Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 7/15 kr. 18-23
  • Ɔkwan Bɛn So Na Yebetumi De Ɔbra Pa Aka Yɛn Gyidi Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkwan Bɛn So Na Yebetumi De Ɔbra Pa Aka Yɛn Gyidi Ho?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Ɔbra Pa Yɛ
  • Ɔbra Pa a Sintɔ Mfa Ho
  • Ɔbra Pa ne Yɛn Nsusuwii
  • Ɔbra Pa ne Yɛn Kasa
  • Ɔbra Pa ne Yɛn Nneyɛe
  • Ɔbra Pa Yɛ Papayɛ a Wɔda no Adi
  • Worebu Bra Pa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Sɛnea Yebetumi Anya Su Pa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wunya Su Pa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Kyerɛ Onyankopɔn Bɔhyɛ Ahorow Ho Anisɔ Denam Gyidi a Wobɛkyerɛ So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 7/15 kr. 18-23

Ɔkwan Bɛn So Na Yebetumi De Ɔbra Pa Aka Yɛn Gyidi Ho?

“Momfa ɔbra pa nka mo gyidi ho.”​—2 PETRO 1:5.

1, 2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Yehowa nkurɔfo bɛbɔ bra pa?

YEHOWA yɛ ade pa bere biara. Ɔyɛ adetrenee ne papa. Enti, ɔsomafo Petro tumi kaa Onyankopɔn ho asɛm sɛ nea ‘ɔnam N’anuonyam ne nneyeɛ pa so’ afrɛ Kristofo a wɔasra wɔn. Ná wɔn soro Agya a ɔyɛ ade pa no ho nokware nimdeɛ akyerɛ wɔn nea ehia na wɔatumi de onyamesom pa ankasa abɔ wɔn bra.​—2 Petro 1:2, 3.

2 Ɔsomafo Paulo hyɛ Kristofo sɛ ‘wonsua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo.’ (Efesofo 5:1) Te sɛ wɔn soro Agya no, ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo yɛ nea ɛma wɔda ɔbra pa adi wɔ tebea biara mu. Nanso dɛn ne ɔbra pa?

Nea Ɔbra Pa Yɛ

3. Wɔakyerɛ “ɔbra pa” ase dɛn?

3 Nnɛyi nsɛm asekyerɛ nhoma ahorow kyerɛ “ɔbra pa” ase sɛ “abrabɔ a ɛkyɛn so; papayɛ.” Ɛyɛ “adeyɛ ne nsusuwii pa; suban pa.” Obi a obu bra pa yɛ adetrenee. Wɔakyerɛ ɔbra pa ase nso sɛ “nea ɛteɛ ho gyinapɛn sodi.” Nokwarem no, wɔ Kristofo fam no, Onyankopɔn na ɔkyerɛ “nea ɛteɛ ho gyinapɛn,” na ɔkyerɛ mu fann wɔ n’Asɛm Kronkron, Bible, no mu.

4. Su horow a woabobɔ din wɔ 2 Petro 1:5-7 bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo yere wɔn ho nya bi?

4 Nokware Kristofo di Yehowa Nyankopɔn trenee gyinapɛn ahorow so, na wɔkyerɛ ne bɔhyɛ ahorow a ɛsom bo no ho anisɔ denam gyidi a wɔkyerɛ so. Wotie Petro afotu yi nso: “Momfa mo mmɔdenbɔ nyinaa nka ho, na momfa ɔbra pa nka mo gyidi ho, nimdeɛ nka mo ɔbra pa ho; ahosodi nka mo nimdeɛ ho, boasetɔ nka mo ahosodi ho, onyamesom pa nka mo boasetɔ ho, onuadɔ nka mo onyamesom pa ho, ne ɔdɔ nka mo onuadɔ ho.” (2 Petro 1:5-7, NW) Ɛsɛ sɛ Kristoni yere ne ho nya su horow yi. Wɔmfa nna anaa mfe kakraa bi na ɛyɛ eyi, na mmom egye mmɔden a obi kɔ so bɔ ne nkwa nna nyinaa. Ɔbra pa a yɛde bɛka yɛn gyidi ho no nkutoo nna fam!

5. Dɛn ne ɔbra pa wɔ Kyerɛwnsɛm mu?

5 Nsɛm asekyerɛ nhoma kyerɛwfo, M. R. Vincent, ka sɛ na tete nkyerɛwee mu mfiase ntease a Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “ɔbra pa” kura no kyerɛ “biribiara a ɛkyɛn so.” Petro de ne dodow kabea dii dwuma bere a ɔka kyerɛɛ Kristofo sɛ wɔnka Onyankopɔn “mmaninyɛ,” anaa ne bra pa nkyerɛ no. (1 Petro 2:9) Kyerɛwnsɛm no nka ɔbra pa ho asɛm sɛ anibiannaso su bi, na mmom sɛ “abrabɔ tumi, abrabɔ mu ahoɔden, ɔkra ahoɔden.” Bere a Petro bɔɔ ɔbra pa din no, na abrabɔ a eye kyɛn so a akokoduru wom a wɔhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn asomfo bɛda no adi na wɔakura mu na ɛwɔ n’adwene mu. Nanso esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, so yebetumi ada ɔbra pa adi ankasa wɔ Onyankopɔn anim?

Ɔbra Pa a Sintɔ Mfa Ho

6. Ɛwom sɛ yɛnyɛ pɛ de, nanso dɛn nti na yebetumi aka sɛ yebetumi abu bra pa wɔ Onyankopɔn ani so?

6 Yɛanya sintɔ ne bɔne afi awo mu, enti ebia yentumi nhu sɛnea yebetumi abɔ ɔbra pa ankasa wɔ Onyankopɔn ani so. (Romafo 5:12) Ɛda adi sɛ yehia Yehowa mmoa na yɛatumi anya koma a emu tew, a nsusuwii, nsɛm, ne nneyɛe pa betumi afi mu aba. (Fa toto Luke 6:45 ho.) Ɔne Bet-Seba yɛɛ bɔne akyi no, ɔdwontofo Dawid a wanu ne ho no srɛe sɛ: “Onyankopɔn, bɔ koma a emu tew ma me, na yɛ honhom foforo a ase tim wɔ me mu.” (Dwom 51:10) Dawid nyaa bɔne fafiri ne mmoa a ohia na wabu bra pa no fii Onyankopɔn hɔ. Enti, sɛ yɛayɛ bɔne a anibere wom nanso yɛde ahonu agye Onyankopɔn ne asafo mpanyimfo no mmoa atom a, yebetumi afi ɔbra pa ase na yɛakura mu.​—Dwom 103:1-3,10-14; Yakobo 5:13-15.

7, 8. (a) Sɛ yɛbɛkɔ so akura ɔbra pa mu a, dɛn na ɛho hia? (b) Mmoa bɛn na Kristofo wɔ na ama wɔatumi abɔ bra pa?

7 Esiane bɔne a yenya fi awo mu nti, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so di ako wɔ yɛn mu na yɛatumi ayɛ nea ɔbra pa hwehwɛ fi yɛn hɔ no. Sɛ yɛbɛkɔ so abu bra pa a, yɛremma kwan da mma bɔne mfa yɛn nyɛ nkoa. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ‘trenee nkoa,’ na yesusuw nneɛma ho, yɛkasa, na yɛyɛ ade wɔ ɔkwampa so. (Romafo 6:16-23) Nokwarem no, yɛn honam akɔnnɔ ahorow ne yɛn nsusuwii bɔne mu yɛ den, na yehyia eyinom ne nneɛma pa a Onyankopɔn hwehwɛ fi yɛn hɔ ho akodi. Enti, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

8 Ade biako ne sɛ, ɛsɛ sɛ yedi Yehowa honhom kronkron, anaa n’adeyɛ tumi, akwankyerɛ akyi. Enti ɛsɛ sɛ yetie Paulo afotu yi: ‘Monkɔ so nnantew honhom mu, na munnni ɔhonam akɔnnɔ akyi koraa. Na honam no tia honhom no n’akɔnnɔ mu, ne honhom no tia honam no, ne eyinom sɔre tia wɔn ho wɔn ho, ma enti, monnyɛ nneɛma ankasa a mopɛ no.’ (Galatifo 5:16, 17) Yiw, yɛwɔ Onyankopɔn honhom no sɛ tumi a ɛma yɛyɛ adetrenee, na yɛwɔ n’Asɛm sɛ abrabɔ pa ho akwankyerɛ. Afei nso yenya mmoa a ɔdɔ wom fi Yehowa ahyehyɛde no hɔ, ne afotu fi “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no hɔ. (Mateo 24: 45-47) Enti, yebetumi ako atia bɔne su ahorow adi so nkonim. (Romafo 7:15-25) Nokwarem no, sɛ nsusuwii a ɛho ntew biara ba yɛn adwenem a, ɛsɛ sɛ yeyi fi yɛn mu ntɛm ara, na yɛbɔ mpae bisa Onyankopɔn mmoa, na yɛatumi ako atia sɔhwɛ biara a ɛbɛma yɛayɛ ade a ɛnkyerɛ ɔbra pa.​—Mateo 6:13.

Ɔbra Pa ne Yɛn Nsusuwii

9. Ɔbra pa hwehwɛ nsusuwii bɛn?

9 Ɔkwan a obi fa so susuw nsɛm ho no na efi ɔbra pa ase. Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛanya ɔsoro dom no, ɛsɛ sɛ yesusuw adetrenee, nneɛma a ɛteɛ na ɛyɛ papa ho. Paulo kae sɛ: “Anuanom, nea ɛyɛ nokware, nea anim yɛ duru, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛwɔ ɔdɔ, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen.” (Filipifo 4:8) Ehia sɛ yɛde yɛn adwene si nneɛma a ɛteɛ, na ɛyɛ papa so, na ɛnsɛ sɛ yɛn ani gye biribiara a enye ho. Paulo tumi kae sɛ: “Nea moasua nso na moagye na moate na moabu wɔ me ho no, ɛno ara na monyɛ!” Sɛ yɛte sɛ Paulo​—yɛn nsusuwii, kasa, ne nneyɛe yɛ papa​—a, yɛbɛyɛ nnamfo pa ne Kristofo asetra ho nhwɛso pa, na ‘asomdwoe Onyankopɔn no ne yɛn bɛtra.’​—Filipifo 4:9.

10. Ɔkwan bɛn so na 1 Korintofo 14:20 a yɛn ankasa de bedi dwuma no bɛboa yɛn ma yɛabu bra pa?

10 Sɛ yɛpɛ sɛ yekura adwempa mu na yɛnam saayɛ so asɔ yɛn soro Agya no ani a, ɛho hia sɛ yɛde Paulo afotu yi di dwuma: “Monnyɛ asɛm ho dwen mu mmofraa, na mmom bɔne mu na monyɛ mmofraa, na asɛm ho dwen mu de, monyɛ pɛ.” (1 Korintofo 14:20) Eyi kyerɛ sɛ sɛ́ Kristofo no, yɛnnhwehwɛ nsɛmmɔne mu nimdeɛ anaa osuahu. Sɛ́ anka yɛbɛma wɔasɛe yɛn adwene wɔ ɔkwan a ɛte sɛɛ so no, yefi nyansam paw sɛ yɛbɛkɔ so sɛ wɔn a wonni suahu na wɔn ho nni asɛm sɛ mmofra wɔ saa kwan yi so. Bere koro no ara, yenim yiye sɛ ɔbrasɛe ne nneɛma a ɛnteɛ yɛ bɔne wɔ Yehowa ani so. Ɔpɛ a emu yɛ den a efi komam a yɛwɔ sɛ yɛbɛsɔ n’ani denam ɔbra pa a yɛbɛbɔ so no so bɛba yɛn mfaso, efisɛ ɛbɛka yɛn ma yɛakwati anigyede ahorow a ɛho ntew ne wiase a ɛda Satan tumi mu yi nkɛntɛnso afoforo a ɛsɛe adwene.​—1 Yohane 5:19.

Ɔbra Pa ne Yɛn Kasa

11. Ɔbra pa a yebu no hwehwɛ kasa bɛn, na wɔ eyi mu no, nhwɛso horow bɛn na yɛwɔ wɔ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo mu?

11 Sɛ yɛwɔ adwempa a, ɛsɛ sɛ eyi nya yɛn kasa so nkɛntɛnso kɛse. Ɔbra pa a yɛbɛbɔ hwehwɛ ɔkasa a ɛho tew, ɛho ba nyam, ɛyɛ nokware, ɛma denhyɛ. (2 Korintofo 6:3, 4, 7) Yehowa ne “nokware Nyankopɔn.” (Dwom 31:5) Odi nokware wɔ ne nneyɛe nyinaa mu, na ne bɔhyɛ ahorow yɛ nokware efisɛ ontumi nni atoro. (Numeri 23:19; 1 Samuel 15:29; Tito 1:2) “Ɔdom ne nokware ayɛ” Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo, “ma.” Bere a na ɔwɔ asase so no, ɔkaa nokware no bere nyinaa sɛnea onya fii n’Agya hɔ no. (Yohane 1:14; 8:40) Afei nso, Yesu ‘anyɛ bɔne, nanso wɔanhu nnaadaa wɔ n’anom.’ (1 Petro 2:22) Sɛ yɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asomfo ampa a, yɛbɛka nokware na yɛayɛ nea ɛteɛ wɔ abrabɔ fam te sɛ nea ‘yɛde nokware akyekye yɛn asen.’​—Efesofo 5:9; 6:14.

12. Sɛ yebebu bra pa a, kasa bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati?

12 Sɛ yebu bra pa a, yɛbɛkwati kasa ahorow bi. Paulo afotu yi bɛkyerɛ yɛn kwan: “Momma wonyi anobow nyinaa ne bobɔne ne abufuw ne ano kurokuro ne abususɛm, ɛne bɔnepɛ nyinaa mfi mo mu.” “Na aguamammɔ ne afideyɛ nyinaa anaa anibere de, mommma wɔmmmɔ din po wɔ mo mu, sɛnea ɛsɛ ahotefo, ɛne aniwude ne nkwaseasɛm anaa asereseresɛm a ɛnsɛ, na mmom aseda.” (Efesofo 4:31; 5:3, 4) Sɛ yɛn koma a ɛteɛ no ka yɛn ma yɛpow kasa a ɛnsɛ Kristofo a, afoforo ani begye yɛn fekubɔ ho.

13. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo di wɔn tɛkrɛma so?

13 Ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛsɔ Onyankopɔn ani na yɛaka nneɛma pa no bɛboa yɛn ma yɛadi yɛn tɛkrɛma so. Esiane sintɔ nti, ɛtɔ mmere bi a, yɛn nyinaa fom wɔ kasa mu. Nanso, osuani Yakobo ka sɛ “yɛde nnareka to apɔnkɔ anom” a, wɔde osetie kɔ baabi a yɛkyerɛ wɔn kwan kɔ no. Enti ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho to yɛn tɛkrɛma nnareka na yɛbɔ mmɔden de di dwuma ɔkwampa so nkutoo. Tɛkrɛma a wonhyɛ so ‘yɛ nea ɛnteɛ.’ (Yakobo 3:1-7) Wɔde amumɔyɛ wiase yi mu su bɔne biara bata tɛkrɛma a wonhyɛ so ho. Ɛno na ɛde nneɛma a ɛsɛe ade te sɛ adansekurum, ɔyaw, ne ntwiri ba. (Yesaia 5:20; Mateo 15:18-20) Na sɛ wɔde tɛkrɛma a wɔnhyɛ so yaw afoforo, wopira wɔn, anaa wɔde twiri wɔn a, awuduru ahyɛ no ma.​—Dwom 140:3; Romafo 3:13; Yakobo 3:8.

14. Kasa ho nnyinasosɛm a abirabɔ wom bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo kwati?

14 Sɛnea Yakobo kyerɛ no, ɛremfata sɛ yɛbɛka Onyankopɔn ho asɛmpa de ‘ahyira Yehowa,’ na bere koro no ara yɛde tɛkrɛma no bedi dwuma ɔkwammɔne so de ‘adome nnipa’ denam ka a yɛbɛka sɛ bɔne bi nto wɔn no so. Hwɛ bɔne ara a ɛyɛ sɛ yɛbɛto Onyankopɔn ayeyi nnwom wɔ nhyiam horow ase, na afei yɛafi adi akɔkeka mfɛfo gyidifo ho nsɛmmɔne! Nsu a ɛyɛ dɛ ne nea ɛyɛ nnwene nyinaa ntumi mfi adi mfi asuti koro mu. Sɛ yɛresom Yehowa a, afoforo wɔ hokwan sɛ wɔhwɛ kwan sɛ yɛbɛka nsɛm a eye sen sɛ yɛbɛka nsɛm a ɛmfra. Enti momma yɛnkwati nsɛmmɔne ka na yɛmmɔ mmɔden nka nsɛm a ɛso bɛba yɛn mfɛfo mfaso na ahyɛ wɔn den honhom mu.​—Yakobo 3:9-12.

Ɔbra Pa ne Yɛn Nneyɛe

15. Dɛn nti na ɛho hia yiye sɛ yɛkwati sɛ yɛbɛfa nnaadaa akwan so?

15 Esiane sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo nsusuwii ne wɔn kasa yɛ papa nti, yɛn nneyɛe nso ɛ? Su pa a yebenya nkutoo ne ɔkwan a yɛbɛfa so anya Onyankopɔn anim dom. Yehowa somfo biara nni hɔ a obetumi apow ɔbra pa, na wadan okontomponi ne ɔdaadaafo, na wasusuw ma afata sɛ Onyankopɔn bɛpene nneɛma a ɛte saa so. Mmebusɛm 3:32 se: “Ɔkɔnkɔnsani yɛ [Yehowa] akyide, na teefo na Ɔne wɔn di atirimsɛm.” Sɛ yɛne Yehowa Nyankopɔn ntam abusuabɔ som bo ma yɛn a, ɛsɛ sɛ saa nsɛm a ɛkanyan adwene no ma yɛkwati sɛ yebesusuw amumɔyɛ ho anaasɛ yɛbɛyɛ biribiara a ɛnteɛ. Nneɛma ason a Yehowa kra kyi no bi ne “koma a edwen mmusu adwene.” (Mmebusɛm 6:16-19) Enti momma yɛnkwati nneyɛe a ɛte saa na yɛnyɛ nea ɛteɛ, na ɛde mfaso abrɛ yɛn yɔnko nnipa na ahyɛ yɛn soro Agya no anuonyam.

16. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ Kristofo de wɔn ho hyɛ nyaatwomyɛ biara mu?

16 Ɔbra pa a yebebu no hwehwɛ sɛ yedi nokware. (Hebrifo 13:18) Obi a ɔyɛ nyaatwom, a ne nneyɛe ne nsɛm a ɔka nhyia no mmu bra pa. Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “nyaatwom” (hy-po-kri-tes’) kyerɛ “nea obua asɛm,” na egyina hɔ nso ma obi a ogye nkurɔfo ani wɔ agopon so. Esiane sɛ na Helafo ne Romafo a wogye nkurɔfo ani hyɛ nkatanim nti, wɔde asɛmfua yi bedii dwuma ntotoho kwan so maa obi a ɔde sɛnea ɔte sie. Nyaatwomfo ‘nyɛ anokwafo.’ (Fa Luka 12:46 toto Mateo 24:50, 51 ho.) Nyaatwomyɛ (hy·poʹkri·sis) nso betumi akyerɛ nsɛmmɔnedi ne anitew. (Mateo 22:18; Marko 12:15; Luka 20:23) Hwɛ awerɛhow ara a ɛyɛ sɛ wɔde ɔserew, adɛfɛdɛfɛsɛm, ne nyaatwom nneyɛe daadaa obi a ɔwɔ afoforo mu ahotoso! Nanso ɛyɛ abotɔyam sɛ yebehu sɛ yɛne Kristofo a wotumi de ho to wɔn so na ɛredi. Na sɛ yebu bra pa na yɛnyɛ nyaatwom a, Onyankopɔn hyira yɛn. Ɔpene wɔn a wɔda “onuadɔ a nkontompo nni mu” adi na wɔwɔ “gyidi a nkontompo nnim” so.​—1 Petro 1:22; 1 Timoteo 1:5.

Ɔbra Pa Yɛ Papayɛ a Wɔda no Adi

17, 18. Bere a yɛda papayɛ a ɛyɛ honhom no aba adi no, ɔkwan bɛn so na yɛne afoforo bedi?

17 Sɛ yɛde ɔbra pa ka yɛn gyidi ho a, yɛbɛyere yɛn ho akwati nsusuwii, kasa, ne nneyɛe a ɛnsɔ Onyankopɔn ani. Nanso, Kristofo bra pa a yɛbɛda no adi no nso hwehwɛ sɛ yɛda papayɛ adi. Nokwarem no, wɔakyerɛ ɔbra pa ase sɛ papayɛ. Na papayɛ yɛ Yehowa honhom kronkron no aba, ɛnyɛ ade a nnipa mmɔdenbɔ de ba. (Galatifo 5:22, 23) Bere a yɛda papayɛ a ɛyɛ honhom no aba adi no, ɛbɛkanyan yɛn ma yɛanya afoforo ho adwempa na yɛakamfo wɔn wɔ wɔn su pa ahorow ho, a wɔn sintɔ ahorow mfa ho. So wɔde nokwaredi asom Yehowa mfe pii? Ɛnde ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ obu ma wɔn na yɛka wɔne ɔsom a wɔde tra Onyankopɔn ho asɛmpa. Yɛn soro Agya no ani gye ɔdɔ a wɔda no adi wɔ ne din ho ne wɔn bra pa nnwuma a ɛda gyidi adi no ho, na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛn ani gye ho.​—Nehemia 13:31b; Hebrifo 6:10.

18 Ɔbra pa ma yenya boasetɔ, ntease, ne mmɔborohunu. Sɛ yɛn yɔnko Yehowa somfo bi rehyia amanehunu anaa adwenemhaw a, yɛbɛka awerɛkyekye nsɛm na yɛama ne werɛ akyekye sɛnea yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no kyekye yɛn werɛ no. (2 Korintofo 1: 3, 4; 1 Tesalonikafo 5:14) Yehu wɔn a ebia wɔn dɔfo bi a wɔahwere no wɔ owu mu nti wodi awerɛhow mmɔbɔ. Sɛ biribi wɔ hɔ a yebetumi ayɛ de abrɛ amanehunu ase a, yɛbɛyɛ, efisɛ ɔbra pa honhom kanyan nnepa a efi ɔdɔ mu.

19. Sɛ yɛn nsusuwii, yɛn kasa, ne yɛn nneyɛe yɛ papa a, ɔkwan bɛn so na afoforo betumi ne yɛn adi?

19 Sɛnea yɛnam nsɛm a ɛyɛ a yɛka fa Yehowa ho so hyira no no, afoforo nso betumi ahyira yɛn esiane sɛ yɛn nsusuwii, yɛn kasa, ne yɛn nneyɛe yɛ papa nti. (Dwom 145:10) Abebusɛm bi a nyansa wom se: “Nhyira da ɔtreneeni atifi, na akakabensɛm kata ɔbɔnefo ano.” (Mmebusɛm 10:6) Obi a ɔyɛ ɔsɛmmɔnedifo ne basabasayɛfo mmu ɔbra pa a ɛbɛtwe no abɛn afoforo ho. Otwa nea ogu, efisɛ nkurɔfo ntumi mfi nokwaredi mu nka ne ho nsɛm a ɛyɛ mfa nhyira no. (Galatifo 6:7) Hwɛ sɛnea wɔn a wɔn nsusuwii, wɔn kasa, ne wɔn nneyɛe yɛ papa sɛ Yehowa asomfo tebea ye fa! Wonya ɔdɔ, ahotoso, ne obu fi afoforo a wofi komam hyira wɔn na wɔka wɔn ho nsɛm a eye mu. Afei nso, wɔn bra pa no kowie Yehowa nhyira a ɛso nni mu.​—Mmebusɛm 10:22.

20. Nkɛntɛnso bɛn na nsusuwii, kasa, ne nneyɛe a ɛyɛ papa betumi anya wɔ asafo a Yehowa nkurɔfo wom so?

20 Ɛda adi sɛ nsusuwii, kasa, ne nneyɛe pa so bɛba asafo a Yehowa nkurɔfo wom mfaso. Sɛ mfɛfo gyidifo de ɔdɔ ne obu dwen wɔn ho wɔn ho ho a, onuadɔ kɔ so wɔ wɔn mu. (Yohane 13:34, 35) Kasa pa, a nkamfo a efi komam ne nkuranhyɛ ka ho, kanyan biakoyɛ ne koroyɛ nkate a ɛyɛ anigye. (Dwom 133:1-3) Na nnepa a ɛma akomatɔyam kanyan afoforo ma wɔyɛ wɔn ade saa ara. Nea ɛsen biara no, Kristofo bra pa a yɛda no adi no kowie yɛn soro Agya, Yehowa, a obu bra pa no mpeneso ne ne nhyira mu. Enti momma yɛmfa nyɛ yɛn botae sɛ yɛbɛkyerɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a ɛsom bo no ho anisɔ denam gyidi a yɛbɛkyerɛ so. Na sɛnea ɛte biara no, momma yɛnyere yɛn ho denneennen mfa ɔbra pa nka yɛn gyidi ho.

Wubebua Dɛn?

◻ Wobɛkyerɛ “ɔbra pa” ase dɛn, na dɛn nti nan nipa a wɔnyɛ pɛ betumi abu bra pa?

◻ Ɔbra pa hwehwɛ nsusuwii bɛn?

◻ Ɛsɛ sɛ ɔbra pa ka yɛn kasa dɛn?

◻ Ɛsɛ sɛ ɔbra pa ka yɛn nneyɛe dɛn?

◻ Mfaso horow bɛn na ɛwɔ ɔbra pa a obi bu mu?

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Esiane sɛ nsu a ɛyɛ dɛ ne nea ɛyɛ nnwene nyinaa ntumi mfi adi mfi asuti biako mu mma nti, afoforo hwɛ kwan sɛ Yehowa asomfo bɛka nsɛm a eye nkutoo ma afata

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena