Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/82 kr. 3
  • “Monkae Wɔn A Wodi Mo Anim No”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Monkae Wɔn A Wodi Mo Anim No”
  • Yɛn Ahenni Som—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • MPANYIMFO NE ASAFO MU ASOMFO SƐ NHWƐSO
  • YƐN HO ASE A YƐBƐBRƐ NE OSETIE A YƐBƐYƐ
  • Adwuma a Asafo Mu Asomfo Yɛ No Som Bo Paa
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Biakoyɛ a Wɔbɛma Atra Asafo mu Mpanyimfo ne Asomfo Ntam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Adwuma Bɛn na Asafo mu Asomfo Yɛ?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
  • Sɛnea Wɔahyehyɛ Nneɛma Wɔ Kristofo Asafo No Mu
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1982
km 3/82 kr. 3

“Monkae Wɔn A Wodi Mo Anim No”

1 Nnipa anokwafo a wɔn ani gye Kristosom ho yiye no ani sɔ adwuma pa a mpanyimfo a wɔwɔ asafo ahorow mu yɛ ne nsiyɛ a wɔde di kan no kɛse. Ɛyɛ anigye sɛ yɛne wɔn bɛbom ayɛ ade bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma Ahenni no nneɛma anya nkɔso no. Nea yebetumi ayɛ ne sɛ yefi anisɔ mu besusuw wɔn som adwuma a ayɛ nhwɛsode wɔ mfe pii mu no ho, na afei yɛabɔ mmɔden sɛ yebesuasua wɔn gyidi, ahofama, ɔdɔ ne boasetɔ. Bere a yesusuw wɔn nnamyɛ ne mmɔdenbɔ adwuma ho no, ɛsɛ sɛ ɛkanyan ɔpɛ bi wɔ yɛn mu ma yɛyɛ osetie brɛ yɛn ho ase ma wɔn a ‘wodi yɛn so’ a ebia ‘yɛn kra nti wɔnna anadwo’ no. (2 Tim. 3:10, 11; Heb. 13:7, 17, Kingdom Interlinear Translation.) Asafo mu asomfo nso betumi ayɛ nhwɛso pa ama afoforo bere a wɔbom yɛ adwuma wɔ mpanyimfo no akwankyerɛ ase no.

MPANYIMFO NE ASAFO MU ASOMFO SƐ NHWƐSO

2 Hwɛ sɛnea egye mmɔdenbɔ sɛ mpanyimfo bɛma wɔn honam fam ne abusua asɛyɛde ahorow ne teokrase nneɛma akari pɛ! Nsiyɛ a wɔde di Bible mu nnyinasosɛm ahorow ho dwuma wɔ wɔn asetra mu, a Yehowa honhom’ boa wɔn no, ama wɔatumi ahwɛ wɔn ho ne wɔn mmusua ahorow na wɔhyehyɛ wɔn bere kɔsra afoforo. Daa wɔyɛ asɛnka adwuma, siesie wɔn ho yɛ dapɛn dapɛn asafo nhyiam horow, som sɛ afotufo na wɔsra wɔn a wɔne wɔn wɔ gyidi no mu no. Bere a wofi wɔn pɛ mu di asɛyɛde a wɔde ato wɔn so yi ho dwuma no, wɔbɔ asafo no ho ban na enya nhyira.​—Yes. 32:1, 2.

3 Sɛ nguanhwɛfo nkumaa no, mpanyimfo no hwehwɛ sɛ wobesuasua yɛn nhwɛsofo, Yesu, suban ne n’akwan ahorow. Nea ɛne ne bere so nyamesom asɔfo nyaatwomfo no de bɔ abira no, ná Yesu yɛ nnamyɛ ho nhwɛso kɛse wɔ nokware som mu. Ɛnyɛ ɔkasa nko na ɔde daa saa nnamyɛ no adi na mmom denam ɔpɛ a ɔdaa no adi sɛ ɔbɛyɛ nhwɛso wɔ nneyɛe mu no so. Te sɛ Yesu no, mpanyimfo no de wɔn ho ma wɔ ɔsom kronn mu na wokura adwene a ɛkari pɛ mu wɔ nea wɔhwehwɛ wɔ afoforo ho mu.​—1 Pet. 5:2, 3; Mat. 11:28-30.

4 Ɛsɛ sɛ asafo mu asomfo nso yɛ nnamyɛ ho nhwɛso ma asafo no. Bere a wonya asɛnka adwuma no nyinaa mu kyɛfa na wodi asɛyɛde afoforo ho dwuma no, ‘wonya nnyinaso pa’ wɔ asafo no mu. (1 Tim. 3:13) Bere a wɔyɛ eyi na wɔda nnamyɛ pii adi no, ebia bere kɔ so no, wɔde asɛyɛde afoforo bio bɛhyɛ wɔn nsa. Ebia nea ɛbɛka eyi ho ne dwumadi a wobenya wɔ ɔsom nhyiam no afã horow mu, baguam ɔkasa ahorow a wɔbɛma anaasɛ wɔbɛhwɛ asafo nhoma mu adesua so. Afã fɛfɛ bɛn ara na wonya wɔ asafo no nkɔso ne ne den a ɛyɛ mu sɛɛ, bere a wosua sɛ wobedi wɔn asɛyɛde ahorow ho dwuma na wɔde wɔn ho to Yehowa ne ne honhom kronkron so no!

YƐN HO ASE A YƐBƐBRƐ NE OSETIE A YƐBƐYƐ

5 Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ yɛn anisɔ ma ɔhwɛ adwuma a mpanyimfo no fi ɔdɔ mu yɛ no? Ɔkwan biako ne sɛ yɛde hokwan ahorow bedi dwuma ma yɛne wɔn a wodi anim no ayɛ biako. Ɛsɛ sɛ wɔn asɛyɛde ahorow a emu yɛ duru no a yɛbɛma atra yɛn adwenem no kanyan yɛn ma yɛde obu ma wɔn na yefi osetie mu brɛ yɛn ho ase ma wɔn akwankyerɛ. Sɛ yɛkyerɛ obu a ɛfata ma yɛn mpanyimfo a wɔyɛ adwumaden no a, ɛma yɛne wɔn ani gye, bere a yɛma asafo no abusuabɔ honhom no mu kɔ so yɛ den no.​—1 Tes. 5:12, 13.

6 Ɔkwan foforo a wode bɛkyerɛ anisɔ ne sɛ wubedi kan ne saa anuanom yi ne asafo mu asomfo no ayɛ nhyehyɛe akɔ asɛnka. Kwasida a edi kan wɔ ɔsram no mu anaasɛ Memeneda a ɛto so abien ne nea ɛto so anan no betumi ayɛ bere pa a wode bɛyɛ saa. Asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no a wo ne wɔn benya mu kyɛfa dapɛn dapɛn no bɛyɛ nea ɛhyɛ wɔn nkuran, na ɛbɛyɛ nhyira ama wo ankasa.​—Rom. 1:11, 12.

7 Hokwan bɛn ara na yɛwɔ sɛ yɛbɛyɛ mfɛfo Kristofo a yɛyɛ nnam a yɛredi yɛn asɛyɛde a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn nsa ho dwuma! Bere a yɛyɛ adwumaden de nya Yehowa din a wɔtew ho mu kyɛfa no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn talente ahorow, yɛn akyɛde ahorow ne yɛn ahoɔden di dwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo bɔ mmɔden di wɔn asɛyɛde ahorow a wɔde ahyɛ wɔn nsa ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛbɛyɛ nhwɛso so. Ɛdenam wɔn a wodi anim no a yebesuasua wɔn so no, asafo no bɛyɛ biako wɔ wɔn adwuma, wɔn dɔ ne afoforo ho a wosusuw no a wosuasua mu.​—Fil. 3:17.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena