Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 1/1 kr. 6-11
  • Mpa Abaw Wɔ Nkwa Mmirikatu No Mu!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mpa Abaw Wɔ Nkwa Mmirikatu No Mu!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘So Nneɛma Mu Ma Ɛmmoro So’
  • “Muntutu Mo Ho Fo”
  • “Boasetɔ Hia Mo”
  • Yebetumi Anya Boasetɔ
  • Wubetumi Agyina Akodu Awiei
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Momma Yɛmfa Boasetɔ Ntu Mmirika No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Hwɛ Yiye Na Woanyɛ Obi A Onni Gyidi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Boasetɔ A Yɛde Betu Mmirika No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 1/1 kr. 6-11

Mpa Abaw Wɔ Nkwa Mmirikatu No Mu!

“Yɛmfa boasetɔ ntu aperepere a ɛda yɛn anim no mu mmirika.”—HEBRIFO 12:1.

1, 2. Nsɛm akɛse bɛn na ama Yehowa asomfo ani agye wɔ nna a edi akyiri yi mu?

YƐTE bere a nsɛm akɛse resisi mu. Bɛboro mfe 80 a atwam ni wɔ 1914 mu no, wɔde Yesu sii ahengua so sɛ Onyankopɔn soro Ahenni no Hene. “Awurade da no” ne nneɛma nhyehyɛe yi “awiei bere” fii ase. (Adiyisɛm 1:10; Daniel 12:9) Efi saa bere no, Kristofo nkwa mmirikatu no abɛyɛ nea egye ntɛmpɛ kɛse. Onyankopɔn asomfo ayere wɔn ho denneennen ne Yehowa soro teaseɛnam no, ne ɔsoro ahyehyɛde a ɛrekɔ n’anim ama Yehowa atirimpɔw ahorow abam a biribiara ntumi nsiw no kwan no abɔ anan.—Hesekiel 1:4-28; 1 Korintofo 9:24.

2 So Onyankopɔn nkurɔfo ani agye ‘mmirika a wɔretu’ akɔ daa nkwa mu no ho? Ɛte saa ankasa! Wɔn ani agye sɛ wɔahu Yesu nuanom nkaefo no anoboaboa, na wodi ahurusi sɛ wɔahu sɛ wɔreyɛ asɔ 144,000 nkaefo no ano awie. (Adiyisɛm 7:3, 4) Bio nso, wɔn ani agye sɛ wɔahu sɛ Yehowa Hene a wapaw no no atwe ne kantankrankyi de retwa “asase so nneɛma.” (Adiyisɛm 14:15, 16) Na hwɛ otwa ara a ayɛ! (Mateo 9:37) Ɛde besi nnɛ no, akra bɛboro ɔpepem anum na wɔaboaboa wɔn ano—“nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu.” (Adiyisɛm 7:9) Obiara ntumi nkyerɛ sɛnea awiei koraa no nnipakuw no kɛse bɛyɛ, efisɛ onipa biara ntumi nkan wɔn.

3. Dɛn na sɛ ɛba koraa a ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden da anigye adi bere nyinaa?

3 Ampa, Satan bɔ mmɔden sɛ obetwitwa yɛn nantin, anaa ɔbɛbrɛ mmirika a yɛretu no denneennen no ase. (Adiyisɛm 12:17) Na yennyaa mmirika no a yɛakɔ so atu afa akodi, aduankɔm, ɔyaredɔm, ne ɔhaw afoforo a ɛhyɛ awiei bere no agyirae no nyinaa mu no ahogono. (Mateo 24:3-9; Luka 21:11; 2 Timoteo 3:1-5) Nanso, yɛn koma di ahurusi bere a yɛrebɛn mmirikatu no awiei no. Yɛbɔ mmɔden da su a Paulo hyɛɛ ne bere so mfɛfo Kristofo nkuran sɛ wonnya no adi: “Momma mo ani nnye Awurade mu daa! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye!”—Filipifo 4:4.

4. Su bɛn na Filipi Kristofo no daa no adi?

4 Akyinnye biara nni ho sɛ Kristofo a Paulo kaa saa nsɛm no kyerɛɛ wɔn no nyaa wɔn gyidi no mu anigye, efisɛ Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ so mma mo ani nnye Awurade mu.” (Filipifo 3:1, NW) Ná Filipifo no yɛ asafo a wɔwɔ ayamye na wɔde nsiyɛ ne nnamyɛ som. (Filipifo 1:3-5; 4:10, 14-20) Nanso ɛnyɛ afeha a edi kan mu Kristofo nyinaa na na wɔwɔ saa su no. Sɛ nhwɛso no, na Kristofo a wɔyɛ Yudafo a Paulo kyerɛw Hebrifo nhoma no kɔmaa wɔn no mu bi ho wɔ asɛm.

‘So Nneɛma Mu Ma Ɛmmoro So’

5. (a) Su bɛn na na Kristofo a wɔyɛ Hebrifo no kura bere a wɔhyehyɛɛ Kristofo asafo a edi kan no? (b) Ka su a Kristofo a na wɔyɛ Hebrifo no binom daa no adi wɔ bɛyɛ 60 Y.B. mu no ho asɛm.

5 Ná Yudafo ne wɔn a wɔadan Yudafo na wɔyɛ Kristofo asafo a edi kan wɔ wiase abakɔsɛm mu no mufo, na wɔhyehyɛe wɔ Yerusalem, wɔ 33 Y.B. mu. Su bɛn na na wokura? Nea ehia ara ne sɛ obi bɛkenkan Asomafo no Nnwuma atiri a edi kan no, na obehu nnamyɛ ne anigye a wɔdaa no adi, bere a wohyiaa ɔtaa mpo no. (Asomafo no Nnwuma 2:44-47; 4:32-34; 5:41; 6:7) Nanso bere a mfe pii twaam no, tebea no sesae, na ɛkame ayɛ sɛ Kristofo a na wɔyɛ Yudafo no pii brɛɛ nkwa mmirika a na wɔretu no ase. Nhoma bi ka sɛnea na tebea no te wɔ 60 Y.B. no ho asɛm sɛ: “Anihaw ne ɔbrɛ, akwanhwɛ a ammam, anidaso a ɛtwe kɔɔ akyiri, anibiannaso ne gyidi a na wɔmfa mmɔ wɔn bra na na ɛwɔ hɔ. Ná wɔyɛ Kristofo de, nanso na wɔn frɛ a anuonyam wom no ho anisɔ a wɔwɔ no sua.” Ɛyɛɛ dɛn na Kristofo a wɔasra wɔn tumi kɔɔ tebea a ɛte saa mu? Paulo krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Hebrifo (a ɔkyerɛw no bɛyɛ 61 Y.B. mu) no afã horow bi mu nhwehwɛmu boa yɛn ma yebua saa asɛm no. Ɛnnɛ, nhwehwɛmu a ɛte saa no bɛboa yɛn nyinaa na yɛankɔ honhom fam mmerɛwyɛ tebea a ɛte saa mu.

6. Nsonsonoe a ɛwɔ ɔsom mu nneyɛe a ɛkɔɔ so wɔ Mose Mmara ase ne ɔsom a egyina Yesu Kristo mu gyidi so no bi ne nea ɛwɔ he?

6 Hebrifo Kristofo no fi Yudasom mu na ɛbae, na na ɛyɛ ahyehyɛde a wɔkyerɛ sɛ wodi Mmara a Yehowa nam Mose so de mae no so. Ɛkame ayɛ sɛ na Yudafo Kristofo no pii ani da so gye Mmara no ho, a nea enti a ebia na ɛte saa ne sɛ, mfehaha pii mu no, na ɛno nkutoo ne ɔkwan a wɔnam so bɛn Yehowa, na na ɛyɛ ɔsom nhyehyɛe a emu nneɛma dɔɔso, a asɔfodi, daa afɔrebɔ, ne Yerusalem asɔrefie a na agye din wɔ wiase nyinaa no ka ho. Kristosom nte saa. Ɛhwehwɛ sɛ wɔhwɛ nneɛma wɔ honhom fam, te sɛ Mose, a “ɔhwɛɛ akatua [a ɛbɛba daakye] no” na “omiaa n’ani traa mu sɛnea ohu nea wonhu no no.” (Hebrifo 11:26, 27) Ɛda adi sɛ na Kristofo a wɔyɛ Yudafo no pii nhwɛ ade wɔ honhom fam saa. Sɛ anka wobetu mmirika te sɛ nea biribi si wɔn ani so no, na wɔbɔ kokompe.

7. Ɔkwan bɛn so na nhyehyɛe a yefi mu aba no betumi anya ɔkwan a yɛfa so tu nkwa mmirika no so tumi?

7 So tebea a ɛte saa wɔ hɔ nnɛ? Nokwarem no, tebea no nte saa pɛpɛɛpɛ. Nanso, Kristofo fi nneɛma nhyehyɛe a wɔhoahoa wɔn ho kɛse mu na aba. Wiase ma nnipa nya hokwan ahorow bi a ɛyɛ anigye, nanso bere koro no ara, ɛde adesoa akɛse to nkurɔfo so. Nea ɛka ho ne sɛ yɛn mu pii te aman a anibiannaso abu so, na nkurɔfo de pɛsɛmenkominya ne ahopɛ yɛ wɔn ade mu. Sɛ yɛma kwan ma nhyehyɛe a ɛte saa nya yɛn so tumi a, ɛrenyɛ den sɛ ‘yɛn koma aniwa’ bɛyɛ wusiwusi. (Efesofo 1:18) Sɛ yentumi nhu baabi a yɛn ani kyerɛ bio a, yɛbɛyɛ dɛn atumi atu nkwa mmirika no yiye?

8. Akwan bɛn so na Kristosom korɔn sen ɔsom a na ɛrekɔ so wɔ Mmara no ase no?

8 Nea ɛbɛyɛ na Paulo atumi akanyan Kristofo a na wɔyɛ Yudafo no, ɔkaee wɔn sɛnea Kristofo nhyehyɛe no di mũ sen Mose Mmara no. Ampa, bere a na honam fam ɔman Israel yɛ Yehowa man wɔ Mmara no ase no, Yehowa nam adiyifo a ɔde honhom kaa wɔn so na ɛkasa kyerɛɛ wɔn. Nanso Paulo ka sɛ, ɛnnɛ ɔkasa kyerɛ yɛn “ɔba a wayɛ no ade nyinaa difo a ɔnam no so nso yɛɛ mmeresanten no mu.” (Hebrifo 1:2) Afei nso, Yesu korɔn sen ahene a wofi Dawid abusua mu bae, ne “mfɛfo” no nyinaa. Ɔkorɔn mpo sen abɔfo.—Hebrifo 1:5, 6, 9.

9. Te sɛ Paulo bere so Yudafo Kristofo no, dɛn nti na ɛho hia sɛ ‘yeso nneɛma mu ma ɛboro so’ wɔ nea Yehowa ka no ho?

9 Enti, Paulo tuu Yudafo Kristofo no fo sɛ: “Ɛsɛ sɛ yeso nneɛma a yɛate no mu ma ɛboro so, na yɛansiane ho da bi.” (Hebrifo 2:1) Ɛwom sɛ Kristo ho ade a na wɔasua no yɛ nhyira nwonwaso de, nanso na ehia sɛ wɔyɛ pii. Ná ehia sɛ woso Onyankopɔn Asɛm no mu yiye na ama wɔatumi ako atia Yudafo wiase a na wɔte mu no nkɛntɛnso. Ehia sɛ yɛn nso ‘yeso’ nea Yehowa ka no ‘mu ma ɛboro so’ esiane brada a wiase yi to yɛn bere nyinaa no nti. Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yenya adesua nhyehyɛe pa, na yɛyɛ Bible akenkan ho nhyehyɛe a ɛfata. Sɛnea Paulo ka no akyiri yi wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Hebrifo no mu no, ɛkyerɛ nso sɛ ɛsɛ sɛ yɛkɔ nhyiam daa, na yɛbɔ yɛn gyidi no dawuru kyerɛ afoforo. (Hebrifo 10:23-25) Adwuma a ɛte saa no bɛboa yɛn ma yɛn ani akɔ so ada hɔ honhom mu, na amma yɛn ani ampa yɛn anidaso a anuonyam wom no so. Sɛ yɛde Yehowa nsusuwii hyɛ yɛn adwenem a, biribiara nni hɔ a wiase yi betumi ayɛ yɛn a ɛbɛkɛntɛn yɛn so anaa ɛbɛma yɛahinhim.—Dwom 1:1-3; Mmebusɛm 3:1-6.

“Muntutu Mo Ho Fo”

10. (a) Dɛn na ebetumi ato obi a onso Yehowa Asɛm a wate no mu yiye? (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ‘atutu yɛn ho fo’?

10 Sɛ yɛamma honhom fam nneɛma anhia yɛn kɛse a, ebetumi ama ayɛ sɛnea Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no nyɛ paara. Eyi sii wɔ afeha a edi kan no mu mpo bere a na asafo ahorow no mufo nyinaa yɛ Kristofo a wɔasra wɔn, na asomafo no bi da so te ase no. Paulo bɔɔ Hebrifo no kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ yiye, anuanom, na koma bɔne a ennye nni amma mo mu biara mu, na wanwae amfi Nyankopɔn teasefo ho. Na mmom muntutu mo ho fo da biara a wɔda so bɔ din sɛ ‘ɛnnɛ’ no, na bɔne nnaadaa ampirim mo mu biara koma.” (Hebrifo 3:12, 13) Asɛm a Paulo kae sɛ “monhwɛ yiye” no si hia a ɛho hia sɛ yɛn ani da hɔ no so dua. Asiane wɔ hɔ! Gye a wonnye nni—“bɔne”—betumi aba yɛn komam, ama yɛatwe yɛn ho afi Onyankopɔn ho sen sɛ anka yɛbɛbɛn no. (Yakobo 4:8) Paulo kae yɛn sɛ ‘yentutu yɛn ho fo.’ Yehia denhyɛ a onuayɛ fekuw de ma no. “Nea watew ne ho no hwehwɛ anoyi daa, na ade biara ho yɛ no ahi.” (Mmebusɛm 18:1) Hia a fekuw a ɛte saa ho hia no ka Kristofo ma nnɛ wɔkɔ asafo, ɔmansin, ne ɔmantam nhyiam horow a wɔntotom.

11, 12. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma Kristofo nkyerɛkyerɛ nketenkete kɛkɛ a yenim no dɔɔso ma yɛn?

11 Akyiri yi, Paulo de afotu foforo a mfaso wɔ so yi ma: “Ɛbere a anka ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfo no, ehia mo bio sɛ wɔkyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn nsɛm mu mfitiasesɛm, na moayɛ wɔn a ehia wɔn nufu, na ɛnyɛ aduan a ɛyɛ den. . . . Aduan a ɛyɛ den no fata wɔn a wɔanyin [honhom fam] a anem nti wɔn nkatede akokwaw papa ne bɔne mu yiyi ho.” (Hebrifo 5:12-14) Ɛda adi sɛ na Kristofo a wɔyɛ Yudafo no bi nnya nkɔso wɔ nhumu mu. Wɔyɛɛ nyaa wɔ nimdeɛ foforo a ɛfa Mmara no ne twetiatwa ho a wobegye atom ho. (Asomafo no Nnwuma 15:27-29; Galatifo 2:11-14; 6:12, 13) Ɛbɛyɛ sɛ na amanne ahorow te sɛ dapɛn dapɛn Homeda ne afe afe Mpata Da kronkron no da so ara som bo ma wɔn mu binom.—Kolosefo 2:16, 17; Hebrifo 9:1-14.

12 Enti Paulo ka sɛ: “Momma yennyaw Kristo mfiase asɛm no, na yɛmpere nkɔ nea ɛyɛ pɛ no mu.” (Hebrifo 6:1) Obi a otu mmirika tenten a ɔhwɛ n’adidi yiye no tumi tu mmirikaden no kyɛ. Saa ara nso na Kristoni a ɔhwɛ ne honhom fam adidi yiye—na ɔmfa n’adwene nsi ‘mfiase nkyerɛkyerɛ’ nketenkete nkutoo so—no betumi agyina mmirikatu no mu akodu awiei. (Fa toto 2 Timoteo 4:7 ho.) Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ nokware no “tɛtrɛtɛ ne tenten ne korɔn ne emudɔ” ho anigye, na wanya nkɔanim akodu onyin mu.—Efesofo 3:18.

“Boasetɔ Hia Mo”

13. Ɔkwan bɛn so na na Kristofo a wɔyɛ Hebrifo no ada wɔn gyidi adi wɔ mmere bi a atwam?

13 Wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu akyi pɛɛ no, Kristofo a na wɔyɛ Yudafo gyinaa ɔtaa a ano yɛ den mu pintinn. (Asomafo no Nnwuma 8:1) Gyama ɛno na na ɛwɔ Paulo adwenem a ɔkyerɛw eyi no: “Monkae sɛ kan nna a munyaa hann no, mumiaa mo ani huu ɔko bebree mu amane.” (Hebrifo 10:32) Nokwaredi a wɔde gyinaa mu no kyerɛe sɛ wɔdɔ Nyankopɔn, na ɛmaa wɔne ne ntam nkitahodi kɔɔ so. (1 Yohane 4:17) Paulo tu wɔn fo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔtow kyene esiane gye a wonnye nni nti. Ɔhyɛ wɔn nkuran sɛ: “Boasetɔ hia mo, na, sɛ muwie nea Onyankopɔn pɛ no yɛ a, mo nsa aka bɔhyɛ no. Na aka kakraa sɛ na nea ɔbɛba no aba, na ɔrenkyɛ.”—Hebrifo 10:35-37.

14. Nokwasɛm ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ ɛboa yɛn ma yenya boasetɔ ɛmfa ho mpo sɛ yɛde mfe pii asom Yehowa?

14 Yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ yi nso ɛ? Bere a yɛn mu dodow no ara suaa Kristofo nokware no foforo no, na yɛyɛ nsi. So yɛda so kura saa nsiyɛ no mu? Anaasɛ ‘yɛagyaw yɛn kan dɔ no’? (Adiyisɛm 2:4) So yɛagow yɛn ho, ma ebia yɛapa abaw kakra anaa yɛabrɛ wɔ Harmagedon a yɛretwɛn no ho? Wo de, twɛn na susuw biribi ho. Nokware no da so ara som bo sɛnea na ɛte bere bi a atwam no ara. Yesu da so ara yɛ yɛn soro Hene. Yɛda so ara wɔ daa nkwa wɔ paradise asase so ho anidaso, na yɛda so ne Yehowa wɔ abusuabɔ pa. Na mma wo werɛ mmfi da: “Aka kakraa sɛ na nea ɔbɛba no aba, na ɔrenkyɛ.”

15. Te sɛ Yesu no, ɔkwan bɛn so na Kristofo binom agyina ɔtaa a ano yɛ den mu?

15 Enti Paulo nsɛm a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Hebrifo 12:1, 2 no fata yiye: “Momma yɛntow adesoa biara adesoa ne bɔne [gye a wonnye nni] a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho si gye yɛn asabawmu no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu aperepere a ɛda yɛn anim no mu mmirika, nhwɛ gyidi mu dikanfo ne ne wiefo Yesu a ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛndua ho amane, na wammu aniwu, na wakɔtra Onyankopɔn ahengua nifa.” Onyankopɔn asomfo agyina nneɛma pii ano wɔ nna a edi akyiri yi mu. Te sɛ Yesu a odii nokware kosii owu yawyaw mu no, yɛn nuanom mmarima ne mmea binom de nokwaredi agyina ɔtaa a ano yɛ den paa ano—nneduaban, aninyanne, mmonnaato, owu mpo. (1 Petro 2:21) Sɛ yesusuw wɔn nokwaredi ho a, so wɔn ho dɔ nhyɛ yɛn koma ma?

16, 17. (a) Nneɛma bɛn na ɛsɔ Kristofo dodow no ara gyidi hwɛ? (b) Dɛn na sɛ yɛkae a ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so atu nkwa mmirika no?

16 Nanso wɔ nnipa dodow no ara fam no, Paulo nsɛm a ɔde kaa ho yi yɛ nokware: “Mo ne bɔne redi ako yi, munnya nsiw ano nkoduu mogya mu ɛ.” (Hebrifo 12:4) Nanso, wɔ saa nhyehyɛe yi mu no, nokware kwan no so fa nyɛ mmerɛw mma yɛn mu biara. “Ntuatuaano a nnebɔneyɛfo” de tua ebinom ano wɔ adwumam anaa sukuu, anaasɛ fɛwdi a wogyina ano anaa bɔne ho nhyɛso a wɔko tia ma ebinom abam bu. (Hebrifo 12:3) Sɔhwɛ a emu yɛ den ama botae a ebinom de sii wɔn ani so sɛ wobekura Onyankopɔn gyinapɛn a ɛkorɔn mu no asɛe. (Hebrifo 13:4, 5) Awaefo anya nnipa kakraa bi a wotie wɔn mmradato a ɛyɛ hu no honhom fam gyinabea so nkɛntɛnso. (Hebrifo 13:9) Afoforo nso ahwere anigye esiane wɔne afoforo ntam nsɛmnsɛm nti. Anigyede ne nneɛma a wɔde gye wɔn ahome a Kristofo binom de wɔn adwene asi so dodo no ama wɔayɛ mmerɛw. Na nnipa dodow no ara te nka sɛ nneɛma nhyehyɛe yi mu asetra hyɛ wɔn so.

17 Ampa, saa tebea horow yi mu biara nyɛ ‘mogya a wosiw ano kodu mu.’ Na emu bi nso wɔ hɔ a efi gyinae a enye a yɛn ankasa sisi. Nanso ne nyinaa sɔ yɛn gyidi hwɛ. Ɛno nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani si Yesu boasetɔ ho nhwɛso a ɛkyɛn so no so. Ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi sɛnea yɛn anidaso no yɛ anigye no da. Ɛnsɛ sɛ yɛma ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu sɛ “ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo” no tu yera da. (Hebrifo 11:6) Saayɛ so no, yebenya honhom fam ahoɔden a yɛde bɛtoa nkwa mmirikatu no so.

Yebetumi Anya Boasetɔ

18, 19. Abakɔsɛm mu nsɛm bɛn na ɛkyerɛ sɛ Kristofo a na wɔyɛ Hebrifo a na wɔte Yerusalem no tiee Paulo afotu a efi honhom mu no?

