Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w85 5/1 kr. 26-31
  • Kyerɛ Afoforofo Kwan Bra Onyankopɔn Ahyehyɛde No Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kyerɛ Afoforofo Kwan Bra Onyankopɔn Ahyehyɛde No Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Paulo Sɛ́ Nhyehyɛe Yɛfo
  • Dɛn Nti Na Wohyehyɛɛ Asafo Ahorow?
  • Asafo Ahorow A Ɛwowɔ Nkurow Ahorow Mu Nnɛ
  • Aman-Ne-Aman-Ntam Anuanom
  • Ma Afoforofo Nhu “Kuw No Nyinaa”
  • Afoforo A Wobɛboa Wɔn Ma Wɔadɔ “Kuw No Nyinaa”
  • Momma Asafo No Nyɛ Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Sɛnea Wɔahyehyɛ Asafo No Na Wɔkyerɛ No Kwan
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Momma Asafo No Nyi Yehowa Ayɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Onyankopɔn Ahyehyɛde A Aniwa Hu
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
w85 5/1 kr. 26-31

Kyerɛ Afoforofo Kwan Bra Onyankopɔn Ahyehyɛde No Mu

“Munnya ɔdɔ mma anuanom kuw no nyinaa!”​—1 PETRO 2:17, NW.

1, 2. Wɔ nkyerɛkyerɛ akyi no, dɛn na Kristofo akyerɛkyerɛfo de ma?

ƆKYERƐKYERƐFO adwuma ne sɛ ɔbɛma wɔahu nokwasɛm ahorow. Nanso ɔkyerɛkyerɛfo pa yɛ nea ɛsen saa. Ɔde nneɛma pa ma, ɔboa osuani no ma ohu hia a nea ɔresua no ho hia na ɔkyerɛ no sɛnea obetumi de adi dwuma yiye. Eyi te saa titiriw wɔ Kristoni ɔkyerɛkyerɛfo no ho. Ampa, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ “Onyankopɔn nokware” no. (Romafo 1:25) Nanso ɛno gye nea ɛsen gyidi anaa nkyerɛkyerɛ ho nimdeɛ ara kwa. Bible no hyɛ Yehowa ho suro a wɔbɛkyerɛkyerɛ ne afei su ahorow a ɛne papayɛ ne nhumu ho nkuran.​—Dwom 34:11; 119:66.

2 Yesu kaa nneɛma afoforo a ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ ho asɛm: “Monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mateo 28:19, 20) Nea ɛka ‘nea wahyɛ yɛn nyinaa’ no ho ne wiase nyinaa asɛnka adwuma a wɔhyɛɛ ho nkɔm maa yɛn bere yi no mu kyɛfa a wobenya. (Mateo 24:14) Na biribi foforo nso wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn Bible adesuafo no hu. Ɛne dɛn? Sɛ wubenya ho mmuae a, susuw ɔsomafo Paulo som adwuma no ho na hyɛ biribi a ɛdaa adi titiriw wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu no nsow.

Paulo Sɛ́ Nhyehyɛe Yɛfo

3. Bere a na Paulo rekyerɛkyerɛ anigyefo afoforo wɔ Korinto no, ɔkwan bɛn na ɔfaa so?

3 Wɔ ne Korinto nsrahwɛ a edi kan no mu no, ɔsomafo Paulo nyaa nnipa pii ma wotiee no, ɛmfa ho sɛ Yudafo no sɔre tiaa no. Nanso, Paulo ankyerɛkyerɛ anigyefo afoforo yi sɛ́ ankorankoro nko. Yɛkenkan sɛ: “Ofii [Yudafo hyiadan no mu] kɔɔ obi a ne din de Tito Yusto a ɔfɛre Onyankopɔn a ne fi bata hyiadan ho fi.” (Asomafo no Nnwuma 18:7) Saa ofi no mu bɛyɛɛ beae a asuafo afoforo no hyia na wɔbom som. Ankyɛ, Paulo hyehyɛɛ wɔn yɛɛ wɔn asafo.​—1 Korintofo 1:2.

4. Dɛn na ankyɛ ɛbae wɔ Efeso bere a Paulo fii ase kyerɛkyerɛe wɔ hɔ no?

4 Akyiri yi Paulo tuu kwan kɔɔ Efeso, faako a biribi a ɛte saa ara kɔɔ so no. Ɔkyerɛkyerɛɛ anigyefo no sɛ́ akorankoro wɔ “afi mu.” (Asomafo no Nnwuma 20:20) Nanso ɔyɛɛ nhyehyɛe ahorow ntɛm ara sɛnea ɛbɛyɛ a asuafo afoforo no betumi abom abɔ fekuw. ‘Oyii asuafo no fii wɔn [Yudafo no] mu, na ɔkasae obi a ɔde Tirano suadan mu daa.’ (Asomafo no Nnwuma 19:9) Ankyɛ na ɔhyehyɛɛ Kristofo kuw yi nso yɛɛ wɔn asafo a wɔwɔ mpanyimfo a wɔapaw wɔn.​—Asomafo no Nnwuma 20:17, 18.

5. Dɛn na tete Kristofo no yɛe wɔ afoforofo no ho ntɛm ara sɛnea ebetumi?

5 Ɛda adi sɛ bere a afoforofo gyee nokware no wɔ afeha a edi kan no mu no, wɔannyaw wɔn nkutoo. Wɔboaboaa wɔn ano yɛɛ wɔn asafo ahorow. Eyinom ani gyei sɛ wonyaa nkuranhyɛ fii sodikuw a na ɛwɔ hɔ saa bere no nkyɛn. Anuanom a wɔn ho akokwaw te sɛ Paulo no Barnaba de bere pii kyerɛkyerɛe wɔ asafo afoforo a wɔahyehyɛ yi mu na ‘wɔkaa [Yehowa] nsɛmpa no kyerɛɛ afoforo pii nso.’ (Asomafo no Nnwuma 15:30-35) Dɛn nti na wɔyɛɛ eyi? Dɛn nti na wɔannyaw Kristofo yi na wɔamma wɔn ahonim a wɔatete no foforo no ankyerɛ wɔn kwan wɔ nea ɛteɛ a wɔbɛyɛ no mu?

Dɛn Nti Na Wohyehyɛɛ Asafo Ahorow?

6. Dɛn nti na wɔhyehyɛɛ tete Kristofo no yɛɛ wɔn asafo ahorow?

6 Ɛyɛ nneɛma ahorow pii nti a ebinom wɔ hɔ a yɛbɛka ho asɛm wɔ ha. Nea edi kan no, sɛ na obi ba bɛyɛ Kristoni a, ɔne wiase a atwa ne ho ahyia no mmɔ pii bio. (Yohane 17:14, 15) Sɛ wogyaw ɔno nkutoo a watew ne ho a, ɛno bɛma wayɛ ankonam dodo. Nanso, sɛ ɔne mfɛfo Kristofo bɔ wɔ asafo a ɛwɔ hɔ no mu a, ɛbɛhyɛ no den na wakɔ so akura twe a ɔtwe ne ho fi wiase no ho no mu. Bio nso, Yesu kae sɛ n’akyidifo bɛyɛ “biako.” (Yohane 17:11) Wohuu saa biakoyɛ no titiriw wɔ asafo ahorow no mu. Yesu kae nso sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Sɛ Kristofo beyi ɔdɔ yi adi wɔ ɔkwan a ɛte sɛɛ a ɛbɛyɛ sɛnkyerɛnne ama wɔn a wɔwɔ akyi no so a, na ɛsɛ sɛ wɔtra ase sɛ akuw horow. Ná saa akuw horow no ne Kristofo asafo ahorow a na ɛwowɔ hɔ no a emu na Kristofo hwɛɛ wɔn ho wɔn ho honhom fam ne honam fam yiyedi so no. (Filipifo 2:4) Sɛ nhwɛso no, mmoa ma akunafo a Paulo ne Timoteo kaa ho asɛm no yɛ nea wɔyɛɛ ho nhyehyɛe pefee denam asafo ahorow no so.​—1 Timoteo 5:3-10.

7. (a) Dɛn ne ntease a ɛwɔ Paulo asɛm a ɛwɔ Hebrifo 10:24, 25 no mu? (b) Dwuma bɛn na afeha a edi kan Kristofo asafo ahorow no dii wɔ asɛnka adwuma no mu?

7 Enti, na Paulo asɛm no yɛ nkuranhyɛ tẽe a ɔde rekɔboa asafo ahorow no bere a ɔkae sɛ: “Momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. Na mommma yennyae yɛn ho yɛn ho nhyiam, sɛnea ebinom anya nyɛe, na mmom momma yentutu yɛn ho yɛn ho fo, dodow a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.” (Hebrifo 10:24, 25) Bio nso, Ahenni no ho asɛmpa a wɔkae wɔ ɔkwan a ɛda nsow so wɔ afeha a edi kan no mu no yɛ nea wɔnam asafo ahorow no so yɛɛ ho nhyehyɛe a emu da hɔ. (Romafo 10:11-15) Enti, honhom kronkron kyerɛɛ mpanyimfo a wɔwɔ Antiokia asafo no mu no kwan ma wɔsomaa Paulo ne Barnaba sɛ asɛmpatrɛwfo kɔɔ asasesin a wɔmmfa nhyɛɛ obiara nsa mu, na Paulo gyee tumi a mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem asafo no mu wɔ sɛ wɔde akwankyerɛ bɛma no wɔ faako a ɛsɛ sɛ ɔka asɛm ho no toom.​—Asomafo no Nnwuma 13:1-3; Galatifo 2:8-10.

Asafo Ahorow A Ɛwowɔ Nkurow Ahorow Mu Nnɛ

8, 9. Dɛn ne ntease ahorow nti a ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛkyerɛ anigyefo kwan ba asafo a yɛwom no mu no bi?

8 Dɛn na yebetumi asua afi abakɔsɛm mu nsɛm yi mu nnɛ? Ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛkyerɛ afoforofo kwan ba Kristofo asafo a ɛwɔ faako a yɛwɔ no mu. Sɛnea na ɛte wɔ Paulo bere so no, ɛnnɛ, Kristosom nyɛ nyamesom a nnipa a wɔwom no twe wɔn ho fi afoforo ho. “Nea watew ne ho no hwehwɛ anoyi daa,” saa na Mmebusɛm nhoma no bɔ kɔkɔ. (Mmebusɛm 18:1) Wɔ ɔkwan foforo so no, ‘nea ɔne anyansafo bɔ no dan onyansafo.’ (Mmebusɛm 13:20) Nnipa a wɔyɛ afoforofo hia honhom, abrabɔ ne nkate mu mmoa a Kristofo asafo no de ma no. Ɛsɛ sɛ wɔka mfɛfo Kristofo dɔ, mpanyimfo no som ne biakoyɛ a ɛyɛ anigye a ɛma yɛ a obi yɛ Kristoni no yɛ biribi a ɛyɛ anigye na ɛda nsow no hwɛ.​—Dwom 133:1.

9 Ɛnnɛ nso, wiase nyinaa Ahenni ho asɛmpa a wɔreka no yɛ nea wɔnam nhyehyɛe so reyɛ denam Kristofo asafo ahorow a ɛwowɔ nkurow ahorow mu no so titiriw. (Mateo 24:14) Enti, sɛ yɛkyerɛkyerɛ afoforofo asɛyɛde a wɔwɔ sɛ wobenya saa adwuma no mu kyɛfa no a, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ wɔn kwan kɔ asafo a yɛwom no mu na yɛkyerɛ wɔn sɛnea wɔde wɔn ho bɛbɔ ho.

Aman-Ne-Aman-Ntam Anuanom

10. Bobɔ kyerɛw nsɛm ahorow bi a ɛtwe adwene si tete Kristofo aman-ne-aman-ntam biakoyɛ no so din.

10 Nanso, ɛnyɛ asafo ahorow a ɛwowɔ nkurow ahorow mu no nko na ɔsomafo Paulo maa afoforofo no hui. Ɔka kyerɛɛ Efesofo no sɛ: “Nipadua biako ne honhom biako, sɛnea wɔafrɛ mo nso mo frɛ anidaso biako mu.” (Efesofo 4:4) Ná “nipadua” biako na ɛwɔ hɔ wɔ wiase nyinaa, ɛnyɛ asafo ahorow a apete a nea ɛwɔ kurow biara mu de ne ho. Ná Yesu nso retwe adwene asi “nipadua” yi mufo a wɔte ase wɔ asase so no so bere a ɔkaa “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a wɔama no tumi sɛ ɔmma “n’asomfo” ‘aduan’ ho asɛm no. (Mateo 24:45-47) Sɛ akoa yi betumi ama wɔn ‘aduan’ a, na ɛsɛ sɛ Kristofo ankorankoro a wɔwɔ wiase nyinaa no gye tumi a ɔwɔ no tom. Eyi bɛma wɔanya aman-ne-aman-ntam Kristofo kuw.

11. (a) Petro frɛɛ aman-ne-aman-ntam Kristofo ahyehyɛde yi dɛn? (b) Nhyehyɛe bɛn na maa afeha a edi kan Kristofo na kuraa gyidi anaa nkyerɛkyerɛ mu biakoyɛ no mu? Ɔkwan bɛn so na Paulo kyerɛɛ gye a na ogye nhyehyɛe yi tom?

11 Enti, ɔsomafo Petro kaa Kristofo a na wɔwɔ ne bere so no nyinaa ho asɛm sɛ “anuanom kuw no nyinaa!” (1 Petro 2:17, NW) Ná wɔyɛ aman-ne-aman-ntam “kuw” (Hela, adelphotes’, “anuanom”) . Ɛnyɛ asafo ahorow a na ɛwowɔ hɔ no mufo nko na afoforofo no bɛyɛe na mmom aman-ne-aman-ntam anuanom nyinaa no mufo nso. Asafo ahorow no ne wɔn ho wɔn ho dii nkitaho. (Kolosefo 4:15, 16) Sɛ nsɛm a ɛfa nkyerɛkyerɛ ho sɔre a, Kristofo no ankasa nnsi wɔn gyinae. Sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya mmuae a edi mũ no, wɔhwɛɛ mpanyimfo a na wɔwɔ Yerusalem asafo no mu a wɔsomee sɛ wiase nyinaa sodikuw wɔ saa bere no mu no kwan. (Asomafo no Nnwuma 15:2, 6-22) Paulo ankasa gyee tumi a saa sodikuw no wɔ wɔ nkyerɛkyerɛ mu no toom. Ɛwom sɛ na ɔnam adiyi titiriw a efi Yesu Kristo bɔ so agye nokware no de, nanso otuu kwan kɔɔ Yerusalem na ɔkɔkyerɛkyerɛɛ asɛmpa a ɔreka no mu kyerɛɛ wɔn, ‘sɛnea ɛbɛyɛ a mmirika a ɔretu anaasɛ otui no nyɛ ɔkwa.’​—Galatifo 1:11, 12; 2:1, 2, 7-10.

12. Nneɛma afoforo a wɔyɛe bɛn na ɛkaa “anuanom kuw no nyinaa” boom kɛse?

12 Sɛnea ɛbɛyɛ a wobekura anuanom “kuw no nyinaa” biakoyɛ wɔ nsusuwii ne nneyɛe mu no nni no, wɔsomaa asomfo akwantufo te sɛ Timoteo, Tito ne Epafradito ma wɔkɔsraa wɔn na wɔhyɛɛ wɔn den na wɔde nkrataa ahorow te sɛ Paulo, Petro, Yakobo, Yohane ne Yuda de no kyinkyin wɔn so. Esiane sɛ na onuayɛ a ɛte sɛɛ wɔ hɔ nti, Kristofo a wɔyɛ adefo wɔ nsase afoforo so no tee mmoa a na wɔn nuanom a wɔwɔ Yudea hia wɔ ahokyere bere bi mu no nka na Paulo​—nam asafo ahorow no so​—tumi yɛɛ nhyehyɛe ma wodii mmoa a wɔde bɛkɔ akɔma wɔn a ahia wɔn yi ho dwuma. (1 Korintofo 16:1-4) Bere a Kristofo ankorankoro tee amanneɛbɔ ahorow a ɛfa ‘wɔn nuanom kuw nyinaa a wɔwɔ wiase’ boasetɔ ne gyidi ho no, ɛhyɛɛ wɔn nso nkuran.​—1 Petro 5:9.

Ma Afoforofo Nhu “Kuw No Nyinaa”

13. Wɔ ‘wiase nyinaa anuanom kuw’ no mu no, dɛn ne nsɛdi ahorow bi a ɛwɔ afeha a edi kan de no ne nnɛ de no mu?

13 So “anuanom kuw no nyinaa” bi a ɛte saa ara wɔ hɔ nnɛ? Yiw, ebi wɔ hɔ. “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no da so ara wɔ hɔ na ɔda so ara wɔ asɛyɛde sɛ ɔbɛma “n’asomfo” no ‘aduan.’ (Mateo 24:45-47) Sɛnea na ɛte wɔ Paulo bere so no, Sodikuw bi na egyina hɔ ma “akoa” yi na ɛno na ɛkyerɛ wiase nyinaa adwuma a ɛne “asɛmpa” no ka no kwan. Ɛnnɛ nso aman-ne-aman-ntam biakoyɛ no mu yɛ den denam nkrataa ne nhoma a wɔatintim a efi Sodikuw no hɔ ne denam akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwaw a wɔsom wɔ asafo ahorow mu no so. Enti, sɛ obi hu nokware no a, ohu sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ asafo a ɛwɔ faako a ɔwɔ no fã ná ɔte nka sɛ ɔyɛ ‘anuanom kuw no nyinaa’ a wɔwɔ wiase nyinaa no fã. Ɛyɛ Kristoni ɔkyerɛkyerɛfo no asɛyɛde sɛ ɔbɛboa ne Bible suani no ma wayɛ eyi. Ɔkwan bɛn so na obetumi ayɛ saa?

Afoforo A Wobɛboa Wɔn Ma Wɔadɔ “Kuw No Nyinaa”

14. Akwan horow bɛn na woahu sɛ eye wɔ asafo a wo wom no ne afei Yehowa nkurɔfo aman-ne-aman-ntam ahyehyɛde ho asɛm a wobɛka akyerɛ Bible asuafo no mu?

14 Kristoni ɔkyerɛkyerɛfo betumi aka asafo no ne aman-ne-aman-ntam anuanom no ho asɛm akyerɛ ne suani no, na afei wama wahu sɛnea ɛte. Ɔkwan bɛn so na obetumi aka ho asɛm akyerɛ wɔn? Akwan horow bi a akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwaw abu sɛ etu mpɔn ni: Ansa na Bible adesua no befi ase anaasɛ ɛno akyi no, gye bere fa ka asafo no ne hia a ɛho hia wɔ Kyerɛwnsɛm mu no ho asɛm, ne afei nso “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ne ɔkwan a ɛfa so som yɛn nnɛ no. Ka Ahenni Asa ne nhyiam ahorow no ho asɛm. Ka nneɛma ahorow a ɛyɛ anigye a woasua wɔ nhyiam ahorow no ase no ho asɛm. Wɔ wo mpaebɔ a edi adesua no anim ne nea etwa to mu no, ka asafo a wo wom ne aman-ne-aman-ntam anuanom no ho asɛm wom.

15. Dɛn ne akwan horow bi a eye a wɔnam so ma anigyefo hu asafo a ɛwɔ faako a mowɔ no ne aman-ne-aman-ntam ahyehyɛde no?

15 Nanso ɔkwan bɛn so na wobɛma wahu saa nneɛma yi? Akwan ahorow bi a ada adi sɛ eye ni: To nsa frɛ asafo no mufo afoforo ma wɔnka wo ho ntɛm ara wɔ adesua no mu sɛnea ɛbɛyɛ a osuani no benya nnamfo afoforo ntɛm ara sɛnea ebetumi. Ɛho hia sɛ obehu ntɛm ara sɛ nnamfo biara a ebia ɔbɛhwere wɔn wɔ nneɛma nhyehyɛe dedaw yi mu no yɛ nea obenya ma aboro so wɔ ‘anuanom kuw a Fa nhomawa Jehovah’s Witnesses in the Twentieth Century no di dwuma kɛse. Eyi ka Yehowa Adansefo nnɛyi aman-ne-aman-ntam ahyehyɛde no ho asɛm na mfonini ahorow fɛfɛ bi wom a ɛfa nhyiam akɛse, Ahenni Asa, nhyiam a ɛrekɔ so, asɛnka adwuma ne nea ɛkeka ho no ho. Ɛbɛma osuani no anya sɛnea “anuanom kuw no nyinaa” kɛse te ho mfonini bi wɔ n’adwene mu. Saa ara na Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no ti 23 de mfonini fɛfɛ a ɛfa Onyankopɔn nnɛyi ahyehyɛde no ho ma.

16. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ntɛm ara wɔ yɛn Bible adesuafo ho? Esiane Kyerɛwnsɛm mu ntease bɛn nti? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya mfaso wɔ ɔmansin anaa ɔmantam sohwɛfo nsrahwɛ mu de aboa yɛn Bible adesuafo ma wɔabɛyɛ Onyankopɔn nkurɔfo no bi?

16 Kae nso sɛ bere a Paulo nyaa anigyefo wɔ Efeso no ɔyɛɛ nhyiam ahorow ho nhyehyɛe ntɛm ara. (Asomafo no Nnwuma 19:9, 10) Ɔka kyerɛɛ Korintofo asafo no sɛ sɛ “obi a onnye nni anaasɛ onnim biribiara” ba Kristofo nhyiam a wɔahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ ase a, “ne komam ahintasɛm no da adi, na ɔde saa akotow de n’anim abutuw fam asɔre Nyankopɔn aka sɛ Onyankopɔn wɔ mo mu ampa.” (1 Korintofo 14:24, 25) Saa ara na nnɛ, dodow a osuani fi ase ne asafo a ɛwɔ faako a ɔwɔ no bɔ ntɛm no, dodow no ara na obehu faako a nokware no wɔ ankasa ntɛm. Esiane eyi nti, Kristofo akyerɛkyerɛfo to nsa frɛ wɔn adesuafo ma wɔba Kristofo nhyiam nketewa ne akɛse ase ntɛm ara sɛnea ebetumi. Sɛ ɛho hia a, wɔkɔ onigyefo no nkyɛn kɔfrɛ no na wɔka ne ho ne no kɔ nhyiam ahorow no ase. Sɛ nnɛyi “Tito” anaa “Epafradito,” ɔmansin anaa ɔmantam sohwɛfo, bɛsra wɔn asafo no a, wɔhwɛ sɛ wɔn Bible osuani no behyia ɔne ne yere, ebia wɔbɛto nsa mpo afrɛ wɔn ma wɔabenya kyɛfa wɔ wɔn daa Bible adesua no mu.

17. Enti, yɛn adwuma a ɛne ɔkyerɛkyerɛ ne asuafoyɛ no fã a ɛho hia titiriw ne dɛn? (Mateo 28:19, 20) Ɔkwan bɛn so na eyi ho ba yɛn adesuafo mfaso?

17 Yehowa wiase nyinaa asafo a ɛyɛ wɔn a wɔasra wɔn no yɛ “nokware dum ne nnyinaso.” (1 Timoteo 3:15) Sɛ afoforofo benya “nnyinaso” yi mu mfaso a, na ɛsɛ sɛ wɔka ahobrɛasefo mpem ɔhaha pii a wɔresen yuu ne wɔn a wɔasra wɔn yi abɛbɔ no ho. (Sakaria 8:23) Ɛnnɛ, ahobrɛasefo yi ka bom yɛ aman-ne-aman-ntam anuanom a wɔn dodow boro ɔpepem abien ne fã, na nea ɛka nokware no a wobegye atom ho ne sɛ wɔne aman-ne-aman-ntam anuanom yi bɛbɔ. Sɛ anigyefo afoforo ba bɛyɛ emufo a, wonya mmoa ne ahobammɔ a ɛde ma no nyinaa mu anigye. Wɔn ani gye wɔn mfɛfo Kristofo onuadɔ no ho na wonya hokwan sɛ wɔn nso wɔbɛdɔ wɔn bi. (Hebrifo 13:1) Eyi kyerɛ nso sɛ wɔba bɛyɛ aman-ne-aman-ntam kuw a wɔn dodow nni ano a wobetwa ahohiahia kɛse a ɛreba akɔ daa anigye fekubɔ mu no mufo. (Adiyisɛm 7:9-17) Enti bere a wode gyidi anaa nkyerɛkyerɛ ahorow yi rekyerɛkyerɛ wo Bible adesuafo no, mma wo werɛ mfi sɛ wobɛkyerɛ wɔn kwan aba “anuanom kuw no nyinaa” no mu na wɔakyerɛkyerɛ wɔn ma wɔanya ɔdɔ ama.​—1 Petro 2:17.

So Wokae?

◻ Dɛn na Paulo yɛe wɔ anigyefo a onyaa wɔn wɔ Efeso ne Korinto no ho?

◻ Ɔkwan bɛn so na Paulo nam eyi so maa ne ho baa afoforofo no mfaso?

◻ Wɔ gyidi anaa nkyerɛkyerɛ ho asɛm a wɔbɛkyerɛkyerɛ akyi no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ sɛ yɛbɛma yɛn Bible adesuafo ahu?

◻ Akwan horow a eye a wɔfa so yɛ eyi no bi ne nea ɛwɔ he?

[Kratafa 28, 29 mfoni]

Wɔma afoforofo akwaaba anigye so ba “anuanom kuw no nyinaa” mu

June Da Biara Da Asɛm

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena