Atɛntrenee Ma Obiara Denam Onyankopɔn Temmufo A Wapaw No So
“Na agya no dɔ ɔba no, na . . . ɔde atemmu nyinaa ahyɛ ɔba no nsa.”—YOHANE 5:20, 22.
1. Ɔkwan bɛn so na wuhyia nsemmisa a ɛte sɛ nea nnipa a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu hyiae?
Atɛntrenee ho hia wo dɛn? Wobɛbɔ mmɔden akodu he na ama woanya awerɛhyem sɛ wubenya nokware atɛntrenee na woatra ase mpo bere a ɛbɛkɔ so wɔ asase so nyinaa no? Ɛyɛ w’asɛyɛde sɛ wubesusuw saa nsemmisa no ho, sɛnea mmarima ne mmea atitiriw bi a na wɔwɔ Atene, Hela, yɛe no.
2, 3. (a) Dɛn na ɛmaa Paulo ka kyerɛɛ n’Atenefo atiefo no sɛ wɔnsakra wɔn adwene no? (b) Dɛn nti na na adwensakra bɛyɛ asɛm foforo ama saa atiefo no?
2 Wɔtee ɔkasa bi a werɛ remfi a ɔsomafo Paulo mae wɔ Areopago no. Odii kan kaa wɔ a Onyankopɔn biako, Ɔbɔadeɛ no a yɛn nyinaa nkwa fi no no wɔ hɔ no ho asɛm. Eyi de nsɛm awiei a ntease wom a ɛne sɛ yɛn nyinaa bebu akontaa akyerɛ no no bae. Saa bere no na Paulo paeem kae sɛ: “Onyankopɔn abu n’ani agu mmere horow a wonnim [te sɛ som a nnipa som abosom no] no so, na afei de, ɔhyɛ nnipa a ɛwɔ mmaa nyinaa sɛ wɔnsakra wɔn adwene.”—Asomafo no Nnwuma 17:30.
3 Sɛ yɛbɛka no pen a, na adwensakra bɛyɛ nsusuwii a ɛyɛ ahodwiriw ama saa atiefo no. Dɛn nti na ɛte saa? Na tete Helafo no nim sɛ adwensakra ne sɛ wobɛyɛ w’anim mmɔbɔmmɔbɔ wɔ adeyɛ anaa asɛm bi ho. Nanso, sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma bi da no adi no, na asɛm no “nkyerɛ abrabɔ su nyinaa mu nsakrae, sɛnea obi asetra rekɔ a wɔsakra no koraa, ahodan a ɛka abrabɔ nyinaa.”
4. Adwene bɛn na ɛboaa nea Paulo ka faa adwensakra ho no?
4 Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ wutumi hu nea enti a adwensakra koraa a ɛte saa ho hia no. Di Paulo asɛm a ntease wom no akyi. Onyankopɔn na ɔma nnipa nyinaa nkwa, enti wɔn nyinaa bebu akontaa akyerɛ no. Ɛnde, ɛfata na ɛteɛ sɛ Onyankopɔn bɛhwɛ kwan sɛ wɔbɛhwehwɛ no, na wɔanya ne ho nimdeɛ. Sɛ na saa Atenefo no nnim ne nnyinasosɛm ahorow ne n’apɛde a, na ɛho behia sɛ wosua na afei wɔsakra wɔn adwene sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma ɛne wɔn asetra ahyia. Na eyi rennyina sɛnea saa a wɔbɛyɛ no yɛ mmerɛw ara kwa so. Yebetumi ahu nea enti a ɛte saa no afi Paulo nsɛm a ɔde wiei a tumi wom no mu: “Efisɛ wayi da bi ato hɔ a ɔnam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ so bebu wiase ntɛn trenee mu; ɔno na wama wasɔre afi awufo mu de adi adanse sɛ nnipa nyinaa nnye nni.”—Asomafo no Nnwuma 17:31.
5. Atiefo no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ Paulo kasa no ho, na dɛn ntia?
5 Saa nkyekyem yi a ntease ayɛ no ma na ahoɔden wom sɛɛ no fata sɛ yɛhwehwɛ mu yiye, efisɛ ɛkanyan atɛntrenee a ɛyɛ pɛ wɔ yɛn bere yi so ho anidaso. Hyɛ nsɛm yi nsow: “wayi da bi ato hɔ,” “obebu wiase ntɛn,” “trenee mu,” “ɔnam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ so,” ‘wadi adanse,’ “wama wasɔre afi awufo mu.” Saa asɛm “wama wasɔre afi awufo mu” no kanyan nkate a emu yɛ den wɔ Paulo atiefo no mu. Sɛnea nkyekyem 32-34 kyerɛ no, ebinom sii atwetwe. Afoforo gyaee nkɔmmɔbɔ no kɔe. Nanso, kakraa bi bɛyɛɛ gyidifo a wɔasakra wɔn adwene. Nanso, momma yɛnyɛ anyansafo nsen Atenefo atiefo no mu dodow no ara no, efisɛ sɛ yɛn kɔn dɔ nokware atɛntrenee a, eyi ho hia kɛse sen biribiara. Nea ɛbɛyɛ na woanya nea ɛsen biara afi nkyekyem 31 no mu no, nea edi kan no hwɛ asɛm: “Obebu wiase ntɛn” no. Saa ‘onii’ no ne hena, na ne gyinapɛn ahorow, titiriw nea ɛfa atɛntrenee ho no ne dɛn?
6. Ɔkwan bɛn so na yebetumi asua Nea wayi da bi ato hɔ a wobebu wiase ntɛn no ho ade?
6 Wiɛ, Asomafo no Nnwuma 17:30 kyerɛ onii a na Paulo reka ne ho asɛm no—Onyankopɔn a ɔka kyerɛ obiara sɛ ɔnsakra n’adwene, yɛn Nkwa-Mafo, Ɔbɔadeɛ no ara. Sɛnea ɛte no, yebetumi ahu Onyankopɔn ho nneɛma pii afi n’adebɔ nnwuma mu. Nanso n’atɛntrenee ho gyinapɛn no da adi titiriw fi beae foforo a ɛne Bible a ekura ɔne nnipa te sɛ Mose nsɛnnii ne Onyankopɔn mmara a ɔde maa Israel no ho kyerɛwtohɔ no mu.
Atemmu ne Atɛntrenee Bɛn?
7. Mose de Yehowa ne atɛntrenee ho adanse bɛn na ɛma?
7 Ebia wunim sɛ Mose ne Yehowa Nyankopɔn dii nkitaho a emu yɛ den mfe du du pii araa ma Onyankopɔn kae sɛ ɔne Mose kasae “ano ne ano.” Na Mose nim sɛnea Yehowa ne no ne adesamma afoforo ne aman mũ dii no. Ɛde rekɔ Mose nkwa nna awiei no, ɔde saa nkyerɛkyerɛmu a ɛma awerɛhyem yi mae: “Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ trenee; ɔyɛ nokware Nyankopɔn na nkontompo nni ne mu; ɔtreneeni ne teefo ne no.”—Deuteronomium 32:4.
8. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ nea Elihu kae wɔ atɛntrenee ho asɛm no ho no nsow?
8 Susuw adanse abien a Elihu a na wonim no sɛ ɔyɛ onyansafo ne obi a ɔwɔ nhumu no de mae no nso ho. Wubetumi agye adi sɛ na ɔnyɛ obi a ɔpere ne ho sisi gyinae ahorow. Nea ɛne no bɔ abira no, wɔ asɛm bi mu no, ɔtraa ase tiee afanu no nyinaa kasa tenten bɛboro dapɛn biako. Afei, Elihu fi n’ankasa osuahu ne Onyankopɔn akwan a wasua ho ade yiye no mu de asɛm no baa awiei dɛn wɔ Onyankopɔn ho? Ɔpaeem kae sɛ: “Mo a mowɔ ti, muntie me, ɛmpare Onyankopɔn sɛ obedi asɛmmɔne, na Otumfoɔ bedi amumɔyɛsɛm, na mmom, onipa nneyɛe so ka na otua no, na sɛ obi kwan te no, saa na ɔma ɛto no. Ampa ne ampa, Onyankopɔn nni asɛmmɔne, na Otumfoɔ nkyea atemmu.”—Hiob 34:10-12.
9, 10. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ gyinapɛn ahorow a Onyankopɔn de ma adesamma atemmufo no hyɛ yɛn nkuran? (Leviticus 19:15)
9 Bisa wo ho sɛ: So ɛno nkyerɛkyerɛ nea yɛbɛpɛ sɛ ɔtemmufo yɛ no mu pɛpɛɛpɛ, sɛ ɔne obiara bedi sɛnea ne nneyɛe te, a animhwɛ anaasɛ atɛntrenee a wɔkyea no biara nnim no mu? Sɛ ɛsɛ sɛ wukogyina ɔtemmufo bi anim na sɛ saa na ɔte a, so anka wo ho rennwo wo?
10 Bible no ka Yehowa ho asɛm sɛ “asase nyinaa Temmufo.” (Genesis 18:25) Nanso, ɔde nnipa dii dwuma mmere bi sɛ atemmufo. Dɛn na na ɔhwɛ kwan fi Israel atemmufo a na wogyina n’ananmu no hɔ? Wɔ Deuteronomium 16:19, 20, NW, no, yɛkenkan Onyankopɔn akwankyerɛ ahorow a ɛyɛ atemmufo adwuma ho nkyerɛkyerɛmu no ho asɛm sɛ: “Nnan atemmu ani, nhwɛ nnipa anim na nnye adanmude; na adanmude fura anyansafo aniwa, na ɛdan treneefo nsɛm ani butuw. Atɛntrenee, atɛntrenee akyi na di, na wanya nkwa.” Ebia wɔbɛhyɛ da akyekyere nnɛyi ahoni ahorow a wɔde gyina hɔ ma Atɛntrenee no ani de akyerɛ sɛ ɔnhwɛ anim, nanso wubetumi ahu sɛ Onyankopɔn yɛɛ ade kɔɔ akyiri sen saa. Ɔhwehwɛe ankasa sɛ adesamma atemmufo a wogyina n’ananmu na wɔhwɛ ma wodi ne mmara horow so no renhwɛ nnipa anim.
11. Dɛn na yebetumi agyina Bible nsɛm a ɛfa atɛntrenee ho yi nhwehwɛmu so aka?
11 Saa nkyerɛkyerɛmu a ɛfa sɛnea Onyankopɔn bu atɛntrenee ho yi ka Paulo kasa no awiei tẽẽ. Wɔ Asomafo no Nnwuma 17:31 no, Paulo kae sɛ Onyankopɔn ‘ayi da bi ato hɔ a obebu wiase ntɛn trenee mu.’ Ɛno pɛpɛɛpɛ ne nea yebetumi ahwɛ kwan afi Onyankopɔn hɔ—atɛntrenee, trenee, hwɛ a wɔnhwɛ anim. Nanso, ebia ɛbɛhaw ebinom efisɛ sɛnea nkyekyem 31 kyerɛ no, Onyankopɔn de “ɔbarima bi” na ebedi dwuma ma wabu adesamma nyinaa ntɛn. Hena ne saa “ɔbarima” no, na awerɛhyem bɛn na yɛwɔ sɛ obekura Onyankopɔn atɛntrenee gyinapɛn a ɛkorɔn no mu?
12, 13. Yɛyɛ dɛn hu “ɔbarima” ko a Onyankopɔn de no bedi dwuma ma wabu ntɛn no?
12 Asomafo no Nnwuma 17:18 ka kyerɛ yɛn sɛ na Paulo ‘reka Yesu ɔsɔre ho asɛmpa.’ Enti, wɔ ne kasa no awiei no, na atiefo no nim sɛ na Paulo reka Yesu Kristo ho asɛm bere a ɔkae sɛ Onyankopɔn ‘nam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ na wama wasɔre so bebu wiase ntɛn’ no.
13 Yesu gye toom sɛ Onyankopɔn apaw no sɛ ɔtemmufo a odu ɔsoro gyinapɛn ho. Ɔkae wɔ Yohane 5:22 sɛ: “Na agya no nso mmu obiara atɛn, na ɔde atemmu nyinaa ahyɛ ɔba no nsa.” Bere a Yesu aka wɔn a wɔwɔ ada mu no sɔre a ɛreba ho asɛm akyi no, ɔkae sɛ: “Me de, mintumi menhyɛ me ho menyɛ hwee; sɛnea mete no na mibu atɛn, na m’atemmu no yɛ trenee. Na menhwehwɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde.”—Yohane 5:30; Dwom 72:2-7.
14. Yebetumi ahwɛ kwan sɛ Yesu ne yɛn bedi no dɛn?
14 Saa awerɛhyem yi ne nea yɛkenkan wɔ Asomafo no Nnwuma 17:31 no hyia dɛn ara! Ɛhɔ no Paulo maa awerɛhyem sɛ Ɔba no “bebu wiase ntɛn trenee mu.” Ɛda adi sɛ ɛno nka atemmu katee a wɔnna nkate biara adi wom ho asɛm, ɛnte saa? Mmom no, nea ɛka trenee atemmu ho ne mmɔborohunu ne ntease a wɔde di dwuma wɔ atɛntrenee mu. Mma yemmmu yɛn ani nngu eyi so: Ɛwom sɛ Yesu wɔ soro mprempren de, nanso wayɛ onipa pɛn. Enti obetumi ada tema adi. Wɔ Hebrifo 4:15, 16 no, Paulo ka eyi ho asɛm bere a na ɔreka Yesu ho asɛm sɛ ɔsɔfo panyin no.
15. Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛ soronko wɔ adesamma atemmufo ho?
15 Bere a wokenkan Hebrifo 4:15, 16, NW, no, susuw ahotɔ a ɛsɛ sɛ yɛte nka sɛ yɛwɔ Yesu sɛ Ɔtemmufo no ho: “Na yenni ɔsɔfo panyin a ontumi nhu yɛn mmerɛwyɛ mma yɛn, na mmom nea wɔasɔ no ahwɛ ade nyinaa mu sɛ yɛn ara, nso onni bɔne. Enti momma yɛmfa ɔkasa mu ahofadi mmra ne ɔdom ahengua no anim, na yɛanya mmɔborohunu, na yɛahu ɔdom, na ɛbere a ɛsɛ mu no, aboa yɛn.” Mpɛn pii no, ɛyɛ hu sɛ wɔbɛfrɛ wo abegyina aban Mmaranimfo a wɔbɔ wo sobo no anim wɔ asennibea nnɛ. Nanso, wɔ Kristo sɛ Ɔtemmufo no fam no, yebetumi ‘de ɔkasa mu ahofadi aba ɔdom ahengua no anim, na yɛanya mmɔborohunu, na yɛahu ɔdom, na ɛbere a ɛsɛ mu no aboa yɛn.’ Nanso, ɛdefa bere ho no, ntease wom sɛ wubebisa sɛ, ‘Bere bɛn na Yesu bebu adesamma ntɛn trenee mu?’
Atemmu “Da”—Bere Bɛn?
16, 17. Yɛyɛ dɛn hu sɛ atɛn a wofi soro bu rekɔ so mprempren?
16 Kae sɛ Paulo kae sɛ Onyankopɔn ‘ayi da bi ato hɔ’ a ɔnam Ne Temmufo a wapaw no so bebu wiase ntɛn. Bere a Yesu rehwɛ saa “da” no kwan no, ɔreyɛ atemmu adwuma bi a ɛho hia kɛse nnɛ, yiw, mprempren ara. Dɛn nti na yebetumi aka saa? Aka bere tiaa bi ama wɔakyere Yesu na wɔabu no kumfɔ wɔ ntɛnkyea mu no, ɔde abakɔsɛm mu nkɔmhyɛ bi mae a ɛka yɛn da yi. Yehu wɔ Mateo ti 24. Yesu kyerɛkyerɛɛ nneɛma a ebesisi wiase a ɛbɛhyɛ bere a wɔfrɛ no “wiase awiei” no agyirae no mu. Akodi, aduankɔm, nsasewosow, ne ɔhaw afoforo a asisi asase so nyinaa fi Wiase Ko I mu no di adanse sɛ Yesu nkɔmhyɛ no renya mmamu mprempren ne sɛ ɛrenkyɛ ‘awiei no bɛba.’ (Mateo 24:3-14) Yehowa Adansefo fi Bible no mu akyerɛkyerɛ eyi mu mfe du du pii. Sɛ wopɛ sɛ wunya adanse afoforo a ɛkyerɛ nea enti a yɛwɔ saa nhyehyɛe a atɛntrenee nni mu yi nna a edi akyiri yi mu no a, Yehowa Adansefo betumi de ama wo.
17 Nanso, hwehwɛ Mateo ti 25 no fã a edi akyiri a ɛyɛ Yesu nna a edi akyiri ho nkɔmhyɛ no fã no mu. Mateo 25:31, 32 fa yɛn bere yi ho: “Na onipa ba no bɛba n’anuonyam mu a n’abɔfo nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtra n’anuonyam ahengua so [wɔ soro]. Na ɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim. Na ɔbɛpaapae wɔn mu, sɛnea oguanhwɛfo paapae nguanten ne mpapo mu.” Afei hwɛ faako a Yesu ka nea ebefi ne mpaapaemu, anaa atemmu adwuma no mu aba no ho asɛm no. Nkyekyem 46: “Na eyinom [nnipa a obu wɔn atɛn sɛ wɔyɛ mpapo no] befi hɔ akɔ daa ahoyeraw mu; na nnipa trenee [nguanten] no bɛkɔ daa nkwa mu.”
18. Dɛn mu na yɛn bere yi so atemmu no bɛkɔ akowie?
18 Enti yɛte atemmu bere bi a ɛho hia kɛse mu. Wobebu wɔn a ‘wɔhwehwɛ Onyankopɔn na wohu no’ no ntɛn sɛ “nguanten” ama wɔanya nkwa wɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe yi awiei no mu na wɔahyɛn wiase foforo a ebedi akyi aba no mu. Saa bere no na 2 Petro 3:13 bɛbam: “Na sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.” Ɛno na ɛbɛyɛ “da” a ɛbɛyɛ nea ɔsomafo Paulo nsɛm a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 17:31 no fa ho koraa, bere a wobebu wiase ntɛn trenee mu no.
19, 20. Henanom na Atemmu Da a ɛreba no bɛka wɔn?
19 Saa Atemmu Da no bɛyɛ nea pii wom sen “nguanten” no a ɛbɛyɛ nea na wɔabu wɔn bem dedaw sɛ wɔbɛhyɛn wiase foforo no mu no a wobenya nkwa ara kwa. Kae sɛ bere a Yesu aka sɛ n’Agya de atemmu ahyɛ ne nsa no akyi no, ɔkaa owusɔre bi a ɛreba ho asɛm. Afei nso, wɔ Asomafo no Nnwuma 10:42 no, ɔsomafo Petro kae sɛ Yesu Kristo yɛ “ateasefo ne awufo temmufo a Onyankopɔn ayi no asi hɔ.”
20 Ne saa nti, ‘da a wayi ato hɔ’ a wɔka ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma 17:31 a Onyankopɔn nam Yesu Kristo so “bebu wiase ntɛn trenee mu” no bɛyɛ bere a wobenyan awufo. Anigye bɛn ara na ɛbɛyɛ sɛɛ yi sɛ yebehu sɛ wɔde ɔsoro tumi di dwuma de di owu a ne mmae taa yɛ ntɛnkyea a ɛsen biara no so. Te sɛ Yesu ankasa no, nnipa binom wɔ hɔ a nniso ne asraafo dɔm a wɔkɔtoa afoforo akunkum wɔn wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so. Afoforo ahwere wɔn nkwa wɔ akwanhyia te sɛ ahum, nsasewosow, ogya a ɛhyew asiane mu, ne amanehunu ahorow a ɛtete saa mu.—Ɔsɛnkafo 9:11.
Wɔadi Ntɛnkyea a Atwam ho Dwuma
21.
21 Fa w’ani bu sɛ wuhu sɛ wɔsan de yɛn adɔfo ba nkwa mu bio! Wɔ saa kwan no so no, pii benya hokwan a edi kan de ‘ahwehwɛ Onyankopɔn sɛ wobehu no’ na afei wobetumi anya “daa nkwa” a ebetumi ayɛ “nguanten” no akatua no sɛ ade a esi wɔn anim. Wɔn a wɔbɛsɔre no mu binom ne wɔn a wobenya nkwa wɔ nhyehyɛe a ɛnteɛ yi mu no ahu nea ɛte sɛ ntɛnkyea te sɛ dɛmdi a efi awo mu, anifurae, asotiw, anaasɛ ɔkasa mu dɛmdi mu amane. So nneɛma a ɛtete saa fata sɛ ɛbɛtra hɔ wɔ ‘asase foforo a trenee te mu’ mu? Yehowa de Yesaia dii dwuma ma ɔkaa nkɔmhyɛ ahorow a ebenya ne mmamu ankasa wɔ Atemmu Da a ɛreba no mu. Hyɛ nea yebetumi ahwɛ kwan no nsow: “Ɛno na afuraefo aniwa bebue, na asotifo aso atue; ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato dwom.”—Yesaia 35:5, 6.
22. Dɛn nti na Yesaia ti 65 no yɛ nea ɛhyɛ nkuran saa wɔ atɛntrenee ho?
22 Na ntɛnkyea afoforo a ɛde ɛyaw pii aba no nso ɛ? Yesaia ti 65 no kura mmuae ahorow a ɛhyɛ nkuran wɔ ɔkwan a ɔyɛ anigye so. Yesaia 65:17 a yɛde toto 2 Petro 3:13 ho no da no adi sɛ saa eti yi nso twe adwene kɔ “ɔsoro foforo ne asase foforo,” trenee nhyehyɛe foforo no bere no so. Nanso, dɛn na ebesiw abɔnefo kakraa bi kwan ma wɔansɛe asomdwoe ne atɛntrenee no? Ɛkɔ anim kakra no, Yesaia 65 dwudwo nea ɛte sɛ asɛnnennen yi no ano.
23. Dɛn na ebetumi afi Atemmu Da no mu aba ama ankorankoro binom?
23 Wɔ saa Atemmu Da a ɛbɛkɔ so ara no mu no, Yesu bɛtoa n’atemmu adwuma a wɔde hu sɛ ankorankoro bi fata ma daa nkwa no so. Ebinom remfata. Bere a wɔama wɔn bere a ɛsɛ akyi no, ebia “mfe ɔha” mpo sɛ wɔmfa nhwehwɛ Onyankopɔn no, wɔbɛkyerɛ sɛ wɔpow sɛ wɔbɛyɛ adetrenee. Wɔ ɔkwan a ɛteɛ so no, nkwa bɛbɔ wɔn wɔ wiase foforo no mu, sɛnea yetumi hu fi Yesaia 65:20, NW, no: “Ɔbɔnefo de, sɛ odi mfe ɔha mpo a, wɔbɛdome no.” Saafo a wobu wɔn ntɛn sɛ wɔmfata nkwa no bɛyɛ kakraa bi. Ntease wom sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ yɛn—ne afoforo pii—ani begye sɛ yebesua trenee na yɛde adi adwuma.—Yesaia 26:9.
24. Ɛdefa sikasɛm mu ntɛnkyea ho no, tebea no bɛyɛ dɛn?
24 So ɛno kyerɛ sɛ ntɛnkyea biara, sikasɛm mu ntɛnkyea mpo renkɔ so anaa? Saa pɛpɛɛpɛ na ɛte! Yesaia 65:21-23 da saa nokwasɛm no adi: “Wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi ntra mu, na wɔrennua mma obi nni, na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna, na wɔn a mapaw wɔn no bedi wɔn nsa ano adwuma. Wɔrenyɛ adwumayɛhunu, na wɔrenwo mma ɔpatawu, efisɛ wɔyɛ wɔn a [Yehowa] ahyira wɔn no asefo, wɔne wɔn mma.” Nsakrae bɛn ara na ɛyɛ fi ɛnnɛ ho sɛɛ yi! Nhyira bɛn ara ni!
25. Dɛn ne w’anidaso ne wo bo a woasi wɔ atɛntrenee a efi Yehowa Temmufo a wapaw no hɔ no ho?
25 Enti, mo a mo kɔn dɔ atɛntrenee nyinaa, momma mo bo ntɔ mo yam. Ɛbɛba ampa—nnansa yi ara. Mprempren, bere kakraa a aka wɔ atemmu bere yi mu yi ne bere a ɛsɛ sɛ wobɛka Yehowa Adansefo ho na mohwehwɛ Onyankopɔn na muhu no ankasa, na wunya mfaso a ɛtra hɔ daa.
Ntĩmu Nsemmisa
◻ Onyankopɔn atɛntrenee gyinapɛn ho adanse bɛn na yɛwɔ?
◻ Ɔkwan bɛn so na Yesu ho bɛba Atemmu Da a ɛreba no mu?
◻ Ɛdefa ɔsoro atemmu ho no, dɛn nti na yɛn bere yi yɛ nea emu yɛ den?
◻ Ɔkwan bɛn so na wobesiesie ntɛnkyea a atwam wɔ wiase foforo no mu?
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 15]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.