18 Dɛn na Kristofo a na wɔyɛ Yudafo no yɛe wɔ Paulo krataa no ho? Bere a ɔkyerɛw krataa no kɔmaa Hebrifo no akyi bɛyɛ mfe asia no, na wɔreko wɔ Yudea. Wɔ 66 Y.B. mu no, Roma asraafo twaa Yerusalem ho hyiae, maa Yesu nsɛm yi nyaa mmamu sɛ: “Sɛ muhu sɛ dɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnde munhu sɛ ne bɔ abɛn.” (Luka 21:20) Nanso, Kristofo a na wɔbɛwɔ Yerusalem saa bere no yiyedi nti, Yesu kae sɛ: “Ɛnna momma wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so, na wɔn a wɔwɔ [Yerusalem] mfi mu nkɔ, na wɔn a wɔwɔ nkuraase no, mommma wɔnnkɔ mu.” (Luka 21:21) Enti ɔko a wɔne Roma dii no de sɔhwɛ bae: So na Kristofo a wɔyɛ Yudafo no befi Yerusalem a na ɛyɛ Yudasom dwumadibea ti ne asɔrefie fɛfɛ no sibea hɔ?

19 Romafo no san kɔe mpofirim a obiara anhu nea ɛkaa wɔn. Ɛbɛyɛ sɛ Yudafo nyamesomfo buu eyi sɛ ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ na Onyankopɔn rebɔ wɔn kurow kronkron no ho ban. Na Kristofo nso ɛ? Abakɔsɛm kyerɛ yɛn sɛ woguanee. Afei wɔ 70 Y.B. mu no, Romafo no san bae, na wɔsɛee Yerusalem pasaa kunkum nnipa bebree. ‘Yehowa da’ a Yoel hyɛɛ ho nkɔm no baa Yerusalem so. Nanso na Kristofo anokwafo no afi hɔ. ‘Wonyaa nkwa.’—Yoel 2:30-32; Asomafo no Nnwuma 2:16-21.

20. Ɛsɛ sɛ nim a yenim sɛ ‘Yehowa da’ kɛse no abɛn no ka yɛn dɛn?

20 Ɛnnɛ, yenim sɛ ɛrenkyɛ ‘Yehowa da’ kɛse foforo bɛba nneɛma nhyehyɛe yi nyinaa so. (Yoel 3:12-14) Yennim bere a saa da no bɛba. Nanso Onyankopɔn Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ ɛbɛba ɔkwan biara so! Yehowa ka sɛ ɛrenka akyiri. (Habakuk 2:3; 2 Petro 3:9, 10) Enti, momma ‘yenso nneɛma a yɛate no mu ma ɛmmoro so.’ Kwati gye a wonnye nni, “bɔne a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho si gye yɛn asabawmu no.” Si wo bo sɛ wubegyina mu akosi bere biara a ɛbɛba awiei. Kae sɛ Yehowa soro ahyehyɛde a ɛte sɛ teaseɛnam no rekɔ n’anim. Ebedi n’atirimpɔw ho dwuma. Enti ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛkɔ so atu nkwa mmirika no, a yɛmpa abaw!

So Wokae?

◻ Afotu bɛn na Paulo de kɔmaa Filipifo no a sɛ yetie a, ɛbɛboa yɛn ma yɛanya boasetɔ wɔ nkwa mmirikatu no mu?

◻ Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛako atia nneɛma a wiase yi yɛ a ebetumi agye yɛn asabawmu no?

◻ Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa yɛn ho yɛn ho ama yɛanya boasetɔ wɔ mmirikatu no mu?

◻ Nneɛma bɛn na ebetumi ama Kristoni abrɛ ne mmirikatu no ase?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yesu nhwɛso no betumi aboa yɛn ma yɛanya boasetɔ?

[Mfonini wɔ kratafa 8, 9]

Te sɛ ammirikatufo no, ɛnsɛ sɛ Kristofo ma biribiara gye wɔn asabawmu

[Kratafa 10 mfonini]

Biribiara ntumi nsiw Yehowa soro teaseɛnam kɛse no kwan na anni Onyankopɔn atirimpɔw ho dwuma

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena