Okununom Ne Ɔyerenom—Momfa Nkitahodi Nni Ntawntawdi So
ABUSUA NO—Beae a Asomdwoe Wɔ?
Wɔn akode ne nsɛm a ɛyɛ yaw a wɔahyɛ da adwene ho a wɔka a ɛma ɔfoforo no te nka sɛ adu ne koma mu. Nea ɛda adi wɔ mmusua a wɔne wɔn ho nka mu da biara ne nteɛteɛm, ntɔkwaw ne nneɛma totow. Ɛwom sɛ mmusua afoforo nso nko wɔ abɔnten de, nanso obiara ne ne yɔnko nkasa na eyi de abasamtu kɛse ba. Mpɛn pii eyinom yɛ abusua mufo a wosusuw wɔne wɔn ho wɔn ho abusuabɔ ho. Dɛn na ɛmma wonnya anigye a wɔpɛ wɔ ofie asetra mu no? Nsɛm a edidi so yi de ɛho mmuae pa bi ma.
NÁ JOAN ne Paul de no yɛ nea nnipa pii te nka sɛ ɛyɛ “aware a edi mũ.” Nanso Paul de n’adwene sii n’adwuma a ɔyɛ so kɛse. Paul kae sɛ: ‘Sɛ meba fie a, nea na mepɛ sɛ meka ho asɛm ne m’adwuma no mu nsɛnnennen ahorow. Ɛwom sɛ na mifew Joan ano yɛ no atuu de, nanso na m’adwene wɔ baabi foforo.’ Ná Joan ne no nyɛ adwene wɔ n’adwuma ho anigye a ɛte sɛɛ mu. Sɛ́ ɛna kumaa a ɔrebɔ ne ho mmɔden no, ɔtee nka sɛ ne kunu abu n’ani agu no so, onnwen ne ho. Eyi ma odii yaw efisɛ Paul ante nka amma no wɔ ne nkate ahorow no mu.
Afei wɔ bere bi akyi no na ɛmfa Joan ho bio. Sɛ Paul ka ne haw ahorow no ho asɛm a, ogye so wɔ anibiannaso mu kɛkɛ. Ɔnte nka mma no bio. Ɛmfa ho sɛ ɔbarima no yɛ ɔdemafo kɛse na ɔbea no yɛ ɛna pa no, na wɔde ahiade titiriw ne akyɛde kɛse bi kame wɔn ho wɔn ho—nkitahodi a efi komam. Wɔbɛyɛɛ ahɔho maa wɔn ho wɔn ho wɔ nkate ho asɛm mu, na na nkitahodi a enni hɔ yi de nkakrankakra resɛe wɔn aware no.
Koma no Ahiade
Sɛnea afotufo Marcia Lasswell ne Norman Lobsenz kyerɛ no, ebia “nea ɛyɛ ade titiriw wɔ aware mu ne ɔma ne ogye boa a wɔboa wɔn ho wɔn ho wɔ nkate mu.” Esiane basabasayɛ a ɛwɔ wiase a atwa yɛn ho ahyia no mu nti, mmoa a efi wɔn a yɛdɔ wɔn nkyɛn yi ho hia. Sɛ eyi nni hɔ a, etumi yɛ yaw kɛse, “na komam awerɛhow bubu honhom.” (Mmebusɛm 15:13) Ebetumi asɛe ahotoso a obi wɔ wɔ n’ankasa mu ne ne honhom.
Sɛ obi koma di awerɛhow esiane sɛ ne hokafo nte nka mma no a, nea ɛtaa ba ne abufuw. Ɔyere bi kae sɛ, “Sɛ ɔtra hɔ na ɔka kyerɛ me sɛ mete ade nka dodo a, etumi yɛ me yaw kɛse. Ɛma mifi ase su na ɛhaw me yiye.” Anaasɛ te sɛ nea Paul tee nka no: ‘Mihui sɛ, sɛ me ne Joan nkutoo wɔ hɔ a, ɔnna anigye kɛse adi, nanso sɛ afoforo bɛsra yɛn pɛ a, n’ani tumi gye paa na obu n’ani gu me so koraa. Etumi yɛ me yaw kɛse na ɛma me bo fuw nso efisɛ na mete nka sɛ ɔde me ayɛ akoa. Mema no biribiara a ɔpɛ nanso ɔyɛ te sɛ nea ɔpɛ afoforo asɛm sen me.’
Awarefo binom ka wɔn ano tom a wɔnka hwee bere a wohu amane, na wɔyɛ wɔn ho te sɛ nea wɔn aware no ye. Nanso nipadua no te nea adwene no pɛ sɛ ebu n’ani gu so no nka. Nnipa a wɔwɔ aware mu ɔhaw ahorow a wonni ho dwuma no bɔ ɛyaw a ennyae, atipae, yafunu mu a ɛbɔ pɔw, adwenem basaayɛ, ɔbarima ne ɔbea nna ho anigye a wɔnkyerɛ, ne ade ho amanneɛ kyerɛ nnuruyɛfo. Mpɛn pii abufuw a ano boaboa wɔ onipa no mu no de basabasayɛ ba. Nhwehwɛmufo bu akontaa sɛ aware ahorow a edi kan a ɛrekɔ so mprempren wɔ Amerika no mu fã yɛ nea ebegu.
Nanso dɛn na wobetumi ayɛ de adi ntawntawdi so na ama wɔatumi adi nkitaho? Ɛne eyi: Momfa Bible nnyinasosɛm nni dwuma. Onyankopɔn a ɔyɛɛ koma ne adwene no nim yɛn nkate mu ahiade ahorow. Enti Bible a emu na n’afotu wɔ no de akwankyerɛ a ɛsen biara ma. Ɛnyɛ hu nko na ɛsɛ sɛ awarefo hu eyi na mmom ɛsɛ sɛ wofi nokwaredi mu de honhom mu afotu yi di dwuma nso. Sɛ awarefo de di dwuma a, Bible no betumi aboa wɔn ma wɔadi wɔn nkate mu ahiade ho dwuma yiye.—Efesofo 5:22-33.
“Minnim Nea Ɔrehwehwɛ”
Ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi behu ne hokafo ahiade wɔ nkate mu. Ebia obi bɛtwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛka n’ahiade ho asɛm akyerɛ afoforo esiane sɛ osuro sɛ wɔbɛpow no, wɔbɛyɛ biribi a ɛbɛma ahaw no kɛse anaasɛ abasamtu nti—anaasɛ ebia onnim saa ahiade yi ankasa mpo. Okunu bi kae sɛ: “Meka wo nan sɛ, minnim nea ɔrehwehwɛ. Ɔka bere nyinaa sɛ ɛsɛ sɛ yɛkasa, nanso sɛ yɛkasa a, ɛte sɛ nea na mereka nea enye bere nyinaa. . . . Ɛma ɛhaw me na enti menka hwee bio.”
Nanso Bible no kyerɛ sɛ, sɛ́ wobɛyɛ komm a wonka hwee te sɛ okunu yi no, ɛsɛ sɛ wode nhumu di dwuma mmom. “Wɔde nyansa na esi dan, na wɔde nhumu ma egyina,” saa na Mmebusɛm 24:3 ka. Enti bɔ mmɔden sɛ wubehu nea ɛhyɛ wo hokafo nneyɛe anaasɛ nsɛm a ɔka no akyi. Bisa wo ho sɛ: Dɛn nti na ɔreka eyi akyerɛ me? Dɛn na ɔpɛ anaasɛ ohia ankasa?
Ebia ɛtɔ bere bi a ɔyere de ne mmea nkate ahorow no bɛhaw ne kunu. Nanso “nea ne honhom dwo yɛ nhumu nipa” na ɔbɛpɛ sɛ ohu nea ɛhaw no ankasa. (Mmebusɛm 17:27; 20:5) So nneɛma bi haw no a ɔnka? (Fa toto Ɔsɛnkafo 7:7 ho.) So n’ani a ennye bere a wufi adwuma ba fie no ho no yɛ nea ɔde resɔre atia anibiannaso a woyɛ anaasɛ ɔdɔ a wunnyi adi nkyerɛ no? Anaasɛ woaka biribi a woannwene ho ma ahaw no? So mmɔdenbɔ kɛse—ne bere—ho hia na mode asiesie nneɛma? Ahiade no a wubehu yɛ adeyɛ a edi kan ara kwa.—Mmebusɛm 12:18; 18:19.
Nkitahodi a Mubenya
Hiob kae wɔ Bible mu sɛ n’anom asɛm bɛhyɛ nea otie no den. (Hiob 16:5) Eyi fa aware nso ho. Nsɛm a wufi wo komam ka a ɛkyerɛ sɛ wo hokafo no som bo no yɛ denhyɛ. Bible no ka sɛ: “Okununom, mo ne [mo yerenom] ntra nimdeɛ mu saa ara, sɛ ɔyere ne ade a ne ho nyɛ den, na munni wɔn ni [mummu wɔn sɛ wɔsom bo; monnɔ wɔn titiriw].” (1 Petro 3:7) Sɛ woma wo yere te nka sɛ ɔsom bo a, ne nitan no taa yera.
Ɛwom, awarefo tumi bɛn wɔn ho kɛse wɔ nsase binom so sen afoforo, a egyina sɛnea wɔn amanne te so. Nanso ɛmfa ho sɛnea amanne ahorow te no, okununom a wɔde Bible di dwuma wɔ wɔn aware mu no hu bo a bɛn a wɔbɛbɛn wɔn yerenom wɔ nkate mu no som. Hu a ɔyere hu sɛ ɔsom bo ma ne kunu no ma ɛyɛ mmerɛw ma no sɛ ɔbɛka nea ɛwɔ ne komam akyerɛ no, na eyi ma wɔn anigye no nya nkɔso.
Nhoma a wɔfrɛ no The Individual, Marriage, and the Family no ka sɛ: “Otiefo pa tumi ma onipa foforo no te nka sɛ ɔsom bo titiriw ma no na nea ɔreka no ho hia na ɛkyerɛ biribi ma no.” Enti ɛsɛ sɛ awarefo a wɔpɛ sɛ wɔne wɔn ho tumi di nkitaho no hwɛ sɛnea wotie asɛm no yiye. Otiefo pa yɛ aso ma ne hokafo na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛte nea ɔreka no ase a ɔmfa biribi ntwa asɛm no mu, onnye akyinnye anaasɛ ɔnsesa asɛm a wɔreka no. Asɛm a wotie no yiye, ne afei anigye ankasa a pɛsɛmenkominya nnim a obi nya ma ne hokafo ne nea nkitahodi gyina so titiriw.—Filipifo 2:3, 4.
Sɛnea ɛbɛyɛ a nkitahodi benya nkɔso no, aware ho afotufo hyɛ nyansa bio sɛ: (1) Sua sɛ wobɛka wo tirim asɛm akyerɛ wo hokafo asen obi foforo. (2) Nya bere bi a eye da biara, anaasɛ anyɛ yiye koraa no, dapɛn biara a wubetumi de aka wo nkate ne nsusuwii ahorow ho asɛm. (3) Monka nea esisi da biara ho asɛm kakra nkyerɛ mo ho mo ho. (4) Yi ɔdɔ adi wɔ nneɛma nketewa ho bere nyinaa—akyɛde ketewa bi a wɔnhwɛ kwan a wode bɛma, adwuma a wo hokafo no mpɛ a wobɛyɛ (a womma wɔnnka nkyerɛ wo) , wo nsa a wode bɛto ne kɔn mu anaasɛ atuu a wobɛyɛ no bere a ɔnhwɛ kwan, ne nneɛma afoforo a ɛte saa.
Nanso ɛtɔ bere bi a awarefo a wɔne wɔn ho ka mpo adwene renhyia. Nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ adaka a ɛwɔ atifi hɔ no mu no betumi aboa ma wɔasiw akasakasa a ɛte sɛɛ ano na ansɛe aware no.
Sɛ adwene a enhyia yi mu ba bɛyɛ den mpo a, mpa aba wɔ w’aware no mu. Awarefo bi a wɔn ntawntawdi a ɛte saa de ntetewmu bae san boom esiane Bible afotu a ɛfa aware ho a ɛwɔ Kolosefo 3:18, 19 no a wɔboom kenkanee a na woabɔ wɔn tirim sɛ wɔde bedii dwuma nti. Bere a wɔresusuw nkate ahorow a ɛde eyi bae ho no, wɔn nyinaa bisae sɛ: “Dɛn nti na woanni kan ankyerɛ me sɛ saa na wote nka?” Wotiei na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛte wɔn ho wɔn ho ase. Afei bere a woasan aka abom bio bɛyɛ mfe du akyi no, okunu no gye tom sɛ: “Esiane afotu pa a ɛwɔ Yehowa Nyankopɔn Asɛm no mu nti no, nneɛma ayɛ yiye. Anigye a yɛanya no fata ɛho mmɔden a yɛabɔ no.”
[Kratafa 5 adaka]
Akasakasa ho Dwumadi
• Mompaw bere ne beae a eye a mobɛka ho asɛm.
• Monna asɛm pɔtee no adi na munsusuw ɛno ara ho.
• Momma asɛm no a mubesiesie ntra mo adwene mu, na ɛnyɛ nea obedi bem.
• Momfa mo adwene nsi nea asi mprempren no so, ɛnyɛ nsɛm a atwam a ɛmfa ho.
• Momma obiako nkasa ansa.
• Mommɔ mmɔden sɛ morenkasa ntia mo ho anaasɛ mubenya mo ho mo ho menasepɔw.
• Ka asɛm pɔtee a wopɛ sɛ woka no, nanso hwɛ wo hokafo no nkate yiye.
• Mmfa w’adwene mmu. Bisa ma ɔnkyerɛkyerɛ nsɛm mu.
• Ma adwenkyerɛ ho kwan, fa bi ma na tie bi.
• Munkwati fɛwdi, mommmoma mo ho din ahorow.
• Munnya ɔpɛ sɛ mubegyaa nsɛm mu esiane mo aware no nti.