Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • be kr. 66-kr. 70 nky. 3
  • Hu Sɛnea Ɛsɛ sɛ Wubua Asɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hu Sɛnea Ɛsɛ sɛ Wubua Asɛm
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hu Ɔsɛmmisafo no Adwene
  • Sɛnea Ɔsɛmmisafo no Bu Kyerɛwnsɛm No
  • “Mo Kasa Ho Mmra Nyam Daa”
  • Ankorankoro Gyinaesi Ahorow ne Nsɛm a Ɛfa Ahonim Ho
  • Mmuae a Yɛbɛma Wɔ Nhyiam Ahorow Ase
  • Sɛnea Yɛbɛma Mmuae a Etu Mpɔn
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma (2016)
  • Wubebua Dɛn?
    Yɛn Ahenni Som—2009
  • Momma Yɛnhyehyɛ Yɛn Ho Nkuran Wɔ Adesua Ase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Yi Yehowa Ayɛ Wɔ Asafo Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
be kr. 66-kr. 70 nky. 3

Hu Sɛnea Ɛsɛ sɛ Wubua Asɛm

NSƐMMISA bi ayɛ te sɛ asukyenee. Aba ankasa a ɛwom no wɔ akyiri. Mpɛn pii no, ɔsɛmpɔw titiriw a ɛwom no ho hia sen asɛmmisa no ankasa.

Sɛ ɔsɛmmisafo no ho pere no sɛ obenya mmuae mpo a, hu a wubehu sɛnea ɛsɛ sɛ wubua asɛm no bɛhwehwɛ sɛ wuhu nsɛm dodow a wobɛka ne baabi a ɛsɛ sɛ wufi asɛm no ase fi. (Yoh. 16:12) Ɛtɔ mmere bi a, sɛnea Yesu kyerɛɛ n’asuafo no, ebetumi aba sɛ obi bebisa asɛm bi a onni ho kwan sɛ obisa anaasɛ ɛho remma no mfaso.—Aso. 1:6, 7.

Kyerɛwnsɛm no tu yɛn fo sɛ: “Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara.” (Kol. 4:6) Enti ansa na yebebua asɛm bi no, ɛnyɛ nea yɛbɛka nko na ɛsɛ sɛ yesusuw ho, na mmom ɔkwan a yɛbɛfa so aka no nso.

Hu Ɔsɛmmisafo no Adwene

Sadukifo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔde ɔbea bi a ɔwaree mpɛn pii wusɔre ho asɛm besum Yesu afiri. Nanso na Yesu nim ankasa sɛ wonnye owusɔre nni. Enti wɔ ne mmuaema mu no, obuaa wɔn asɛmmisa no wɔ ɔkwan a ɛbɛteɛ adwene a ɛnteɛ a na wokura a ɛma wobisaa saa asɛm no so. Bere a Yesu de nsusuwii pa ne Kyerɛwnsɛm mu asɛm bi a wonim dii dwuma no, ɔtwee wɔn adwene kɔɔ biribi a na wonsusuw ho da so—adanse pefee a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn benyan awufo ampa. Ne mmuae no maa n’asɔretiafo no ho dwiriw wɔn araa ma enti na wosuro sɛ wobebisa no asɛm foforo.—Luka 20:27-40.

Sɛ wubetumi ahu sɛnea ɛsɛ sɛ wubua asɛm bi a, ɛsɛ sɛ wutumi hu wɔn a wɔrebisa wo nsɛm no adwene ne nea ɛhaw wɔn. Sɛ nhwɛso no, ɔyɔnko sukuuni anaa odwumayɛni betumi abisa wo nea enti a wunni Buronya. Dɛn nti na obisa? So ɔpɛ sɛ ohu nea enti, anaasɛ nea ɔresusuw ho ara ne hu a obehu sɛ ebia wutumi gye w’ani? Nea ɛbɛma woahu no, wubetumi abisa no nea ɛma obisaa asɛm no. Afei gyina ɛno so ma mmuae. Wubetumi nso de hokwan no adi dwuma akyerɛ no sɛnea Bible akwankyerɛ a yedi akyi no bɔ yɛn ho ban fi afahyɛ no afã bi a abɛyɛ dadwen ne adesoa ama nkurɔfo no ho.

Fa no sɛ ebia wɔafrɛ wo sɛ kɔka Yehowa Adansefo ho asɛm kyerɛ sukuufo kuw bi. Wo kasa no akyi no, ebia wobebisabisa wo nsɛm. Sɛ ɛte sɛ nea nsɛmmisa no fi koma pa mu na ɛyɛ tẽẽ a, ɛbɛyɛ papa sɛ woma mmuae ntiantiaa a emu da hɔ. Sɛ nsɛmmisa no da adwemmɔne a ɔmanfo wɔ adi a, ɛbɛyɛ papa sɛ wode nsɛntiaa bi a ebetumi ateɛ adwene a nnipa pii kura wɔ nsɛm a ɛte saa ho, ne nea enti a Yehowa Adansefo paw sɛ wobedi Bible nnyinasosɛm ahorow akyi no fi ase. Mpɛn pii no, mfaso wɔ so sɛ wubebu nsɛmmisa a ɛtete saa no sɛ ahiasɛm, ɛnyɛ mpoatwa—ɛmfa ho mpo sɛ ebia wobisaa no saa kwan no so. Enti wo mmuae no bue hokwan ma wubue w’atiefo no adwenem, ma woka nsɛm a ɛyɛ nokware kyerɛ wɔn, na wokyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm a yɛn gyidi ahorow gyina so no mu.

Wobɛyɛ dɛn bere a adwumawura bi mpɛ sɛ ɔma wo kwan fi adwumam kɔ ɔmantam nhyiam no? Nea edi kan no, gyina adwene a ɔwɔ so susuw asɛm no ho. So adwuma kakra a wobɛyɛ aka ho bere foforo no bɛboa? Sɛ wokyerɛkyerɛ mu kyerɛ no sɛ nkyerɛkyerɛ a wɔde ma wɔ yɛn ɔmantam nhyiam ahorow ase no boa yɛn ma yedi nokware, yɛyɛ adwumayɛfo a wotumi de ho to yɛn so a, so ɛno betumi asesa nneɛma? Sɛ woma ɛda adi sɛ wususuw ne ho a, ebia ɔno nso bɛpene biribi a obehu sɛ ɛho hia wo wɔ w’asetram no so. Nanso sɛ ɔpɛ sɛ woyɛ biribi a ɛnkyerɛ nokwaredi nso ɛ? Kyerɛwnsɛm no mu a wubefi akasa na woakyerɛ no pefee sɛ worenyɛ no bɛma wahu wo gyinabea. Nanso so ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so sɛ wubedi kan ne no asusuw ho sɛ onipa a ɔpɛ sɛ odi atoro anaa owia ade ma no no nso betumi adi atoro akyerɛ no awia n’ade?

Ɔkwan foforo so no, ebia na woyɛ sukuuni a wompɛ sɛ wode wo ho hyɛ nneɛma bi a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia a wɔyɛ wɔ sukuu mu mu. Kae sɛ ebia ɔkyerɛkyerɛfo no ne wo nyɛ adwene, na ɛyɛ n’asɛde sɛ ɔhwɛ ma mmara yɛ adwuma wɔ adesua dan no mu. Nsɛnnennen a wuhyia ne (1) sɛ wubesusuw nea ehia no ho, (2) sɛ wubefi obu mu akyerɛkyerɛ wo gyinabea mu, ne (3) sɛ wubegyina pintinn ama nea wunim sɛ ɛbɛsɔ Yehowa ani. Sɛ wubenya so mfaso paa a, pii ho behia asen sɛ wobɛka nea wugye di no ho asɛm tiawa. (Mmeb. 15:28) Sɛ woyɛ abofra a, akyinnye biara nni ho sɛ wo papa anaa wo maame bɛboa wo ma woasiesie biribi a wobɛka.

Ɛtɔ mmere bi a, ebia ebehia sɛ wuyi wo ho ano wɔ sobo bi a obi a ɔwɔ tumi de ato wo so ho. Ebia polisini panyin, aban panyin, anaa ɔtemmufo bi bɛhwehwɛ sɛ wuyi nsɛm bi ano wɔ mmara bi so di ho, wo gyinabea wɔ ɔfã biara a wonni sɛ Kristoni, anaa suban a woda no adi wɔ ɔmanfo guasodeyɛ bi ho ho. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ woma mmuae? Bible tu fo sɛ: “Odwo ne osuro mu.” (1 Pet. 3:16) Afei nso bisa wo ho nea enti a nsɛm yi ho hia, na fi obu mu gye nea enti a ɛyɛ ahiasɛm no tom. Afei dɛn bio? Ɔsomafo Paulo twee adwene sii hokwan a na Roma mmara ma onya so, enti wubetumi atwe adwene asi mmara mu hokwan a ɛne wo tebea no hyia so. (Aso. 22:25-29) Ebia gyinabea a tete Kristofo no pawee ne nea Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa apaw ho nokwasɛm a wobɛka no bɛma ɔpanyin no anya ho nsɛm pii. Anaasɛ wubetumi atwe adwene asi sɛnea Onyankopɔn tumi a nkurɔfo gye tom no kanyan wɔn ma wodi nnipa mmara a eye so kɛse no so. (Rom. 13:1-14) Bere a woakyerɛkyerɛ nsɛm mu saa awie no, ebetumi ama wɔatie Kyerɛwnsɛm mu asɛm bi a wode bɛkyerɛkyerɛ wo gyinabea mu no agu aso pa mu.

Sɛnea Ɔsɛmmisafo no Bu Kyerɛwnsɛm No

Sɛ woresi sɛnea wobɛma mmuae ho gyinae a, ebia ebehia sɛ wususuw ɔsɛmmisafo no adwene a ɔwɔ wɔ Kyerɛw Kronkron ho no ho nso. Yesu yɛɛ eyi bere a na ɔrema Sadukifo no asɛmmisa a ɛfa owusɔre ho mmuae no. Esiane sɛ na Yesu nim sɛ Mose nkyerɛwee nkutoo na wogye tom nti, ogyinaa asɛm a ɛwɔ Mose Nhoma Anum no mu so fii n’asɛm no ase sɛ: “Na sɛ awufo nyan de, Mose nso kyerɛe.” (Luka 20:37) Saa ara nso na ɛbɛyɛ papa sɛ wofa Bible mu asɛm bi a wo tiefo no gye tom na onim mu asɛm de ka asɛm.

Na sɛ wo tiefo no nnye Bible nni nso ɛ? Hyɛ nea ɔsomafo Paulo yɛe wɔ ne kasa a ɔmae wɔ Areopago, a wɔakyerɛw ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma 17:22-31 no nsow. Ɔkaa Kyerɛwnsɛm mu nokware kyerɛe a wamfa Bible mu asɛm anni dwuma tẽẽ. Baabi a ɛho behia no, wubetumi ayɛ saa ara. Wɔ mmeae bi no, ebia ɛho behia sɛ wo ne obi susuw nsɛm pii ho ansa na woatwe adwene akɔ Bible no so tẽẽ. Sɛ wode Bible no ba mu a, mfiase no ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wobɛkyerɛ nea enti a mfaso wɔ so sɛ mususuw ho, sen sɛ wobɛka no denneennen sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm. Nanso nea ɛsɛ sɛ ɛyɛ wo botae ne sɛ wubedi Onyankopɔn atirimpɔw ho adanse a emu da hɔ, na bere kɔ so no, woama wo tiefo no ankasa ahu nea Bible no ka. Bible no tumi dan adwene sen biribiara a ebia yɛbɛka.—Heb. 4:12.

