Momma Yɛnyɛ Onyankopɔn Apɛde Nnɛ
“[Kristo wu] maa obiara sɛnea ɛbɛyɛ na wɔn a wɔte ase no ntra ase mma wɔn ho bio.”—2 KORINTOFO 5:15.
1. Ka osuahu bi a ɔsɛmpatrɛwfo bi nyae wɔ n’adwuma no mu ho asɛm.
ƆSƐMPATRƐWFO bi a wɔfrɛ no Aarona kae sɛ: “Bere a amanko bi a ɛkɔɔ so wɔ Afrika baa awiei no, yɛn na yedii kan de kar a na ɛnyɛ asraafo de kɔɔ Afrika akuraa bi a ɛwɔ akyirikyiri no ase. Esiane ɔko no nti, na yentumi ne asafo ketewa a ɛwɔ akuraa no ase no nni nkitaho, na na ɛsɛ sɛ yɛde nneɛma a anuanom no hia kɔma wɔn. Enti, yɛfaa nnuan, ntade, Bible ho nhoma ahorow, ne nneɛma foforo, na yɛde video a wɔato din Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name no kaa ho kɔe.b Nnipa pii baa akuraa no ase ‘adehwɛbea’ a ɛyɛ asa kɛse bi a wɔde sare akuru so no so bɛhwɛɛ video no bi. Yɛde VCR (afiri a wɔde yi video) ne TV kosii asa no so yii video no, na ɛho behiae sɛ yeyi no mprenu. Emu biara a yeyii no ma yɛhyehyɛɛ Bible adesua pii. Ɛda adi pefee sɛ yɛn brɛ anyɛ ɔkwa.”
2. (a) Dɛn nti na Kristofo asi wɔn bo sɛ wɔde wɔn nkwa bɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ? (b) Nsɛmmisa bɛn na yɛrebesusuw ho?
2 Dɛn nti na Aaron ne ne mfɛfo no yɛɛ adwuma a ɛyɛ den saa? Esiane sɛ wɔn ani sɔ Yesu Kristo agyede afɔre no nti, wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn, na wɔpɛ sɛ wɔde wɔn nkwa yɛ nea Onyankopɔn pɛ. Saa ara na Kristofo a wɔahyira wɔn ho so nyinaa asi wɔn bo sɛ ‘wɔrentra ase mma wɔn ho bio,’ na mmom esiane “asɛmpa no nti” wɔbɛyɛ nea wobetumi nyinaa wɔ Onyankopɔn som mu. (2 Korintofo 5:15; 1 Korintofo 9:23) Wonim sɛ sɛ wiase yi ba n’awiei a, sika ne dibea a ɛwɔ wiase yi mu nyinaa bɛyɛ nea mfaso nni so. Enti, bere a wɔte nkwa mu na wɔwɔ ahoɔden kakra no, wɔpɛ sɛ wɔde wɔn nkwa ne wɔn ahoɔden yɛ Onyankopɔn apɛde. (Ɔsɛnkafo 12:1) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi? Ɛhe na yebetumi anya akokoduru ne ahoɔden de ayɛ saa? Na ɔsom adwuma no afã bɛn na yebetumi ayɛ bi?
Nnwuma a Ɛbɛma Yɛatumi Ayɛ Onyankopɔn Apɛde
3. Nnwuma bɛn na yefi ase yɛ de yɛ Onyankopɔn apɛde?
3 Nokware Kristofo nim sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn adwuma wɔ wɔn nkwa nna nyinaa mu. Mpɛn pii no, nnwuma a yɛyɛ de fi ase ne yɛn din a yɛde hyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu mu, Bible a yɛkenkan no da biara da, ne asɛnka adwuma no a yɛyɛ bi no, na ɛno na ɛma yenya nkɔso kodu asubɔ ho. Bere a yɛrenya nkɔso no, ɛsɛ sɛ yɛma ɔsomafo Paulo asɛm yi tra yɛn adwenem. Ɔkae sɛ: “Dwennwene eyinom ho; fa wo koma nyinaa si so, na ama wo nkɔso ada adi nnipa nyinaa anim.” (1 Timoteo 4:15) Ɛnsɛ sɛ yɛde saa nkɔso yi hyɛ yɛn ho anuonyam, na mmom ɛsɛ sɛ yɛma ɛda adi sɛ yɛasi yɛn bo sɛ yebefi yɛn koma nyinaa mu ayɛ Onyankopɔn apɛde. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛma Onyankopɔn kyerɛ yɛn kwan wɔ yɛn asetram biribiara mu, na ɔma yɛn akwankyerɛ a eye sen biara.—Dwom 32:8.
4. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayi ehu a mfaso nni so afi yɛn mu?
4 Nanso, sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase anaasɛ yedwen yɛn nkutoo ho dodo a, yɛrentumi nnya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu. (Ɔsɛnkafo 11:4) Enti, sɛ yebetumi de anigye asom Onyankopɔn ne afoforo a, nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yeyi ehu biara fi yɛn mu. Sɛ nhwɛso no, na Erik pɛ sɛ ɔkɔ asafo bi a wɔka ɔman foforo so kasa wom bi mu. Nanso, na biribi haw no. Na ɔredwennwen ho sɛ: ‘So asafo no mufo begye me atom? So m’ani begye anuanom no ho? So wɔn nso ani begye me ho?’ Ɔkae sɛ: “Akyiri yi, mihui sɛ ɛho hia sɛ midwen anuanom no ho mmom sen m’ankasa me ho. Meyɛɛ m’adwene sɛ meremfa saa nsɛm no nhaw me ho bio, na mefi me komam ayɛ nea metumi biara de aboa afoforo. Mebɔɔ mpae hwehwɛɛ mmoa, na mekɔɔ asafo no mu. Seesei, m’ani gye kɛse wɔ me som adwuma no mu wɔ saa asafo no mu.” (Romafo 4:20) Nokwarem no, dodow a yefi yɛn komam som Onyankopɔn ne afoforo no, dodow no ara na yenya anigye ne abotɔyam.
5. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛtoto yɛn nneɛma yiye na ama yɛatumi ayɛ Onyankopɔn apɛde? Ma ɛho nhwɛso.
5 Ade a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛatumi ayɛ Onyankopɔn apɛde nso ne sɛ yɛbɛtoto yɛn nneɛma yiye. Ɛnsɛ sɛ yɛsoa ɛka gu yɛn ho so sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrenyɛ nkoa mma wiase bɔne yi na ama yɛatumi ayɛ Onyankopɔn adwuma no sɛnea ɛfata. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ɔdefɛmfo yɛ nea ɔde fɛm akoa.” (Mmebusɛm 22:7) Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so na yɛde ne som di kan wɔ yɛn asetram a, ɛbɛboa yɛn ma yɛatoto yɛn nneɛma yiye. Sɛ nhwɛso no, aberante bi a wɔfrɛ no Guoming ne ne nuabeanom baanu ne wɔn maame na ɛte wɔ borɔn bi a ɛhɔ adan bo yɛ den so, na adwuma pa a obi benya ayɛ wɔ hɔ nso ho yɛ den. Esiane sɛ wɔhwɛ wɔn sikasɛm so yiye na wɔboa wɔn ho wɔn ho bere mpo a wɔn mu bi nyɛ adwuma nti, wotumi hwɛ wɔn ho. Guoming ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a yɛn mu bi nnya adwuma nyɛ, nanso yetumi kɔ so yɛ akwampae adwuma no, na yetumi hwɛ yɛn maame yiye nso. Yɛda Maame nso ase sɛ ɔnka sɛ yennyae akwampae adwuma no nkɔyɛ honam fam adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛtotɔ wiase afɛfɛde ama no.”—2 Korintofo 12:14; Hebrifo 13:5.
6. Nhwɛso bɛn na ɛma yehu sɛ yebetumi ayɛ nsakrae wɔ yɛn asetram na ama yɛayɛ Onyankopɔn apɛde?
6 Sɛ wode wo ho ahyɛ wiase yi mu nneɛma bi mu fee, sɛ́ ebia ɛyɛ sikapɛ anaa biribi foforo no, ebehia sɛ woyɛ nsakrae akɛse na ama woatumi de Onyankopɔn apɛde adi kan wɔ w’asetram. Mpɛn pii no, worentumi mfa da koro nyɛ nsakrae a ɛte saa no, na sɛ woreyɛ nsakrae no na anyɛ yiye bere a edi kan a, nka sɛ woadi nkogu. Susuw Koichi a na ɔde bere pii di agoru no ho hwɛ. Bere a Koichi fii ase suaa Bible no na ɔyɛ aberantewa, nanso ɔmaa video so agodie gyee n’adwene mfe pii. Da bi, Koichi kae wɔ ne tirim sɛ: ‘Dɛn na mereyɛ yi? Madi boro mfe 30, nanso minni botae biara a esi m’ani so wɔ m’asetram!’ Koichi fii ase suaa Bible bio, na ɔmaa asafo no mufo boaa no. Ɛwom sɛ wantumi anyɛ nsakrae ntɛmntɛm de, nanso wamma n’abam ammu. Ɛdenam mpaebɔ ne afoforo mmoa so no, otumi gyaee video so agodie a na agye n’adwene no. (Luka 11:9) Seesei, Koichi de anigye resom sɛ asafo mu ɔsomfo.
Sua sɛ Wobɛyɛ W’ade wɔ Ɔkwan a Ɛfata So
7. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔ ɔkwan a ɛfata so bere a yɛreyɛ Onyankopɔn adwuma no?
7 Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara de yɛ Onyankopɔn apɛde. Ɛnsɛ sɛ yɛde amemenemfe yɛ Onyankopɔn apɛde, na saa ara nso na ɛnsɛ yɛyɛ anihaw wɔ ne som mu. (Hebrifo 6:11, 12) Nanso, Yehowa nhwehwɛ sɛ yɛyɛ nea ɛboro yɛn ahoɔden so, a nea ɛkyerɛ ne sɛ, yɛbɛbrɛ yɛn ho aboro so wɔ nipaduam, adwenem, anaasɛ yɛbɛsɛe anigye a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn som mu. Sɛ yefi ahobrɛase mu gye tom sɛ ɛyɛ Onyankopɔn na ɔboa yɛn ma yetumi yɛ ne som adwuma no a, ɛhyɛ no anuonyam, na ɛno nso kyerɛ sɛ, yɛyɛ yɛn ade wɔ ɔkwan a ɛfata so. (1 Petro 4:11) Yehowa hyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛma yɛn ahoɔden a yɛde bɛyɛ n’apɛde, nanso ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho yɛ nneɛma bi a ɛboro yɛn ahoɔden so bere a ɔnhyɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ saa no. (2 Korintofo 4:7) Ɛsɛ sɛ yesusuw yɛn ahoɔden ho yiye, na ama yɛatumi akɔ so asom Onyankopɔn a yɛmmrɛ ntra so.
8. Dɛn na ɛbae bere a Kristoni ababaa bi bɔɔ mmɔden sɛ ɔde n’ahoɔden nyinaa bɛyɛ honam fam adwuma, na bere koro no ara nso wayɛ nea obetumi nyinaa wɔ Yehowa som mu no, na nsakrae bɛn na ɔyɛe?
8 Sɛ nhwɛso no, ababaa bi a wɔfrɛ no Ji Hye a ɔte Asia Apuei fam de mfe abien yɛɛ adwuma bi a na egye ne bere pii, na bere koro no ara nso na ɔreyɛ akwampae adwuma no. Ji Hye ka sɛ: “Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛyɛ nea metumi nyinaa ama Yehowa, na bere koro ara nso mayɛ saa ara wɔ m’adwumam, nanso nnɔnhwerew anum pɛ na na minya de da. Nea ɛbae ne sɛ, na mintumi nsua Onyankopɔn asɛm, na mihui sɛ minni anigye wɔ Yehowa som mu nso.” Nea ɛbɛyɛ na Ji Hye atumi de ne ‘koma nyinaa, ne kra nyinaa, n’adwene nyinaa, ne n’ahoɔden nyinaa’ asom Yehowa no, ɔhwehwɛɛ adwuma a ennye ne bere pii. (Marko 12:30) Ɔka sɛ: “Ɛmfa ho sɛ m’abusuafo hyɛɛ me sɛ menyɛ adwuma a ɛbɛma manya sika pii no, mebɔɔ mmɔden sɛ mede Onyankopɔn apɛde bedi kan wɔ m’asetram mmom. Ne nyinaa akyi no, minya sika de totɔ nneɛma a mihia te sɛ ntade a ɛfata. Na minya bere pii da ma me ho tɔ me! Seesei m’ani gye wɔ me som adwuma no mu, na me ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu ayɛ den. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, memma wiase no mu nneɛma ntwetwe m’adwene.”—Ɔsɛnkafo 4:6; Mateo 6:24, 28-30.
9. Ɔkwan bɛn so na asɛnka adwuma a yɛyɛ no betumi aboa nkurɔfo?
9 Ɛnyɛ obiara na obetumi asom Onyankopɔn sɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo. Sɛ onyin, yare, anaa akwanside foforo rehaw wo a, kae sɛ Yehowa ani sɔ ɔsom adwuma a wufi nokwaredi ne wo koma nyinaa mu tumi yɛ no. (Luka 21:2, 3) Enti, ɛnsɛ sɛ yɛn mu biara bu nea ɔyɛ no sɛ esua dodo ma enti afoforo rentumi nnya so mfaso. Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ yɛakɔ afie afie asɛnka, na yɛannya obiara a ɛte sɛ nea n’ani gye asɛm no ho. Sɛ obiara amma yɛn akongua mpo na yefi asasesin no mu kɔ a, afiewuranom no betumi abɔ wɔn nkyɛn a yɛkɔe no ho nkɔmmɔ nnɔnhwerew pii anaa nna pii! Yɛnhwɛ kwan sɛ obiara a ɔbɛte asɛmpa no de bɛyɛ adwuma, nanso ebinom de bɛyɛ adwuma. (Mateo 13:19-23) Ebia afoforo de bɛyɛ adwuma bere a wiase yi anaa wɔn ankasa nsɛm tebea sesa no. Sɛnea ɛte biara no, sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa wɔ asɛnka adwuma no mu a, na yɛreyɛ Onyankopɔn adwuma no ara ne no. Yɛyɛ “Nyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo.”—1 Korintofo 3:9.
10. Nnwuma bɛn na asafo no mufo nyinaa betumi ayɛ bi?
10 Bio nso, yɛn nyinaa betumi aboa yɛn abusuafo ne yɛn nuanom mmarima ne mmea a yɛne wɔn wɔ Kristofo asafo no mu no. (Galatifo 6:10) Yɛn nneyɛe pa betumi aboa afoforo yiye ma wɔn werɛ remfi da. (Ɔsɛnkafo 11:1, 6) Sɛ asafo no mu mpanyimfo ne asomfo de nsi yɛ wɔn nnwuma a, wɔboa ma asafo no mufo yɛ den wɔ Onyankopɔn som mu, na ɛma wotumi yɛ pii wɔ Kristofo som adwuma no mu nso. Wɔahyɛ yɛn bɔ sɛ, sɛ yɛyɛ “pii wɔ Awurade adwuma no mu daa” a, yɛn brɛ “renyɛ kwa.”—1 Korintofo 15:58.
Onyankopɔn Apɛde a Yɛde Bɛyɛ Yɛn Adwuma
11. Wɔ nnwuma a yɛyɛ wɔ yɛn asafo mu akyi no, nnwuma foforo bɛn na yebetumi anya hokwan akɔyɛ bi?
11 Sɛ́ Kristofo no, yɛn ani gye nkwa ho, na yɛpɛ sɛ yɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam wɔ biribiara a yɛyɛ mu. (1 Korintofo 10:31) Sɛ yɛde nokwaredi ka Ahenni no ho asɛmpa no, na yɛkyerɛkyerɛ afoforo ma wodi nea Yesu ahyɛ yɛn nyinaa so a, yebenya ɔsom hokwan foforo pii. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Wɔ yɛn asafo no mufo a yɛne wɔn bɛyɛ adwuma akyi no, yebetumi akɔsom wɔ baabi a wohia Ahenni adawurubɔfo foforo pii, sɛ́ ɛyɛ asasesin foforo mu, asafo a wɔka kasa foforo mu, anaa ɔman foforo so no. Wobetumi ato nsa afrɛ asafo mu mpanyimfo ne asomfo a wɔnwaree ma wɔakɔ Asomfo Ntetee Sukuu no bi, na sɛ wowie a, wɔbɛma wɔakɔsom wɔ asafo ahorow a wohia Kristofo a wɔn ho akokwaw mu wɔ wɔn ankasa man mu anaasɛ amannɔne. Wobetumi ama awarefo a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma a wɔfata no akɔ Gilead ma wɔatete wɔn sɛ asɛmpatrɛwfo na wɔakɔsom wɔ amannɔne. Na wohia wɔn a wobetu wɔn ho ama ma wɔakɔyɛ nnwuma ahorow wɔ Betel, na ebinom akosisi Ahenni Asa foforo na wɔasiesie nea ayeyɛ dedaw, na ebinom nso asisi baa dwumadibea ahorow.
12, 13. (a) Wobɛyɛ dɛn atumi asi gyinae wɔ ɔsom adwuma no fã bi a wopɛ sɛ woyɛ bi no ho? (b) Ma nhwɛso fa kyerɛkyerɛ sɛnea osuahu a wubenya wɔ ɔsom adwuma no fã bi mu no betumi aboa wo wɔ afoforo mu no mu.
12 Ɔsom adwuma no fã bɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ bi? Sɛ́ Yehowa somfo a woahyira wo ho so ama no no, hwehwɛ akwankyerɛ fi Yehowa ne n’ahyehyɛde no hɔ bere nyinaa. Sɛ woyɛ saa a, ne “honhom pa” no bɛboa wo ma woasisi gyinae a ɛfata. (Nehemia 9:20) Ɔsom adwuma no fã bi a wobɛyɛ bi no betumi abue foforo hokwan ama wo, na osuahu ne nimdeɛ a wubenya wɔ ɔsom adwuma no fã bi mu no betumi aboa wo wɔ foforo mu akyiri yi.
13 Sɛ nhwɛso no, na Dennis ne ne yere Jenny boa ma wosisi Ahenni Asa bere nyinaa. Bere a ahum bi a wɔtoo din Hurricane Katrina tui wɔ United States anafo fam no, wotuu wɔn ho mae boaa wɔn a na asɛm ato wɔn no. Dennis ka sɛ: “Nimdeɛ a yenyae wɔ Ahenni Asa a yesisii no mu no a yɛde boaa yɛn nuanom no maa yɛn ani gyei yiye. Anisɔ a yɛn nuanom a yɛboaa wɔn no daa no adi no kaa yɛn koma yiye. Atoyerɛnkyɛm bere mu aboafo akuw dodow no ara ntumi nsisii adan pii. Nanso, Yehowa Adansefo atumi asisi adan foforo anaa wɔasiesie afie bɛboro 5,300 ne Ahenni Asa bebree. Nkurɔfo ahu adwuma a yɛayɛ yi, na seesei ama wɔn ani abegye Ahenni asɛm a yɛka no ho kɛse.”
14. Sɛ wopɛ sɛ woyɛ bere nyinaa som adwuma no a, dɛn na wubetumi ayɛ?
14 So wubetumi de bere nyinaa som adwuma no ayɛ w’adwuma de ayɛ Onyankopɔn apɛde? Sɛ woyɛ saa a, sɛnea ɛte biara wubenya nhyira pii. Sɛ saa bere yi wo nsɛm tebea mma wuntumi nyɛ saa a, ebia wubetumi ayɛ nsakrae. Bɔ ho mpae te sɛ nea Nehemia yɛe bere a na ɔpɛ sɛ ɔkɔyɛ adwuma bi a na ɛho hia no. Ɔbɔɔ mpae sɛ: “Ao, [Yehowa, NW], . . . ma ensi w’akoa yiye.” (Nehemia 1:11) Afei, fa wo ho to “mpaebɔ tiefo” no so, na yɛ nea wobɔ ho mpae no ho adwuma. (Dwom 65:2) Ɛsɛ sɛ wudi kan yɛ nneɛma a wobɔ ho mpae no ho adwuma, na ama Yehowa nso ahyira mmɔden a wobɔ sɛ wobɛsom no yiye no so. Sɛ wunya si gyinae sɛ wobɛyɛ bere nyinaa som adwuma no a, nsesa w’adwene. Bere rekɔ so no, wubenya osuahu bebree, na wubenya anigye pii nso.
Asetra a Mfaso wɔ so Ankasa
15. (a) Sɛ yɛne Onyankopɔn asomfo a wɔakyɛ wɔ ɔsom no mu bɔ nkɔmmɔ na yɛkenkan wɔn asetram nsɛm a, mfaso bɛn na yebenya? (b) Ka obi asetram nsɛm a wokenkanee a ɛhyɛɛ wo nkuran yiye ho asɛm.
15 Dɛn na wubetumi ahwɛ kwan sɛ wubenya afi Onyankopɔn apɛde a wobɛyɛ no mu? Wo ne Yehowa asomfo a wɔakyɛ wɔ ɔsom no mu mmɔ nkɔmmɔ, titiriw, wɔn a wɔde mfe pii ayɛ bere nyinaa som adwuma no. Hwɛ sɛnea wɔn asetra ayɛ nea mfaso wɔ so! (Mmebusɛm 10:22) Wɔbɛka akyerɛ wo sɛ, wɔ tebea horow a emu yɛ den mpo mu no, Yehowa nnii wɔn huammɔ da, na waboa wɔn ma wɔn nsa aka wɔn ahiade ankasa ne nea ɛsen saa koraa. (Filipifo 4:11-13) Efi afe 1955 besi afe 1961 mu no, Ɔwɛn-Aban no tintim Kristofo anokwafo asetram nsɛm, na wɔtoo ɔfã no din “Pursuing My Purpose in Life.” (“Mereyɛ Nea Enti a Mete Ase”) Efi saa bere no, wɔatintim nkurɔfo asetram nsɛm pii. Asetram nsɛm no mu biara ka nsi ne anigye a wɔde som Onyankopɔn no ho asɛm, na ɛno ma yɛkae nsi ne anigye a wɔde yɛɛ adwuma a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu wɔ Asomafo Nnwuma no mu no. Sɛ wokenkan nsɛm a ɛyɛ anigye yi a, ɛbɛka wo ma woaka sɛ, ‘Eyi ne nea mepɛ sɛ meyɛ wɔ m’asetram!’
16. Dɛn na ɛma Kristoni asetra yɛ nea anigye wom na mfaso wɔ so?
16 Aaron a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no ka sɛ: “Wɔ Afrika no, na metaa hyia mmabun a wɔredi akɔneaba wɔ ɔman no mu a wɔpɛ sɛ wohu nea enti a wɔte ase. Wɔn mu dodow no ara anhu nea enti a wɔte ase. Nanso, yɛn de, ná yɛnam Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa a yɛreka no so reyɛ Onyankopɔn apɛde, na yɛn ani gyei wɔ asetra a ɛyɛ den nanso mfaso wɔ so no mu. Yɛahu ankasa sɛ ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”—Asomafo Nnwuma 20:35.
17. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn apɛde nnɛ?
17 Na wo nso ɛ? Botae bɛn na esi w’ani so wɔ w’asetram? Sɛ womfaa botae pɔtee bi nsii w’ani so wɔ Onyankopɔn som mu a, nneɛma foforo begye wo bere ne w’ahoɔden ntɛm ara. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wosɛe wo nkwa a ɛsom bo no wɔ Satan wiase no mu nneɛma a mfaso biara nni so no ho? Ɛrenkyɛ, sɛ “ahohiahia kɛse” no fi ase a, wiase ahonyade ne dibea ahorow nyinaa bɛyɛ nea mfaso nni so. Ade a ɛho behia saa bere no ne yɛne Yehowa ntam abusuabɔ. Hwɛ anigye ara a yebenya saa bere no sɛ yɛsom Onyankopɔn ne afoforo, na yɛyɛɛ Onyankopɔn apɛde wɔ yɛn asetram!—Mateo 24:21; Adiyisɛm 7:14, 15.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔasesa din ahorow no bi.
b Yehowa Adansefo na wɔyɛe.
Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?
• Yehowa te nka dɛn wɔ ɔsom a yɛde ma no no ho?
• Ɔkwan bɛn so na sɛ yɛyɛ nea ɛfata na mfaso wɔ so a, ɛbɛma yɛatumi asom Onyankopɔn ne afoforo?
• Nnwuma bɛn na yɛn mu biara betumi ayɛ bi?
• Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama yɛn asetra ayɛ nea mfaso wɔ so ankasa nnɛ?
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]
Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔ ɔkwan a ɛfata so, na ama yɛakɔ so afi yɛn kra nyinaa mu asom Yehowa
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 24]
Onyankopɔn som adwuma gu ahorow