Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wudi Wo Bɔhyɛ So?
ABAN fotufo Bernard Baruch a wanya ne baabi kɔ no kae sɛ: “Montow aba mma onipa a ɔnhyɛ bɔ akɛse; ɔno na ɔrenni huammɔ.” Wɔ nnɛyi wiase mu no, ɛkame ayɛ sɛ nnipa ntumi nni bɔ ahorow a wɔhyɛ so. Ebetumi ayɛ aware mu bɔhyɛ, adwumayɛ mu nhyehyɛe, ne bɔ a wɔhyɛ sɛ wobenya bere pii ama mmofra no. Nokwasɛm a wɔabu ani agu so wɔ wiase nyinaa ne sɛ, “Onipa kasa na ɛkyerɛ sɛnea ɔte.”
Nokwarem no, nnipa pii nyɛɛ wɔn adwene da sɛ wobedi wɔn bɔhyɛ so. Afoforo nso hyɛ bɔ a wonnwen ho, anaasɛ wonni bɔhyɛ no so esiane sɛ ɛsodi bɛyɛ den nti.
Ampa, ebetumi ayɛ den sɛ obi bedi ne bɔhyɛ so bere a nneɛma bi bɛbobom no. Nanso so ɛbɔ a wonni so no de ɔhaw pii ba ankasa? So ɛsɛ sɛ wubu wo bɔhyɛ aniberesɛm? Nhwɛso a Yehowa Nyankopɔn ayɛ a yebesusuw ho kakra no bɛboa yɛn ma yɛahu nea enti a ɛsɛ sɛ yebu asɛm yi aniberesɛm.
Yehowa Di Ne Bɔhyɛ So
Yɛsom Onyankopɔn a ne din ankasa kyerɛ sɛ odi ne bɔhyɛ so. Wɔ Bible mmere mu no, na obi din ma wohu nipa ko a ɔyɛ. Saa ara na ɛte wɔ edin Yehowa, a nea ɛkyerɛ ne “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ” no ho. Enti Onyankopɔn din no kura adwene a ɛne sɛ Ɔbɛma ne bɔhyɛ abam na wadi n’atirimpɔw ahorow ho dwuma.
Nea ɛne ne din hyia no, Yehowa maa bɔ a ɔhyɛɛ tete Israelfo no nyinaa baam. Ɔhene Salomo ka saa bɔhyɛ ahorow yi ho asɛm sɛ: “Nhyira ne [Yehowa, NW] a wama ne man Israel ɔmannwoe sɛnea ɔkae no nyinaa. N’asɛmpa a ɔnam n’akoa Mose so kae no nyinaa mu asɛm biako pɛ antɔ fam.”—1 Ahene 8:56.
Yehowa yɛ nokwafo araa ma na ɔsomafo Paulo betumi aka sɛ: “Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no, onni nea ɔso sen no a ɔbɛka ne ntam nti, ɔkaa n’ankasa ho ntam.” (Hebrifo 6:13) Yiw, Yehowa din ne ne nipasu ankasa kyerɛ sɛ ɔrenni atoro wɔ bɔ ahorow a ɔhyɛ mu, sɛ ɛno bɛma wahwere ade kɛse mpo a. (Romafo 8:32) Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yehowa di ne bɔhyɛ so no ma yenya anidaso a ɛno ne yɛn kra, anaa yɛn nkwa sɛkyɛ.—Hebrifo 6:19.
Yehowa Bɔhyɛ ne Yɛn Daakye
Yɛn anidaso, yɛn gyidi, ne yɛn nkwa ankasa, nyinaa gyina Yehowa bɔhyɛ ahorow a ebenya mmamu so. Anidaso bɛn na yɛwɔ? “Sɛnea [Onyankopɔn] bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.” (2 Petro 3:13) Kyerɛwnsɛm no san ma yɛn biribi a yebegyina so anya gyidi sɛ “owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.” (Asomafo no Nnwuma 24:15) Na yebetumi anya awerɛhyem sɛ biribi a ɛkyɛn mprempren asetra wɔ hɔ. Nokwarem no, nea ɔsomafo Yohane frɛ no “ɛbɔ a ɔde ahyɛ yɛn” a ɛne “daa nkwa” no. (1 Yohane 2:25) Nanso na Yehowa bɔ a ɛwɔ N’asɛm mu no mfa daakye nkutoo ho. Mprempren mpo ɛma yenya asetra a atirimpɔw wom.
Odwontofo no too dwom sɛ: “[Yehowa, NW] bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, . . . na otie wɔn sufrɛ.” (Dwom 145:18, 19) Onyankopɔn san ma yɛn awerɛhyem sɛ ‘ɔma nea wabrɛ tumi; na ɔma nea onni home ahoɔden dɔɔso.’ (Yesaia 40:29) Na hwɛ awerɛkyekye ara a ɛyɛ sɛ yehu sɛ ‘Onyankopɔn remma wɔnsɔ yɛn nhwɛ ntra nea yebetumi, na mmom ɔbɛma ɔkwan a yɛde befi sɔhwɛ no mu abɛda ho’! (1 Korintofo 10:13) Sɛ yɛn ankasa ahu bɔhyɛ yi bi mmamu a, ɛnde na yenim sɛ yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so koraa. Esiane mfaso a yenya fi Onyankopɔn bɔhyɛ pii a odi so mu no nti, ɛsɛ sɛ yebu bɔ ahorow a yɛhyɛ no no dɛn?
Bɔ Ahorow a Yɛhyɛ Onyankopɔn a Yebedi So
Akyinnye biara nni ho sɛ bɔhyɛ titiriw a yebetumi ahyɛ Onyankopɔn ne sɛ yebehyira yɛn ho so ama no. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛrekyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛsom Yehowa daa. Bere a Onyankopɔn mmara nyɛ den no, ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛyɛ n’apɛde, na yɛatra ase sɛnea ɔpɛ wɔ wiase bɔne yi mu. (2 Timoteo 3:12; 1 Yohane 5:3) Nanso sɛ ‘yenya de yɛn nsa kɔsɔ fɛtɛw ade mu,’ na yɛbɛyɛ Yehowa asomfo a yɛahyira yɛn ho so ne ne Ba, Yesu Kristo, asuafo a, ɛnsɛ sɛ yɛsan kɔ wiase no mu nneɛma a yɛagyaw wɔ yɛn akyi no ho bio.—Luka 9:62.
Sɛ yɛbɔ Yehowa mpae a, ebia ɛbɛka yɛn ma yɛahyɛ no bɔ sɛ yɛbɛyere yɛn ho ako atia mmerɛwyɛ bi, anya Kristofo nipasu, na yɛanya nkɔso wɔ teokrase dwumadi ahorow bi mu. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛadi saa bɔhyɛ ahorow yi nyinaa so?—Fa toto Ɔsɛnkafo 5:2-5 ho.
Nokware bɔhyɛ fi koma ne adwene no mu. Enti, momma yɛnyere yɛn ho nni bɔ ahorow a yɛhyɛ Yehowa no so denam yɛn koma mu a yebebue abɔ no mpae, nokwaredi mu a yebefi aka yɛn haw ahorow, nea yɛpɛ, ne yɛn mmerɛwyɛ ho asɛm no so. Sɛ yɛbɔ yɛn bɔhyɛ ahorow ho mpae a, ɛbɛma yɛahyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yebedi so no mu den. Yebetumi abu bɔ ahorow a yɛhyɛ Onyankopɔn no sɛ ɛka. Sɛ ɛka bi yɛ kɛse a, ɛsɛ sɛ wotua no nkakrankakra. Saa ara na ebegye bere ansa na yɛatumi adi bɔ ahorow a yɛhyɛ Yehowa no so. Nanso sɛ yɛde kakra a yebetumi no ma no bere nyinaa a, yɛde kyerɛ sɛ yɛasi yɛn bo sɛ yebedi nea yɛka no so, na ɔno nso behyira yɛn sɛnea ɛfata.
Sɛ ebia yɛtaa bɔ yɛn bɔhyɛ ahorow ho mpae, da biara da a, yɛbɛkyerɛ sɛ yebu bɔhyɛ no aniberesɛm. Eyi bɛma yɛn soro Agya no ahu sɛ nea yɛka no fi komam. Ɛbɛyɛ daa nkae nso. Dawid gyaw eyi ho nhwɛso fɛfɛ maa yɛn. Wɔ ne dwom mu no, ɔsrɛɛ Yehowa sɛ: “Onyankopɔn, tie me sufrɛ, yɛ aso ma me mpaebɔ. . . . Mɛto dwom pa mama wo din daa, na mama m’aboade daa daa.”—Dwom 61:1, 8.
Yɛn Bɔhyɛ So a Yedi Ma Afoforo Nya Yɛn Mu Ahotoso
Sɛnea ɛnsɛ sɛ yebu bɔ ahorow a yɛhyɛ Onyankopɔn adewa no, saa ara na ɛnsɛ sɛ yebu bɔ a yɛhyɛ mfɛfo Kristofo adewa. Ɛnsɛ sɛ yɛne Yehowa di nsɛm wɔ ɔkwan biako so, na yɛne yɛn nuanom di nsɛm wɔ ɔkwan foforo so. (Fa toto 1 Yohane 4:20 ho.) Wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka mu no, ɔkae sɛ: “Momma mo Yiw nyɛ Yiw, na mo Dabi, nyɛ Dabi.” (Mateo 5:37, NW) Ɔkwan biako a yɛbɛfa so ayɛ ‘gyidi fifo yiye’ ne sɛ yɛbɛhwɛ sɛ yebedi nokware wɔ yɛn nsɛm mu bere nyinaa. (Galatifo 6:10) Bɔhyɛ biara so a yedi no ma afoforo nya yɛn mu ahotoso.
Yɛtaa hu ɔhaw a bɔhyɛ a yenni so de ba no bere a ɛfa sika ho no. Sɛ ɛka bi na ɛsɛ sɛ yetua, adwuma bi na ɛsɛ sɛ yɛyɛ, anaa aguadi ho nhyehyɛe na ɛsɛ sɛ yedi so a, ɛsɛ sɛ Kristoni di ne bɔhyɛ so. Eyi sɔ Onyankopɔn ani, na ɛhyɛ ahotoso a ɛho hia yiye na ama ‘anuanom abom atra faako’ no mu den.—Dwom 133:1.
Nanso, sɛ obi anni nhyehyɛe bi so a, ebetumi de ɔhaw abrɛ asafo no ne wɔn a wɔn ho wɔ asɛm no mu tẽẽ no. Ɔhwɛfo kwantufo bi kae sɛ: “Adwumayɛ mu ntɔkwaw—a nea ɛtaa kɔfa ba ne di a ɔfã biako nni nhyehyɛe no so no—yɛ nea afoforo taa te ho asɛm. Nea efi mu ba ne sɛ, ɛde mpaapaemu ba anuanom ntam, na ɛsɛe anigye a ɛwɔ Ahenni Asa so no.” Ɛnde hwɛ hia a ehia sɛ yɛde ahwɛyiye bɛkyerɛw nsɛm no agu krataa so!a
Ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye nso bere a yɛretɔn aguade bi a ne bo yɛ den anaasɛ yɛrekamfo adwumayɛ bi akyerɛ, titiriw sɛ yɛn ankasa benya saa dwuma no mu mfaso a. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye kɛse sɛ yɛrenhaahan yɛn ani nka mfaso a ɛwɔ nneɛma bi anaa nnuru a wɔde sa yare so ho asɛm anaasɛ yɛrenhyɛ bɔ sɛ wobenya mfaso bum afi adwuma bi mu. Ɛsɛ sɛ ɔdɔ ka Kristofo ma wɔkyerɛkyerɛ asiane biara a ɛwom no mu yiye. (Romafo 12:10) Esiane sɛ anuanom pii nni adwumayɛ ho suahu kɛse nti, ebia wɔde wɔn ho bɛto yɛn afotu so esiane sɛ yɛne wɔn wɔ gyidi koro mu nti. Hwɛ awerɛhow ara a ɛbɛyɛ sɛ yɛbɛsɛe saa ahotoso no!
Sɛ Kristofo no, yɛrentumi mfa yɛn ho nhyɛ adwuma mu nneyɛe bi a ɛnkyerɛ nokwaredi anaasɛ ebu ani gu afoforo yiyedi so mu. (Efesofo 2:2, 3; Hebrifo 13:18) Sɛ yebenya Yehowa anim dom na ‘yɛasoɛ ne ntamadan mu’ a, ɛsɛ sɛ afoforo tumi de wɔn ho to yɛn so. ‘Sɛ yɛka amanenya ntam mpo a, yɛnsakra.’—Dwom 15:1, 4.
Israel temmufo Yefta hyɛɛ Onyankopɔn bɔ sɛ sɛ ɔma odi Amonfo so nkonim a, ɔde obiara a obedi kan abehyia no da a ɔresan afi ɔko mu no bɛbɔ ɔhyew afɔre ama Yehowa. Nea obehyiaa Yefta no yɛ ne ba koro pɛ no, nanso wantwe ne bɔhyɛ no ansan. Bere a ne babea no fi koma nyinaa mu penee so no, ɔde no bɔɔ afɔre ma ɔkɔsomee wɔ Onyankopɔn asɔrefie daa—afɔrebɔ a akyinnye biara nni ho sɛ, na ɛyɛ yaw na ɛma ɔhweree ade wɔ akwan ahorow so.—Atemmufo 11:30-40.
Asafo mu ahwɛfo titiriw wɔ asɛyɛde sɛ wobedi wɔn nhyehyɛe so. Sɛnea 1 Timoteo 3:2 kyerɛ no, ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo yɛ obi a “wonnya ne ho asɛm bi nka.” Saa na wɔde Hela asɛmfua a asekyerɛ ne sɛ “wontumi nni ne ho fɛw, n’anim yɛ duru, wontumi nkasa ntia no” no di dwuma. “Ɛnkyerɛ sɛ onipa no wɔ din pa nko, na mmom ɔfata saa.” (A Linguistic Key to the Greek New Testament) Esiane sɛ ɛsɛ ɔhwɛfo sɛ ɔyɛ obi a wonnya ne ho asɛm bi nka nti, ɛsɛ sɛ wotumi de ho to ne bɔhyɛ so bere nyinaa.
Akwan Foforo a Yɛbɛfa So Adi Yɛn Bɔhyɛ So
Ɛsɛ sɛ yebu bɔ ahorow a yɛhyɛ wɔn a wɔnyɛ mfɛfo Kristofo no dɛn? Yesu kae sɛ: “Momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nneyɛe pa, na wɔahyɛ mo agya a ɔwɔ soro no anuonyam.” (Mateo 5:16) Sɛ yɛma ɛda adi sɛ yedi yɛn bɔhyɛ so a, yebetumi atwetwe afoforo ma wɔatie yɛn nsɛm a yɛka sɛ Kristofo no. Ɛmfa ho sɛ nokwaredi asa wɔ wiase nyinaa no, nnipa pii da so ara bu nokwaredi sɛ ɛsom bo. Yɛn bɔhyɛ so a yebedi no yɛ ɔkwan biako a yɛnam so kyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko na ɛma wɔn a wɔdɔ trenee no kyerɛ yɛn ho anigye.—Mateo 22:36-39; Romafo 15:2.
Wɔ Yehowa Adansefo 1998 ɔsom afe no mu no, wɔde nnɔnhwerew bɛboro ɔpepepem biako na ɛkaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no wɔ baguam. (Mateo 24:14) Sɛ yɛanni nokware wɔ adwumayɛ anaa nsɛm foforo mu a, asɛm a yɛka yi betumi agu nkurɔfo aso akyi. Esiane sɛ yegyina nokware Nyankopɔn no ananmu nti, nkurɔfo hwɛ kwan sɛ yebedi nokware. Sɛ yedi nokware na yɛma afoforo nya yɛn mu ahotoso a, yɛde ‘hyehyɛ yɛn Agyenkwa Nyankopɔn kyerɛ, ade nyinaa mu.’—Tito 2:10.
Wɔ yɛn som adwuma no mu no, sɛ yɛsan kɔ wɔn a wɔkyerɛ Ahenni asɛm no ho anigye no nkyɛn a, ɛma yenya hokwan ahorow de di yɛn bɔhyɛ so. Sɛ yɛka sɛ yɛbɛsan akɔ wɔn nkyɛn a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa. Wɔn nkyɛn a yɛbɛsan akɔ sɛnea yɛhyɛɛ bɔ no yɛ ɔkwan biako a yɛfa so de ‘yiyeyɛ ma nea ɛsɛ no.’ (Mmebusɛm 3:27) Onuawa bi kyerɛkyerɛɛ asɛm no mu saa kwan yi so: “Mpɛn pii na mihyia nkurɔfo a wɔwɔ asɛmpa no ho anigye a wɔka sɛ Adansefo ahyɛ wɔn bɔ sɛ wɔbɛsan aba wɔn nkyɛn nanso wɔamma. Nokwarem no, minim sɛ ebia na fiewura no nni fie anaasɛ tebea bi na amma wɔantumi ansan ankɔ. Nanso mempɛ sɛ obiara bɛka saa afa me ho, enti meyɛ nea metumi nyinaa sɛ mɛto onipa no wɔ fie bio. Minim sɛ, sɛ midi obi huammɔ a, ɛbɛka Yehowa ne me nuanom nyinaa wɔ ɔkwan a ɛmfata so.”
Ɛtɔ mmere bi a, esiane sɛ yɛte nka sɛ onipa no ankyerɛ asɛm no ho anigye papa nti, ebia ɛrenka yɛn sɛ yɛnsan nkɔ. Onuawa koro no ara kae sɛ: “Memmɔ mmɔden sɛ mɛhwɛ faako a obi anigye kodu. M’ankasa me suahu kyerɛ me sɛ nsusuwii a yedi kan nya wɔ biribi ho no taa yɛ mfomso. Enti mebɔ mmɔden sɛ menya adwene a ɛfata, abu obiara sɛ obetumi abɛyɛ onua anaa onuawa.”
Wɔ Kristofo som adwuma no mu ne mmeae foforo no, ehia sɛ yɛma ɛda adi sɛ afoforo betumi de wɔn ho ato nea yɛka so. Nokwarem no, ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛka nneɛma bi sen sɛ yɛbɛyɛ. Onyansafo no kae sɛ: “Nnipa bebree ka wɔn ara adɔeyɛ, na ɔbarima nokwafo de, hena na obehu no?” (Mmebusɛm 20:6) Sɛ yɛyɛ nsi a, yebetumi adi nokware na yɛadi yɛn bɔhyɛ so.
Nhyira a Ɛso Bi Nni a Efi Onyankopɔn Hɔ
Ɛnkyerɛ nokwaredi sɛ yɛbɛboapa ahyehyɛ bɔ a yentumi nni so, na ɛbɛyɛ te sɛ nea yɛakyerɛw kyɛɛk a ɛboro yɛn sika a ɛda sikakorabea so. Nanso, sɛ yedi yɛn bɔhyɛ ahorow so a, nhyira bɛn na yebenya! Nhyira biako a ɛwɔ nokwaredi mu ne ahonim pa. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 24:16 ho.) Sɛ́ anka yɛbɛhaw na yɛadi awerɛhow no, yebenya abotɔyam ne asomdwoe. Bio nso, sɛ yedi yɛn bɔhyɛ so a, ɛma yenya yɛn ho yɛn ho mu ahotoso, na ɛma biakoyɛ ba asafo no mu. ‘Nokwasɛm’ a yɛka no nso da yɛn adi sɛ yɛyɛ nokware Nyankopɔn no asomfo.—2 Korintofo 6:3, 4, 7.
Yehowa di ne bɔhyɛ so, na okyi “atoro tɛkrɛma.” (Mmebusɛm 6:16, 17) Sɛ yesuasua yɛn soro Agya no a, ɛbɛma yɛabɛn no kɛse. Ɛnde, akyinnye biara nni ho sɛ, yɛwɔ ntease pa nti a ɛsɛ sɛ yedi yɛn bɔhyɛ so.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ “Monkyerɛw Nto Hɔ!” a ɛwɔ Nyan! a ɛbae wɔ August 8, 1983, mu no nkratafa 13-15.
[Kratafa 10 mfonini ahorow]
Yefta dii ne bɔhyɛ so, ɛwom mpo sɛ na saa a ɔbɛyɛ no yɛ yaw de
[Kratafa 11 mfonini ahorow]
Sɛ woahyɛ bɔ sɛ wobɛsan akɔ obi nkyɛn a, siesie wo ho yiye na yɛ saa