“Mo Kasa Ho Mmra Nyam Daa”

Hwɛ fata a ɛfata sɛ wɔka kyerɛ Yehowa, a n’ankasa yɛ ɔdomfo no asomfo sɛ wɔmma wɔn kasa “ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu”! (Kol. 4:6; Ex. 34:6) Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yefi ayamye mu kasa, bere mpo a anka ɛsɛ sɛ yɛn bo fuw no. Ɛsɛ sɛ yɛn kasa yɛ dɛ, ɛnyɛ sɛ yebetutu nsɛm anaa yɛbɛkasa a yɛnnwene ho.

Nnipa pii wɔ nhyɛso kɛse ase ma enti wɔka nsɛm a ɛyɛ yaw kyerɛ wɔn da biara da. Sɛ yɛkɔ nnipa a wɔte saa nkyɛn a, ebia wɔbɛkasa yayaayaw. Ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ yɛfa so bua? Bible ka sɛ: “Mmuae bɔkɔɔ sianka anibere.” Mmuae a ɛte saa nso betumi aka obi a onni yɛn ho adwempa koma. (Mmeb. 15:1; 25:15) Wɔ nnipa a wɔyɛ wɔn basabasa da biara da fam no, wɔn ani betumi agye nneyɛe ne ɛnne a ɛda ayamye adi no ho araa ma wɔatie asɛmpa a yɛde aba no.

Enhia sɛ yɛne wɔn a wɔnkyerɛ obu biara mma nokware no begye akyinnye. Mmom no, nea yɛpɛ ne sɛ yebefi Kyerɛwnsɛm no mu ne nnipa a wɔbɛma yɛn ho kwan no asusuw nsɛm ho. Ɛmfa ho tebea biara a yehyia no, yɛma ɛtra yɛn adwenem sɛ ɛsɛ sɛ yefi ayamye mu ma mmuae, na yenya ahotoso sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a ɛsom bo no yɛ nokware.—1 Tes. 1:5.

Ankorankoro Gyinaesi Ahorow ne Nsɛm a Ɛfa Ahonim Ho

Sɛ Bible suani anaa yɔnko gyidini bi bisa nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔ tebea bi ho a, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ woma no mmuae? Ebia sɛ ɛyɛ wo a anka wunim nea wobɛyɛ. Nanso ɛsɛ sɛ obiara di n’ankasa asetram gyinaesi ahorow ho dwuma. (Gal. 6:5) Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔhyɛɛ “osetie a ɛde kɔ gyidi mu” ho nkuran wɔ nkurɔfo a ɔkaa asɛm kyerɛɛ wɔn no mu. (Rom. 16:26) Ɛno yɛ nhwɛso pa a yebetumi adi akyi. Onipa a osisi gyinae ahorow de sɔ ne Bible kyerɛkyerɛfo anaa onipa foforo ani no resom nnipa, na onni gyidi. (Gal. 1:10) Enti ebia mmuae tiawa a wode bɛma tẽẽ no remmoa onipa a ɔrepɛ biribi ahu no.

Ɛnde wobɛyɛ dɛn abua no wɔ ɔkwan a ɛne Bible akwankyerɛ hyia so? Wubetumi atwe adwene asi Bible nnyinasosɛm bi a ɛfata ne nhwɛso ahorow a ɛwɔ Bible kyerɛwtohɔ mu so. Ɛtɔ mmere bi a, wubetumi akyerɛ no sɛnea wɔyɛ nhwehwɛmu na ama n’ankasa ahu saa nnyinasosɛm ne nhwɛso ahorow no. Wubetumi mpo ne no aka nnyinasosɛm ahorow no ne mfaso a ɛwɔ nhwɛso ahorow no so no ho asɛm bere a womfa ntoto tebea a moresusuw ho no ho. Bisa onipa no sɛ ebia ohu biribi a ɛbɛboa no ma wasi gyinae a nyansa wom anaa. Hyɛ no nkuran ma onnyina nnyinasosɛm ne nhwɛso ahorow no so nsusuw nea ɔyɛ a ɔbɛsɔ Yehowa ani ho. Wonam saayɛ so reboa no ma ‘watete ne nkatede ma ɔde ayiyi papa ne bɔne mu.’—Heb. 5:14.

Mmuae a Yɛbɛma Wɔ Nhyiam Ahorow Ase

Mpɛn pii no, Kristofo asafo nhyiam ahorow ma yenya hokwan da yɛn gyidi adi wɔ baguam. Ɔkwan biako a yɛfa so yɛ saa ne sɛ yɛbɛma nsɛmmisa ahorow ho mmuae. Ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ yɛfa so ma mmuae? Ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yebehyira Yehowa anaasɛ yɛbɛka ne ho asɛm pa. Saa na odwontofo Dawid yɛe bere a na ɔwɔ “asafo ahyiae mu” no. (Dw. 26:12) Afei nso ɛsɛ sɛ yɛma mmuae wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛhyɛ mfɛfo gyidifo nkuran, na atwetwe wɔn akɔ “ɔdɔ ne nnwuma pa mu” sɛnea ɔsomafo Paulo hyɛe no. (Heb. 10:23-25) Nea yebesua a yebedi kan asua no nso betumi aboa yɛn ma yɛayɛ eyi.

Sɛ wɔfrɛ wo sɛ ma mmuae a, ka nsɛm a emu nyɛ den, emu da hɔ na ɛyɛ tiawa. Nka nkyekyem no mu nsɛm nyinaa; ka asɛntitiriw biako pɛ ho asɛm. Sɛ woma mmuae no fã bi pɛ a, ɛno bɛma afoforo anya hokwan de mmuae foforo ama. Mfaso wɔ so titiriw sɛ wubesi kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so wɔ asɛm no mu so dua. Bere a woreyɛ saa no, bɔ mmɔden sɛ wobɛtwe adwene asi kyerɛwsɛm no fã a ɛfa asɛm a moresusuw ho no ho so. Sua sɛ wode w’ankasa wo nsɛm bɛma mmuae sen sɛ wobɛkenkan no tẽẽ afi nkyekyem no mu. Sɛ mmuae a woma no amma sɛnea anka wohwɛ kwan a, mma ɛnnhaw wo. Ɛtaa yɛ obiara a ɔma mmuae bere ne bere mu.

Ɛda adi pefee sɛ hu a yebehu ɔkwan a yɛbɛfa so ama mmuae no hwehwɛ pii sen sɛ yebehu mmuae no ara kɛkɛ. Egye nhumu. Nanso hwɛ anigye ara a ɛyɛ bere a woma mmuae a efi komam na ɛka afoforo koma no!—Mmeb. 15:23.

ANSA NA WOBƐMA MMUAE NO, SUSUW NEA EDIDI SO YI HO

  • Nea enti a wobisaa asɛm no

  • Nhyɛase a ɛsɛ sɛ woto na ama wɔate mmuae no ase yiye

  • Sɛnea ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ wo gyinabea mu wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛda obu a wowɔ ma onipa foforo no ahiasɛm adi

  • Sɛnea wode ahotoso bɛkyerɛkyerɛ wo nsɛm mu wɔ ayamye kwan so

  • Sɛ́ ebia ɛsɛ sɛ woma mmuae tẽẽ anaasɛ wode Bible nnyinasosɛm ne nhwɛso ahorow a ɛbɛboa onipa foforo no ma wasi nea ɛsɛ sɛ n’ankasa yɛ ho gyinae bɛma

SƐNEA WƆMA MMUAE WƆ NHYIAM ASE

  • Sɛ wodi kan frɛ wo a, ma mmuae tiawa a ɛyɛ tẽẽ na ɛnyɛ den

  • Sɛ wode asɛm bi bɛka ho a, (1) kyerɛ sɛnea kyerɛwsɛm a wɔatwe adwene asi so no fa asɛm a moresusuw ho no ho, (2) ka sɛnea asɛm no fa yɛn asetra ho, (3) kyerɛkyerɛ sɛnea wobetumi de asɛm no adi dwuma mu, anaa (4) ka osuahu tiawa a ɛtwe adwene si asɛntitiriw bi so

  • Tie mmuae a wɔde ma no yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu sɛnea wode bi bɛto nea wɔkae no so

  • Bɔ mmɔden sɛ wode w’ankasa nsɛm bɛma mmuae

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena