Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • dg ɔfã 5 kr. 10-12
  • Hokwan a Wɔde Paw Nea Wɔpɛ Akyɛde Pa No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hokwan a Wɔde Paw Nea Wɔpɛ Akyɛde Pa No
  • So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Wɔbɔɔ Yɛn
  • Mfitiase a Eye Sen Biara
  • Ahofadi a Anohyeto Wom
  • Hena Mmara?
  • Ma W’ani Nnye sɛ Onyankopɔn De Wo Pɛ Ama Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Ahofadi a Yehowa Asomfo Wɔ
    Som Nokware Nyankopɔn Koro No
  • Nea Ɛbɛma Yɛanya Ahofadi Ankasa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Nnye Onyankopɔn Ahofadi A Ɔde Ma No Kwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?
dg ɔfã 5 kr. 10-12

Ɔfã 5

Hokwan a Wɔde Paw Nea Wɔpɛ Akyɛde Pa No

1, 2. Akyɛde pa bɛn na ɛyɛ yɛn adebɔsu fã?

NEA ɛbɛyɛ na yɛate nea enti a Onyankopɔn ama amanehunu ho kwan ne nea ɔbɛyɛ wɔ ho ase no, ehia sɛ yehu sɛnea ɔbɔɔ yɛn. Wammɔ yɛn amma yɛn nipadua ne amemene kɛkɛ. Ɔbɔɔ yɛn maa yɛn adwene ne nkate mu tumi atitiriw bi nso.

2 Yɛn adwene ne nkate fã titiriw bi ne hokwan a yɛde paw nea yɛpɛ. Yiw, Onyankopɔn de ahofadi a yɛde paw nea yɛpɛ tumi hyɛɛ yɛn mu. Ampa, ɛyɛ akyɛde pa a efi ne nkyɛn.

Sɛnea Wɔbɔɔ Yɛn

3-5. Dɛn nti na yɛn ani sɔ hokwan a yɛde paw nea yɛpɛ no?

3 Ma yensusuw sɛnea hokwan a wɔde paw nea wɔpɛ ho asɛm wɔ amanehunu a Onyankopɔn ama ho kwan no mu no ho. Nea edi kan no, susuw eyi ho: So w’ani sɔ ahofadi a wowɔ sɛ wopaw nea wobɛyɛ ne nea wobɛka, nea wubedi ne nea wobɛhyɛ, adwuma a wobɛyɛ, ne faako a wobɛtra ne sɛnea wobɛtra ase no? Anaasɛ wobɛpɛ sɛ obi kyerɛ wo asɛm biara a wobɛka ne biribiara a wobɛyɛ bere biara wɔ w’asetra mu?

4 Obiara a n’adwenem da hɔ mpɛ sɛ wogye n’asetra so tumi a ɔwɔ no fi ne nsam koraa saa. Dɛn ntia? Sɛnea Onyankopɔn bɔɔ yɛn nti. Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne ‘suban so sɛ ne sɛso,’ na tumi horow a Onyankopɔn wɔ biako ne ahofadi a ɔde paw nea ɔpɛ. (Genesis 1:26; Deuteronomium 7:6) Ɔbɔɔ nnipa no, ɔde saa tumi pa no ara bi—hokwan a wɔde paw nea wɔpɛ akyɛde no maa wɔn. Ɛne ade biako nti a sɛ sodifo nhyɛsofo yɛ yɛn nkoa a, yɛte abasamtu nka no.

5 Enti ahofadi ho akɔnnɔ amma ara kwa, efisɛ Onyankopɔn yɛ ahofadi Nyankopɔn. Bible no se: “Nea [Yehowa] honhom wɔ no, ɛhɔ na ahofadi wɔ.” (2 Korintofo 3:17) Enti, Onyankopɔn maa yɛn hokwan a yɛde paw nea yɛpɛ sɛ yɛn bɔbeasu fã. Esiane sɛ na onim sɛnea yɛn adwene ne nkate bɛyɛ adwuma nti, na onim sɛ, sɛ yɛwɔ hokwan a yɛde paw nea yɛpɛ a, yebenya anigye a ɛsen biara.

6. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn bɔɔ yɛn adwene sɛ ɛnyɛ adwuma ma ɛne hokwan a yɛde paw nea yɛpɛ nhyia?

