Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 3/1 kr. 28-30
  • So Woreyɛ Onyankopɔn Apɛde?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Woreyɛ Onyankopɔn Apɛde?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn ne “Onyankopɔn Apɛde”?
  • Onyankopɔn Apɛdeyɛ a Wonya Mu Anigye
  • Onyankopɔn Apɛdeyɛ mu Anigye a Wubekura Mu
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Anigye Mu
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Anigye—Ɛyɛ Suban a Yenya Fi Onyankopɔn Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Fa Koma mu Anigye Som Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Anigye A Yɛde Bɛsom Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 3/1 kr. 28-30

So Woreyɛ Onyankopɔn Apɛde?

YEHOWA ADANSEFO baanu hyiaa Episkopal Asɔre no sɔfo bi wɔ wɔn afie afie asɛnka adwuma mu. Ɛkame ayɛ sɛ na n’anim kyerɛ obi a ɔwɔ anigye, ɔbarima a wafu abogyesɛ, a wadi bɛyɛ mfe 60, na ɔhyɛ T-shɛɛt a wɔakyerɛw n’asɔre no din wɔ mu. Oguu ahome kae sɛ: “Me yam a anka yɛn asɔremma bɔ mmɔden trɛw Asɛmpa no mu te sɛ mo, nanso ɛsɛ sɛ meka kyerɛ mo sɛ mommma me fie ha bio.”

Yiw, nnipa pii wɔ hɔ a wɔn ani gye Yehowa Adansefo adwuma no ho na wɔkamfo wɔn wɔ wɔn mmɔdenbɔ ne wɔn anigye no ho. Nanso, wonnya nea Adansefo no reyɛ no mu anigye biara, na saa ara nso na wonni ɔpɛ bi sɛ wɔn ankasa bɛyɛ adwuma no bi. Nanso, nneyɛe a ɛda adi sɛ ɛbɔ ne ho abira yi nyɛ ade foforo. Yesu hyɛɛ nneyɛe a ɛte saa nsow wɔ ne nna no mu, na ɔnam mfatoho bi a ɛkanyan adwene so sii asɛm no so dua yiye.

“Mudwen ho dɛn? Ɔbarima bi wɔ mma baanu; na ɔkɔɔ nea odi kan no nkyɛn sɛ: Ɔba, nnɛ kɔyɛ me bobe turom adwuma! Na obuae sɛ: Wiɛ, owura, na wankɔ. Na ɔkɔɔ nea ɔka ho no nkyɛn kɔkaa saa ara kyerɛɛ no. Na obuae sɛ: Merenkɔ! Na akyiri no, onuu ne ho, na ɔkɔe. Wɔn baanu yi mu hena na ɔyɛɛ nea n’agya pɛ?”—Mateo 21:28-31.

Mmuae no da adi pefee. Te sɛ nkurɔfo akuwakuw a wotiee Yesu no, yebebua sɛ, “Nea odi akyiri no.” Nanso emu da hɔ pefee sɛ na Yesu nam saa mfatoho no so retwe yɛn adwene asi so sɛ nea agya no pɛ a yɛbɛyɛ no na ehia. Ɛwom sɛ ɔba a ɔto so abien no kae sɛ ɔmpɛ sɛ ɔkɔ de, nanso ɔkɔe, na wɔkamfoo no sɛ ɔyɛɛ saa. Saa ara nso na adwuma a ɛfata a wobɛyɛ no ho hia. Ɔba a ɔto so abien no dii ho dwuma denam agya no bobe turom adwuma a ɔkɔyɛe so; wankɔyɛ n’ankasa ne bobe turom adwuma.

Dɛn na eyi nyinaa kyerɛ yɛn? Dɛn na Onyankopɔn hwehwɛ fi n’asomfo hɔ nnɛ? Dɛn na yebetumi asua afi Yesu asetra mu a ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ n’Agya apɛde? Eyinom yɛ nsemmisa a ɛho hia, na ɛho mmuae pa a yebenya no bɛkyerɛ yɛn daa yiyedi, efisɛ “nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:17; Efesofo 5:17.

Dɛn ne “Onyankopɔn Apɛde”?

Wɔakyerɛw edin asɛm “apɛde” bɛboro mpɛn 80 wɔ Comprehensive Concordance of the New World Translation of the Holy Scriptures mu. Mpɛn dodow a epue no mu 60 (anaa bɛyɛ dodow a epue no ɔha biara mu nkyem 75) fa Onyankopɔn apɛde ho. Nsɛm te sɛ “Onyankopɔn apɛde,” “m’Agya apɛde,” ne “Onyankopɔn pɛ” pue bɛboro mpɛn 20. Yetumi hu fi eyi mu sɛ ɛsɛ sɛ ɔsoro apɛde no ho hia yɛn titiriw. Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn apɛde a yɛbɛyɛ no ho hia yɛn titiriw wɔ yɛn asetra mu.

Wɔ Engiresi kasa mu no, edin asɛm a wɔkyerɛ ase “apɛde” no kyerɛ ‘akɔnnɔ, ɔpɛ, tirimbɔ, ade a obi ani gye ho, titiriw biribi a obi a ɔwɔ tumi paw anaa ne tirimbɔ.’ Enti, Otumfoɔ Pumpuni, Yehowa wɔ apɛde, nea n’ani gye ho anaa tirimbɔ. Ɛne dɛn? Kyerɛwnsɛm no ka ne fã bi sɛ ‘[Onyankopɔn] pɛ ne sɛ ogye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu.’ (1 Timoteo 2:4) Yesu Kristo ne tete Kristofo no fi ɔkra nyinaa mu yɛɛ adwuma sɛnea wɔbɛma afoforo anya saa nokware nimdeɛ yi.—Mateo 9:35; Asomafo no Nnwuma 5:42; Filipifo 2:19, 22.

Hena na ɔreyɛ Onyankopɔn apɛde nnɛ? Nnipa bɛboro ɔpepepem abien a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristo akyidifo mu dodow ahe na wɔte sɛ Yesu mfatoho no mu ɔba kumaa a ɔkɔyɛɛ n’agya apɛde no? Mmuae no nyɛ den. Ná Yesu akyidifo a wodi n’anammɔn akyi nokware mu no bɛyɛ adwuma a ɔkae sɛ wɔbɛyɛ no: “Etwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa kan.” (Marko 13:10) Yehowa Adansefo a wɔboro ɔpepem anan ne fã wɔ wiase nyinaa no de nnamyɛ reka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no na wɔrekyerɛkyerɛ afoforo sɛ Ahenni no ne adesamma anidaso koro pɛ ma asomdwoe ne dwoodwoo asetra. So worenya kyɛfa kɛse wɔ Onyankopɔn apɛdeyɛ mu? So woreka Ahenni ho asɛmpa no sɛnea Yesu yɛe no?—Asomafo no Nnwuma 10:42; Hebrifo 10:7.

Onyankopɔn Apɛdeyɛ a Wonya Mu Anigye

Bere a ɛyɛ anigye sɛ wubehu nea ɛyɛ Agya no apɛde no, anigye kɛse wɔ Onyankopɔn apɛde a wobɛkyerɛkyerɛ afoforo no mu sen saa. Yesu nyaa anigye wɔ n’Agya ho nsɛm a ɔkyerɛkyerɛɛ afoforo no mu. Ná obu no sɛ aduan. (Yohane 4:34) Yɛn nso sɛ yesuasua Yesu ka asɛm no kyerɛkyerɛ nneɛma a ɔkyerɛkyerɛe, nsɛm a ɔte fii n’Agya nkyɛn no a, yebenya nokware anigye. (Mateo 28:19, 20) Sɛnea Yesu hyɛɛ bɔ no, “Sɛ munim eyinom na moyɛ a, nhyira ne mo.”—Yohane 13:17.

Mfatoho bi ni: Ɛnã bi a ɔsan de ne ho hyɛɛ daa akwampae som adwuma no mu nnansa yi ara kae sɛ: “Sɛ Bible mu nokware ka Bible suani koma ma n’ani gye a, ɛyɛ anigye ankasa! M’ani gye kɛse bere a mihu sɛ Bible suani bi di kan kyerɛw kyerɛwnsɛm no nyinaa ansa na adesua bere no adu, na ɔhyɛ nneɛma nsow bere a adesua no rekɔ so sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ama nsemmisa a yɛde yɛ ntimu biara ho mmuae wɔ adesua no akyi no.” Ne Bible suani foforo nso yɛ obi a onyaa nokware no ho nimdeɛ bi bere a na ɔyɛ abofra ketewaa no. Afei bere a ɔwaree na n’ankasa nsɛm bi haw no no ɔpɛe sɛ obehu Adansefo no. Hwɛ sɛnea n’ani gyei bere a onuawa ɔkwampaefo no kohuu no no! Ababaa no de anigye san fii ne Bible adesua no ase bio.

Onyankopɔn Apɛdeyɛ mu Anigye a Wubekura Mu

Tete Israel hene Dawid yɛ obi a ɔpɛe sɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ ne nkwa nna nyinaa mu. Ɛmfa ho amanehunu ne ɔhaw ahorow a wɔde baa ne so no, ofii honhom mu kae sɛ: “Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ nea wo, me Nyankopɔn, wopɛ, na wo mmara wɔ me komam.” (Dwom 40:8) Ná Onyankopɔn apɛde a Dawid bɛyɛ no wɔ ne kra mu, ne ne mu tɔnn. Ɛno ne ade a ɛmaa no nyaa anigye bere nyinaa wɔ Yehowa som mu no. Ná Onyankopɔn apɛdeyɛ nyɛ ɔhaw mma Dawid. Mmom no, na ɛyɛ anigyesɛm ma no, biribi a na efi ne komam. Ne nkwa nna nyinaa mu no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ nea obetumi biara de asom ne Nyankopɔn Yehowa, ɛwom mpo sɛ ɔyɛɛ bɔne na ɔtɔɔ sin mmere bi de.

Ɛtɔ bere bi a yebetumi ahwere yɛn anigye. Ebia yɛbɛte ɔbrɛ anaa abasamtu nka. Ebia nsɛm a asisi atwam bɛkɔ so ahaw yɛn ma yɛn ahonim ahaw yɛn wɔ bɔne bi a yɛyɛe bere tenten a atwam ho. Mpɛn pii no, yɛnam Onyankopɔn Asɛm no a yebesua no yiye no so betumi adi saa nkate yi so. Yebetumi akyerɛw Onyankopɔn mmara wɔ yɛn “komam” sɛnea Dawid yɛe no. Sɛ yɛbɔ mmɔden fi yɛn kra nyinaa mu yɛ Onyankopɔn apɛde, kyerɛ sɛ, yɛyɛ nea yebetumi nyinaa a, obetua yɛn ka sɛnea ɛsɛ efisɛ ɔyɛ ɔnokwafo.—Efesofo 6:6; Hebrifo 6:10-12; 1 Petro 4:19.

Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, ɔsomafo Paulo faa Dawid nsɛm a ɛwɔ Dwom 40:6-8 no kae wɔ Hebrifo 10:5-7 de kaa Yesu Kristo ho asɛm. Wɔ saayɛ mu no, Paulo kyerɛɛ sɛnea Yesu bɛn n’Agya. Adwene a Hebri asɛmfua ma “apɛde” no kura ne ‘anigye, ɔpɛ, ne anisɔ.’ Enti Dwom 40:8 betumi akenkan sɛɛ wɔ Kristo ho: ‘O me Nyankopɔn, nea ɛyɛ me anigye ne sɛ mɛyɛ nea ɛsɔ w’ani.’a Yesu pɛe sɛ ɔyɛ nea ɛsɔ n’Agya ani. Yesu yɛ boroo nea na wɔde ahyɛ ne nsa sɛ ɔnyɛ. Ɔyɛɛ nea n’Agya koma pɛ, na n’ani gyee ne yɛ ho.

Ná Yesu asetra nyinaa gyina Onyankopɔn apɛde ne nea ɛsɛ sɛ nnipa yɛ na wɔanya Onyankopɔn nhyira a ɔkyerɛkyerɛɛ afoforo no so. Ná ɔyɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo ne ɔkyerɛkyerɛfo, na onyaa anigye kɛse wɔ saa adwuma no yɛ mu. Enti ɛyɛ nokware sɛ, dodow a yɛyɛ Yehowa adwuma no, dodow no ara na yebenya anigye. So wo nso wubetumi asom sɛ bere nyinaa somfo wɔ asɛnka adwuma no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wo nso w’anigye bɛdɔɔso?

Ade foforo a ɛbɛboa wo ma woakura w’anigye mu wɔ Onyankopɔn apɛdeyɛ mu ne sɛ wode w’adwene besi nea ɛwɔ hɔ daakye so yiye. Ɛno ne nea Yesu yɛe. “Ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛndua ho amane, na wammu aniwu.” Wɔ ne fam no, na anigye no ne sɛ obedi nokware ama Onyankopɔn akosi ase na afei wanya ahenni akatua no wɔ n’Agya nsa nifa so.—Hebrifo 12:2.

Susuw daakye anigye a wɔn a wɔkɔ so yɛ Onyankopɔn apɛde no benya no ho hwɛ. Wobehu wɔn a wɔkɔ so yɛ nea wɔn ankasa pɛ, ɛmfa ho mpo sɛ wɔn nneyɛe no ma wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde no hu amane no sɛe. (2 Tesalonikafo 1:7, 8) Susuw anigye a adɔfo a wɔanyan wɔn no benya bere a wonya hokwan sua Onyankopɔn apɛde na wɔyɛ no nso ho. Anaasɛ susuw Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛma asase yi asan adan paradise no ho. Na nea edi akyiri koraa no, susuw ahofadi a Satan, Yehowa apɛde ho ɔsɔretiafo a wɔbɛsɛe no koraa no de bɛba no ho.

Yiw, Onyankopɔn apɛde a wɔbɛyɛ no nnɛ no betumi de anigye kɛse ne daa anigye aba mprempren ne daakye. Ɛmfa ho sɛnea nkurɔfo yɛ wɔn ade wɔ asɛnka adwuma no ho no, momma yensuasua Yesu nhwɛso a ɛne anigye a ɔde yɛɛ n’Agya apɛde no.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ New World Translation Reference Bible no Dwom 40:8 ase hɔ asɛm.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena