Bible Nhoma a Ɛto So 59—Yakobo
Nea Ɔkyerɛwee: Yakobo
Beae a Ɔkyerɛw No: Yerusalem
Bere a Ɔkyerɛw Wiei: Ansa na 62 Y.B. reba
BERE a Yesu wɔ asase so reyɛ ne som adwuma no, na n’abusuafo susuw sɛ “n’adwene asɛe.” Saa bere no, “na ne nuanom nnye no nni,” enti na Yakobo, Yosef, Simon, ne Yuda nka Yesu asuafo a wodi kan no ho. (Mar. 3:21; Yoh. 7:5; Mat. 13:55) Ɛnde dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yesu nua Yakobo na ɔkyerɛw Bible mu nhoma a ɛde Yakobo no?
2 Kyerɛwtohɔ no kyerɛ sɛ bere a wonyan Yesu no oyii ne ho adi kyerɛɛ Yakobo, na akyinnye biara nni ho sɛ ɛno na ɛma ogye dii sɛ Yesu ne Mesia no. (1 Kor. 15:7) Asomafo Nnwuma 1:12-14 ka sɛ ansa na Pentekoste bedu so mpo no, na Maria ne Yesu nuanom ne asomafo no ahyiam wɔ Yerusalem abansoro dan bi mu rebɔ mpae. Nanso, so ɛnyɛ asomafo no mu biako a wɔfrɛ no Yakobo na ɔkyerɛw krataa no? Dabi, efisɛ krataa no mfiase pɛɛ no, ɔkyerɛwfo no anna ne ho adi sɛ ɔsomafo, mmom sɛ “Awurade Yesu Kristo akoa.” Bio nso, Yuda nhoma no nnianim asɛm a ɛne Yakobo de no di nsɛ no ka Yuda ho asɛm sɛ “Yesu Kristo akoa, a ɔyɛ Yakobo nua.” (Yak. 1:1; Yuda 1) Enti yebetumi aka sɛ Yakobo ne Yuda a wɔyɛ Yesu nuanom no na wɔkyerɛw Bible nhoma a wɔn din deda so no.
3 Na Yakobo fata koraa sɛ ɔkyerɛw krataa a afotusɛm wom kɔma Kristofo asafo no. Na ɔyɛ ɔhwɛfo a wobu no yiye wɔ Yerusalem asafo no mu. Paulo ka sɛ na “Awurade nua Yakobo” ne Kefa ne Yohane yɛ “adum” wɔ asafo no mu. (Gal. 1:19; 2:9) Ade biako a ɛma yehu sɛ na Yakobo wɔ dibea kɛse wɔ asafo no mu ne sɛ bere a woyii Petro fii afiase no, ɔmaa wɔde ho amanneɛbɔ kɔmaa “Yakobo ne anuanom no.” Na bere a twetiatwa ho asɛm sɔree a Paulo ne Barnaba kɔɔ Yerusalem kobisaa ɛho gyinaesi no, so ɛnyɛ Yakobo na ogyinaa “asomafo no ne mpanyimfo no” ananmu kasae? Anikasɛm ne sɛ bere a wosii gyinae wiei no, krataa a wɔkyerɛwee ne Yakobo nhoma no nyinaa de ‘nkyia’ koro na efi ase. Na eyi nyinaa kyerɛ sɛ onipa biako na ɔkyerɛwee.—Aso. 12:17; 15:13, 22, 23; Yak. 1:1.
4 Abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus ka sɛ Ɔsɔfo Panyin Ananus (Anania) a ɔyɛ Sadukini no na ɔma wosiw Yakobo abo kum no. Eyi sii wɔ Roma hempɔn Festo wu akyi, bɛyɛ afe 62 Y.B. mu, ansa na Albinus bedii n’ade no.a Ɛnde bere bɛn na Yakobo kyerɛw ne krataa no? Yakobo kyerɛw krataa no wɔ Yerusalem kɔmaa “mmusuakuw dumien a wɔabɔ apete no.” (Yak. 1:1) Bere a wohwiee honhom kronkron guu asuafo no so wɔ afe 33 Y.B. mu no, na ebegye bere ansa na Kristosom atrɛw, na na ebegye bere nso ansa na tebea a ɛyɛ hu a wɔbɔɔ din wɔ krataa no mu no asɔre. Krataa no da no adi nso sɛ na Kristofo no nyɛ akuw nketenkete bio, mmom na wɔahyehyɛ wɔn ayɛ wɔn asafo ahorow, na wonyaa “mpanyimfo” a wɔbɛbɔ mpae ama wɔn a wɔayɛ mmerɛw na wɔaboa wɔn. Bio nso, na bere kakra atwam ma enti na anibiannaso asɔre wɔ asafo no mu, na na ɔsom abɛyɛ amanne bi kɛkɛ. (2:1-4; 4:1-3; 5:14; 1:26, 27) Enti ɛbɛyɛ sɛ Yakobo ankyerɛw ne krataa no ntɛm, na sɛ Josephus kyerɛwtohɔ a ɛfa Festo wu ho ne adwene a nhomanimfo bi kura sɛ Festo wui bɛyɛ afe 62 Y.B. mu no yɛ nokware a, ɛnde ebia ɔkyerɛw nhoma no bere tiaa bi ansa na afe 62 Y.B. reba.
5 Yakobo nhoma no ho asɛm wɔ Vatican No. 1209 ne Sinai ne Aleksandria nsaano nkyerɛwee no mu, na eyi ma yehu sɛ ɛyɛ nokware. Ɛwɔ tete nhoma ahorow a ɛbae ansa na Carthage Bagua no reba wɔ afe 397 Y.B. bɛyɛ du mu. Ná tete nyamesɛm akyerɛwfo no taa fa emu nsɛm ka. Nsɛm a ɛwɔ Yakobo nhoma no mu no da no adi pefee sɛ ɛne Kyerɛwnsɛm a aka no hyia.
6 Dɛn na ɛmaa Yakobo kyerɛw krataa yi? Yehu wɔ krataa no mu sɛ na nsɛmnsɛm bi rekɔ so wɔ anuanom mu. Na wɔabrɛ Kristofo gyinapɛn ase, na na wɔabu wɔn ani agu so mpo ma anuanom binom afa wiase no adamfo ma wɔabɛyɛ honhom mu awaresɛefo. Ebinom ka sɛ Yakobo krataa a ɛhyɛ nkuran sɛ wɔmfa nnwuma mmata gyidi ho no bɔ Paulo nsɛm a ɛka sɛ nkwagye nam gyidi so na ɛnyɛ nnwuma so no gu. Nanso krataa no mu nsɛm da no adi sɛ na Yakobo reka gyidi a nnwuma wom ho asɛm na ɛnyɛ anosɛm, na na Paulo nso reka Mmara nnwuma ho asɛm. Nea ɛte ankasa ne sɛ Yakobo ka biribi foa Paulo nsɛm no so de kyerɛ nea ɛma yehu sɛ obi wɔ gyidi. Yakobo afotu no fa nsɛnnennen a Kristofo hyia da biara da ho.
7 Yakobo de nneɛma a yehu daa te sɛ mmoa, ahyɛmma, akuafo, ne afifide yɛ mfatoho a tumi wom de kyerɛkyerɛ gyidi, abodwokyɛre, ne boasetɔ mu yiye. Osuaa ɔkwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛe no yiye, na eyi ma n’afotu no yɛ nea tumi wom ankasa. Krataa yi ma yehu sɛ na Yakobo nim nea epiapia nnipa ma wɔyɛ biribi.
NEA ENTI A MFASO WƆ SO
15 Ɛwom sɛ Yakobo bɔɔ Yesu din mprenu pɛ de (1:1; 2:1), nanso sɛ yɛde Yakobo krataa no toto Bepɔw so Asɛnka no ho yiye a, yebehu sɛ ɔde ne Wura no nkyerɛkyerɛ yɛɛ adwuma. Bere koro no ara, Yehowa din pue mpɛn 13 (Wiase Foforo Nkyerɛase) wɔ krataa no mu, na wɔasi so dua sɛ Kristofo a wɔda gyidi adi no nsa bɛka ne bɔhyɛ no. (4:10; 5:11) Yakobo faa Hebri Kyerɛwsɛm no mu mfatoho ne nsɛm a ɛfata de kyerɛkyerɛɛ n’afotusɛm no mu. Ɔde nsɛm a edidi so yi kyerɛɛ faako a ɔfaa ne nsɛm no fii: “sɛnea kyerɛwsɛm no ka no,” “kyerɛwsɛm no baam” ne ‘kyerɛwsɛm no ka sɛ.’ Na ɔma yehu sɛnea nsɛm yi betumi aka Kristofo asetra. (2:8, 23; 4:5) Bere a Yakobo de afotusɛm a emu da hɔ rema na ɔrehyɛ anuanom gyidi den wɔ Onyankopɔn Asɛm mu sɛ ɛyɛ nhoma a edi mũ no, ɔtwee adwene sii Abraham gyidi nnwuma, Rahab nnwuma a ɔde daa ne gyidi adi, Hiob boasetɔ a enhinhim, ne Elia ho a ɔde too mpaebɔ so no so.—Yak. 2:21-25; 5:11, 17, 18; Gen. 22:9-12; Yos. 2:1-21; Hiob 1:20-22; 42:10; 1 Ahe. 17:1; 18:41-45.
16 Mfaso kɛse wɔ Yakobo afotu no so na ɛka sɛ yɛnyɛ asɛm no yɛfo na ɛnyɛ atiefo kɛkɛ, yɛmfa trenee nnwuma nkyerɛ yɛn gyidi, yɛmfa anigye nnyina sɔhwɛ mu, yɛnkɔ so mmisa nyansa mfi Nyankopɔn hɔ, yɛmmɛn no wɔ mpaebɔ mu bere nyinaa, na yɛmfa mmara titiriw a ɛne, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” no nni dwuma. (Yak. 1:22; 2:24; 1:2, 5; 4:8; 5:13-18; 2:8) Ɔde kɔkɔbɔ a emu yɛ den ma sɛ yɛnhwɛ yɛn ho yiye wɔ nkyerɛkyerɛ bɔne ho, yɛmmfa yɛn tɛkrɛma mmpira afoforo, yɛnnyɛ nyiyimu wɔ asafo no mu, yennni honam akɔnnɔ akyi, na yɛmmfa yɛn ho nnto ahonyade a ɛnkyɛ na asɛe so. (3:1, 8; 2:4; 4:3; 5:1, 5) Yakobo maa emu daa hɔ pefee sɛ nea ɔfa wiase adamfo no yɛ ɔwaresɛefo wɔ honhom mu na ɔtan Onyankopɔn nso, na ɔkyerɛe sɛ ɔsom a ɛho tew wɔ Onyankopɔn ani so ne sɛ “obi bɛhwɛ nyisaa ne akunafo wɔn ahohia mu, na watwe ne ho afi wiase nkekae ho.” (4:4; 1:27) Afotusɛm yi nyinaa so wɔ mfaso na asete nso nyɛ den, na ɛno ara ne ade a wɔhwehwɛ fi tete Kristofo asafo no mu ‘adum’ yi hɔ. (Gal. 2:9) Nsɛm a efi ahobrɛase mu yi yɛ akwankyerɛ ma Kristofo a wɔwɔ mmere a emu yɛ den yi mu, na ɛyɛ “nyansa a efi soro” a ɛsow “trenee aba.”—3:17, 18.
17 Na Yakobo ho pere no sɛ ɔbɛboa ne nuanom ma wɔadu wɔn botae ho na wɔanya nkwa wɔ Onyankopɔn Ahenni mu. Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo nso munnya ntoboase; momma mo koma nnyina pintinn, efisɛ Awurade mmae abɛn.” Sɛ wɔkɔ so gyina sɔhwɛ mu a wɔn ani begye, efisɛ sɛ Onyankopɔn gye wɔn tom a, wɔn nsa bɛka “nkwa abotiri a Yehowa de ahyɛ wɔn a wɔkɔ so dɔ no no bɔ no.” (5:8; 1:12) Na osi so dua sɛ ade titiriw a enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so de nokwaredi yɛ yɛn ade ne sɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔde nkwa abotiri bɛma yɛn—nkwa a owu nnim wɔ soro anaasɛ daa nkwa wɔ asase so. Nokwarem no, krataa a tumi wom yi bɛhyɛ obiara nkuran ma wɔadu daa nkwa botae no ho, sɛ́ ɛyɛ ɔsoro anaa Yehowa wiase foforo a yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ Ahenni Aba no bedi so no mu.—2:5.
[Ase hɔ asɛm]
a Jewish Antiquities, XX, 197-200 (ix, 1); Webster’s New Biographical Dictionary, 1983, kratafa 350.