Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 7/8 kr. 12-14
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Fɛwdi Ano?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Fɛwdi Ano?
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Ebinom Di Afoforo Ho Fɛw
  • Wo Ho Ano a Wubeyi
  • Ɛho Asɛm a Wobɛka
  • Gyidi a Wɔasɔ Ahwɛ Yɛ Den
  • Kristofo Mmofra​—Munnyina Pintinn Wɔ Gyidi No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Mmabun—Yehowa Werɛ Remfi Mo Adwuma!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Aka Asɛm no Akyerɛ Me Mfɛfo Sukuufo?
    Nyan!—2002
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Sukuu
    Yɛn Ahenni Som—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 7/8 kr. 12-14

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Fɛwdi Ano?

MMOFRA a ɛsono wɔn nneyɛe ne wɔn ahosiesie no atipɛnfo betumi adi wɔn ho fɛw kɛse. Wodi Kristofo mmofra a mpɛn pii no wɔn abrabɔ nte sɛ mmofra afoforo de koraa no ho fɛw. So Kristo anka asɛm yi amfa n’akyidifo anokwafo ho: “Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso”?—Yohane 15:20.

Ɔkwan bɛn so na eyi fa mmofra a wɔyɛ Yehowa Adansefo ho? Wodi ebinom ho fɛw esiane sɛ wonni nnapɔnna nti; wɔkasa tia afoforo nso esiane sɛ wonkyia frankaa nti. Wɔhaw wɔn mu pii mpo esiane sɛ wɔnnom nnubɔne, wɔka nokware na wɔde Bible abrabɔ gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn bɔ wɔn bra nti.

Eyi nyɛ ade foforo. Nokwarem no, ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ afeha a edi kan Kristofo no sɛ: “Na ɛyɛ [amanaman mufo] no nwonwa sɛ afei mo ne wɔn ntu mmirika . . . , na wɔka ho nsɛmmɔne.” (1 Petro 4:4) Bible nkyerɛase afoforo ka sɛ, “wɔtoto mo din” (Knox) anaasɛ, “Wodidi mo atɛm.”—Today’s English Version.

So wo som mu gyidi horow ama obi adi wo ho fɛw pɛn? Sɛ ɛte saa a, mpa abaw. Saa ara na wodi nnipa pii ho fɛw! Na ɛbɛyɛ wo anigye sɛ wubehu sɛ wubetumi agyina wo gyidi ho fɛw a wodi no ho yaw ano.

Nea Enti a Ebinom Di Afoforo Ho Fɛw

Adɛn nti na ebinom di wɔn a ɛsono wɔn gyidi ne wɔn suban ho fɛw? Ɛtɔ mmere bi a, fɛwdifo—a wɔte sɛ apoobɔfo—no nnye wɔn ho nni. Ebia wodi wo ho fɛw na ama wɔanya obu kɛse wɔ wɔn atipɛnfo anim. Ɛda adi sɛ sɛ ɛkaa saafo a wɔhaw adwene no nkutoo a, anka wɔn mu kakraa bi na wɔbɛpɛ—anaasɛ wobenya akokoduru—de aka wo ho nsɛmmɔne wɔ baguam.

Afei nso, sɛnea Petro kyerɛwee no, wɔ ɔkwan foforo so no ɛyɛ fɛwdifo no bi “nwonwa.” Yiw, ebetumi aba sɛ w’abrabɔ no bɛyɛ wɔn nwonwa ampa. Sɛ nhwɛso no, sɛ woyɛ Yehowa Ɔdansefo a, ebia ɛbɛyɛ wɔn nwonwa ankasa sɛ wunni nnapɔnna bi. Ebetumi aba mpo sɛ asɔretiafo a wɔmpa abaw aka Adansefo ho atosɛm akyerɛ wɔn.

Sɛnea ɛte biara no, sɛ wɔkeka nsɛm de di wo ho fɛw a, wubetumi agye Bible abebu yi atom: “Ɛwɔ nea ɔworo kasa sɛ nkrante nwowɔe.” (Mmebusɛm 12:18) Nanso, kae sɛ ɛnyɛ sɛ ebia wɔn a wɔkeka nsɛm a ɛte saa no mpɛ w’asɛm. Ɛda adi kɛse sɛ wɔreyɛ nea Bible abebu no ka no ara pɛpɛɛpɛ—‘wɔworo kasa.’

Nanso, sɛ wodi wo ho fɛw a, ebetumi ayɛ wo yaw te sɛ pirakuru. Ebia wobɛpɛ mpo sɛ wopa wo gyidi na ama wɔagyae atennidi no. Ɛnde, wobɛyɛ dɛn atumi agyina wo gyidi ho fɛwdi no ano?

Wo Ho Ano a Wubeyi

Ɔsomafo Petro tuu Kristofo fo sɛ: “Munsiesie mo ho daa, sɛ mobɛkyerɛ obiara a obisa mo anidaso a ɛwɔ mo mu no ase, odwo ne osuro mu.” (1 Petro 3:15, 16) Wo ho ano a wubeyi wɔ wo gyidi ho no hwehwɛ sɛ wunya nokware nimdeɛ na wuhu nea enti a wowɔ saa gyidi no.

Nanso, ɛsɛ sɛ wuhu sɛnea wode “obu kɛse” bɛkasa akyerɛ afoforo anaa sɛnea The Bible in Basic English ka no, “wɔ ahobrɛase mu.” Ɛnsɛ sɛ Bible mu nimdeɛ ne ne nkyerɛkyerɛ a wunim no ma wote nka sɛ wokorɔn kyɛn afoforo. Mmom no, ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden nya su a na ɔsomafo Paulo a ɔkyerɛw nea edi so yi faa ne som adwuma ho no kura no bi: “Mede me ho mayɛ akoa mama nnipa nyinaa.”—1 Korintofo 9:19.

Sɛ wuhu sɛ wunni akokoduru a wode beyi wo ho ano wɔ wo gyidi ho a, mma w’abaw mu mmu. Ɛte saa wɔ Adansefo a wɔyɛ mmofra pii fam. Jamal ka sɛ: “Bere a na mekɔ mfitiase sukuu no, na mintumi nhu sɛnea mɛkyerɛkyerɛ nea enti a minni nnapɔnna na menkyia frankaa anaa nea enti a mekɔ afie afie asɛnka no mpo mu akyerɛ afoforo.” Dɛn na ɛboaa no? “Me papa kɔɔ so boaa me kosii sɛ awiei koraa no mitumi kyerɛkyerɛɛ eyinom mu, na eyi boaa me kɛse.” Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛkyerɛkyerɛ wo gyidi mu akyerɛ afoforo a, ebia wubetumi abisa w’awofo anaa Kristofo asafo no muni a ne ho akokwaw ma waboa wo ma woate Onyankopɔn ho nimdeɛ ase yiye.—Efesofo 3:17-19.

Ɔdansefo kumaa bi a wadi mfe 16 kae sɛ kokoam Bible adesua a ɔyɛe na ɛmaa otumi de akokoduru kasae wɔ sukuu mu. Ɔka sɛ: “Mfiase no, sɛ wɔn a me ne wɔn wɔ adesuakuw biako mu di me ho fɛw esiane sɛ meyɛ Ɔdansefo no nti a, na minhu nea menka. Seesei a meyɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo no, misua Bible pii na ɛma mitumi yi me ho ano. Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma mu nsɛm a aba foforo biara a mekenkan no boa ma meka me gyidi ho asɛm kyerɛ me sukuufo.”

Nokwarem no, ɛsono tebea biara. Ɛsono sɛnea ɛsɛ sɛ wudi tebea biara ho dwuma. Nanso, ɛyɛ papa sɛ ‘womfa bɔne nntua bɔne so ka’ bere a obi aka ahisɛm bi de ahyɛ wo abufuw no. (Romafo 12:17-21) Asɛm a wotu ma obi, ɛmfa ho sɛnea wɔbɛka no biara no, bɛsɛe asɛm no na ebia ahyɛ wɔn nkuran ma wɔakɔ so adi wo ho fɛw. Enti, ebinom ahu sɛ ɛyɛ papa sɛ wobebu wɔn ani agu atennidi no so.

Wɔ nsɛm bi mu, te sɛ bere a wɔbɔ mmɔden yi aseresɛm bi kɛkɛ no, ebia ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ wobɛserew sen sɛ wobɛma ahaw wo. (Ɔsɛnkafo 7:9) Sɛ fɛwdifo no hu sɛ nea ɔreka no nhaw wo a, ebia obegyae wo haw.—Fa toto Mmebusɛm 24:29 ne 1 Petro 2:23 ho.

Ɛho Asɛm a Wobɛka

Nanso, ɛtɔ mmere bi a wubetumi de anifere akyerɛkyerɛ wo gyidi mu tiawa. Abeawa bi a wadi mfe 13 sɔɔ eyi hwɛe, na ɛsow aba kɛse. Ɔkae sɛ: “Na merekɔ sukuu dan mu bere a sukuufo no mu pii fii ase sɛ wɔredi Yehowa Adansefo ho fɛw no. Mepɛe sɛ mekasa, nanso wogyaw me hɔ kɔe a na wogu so reserew me. Wɔn mu biako pɛ na wanyɛ saa.” Sukuuni a ɔyɛ Ɔdansefo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Abeawa bi a wɔfrɛ no Jaimee bɛka kyerɛɛ me sɛ ɔwɔ Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no bi.a Ɔkae sɛ wakenkan emu nsɛm pii na ɔpɛ sɛ ohu yɛn gyidi horow no ho nsɛm pii. Me ne Jaimee fii Bible adesua ase.” Esiane sɛ ne suahu no hyɛɛ abofra a ɔyɛ Ɔdansefo no nkuran nti, ofii ase ne mmofra afoforo kasae. Ɔkae sɛ: “Mekɔ me mfɛfo sukuufo baanan a na wɔakyerɛ asɛm no ho anigye a mewɔ gyidi sɛ ɛrenkyɛ wɔbɛma yɛayɛ adesua no nkyɛn daa.”

Mfe bi a atwam no, sukuuni bi a ofi Afrika man Liberia mu nyaa suahu a ɛte saa ara. Bere a na wɔresua onipa asetra ho ade no, ofii obu mu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, sɛ Yehowa Dansefo no, ogye adebɔ di mmom sen adannandi. Mfiase no, sukuufo a ɔne wɔn wɔ adesuakuw biako no kasa tiaa eyi kɛse. Nanso ɔkyerɛkyerɛfo no ma ɔkaa ne gyidi horow ho asɛm kyerɛɛ adesuakuw no, na ɛno akyi no ɔkyerɛkyerɛfo no gyee Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? nhoma no bi.b

Bere a ɔkyerɛkyerɛfo no kenkan nhoma no, ɔka kyerɛɛ adesuakuw no sɛ: “Eyi som bo sen nhoma biara. Ɛyɛ nyansahu nhoma a ɛsen biara a makenkan.” Afei, ɔkyerɛkyerɛfo no kae sɛ ɔpɛ sɛ ɔde Creation nhoma no ka adesuakuw no nkyerɛkyerɛ nhoma ho de di dwuma wɔ afe a edi hɔ no mu, na ɔka kyerɛɛ adesuafo no mu biara sɛ onye Creation nhoma no bi mfi Ɔdansefo no hɔ. Ɔdansefo no kyekyɛɛ nhoma no pii, na adesuafo no mu pii sesaa wɔn adwene a wɔwɔ wɔ Yehowa Adansefo no ho!

Gyidi a Wɔasɔ Ahwɛ Yɛ Den

Nokwarem no, ɛtɔ mmere bi a wubetumi ate nka sɛ wɔn a wonnye wo gyinabea a egyina Bible so nni—anaa wɔnkyerɛ ho anisɔ—no dodow bunkam wo so. (Fa toto Dwom 3:1, 2 ho.) Enti, nyansa wom sɛ wo ne wɔn a wo ne wɔn wɔ gyidi biako bɛbɔ. (Mmebusɛm 27:17) Nanso, sɛ mmofra a wo ne wɔn kɔ sukuu anaa wɔte mo mpɔtam hɔ no mu biara nkura wo gyidi no bi nso ɛ?

Sɛ ɛte saa, kae sɛ W’adamfo a ɔsen biara ne Yehowa Nyankopɔn, na obetumi aboa wo. Satan Ɔbonsam de mfe mpempem pii adi ɔno titiriw ho fɛw. Enti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa ani gye bere a wukura wo gyidi mu pintinn no. Saa a woyɛ no ma otumi nya hokwan ‘bua Satan a ɔbɔ no ahohora no.’—Mmebusɛm 27:11.

Ɛsɛ sɛ wohwɛ kwan sɛ wɔbɛsɔ wo gyidi ahwɛ wɔ bere ne bere mu. (2 Timoteo 3:12) Nanso, ɔsomafo Petro ma yenya awerɛhyem sɛ yɛn gyidi a wɔasɔ ahwɛ ‘bo yɛ den pii sen sika a wɔsɔ hwɛ wɔ ogya mu nanso ɛsɛe.’ (1 Petro 1:7) Enti, sɛ wo gyidi nti wɔbɔ wo ahohora a, fa no sɛ hokwan a wode bɛhyɛ wo gyidi den na woada boasetɔ a wowɔ adi. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ boasetɔ (NW), ma yenya “gyinabea pa.” (Romafo 5:3-5) Yiw, ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛsɔ Yehowa ani no betumi ahyɛ wo den bere a wodi wo gyidi ho fɛw no!

[Ase hɔ nsɛm]

a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.

b Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.

[Kratafa 13 mfonini]

Wubetumi ayi wo ho ano wɔ wo gyidi ho?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena