Ɔkasa Anwonwade no Sɛnea Yɛyɛ Nya
SO WO nsɛm asa pɛn? Mmere horow a ɛte saa ntaa mma efisɛ mpɛn pii na yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛka yɛn nsusuwii ne yɛn nkate ho asɛm akyerɛ afoforo. Ɔkasa ma yetumi yɛ saa. Ɔbenfo bi ka sɛ: “Sɛ ɔkasa nnim a nsusuwii rentumi nyɛ yiye.”
Ampa, wɔ mmoa mu no, abɔde ahorow bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkasa akyerɛ wɔn ho a wɔmmfa nsɛmfua nni dwuma: nnomaa su, agyata bobom, mpataa bi bɔ hwiremma, nnowa saw. Abɔde afoforo bi de nnyinahɔ ne ahokeka, sɛnea wɔso ade mu ne nnyigyei—pampan mpo—na edi dwuma sɛ akwan horow a wɔfa so di nkitaho. ‘Twe wo ho!’ ‘Hwɛ yiye!’ ‘Bra bɛka me ho!’ Eyinom yɛ mmoa nkrasɛm ahorow a emu da hɔ fann!
Nanso, mmoa nkitahodi sua koraa. Wɔ ɔkwan foforo so no, ɔkasa tumi ma nnipa ka biribiara a wohu anaasɛ wosusuw ho ho asɛm. Enti ntetee mu ɔbenfo Dennis Child kae sɛ: “Ɔkasa ne ɔdesani agyapade a ɛsen biara.” Nanso yɛyɛ dɛn nya saa akyɛde nwonwaso yi? Na ɔkwan bɛn so na awofo betumi aboa wɔn mma ma wɔanya emu nkɔanim?
Ɔkasa ne Amemene No
Ɔkwan a yɛfa so sua ɔkasa no ama abenfo ho adwiriw wɔn mfehaha pii. Nea ɛyɛ nwonwa no, mmofra nkumaa a wɔnnantewee na wontumi mma wɔn ankasa ho aduan no sua kasa a wonnim kasa mmara ahorow no na wonnyaa ntetee titiriw biara! Ɔkasa ho ɔbenfo Ronald A. Langacker kyerɛw sɛ: “[Abofra no] ho kokwaw . . . wɔ ɔkasa nhyehyɛe bi mu. Ogyina adanse bi a ɛnyɛ tee na ɛyɛ asinasin, ne wɔ mfe a ontumi nsusuw ade ho wɔ ntease ne nhwehwɛmu mu so na ɛyɛ saa.”
Enti nyansahufo pii gye di sɛ wɔde tumi a wɔwɔ sɛ wobesua kasa bi—ɛnyɛ kasa biako pɔtee bi—a ɛyɛ tumi a efi ase wɔ abofra mfitiase mfe no mu no wo.
Nanso nea edi kan no, abofra amemene no yɛ nea ennyinii koraa sɛ ebetumi asua ɔkasa mu nkɔanim yiye. Nokwarem no, eyi nsiw abotafowa bi kwan sɛ ɔbɛsɔ ahwɛ. Ampa, nhwehwɛmufo bi gye di sɛ abotafowa ketewaa bi ɔkasa a emu nna hɔ no yɛ kasasua fa.mmobɔso bi a akyiri yi ɔde bɛbobɔ nsɛmfua din. Bere a abofra no di apere wɔ ɛnne dwumadi ho no, na n’amemene no nso de ntɛmpɛ resiesie ne ho ama ɔkasa. Ɛwom sɛ sɛ wɔde toto ho a abofra nipadua no onyin ano brɛ ase wɔ mfe a edi hɔ ansa na wadi efi mfe 13 rekɔ no de, nanso bere a obedi mfe anum no na n’amemene no anya ne mu duru a ebenya bere a wayɛ ɔpanyin no ɔha biara mu 90. (Obedi mfe 12 no na anya emu duru a ebenya bere a wayɛ ɔpanyin no awie.) Ɛno kyerɛ sɛ asetra mfe anum a edi kan no yɛ adesua bere a ɛho hia yiye, titiriw abien a edi kan no.
Wɔ saa bere no mu no, ntini nketenkete nkwamoaa ɔpepepem pii a ɛwɔ amemene no nkatabo no mu no nyin na emu paapae na wɔka bom yɛ te sɛ ntontan a atõatõa mu pii. Wɔ asram 15 ne 24 mfinimfini mu hɔ no, amemene nkwammoaa no onyin a ɛba ntɛmntɛm a ɛyɛ nwonwa ba. Afei de amemene no asiesie ne ho sɛ ebedi ɔkasasua ho dwuma. Enti ɛho hia yiye sɛ wɔma abofra bi te ɔkasa saa mfe a edi kan no mu.
Nea ɛyɛ anigye no, Bible no ka aberantewaa Timoteo bi a wɔde Bible no kyerɛkyerɛɛ no “fi mmofraase” no ho asɛm.—2 Timoteo 3:15.
Mmofra a Wɔbɛboa Wɔn ma Wɔanya Wɔn Ɔkasa mu Nnamyɛ
Ɛnanom wɔ afã a ɛho hia wɔ abofra ɔkasasua mu. Ɛna a ɔhwɛ ade yiye behu ne ba sɛnkyerɛnne ahorow no na ɔbɛtaa ne ne ba no akasa, bere tenten ansa na ne ba no ate nea ɔka no ase. Nanso, na ɔreto fapim ama ɔkasa. Ɛrenkyɛ abofra no de n’ankasa nsɛmfua gye ne maame nsɛm no so. Nhwehwɛmufo M. I. Lisina se: “Emu da hɔ sɛ abofra ɔkasa nam nnipa a wɔatwa ne ho ahyia no a ɔne wɔn bɔ no so titiriw na ɛba.” Enti agyanom, nuanom, ne nnamfonom nso tumi nya abofra bi ɔkasasua mu kyɛfa denam nkɔmmɔbɔ, anansesɛm a wɔto, ne akenkan so.
Swedenni adwene ho ɔbenfo C. I. Sandstrom kɔɔ so kae sɛ mmofra a wɔyɛ ade kɛse wɔ kasasua mu no “nyaa wɔne mpanyimfo nkitahodi a eye. Mpɛn pii no na mmusua no bom didi anɔpa, na wɔma mmofra no kwan ma wonya nkɔmmɔbɔ no mu kyɛfa.” Nea ɛne no bɔ abira no, mmofra a wonnim kasa yiye no “nkutoo na na wɔtaa didi anɔpa” na “wɔannya nkɔmmɔbɔ no mu kyɛfa kɛse wɔ anwummere adidi ase.” Enti abusua nkabom wɔ adidibere mu no boa ɔkasasua.
Wo ba a wode no bepue nso ma wunya hokwan fɛfɛ a wode bɛma wanya nkɔso wɔ ne kasa mu denam nneɛma a wobɛkyerɛkyerɛ mu wɔ nsɛntiaa mu akyerɛ no so. Wone no mmom nhwɛ nhwiren, nhwɛ esa a ɔrewe ahahan, anaasɛ ananse a ɔrenwene ne ntontan. Fa wo ba no nsekuru a ɔyɛ n awo mu no di dwuma ma ɔntrɛw ne kasa mu. Ka mmoa a muhu wɔn wɔ mmoa turo mu, nworaa ne mmosea a ɛwɔ ɔkwan a monam so no. ne nnuan ahorow ahorow a mudi no ho asɛm. Nokwarem no. eyinom nyinaa gye bere ne ntoboase, nanso nea efi mu ba no ma ɛfata dɛn ara!
Awofo ahu mmoa foforo a ɛsom bo kɛse wɔ mmofra a wɔkyerɛkyerɛ wɔn bere a wosusua ma wɔkasa mu. Eyi ne denam Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm mu nsɛm a wɔakyere agu kasɛt so no a wɔma wotie daa no so.a
Nsɛmfua afoforo, kasamufã ne nsɛm ahorow, ntease afoforo a emu dɔ remma wo ba no kasa nyɛ kama nko na mmom ɛbɛbae n’adwe, ne mu nso. Na sɛ wode abɔde mu anwonwade ahorow no ka wɔn Yɛfo no ho asɛm anaasɛ mobɔ Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho nkɔmmɔ a, abofra no dɔ ne anisɔ ma Ɔbɔadeɛ no mu bɛdɔ.—Deuteronomium 6:6-9.
Nea eye no, ɛtwe yɛn mmofraase mfe no mu nko na hokwan wɔ hɔ sɛ yebetumi abae yɛn kasa mu na yɛama anya nkɔanim. Da biara, yebetumi akɔ so ama tumi a yɛwɔ sɛ yebedi nkitaho no ayɛ pɛ denam nsɛm afoforo a yebesua na yɛasuasua sɛnea yɛde kasa mmara pa bedi dwuma no so. Wɔ saa kwan yi so no, yenya kyɛfa wɔ ɔkasa anwonwade a ɛkɔ so ara no mu, na ɛrentaa mma sɛ yɛn nsɛm bɛsã.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wubenya bi afi nsɛmma nhoma yi akyerɛwfo hɔ.