TI 18
“Kɔ So Di M’akyi”
1-3. (a) Bere a Yesu regyaw n’asomafo no hɔ no ɔyɛɛ no sɛn, na adɛn nti na na ɛnsɛ sɛ n’asomafo no ma wɔn werɛ how? (b) Adwuma a Yesu reyɛ efi bere a ɔkɔɔ soro no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesua ho ade?
NÁ MMARIMA 12 abom gyina faako wɔ bepɔw bi so. Ná wɔn mu 11 de anigye ne ɔdɔ rehwɛ nea ɔtɔ so 12 no. Wuhu no a, na ɔyɛ onipa, nanso nea ɛwom ne sɛ, na ɔne Yesu a wɔanyan no afi awufo mu no. Saa bere yi de, na wasan abɛyɛ Yehowa mma a wɔyɛ honhom no mu nea ɔwɔ tumi paa. Ná wei ne bere a etwa to a Yesu ne n’asomafo no rehyiam wɔ Ngodua Bepɔw no so.
2 Sɛ wufi Yerusalem na wofa Kidron Bon no mu a, na wuhu Ngodua Bepɔw no. Saa bepɔw yi maa Yesu kaee nsɛm pii. Betania kurow a Yesu nyanee Lasaro wom no, bepɔw yi so na na ɛda. Nnawɔtwe kakra a atwam no, na Yesu fi Betfage kurow a ɛno nso da bepɔw yi so awura Yerusalem ama nkurɔfo abɔ agye ne so. Ɛda adi sɛ, na Getsemane turo no nso da Ngodua Bepɔw no so. Ɛhɔ na Yesu faa ahohia pii mu ansa na wɔrekyere no no. Bepɔw koro yi ara so na Yesu ne ne nnamfo a wɔbɛn no paa a wɔyɛ n’akyidifo no dii nkra. Yesu kaa nsɛm a ɛhyɛ nkuran kyerɛɛ wɔn ne wɔn dii nkra. Afei, ɔmaa ne ho so fii asaase so! Ná asomafo no gyinagyina hɔ rehwɛ wɔn Wura a wɔdɔ no no sɛ ɔrekɔ soro. Awiei koraa no omununkum kataa ne ho, na wɔanhu no bio.—Asomafo Nnwuma 1:6-12.
3 Wususuw sɛ nea ɛkɔɔ so no maa asomafo no ani gyinae, na wɔn werɛ howee anaa? Ɛnte saa koraa. Nokwarem no, abɔfo mmienu bi bɛka kyerɛɛ asomafo no sɛ Yesu ne wɔn nwiei koraa. (Asomafo Nnwuma 1:10, 11) Ná asomafo no wɔ nea enti paa a ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gye sɛ Yesu rekɔ soro. Onyankopɔn Asɛm ma yehu hokwan a akyiri yi Yesu nyae wɔ soro. Nea Yesu reyɛ efi bere a ofii asaase so kɔɔ soro no, ɛho hia sɛ yesua ho ade. Adɛn ntia? Kae asɛm a Yesu ka kyerɛɛ Petro yi: “Kɔ so di m’akyi.” (Yohane 21:19, 22) Yɛn nyinaa, ehia sɛ yedi saa ahyɛde no so; ɛnyɛ dakoro asɛm, na mmom yebedi Yesu akyi da biara. Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi ayɛ saa no, ɛsɛ sɛ yehu nea yɛn Wura no reyɛ saa bere yi, ne adwuma a wɔde ahyɛ ne nsa wɔ ɔsoro.
Nea Yesu Reyɛ Efi Bere a Ɔkɔɔ Soro
4. Nea ebesi wɔ soro bere a Yesu asan akɔ hɔ no, sɛn na Bible dii kan kaa ho asɛm?
4 Nea esii wɔ soro bere a Yesu koduu n’Agya nkyɛn, ne anigye a ebia wɔde maa no akwaaba no de, Kyerɛwnsɛm no nka ho asɛm nkyerɛ yɛn. Nanso, Bible no dii kan kaa nea sɛ Yesu san kɔ soro a ebesi wɔ hɔ no ho asɛm. Nea ɛte ne sɛ, na Yudafo no de mfe pii adi afahyɛ kronkron bi fi Mose bere so de abesi asomafo no bere so. Afe biara, na ɔsɔfo panyin no de da koro kɔ asɔrefie no Kronkron Mu Kronkronbea hɔ kɔpete Mpata Da afɔrebɔde no mogya wɔ apam adaka no anim. Nea na ɔsɔfo panyin no yɛ no saa da no, na egyina hɔ ma nea na Mesia no kodu soro a ɔbɛyɛ no. Sɛ edu Mpata Da a, na wɔde srɛ bɔnefakyɛ, na bere a Yesu kɔɔ soro no, ɔmaa saa atirimpɔw no baa mu prɛko. Okopuee Yehowa ankasa anim wɔ ɔsoro, kyerɛ sɛ, baabi a ɛhɔ yɛ kronkron sen biara wɔ amansan yi mu no, na ɔde ne ho kɔkyerɛɛ n’Agya sɛ wabɔ agyede afɔre no awie. (Hebrifo 9:11, 12, 24) Yehowa gyee Yesu afɔre no toom anaa?
5, 6. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa gyee Kristo agyede afɔre no toom? (b) Henanom na wɔnya agyede no so mfaso, na wɔyɛ dɛn nya so mfaso?
5 Sɛ yesusuw nea esii bere a Yesu kɔɔ soro nna kakraa bi akyi no ho a, yebenya ɛho mmuae. Saa bere no, na Kristofo kakraa bi a wɔn dodow yɛ 120 ahyiam wɔ abansoro dan bi mu wɔ Yerusalem, na prɛko pɛ, wɔtee dede bi te sɛ mframa a ɛrebɔ denneennen, na egyigyei wɔ baabi a na wɔwɔ no nyinaa. Wɔhuu tɛkrɛma bebree a ɛte sɛ ogya sɛ esisi wɔn mu biara ti so, na honhom kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa mãmã, na wɔfii ase kaa kasa horow. (Asomafo Nnwuma 2:1-4) Nea esii yi, na ɛkyerɛ sɛ wɔawo ɔman foforo a ɛne honhom fam Israel no, na na ɛyɛ Onyankopɔn “abusua a wɔapaw” no foforo, ne “adehye asɔfokuw” a wɔayi wɔn sɛ wɔnyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asaase so. (1 Petro 2:9) Wei ma yehu paa sɛ, na Yehowa Nyankopɔn agye Kristo agyede afɔre no atom. Honhom kronkron a wɔhwie guu asuafo no so yi ka nhyira ahorow a ahyɛase no, agyede no ma wɔnyae no ho.
6 Efi saa bere no, Kristo akyidifo a wɔwɔ wiase nyinaa anya agyede no so mfaso. “Nguankuw ketewa” a wɔasra wɔn a wɔne Kristo bedi hene wɔ ɔsoro, ne “nguan foforo” a wɔbɛtena ne nniso ase wɔ asaase so no nyinaa benya n’afɔrebɔ no so mfaso. (Luka 12:32; Yohane 10:16) Ɛnam agyede no so na yenya anidaso ne bɔnefakyɛ. Agyede no, sɛ yɛkɔ so “kyerɛ mu gyidi” na yedi Yesu akyi daa a, yebetumi anya ahonim pa, na yɛanya anidaso nso sɛ daakye yɛbɛtena ase daa.—Yohane 3:16.
7. Bere a Yesu kɔɔ soro akyi no, tumi bɛn na wɔde maa no, na dɛn na wubetumi ayɛ de ataa n’akyi?
7 Efi bere a Yesu kɔɔ soro no, dɛn na ɔreyɛ wɔ hɔ? Wɔama no tumi kɛse. (Mateo 28:18) Nokwarem no, Yehowa apaw no sɛ onni Kristofo asafo no anim; Yesu nso de ɔdɔ ne atɛntrenee ayɛ saa adwuma no. (Kolosefo 1:13) Sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm no, Yesu apaw mmarima a wɔfata a wɔbɛhwɛ de nea nguankuw no hia ama wɔn. (Efesofo 4:8) Sɛ nhwɛso no, ɔpaw Paul ma ɔbɛyɛɛ ‘ɔsomafo maa amanaman no,’ na ɔsomaa no ma ɔkɔkaa asɛmpa no wɔ nsaase pii so. (Romafo 11:13; 1 Timoteo 2:7) Bɛyɛ afe 96 Y.B. no, nsafo nson a ɛwowɔ Roma mantam a ɛwɔ Asia no, Yesu ma wɔkyerɛw nsɛm bi de kamfoo wɔn, na ɔde afotu ne nteɛso nso maa wɔn. (Adiyisɛm ti 2-3) Wugye tom sɛ Yesu ne Kristofo asafo no ti anaa ? (Efesofo 5:23) Nea ɛbɛyɛ na woakɔ so adi Yesu akyi no, ɛsɛ sɛ woboa afoforo ma wɔyɛ osetie ma mpanyimfo a wɔwɔ w’asafo mu no.
8, 9. Tumi bɛn na wɔde maa Yesu wɔ afe 1914 mu, na sɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn bere a yɛresisi gyinae wɔ yɛn asetena mu no?
8 Afe 1914 mu no, wɔmaa Yesu tumi no bi kaa ho. Saa afe no mu no, wɔpaw no sɛ Yehowa Mesia Ahenni no so Hene. Bere a Yesu fii ne tumidi ase no, “ɔko baa soro.” Dɛn na efii mu bae? Wɔtow Satan ne ahonhommɔne a wɔka ne ho no guu asaase so, na ɛno kɔfaa ɔhaw kɛse baa asaase so. Akodi, nsɛmmɔnedi, amumɔyɛsɛm, nyarewa, asaasewosow, ne aduankɔm abu so nnɛ, na wei ma yɛkae sɛ seesei, Yesu redi hene wɔ ɔsoro. Satan na ɔda so ara ‘di wiase yi so,’ na ne “bere a aka sua.” (Adiyisɛm 12:7-12; Yohane 12:31; Mateo 24:3-7; Luka 21:11) Nanso, Yesu ama nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa hokwan sɛ wɔnnye ne tumidi no ntom.
9 Mesia Ahenni no so Hene no, ehia paa sɛ yegyina n’afã. Sɛ yɛresisi gyinae wɔ yɛn asetena mu a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ n’adwene wɔ nsɛm ho sen sɛ yɛbɛma wiase bɔne yi akyerɛ yɛn nea yɛnyɛ. Yesu a ɔyɛ “ahemfo mu Hene ne awuranom mu Awurade” no, ɔdɔ adetrenee. Enti sɛ ɔto n’ani hwɛ nneɛma a ɛrekɔ so wɔ asaase yi so a, ebi ma ne bo fuw, na ebi nso ma anigye hyɛ ne koma ma. (Adiyisɛm 19:16) Adɛn ntia?
Nea Ɛma Mesia Ahenni No So Hene No Bo Fuw, Ne Nea Ɛma N’ani Gye
10. Yesu suban te sɛn? Nanso dɛn na ɛma yɛn Wura Yesu bo fuw?
10 Sɛnea Yehowa ani gye no, saa ara na yɛn Wura Yesu nso ani gye. (1 Timoteo 1:11) Bere a Yesu wɔ asaase so no, na n’asɛm nyɛ den. Nanso, nneɛma pii rekɔ so wɔ asaase so nnɛ a ɛhyɛ no abufuw. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ ohu atorosom ahyehyɛde ahorow a wɔka sɛ wɔyɛ n’akyidifo no a, ne bo fuw. Yesu hyɛɛ wei ho nkɔm sɛ: “Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ, ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛkɔ ɔsoro Ahenni no mu; mmom nea ɔyɛ m’Agya a ɔwɔ soro no apɛde no, ɔno na ɔbɛkɔ mu. Ɛda no, nnipa bebree bɛka akyerɛ me sɛ: ‘Awurade, Awurade, yɛamfa wo din . . . anyɛ anwonwade bebree anaa?’ Ɛnna mɛka akyerɛ wɔn sɛ: ‘Minnim mo da! Mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ nneɛma bɔne!”—Mateo 7:21-23.
11-13. Asɛm a ɛyɛ yaw a Yesu bɛka akyerɛ wɔn a wɔde ne din yɛ “anwonwade bebree” no, adɛn nti na ɛbɛyɛ den ama ebinom sɛ wɔbɛte ase, na adɛn nti na Yesu bo afuw wɔn? Fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu.
11 Nnipa pii a ɛnnɛ wɔfrɛ wɔn ho Kristofo no, ebia ɛbɛyɛ den sɛ wɔbɛte asɛm yi ase. Adɛn nti na Yesu bɛka asɛm a ɛyɛ yaw saa akyerɛ nnipa a wɔde ne din ayɛ “anwonwade bebree” no? Kristoman asɔre ahorow no ayɛ nkurɔfo adɔe pii, wɔaboa ahiafo, wɔasisi ayaresabea ne sukuudan ahorow, na wɔayɛ nnwuma afoforo pii nso. Nea ɛbɛyɛ na yɛahu nea enti a Yesu bo afuw wɔn no, momma yensusuw mfatoho yi ho nhwɛ.
12 Fa no sɛ agya ne ɛnna bi pɛ sɛ wɔtu kwan. Ná wɔntumi mfa wɔn mma no nkɔ, enti wɔfaa obi a ɔbɛhwɛ wɔn. Wɔmaa no akwankyerɛ a emu da hɔ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ mmofra no so yiye. Ma wɔn aduan nni, hwɛ sɛ wɔn ho bɛtew bere nyinaa, na hwɛ sɛ wɔrempira.” Nanso bere a awofo no fi akwantu mu bae no, nea wɔbehui no maa wɔn ho dwiriw wɔn, efisɛ na ɔkɔm de mmofra no, wɔn ho ayɛ fĩ, wɔyareyare, na na wɔayɛ basaa. Mmofra no su frɛɛ nea wɔde wɔn gyaw no no, nanso wammua wɔn. Adɛn ntia? Saa bere no nyinaa na ogyina stɛps so repopa mpomma mu. Awofo no de abufuw bisaa no nea enti a wanhwɛ mmofra no. Obuae sɛ: “Monhwɛ adwuma a mayɛ! Mpomma no mu nyɛ mo fɛ? Masiesie nneɛma a asɛe wɔ dan no ho nyinaa ama mo!” Wohwɛ a, wei bɛma awofo no ani agye? Daabida! Ɛnyɛ saa adwuma no na awofo no ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ, mmom no, nea na wɔpɛ sɛ ɔyɛ ara ne sɛ ɔbɛhwɛ mmofra no so. Enti akwankyerɛ a wɔde maa no a wanni akyi no, na ɛbɛma wɔn bo afuw.
13 Kristoman ayɛ wɔn ade te sɛ onipa a wɔde mmofra no gyaw no no ara pɛ. Yesu de akwankyerɛ maa n’ananmusifo sɛ wɔmma ne nkurɔfo aduan wɔ honhom fam. Wei hwehwɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo Onyankopɔn Asɛm mu nokware no, na wɔboa wɔn ma wɔn ho tew wɔ honhom fam. (Yohane 21:15-17) Nanso, Kristoman abu wɔn ani agu saa akwankyerɛ yi so koraa. Wɔama honhom mu kɔm ade nkurɔfo, na wɔnam atoro nkyerɛkyerɛ ne Bible mu nokware a wɔakyinkyim no no so ama nkurɔfo adwene atu afra. (Yesaia 65:13; Amos 8:11) Enti ɛwom sɛ wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛma asetena ayɛ yiye wɔ wiase de, nanso esiane sɛ wɔantie Yesu akwankyerɛ no nti, ne bo afuw wɔn. Nokwarem no, wiase yi te sɛ ofie bi a wɔrebebu agu! Onyankopɔn Asɛm ka no pefee sɛ ɛrenkyɛ wɔbɛsɛe Satan wiase yi.—1 Yohane 2:15-17.
14. Adwuma bɛn na ɛma Yesu ani gye nnɛ, na adɛn ntia?
14 Nnipa mpempem pii reyɛ asuafoyɛ adwuma a Yesu de hyɛɛ n’akyidifo nsa ansa na ɔrefi asaase so no. Sɛ Yesu fi soro hwɛ wɔn a, ɛma n’ani gye paa. (Mateo 28:19, 20) Ɛyɛ hokwan kɛse paa na yɛanya, sɛ yɛbɛma Mesia Ahenni no so Hene no ani agye! Momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so aboa “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no bere nyinaa. (Mateo 24:45) Kristofo mmarima kakraa bi a wɔasra wɔn yi nyɛ wɔn ade te sɛ Kristoman asɔfo no, na mmom wɔakɔ so adi asɛnka adwuma no anim, na wɔfi nokwaredi mu ama Kristo nguan no aduan.
15, 16. (a) Yesu te nka sɛn wɔ abɔnefosɛm a abu so nnɛ no ho, na yɛyɛ dɛn hu sɛ saa na ɔte nka? (b) Dɛn na Kristoman ayɛ a ama Yesu bo afuw wɔn?
15 Yebetumi aka sɛ, sɛ Ɔhene no hu nneɛma bɔne a ɛrekɔ so wɔ asaase so nnɛ no a, ɛma ne bo fuw. Ebia yɛbɛkae sɛnea Farisifo no kasa tiaa Yesu sɛ wasa yare Homeda no. Ná wɔn tirim yɛ den, na na wɔyɛ katee dodo, enti Mose Mmara no ne mmara a na enni nhoma mu no, wɔantumi anhu adwene a ɛwɔ akyi. Nkurɔfo nyaa Yesu anwanwade no so mfaso pii! Ɛmaa nkurɔfo ani gyei, wɔnyaa ahotɔ, na ɛhyɛɛ wɔn gyidi den, nanso Farisifo no de, anwanwade a Yesu yɛe no anyɛ wɔn dɛ. Nea wɔyɛe no maa Yesu tee nka sɛn? Bere bi “ɔde abufuw hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn komaden no maa ne werɛ howee paa.”—Marko 3:5.
16 Ɛnnɛ nso, Yesu hu nneɛma a ɛsen saa, na ɛma ‘ne werɛ how paa.’ Amammerɛ ne amanne, ne nkyerɛkyerɛ a ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia afura Kristoman akannifo no ani. Afei nso, Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a yɛka no hyɛ wɔn abufuw. Wokɔ wiase mmeae pii a, Kristofo a wɔfi wɔn koma mu bɔ mmɔden sɛ wɔn nso bɛka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo sɛnea Yesu yɛe no, asɔfo no piapia nkurɔfo ma wɔtan wɔn ani. (Yohane 16:2; Adiyisɛm 18:4, 24) Bere koro no ara nso, asɔfo no taa hyɛ wɔn akyidifo nkuran ma wɔdi ako kunkum nkurɔfo, te sɛ nea saa a wɔyɛ no bɛma Yesu Kristo ani agye!
17. Ɔkwan bɛn so na Yesu akyidifo anokwafo ma n’ani gye?
17 Nea ɛne wei bɔ abira no, Yesu akyidifo anokwafo bɔ mmɔden da ɔdɔ adi kyerɛ wɔn yɔnko nnipa. Ɛmfa ho sɛ wɔhyia ɔsɔretia no, wɔka asɛmpa no kyerɛ “nnipa ahorow nyinaa” sɛnea Yesu yɛe no. (1 Timoteo 2:4) Afei nso, ɔdɔ a wɔda no adi kyerɛ wɔn ho no da nsow; ɛno ne ade titiriw a ɛma yehu wɔn sɛ wɔyɛ Kristo akyidifo anokwafo. (Yohane 13:34, 35) Sɛ wɔne wɔn nuanom Kristofo di nsɛm wɔ ɔdɔ, obu, ne nidi mu a, ɛkyerɛ paa sɛ wɔresuasua Yesu, na wei ma Mesia Ahenni no so Hene yi ani gye!
18. Dɛn na ɛma yɛn Wura Yesu werɛ how, na yɛbɛyɛ dɛn ama n’ani agye?
18 Yɛyɛ Yesu akyidifo, enti ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, sɛ yɛammia yɛn ani ansom Yehowa yiye, na yɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma no no ano dwo ma yegyae no som a, ɛbɛma yɛn Wura Yesu werɛ ahow paa. (Adiyisɛm 2:4, 5) Enti wɔn a wɔmia wɔn ani gyina mu kosi awiei no de, Yesu ani gye wɔn ho. (Mateo 24:13) Wei enti, momma yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛbɛma Kristo ahyɛde yi atena yɛn adwene mu bere nyinaa. Nea ɔreka ne sɛ: “Kɔ so di m’akyi.” (Yohane 21:19) Wɔn a wɔbemia wɔn ani agyina mu akosi awiei no benya nhyira pii afi Mesia Ahenni no so Hene no hɔ. Momma yɛnhwɛ nhyira no bi.
Ɔhene No Asomfo Anokwafo Kɔ So Nya Nhyira
19, 20. (a) Sɛ yedi Yesu akyi a, nhyira bɛn na yebenya no seesei? (b) Yɛbɛyɛ dɛn ama Kristo ayɛ yɛn “Daa Agya”?
19 Sɛ yɛn ani begye wɔ asetena mu nnɛ a, gye sɛ yedi Yesu akyi. Sɛ yegye Kristo tom sɛ yɛn Wura na yedi n’akwankyerɛ ne ne nhwɛso akyi a, yebenya akorade a nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa rehwehwɛ nanso wɔntumi nnya no bi. Yebenya adwuma a ɛma akomatɔyam ayɛ, yebenya anuanom Kristofo a wɔde baakoyɛ da ɔdɔ kann adi kyerɛ yɛn. Afei nso, yebenya ahonim pa ne asomdwoe. Sɛ yebetwa no tiawa a, yebenya anigye paa wɔ yɛn asetena mu na yɛn koma atɔ yɛn yam. Nhyira afoforo pii nso wɔ hɔ a yɛn nsa betumi aka.
20 Yehowa de Yesu ayɛ “Daa Agya” ama wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ asaase so no. Adam a na ɔyɛ adasamma nyinaa agya no dii n’asefo huammɔ pɔtɔɔ, na Yesu na abesi n’anan mu. (Yesaia 9:6, 7) Sɛ yɛkyerɛ Yesu mu gyidi na yetie no a, ɛkyerɛ sɛ yegye no tom sɛ yɛn “Daa Agya,” na yebetumi ahwɛ kwan sɛ yɛbɛtena ase daa. Afei nso, yɛnam ne so betumi abɛn Yehowa Nyankopɔn. Sɛnea yɛahu no, Yesu nhwɛso a yɛbɛbɔ mmɔden adi akyi da biara da no, ɛno ne ɔkwan a eye sen biara a yebetumi afa so adi Onyankopɔn ahyɛde yi so: “Munsuasua Onyankopɔn, efisɛ moyɛ ne mma a ɔdɔ mo.”—Efesofo 5:1.
