Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • be kr. 74-kr. 77 nky. 2
  • Nya Nkɔanim—Nya Nkɔso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nya Nkɔanim—Nya Nkɔso
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nimdeɛ ne Nsakrae
  • Fa Wo Dom Akyɛde Di Dwuma
  • Dwuma a Osuahu Di
  • Kɔ So Pere Kɔ W’anim
  • Yɛn Nkɔso A Yɛbɛma Ada Adi
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Mmabun—Momma Mo Nkɔso Nna Adi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Ma Wo Nkɔso Nna Adi
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Ma Wo Nkɔso Nna Adi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
be kr. 74-kr. 77 nky. 2

Nya Nkɔanim​—Nya Nkɔso

BERE a wufii ase sɛ wode Bible mu nnyinasosɛm ahorow redi dwuma no, nsusuwii, kasa, ne suban a na agye ntini wɔ wo mu no fii ase sesae nkakrankakra. Emu pii fii ase mpo ansa na wode wo ho rehyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu. Mprempren ɛda adi sɛ woanya nkɔanim akodu baabi a woahyira wo nkwa so ama Yehowa. So ɛno kyerɛ sɛ wubetumi ate atra? Ɛnte saa koraa. W’asubɔ no yɛ mfiase ara kwa.

Ná osuani Timoteo resom sɛ Kristoni panyin dedaw bere a Paulo ka kyerɛɛ no sɛ ‘onsusuw’ afotu a wɔde ama no ne ɔsom mu hokwan a wɔde ahyɛ ne nsa no ho—‘ɔnkeka ne ho’ wɔ mu—na ne “nkɔso ada adi ade nyinaa mu” no. (1 Tim. 4:12-15) Sɛ́ ebia afei na woafi ase refa nokware kwan no so anaasɛ wowɔ Kristofo asetra mu osuahu pii no, ɛsɛ sɛ nkɔso a wubenya no ho asɛm hia wo.

Nimdeɛ ne Nsakrae

Wɔ Efesofo 3:14-19 no, yɛkenkan sɛ ɔsomafo Paulo bɔɔ mpae sɛ ne mfɛfo gyidifo nya nokware no “tɛtrɛtɛ ne tenten ne korɔn ne emudɔ” mu ahuye. Esiane ɛno nti, Yesu de nnipa mu akyɛde mae na wɔakyerɛkyerɛ, de nteɛso ama, na wɔahyɛ asafo no den. Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu a yebesusuw ho ne akwankyerɛ a yebenya afi akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwaw nkyɛn no, bɛboa yɛn ma ‘yɛanyin’ honhom fam.—Efe. 4:11-15.

Nea ɛka saa onyin no ho ne sɛ ‘yɛbɛma wɔayɛ yɛn foforo yɛn adwene honhom mu.’ Eyi hwehwɛ sɛ yebenya adwene a ɛne Onyankopɔn ne Kristo de hyia ankasa. Ɛhwehwɛ sɛ yehu wɔn nsusuwii bere nyinaa, na ama ‘yɛahyɛ onipa foforo’ no. (Efe. 4:23, 24) Sɛ wusua Nsɛmpa no a, so wubu Kristo asetram nsɛm no sɛ nhwɛso a ɛsɛ sɛ wudi akyi? So wohwehwɛ sɛ wubehu su pɔtẽẽ bi a Yesu daa no adi, na wobɔ mmɔden ankasa sɛ wubesuasua eyi wɔ w’asetram?—1 Pet. 2:21.

Nsɛmti a wode hyɛ wo nkɔmmɔbɔ mu no betumi akyerɛ baabi a woadu wɔ nkɔso a ɛte saa mu. Wɔn a wɔahyɛ onipa foforo no nni atoro, nyaw afoforo, nka kasa fĩ, anaa nsɛm a ɛnhyɛ nkuran. Mmom no, wɔn kasa ye ma “nkɔso a ehia, na wɔde dom wɔn a wɔte no.” (Efe. 4:25, 26, 29, 31; 5:3, 4; Yuda 16) Nsɛm a wɔka wɔ wɔn asetram ne asafo nhyiam ahorow ase no da no adi sɛ nokware no resakra wɔn asetra.

Sɛ ‘ɔkyerɛ mframa biara nwosow wo biribiri ntwe wo nni akɔneaba’ a, eyi nso di adanse sɛ woanya nkɔso. (Efe. 4:14) Sɛ nhwɛso no, sɛ wiase no de nsusuwii foforo, nnyinasosɛm, anaa anigyede ahorow puapua wo a, woyɛ w’ade dɛn? So woyɛ w’adwene sɛ wobɛfa bere a wode di honhom fam nneɛma bi ho dwuma no bi na ama woatumi adi nneɛma a ɛte sɛɛ akyi? Saa a wobɛyɛ no betumi aka wo honhom fam nkɔso ahyɛ. Hwɛ nyansa ara a ɛwom sɛ wubegye bere de adi honhom fam nneɛma akyi!—Efe. 5:15, 16.

Sɛnea wo ne afoforo di no nso betumi akyerɛ nkɔso a woanya wɔ honhom fam. So woasua sɛ wobɛda ‘ayamhyehye ne fafiri adi’ akyerɛ wo nuanom mmarima ne mmea?—Efe. 4:32.

Ɛsɛ sɛ nkɔanim a wubenya wɔ yɛ a wobɛyɛ ade Yehowa kwan so mu no da adi wɔ asafo no mu ne fie nso. Ɛsɛ sɛ ɛda adi nso wɔ sukuu mu, baguam, ne baabi a woyɛ adwuma. (Efe. 5:21–6:9) Sɛ woreda su pa adi kɛse wɔ tebea horow yi nyinaa mu a, ɛnde na wo nkɔso reda adi.

Fa Wo Dom Akyɛde Di Dwuma

Yehowa ama yɛn mu biara ɔdom akyɛde ne nneɛma a yɛbɔ mu mmɔden. Ɔhwɛ kwan sɛ yɛde bedi dwuma aboa afoforo wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma wafa yɛn so ada ne dom adi. Ɛdefa eyi ho no, ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Sɛnea mo nyinaa nyinyaa ɔdom akyɛde no, momfa nsonsom mo ho mo ho sɛ Onyankopɔn dom . . . no so afiehwɛfo pa.” (1 Pet. 4:10) Ɔkwan bɛn so na woreyɛ wo fiehwɛ adwuma no?

Petro toa so sɛ: “Sɛ obi ka asɛm a, ɔnka no sɛ Onyankopɔn nsɛm.” (1 Pet. 4:11) Nkyekyem yi twe adwene si asɛyɛde a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ yɛkasa ma ɛne Onyankopɔn Asɛm hyia, na ahyɛ Onyankopɔn anuonyam no so. Ɛsɛ sɛ ɔkwan a yɛfa so ka nsɛm a ɛte saa no nso hyɛ Yehowa anuonyam. Ntetee a wɔnam Teokrase Ɔsom Sukuu so de ma no betumi aboa wo ma wode wo dom akyɛde no adi dwuma saa kwan no so—ahyɛ Onyankopɔn anuonyam denam ɔkwan a wofa so boa afoforo no so. Bere a wode ɛno ayɛ wo botae no, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wohwɛ nkɔanim a wunya wɔ sukuu no mu no?

Sɛ anka wobɛdwen dwumadi afã a woayɛ wɔ sukuu ɔkasa ho afotu kratasin so, anaa dwumadi ko a wɔde ama wo ho no, susuw sɛnea ntetee no ama woatu mpɔn wɔ ayeyi afɔre a wode ma no ho. Sukuu no siesie yɛn ma yetu mpɔn kɛse wɔ asɛnka adwuma mu. Bisa wo ho sɛ: ‘So ɛyɛ a misiesie me ho ma asɛm a mɛka wɔ asɛnka mu no? So masua sɛ mɛkyerɛ wɔn a midi wɔn adanse no ho anigye? So meto nhyɛase ma sankɔhwɛ denam asɛmmisa bi a mede gyaw nkurɔfo na yɛasusuw ho bere foforo so? Sɛ me ne obi resua Bible no a, so merebɔ mmɔden atu mpɔn sɛ ɔkyerɛkyerɛfo a odu komam?’

Nnyina ɔsom mu hokwan ahorow a wɔde ama wo no so kɛkɛ nsusuw wo nkɔanim ho. Ɛnyɛ dwumadi no so na wogyina hu wo nkɔso, na mmom nea wode yɛ so. Sɛ wɔma wo dwumadi a ɛfa sɛnea wɔkyerɛkyerɛ ho a, bisa wo ho sɛ: ‘So mede sɛnea wɔkyerɛkyerɛ no dii dwuma? So meyɛɛ dwumadi no wɔ ɔkwan bi so a ɛsakraa wɔn a wotiei no asetra?’

Afotu a ɛka sɛ fa wo dom akyɛde di dwuma no hwehwɛ sɛ wubefi wo pɛ mu ayɛ ade. So wufi wo pɛ mu ne afoforo yɛ adwuma wɔ asɛnka mu? So wohwehwɛ hokwan a wode bɛboa w’asafo mufo a wɔyɛ afoforo, mmofra, anaa wɔn a wonni apɔwmuden no? So wutu wo ho ma siesie Ahenni Asa so anaasɛ woboa wɔ akwan pii so wɔ ɔmantam ne ɔmansin nhyiam ahorow ase? So wubetumi de wo ho ahyɛ akwampae boafo adwuma mu bere ne bere mu? So wutumi som sɛ daa kwampaefo anaasɛ woboa wɔ asafo bi a mmoa ho hia kɛse mu? Sɛ woyɛ onuabarima a, so worepere adu Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde ma asafo mu asomfo ne mpanyimfo no ho? Ɔpɛ a wubenya sɛ wobɛboa na woagye asɛyɛde ato wo ho so no yɛ nkɔso ho sɛnkyerɛnne.—Dw. 110:3.

Dwuma a Osuahu Di

Sɛ wote nka sɛ wotɔ sin esiane sɛ wunni osuahu wɔ Kristofo asetra mu a, ma wo bo ntɔ wo yam. Onyankopɔn Asɛm betumi ama ‘wɔn a wonni osuahu ahu nyansa.’ (Dw. 19:7; 119:130; Mmeb. 1:1-4) Bible afotu a yɛde di dwuma no boa yɛn ma yenya Yehowa nyansa a ɛyɛ pɛ no so mfaso, na ɛsom bo sen nea yenya fi osuahu nkutoo mu no. Nanso bere a yenya nkɔso wɔ yɛn som a yɛde ma Yehowa mu no, yenya osuahu a mfaso wɔ so. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de adi dwuma ma ɛso aba mfaso kɛse?

Bere a obi anya asetra mu tebea horow mu suahu no, obetumi aka sɛ: ‘Mahyia tebea yi pɛn. Minim nea mɛyɛ.’ So eyi bɛyɛ ade a nyansa wom? Mmebusɛm 3:7 bɔ kɔkɔ sɛ: “Nyɛ w’ani so onyansafo.” Ɛsɛ sɛ osuahu ma yehu nneɛma a ɛsɛ sɛ yesusuw ho bere a yɛredi asetra mu tebea horow ho dwuma no. Nanso sɛ yɛrenya honhom mu nkɔanim a, ɛsɛ sɛ osuahu a yɛanya no kanyan yɛn adwene ne yɛn koma ma yehu sɛ yehia Yehowa nhyira na ama yɛatumi anya nkɔanim. Ɛnde ɛnyɛ tebea horow a yebefi ahotoso mu agyina ano no na ɛbɛma yɛn nkɔso ada adi, na mmom Yehowa a yɛbɛdan akɔ ne nkyɛn ntɛm akɔhwehwɛ akwankyerɛ wɔ yɛn asetra mu no. Ɛda adi denam sɛnea yenya ahotoso sɛ sɛ Yehowa amma biribiara ho kwan a ɛrentumi nsi, ne gyidi a yebenya wɔ yɛn soro Agya no mu, ne abusuabɔ pa a yɛne no benya so.

Kɔ So Pere Kɔ W’anim

Ɛmfa ho sɛ na ɔsomafo Paulo yɛ Kristoni a wɔasra no a ne ho akokwaw honhom fam no, ohui sɛ ehia sɛ ‘ɔtwe ne mu pɛ anim de’ na ama ne nsa aka nkwa botae no. (Fil. 3:13-16) So wowɔ adwene a ɛte saa?

Ɛhe na woanya nkɔanim akodu? Gyina sɛnea woahyɛ onipa foforo no, sɛnea woabrɛ wo ho ase ahyɛ Yehowa tumidi ase, ne sɛnea worebɔ mmɔden sɛ wode wo dom akyɛde bɛhyɛ Yehowa anuonyam no so susuw wo nyin ho. Bere a wunya Teokrase Ɔsom Sukuu adesua so mfaso no, ɛsɛ sɛ su horow a wosi so dua wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no da adi nkakrankakra wɔ sɛnea wokasa, ne wo nkyerɛkyerɛ mu. Ma wo nyin ho nsɛm yi ntra w’adwenem. Yiw, di mu ahurusi, na wo nkɔso bɛda adi ntɛm.

DƐN NE W’ANKASA HONHOM FAM BOTAE AHOROW?

Botae ahorow a ɛfata bɛn na wowɔ a ɛsɛ sɛ wudu ho wɔ afe a edi hɔ no mu?

  1. ․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

  2. ․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

Botae ahorow a egye bere tenten na ɛsom bo ma wo bɛn na woasi wo bo sɛ wobɛpere adu ho akosi sɛ wo nsa bɛka?

  1. ․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

  2. ․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

  3. ․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena