Aware A Wɔbɛyɛ Ma Ayɛ Yiye
ESIANE sɛ yɛn Bɔfo no na ofii aware nhyehyɛe no ase nti, dɛn nti na pii di huammɔ saa? Dɛn na nnipa a wɔpɛ sɛ wɔn aware yɛ yiye ankasa no betumi ayɛ?
Wotumi hu nea ɛmma aware nyɛ yiye no wɔ akwan horow abien so. Nea edi kan titiriw ne bere a aware mu ɔhokafo no bu n’ani gu mmara ne nnyinasosɛm ahorow a ɛbɛma anigye aba aware no mu a Onyankopɔn de ama yɛn wɔ n’Asɛm a efi honhom mu a ɛkyerɛ yɛn kwan a ɛne Bible no so no.—2 Tim. 3:16, 17.
Ebinom bɛsɔre atia aka sɛ: ‘Dɛn ntia, efisɛ Bible no atra “Kristofo” nsase so mfehaha pii, na eyi ntumi nsiw huammɔ a aware di kwan!’
Ɛno ɛyɛ nokware. Nanso nsonsonee kɛse wɔ sɛ́ wowɔ biribi na wode dekode di dwuma no ntam. Wubetumi anya aduan pa a eye sen biara wɔ wiase asisi w’anim, nanso sɛ wunni a, wo nipadua rennya mu mfaso biara. Saa ara nso na sɛ wowɔ Bible, na wokenkan, na wofa nsɛm fi mu ka asɛm no nkyerɛ sɛ obi retra ase ma ɛne Bible no mu nsɛm ahyia. Sɛ wuhu sɛ aware bi asɛe a, na wunim sɛ wɔn mu biako anaa wɔn baanu nyinaa amfa Onyankopɔn mmara ne nnyinasosm ma aware no anni adwuma.
Nnipa a wɔnkenkan Bible no mpo nanso wodi nnyinasosɛm a ɛte saa akyi wɔ ɔkwan a wonnim so no yɛ wɔn a esi wɔn yiye wɔ aware mu. Nanso sɛ wubesusuw sɛ ebia mpofirim ara wubehu nea ɛbɛma w’aware ayɛ yiye no te sɛ woreforo hyɛn bi a hyɛn mu panyin nnim anaasɛ kudɔɔ biara nni hyɛn no ase na wohwɛ kwan sɛ ebia ebekyinkyin saa ara de wo akodu faako a ɛsɛ sɛ wokɔ. Nea wuhia na woatumi adu faako a wopɛ sɛ wokɔ no ne hyɛn mu panyin a ne ho akokwaw ne kudɔɔ a wowɔ ahotoso wɔ mu. Saa ara nso na Onyankopɔn ne nea ne ho akokwaw sen biara wɔ amansan nyinaa mu wɔ nsɛm a ɛfa ɔdesani ho no mu, na n’akwankyerɛ ne nea eye a wotumi de wɔn ho to so sen biara.
Nnwuma Horow a Wɔbɛte Ase
Yiyedi a ɛba wɔ aware mu no fi ase denam ntease a wubenya sɛ Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea maa nneɛma horow a ɛsonosonoe nanso wɔboa wɔn ho wɔn ho wom mu. Yebetumi de eyi ato sradaa ne asae ho. Ɛsono dwuma a ebiara di, nanso baanu nyinaa ho hia na wɔatumi de asi ɔdan fɛfɛ.
Ɔbarima na wɔbɔɔ no sɛ ɔnyɛ ti, nea odi kan, na asɛyɛde da no so wɔ Onyankopɔn anim sɛ ɔde eyi di dwuma wɔ ɔkwan a ɛbɛda Onyankopɔn su horow adi wɔ mu so. (Efe. 5:1, 2, 23; 1 Kor. 11:3) Sɛ tiyɛ papa nni hɔ a, mpaapaemu ne basabasayɛ ba. Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ mmarima pii wɔ hɔ a wɔn agyae saa dwumadi yi mu agu hɔ na ama wɔn yerenom ahaw wɔ eyi nti. Ɛtɔ bere bi a, na ɔhaw no fi ɔyere a ɔyɛ katee na ɔpɛ akansi dodo no, efisɛ ɔtaa bɔ mmɔden sɛ obegye ne kunu no asɛyɛde. Nanso sɛ obiara di dwuma wɔ dwumadi a Onyankopɔn de ato hɔ ama wɔn no mu a, biakoyɛ na efi mu ba.