21. Akwan bɛn so na Kristo akyidifo hyerɛn sɛ nkanea wɔ wiase a aduru sum yi mu?
21 Sɛ yesuasua Yesu ne n’Agya Yehowa a, yebenya hokwan soronko bi; ɛbɛma yɛahyerɛn sɛ nkanea. Wiase yi aduru sum, na Satan adaadaa nnipa ɔpepepem pii ma wɔabedi n’akyi. Nanso yɛn a yedi Kristo akyi no de, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn kanea hyerɛn wɔ wiase bɔne yi mu. Saa hann a yɛma no hyerɛn no bi ne: Kyerɛwnsɛm mu nokwasɛm a yenim, suban pa a Kristofo da no adi, anigye kɛse a yenya, asomdwoe mapa a yɛwɔ, ne ɔdɔ kann a ɛwɔ yɛn mu. Bere koro no ara nso, ɛma yɛbɛn Yehowa kɛse, na ɛno ne botae a abɔfo ne nnipa nyinaa hwɛ kwan sɛ wɔbedu ho.
22, 23. (a) Wɔn a wɔde nokwaredi di Yesu akyi no, nhyira bɛn na daakye wɔbenya? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?
22 Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔnam ne Mesia Ahenni no so Hene no so bɛyɛ nneɛma pa pii ama wo. Wode susuw ho hwɛ. Ɛrenkyɛ, saa Ɔhene no ne Satan wiase nhyehyɛe bɔne no bɛko wɔ trenee mu, na Yesu bedi nkonim ɔkwan biara so! (Adiyisɛm 19:11-15) Ɛno akyi no, Kristo befi ne Mfirihyia Apem Nniso no ase wɔ asaase so. N’aban a ɛwɔ soro no bɛma nnipa anokwafo nyinaa anya agyede no so mfaso, na waboa wɔn nkakrankakra ama bɔne ne sintɔ biara afi wɔn ho. Wo de twa ho mfoni hwɛ sɛ woanya apɔwmuden, worennyin mmɔ akwakoraa anaa aberewa, na wo ne nnipa a wɔayɛ baako reyɛ adwuma ama asaase yi adan paradise! Sɛ saa Mfirihyia Apem no ba awiei a, Yesu bɛsan de ahenni no ahyɛ n’Agya nsa. (1 Korintofo 15:24) Sɛ wode nokwaredi kɔ so di Kristo akyi a, wubenya nhyira pii a ɛyɛ anigye a wonna nnwen ho da mpo. Ɛno ne: “Anuonyam ahofadi a ɛwɔ hɔ ma Onyankopɔn mma no”! (Romafo 8:21) Anigyesɛm ne sɛ, nhyira a Adam ne Hawa nyae nanso wɔma efii wɔn nsa no, yɛn nsa bɛsan aka ne nyinaa. Nkekae biara a Adam bɔne no de aba yɛn ho no, Yehowa mma a wɔwɔ asaase so no bɛde wɔn ho koraa afi ne nyinaa ho. Nokwasɛm ne sɛ, ebedu saa bere no, “na owu nni hɔ bio.”—Adiyisɛm 21:4.
23 Kae osikani aberante a na ɔyɛ otumfoɔ a yɛkaa ne ho asɛm wɔ Ti 1 no. Bere a Yesu too nsa frɛ no sɛ “bra bedi m’akyi” no, wankɔ. (Marko 10:17-22) Hwɛ na woanni saa mfomso no bi da! Fa anigye ne ahokeka gye Yesu nsato no so. Nea ɔbra no bekyim wo afa biara, si wo bo sɛ wubegyina mu. Kɔ so di Oguanhwɛfo Pa no akyi daa, na ama woatena ase ahu bere a ɔbɛma Yehowa atirimpɔw a ɛyɛ anigye no nyinaa aba mu no!