Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wogye Di?
NSUSUWII bɛn na ɛma obi gye wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ no di? Bible no de akwankyerɛ ma yɛn. Ɛka sɛ: “Na efi wiasebɔ so beeme na [Onyankopɔn] n’ade a wonhu a ɛne ne daa tumi ne nyamesu ada adi nneɛma a ɔyɛe no ho.”—Rom. 1:20.
Sɛ yesusuw “nneɛma a ɔyɛe”—wiasebɔ no ankasa ho a, ɛma nnipa pii hu sɛ ɛnde na ɛsɛ sɛ biribi anaasɛ obi yɛ nea ɔhyɛ eyinom nyinaa akyi. Nsɛm a Einstein, a nneɛma a osusuw ho kae no anya nkɛntɛnso kɛse wɔ nnɛ bere mu nyansahu mu no, kae sɛ: “Obiara a ɔde ne ho ahyɛ nyansahu akyidi mu wɔ anibere so no gye di sɛ honhom bi da adi wɔ Amansan mmara horow no mu—honhom a ɛso kyɛn onipa de koraa, nea ɛsɛ sɛ yɛn a yekura tumi horow a ɛba fam yi brɛ yɛn ho ase wɔ anim.”
Hwɛ Wo Ankasa Wo Ho
Bible no se: “Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam, na ewim kyerɛ ne nsa ano adwuma.” (Dw. 19:1) Na wɔyɛ saa nso wɔ pefee mu a anoyi biara nnim!
Nanso, ɛho nhia sɛ yɛma yɛn ani so hwɛ ɔsoro a nsoromma ahyɛ hɔ ma no na yɛahu Onyankopɔn tumi ne ne su horow no adi a woyi kyerɛ. Wo de susuw sɛnea wo ankasa wote no ho.
Hwɛ wo nsa. So wukura nsɛmma nhoma a worekenkan yi mu anaa? Sɛ ɛte saa, na akyinnye biara nni ho sɛ woakuntun wo nsa no mu sɛnea ɛbɛyɛ na woakenkan nsɛmma nhoma no wɔ ɔkwan a wubehu no yiye so. Nsatea biara de ahoɔden kakra so nsɛmma nhoma no mu na antɔ fam, nanso ɛnyɛ denneennen dodo na antetew nhoma no. So wususuw eyinom nyinaa ho ansa na worefi akenkan ase? Dabida. Wo nipadua no nam gyinae a osii no so hyehyɛɛ eyi maa wo.
Ɛwom sɛ wo nipadua no te sɛ nea ɛrehome de, nanso dɛn na w’aniwa reyɛ? Ɛrehwɛ nsɛm anaa nsɛm a woakyerɛw. Wɔresakra nea w’aniwa hu no wɔ aniwa no akyi dan no anyinam ahoɔden nkate horow. Na wɔde eyi kɔ w’adwene mu. Bere a woresusuw biribi ho no, na adwene no nso de nsɛm a wususuw ho no sie ma daakye na ɛde nsɛm foforo a ne nsa ka no toto nea ne nsa aka bere bi no ho.
Wɔ bere koro no ara mu no, ɛwom sɛ wunsusuw ho de, nanso wo koma nni adagyew koraa wɔ mogya a ɛpɔmpe anaa ɛbɔ ma ɛsen fa wo nipadua mu akwaa ahorow a ayɛ hwanyann no mu no. Mogya no de nneɛma horow a ehia kɔ faako a nipadua no hia eyinom na ɛde nneɛma a ɛho nni mfaso bio wɔ mogya no mu no nso kɔ faako a wɔbɛfa hɔ ayi eyinom afi nipadua no mu no.
Nnwuma horow nso rekɔ so wɔ nipadua no mu. Wo dompe mu hon no nso de mogya mu nkwaboaa ahorow si nea ɛrewu no ananmu. Ɔhonam no nso reyɛ foforo si nea ayɛ dedaw no ananmu. W’awerɛw ne wo ti nhwi nso refuw. Wo nipadua mu akwaa ahorow no reyɛ nipadua mu nsu horow na ama wo nipadua no akari pɛ. Eyinom nyinaa rekɔ so mprempren wɔ bere a wo nipadua no da hɔ komm a ɛregye n’ahome no.
Dwuma a wo nipadua di te sɛ afiri bi no yɛ nea ɛkɔ anim a nyansahu wom kyɛn biribiara a onipa atumi ayɛ wɔ ahunmu bere yi mu. So nyansa wom sɛ yebebu anwonwade a ɛte sɛɛ a wɔayɛ yi sɛ ɛyɛ nea ɛbaa kwa?
Adannandi ho nsɛm a wosusuw ka no kyerɛ sɛ adebɔsu mu mmara ho dwumadi na ɛde onipa bae, nanso entumi nkyerɛkyerɛ nea saa “mmarahyɛfo” no yɛ no mu. Enti, nea ɛka ne sɛ yɛyɛɛ yɛn ankasa ho. Nanso so ɛnyɛ nea ntease wom pii—sɛnea yenim ɔkwan a nneɛma fa so ba ankasa no—sɛ yebedi nsusuwii a Bible mu kyerɛwfo yi kae no akyi: “Woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa” ne “munhu sɛ Awurade [Yehowa] ne Nyankopɔn, ɔno na ɔyɛɛ yɛn na ɔno na yɛwɔ no.”—Dw. 139:14; 100:3.
Momma Yɛmpene Sɛnea Asɛm no Te Ankasa So
Esiane honam fam nneɛma akyi a nnipa di ne ɛho adwene a wokura wɔ Atɔe aman no mu nti, nnipa pii na wɔmpene so sɛ wobegye atom sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ na ɛsɛ sɛ wofi honhom mu ma asemmisa yi ho mmuae: “Ɛhefa na yefi bae?” Obi a ose osusuw ma n’ankasa ho kae sɛ: “Yebetumi ayɛ anyansafo ne wɔn a wɔwɔ ntease bere a yɛka nsɛm fa nimdeɛ a ɛwɔ hɔ mprempren no ho nkutoo.” Nanso so saa na ɛte?
Nneɛma pii wɔ hɔ a nyansapɛfo nim sɛ ɛwɔ hɔ nanso wontumi nkyerɛkyerɛ mu. Nneɛma te sɛ ɔdesani adwene, yɛn ahonim, yɛn nkate a ɛma yɛsom biribi—eyinom nyinaa wɔ hɔ. Nanso nyansahu ntumi mfa “nimdeɛ a ɛwɔ hɔ mprempren” no so nkyerɛkyerɛ mu. Na nkwa ankasa nso ɛ? Dɛn ne saa “nkwa tumi” a ɛwɔ ahoɔden kɛse a ɛma nsonsonee ba nneɛma a ɛwɔ nkwa ne nea enni nkwa ntam no? Nyansahufo ntumi nka. Nanso ayɛ yɛn da biara da asetra mu osuahu. Wɔ nokwarem no, ɛyɛ nea ɛwɔ hɔ daa nti yɛn werɛ taa fi sɛnea nkwa ankasa a ɛyɛ nwonwa yi te ankasa.
Mmara a wonim a ɛyɛ nea ɛma biribi ba ne nea efi mu ba no kyerɛ sɛ, biribi hyɛ nea ɛba no akyi. Biribi na ɛde ɔdesani nipadua a wɔahyehyɛ no anwonwakwan so no “bae.” Ɛnnɛ de yebetumi ahu sɛnea nea odii kan ma “ɛbae” “no yɛ onyansafo kɛse nnɛ sen bere biara. Na nea ɛsen eyi no, na ɛsɛ sɛ Ɔyɛfo bi na ɔma nneɛma te sɛ ɔdesani adwene, ɔdesani ahonim ne nkwa ankasa nso ‘ba.’ Wɔ nokwarem no, yɛrentumi mfa ɔkwan biara so nkyerɛkyerɛ saa nneɛma yi mu na ama obi koma atɔ ne yam, gye sɛ wɔ ɔkwan a Bible ne yɛ no no nkutoo so. Bere a ɔreka Onyankopɔn a yɛsom no no ho asɛm no, Bible mu kyerɛwfo bi kae sɛ: “Wo nkyɛn na nkwa nsuti wɔ.” (Dw. 36:9) Biribiara nni yɛn “nimdeɛ a ɛwɔ hɔ mprempren” no mu a yebetumi agyina so de asɛm no aba awiei wɔ ɔkwan foforo so.
Ɛnde Dɛn Nti na Nneɛma Bɔne Kɔ So?
Bere a yɛresusuw akyinnyegye a ɛwɔ atifi hɔ no ho no, ɔbarima bi a ofi Philippines a onnye Onyankopɔn nni de asɛm a edi hɔ yi nso too gua: “Nhyehyɛe, anwonwade ne nneɛma a ɛyɛ fɛ wɔ adebɔ mu kosi baabi, nanso eyi yɛ asɛm no fa nkutoo. Ne fa a aka nso yɛ basabasayɛ a ɛyɛ hu.” Ɛno na afei bere a wakyerɛkyerɛ nea saa “basabasayɛ” no yɛ mu no te sɛ amanehunu a ɛto nnipa horow ɔyaredɔm ne nea ɛkeka ho no—ɔkɔɔ so kae sɛ: “Obi a ɔsom Onyankopɔn no de ɔdɔ hwɛ nhyehyɛe pa a ɛwɔ adebɔ mu no na eyi hyɛ ne som no mu den, nanso oyi n’ani fi basabasayɛ a ɛma saa gyidi yi mu yɛ mmerɛw no so.”
So woyɛ saa? Anaasɛ so ebetumi aba sɛ nea onnye Onyankopɔn nni no abu n’ani agu “nhyehyɛe pa, nneɛma a ɛyɛ nwonwa na ɛyɛ fɛ a ɛwɔ adebɔ mu” no so na ɛno nso ma ne gye a onnye nni no nso yɛ ɔkwa?
Sɛ nhwɛso no, bere a ɔreka asɛm afa ɔyaredɔm ho no, na ɔreka asɛm no fa nkutoo. Ɔmmɔ ayaresa tumi kɛse a yɛn nipadua no wɔ a edi asetra mu a Ɔyɛfo kɛse a ɔwɔ tumi a ɛyɛ nwonwa no wɔ no din. Bere bi, Napoleon daa ne duruyɛfo panyin no ase sɛ wasa ɔhempɔn no asraafo pii yare. Sɛnea nhoma bi kae no, mmuae a ɔmae no ne sɛ: “Me de mehwɛɛ wɔn, Onyankopɔn na ɔsaa wɔn yare.”
Nea ɛka ho bio no, so onipa wɔ hokwan sɛ obisa asɛm fa asetra mu a Onyankopɔn wɔ no ho esiane ɔyare ne ɔhaw horow a ɛwɔ hɔ no nti anaa? So ɛnyɛ nokware sɛ onipa nniso bɔne, n’akodi, nsɛmmɔnedi, nokware a wonni ne nea ɛkeka ho na ɛde ɔhaw horow yi pii aba? Nyarewa ahorow ahe—te sɛ komayare anaasɛ akisikuru—na ɛwɔ hɔ a ɛnyɛ nea efi nneɛma a atwa onipa ho ahyia, ne onipa no ankasa su horow na ama ɔde eyinom aba n’ankasa so no? Hwɛ nyarewa ahorow a wobetumi ayi afi hɔ anaa wɔadi so koraa ankasa sɛ ɛnyɛ nokware a ɛyɛ sɛ adesamma abusua no mu wɔn a wɔdɔɔso te ohia ne efĩ mu nti?
Nanso, ɛnyɛ onipa haw horow no nyinaa na efi n’ankasa ne mfomso. Dɛn nti na Onyankopɔn ma eyinom kwan ma ɛba? So edi adanse sɛ ɔte ase anaa?
Nhwɛsode bi betumi aboa yɛn ama yɛate saa asɛm yi ase pefee. Wɔ supɔw bi a ɛbɛn Ireland atɔe mpoano so no, na akuraa bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Abandoned Village (Akuraa a Adan Amamfo.) Ɛyɛ akuraa ketewaa bi a obi nte hɔ bio. Sɛnea obiara betumi asusuw no, adan no abubu na asɛe koraa. Adan no atifi nyinaa apa. Apon no nyinaa atutu na afasu no abubu agu.
Wɔ sɛnea akuraa no adan amamfo afa no nti, so wobɛka sɛ ɛrentumi nyɛ yiye sɛ obi na ɔkyekyeree saa akuraa no? Anaasɛ, wo ne Bible mu asɛm yi bɛyɛ adwene sɛ: “Efisɛ ofie biara, obi na osi,” yiw, ofie a abubu adan amamfo mpo. (Heb. 3:4) Wɔ sɛnea akuraa no adan amamfo afa no nyinaa akyi no, yenim sɛ obi na ɔkyekyeree saa akuraa no. Yenim nso sɛ tebea a akuraa no wom mprempren no mfi akuraa no kyekyefo no. Akwan horow wɔ hɔ a wɔfa so siw sɛe a afie horow bɛsɛe ano, nanso wɔn a afie no anaa akuraa no yɛ wɔn de no gyaw hɔ kɔe. Enti, ne nyinaa asɛe adan amamfo.
Tebea a adesamma wom no te saa ara. Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ onipa Yɛfo no bɔɔ no sɛ obi a ɔyɛ pɛ. Wɔde adwuma hyɛɛ ne sa sɛ ɔnhwɛ asase mu no nyinaa so na ɔnwo mma nhyɛ so ma. (Gen. 1:28) Nkonim a obedi wɔ eyi mu no gyina ne Yɛfo no afotu horow akyi a obedi so. Sɛ anka odii saa afotusɛm ahorow no akyi a, anka “basabasayɛ” nni hɔ nnɛ. Anka owu a ɛba denam asiane horow anaasɛ ɔyare wɔ asase a wɔte so no so no nni hɔ. Nanso, onipa pow ne Bɔfo no akwankyerɛ; enti ɛnnɛ, onipa “fie” no wɔ tebea a enye koraa mu.
Onyankopɔn de hokwan maa onipa sɛ omfi ne pɛ mu mpaw nea ɔpɛ. Onyankopɔn nhyɛ nnipa so sɛ wɔnyɛ osetie. Nanso, wɔ mfirihyia ɔhaha pii a nnipa de adi so wɔ ɔkwammɔne so no nyinaa akyi no, wakɔ so ahwehwɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wofi wɔn pɛ mu de hokwan a wɔwɔ no som no no. Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔbɛsɛe wɔn a wɔpow sɛ wɔbɛpene hokwan a Onyankopɔn wɔ sɛ odi n’ankasa n’abɔde so no nyinaa. Wɔbɛhwere wɔn nkwa efisɛ wɔpow nkwa Fibea no. Nanso wɔn a wɔde anisɔ tra ase ma ɛne Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow hyia no ani begye bere a wobehu sɛ wɔasakra asase mu no nyinaa ayɛ no paradise wɔ Onyankopɔn soro ahenni no ase. Wɔn nsa bɛka nhyira horow a pɛ a onipa nyɛ ne ne nniso bɔne no ama wahwere no mu anigye bio.—Adi. 21:3-5.
Enti, ɛho hia yiye sɛ obiara behu Onyankopɔn nnɛ. Sɛ́ yebehu ɔkwan a wafa so aboa ebinom ama wɔayɛ saa no bɛhyɛ yɛn nkuran kɛse.
[Kratafa 13 mfoni]
HENA NA ƆHYEHYƐƐ ƆDESANI NIPADUA NO?
AMEMENE: Afiri a wɔde bu akontaa a nkwa wom a ɛyɛ hwanyann yiye a nea eye sen biara a onipa ayɛ a ɔde bɛto ho no bɛma onipa de no ayɛ sɛ agode bi. Nkae ne tumi a wɔde sua ade a ɛwɔ no boro nea onipa de di dwuma wɔ ne nkwa nna bere mu no so mpɛn ɔpepepem.
ANIWA: Etumi hwɛ ade mpofirim a biribiara nsiw anim, etumi hu su horow na etwa mfonini ahorow wɔ su horow mu bere a nnipa di akɔaneaba na etumi fa afã ahorow abiɛsa so hwɛ ade yi mfonini adi amonom hɔ ara a ɛho nhia sɛ wonya adwinnan bi de siesie eyi ansa.
KOMA: Pɔmpe a eye sen afiri biara a onipa ayɛ. Ɛpɔmpe mogya galɔn 1,500 (ntoa 5,700) anaa nea ɛboro saa da biara da, ɛyɛ adwuma a ɛdɔɔso a ebetumi ama wo nipadua so akɔ wim bɛyɛ anammɔn 5,000.
BERƐBO: Adwinnan a ɛdannan nipadua mu nsu horow wɔ akwan horow a ɛyɛ nwonwa so, na ɛyɛ nnwuma horow a ɛboro 500 a mogya a wɔde sie na woyi ma ka ho, nnuan mu nneɛma pa a wɔde sie, nsu pa ne nsu horow a ɛde ma bere a ehia. Ɛyɛ nnuan pa ahorow a ɛboro 1,000 ma nipadua mu akwahosan.
NNOMPE: Ɛte sɛ nnua a wɔde si ɔdan, emu duru yɛ nkaribo 20 pɛ, nanso ɛwɔ ahoɔden te sɛ dade—wɔde atoatoa mu wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so ama akari pɛ na etumi kura ɔhonam na ɛbɔ nipadua mu akwaa ahorow a eho hia ho ban.
NKATE NTINI AHOROW: Nkitahodi kwan kɛse a ne nsa ka anaasɛ edi nkate ahorow ɔpepem ɔha (100,000,000) ho dwuma anibu biara denam nipadua mu nsu horow a edi dwuma te sɛ anyinam ahoɔden so. Edu ɔhonam no fa biara, mogya ntini, dompe ne akwaa biara mu.
[Kratafa 16 mfoni]
“Obi na osii” ofie a asɛe anaa abubu no mpo