Nanso ɛnkyerɛ sɛ esiane sɛ wɔn asɛyɛde ahorow sonosonoe nti na ɛma obiako ba fam kyɛn ɔfoforo. So nsu kuruwa ma ba fam, anaasɛ ɛkorɔn kyɛn aduan pa asanka ma? Abien no nyinaa hia ma nkwa. Wodi dwuma horow, nanso wɔn nyinaa ka bom yɛ adwuma ma nipadua no nyin fɛfɛɛfɛ. Saa ara na ɔbarima no di ti wɔ ɔkwan a eye so na sɛ ɔbea no nso boa no wɔ ne tiyɛ no mu a wɔde nhyɛase pa to hɔ.
Nanso, okunu a ɔpɛ sɛ onya aware a anigye wom no remfa ne tiyɛ no sɛ obetumi adan kankabi anaasɛ sodifo otirimɔdenfo. Su a ɛte saa bɛma ɔyere no ayɛ basabasa. Onyankopɔn ammɔ ne tirim sɛ okunu nhyɛ ɔyere so anaa ɔmmrɛ n’asetra ase na ɔnyɛ no akoa. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Onyankopɔn gyinapɛn ne sɛ: “Okununom monnɔ mo yerenom sɛ mo ankasa mo nipadua,”ná moyɛ wɔn a mobɛpɛ sɛ mobɔ afɔre ma wɔn.—Efe. 5:25, 28.
Wɔ nokwarem no, Onyankopɔn nhyehyɛe anaa mmara a ɛma aware yɛ yiye no ka sɛ: “Okununom, mo ne wɔn ntra wɔ nimdeɛ mu saa ara, sɛ ɔyere ne ade a ne ho nyɛ den, na munni wɔn nĩ.” (1 Pet. 3:7) Eyi kyerɛ sɛ yebesusuw nea wɔka ho, nea wɔpɛ ne nea wɔmpɛ, na wongu wɔn anim ase. Ɛsɛ sɛ wɔn ho a wosusuw saa no mu trɛw kɔ ɔbarima ne ɔbea nna mu kyɛfa a wonya wɔ aware mu no nso mu. Sɛ okunu yɛ adwuma denneennen sɛ ɔbɛyɛ “ti” a ne yam ye a, ɛnde ɛrenyɛ den mma ne yere no sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase bere a ɔwɔ adwene a ɛteɛ no.
Ɔyere a ɔyɛ ne fam de no hyɛ ne kunu no nkuran ma ɔdan nea odi ti wɔ ɔkwan a eye so. Sɛ ɔbea no brɛ ne ho ase tie okunu bisa nyansahyɛ fi ne hɔ, ɔne no nsi kane ongu n’anim ase bere a odi mfomso ahorow na sɛ obisa no asɛm ansa na wasi gyinae titiriw a, ɛnde na ɛma dwuma a ɔbea no di no yɛ mmerɛw na anigye ba mu. (Efe. 5:22, 33) Ɔyere bi a ofii ase sɛ ɔbɛbɔ mmɔden na ɔne ne kunu ayɛ biako wɔ ɔkwan a ɛte sɛɛ so no kae sɛ: “Nsonsonoe a aba no yɛ me nwonwa yiye. Asram kakraa bi a atwam no na anka me ne me kunu reyɛ atetew mu. Nanso nnɛ de yɛte sɛ wɔn a afei na wɔafi aware foforo ase, ayɛ yiye koraa.”
Nanso pii wɔ hɔ a ɛma aware yɛ yiye. Sɛ nhwɛso no, ɛho hia sɛ wosua hu ɔkwan a wɔbɛfa so agyina ɔdesani sintɔ ne mfomso ahorow ano, ɔkwan a wɔbɛfa so ama obiara adi n’apɛde ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so, ne ɔkwan a wɔbɛfa so adi aware mu ɔhaw horow a ɛba so nkonim. Wobetumi adi nsɛm horow yi nyinaa ho dwuma nkonimdi mu denam akwankyerɛ horow a Onyankopɔn de ama no a wɔde bedi dwuma no so.a
Hu a Yebehu Bere Ko a Yɛwɔ Mu No
Sɛnea yɛahyɛ no nsow no, Onyankopɔn akwankyerɛ ma aware akyi a wonni no ne aware mu ɔhaw horow ntini titiriw. Nanso biribi foforo nso wɔ hɔ a ɛde ba. Ɛno nso fa faako a yɛwɔ wɔ bere mu no ho.
Bible no da saa awo ntoatoaso yi adi sɛ ɛwɔ ne “nna a edi akyiri” no mu na ɛde “bere a emu yɛ den” ba. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ 2 Timoteo 3:1-5 no kyerɛ sɛ nea wobehu wɔ yɛn bere yi mu ne nnipa a ‘wɔdɔ wɔn ankasa ho, wɔyɛ ahantan, bonniayɛfo, wonni nokware, wonni dɔ, apamsɛefo, wontumi nhyɛ wɔn akɔnnɔ so, afatwafo, atirimɔdenfo, ‘wɔhoman, wɔdɔ anigyede kyɛn Onyankopɔn.’ Atesɛm nkrataa mu nsɛm a ɛba da biara da si nkɔmhyɛ a abam no so dua.
Enti bere a yɛrebɛn mprempren nneɛma nhyehyɛe a ɛmma onipa koma ntɔ ne yam yi awiei no, adesamma suban sɛe. Enti, nhyɛso horow ba. Eyi nya aware so nkɛntɛnso, efisɛ aware mu ahokafo no hwie wɔn haw horow no gu wɔn ho wɔn ho so.
Asomdwoe ne Anigye Asetra Wɔ Onyankopɔn Nhyehyɛe Foforo no Mu
Nea ɛboa kɛse yiye wɔ ha ne Bible mu nokware nimdeɛ, nimdeɛ a ɛwɔ hɔ sɛ ɛrenkyɛ na Onyankopɔn de nhyehyɛe yi aba awiei na ɔde foforo asi ananmu wɔ n’ankasa akwankyerɛ ase, nea “trenee te mu.” (2 Pet. 3:13) Bible no kyerɛ sɛ, wɔ saa nhyehyɛe foforo no mu no, nnipa betumi ahyehyɛ asomdwoe ne anigye asetra a nea ɛte sɛɛ no yɛ nea wotumi so ho dae nkutoo mprempren.—Adi. 21:4, 5.
Enti, wɔn a wonim Onyankopɔn atirimpɔw a ɛfa nhyehyɛe foforo a ɛrenkyɛ ɔbɛhyehyɛ no ho na afei n’akwankyerɛ a ɛfa aware ho no aboa wɔn no behu sɛ asi wɔn yiye wɔ aware mu kyɛn nnipa biara a wɔwɔ asase so. Wɔabɔ wɔn ho ban yiye afi aware mu ɔhaw horow ho, na wobetumi de ahotoso ne adwene pa ahwɛ asetra wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu faako a wobenya adesamma ɔhaw horow nyinaa ano aduru no kwan.—Dw. 145:16.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ nhoma Making Your Family Life Happy a Ɔwɛn Aban Asafo no yɛe no mu.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 18]
Yiyedi wɔ aware mu fi ase bere a obi te nnwuma horow a Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea sɛ wommedi no ase no
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]
Wɔn a wonim Onyankopɔn atirimpɔw na wodi n’akwankyerɛ a ɛfa aware ho akyi no esi wɔn yiye wɔ aware mu
[Mfoni nkutoo na ɛwɔ kratafa 17]