Yɛn Ani A Yɛbɛma Aba Yɛn Ho So Wɔ Wɔn A Wɔn Mfe Akɔ Anim No Ahiade Ho
“Mommma obiara nnhwɛ ne nko de, na mmom ɔnhwɛ ne mfɛfo de bi.”—FILIPIFO 2:4.
1, 2. (a) Ɔkwan bɛn so na afeha a edi kan no mu sodikuw no kyerɛe sɛ esusuw wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ahiade ahorow ho? (b) Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔammu wɔn ani angu asɛnka adwuma no so?
WƆ PENTEKOSTE 33 Y.B. mu akyi bere tiaa bi no, “huhuhuhu baa [Kristofo asafo no mu] Helenfo no mu tiaa Hebrifo no, sɛ wobu wɔn ani gu akunafo daa ɔhwɛ [aduan a wɔde ma ahiafo] no so.” Akyinnye biara nni ho sɛ na akunafo yi mu pii yɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wontumi nhwɛ wɔn ho. Ɛda adi sɛ asomafo no ankasa de wɔn ho gyee asɛm no mu na wɔkae sɛ: “Mompɛ mo mu mmarima baason a wɔwɔ din pa a honhom ne nyansa ayɛ wɔn ma, na yɛmfa wɔn nsisi adwuma a ɛho hia yi so.”—Asomafo no Nnwuma 6:1-3, NW.
2 Enti Kristofo a wodii kan no buu ahiafo a wɔbɛhwɛ wɔn no sɛ “adwuma a ɛho hia.” Mfe bi akyi no, osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Onyamesom a ɛho tew na ɛho nni fĩ agya Onyankopɔn anim ne sɛ obi kɔhwɛ nyisaa ne akunafo wɔn ahohia mu.” (Yakobo 1:27) Ɛnde, so na eyi kyerɛ sɛ wobuu ani guu asɛnka adwuma a ɛho hia kɛse no so? Dabi, efisɛ Asomafo no Nnwuma no mu kyerɛwtohɔ no ka sɛ bere a wɔyɛɛ adwuma a na wɔde boa akunafo ho nhyehyɛe yiye akyi no, “Onyankopɔn asɛm no kɔɔ so, na asuafo no dɔe pii Yerusalem.”—Asomafo no Nnwuma 6:7.
3. Nkuranhyɛ bɛn na wɔde ama wɔ Filipifo 2:4, na dɛn nti na eyi fata titiriw nnɛ?
3 Ɛnnɛ, yehyia “mmere a emu yɛ den.” Ebia nneɛma ahorow a abusua asetra hwehwɛ sɛ yɛyɛ no ho dwuma a yebedi ne honam fam adwuma remma yennya ahoɔden kɛse—anaa ɔpɛ—a yɛde besusuw wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ahiade ahorow ho. Enti Filipifo 2:4 hyɛ yɛn nkuran wɔ ɔkwan a ɛfata so sɛ “mommma obiara nnhwɛ ne nko de, na mmom ɔnhwɛ ne mfɛfo de.” Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi wɔ ɔkwan a ɛkari pɛ na eye so?
Akunafo A Yebedi Wɔn Ni
4. (a) Dɛn nti, ne ɔkwan bɛn so na afeha a edi kan no mu asafo no “dii” akunafo “ni”? (b) So na nsiesiei ahorow a ɛte sɛɛ ho hia bere nyinaa?
4 Wɔ 1 Timoteo ti 5 no, Paulo kyerɛ sɛnea tete Kristofo no hwɛɛ akunafo a wɔn mfe akɔ anim a na wɔwɔ asafo no mu no. Ɔhyɛɛ Timoteo sɛ: “Di mmea akunafo a wɔyɛ akunafo ampa no ni.” (1 Timoteo 5 Nkyekyem 3) Ɔkaa akunafo a na wɔn mfe akɔ anim no nkutoo ho asɛm sɛ wɔn na wɔfata sɛ wodi wɔn ni denam sika fam mmoa a wɔde bɛma wɔn daa no so. Na saafo no nnya mmoa mfi baabiara na na wobetumi ‘de wɔn ani ato Nyankopɔn so na wɔakura nkotɔsrɛ ne mpaebɔ mu anadwo ne awia’ nkutoo. (1 Timoteo 5 Nkyekyem 5) Ɔkwan bɛn so na wobuaa mpaebɔ a na wɔde hwehwɛ wɔn ano aduan no? Ɛdenam asafo no so. Ɛdenam nhyehyɛe a wɔyɛe so no, wɔmaa akunafo a na wɔfata no nyaa wɔn ano aduan a ɛbɛso wɔn. Nokwarem no, sɛ na okunafo bi wɔ sika anaa abusuafo a wobetumi aboa no a, ɛnde na nsiesiei a ɛte sɛɛ ho nhia.—1 Timoteo 5 Nkyekyem 4, 16.
5. (a) Ɔkwan bɛn so na na akunafo binom ‘rebɔ ahohwi’? (b) So na ɛyɛ asafo no asɛyɛde sɛ wɔboa saafo no?
5 Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Na [okunafo] a ɔbɔ ahohwi no de, ɔyɛ teaseawu [wɔ honhom mu].” Paulo nkyerɛkyerɛ sɛnea na ebinom te no mu te sɛ nea Kingdom Interlinear kyerɛ ase sɛ “obu bra bɔne” no. Ebetumi aba sɛ na ebinom reko atia “nna ho akɔnnɔ” a wonya no. (1 Timoteo 5 Nkyekyem 11, NW) Nanso sɛnea Liddel and Scott’s Greek-English Lexicon kyerɛ no, ‘asetra a ɔbrɛ nnim anaasɛ anigye anaa nea obi ankasa pɛ a ɔyɛ ma ɛtra so’ betumi ayɛ nea ɛka ‘ɔbra bɔne a wobu’ no ho nso. Ɛnde, ebia na ebinom pɛ sɛ asafo no bɛma wɔayɛ adefo na atua ahohwi ne ahopɛ asetra a ɛtra so no ho ka. Sɛnea na asɛm no te biara no, Paulo kyerɛe sɛ na saafo no mfata sɛ wobenya mmoa afi asafo no nkyɛn.
6, 7, ne asehɔ asɛm. (a) Na dɛn ne “din” no? (b) Dɛn nti na wɔkyerɛe sɛ wɔn a wonnii mfe 60 no mfata sɛ wɔbɛboa wɔn? (d) Ɔkwan bɛn so na Paulo boaa akunafo a wonnyinii no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrennya “atemmu” a enye?
6 Afei Paulo kae sɛ: “Wɔnkyerɛw okunafo a wadi boro mfe aduosia din [nka wɔn a wonya sika fam mmoa no ho].” Wɔ Paulo bere so no, na ɛda adi sɛ wobu ɔbea a wadi boro mfe 60 no sɛ ɛnyɛ nea otumi hwɛ ne ho na ɛnyɛ nea ɛda adi sɛ ɔbɛsan aware.a Paulo kae sɛ: “Na akunafo a wonnyinii ɛ de, [nkyerɛw wɔn din], efisɛ sɛ nna ho akɔnnɔ ba wɔn ani so a, wogyaw Kristo kɔware, na wonya atemmu sɛ wɔapa kan gyidi no.”—1 Timoteo 5 Nkyekyem 9, 11, 12, NW.
7 Sɛ wɔkyerɛw akunafo a wonnyinii “din” a, anka ebinom betumi de ahopere aka sɛ wɔbɛpɛ sɛ wɔkɔ so tra ase sɛ ahokwafo. Nanso bere a bere kɔ so no, anka ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wobedi “nna ho akɔnnɔ” a wonya no so na wɔbɛpɛ sɛ wɔsan ware na eyi bɛma ‘wɔanya atemmu sɛ wɔapa kan gyidi’ a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛkɔ so atra ase sɛ ahokwafo no. (Fa toto Ɔsɛnkafo 5:2-6 ho.) Paulo siw ɔhaw ahorow a ɛte sɛɛ ano na ɔtoaa so kae sɛ, “Mepɛ sɛ wɔn a wonnyinii ɛ no ware wo mma.”—1 Timoteo 5 Nkyekyem 14.
8. (a) Ɔkwan bɛn so na Paulo akwankyerɛ ahorow no bɔɔ asafo no ho ban? (b) So wɔhwɛɛ akunafo a wonnyinii anaasɛ mmarima a wɔn mfe akɔ anim a na ahia wɔn no nso?
8 Ɔsomafo no ma wɔkyerɛw wɔn a wɔwɔ Kristofo nnwuma pa a wɔde mfe pii ayɛ ho kyerɛwtohɔ no nkutoo din. (1 Timoteo 5 Nkyekyem 10) Enti na asafo no nyɛ “yiyedi man” mma anihawfo anaasɛ adifudepɛfo (2 Tesalonikafo 3:10, 11) Na mmarima a wɔn mfe akɔ anim anaasɛ akunafo a wonnyinii no nso ɛ? Sɛ ehiaa saafo no a, akyinnye biara nni ho sɛ anka asafo no bɛhwɛ wɔn mu biara.—Fa toto 1 Yohane 3:17, 18 ho.
9. (a) Dɛn nti na nhyehyɛe a wɔyɛ de hwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wowɔ hɔ nnɛ no bɛyɛ nea ɛsono wɔ nea wɔyɛe wɔ afeha a edi kan no mu no ho? (b) Dɛn na asɛm a Paulo ka wɔ akunafo ho wɔ 1 Timoteo ti 5 no boa yɛn ma yehu nnɛ?
9 Ná ɛda adi sɛ nhyehyɛe a ɛte sɛɛ yɛ nea ɛdɔɔso kɛse a ɛbɛma wɔatumi adi asafo ahorow a na ɛwɔ afeha a edi kan no mu ahiade ho dwuma. Nanso sɛnea The Expositor’s Bible Commentary ka no: “Ɛnnɛ, esiane ahobammɔ ho sika (insurance), sika a wɔde ma wɔn a onyin ama wɔagyae adwumayɛ ne nnwuma ahorow a ɛwɔ hɔ nti, ɛsono tebea no kɛse. Esiane asetra ne sikasɛm nhyehyɛe a asakra no nti, ɛnyɛ nea ɛho taa hia sɛ asafo ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ no benya wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔbɛboa wɔn din a wɔakyerɛw ato hɔ. Nanso Paulo asɛm a ɔka kyerɛɛ Timoteo no boa yɛn ma yehu sɛ: (1) Ɔhaw ahorow a wɔn a wɔn mfe akɔ anim hyia no yɛ nea ɛfa asafo no mufo nyinaa—ne titiriw, mpanyimfo no ho. (2) Ɛsɛ sɛ wɔyɛ hwɛ a wɔbɛhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ho nhyehyɛe pa. (3) Wɔn a ahia wɔn ampa no nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn.
Sɛ Mpanyimfo No, Momma Mo Ani Nkũ Wɔn Ahiade Ho
10. Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi adi kan wɔ susuw a wosusuw wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ho no mu?
10 Ɔkwan bɛn so na ahwɛfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no di kan wɔ susuw a wosusuw wɔn a wɔn mfe akɔ anim ho no mu? Wɔ bere ne bere mu no, wobetumi de wɔn ahiade ahorow aka nneɛma a wosusuw ho wɔ wɔn nhyiam horow ase no ho. Bere a wohia mmoa pɔtee bi no, wobetumi ayɛ nhyehyɛe ma wɔde ama. Ebia ɛnyɛ wɔn ankasa na wɔbɛhwɛ wɔn, efisɛ ɛtaa yɛ nea afoforo pii a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ saa—a mmofra nso ka ho no—wɔ asafo no mu a wobetumi aboa. Nanso, wobetumi ahwɛ hwɛ a wɔbɛhwɛ wɔn no so kɛse, ebia denam onuabarima bi a wɔbɛpaw no ma wahwɛ eyi yɛ so no so.
11. Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo betumi ahu wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ahiade ahorow?
11 Salomo tuu fo sɛ: “Ɛsɛ sɛ wuhu sɛnea wo nguan ho te ankasa.” (Mmebusɛm 27:23, NW) Enti ahwɛfo ankasa betumi akɔsra wɔn a wɔn mfe akɔ anim no sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu ɔkwan a eye a wɔbɛfa so ama ‘wɔn hia ahia wɔn bi.’ (Romafo 12:13) Ɔhwɛfo kwantufo bi ka no sɛɛ se: “Wɔn a wɔn mfe akɔ anim no mu binom taa de wɔn ho kɛse na enye sɛ wubebisa wɔn sɛ, dɛn na ehia sɛ meyɛ. Eye sɛ wubehu nea ehia sɛ woyɛ na wokɔ so yɛ!” Wɔ Japan no, ahwɛfo bi hui sɛ ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani kũ onuawa bi a wadi mfe 80 no ho kɛse. Wɔbɔ amanneɛ sɛ: “Mprempren yɛhwɛ hu sɛ yɛbɛma obi ne no adi nkitaho mprenu da biara, anɔpa ne anadwo, denam nsrahwɛ anaasɛ telefon so.”—Fa toto Mateo 25:26 ho.
12. (a) Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo betumi ahwɛ ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim no anya asafo no nhyiam ahorow no mu mfaso? (b) Ade pa bɛn na wobetumi de kasɛt a Asafo ti no ayɛ no ayɛ?
12 Ahwɛfo susuw mfaso a wɔn a wɔn mfe akɔ anim no benya afi asafo nhyiam ahorow no mu nso ho. (Hebrifo 10:24, 25) So ɛho hia sɛ wɔde kar kɔfa wɔn? So ebinom ntumi ‘ntie na wɔate’ nhyiam horow no ase esiane sɛ wontumi nte asɛm yiye nti? (Mateo 15:10) Ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wɔbɛma wɔn afiri a wɔde hyɛ wɔn ti de tie asɛm. Saa ara nso na mprempren asafo ahorow pii ma wotie wɔn nhyiam no denam telefon so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔyare betumi atie wɔ fie. Afoforo kyere dwumadi no gu kasɛt so ma wɔn a wɔyare dodo sɛ wɔbɛba no—wɔ nsɛm ahorow bi mu no, wɔwɔ afiri a wɔde kyere nsɛm gu hama so ma wɔn. Na ɛdefa afiri a wɔde kyere nsɛm gu hama so ho no, ɔpanyin bi a ɔwɔ Germany kae sɛ: “Makɔsra wɔn a wɔn mfe akɔ anim no mu pii a wɔtra television anim na wɔhwɛ ɛso dwumadi ahorow a ɛyɛ den sɛ wobetumi aka ho asɛm sɛ ɛhyɛ obi den wɔ honhom mu.” Dɛn nti na wonhyɛ wɔn nkuran ma wontie kasɛt ahorow a Asafo ti no ayɛ te sɛ nea Ahenni nnwom ne Bible akenkan wɔ so no mmom?
13. Ɔkwan bɛn so na wobetumi aboa wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ma wɔakɔ so ayɛ Ahenni adawurubɔfo?
13 Asafo no mufo a wɔn mfe akɔ anim no mu binom abɛyɛ nnipa a wɔntaa nkɔ asɛnka anaasɛ wɔayɛ mmerɛw. Nanso ɛnyɛ nea mfe a obi adi no siw no kwan ankasa sɛ ɔbɛka “ahenni no ho asɛmpa.” (Mateo 24:14) Ebia ebinom begye nsa a wɔto frɛ wɔn sɛ wɔne wo mmɛyɛ adwuma wɔ asɛnka mu no so. Ebia wubetumi asan akanyan anigye a wɔwɔ wɔ asɛnka ho no bio denam asɛnka mu osuahu ahorow a wobɛka ho asɛm akyerɛ wɔn no so. Sɛ atrapoe a wɔbɛforo haw wɔn a, yɛ nhyehyɛe na moayɛ adwuma wɔ adan a afiri a wɔde foro abansoro wom mu anaasɛ mmeae ahorow a wɔmforo atrapoe wɔ hɔ. Adawurubɔfo binom nso betumi de wɔn a wɔn mfe akɔ anim no aka wɔn ho akɔyɛ Bible adesua—anaasɛ wobetumi ayɛ adesua no wɔ nea ne mfe akɔ anim no fi.
14 ne adaka no. (a) Dɛn na mpanyimfo no betumi ayɛ sɛ onua bi a ne mfe akɔ anim no ho kyere no wɔ sika fam a? (b) Ɔkwan bɛn so na asafo ahorow bi adi adawurubɔfo a wɔn mfe akɔ anim no ahiade ahorow ho dwuma?
14 ‘Sika yɛ ahobammɔ.’ (Ɔsɛnkafo 7:12) Nanso anuanom a wɔn mfe akɔ anim no pii hyia sika fam ahokyere kɛse na wonni abusuafo a wɔbɛpɛ sɛ wɔboa wɔn. Nanso ankorankoro a wɔwɔ asafo no mu no ani taa gye sɛ wɔbɛboa bere a wɔma wohu eyi no. (Yakobo 2:15-17) Mpanyimfo no betumi ahwehwɛ aban no anaasɛ asetra mu mmoa, ahobammɔ ho sika, sika a wotua ma wɔn a onyin ama wɔagyae adwumayɛ ne nea ɛkeka ho a ɛwɔ hɔ no mu. Nanso wɔ aman bi so no, ɛyɛ den sɛ wobenya mmoa a ɛte sɛɛ na ebia biribiara nni hɔ a wobetumi ayɛ sen sɛ wobedi nhwɛso a wɔaka ho asɛm wɔ 1 Timoteo ti 5 no akyi na wɔayɛ nhyehyɛe ama asafo mũ no nyinaa aboa. (Hwɛ Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Awie Yɛn Som, nkratafa 122-3.)
Adawurubɔfo a wɔwɔ Nigeria no de honam fam akyɛde ahorow boaa daa ɔkwampaefo bi a wadi mfe 82 ne ne yere daa. Bere a aban no yɛɛ nhyehyɛe sɛ wobebubu ɔdan a wɔte mu no agu akyi no, asafo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ wontu nkɔtra ɔdan bi a wɔasi aka Ahenni Asa no ho no mu nkosi sɛ wobetumi ayɛ dabere foforo ho nhyehyɛe.
Wɔ Brazil no, asafo bi faa ɔyarehwɛfo bi a ɔbɛhwɛ awarefo bi a wɔn mfe akɔ anim. Bere koro no ara mu no, wɔpaw onuawa bi a na obesiesie wɔn fi, anoa aduan ama wɔn, na wadi wɔn honam fam ahiade afoforo ho dwuma. Ɔsram biara asafo no yi sika a wɔde bɛhwɛ wɔn to hɔ.
15. (a) So mmoa a asafo no betumi de ama no mu wɔ anohyeto ahorow? (b) Ɔkwan bɛn so na afotu a ɛwɔ Luka 11:34 no betumi ayɛ nea ɛfata ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim no mu binom a wɔhwehwɛ nneɛma pii dodo no?
15 Sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan no mu no, wɔyɛ nsiesiei a ɛte sɛɛ ma wɔn a wɔfata a wohia eyinom ampa no. Ɛnyɛ nea wɔhyɛ ahwɛfo sɛ wonni nneɛma a wobisa ma ɛtra so anaasɛ hwehwɛ a wɔhwɛhwɛ sɛ wɔbɛma wɔn ani aku wɔn ho kɛse a ntease biara nnim no ho dwuma. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no nso ma ‘wɔn aniwa yɛ nea eye.’—Luka 11:34.
Sɛ Ankorankoro No, Momma Mo Ani Nkũ Wɔn Ahiade Ho
16, 17. (a) Dɛn nti na ɛho hia sɛ afoforo a wɔnyɛ mpanyimfo bɛkyerɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ho anigye? (b) Ɔkwan bɛn so na adawurubɔfo a wonni adagyew no ‘bɛtɔ bere’ ama wɔn a wɔn mfe akɔ anim no?
16 Wɔ bere bi a atwam mu no, wogyee onuawa bi a ne mfe akɔ anim no too ayaresabea. Ná aduan pa a onnya nni nti na ɔyare no. Ɔpanyin bi kyerɛwee sɛ: “Sɛ na asafo no mufo pii kyerɛ ne ho anigye a, anka ebia eyi remma saa.” Yiw, ɛnyɛ mpanyimfo nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ho anigye. Paulo kae sɛ: “Yɛyeyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa.”—Efesofo 4:25.
17 Akyinnye biara nni ho sɛ asɛyɛde a mo mu binom ankasa wɔ no ama mo ho akyere mo dedaw. Nanso ‘nhwɛ wo nko ade.’ (Filipifo 2:4) Ɛdenam nhyehyɛe a w’ankasa wobɛyɛ so no, mpɛn pii wubetumi ‘atɔ bere.’ (Efesofo 5:16, NW) Sɛ nhwɛso no, so wubetumi akɔsra obi a ne mfe akɔ anim bere a woapɔn asɛnka akyi no? Adapɛn no mu nna no yɛ bere a ebinom taa yɛ ankonam. Mmofra nso betumi akɔsra wɔn a wɔn mfe akɔ anim no na wɔayɛ nnwuma ama wɔn. Onuawa bi a abofra bi boaa no bɔɔ mpae sɛ: “Meda wo ase Yehowa, wɔ Onua John ho. Hwɛ sɛnea ɔyɛ onipa pa.”
18. (a) Dɛn nti na ɛtɔ bere bi a, nkɔmmɔ a ebia wɔne wɔn a wɔn mfe akɔ anim no bɛbɔ no betumi ayɛ nea ɛyɛ den? (b) Ɔkwan bɛn so na obi betumi ama nsrahwɛ anaasɛ nkɔmmɔ a ɔne obi a ne mfe akɔ anim bɛbɔ no bɛyɛ nea ɛhyɛ wɔn ho wɔn ho den?
18 Wɔ nhyiam ase no, so wukyia wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ara kwa? Yegye tom sɛ ebetumi ayɛ den sɛ wo ne obi a ɔnte asɛm yiye anaasɛ ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛkyerɛ n’adwene wɔ nsɛm ho no bɛbɔ nkɔmmɔ. Na esiane sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ahoɔden a ɛso tew no ma wɔn tebea no mu yɛ den nti, ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔwɔ anigye. Nanso, “boasetɔ honhom ye.” (Ɔsɛnkafo 7:8) Ɛdenam mmɔdenbɔ kakraa bi so no, mubetumi ‘ahyehyɛ mo ho mo ho nkuran’ ankasa. (Romafo 1:12) Bɔ mmɔden sɛ wobɛka asɛnka mu osuahu bi akyerɛ. Ka asɛntitiriw bi a woakenkan wɔ Ɔwɛn-Aban anaasɛ Nyan! no mu kyerɛ. Anaa, sɛ nea eye kɛse no, tie wɔn. (Fa toto Hiob 32:7 ho.) Wɔn a wɔn mfe akɔ anim no wɔ pii a wɔbɛka akyerɛ wo, sɛ woma kwan a. Opanyin biako gye toom sɛ: “Saa onuabarima a ne mfe akɔ anim a mekɔsraa no no boaa me kɛse.”
19. (a) Wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ho a yesusuw no trɛw ka henanom? (b) Akwan horow bɛn so na yebetumi aboa mmusua a wɔhwɛ awofo a wɔn mfe akɔ anim no?
19 So ɛnsɛ sɛ wotrɛw wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ho a wususuw no mu ma ebi ka mmusua a wɔhwɛ wɔn no? Awarefo bi a wɔrehwɛ wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim no bɔɔ amanneɛ sɛ: “’Sɛ anka wɔbɛhyɛ yɛn nkuran mmom no, asafo no mufo binom kasa tia yɛn kɛse. Onuawa biako kae sɛ: ‘Sɛ mokɔ so ma nhyiam ahorow pa mo ti so a, mobɛyare wɔ honhom mu!’ Nanso na ɔmpɛ sɛ ɔbɛyɛ biribiara de aboa yɛn na ama yɛatumi anya nhyiam mu kyɛfa pii.” Nea ebu abam saa ara nso ne bɔhyɛ hunu te sɛ, sɛ wuhia mmoa a ma minhu. Mpɛn pii eyi te sɛ ka a woka sɛ “Mo ho nyɛ mo hyew na mommee!’ (Yakobo 2:16) Hwɛ sɛnea eye kɛse sɛ wobɛyɛ nea wususuw no ho biribi! Awarefo bi bɔ amanneɛ sɛ: “Yɛn nnamfo ayɛ nneɛma pa pii na wɔaboa yɛn! Ebinom hwɛ Mama nna bi sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ahome wɔ bere ne bere mu. Afoforo de no ka wɔn ho kɔyɛ Bible adesua. Na ɛhyɛ yɛn nkuran ankasa bere a afoforo bisa sɛnea ne ho te no.”
20, 21. Dɛn na wɔn a wɔn mfe akɔ anim no betumi ayɛ de aboa wɔn a wɔhwɛ wɔn no?
20 Mpɛn pii wɔhwɛ yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no yiye. Nanso, dɛn na Adansefo a wɔn mfe akɔ anim no ankasa betumi ayɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde anigye bɛyɛ adwuma a ɛte saa no na ɛnyɛ ahomegu? (Fa toto Hebrifo 13:17 ho.) Mommoa nhyehyɛe a mpanyimfo no yɛ de hwɛ mo no. Momfa aseda mma na monkyerɛ anisɔ wɔ ayamye nnwuma biara a wɔyɛ no ho na munkwati bisa a mubebisa nneɛma pii anaasɛ kasa a mobɛkasa atia afoforo kɛse no. Na ɛwom sɛ nkwakoraaberem yaw no yɛ paara de, nanso mommɔ mmɔden sɛ mobɛda su a ɛyɛ anigye na eye adi.—Mmebusɛm 15:13.
21 Wɔte sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no pii ka sɛ, ‘Anuanom no ye. Sɛ ɛnyɛ wɔn a, anka minnim nea mɛyɛ.’ Nanso wɔn a wɔn mfe akɔ anim no a wɔbɛhwɛ wɔn no ho asɛyɛde no da wɔ mma so titiriw. Dɛn na ɛka eyi ho na ɔkwan bɛn so na wobetumi adi eyi ho dwuma?
[Ase hɔ asɛm]
a Leviticus 27:1-7, NW ka nnipa a ‘wɔde wɔn ama’ sɛ asɔrefi hɔ adwumayɛfo (denam ntamka so) a wobegye wɔn no ho asɛm. Agyede no bo gyina mfe a obi adi no so. Sɛ obi adi mfe 60 a, agyede no bo ba fam kɛse efisɛ ɛda adi sɛ na wɔte nka sɛ obi a wanyin saa no rentumi nyɛ adwuma denneennen te sɛ obi a onnyinii. The Encyclopedia Judaica kɔ so ka sɛ: “Sɛnea Talmud kyerɛ no, nkwakoraabere . . . fi ase wɔ 60.”
So Wokae?
◻ Nsiesiei ahorow bɛn na wɔyɛe wɔ afeha a edi kan no mu maa akunafo a wɔn mfe akɔ anim no?
◻ Ɔkwan bɛn so na ahwɛfo betumi ayɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim wɔ asafo no mu a wɔbɛhwɛ wɔn no ho nhyehyɛe?
◻ Ɔkwan bɛn so na ankorankoro a wɔwɔ asafo no mu betumi akyerɛ anuanom a wɔn mfe akɔ anim no ho anigye?
◻ Dɛn na wɔn a wɔn mfe akɔ anim no betumi ayɛ de aboa wɔn a wɔhwɛ wɔn no?
[Adaka wɔ kratafa 11]
Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim a Wɔbɛboa Wɔn—Nea Ebinom Reyɛ
Asafo bi a ɛwɔ Brazil huu ɔkwan a eye a wɔbɛfa so adi onua bi a ɔte bɛn wɔn Ahenni Asa no honam fam ahiade ho dwuma: Na wɔma nhoma mu adesua kuw a wɔapaw wɔn sɛ wonkosiesie asa no so no siesie ne fie nso.
Asafo foforo a ɛwɔ hɔ huu ɔkwantiaa bi a wɔbɛfa so ma wɔakɔ so ama onua bi a ɔyare no akɔ so anya kyɛfa wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu. Sɛ edu bere a ɛsɛ sɛ ɔma ɔkasa bi a, wɔpaw onua biako ma ɔfa adawurubɔfo baanu anaasɛ baasa ka ne ho ma wɔkɔsra onua no. Wɔde mpaebɔ bue nhyiam tiawa bi ano na onua no ma ne kasa no. Wɔde afotu a ɛho hia ma. Nkuranhyɛ a nsrahwɛ yi da adi sɛ ɛyɛ bɛn ara ni!
Ahwɛfo akwantufo ayɛ nhwɛso pa wɔ di a wodi kan no mu. Wɔ asafo bi mu no, onua bi a ne mfe akɔ anim a na ɔyɛ obubuafo no bo fuwii kɛse na esiane eyi nti na wɔntaa nkɔsra no. Nanso, ɔhwɛfo kwantufo bi yɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛkɔ akoyi mfonini akyerɛ onua no wɔ fie. Nea onua a ne mfe akɔ anim no hui no ma osui. Ɔhwɛfo kwantufo no ka sɛ: “Metee nka sɛ me koma atɔ me yam kɛse bere a mihui sɛ ade a ɛte sɛɛ tumi fii ani a wɔma eku obi ho kakra ne ɔdɔ mu bae no.”
Mpanyimfo bi a wɔwɔ Nigeria kɔsraa onua bi a ne mfe akɔ anim na wohui sɛ ɔyare denneennen. Wɔde no kɔɔ ayaresabea ntɛm ara. Wohui sɛ onua a ne mfe akɔ anim no hia ayaresa a ne bo yɛ den nanso wantumi antua ho ka. Bere a wɔbɔɔ asafo no amanneɛ wɔ nea na ohia no ho no, adawurubɔfo no yii sika a ɛdɔɔso a ebetumi atua ne ho ka no. Na anuanom baanu de wɔn kar kɔfa no kɔ ayaresabea san de no ba fie, ɛwom sɛ na eyi hwehwɛ sɛ wɔde bere a wɔde yɛ adwuma no bi yɛ saa de. Nanso, wɔn ani gyei bere a wohui sɛ onua no yare no agyae na ɔyɛɛ akwampaefo boafo adwuma kosii sɛ owui wɔ mfe anan akyi no.
Wɔ Philippines no, na onuawa bi a ne mfe akɔ anim nni abusua. Asafo no yɛɛ nhyehyɛe a na ɛbɛma wɔahwɛ no wɔ mfe abiɛsa a ɔde yaree no mu. Wɔmaa no ofi ketewaa bi a ɔbɛtra mu, wɔde aduan kɔmaa no da biara na wosiesiee ne fi hɔ maa no.
[Adaka wɔ kratafa 13]
“Hena na ɔrenhu eyi nyinaa mu sɛ [Yehowa] nsa na ɛyɛɛ eyi? Ne nsam na ɔteasefo biara kra wɔ, ne adesamma nyinaa ahonhom. So ɛnyɛ asõ na ɛsɔ nsɛm hwɛ, na dodom nso ka aduan hwɛ? Nkwakora mu na nyansa wɔ, na onyinkyɛ ma nhumu. Ɔno nkyɛn na nyansa ne mmaninne wɔ, ɔno na afotu ne nhumu wɔ no. Hwɛ, oburuw, na wɔrento, ɔto onipa mu, na wɔremmue. Hwɛ, osianka nsu ma ɛyow, nanso ogyaa mu ma ebutuw asase.”—Hiob 12:9-15.
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Yɛn nyinaa bɛtumi anya wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ asafo no mu a wobedi wɔn ni no mu kyɛfa