Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • bsi08-2 ti 55 kr. 8-9
  • Bible Nhoma a Ɛto So 55—2 Timoteo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nhoma a Ɛto So 55—2 Timoteo
  • “Kyerɛwnsɛm Nyinaa”—Ɛyɛ Nokware na Mfaso wɔ So, Ɔfã 17
  • Nsɛmti Nketewa
  • NEA ENTI A MFASO WƆ SO
“Kyerɛwnsɛm Nyinaa”—Ɛyɛ Nokware na Mfaso wɔ So, Ɔfã 17
bsi08-2 ti 55 kr. 8-9

Bible Nhoma a Ɛto So 55—2 Timoteo

Nea Ɔkyerɛwee: Paulo

Beae a Ɔkyerɛw No: Roma

Bere a Ɔkyerɛw Wiei: Bɛyɛ 65 Y.B.

WƆSAN de Paulo kɔtoo afiase wɔ Roma. Nanso, n’afiasenna a ɛto so abien yi de, nneɛma mu anyɛ mmerɛw amma no sɛnea ɛyɛe kan no. Eyi sii bɛyɛ afe 65 Y.B. mu. Ogya kɛse bi bɛhyew Roma kurow no wɔ July afe 64 Y.B., na ɛsɛee nneɛma pii wɔ kurow no mmorɔn 14 no mu 10 so. Sɛnea Roma abakɔsɛm kyerɛwfo Tacitus kyerɛ no, Ɔhempɔn Nero antumi anyi “adwene a nkurɔfo nyae sɛ ɔno na ɔde ogya no bae no amfi hɔ. Afei, nea ɛbɛyɛ na Nero akata asɛm no so no, ɔde hyɛɛ nnipa foforo, na ɔyɛɛ nnipakuw bi a wɔfrɛ wɔn Kristofo a nkurɔfo susuw sɛ wɔyɛ abusufo ma enti wɔtan wɔn no ayayade a enni kabea. . . . Wobuu nnipadɔm bi fɔ, ɛnyɛ sɛ wɔn na wɔhyew kurow no, na mmom sɛ wɔtan nnipa nti. Wodii wɔn ho fɛw akwan horow pii so ansa na wɔrewu. Wɔde mmoa nhoma duraduraa wɔn ho maa akraman tetew wɔn mu ma wowuwui, wɔde ebinom bobɔɔ mmeamudua mu, na wɔhyew ebinom de yɛɛ akanea anadwo. Nero ma wɔyɛɛ ahwɛde yi wɔ ne nturo mu . . . Asɛm no yɛɛ nnipa pii mmɔbɔ, efisɛ ɛnyɛ ɔmanfo yiyedi nti na wokum wɔn, na mmom obiakofo adwemmɔne nti.”a

2 Ɛbɛyɛ sɛ bere a ɔtaa no gyina mu no na wɔde Paulo kɔtoo afiase wɔ Roma. Saa bere yi de, wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no. Na n’ani nna so sɛ wobeyi no, mmom no na ɔretwɛn sɛ wobebu no atɛn akum no. Nnipa kakraa bi na wotumi bɛsraa no. Sɛ obi yi n’anim sɛ Kristoni a, na wobetumi akyere no ayɛ no ayayade ma wawu. Enti na Paulo betumi akyerɛw akɔda nea ofi Efeso bɛsraa no no ase sɛ: “Awurade nyi mmɔborohunu adi nkyerɛ Onesiforo fiefo, efisɛ ɔmaa me ho dwoo me mpɛn pii, na wamfɛre me nkɔnsɔnkɔnsɔn no ho. Mmom bere a ɔbaa Roma no, ɔhwehwɛɛ me denneennen, na ohuu me.” (2 Tim. 1:16, 17) Bere a owu sunsuma da Paulo so no, ɔkaa ne ho asɛm sɛ, “ɔnam Onyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafo, sɛnea nkwa a ɛwɔ Kristo Yesu mu ho bɔhyɛ te.” (1:1) Na Paulo nim sɛ ɔne Kristo bɛbom atra daakye. Na waka asɛm no wɔ nkurow a na ɛwɔ hɔ saa bere no pii mu, fi Yerusalem kosi Roma, ne ebia Spania mpo. (Rom. 15:24, 28) Na ɔde nokwaredi atu mmirika no awie.—2 Tim. 4:6-8.

3 Paulo kyerɛw krataa no bɛyɛ afe 65 Y.B. mu, bere tiaa bi ansa na ɔrewu sɛ mogyadansefo. Ɛbɛyɛ sɛ na Timoteo da so wɔ Efeso, efisɛ Paulo hyɛɛ no nkuran sɛ ɔntra hɔ. (1 Tim. 1:3) Afei, Paulo srɛɛ Timoteo mprenu sɛ ɔmmra ne nkyɛn ntɛm, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa Marko nka ne ho, na ɔmfa atade ne nhoma mmobɔwee a ogyaw wɔ Troa no mmra. (2 Tim. 4:9, 11, 13, 21) Wɔkyerɛw krataa no wɔ bere a emu yɛ den mu, na ɛde nkuranhyɛsɛm a tumi wom maa Timoteo, na akɔ so de nkuranhyɛsɛm a mfaso wɔ so ama nokware Kristofo a wɔatra ase fi saa bere no.

4 Adanse a ɛma wogye Timoteo Nhoma a Edi Kan no tom sɛ ɛyɛ nokware no, ɛno ara na ɛma wogye Timoteo Nhoma a Ɛto So Abien no nso tom. Tete akyerɛwfo ne animdefo te sɛ Polycarp, a ɔbae wɔ Kristo wu akyi bɛyɛ mfe ɔha no, de dii dwuma sɛ nhoma a edi mũ.

NEA ENTI A MFASO WƆ SO

10 “Kyerɛwnsɛm nyinaa fi Nyankopɔn honhom mu, na eye.” Eye ma dɛn? Paulo bua wɔ ne krataa a ɛto so abien a ɔde kɔmaa Timoteo no mu sɛ: “Eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nneɛma ateɛteɛ, trenee mu nteɛso, na Onyankopɔn nipa afata koraa a wɔasiesie no yiye ama adwuma pa biara.” (3:16, 17) Enti wɔasi so dua wɔ krataa yi mu sɛ ‘nkyerɛkyerɛ’ so wɔ mfaso. Ɛnnɛ, wɔn a wɔdɔ trenee nyinaa bɛpɛ sɛ wotie krataa no mu afotusɛm no na wɔbɔ mmɔden de Asɛm no kyerɛkyerɛ afoforo na wɔyɛ nea wobetumi biara sɛ Onyankopɔn adwumayɛfo a wɔfata a ‘wokura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.’ Sɛnea na ɛte wɔ Efeso wɔ Timoteo bere so no, saa ara na ɛnnɛ nso ebinom gye ‘nkwasea akyinnye a aba biara nnim,’ na “wosua ade daa, nanso wontumi nhu nokware no ho nimdeɛ a edi mũ no da,” na pɛsɛmenkominya nti, wɔpo “nkyerɛkyerɛ pa” kodi akyerɛkyerɛfo a wobenunu wɔn asom akyi. (2:15, 23; 3:7; 4:3, 4) Nea ɛbɛyɛ na obi atwe ne ho afi wiase nkɛntɛnso bɔne yi ho no, ehia sɛ ‘ɔkɔ so kura nsɛm a eye ho nnyinasode’ mu wɔ gyidi ne ɔdɔ mu. Bio nso, wohia nnipa pii ma “wɔafata sɛ wɔkyerɛkyerɛ afoforo” wɔ asafo no mu ne akyi, te sɛ “Onyankopɔn nipa” Timoteo. Wɔn a wogye asɛyɛde yi tom no ani begye bere a ‘wotumi kyerɛkyerɛ wɔ odwo mu’ na wɔde “abodwokyɛre ne ɔkyerɛkyerɛ a etu mpɔn nyinaa” ka asɛm no!—1:13; 2:2, 24, 25; 4:2.

11 Sɛnea Paulo kae no, na Timoteo nim kyerɛw kronkron no ‘fi ne mmofraase,’ efisɛ Lois ne Eunike fi ɔdɔ mu kyerɛkyerɛɛ no. Asɛmfua “mmofraase” no ma yehu bere a ɛsɛ sɛ wofi ase de Bible akwankyerɛ ma mmofra nnɛ. Na sɛ wonyin na ogya a wɔsɔɔ wɔ wɔn mu no fi ase dum nso ɛ? Paulo tu yɛn fo sɛ yɛnsan nsɔ ogya no ano bio wɔ “tumi ne ɔdɔ ne adwenemtew” mu na yenkura “gyidi a nyaatwom nnim” mu. Ɔkae sɛ, “nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba,” na mmofrabɔnesɛm ne atoro nkyerɛkyerɛ bɛka ho aba. Enti ehia sɛ Kristofo nyinaa, titiriw mmabun, ‘ma wɔn ani da hɔ ade nyinaa mu, na wɔyɛ wɔn som adwuma no pɛpɛɛpɛ.’—3:15; 1:5-7; 3:1-5; 4:5.

12 Eyi gye animia nanso mfaso wɔ so. (2:3-7) Ɛdefa eyi ho no, Paulo twee adwene sii Ahenni Aseni no so sɛ: ‘Kae sɛ wonyanee Yesu Kristo fii awufo mu, na na ofi Dawid ase, sɛnea asɛmpa no te.’ Na Paulo anidaso ne sɛ ɔne Aseni no bɛtra. Akyiri yi ɔkaa owu a na obewu no ho asɛm sɛ ɛyɛ nkonimdi ma no: “Efi saa bere yi rekɔ no, nea ɛda hɔ retwɛn me ne trenee ahemmotiri a Awurade, ɔtemmufo treneeni no, de bɛma me sɛ akatua saa da no, na ɛnyɛ me nko, na mmom wɔn a wɔdɔ n’ahoyi no nyinaa nso.” (2:8; 4:8) Sɛ wɔn a wɔde mfe pii asom wɔ nokwarem no bu kɔmpɔ hwɛ wɔn akyi a, wobetumi de anigye aka asɛm koro no ara bi! Nanso, eyi hwehwɛ sɛ wokura wɔn mudi mu mprempren na wɔdɔ Yesu Kristo ahoyi na wɔda ahotoso adi te sɛ Paulo, bere a ɔkyerɛw nsɛm yi no: “Awurade begye me afi ade bɔne biara mu, na obegye me nkwa akɔ ne soro ahenni no mu. Ɔno na anuonyam nka no daa daa. Amen.”—4:18.

[Ase hɔ asɛm]

a The Complete Works of Tacitus, 1942, a Moses Hadas hyehyɛɛ emu nsɛm, kratafa 380-1.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena