So Wokae?
So woahu sɛ Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi no so wɔ mfaso ankasa ma wo? Ɛnde dɛn nti na womfa nsɛmmisa a edidi so yi nsɔ w’adwene nhwɛ?
◻ Nsonsonoe bɛn na ɛda “Awurade da” ne ‘Yehowa da’ ntam? (Adiyisɛm 1:10; Yoel 2:11)
“Awurade da” no fa anisoadehu ahorow 16 a wɔaka ho asɛm wɔ Adiyisɛm atiri 1 kosi 22 no ne nsɛntitiriw a Yesu ka siei de yii n’asuafo no asɛmmisa a ɛfa ne mmae ho sɛnkyerɛnne ho no ano. Sɛ́ ade a edi akyiri koraa wɔ Awurade da no mu no, Yehowa da a ɛyɛ hu no bɛpae agu bere a ɔde atemmu ba Satan wiase a aporɔw no so no. (Mateo 24:3-14; Luka 21:11)—12/15, kratafa 11.
◻ Nneɛma bɛn na ɛda nsow wɔ Makarios Bible no ho?
Edin Yehowa no pue bɛboro mpɛn 3,500 wɔ Makarios Bible no mu. Russia nyamesom nhoma ho nimdefo bi kae sɛ: “Nkyerɛase no di Hebri kyerɛwsɛm no akyi pɛpɛɛpɛ, na nsɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ nkyerɛase no mu no yɛ kronn na ɛfata asɛm no.”—12/15, kratafa 27.
◻ Dɛn ne “nokware” a Yesu kae sɛ ɛbɛma yɛade yɛn ho no? (Yohane 8:32)
“Nokware,” a Yesu kaa ho asɛm no kyerɛ nsɛm a efi Onyankopɔn home mu—titiriw nsɛm a ɛfa Onyankopɔn apɛde ho—a wɔakora so wɔ Bible mu no.—1/1, kratafa 3.
◻ Henanom ne nnɛyi Yehu ne Yehonadab?
Yehu gyina hɔ ma Yesu Kristo, a “Nyankopɔn Israel,” Kristofo a wɔasra wɔn no gyina n’ananmu wɔ asase so no. (Galatifo 6:16; Adiyisɛm 12:17) Sɛnea Yehonadab behyiaa Yehu no, “nnipakuw kɛse” a wofi amanaman no mu aba abeso Yesu asase so ananmusifo no mu. (Adiyisɛm 7:9, 10; 2 Ahene 10:15)—1/1, kratafa 13.
◻ ‘Onyankopɔn a wɔne no bɛnantew’ no kyerɛ dɛn? (Genesis 5:24; 6:9)
Eyi kyerɛ sɛ wɔn a wɔyɛɛ saa, te sɛ Henok ne Noa no, yɛɛ wɔn ade wɔ ɔkwan a edii adanse sɛ wɔwɔ Nyankopɔn mu gyidi a emu yɛ den so. Wɔyɛɛ nea Yehowa hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no na wɔbɔɔ wɔn bra ma ɛne nea na wonim fa ne ho fi ɔne adesamma nsɛnnii mu no hyiae.—1/15, kratafa 13.
◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ obi di kan yɛ nhyehyɛe ma wu a obetumi awu no?
Ɔkwan bi so no, nhyehyɛe a ɛte saa a obi yɛ no yɛ akyɛde ma n’abusua no. Ɛda ɔdɔ adi. Ɛkyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ ‘ɔhwɛ ne fiefo’ bere a onni wɔn nkyɛn bio mpo no. (1 Timoteo 5:8)—1/15, kratafa 22.
◻ Dwuma bɛn na “apam dedaw” no dii? (2 Korintofo 3:14)
Ɛyɛɛ apam foforo no ho mfonini, na afɔrebɔ pii a na ɛka ho no kyerɛɛ hia a onipa hia ogye fi bɔne ne owu mu denneennen no. Ná ɛyɛ ‘ɔyɛnfo a ɛkyerɛ kwan kɔ Kristo so.’ (Galatifo 3:24)—2/1, kratafa 14.
◻ Akwan bɛn so na apam foforo no yɛ daa apam? (Hebrifo 13:20)
Nea edi kan no, ɛremma da sɛ wɔde foforo besi ananmu te sɛ Mmara apam no. Nea ɛto so abien, nea ebefi ne dwumadi mu aba no bɛtra hɔ daa. Na nea ɛto so abiɛsa, Onyankopɔn Ahenni no asase so nkoa bɛkɔ so anya apam foforo nhyehyɛe no mu mfaso wɔ Mfirihyia Apem Nniso no mu.—2/1, kratafa 22.
◻ Dɛn ne mfaso horow a efi anisɔ a wɔkyerɛ mu ba?
Abotɔyam a obi nya esiane sɛ ofi komam kyerɛ anisɔ nti no ma n’ani gye na n’asom dwo no. (Fa toto Mmebusɛm 15:13, 15 ho.) Esiane sɛ anisɔ yɛ su pa nti, ɛbɔ obi ho ban fi su a ɛmfata te sɛ abufuw, ahoɔyaw, ne menasepɔw ho.—2/15, kratafa 4.
◻ Apam ahorow bɛn na wɔne wɔn a wɔde honhom awo wɔn no ayɛ?
Apam foforo, a Yehowa ne honhom fam Israelfo ayɛ, ne Ahenni apam, a Yesu ne wɔn a wɔasra wɔn a wodi n’anammɔn akyi ayɛ no. (Luka 22:20, 28-30)—2/15, kratafa 16.
◻ Afahyɛ akɛse abiɛsa bɛn na wɔhyɛɛ Israelfo sɛ wɔnkɔ?
Apiti Afahyɛ a na ɛtoa Nisan 14 Twam no so pɛɛ; Adapɛn Nnapɔnna a na ɛba so wɔ Nisan 16 akyi da a ɛto so 50; ne Anoboa Afahyɛ anaa Asese Afahyɛ a na ɛba so wɔ ɔsram a ɛto so ason mu no. (Deuteronomium 16:1-15)—3/1, nkratafa 8, 9.
◻ Dɛn nti na Kristofo nhyiam horow a yɛbɛkɔ no yɛ hokwan?
Yesu kae sɛ: “Nea baanu anaa baasa ahyiam me din mu no, ɛhɔ na mewɔ wɔn mfinimfini.” (Mateo 18:20; 28:20) Afei nso, ɔkwan titiriw a wɔfa so de honhom fam aduan ma ne asafo nhyiam horow ne nhyiam akɛse. (Mateo 24:45)—3/1, kratafa 14.
◻ Ɛyɛɛ dɛn na edin Nimrod no bae?
Nhomanimfo pii adwene hyia sɛ edin Nimrod no nyɛ nea wɔde too no wɔ awo mu. Mmom no, wobu no sɛ edin a wɔde maa no akyiri yi ma ɛfataa n’atuatew su a ɛbɛdaa adi no.—3/15, kratafa 25.
◻ Abusua ho hia dɛn wɔ nnipa asetra mu?
Abusua no yɛ nnipa ahiade. Abakɔsɛm kyerɛ sɛ bere a abusua nhyehyɛe no sɛe no, ɔmanfo ne aman pii ahoɔden so tew. Enti abusua no wɔ ɔman ahobammɔ ne mmofra ne nkyirimma yiyedi so nkɛntɛnso tẽẽ.—4/1, kratafa 6.
◻ Dɛn ne nsɛntitiriw abiɛsa a edi adanse sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm?
(1) Ɛne nyansahu hyia; (2) nnyinasosɛm ahorow a entwam da a ɛso wɔ mfaso ma nnɛ asetra wom; (3) nkɔmhyɛ pɔtee bi a anya mmamu, sɛnea abakɔsɛm mu nokwasɛm ahorow ada no adi, wom.—4/1, kratafa 15.