Kristofo Dɔ a Yebeyi Adi Akyerɛ Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim
SAMUEL JOHNSON, nhoma kyerɛwfo bi a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so 18 mu, too anansesɛm bi a ɛfa aberante bi a ne werɛ fii baabi a ɔde ne kyɛw sɛnee bere a ɔkɔsraa ne nnamfo no ho. Obiara anka n’anibiannaso no ho asɛm biara. Johnson toaa so sɛ: “Nanso sɛ nkurɔfo hu anibiannaso a ɛte saa ara wɔ akwakoraa bi ho a, wɔbɛwosow wɔn mmati aka sɛ, ‘Ɔreyɛ ayare awerɛfire.’”
Johnson anansesɛm no da no adi sɛ wɔka wɔn a wɔn mfe akɔ anim ho nsɛmmɔne te sɛ ebia nnipakuw afoforo a wosua no. Bere a wɔn a wɔanyinyin hwɛ gye mmɔdenbɔ no, ɛde mfaso brɛ wɔn a wɔhwɛ wɔn no nyinaa. Dɛn ne emu nsɛnnennen ne mfaso horow, na dɛn nti na asɛm yi fa nnipa bebree ho?
Sɛnea akontaabu kyerɛ no, nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa ɔha biara mu nkyekyem 6 adi mfe 65 anaa nea ɛboro saa, na aman a wodi yiye no mu ɔha biara nkyekyem no yɛ eyi mmɔho abien. Wɔ Europa Aman Nkabom Kuw a etuu 1993 sii hɔ sɛ “Europa Afe ma Wɔn a Wɔanyinyin ne Awo Ntoatoaso Ahorow Ntam Biakoyɛ” mu no, nnipa 3 biara mu 1 adi boro mfe 50. Sɛnea ɛte wɔ nsase a wɔyɛ mfiridwuma wɔ so kɛse dodow no ara mu no, ɛhɔ nso awo a ɛso retew ne nnipa nkwa nna a ɛreyɛ tenten ama nnipa a wɔwɔ hɔ dodow no ara ayɛ wɔn a wɔanyinyin. Ɛda adi pefee sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔhwɛ wɔn wɔ tebea horow a ɛtete sɛɛ mu no yɛ adwuma kɛse ankasa. Hwɛ sɛnea na nneɛma yɛ soronko koraa wɔ tete Apuei Famfo mu!
“Animdefo”
Handwörterbuch des Biblischen Altertums für gebildete Bibelleser (Tete Bible Mmere ho Ɔkyerɛkyerɛ Nhoma ma Bible Akenkanfo Nhomanimfo) da no adi sɛ wɔ tete Apuei Famfo mu no, “na wobu wɔn a wɔn mfe akɔ anim sɛ wɔn a wɔkora tete nneɛma a ɛsom bo a ɛne nyansa ne nimdeɛ a emu dɔ so, na ɛno nti na wɔhyɛɛ mmofra nkuran sɛ wɔne wɔn mmɔ na wonsua wɔn.” Smith’s Bible Dictionary kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔ wɔn ankasa asetram no na wobu [wɔn a wɔanyinyin] sɛ animdefo . . . Ná [mmofra] ma wodi kan kyerɛ wɔn adwene wɔ nneɛma ho.”
Obu a na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ ma wɔn a wɔanyinyin daa adi wɔ Mose Mmara no mu wɔ Leviticus 19:32 sɛ: “Sɔre atifi dwen anim, na di akwakoraa anim ni.” Enti na wɔn a wɔanyinyin wɔ gyinabea pa bi wɔ amanfo mu na wobuu wɔn sɛ agyapade a ɛsom bo. Ɛda adi sɛ saa na Moabni bea Rut buu n’asebea Naomi.
Rut sii gyinae pintinn sɛ ɔne Naomi befi Moab akɔ Israel, na ɛno akyi no otiee Naomi afotu yiye. Bere a woduu Betlehem no, Naomi na ohui sɛ Yehowa na ɔrekyerɛ wɔn kwan na ɔno nso kyerɛɛ Rut sɛnea ɛsɛ sɛ ɔyɛ n’ade. (Rut 2:20; 3:3, 4, 18) Bere a Rut suaa ade fii Naomi a na ɔwɔ osuahu pii nkyɛn no, n’asetra bɛyɛɛ teokrase de. Ɛda adi sɛ n’asebea bɛyɛɛ onimdefo maa no.
Saa ara na Kristofo mmabaa a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi anya mfaso denam mmea mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu a wɔne wɔn bɛbɔ no so. Ebetumi ayɛ onuawa bi a ɔresusuw aware ho anaa ɔrehyia n’ankasa haw bi a emu yɛ den. Hwɛ sɛnea nyansa wom sɛ ɔbɛhwehwɛ afotu ne mmoa afi onuawa panyin bi a ne ho akokwaw a ɔwɔ asɛm no mu suahu nkyɛn!
Afei nso, mpanyimfo kuw bi betumi anya mfaso denam wɔn a wɔanyinyin a wɔwɔ wɔn mu no suahu a wɔbɛhwehwɛ no so. Yebetumi asua biribi afi eyi a Lot anyɛ no mu. Akasakasa a ɛbaa Abraham mmoahwɛfo ne Lot mmoahwɛfo ntam no hwehwɛe sɛ wosi gyinae bi a na ɛbɛka wɔn mu biara. Lot ampaw ade nyansam. Hwɛ sɛnea anka ɛbɛyɛ papa mmom sɛ odi kan hwehwɛ afotu fi Abraham hɔ! Anka Lot benya akwankyerɛ a ɛfata na wakwati ahohia a efi gyinae a ɔde ahopere sii mu baa n’abusua so no. (Genesis 13:7-13; 14:12; 19:4, 5, 9, 26, 29) So wutie nea mpanyimfo a wɔn ho akokwaw ka no yiye ansa na woasi gyinae wɔ asɛm bi ho?
Te sɛ nea Simeon ne Hana a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu yɛe no, nnipa a wɔanyinyin pii wɔ Onyankopɔn adwuma no ho nsi a ano mmrɛ ase da. (Luka 2:25, 36, 37) Ɛkyerɛ obu ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim sɛɛ no, na ɛda no adi sɛ yedwen wɔn ho sɛ yɛbɛma wɔanya asafo mu dwumadi ahorow mu kyɛfa sɛnea wɔn ahoɔden betumi, bere a wɔanyinyin yiye mpo no. Ebia na abofra bi hia mmoa na wasiesie ne dwumadi wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu. Ɔpanyin bi a n’ani da fam betumi akyerɛ sɛ obi a ɔfata a obetumi ayɛ no mmoa kɛse bɛyɛ asafo no muni bi a ne mfe akɔ anim, nea ɔda nyansa adi wɔ odwo mu, ɔwɔ ayamye, na ɔwɔ bere.
Nanso, nneɛma pii ka wɔn a wɔanyinyin ahiade titiriw ho dwumadi ho. Ankonamyɛ, nsɛmmɔnedi ho suro, ne sikasɛm mu ahokyere haw wɔn mu pii. Bio nso, sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no bɛyɛ ayarefo a, akwahosan pa a wonni ne wɔn ahoɔden a ɛso tew ho abasamtu ma ɔhaw ahorow yi mu yɛ den kɛse. Wohia sɛ yɛde bere pii hwɛ wɔn saa bere no. Dɛn na ɛsɛ sɛ ankorankoro ne asafo mũ no nyinaa yɛ?
“Wonsua Onyamesom Pa”
Wɔ afeha a edi kan mu no, honhom kaa Paulo ma ɔkyerɛw wɔ 1 Timoteo 5:4, 16 sɛ: “Sɛ okunafo bi wɔ mma anaa mmanana a, wonsua onyamesom pa wɔn fi mu kan ntua wɔn awofo ka; efisɛ eyi na eye na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Sɛ ɔbea gyidini bi wɔ akunafo a, ɔnhwɛ wɔn hia so, na ɔmmma ɛnnyɛ asafo no adesoa, na wɔahwɛ wɔn a wɔyɛ akunafo ampa no hia so.” Ná wɔn a wɔanyinyin hwɛ yɛ abusua asɛyɛde. Sɛ asafo no muni bi a ne mfe akɔ anim hia mmoa bere a n’abusua ayɛ nea wobetumi nyinaa a, ná asɛyɛde no bɛda asafo no so. Nnyinasosɛm yi nsakrae.
Dɛn na aboa Kristofo ma wɔayi Kristofo dɔ adi akyerɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim denam onyamesom pa a woyi no adi wɔ wɔn ankasa fie mu no so? Tie nsɛm a edidi so yi a Adansefo bi a wɔahwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim ka no.
Wɔn Honhom Fam Ahiade a Wodi ho Dwuma Bere Nyinaa
Felix a ɔboaa ne yere maa ɔhwɛɛ n’awofo ka sɛ: “Daa asɛm no a na yebom susuw ho no yɛɛ mmoa kɛse. Ná yɛde nkurɔfo asetram osuahu ne wɔn botae ahorow toto Yehowa nnyinasosɛm ho.” Nokwarem no, abusuafo a wɔanyinyin hwɛ mu ade titiriw ne wɔn honhom fam aduan ho dwumadi. Eyi fata saa esiane Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 5:3 no nti: “Anigye ne wɔn a honhom mu nneɛma hia wɔn.” (New World Translation) Mubetumi de Bible akenkan ho nhyehyɛe, nhoma horow a egyina Bible no so mu nkɔmmɔbɔ, ne mpaebɔ aka daa asɛm a moyɛ no ho. Peter ka sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ wɔn a wɔanyinyin ani gye ade a wɔyɛ no daa ho.”
Yiw, honhom fam nneɛma a wɔyɛ no daa ho hia. Ɛnyɛ honhom fam nneɛma nko na wɔn a wɔanyinyin ani gye ho sɛ wɔyɛ no daa na mmom da biara da asetram nneɛma nso. Wobetumi ahyɛ wɔn a wɔayɛ ayarefo kakra no mpo nkuran ma sɛnea Ursula ka no, “wɔasɔre afi mpa so ahyɛ wɔn ntade yiye da biara.” Nanso, yɛmpɛ sɛ yɛbɛma ayɛ te sɛ nea yɛn na yɛrekyerɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Doris gye tom sɛ nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ mmɔden a na ofi nokwaredi mu bɔ no nyinaa yɛɛ ɔkwa mpɛn pii. “Midii mfomso pii. Meka kyerɛɛ me papa da bi sɛ ɛyɛ a ɔnsesa ne hyɛɛt da biara. Afei me maame kaee me sɛ: ‘Ɔda so ara yɛ me kunu!’”
Wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ayɛ mmofra pɛn, nanso sɛ́ wɔn a wɔn mfe nkɔɔ anim beyi timɔbɔ adi akyerɛ wɔn no yɛ adwuma kɛse. Nanso, saa a wobɛyɛ no na ɛbɛma woate wɔn ahiade atitiriw ase. Onyin de abasamtu ba. Gerhard kyerɛkyerɛ mu sɛ: “M’ase barima bo fuw ne ho esiane sɛ na ontumi nyɛ biribiara a na kan ɔyɛ no bio nti. Ná ɛhaw no yiye sɛ obegye ne tebea no atom. Ne nipasu sakrae.”
Wɔn a wɔn mfe akɔ anim taa da abufuw a ɛhyɛ wɔn mu adi wɔ tebea horow a ɛsakra no ho, na wɔnam kasa a wɔkasa tia afoforo, titiriw wɔn a wɔhwɛ wɔn no so na ɛyɛ saa. Ɛnyɛ den sɛ yɛbɛte eyi ase. Ɔdɔ mu a wofi hwɛ no no ma ɔkae ɔno ankasa ahoɔden a ɛrekɔ fam no. Ɔkwan bɛn so na wobɛyɛ w’ade wɔ kasatia anaa anwiinwii a ntease nnim yi ho?
Kae sɛ nkate a ɛmfata a ɛte saa no nkyerɛ sɛnea Yehowa bu mmɔden a wobɔ no. Kɔ so yɛ papa, na kura ahonim pa mu, sɛ ɛba sɛ wɔka nsɛm a ɛmfata kyerɛ wo mmere ahorow mu mpo a. (Fa toto 1 Petro 2:19 ho.) Asafo a wowom no betumi aboa wo kɛse.
Nea Asafo no Betumi Ayɛ
Asafo horow pii wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ anisɔ wɔ mmɔden a yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔn mfe akɔ anim no abɔ bere a atwam no ho. Ebia wɔn na wɔhyɛɛ asafo no ase, na wɔde adawurubɔfo kakraa bi na ɛmaa no gyinae mfe pii a atwam mu. Sɛ ɛnyɛ adwuma a wɔde nsi yɛe bere a atwam, ne ebia sika fam mmoa a wɔde ma mprempren a, anka asafo no wɔ he?
Sɛ ɛho behia sɛ wɔhwɛ ɔdawurubɔfo a ne mfe akɔ anim a, ɛnsɛ sɛ abusuafo no nkutoo di asɛyɛde no ho dwuma. Afoforo betumi ayɛ mmoa denam soma a ɔbɛsoma wɔn, aduan a wɔbɛnoa, ade a wɔbɛhoro, mpase a wɔne nea wanyin no betu, kar a wɔde bɛfa no akɔ Kristofo nhyiam horow ase, anaa nkɔmmɔ kɛkɛ a wɔne no bɛbɔ wɔ Ahenni Asa so no so. Obiara betumi de ne ho ahyem, nanso sɛ wɔn mmɔdenbɔ no betumi atu mpɔn na akɔ so daa wɔ ɔkwan a ɛkyɛn so so a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho nhyehyɛe pa.
Sɛ mpanyimfo reyɛ anuanom nsrahwɛ ho nhyehyɛe a, ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma yiye. Asafo ahorow bi bɔ mmɔden wɔ eyi yɛ mu, na mpanyimfo no hwɛ srasra wɔn a wɔanyinyin ne wɔn a wɔyɛ mmerɛw daa, a wɔn a wɔn abusuafo hwɛ wɔn yiye mpo ka ho. Nanso, ɛte sɛ nea ɛsɛ sɛ asafo afoforo ma wɔn ani da hɔ yiye wɔ wɔn asɛyɛde a ɛne sɛ wɔbɛhwɛ wɔn a wɔanyinyin no ho.
Onua nokwaredifo bi a wanyin yiye a ɔwɔ ne mfe 80 awiei babea ne n’ase barima gyaee Betel adwuma bɛhwɛɛ no. Nanso, na asafo no mufo afoforo nsrahwɛ ho da so hia no. Onua no kae sɛ: “Bere a na mekɔsra ayarefo no, na me ne wɔn bɔ mpae. Nanso obiara ne me mmɔɔ mpae da.” Hwɛ a abusuafo fi ɔdɔ mu hwɛ no no nyi mpanyimfo asɛyɛde a ɛne sɛ ‘wɔnyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔde wɔn ahyɛ wɔn nsa no’ mfi wɔn so. (1 Petro 5:2) Bio nso, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no den na wɔhyɛ wɔn nkuran ma wɔkɔ so yɛ wɔn adwuma pa no.
‘Wonyinyinii na Mfe Mee Wɔn’
Ná Alexander von Humboldt yɛ Germanni nyansahufo bi a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so 19 no mu a ne mfe akɔ anim yiye bere a ababaa bi bisaa no sɛ ebia ɔnte nka sɛ mpanyinyɛ yɛ ɔbrɛ anaa no. Ɔbarima nhomanimfo no buae sɛ: “Nea woka no yɛ nokware. Nanso ɛno nkutoo ne ɔkwan a obi betumi afa so atra ase akyɛ.” Saa ara na ɛnnɛ anuanom mmarima ne mmea pii yɛ nhwɛso pa wɔ gye a wogye amanehunu a ɛwɔ mpanyinyɛ mu no tom sɛ ɛma wonya nidi a nkwa tenten de ba no mu. Wɔda su a Abraham, Isak, Dawid, ne Hiob a ‘wonyinyinii na mfe mee wɔn’ daa no adi no bi.’—Genesis 25:8; 35:29; 1 Beresosɛm 23:1; Hiob 42:17.
Mpanyinyɛ de mmoa a wobegye atom na wofi komam ada ho ase ho asɛnnennen ba. Nyansa wom sɛ obiara hu baabi a n’ahoɔden bɛma watumi ayɛ ade akodu. Nanso, eyi mma obi a ne mfe akɔ anim mmɛyɛ obi a ontumi nyɛ hwee. Maria adi boro mfe 90, nanso ɔda so ara kɔ asafo nhyiam horow na ɔma mmuae. Ɔyɛ dɛn tumi yɛ saa? “Mintumi nkenkan ade bio, nanso mebɔ Ɔwɛn-Aban a wɔakyere agu kasɛt so no tie. Me werɛ fi pii de, nanso metaa bɔ mmɔden ma mmuae biako.” Te sɛ Maria no, nneɛma a ɛma nkɔso a obi kɔ so de ne ho hyem no boa ma ɔyɛ nnam na ɔkɔ so kura Kristofo nipasu mu.
Mpanyinyɛ befiri hɔ wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu. Saa bere no wɔn a wɔbobɔɔ nkwakoraa ne mmerewa wɔ nhyehyɛe yi mu na ebia wowuwui mpo no bɛkaakae ɔhwɛ a woyii no adi kyerɛɛ wɔn ne wɔn ho anigye a wɔkyerɛe no ma wɔn ani agye. Bere a wɔn a wɔn mfe akɔ anim saa no nya nkwa ne ahoɔden bio no, akyinnye biara nni ho sɛ wobenya ɔdɔ a emu yɛ den ama Yehowa ne anisɔ a emu dɔ ama wɔn a wɔkɔɔ so kaa wɔn ho wɔ wɔn sɔhwɛ mu wɔ nhyehyɛe bɔne yi mu no.—Fa toto Luka 22:28 ho.
Na wɔn a ɛnnɛ wɔhwɛ wɔn a wɔanyinyin no nso ɛ? Ɛnkyɛ, bere a Ahenni no di asase nyinaa so no, wɔde anigye ne ahotɔ bebu kɔmpɔ ahwɛ wɔn akyi sɛ wɔammu wɔn ani angu wɔn asɛyɛde so na mmom wɔnam Kristofo dɔ a woyii no adi kyerɛɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim so daa onyamesom pa adi.—1 Timoteo 5:4.
[Kratafa 30 adaka]
Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim no Ani Begye Wo Nsrahwɛ Ho
Nneɛma pa pii betumi afi nhyehyɛe a wobɛyɛ de bɛyɛ simma 15 akɔsra obi a ne mfe akɔ anim bere a woapɔn asɛnka mu aba. Nanso, ɛnyɛ papa sɛ w’ankasa wonhyɛ da nyɛ nsrahwɛ a ɛte saa ho nhyehyɛe, sɛnea osuahu a edi so yi da no adi no.
Bere bi na Brigitte ne Hannelore reyɛ asɛnka adwuma, na wɔne ɔbarima bi a ne mfe akɔ anim rebɔ nkɔmmɔ wɔ ne pon ano. Anuanom mmea baanu yi ne no bɔɔ nkɔmmɔ simma anum ansa na wɔrehu sɛ ɔno nso yɛ Yehowa Dansefo a ɔne wɔn wɔ asafo biako mu. Hwɛ aniwusɛm a ɛyɛ! Nanso asɛm no de biribi pa bae. Hannelore yɛɛ nhyehyɛe ntɛm sɛ ɔbɛkɔ akɔsra onua no na waboa no ma wakɔ asafo nhyiam ahorow.
So wunim ɔdawurubɔfo a ne mfe akɔ anim a ɔte asasesin a woyɛ mu asɛnka adwuma no biara din ne ne fie? So wubetumi ayɛ nhyehyɛe de bere tiaa bi akɔsra no? Akyinnye biara nni ho sɛ n’ani begye ho kɛse.