Yɛn “Mmere A Emu Yɛ Den” Yi—Ɛka W’abusua No Dɛn?
“Ɛmfa ho sɛnea ɛba fam no, baabiara nni hɔ a ɛte sɛ fie.”
SAA na nnwom kyerɛwfo John Howard Payne kyerɛwee. Nanso ɛno yɛ mfirihyia 160 a atwam ni. Wɔ ɛnnɛ wiase no mu no ade foforo na aba. “Ofie de fie” a wɔka no nte saa bio efisɛ mpɛn pii ɛhɔ te sɛ akono. Ɔdɔ ne tema ankasa a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan wɔ abusua no mu no yɛ nea enni afie pii mu. Dɛn ntia? So biribi wɔ hɔ a ɛyɛ soronko wɔ yɛn bere yi mu abusua mu ɔhaw ahorow a ɛte sɛɛ ho?
Afeha A Ɛto So 20 Abusua No
Wɔ mfehaha a atwam no mu no na abusua no taa yɛ nea ɛma ne sikasɛm nhyehyɛe nya nkɔso. Ɛne sɛ, wɔn nyinaa—awofo ne mma—bom si dan, wɔbom yɛ wɔn dan mu nneɛma, wɔbom yɛ afuw na wɔbom hwɛ wɔn mmoakuw. (Genesis 37:2; Mmebusɛm 31:16) Nanso bere a mfiridwuma ho nimdeɛ bae pɛ na nneɛma sakrae.
Ne titiriw no, bere a Apuei Fam aman no de wɔn ho hyɛɛ mfiridwuma mu kɛse no, mmusua pii tu kɔɔ nkurow akɛse mu kɔhwehwɛɛ adwuma. Afei na ɛsɛ sɛ nkurɔfo fi fie kɔ adwuma da biara. Mmusua horow no annya bere pii ammom anyɛ ade bio. Nneɛma ahorow te sɛ ntama ne dan mu nneɛma a na wɔn ankasa yɛ no bɛyɛɛ nea afei de wɔtɔ. Na sɛnea nhoma The Family, Society, and the Individual kyerɛ no:
“Sɛnea ebia wɔbɛhwɛ kwan no, nsakrae horow yi akã ofie asetra kɛse. Abusua no nyɛ biribi a ɛma ne sikasɛm nhyehyɛe nya nkɔso bio. Efi bere a wɔhyɛɛ sukuukɔ ne mmofra adwuma ho mmara ahorow no, mmofra abɛyɛ sikasɛm mu adesoa mmom sen sɛ wobenya wɔn ho mfaso.” Eyi kaa mmofra ntetee dɛn? “Sɛnea tete agyanom abusuakuw te no sakrae, na nteɛso ne obu ma tumidi ammɛyɛ abrabɔ pa tweatibo titiriw bio.”
Nsakrae ahorow yi ayɛ nea ɛda nsow, na wɔ nsɛm bi mu no ayɛ nea ɛkyerɛ ɔhaw kɛse ma afeha a ɛto so 20 abusua no. Na eyi nyɛ ɔhaw a ɛfa Apuei Fam wiase no nkutoo ho. Atubrasɛm ne mfiridwuma ho nimdeɛ a edii akyi bae asɛe adwuma a tete abusua no yɛ no wɔ nea wɔfrɛ no Wiase a Ɛto So Abiɛsa no mpo mu. Wɔ tebea horow bi mu no ɔyerenom adi yaw wɔ bu a wommu wɔn sɛ ahokafo no ho. Enti Afrikani a ɔyɛ ɔyere bi kae sɛ: “Dɛn nti na mmarima gyaw yɛn ma yɛsoa nnosoa”? Mekɔ afum a asɔw da me kɔn ho na abofra hyɛ m’akyi. Bere a ɔnso hwee. Afei mesan ba a asɔw no da me kɔn ho, abofra no hyɛ m’akyi a ade a wɔde saw nsu kɛse si me ti so. Bere a ɔnsoa adesoa no mu biara bi. Ɔde sika no nom nsa a ɛnyɛ sɛ ɔde hwɛ yɛn anaa mmofra no. Yɛne no na ɛyɛ adwuma no, anaasɛ yɛyɛ mu fã kɛse no ara, nanso ɔfa sika no nyinaa na ɔka kyerɛ yɛn sɛ ɛyɛ ne de—ne sɛ ɔno na onyae. Ɛyɛ aniberesɛm.”
Biribi foforo nso akã afeha a ɛto so 20 abusua no a wonhuu bi da wɔ abakɔsɛm mu—television. Wobu akontaa sɛ enkodu bere a abofra bedi mfirihyia 18 no na ɔde nnɔnhwerew bɛyɛ 15,000 ahwɛ television, bere a nnɔnhwerew bɛyɛ 11,000 na na wadi wɔ sukuu dan mu no. Enkodu bere a Amerikani abofra bedi mfirihyia 14 no na wahwɛ nnipa bɛyɛ 18,000 a wɔakunkum wɔn wɔ TV so. Dɛn na eyi de aba? Nhoma Childstress! a M. S. Miller kyerɛwee no ma mmuae sɛ: “Adwene ho abenfo ne atemmufo pii kyerɛ sɛ television na ɛde basabasayɛ a mmofra suasua no aba. Bere a abofra bi a wadi mfirihyia akron de mmofra tuo a wɔde di agoru siw New York City sikakorabea bi ano a ɔregye dɔla ɔha biako no, ɔkae sɛ efisɛ ‘Mihu sɛ nkurɔfo yɛ saa wɔ TV so.’” The Family Coordinator nsɛmma nhoma no de ka ho sɛ: “Bere a nya a eyi nya tumi wɔ abofra no so tẽe no yɛ nea wontumi mfi osuahu mu nsi so dua nwie no, ɛda adi sɛ wɔda abrabɔ ahorow adi wɔ so a akyinnye biara nni ho sɛ ebenya tumi bi wɔ abofra no mprempren ne akyiri yi abrabɔ so.”
Akyinnye biara nni ho sɛ afeha a ɛto so 20 abusua no ahu asetra mu tebea horow a ɛyɛ soronko, nea ɛda nsow a ɛde no aba ahokyere ne ɔhaw ahorow a wonhuu bi da wɔ nnipa abakɔsɛm mu mu. Nanso so eyi de abusua mu ɔhaw ahorow aba ankasa a edi adanse sɛ yɛte “nna a edi akyiri” mu?
Ɔsomafo Paulo ka too hɔ wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so sɛ nea ɛbɛhyɛ “nna a edi akyiri” no agyirae ne “mmere a emu yɛ den.”a “Mmere a emu yɛ den” yi bɛka abusua asetra dɛn? Paulo bua sɛ: “Nnipa bɛyɛ awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ.”—2 Timoteo 3:1-3.
‘Awofo Asɛm Ho Asoɔden’
Mmofra yɛ wɔn awofo honam ne wɔn mogya na wɔde awofo yi nhyira ahorow pii a wobenya ho ka. Ɛyɛ asɛm a ɛyɛ hu bere a mmofra mfa obu, nidi ne ɔhwɛ a ɛfata awofo mma wɔn no. Sɛnea Bible suani bi ka no:
“Ɛyɛ anibuei a ɛrekɔ fam kɛse ho sɛnkyerɛnne bere a abofra nni obu biara mma ɔpanyin na onnye ka a ɔde wɔn a wɔmaa no nkwa ne asɛyɛde titiriw a ɔwɔ wɔ wɔn ho no ntom no.” So saa na ɛte wɔ afeha a ɛto so 20 mmusua ahorow no fam”?
Bere a ɛna biako reka atua a mmofra tew tia awofo ho adanse kɛse biako—ɔwofo a wɔhwe no—ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Misuro m’ankasa me ba no.” Bere bi a ɛna yi babarima a wadi mfe 17 bo afuw no, ɔbɔɔ ne na twɛre maa n’abasa huanee. Basabasayɛ a wɔde tia awofo yi abu so dɛn? Ɛrebɔ nea efii nhwehwɛmu a ɛfa abusua mu basabasayɛ wɔ United States mu bae ho amanneɛ no, nhoma Behind Closed Doors no kae sɛ: “Mmofra baasa a wɔadi fi mfe abiɛsa kosi dunson biara mu biako hwe wɔn awofonom afe biara.” So ɛnyɛ animtiaabu kɛse bere a abofra ma ne nsa so bɔ n’awofo no?—Fa toto Efesofo 6:1-3 ho.
Mmofra retew atua atia wɔn awofo wɔ akwan a ano yɛ mmerɛw kakra so nso. Wɔ 1960 mfe no mu no na ɛyɛ ɔkwan a wɔfa so siesie wɔn ho te sɛ hippifo ne ti nhwi atenten. Nanso bere a mpanyimfo suasuaa saa nneyɛe no, ɛmaa mmofra nyaa akwan afoforo a wɔbɛfa so atew atua. Childstress! nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔ nea wɔyɛ nyinaa mu no, ɔkwan a wɔfa so tew atua no mu ba bɛyɛ den—nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so, asanom, sukuu a wɔnkɔ ne guan a woguan fi fie. Sɛnea nananom mpanyimfo awo ntoatoaso no mufo ka no, ‘Merempɛ sɛ mɛyɛn mmofra wɔ saa bere yi mu.’”
Ɛnyɛ mmofra nkumaa nko na wɔmfa ɔdɔ ne obu a ɛfata wɔn awofo no mma. Kuw foforo nso wɔ hɔ—mpanyimfo a wɔyɛ nkwakora ne mmerewa ayayade. Wɔ ɔkwan bɛn so? Psychology Today kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔn a wɔn mfe akɔ anim ayayade no betumi ayɛ ɔhwe, nsisi (awofo sika a wɔasie a wɔde nsa to so) , ani a wobu gu wɔn so (aduan a wɔmma wɔn anaa hwɛ a wɔnhwɛ wɔn yare) anaa adwene mu de (nsɛm a ɛmfata a wɔka kyerɛ wɔn) . Atirimɔdenfo yi taa hunahuna wɔn awofonom no nso sɛ, sɛ wɔka ayayade no ho asɛm a wɔde wɔn bɛkɔ akɔto abɔnten anaa wɔde wɔn bɛkɔ abɔdamfo atrae anaa baabi a ɛte saa.”
Ɛyɛ awerɛhow kɛse sɛ mma a wɔanyinyin pii nte nka sɛ wɔwɔ asɛyɛde bi wɔ wɔn awofo a wɔanyinyin no ho. Sɛ nhwɛso no, F. Ivan Nye kae wɔ Journal of Marriage and the family mu sɛ: “Anoyifo no pii [wɔ nhwehwɛmu yi mu] hu asɛyɛde a wɔwɔ sɛ wɔne abusuafo bedi nkitaho na wɔaboa wɔ sikasɛm mu ahokyere mu, nanso wɔn a wɔn dodow boro ɔha biara mu 30 annye antom sɛ asɛyɛde a ɛte sɛɛ (sikasɛm) wɔ hɔ na wɔn a wɔn dodow nnu ɔha biara mu 40, mmarima ne mmea, kasa tiaa afoforo a wonni asɛyɛde yi ho dwuma no denneennen.” Eyi maa Nye kae sɛ “abusuabɔ reyera afi gyinapɛn a wɔde asi hɔ no ho na ebetumi abɛyɛ” abusua nhyehyɛe a wɔyɛ nea wɔpɛ wom. So eyi nyɛ “anibuei a ɛrekɔ fam kɛse ho sɛnkyerɛnne”?—Fa toto 1 Timoteo 5:3-8 ho.
Ɛnyɛ mmofra nyinaa na wɔpow awofo tumidi. Nanso nsɛm a ɛfa atua a mmofra tew tia wɔn awofonom ho no dɔɔso kɛse ma edi adanse a akyinnye biara nni ho sɛ nea ɔsomafo Paulo ka too hɔ no reba mu nnɛ: “Nnipa bɛyɛ awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn.”
“Wɔn A Wonni Dɔ”
Ɛnyɛ mmofra nko na mmere a “emu yɛ den” yi akã wɔn. Paulo ka too hɔ nso sɛ: “Nnipa bɛyɛ . . . wɔn a wonni dɔ.”—2 Timoteo 3:2, 3.
Ɛyɛ ade a ɛda hɔ sɛ wobɛhwɛ kwan sɛ w’abusua no bɛyɛ nea ɛde mmoa ma sen biara. Ɛsɛ sɛ “ofie de fie” a wɔka no ma wonya ɔdɔ—ɔdɔ ma wo hokafo ne wo mma. Nanso, ɔsomafo Paulo kae sɛ ‘ɔdɔ a wonni’b bɛhyɛ “nna a edi akyiri” no agyirae. Na ampa wɔ nsɛm pii mu no ‘ofie nnyɛ fie’ bio. Ɔkwan bɛn so?
Wɔ asɛm a ɛdi kan no mu no yehuu sɛnea ɔdɔ a wonni koraa abu so a ɛne—ɔyere ayayadeyɛ. Ampa, ɔyere biara nni hɔ a eye sɛ wɔde nan anaa twɛre bɛbɔ no anaasɛ wɔbɛyɛ no ayayade wɔ ɔkwan foforo biara so. Hwɛ sɛnea Kyerɛwnsɛm mu afotu ma okununom sɛ wɔnnɔ wɔn yerenom “sɛ wɔn ankasa nipadua” no ne eyi nhyia koraa! Ɛno ne nea wɔbɛhwɛ kwan. Ɔyere a wɔhwe no nye!—Efesofo 5:28-33.
Ebia nea ɛyɛ nwonwa kɛse mpo ne nsɛm ahorow pii a wɔbɔ ho amanneɛ a ɛfa okununom a wɔhwe wɔn ho no. Wɔ okunu biako bi fam no, “na bere biara ne ho baabi aworɔw anaa kutwa wɔ hɔ” a ɛyɛ ne yere “ateɛteɛ ne nkekaw mu ne ayayade ankasa a ɔyɛ no” nti. Asetra ho nsɛm ho abenfo bi bu akontaa sɛ wɔ United States nkutoo no, mmarima bɛyɛ 282,000 yerenom hwe wɔn afe biara. So eyi nso nyɛ nhwɛso a ɛyɛ ahobow a. ɛfa ɔdɔ a enni afeha a ɛto so 20 mmusua pii mu no ho?—Fa toto Efesofo 5:22-24, 33 ho.
Ɛmfa ho sɛnea amanneɛbɔ ahorow yi yɛ awerɛhow no, nea ɛka koma kɛse mpo ne amanneɛbɔ ahorow a ɛfa mmofra ayayade a ɛrekɔ so ho no. Ɛnyɛ nwonwa koraa sɛ wobɛkenkan nsɛm te sɛ nea edidi so yi:
“Abofra a wɔyɛɛ no ayayade, wanyin, ɔka kutwa ahorow ho asɛm.”
“Ɔbea Gye Tom sɛ Ɔde Ne Mma Baanan Guu Nsu mu ma Wowuwui Bere a Wɔada.”
“Mmofra a wɔyɛ wɔn ayayade, dodow a wowuwu kɔ soro wɔ Denver.”
“Mmofra a Wobu Ani Gu Wɔn So ‘Sɛe Britaniafo Ɔdɔ Su.’”
Yɛrenka nea ɛyɛ ahobow kɛse no ho asɛm. Mmofra a wɔyɛ wɔn ayayade yi rekɔ so kɛse dɛn? Ɛrebɔ amanneɛ wɔ nhwehwɛmu a ɛfa abusua mu basabasayɛ ho no, nhoma Behind Closed Doors no buu akontaa sɛ “efi mmofra bɛyɛ ɔpepem 3.1 kosi ɔpepem 4 [wɔ United States] yɛ wɔn a awofo de wɔn nan abɔ wɔn, wɔaka wɔn anaa wɔde twɛre abɔ wɔn wɔ bere bi mu wɔ wɔn asetra mu; . . . mmofra a wɔn dodow fi bɛyɛ 900,000 kosi ɔpepem 1.8 a wɔadi fi mfe abiɛsa kosi dunsɔn yɛ wɔn a wɔn awofo atwe tuo anaa sekan wɔ wɔn so wɔ bere bi mu.”
Bere a ɛyɛ nokware sɛ mmofra, titiriw mmotafowa, nnim hwee na ɛtɔ bere bi a wɔhaw adwene no, ɛyɛ ampa sɛ ɛmfata sɛ wɔbɛyɛ abofra biara ayayade—wɔ nipadua mu, adwene mu anaa wɔ ɔkwan foforo biara so. Na mpo sɛnea Bible ka no: “[Yehowa] agyapade ne mmabanin, na yafunu mu aba yɛ akatua.”—Dwom 127:3.
Akyinnye biara nni ho sɛ nhyɛso ne ɔhaw ahorow aba afeha a ɛto so 20 abusua no so a ebi mmae saa da wɔ nnipa abakɔsɛm mu. U.S. News and World Report se: “Dɛn nti na abusua mu ɔhaw ahorow akɔ soro? Ɔbenfo Bertrand New a ɔyɛ adwenemyare ho ɔdenimfo wɔ Westchester Medical Center—New York Medical College ka obi ankasa asetra ne sikasɛm mu nsanakyiri, asanom bebrebe ne ɔhaw akɛse a nnɛyi wiase no de ba, mmusua pii so no ho asɛm.”—Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.
Abusua mu ntawntawdi a ɛrekɔ so yi yɛ sɛnkyerɛnne ahorow a ɛbom a edi “nna a edi akyiri” no ho adanse no fã biako. Ɔwɛn-Aban ahorow a ɛbɛba akyiri yi bɛka Paulo asɛm ɔ ɛwɔ 2 Timoteo 3:1-5 no afã afoforo ho asɛm pii. Nanso ade biako da adi: Amanneɛbɔ ahorow a ɛfa atua a mmofra tew tia awofo tumidi ne ɔdɔ a ano adwo, sɛnea Paulo ka too hɔ no abu so kɛse a ebetumi ayɛ adanse a emu da hɔ pefee sɛ yɛte nneɛma nhyehyɛe yi “nna a edi akyiri” mu no fã.
Ampa, yɛte “mmere a emu yɛ den” mu. Nanso, ɛnsɛ sɛ “mmere a emu yɛ den” yi sɛe w’abusua no anigye. Yehowa Nyankopɔn de akwankyerɛ ahorow a eye ama wɔ Bible mu a sɛ wudi akyi a ɛbɛma wo abusua asetra ayɛ anigye mprempren mpo. Nea ɛsen saa no, sɛ wudi saa akwankyerɛ ahorow no akyi yiye a, ebia wɔbɛkan wode no aka mmusua ahorow a ɛyɛ anigye a ɛbɛtra ase daa wɔ Onyankopɔn trenee nhyehyɛe foforo a abɛn mprempren mu no ho.—2 Petro 3:13; Mmebusɛm 3:13-18.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔkyerɛ Hela asɛmfua ma “mmere a emu yɛ den” (chalepós) no ase sɛ “nea ɛyɛ hu” wɔ Mateo 8:28, NW, faako a wɔde ka mmarima baanu a wɔwɔ adaemone a wɔyɛ basabasa na wɔn ho yɛ hu kɛse ho asɛm no. Enti, “nna a edi akyiri” no bɛyɛ nea emu yɛ den a eyi hu kɛse.
b Hela asɛmfua storge no fa abusua ɔdɔ, ɔdɔ ma obi asefo ho. Nanso asɛmfua ma “wɔn a wonni dɔ” no ne ástorgos a ne nkyerɛase yɛ eyi abirabɔ—ɔdɔ ankasa a ɛsɛ sɛ abusua mufo nya ma wɔn ho a ɛsɛe.
[Kratafa 6 mfoni]
Ɔhwɛ nkurɔfo a wɔretow wɔn tuo, wɔrehwe wɔn, wɔrekum wɔn. Ɔkwan bɛn so na ɛka no?
Akwankyerɛ ahorow a ɛwɔ Bible mu a wɔde bedi dwuma betumi ama abusua asetra ayɛ anigye mprempren mpo