔ Timoteo Nhoma a Edi Kan mu no so wɔ mfaso ampa!

[Ase hɔ nsɛm]

a Wotintimii wɔ 1970 mu, na H. S. Gehman na ɔhyehyɛɛ emu nsɛm, kratafa 721.

b The Ante-Nicene Fathers, Po. I, kratafa 6, “Krataa a Edi Kan a Clement de kɔmaa Korintofo no,” ti V.

c New Bible Dictionary, nea ɛto so abien, 1986, a J. D. Douglas hyehyɛɛ emu nsɛm, kratafa 1203.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena