Onesiforo—Ɔwerɛkyekyefo Kokodurufo
“MONKAE nneduafo, sɛnea mo ne wɔn na ɛda duam, ne wɔn a wohu amane biara.” (Hebrifo 13:3) Bere a ɔsomafo Paulo kyerɛw nsɛm yi wɔ bɛyɛ 61 Y.B. no, na ɔno ankasa ada afiase bɛboro pɛnkoro dedaw, na na ɔbɛda bio ansa na wawu sɛ mogya dansefo. (Asomafo no Nnwuma 16:23, 24; 22:24; 23:35; 24:27; 2 Korintofo 6:5; 2 Timoteo 2:9; Filemon 1) Ná egye ntɛmpɛ saa bere no sɛ asafo ahorow no dwen wɔn mfɛfo gyidifo a na wɔrehyia wɔn gyidi ho sɔhwɛ no ho, sɛnea ɛte nnɛ no.
Afeha a edi kan no mu suani a na ɔbɔ mmɔden titiriw wɔ saa ahiade yi ho ne Onesiforo. Ɔkɔsraa Paulo wɔ n’afiasenna a ɛto so abien wɔ Roma no mu. Ɔsomafo no kyerɛw faa ne ho sɛ: “Awurade nhu Onesiforo fi mmɔbɔ, efisɛ ɔtaa huhuw me maa me ho dwoo me, na n’ani anwu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ho. Na ɔbaa Roma no, ɔbɔɔ mmɔden hwehwɛɛ me, na ohuu me.” (2 Timoteo 1:16, 17) So woagye bere asusuw nea saa nsɛm kakra yi kyerɛ ankasa ho pɛn? Akyinnye biara nni ho sɛ saa a wobɛyɛ no bɛma anisɔ a wowɔ ma Onesiforo no ayɛ kɛse. Wubehu sɛ na ɔyɛ ɔwerɛkyekyefo kokodurufo.
Paulo Afiasenna a Ɛto so Abien
Bere a woyii Paulo fii n’afiasenna a edi kan no akyi no, wɔde no kɔtoo Romafo afiase bio, nanso na ɛyɛ tebea foforo mu. Mmere a atwam no, na ne nnamfo tumi kɔ ne nkyɛn wɔ ofie a n’ankasa fɛmee no mu, na na ɛte sɛ nea ɔwɔ ahotoso sɛ ɛrenkyɛ na wɔagyae no. Seesei a na nnipa dodow no ara agyaw no yi, na ɔrebehyia mogya dansefo wu.—Asomafo no Nnwuma 28:30; 2 Timoteo 4:6-8, 16; Filemon 22.
Na wɔde Paulo ato afiase saa bere yi bɛyɛ 65 Y.B. mu. Bɛyɛ afe a na atwam no—wɔ July 64 Y.B. mu—ogya hyew Roma, sɛee ade kɛse wɔ kuropɔn no mmorɔn 14 no mu 10 mu. Sɛnea Romani abakɔsɛm kyerɛwfo Tacitus kyerɛ no, Ɔhempɔn Nero antumi anyi “adwemmɔne a nkurɔfo nyae sɛ ɔno na ɔde ogyaframa no bae no amfi hɔ. Ne saa nti, nea ɛbɛyɛ na Nero ayi asɛmmɔne no afi ne so no, ɔde hyɛɛ nnipa foforo, na ɔyɛɛ nnipakuw bi a nkurɔfo frɛ wɔn Kristofo a esiane wɔn abususɛm nti wokyi wɔn no ayayade a enni kabea. . . . Wogoruu wɔn ho wɔ akwan horow so wɔ wɔn wu mu. Wɔde mmoa nhoma duraduraa wɔn ho maa akraman tetew wɔn mu ma wowuwui, anaasɛ wɔde wɔn bobɔɔ mmeamudua so, anaa wɔsɔɔ wɔn ase gya hyew wɔn, de yɛɛ akanea anadwo.”
Ná ɛyɛ tebea ne akwanhwɛ a ɛte sɛɛ mu na wɔde Paulo ato afiase bio no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ n’ani gyee n’adamfo Onesiforo nsrahwɛ ahorow no ho kɛse no! Nanso, ma yɛnhwɛ sɛnea na Onesiforo hu tebea koro no ara.
Deduani Paulo a Ɔkɔsra No
Ɛda adi sɛ na Onesiforo abusua no te Efeso. (2 Timoteo 1:18; 4:19) Wɔanka sɛ ebia Onesiforo baa ahemman no ahenkurow no mu sɛ ɔrebɛyɛ n’ankasa adwuma bi anaasɛ Paulo nsrahwɛ no titiriw nti na ɔbaa hɔ. Sɛnea ɛte biara no, ɔsomafo no kae sɛ: ‘Bere a Onesiforo baa Roma no, ɔmaa me ho dwoo me mpɛn pii.’ (2 Timoteo 1:16, 17) Ahodwo bɛn? Ɛwom sɛ ebetumi aba sɛ Onesiforo yɛɛ biribi de boaa no de, nanso ne nkyɛn a ɔkɔe no kanyan Paulo, na ɛhyɛɛ no nkuran ma ɔyɛɛ den. Nokwarem no, nkyerɛase ahorow bi kenkan sɛ: “Wakanyan me honhom mpɛn pii,” anaasɛ “wakyekye me werɛ mpɛn pii.”
Ná ɔhaw ahorow pii wɔ kɔ a obi bɛkɔ akɔsra Kristoni deduani bi wɔ Roma saa bere no mu. Ná ɛnte sɛ Paulo afiasenna a edi kan a na Romafo Kristofo no nim baabi a ɔwɔ no. Wɔ kurow kɛse te sɛ Roma mu no, na ɛnyɛ adwuma a ɛyɛ mmerɛw sɛ obi behu deduani bi a wonnim no yiye a wɔde no aka nnipa dodow bi a wɔayɛ bɔne ahorow ho agu afiase no. Enti, na egye nsi na wɔde ahwehwɛ no. Nhomanimfo Giovanni Rostagno ka ho asɛm wɔ saa kwan yi so sɛ: “Ná nsɛnnennen no betumi agu ahorow. Nea ɛsen ne nyinaa no, na egye anifere soronko bi na obi de ahwehwɛ no. Na nsɛm a obehia a ɔbɛhwehwɛ afi mmeae ahorow, ne n’ani a na abere sɛ obehu afiase dan a wɔde deduani akwakoraa a ɔyɛ katee a wɔabɔ no sobo wɔ nsɛmmɔnedi pii ho akɔto no betumi ama nkurɔfo anya ne ho adwene a ɛmfata.”
Nhoma kyerɛwfo P. N. Harrison twe adwene si tebea a ɛte saa ankasa so, na ɔka sɛ: “Ɛte sɛ nea yehu onipa yi a n’anim te sɛ nea ɔrekodi dwuma bi a ɔnam nnipa a wɔredi akɔneaba mu, na nkurɔfo ani ba saa hɔho yi a ofi Aegean mpoano akyirikyiri no so, bere a okyinkyin mmɔnten a onnim so bobɔ apon pii mu, na ɔkɔ baabi a wɔbɛkyerɛ no biara, na wɔbɔ no kɔkɔ wɔ asiane a ɛwɔ nea ɔreyɛ no mu ho nanso onnyae nea ɔrehwehwɛ no akyidi no; kosi sɛ ɔhyɛn afiase dan bi a ɛhyɛ kokoam na ɔte nne bi a onim no yiye, na ohu Paulo a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn agu ɔne Romani sraani bi.” Sɛ na saa beae yi ne Romafo afiase afoforo di nsɛ a, ebia na ɛyɛ hɔ nwini, esum, ne efĩ, baabi a nkɔnsɔnkɔnsɔn ne amanehunu ahorow nyinaa bi wɔ mu.
Na ɛyɛ hu sɛ obi bɛda ne ho adi sɛ ɔyɛ deduani te sɛ Paulo adamfo. Ná ɛyɛ hu kɛse mpo sɛ obi bɛkɔ so asra no. Ná obi ho adi a ɔbɛda no pefee sɛ ɔyɛ Kristoni no yɛ nea asiane wom a ɛbɛma wɔakyere no ayɛ no ayayade akum no. Nanso anyɛ nea na ɛdɔɔso ma Onesiforo sɛ ɔbɛkɔ akɔsra no pɛnkoro anaa mpɛn abien pɛ. Na ɛnyɛ no aniwu, na saa ara na na onsuro sɛ ‘ɔbɛtaa’ akɔsra no. Onesiforo traa ase sɛnea ne din, “Mfaso Wura” no kyerɛ, na ɔde mmoa a nkuranhyɛ ne ɔdɔ wom mae, ɛmfa ho asiane ahorow.
Dɛn nti na Onesiforo yɛɛ eyinom nyinaa? Brian Rapske kae sɛ: “Ɛnyɛ honam fam amanehunu nko na na ɛwɔ afiase hɔ, na mmom na ɛhɔ yɛ baabi a ɔhaw ahorow a ɛwɔ hɔ ma odeduani no nya dadwen kɛse. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, na kɔ a aboafo no ankasa bɛkɔ hɔ ne wɔn nkuranhyɛ nsɛm betumi ayɛ deduani no mmoa kɛse ama wanya awerɛkyekye.” Ɛda adi sɛ Onesiforo huu eyi, na ɔde akokoduru bataa n’adamfo no ho. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Paulo ani sɔɔ mmoa a ɛte saa no kɛse!
Dɛn na Ɛbaa Onesiforo So?
Wɔ Paulo krataa a ɛto so abien a ɔde kɔmaa Timoteo mu no, ɔde nkyia kɔmaa Onesiforo fiefo, na ɔkaa Onesiforo ho asɛm sɛ: “Awurade mma onnya [Yehowa, NW] hɔ mmɔborohunu ɛda no!” (2 Timoteo 1:18; 4:19) Nnipa pii susuw sɛ nsɛm “ɛda no” no fa Onyankopɔn atemmu da ho, na enti wɔka sɛ na Onesiforo awu. P. N. Harrison ka sɛ sɛ ɛte saa mpo a, ebetumi aba sɛ “na Onesiforo taa kɔ beae a ɛhɔ yɛ hu yi, na ɛma ɔde . . . ne nkwa twaa so.” Nokwarem no, ebetumi aba sɛ ebia na Onesiforo atu kwan kɛkɛ, anaasɛ ebia na Paulo de no kaa ne fiefo nyinaa ho wɔ nkyia no mu.
Ebinom gye di sɛ nsɛm yi kyerɛ biribi titiriw: “Awurade mma onnya [Yehowa, NW] hɔ mmɔborohunu ɛda no!” Wɔte nka sɛ saa nsɛm yi di odima mpae a wɔbɔ ma akra a wɔawuwu a wɔte ase na ebia wɔrehu amane wɔ ahonhom atrae bi ho adanse. Nanso, adwene a ɛte saa ne Kyerɛwnsɛm no nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ awufo nnim biribiara no nhyia. (Ɔsɛnkafo 9:5, 10) Sɛ na Onesiforo awu mpo a, na nea Paulo resrɛ ara ne sɛ n’adamfo no benya Onyankopɔn hɔ mmɔborohunu. R. F. Horton ka sɛ: “Yɛwɔ hokwan sɛ yɛsrɛ biribi a ɛte saa ma obiara. Nanso, sɛ́ yɛbɛbɔ mpae ama awufo, na yɛabɔ Mass ahorow ama wɔn no yɛ nsusuwii a na enni [ɔsomafo] no adwenem koraa.”
Momma Yɛnyɛ Awerɛkyekyefo Anokwafo
Sɛ́ Onesiforo hweree ne nkwa ankasa bere a na ɔreboa Paulo no anaa ɛnte saa no, akyinnye biara nni ho sɛ ɔde too asiane mu hwehwɛɛ ɔsomafo no kɔsraa no wɔ afiase. Na akyinnye biara nni ho sɛ Paulo ani sɔɔ mmoa ne nkuranhyɛ a na ohia a onya fii Onesiforo hɔ no.
Sɛ mfɛfo Kristofo hyia sɔhwɛ, ɔtaa, anaa afiasenna a, ebia yebetumi akyekye wɔn werɛ na yɛahyɛ wɔn nkuran. Enti momma yɛmmɔ mpae mma wɔn, na yemfi ɔdɔ mu nyɛ nea yebetumi nyinaa mfa mmoa wɔn. (Yohane 13:35; 1 Tesalonikafo 5:25) Te sɛ Onesiforo no, momma yɛnyɛ awerɛkyekyefo akokodurufo.
[Kratafa 31 mfonini]
Onesiforo de akokoduru kyekyee deduani ɔsomafo Paulo werɛ