6 Nea Onyankopɔn de kaa hokwan a yɛde paw nea yɛpɛ ho maa yɛn ne sɛnea yetumi susuw ade ho, kari nsɛm hwɛ, si gyinae, na yehu papa ne bɔne. (Hebrifo 5:14) Enti, na hokwan a yɛde paw nea yɛpɛ begyina nyansa a yɛde bɛpaw nea yɛpɛ so. Wɔammɔ yɛn sɛ mfiri a wonni adwene a wontumi mpaw nea wɔpɛ. Saara na wɔammɔ yɛn sɛ yɛmfa nkate nyɛ ade sɛnea mmoa yɛ no. Mmom no, wɔyɛɛ yɛn adwene nwonwaso no ma ayɛ adwuma ma ɛne ahofadi a yɛde paw nea yɛpɛ no ahyia.

Mfitiase a Eye Sen Biara

7, 8. Mfitiase pa bɛn na Onyankopɔn maa yɛn awofo a wodi kan no?

7 Nea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn akyerɛ sɛnea odwen wɔn ho no, ɔmaa yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa, biribiara a ntease wom sɛ obi hwehwɛ kaa hokwan a wɔde paw nea wɔpɛ akyɛde no ho. Wɔde wɔn kɔtraa paradise kɛse bi a ɛte sɛ turo mu. Na wɔwɔ honam fam nneɛma pii. Na wɔwɔ adwene ne nipadua a edi mũ, enti anka wɔmmɔ akwakoraa ne aberewa, wɔnnyare na wonnwu—ná anka wobetumi atra ase daa. Ná anka wobetumi awo mma a wɔyɛ pɛ a anka wɔn nso betumi anya daakye a ɛyɛ anigye a enni awiei. Na anka nnipa a wɔredɔɔso no bɛyɛ adwuma a akomatɔyam wom, a awiei koraa ɛbɛma asase no nyinaa adan paradise.—Genesis 1:26-30; 2:15.

8 Bible no ka nea ɔde mae no ho asɛm sɛ: “Na Onyankopɔn huu nea ɔyɛe nyinaa, na hwɛ, eye papa.” (Genesis 1:31) Bible no ka Onyankopɔn ho asɛm nso sɛ: “N’adeyɛ yɛ pɛ.” (Deuteronomium 32:4) Yiw, Ɔbɔadeɛ no maa adesamma abusua no mfitiase a ɛyɛ pɛ. Na entumi nyɛ papa nsen saa. Hwɛ sɛnea ɔkyerɛe sɛ ɔyɛ Onyankopɔn a odwen wɔn ho!

Ahofadi a Anohyeto Wom

9, 10. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde hokwan a yɛde paw nea yɛpɛ di dwuma ɔkwan pa so?

9 Nanso, so na Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ hokwan a wɔde paw nea wɔpɛ no bɛyɛ nea anohyeto nnim? Yɛ kuropɔn bi a adagyew nnim a wonni afirika ho mmara biara wom, a obiara tumi de afiri tu mmirika biara kɔ baabiara a ɔpɛ ho mfonini wɔ w’adwenem. So wobɛpɛ sɛ woka afiri wɔ saa tebea no mu? Dabi, ɛno bɛyɛ afirika mu basabasayɛ, na nokwarem no, ɛde akwanhyia pii bɛba.

10 Saara na Onyankopɔn akyɛde a ɛne hokwan a wɔde paw nea wɔpɛ no te. Ahofadi a anohyeto nnim bɛma basabasayɛ asi nnipa mu. Ɛsɛ sɛ wonya mmara a ɛbɛkyerɛ nnipa dwumadi kwan. Onyankopɔn Asɛm se: “Monyɛ mo ade sɛ nnipa a wɔde wɔn ho, na mommfa mo ahofadi no nnyɛ bɔne ho anoyi da.” (1 Petro 2:16, JB) Onyankopɔn pɛ sɛ yɛde hokwan a yɛde paw nea yɛpɛ di dwuma ma obiara nya mu mfaso. Ná ɛnyɛ n’atirimpɔw ne sɛ ɔbɛma yɛn ahofadi korakora, na mmom nea anohyeto wom, nea wɔde mmara di dwuma wom.

Hena Mmara?

11. Wɔbɔɔ yɛn sɛ yenni hena mmara so?

11 Hena mmara na wɔbɔɔ yɛn sɛ yenni so? Asɛm a ɛwɔ 1 Petro 2:16 (JB) no fã foforo bi se: “Monnyɛ obiara nkoa, gye Onyankopɔn.” Eyi nyɛ nhyɛso nkoayɛ, na mmom, ɛkyerɛ sɛ wɔbɔɔ yɛn sɛ yennya anigye a ɛsen biara bere a yedi Onyankopɔn mmara so no. (Mateo 22:35-40) Ne mmara a ɛsen mmara biara a nnipa ahyɛ no, de akwankyerɛ a eye sen biara ma. “Me [Yehowa], wo Nyankopɔn, mene Nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so.”—Yesaia 48:17.

12. Ahofadi a yɛwɔ sɛ yɛpaw nea yɛpɛ bɛn na yɛwɔ wɔ Onyankopɔn mmara ahorow mu?

12 Bere koro no ara mu no, Onyankopɔn mmara ahorow no ma obi nya ahofadi pii de paw nea ɔpɛ wɔ wɔn anohyeto no mu. Eyi de tebea a egu ahorow ba, na adesamma abusua no ho yɛ anika. Susuw nnuan, ntade, nnwom, adwinni, ne afie a egu ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no ho. Nokwarem no, yɛpɛ sɛ yɛpaw nea yɛpɛ wɔ nneɛma a ɛte sɛɛ mu sen sɛ obi foforo besi ho gyinae ama yɛn.

13. Abɔde mu mmara horow bɛn na yɛn ankasa yiyedi nti, ɛsɛ sɛ yedi so?

13 Enti wɔbɔɔ yɛn sɛ yennya anigye a ɛsen biara bere a yedi Onyankopɔn mmara ahorow ma nnipa nneyɛe so no. Ɛte sɛ nea yedi Onyankopɔn adebɔ mu mmara horow so ara pɛ. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛanni gravity (tumi a ɛtwe ade ba fam) ho mmara so, na yehuru fi soro a, yebepira anaa yebewu. Sɛ yɛanni yɛn nipadua mu mmara horow so na yegyae adidi, nsunom, anaa mframa home a, yebewu.

14. Yɛyɛ dɛn hu sɛ wɔammɔ adesamma sɛ wɔnne wɔn ho mfi Onyankopɔn ho?

14 Sɛnea wɔbɔɔ yɛn a ehia sɛ yedi Onyankopɔn adebɔ mu mmara so no, saa ara na wɔbɔɔ yɛn a ehia sɛ yedi Onyankopɔn abrabɔ pa ne asetra mu mmara so. (Mateo 4:4) Wɔammɔ nnipa sɛ wɔntwe wɔn ho mfi wɔn Bɔfo no ho na asi wɔn yiye. Odiyifo Yeremia se: “Enni ɔbarima nsam sɛnea ɔnam a, obetutu n’anammɔn. [Yehowa], teɛ me so.” (Yeremia 10:23, 24) Enti wɔbɔɔ nnipa sɛ wɔntra Onyankopɔn tumidi ase wɔ ɔkwan biara so, na ɛnyɛ wɔn ankasa de ase.

15. So na Onyankopɔn mmara ahorow bɛyɛ adesoa ama Adam ne Hawa?

15 Ná Onyankopɔn mmara a yɛn awofo a wodi kan no bedi so no renyɛ adesoa. Mmom no, anka ɛbɛma asi wɔne adesamma abusua no nyinaa yiye. Sɛ nnipa baanu a wodi kan no ammu Onyankopɔn mmara mu anohyeto ahorow so a, anka biribiara bɛkɔ yiye. Nokwarem no, anka yɛte paradise a anigye wom mu nnɛ sɛ adesamma abusua a ɔdɔ ne biakoyɛ wɔ wɔn ntam! Anka nsɛmmɔnedi, amanehunu, ne owu nni hɔ.

[Kratafa 11 mfonini]

Ɔbɔadeɛ no maa adesamma mfitiase a edi mũ

[Kratafa 12 mfonini]

Sɛ afirika ho mmara ahorow nni hɔ a, so wobɛpɛ sɛ woka afiri wɔ beae a mfiri akyere so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena