So Ɛsɛ sɛ Wɔbɔ Wo Asu?
YEHOWA ADANSEFO bɔɔ nnipa a wɔreyɛ adu ɔpepem biako asu wɔ mfe abiɛsa a atwam no mu. Sɛ wɔkyekyem pepɛɛpɛ a, wɔbɔɔ nnipa 824 asu da biara, anaa nnipa 4 wɔ simma 7 biara mu. So eyi yɛ mfeha 15 ne 16 no mu nyamesom mu nkate a emu yɛ den ho nhwɛso ara kwa?
Dabi, wɔanhyɛ nnipa yi ammɔ wɔn asu, sɛ nnipa bebree a wɔsakraa wɔn boom no fã, anaasɛ nyamesom mu ɔkasafo bi kanyan wɔn nkate nti. Wɔbɔɔ wɔn asu efisɛ Yesu Kristo, Kristofo Wura ne wɔn Kannifo, hyɛe sɛ wɔnyɛ saa. Ná wɔayɛ nneɛma a Yesu kae sɛ wɔnyɛ, a asomafo a ɔno ankasa paw wɔn na ɔtetee wɔn no yɛe no.
Wɔ Yesu wusɔre akyi ne ansa na ɔrekɔ soro no, ɔde nkradi ahyɛde yi maa n’akyidifo sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.” (Mateo 28:19, 20) Efi saa bere no reba no, na eyi ne nsu mu asubɔ biako pɛ a Onyankopɔn pene so.
Enti, Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ saa Kristo akyidifo a wodi kan no yɛɛ ‘Yesu adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de kɔpem asase ano nohɔ.’ (Asomafo no Nnwuma 1:8) Sɛnea Yesu ka siei no, na wɔn asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no bɛma wɔabɔ gyidifo a wɔn nso bɛyɛ Kristo akyidifo asu.
Eyi ho nhwɛso a edi kan a wɔakyerɛw ato hɔ no sii wɔ Yerusalem wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu. Saa bere no ɔsomafo Petro “ne dubiako no sɔre gyinae,” na wɔkaa Yesu a ɔne Mesia no ho asɛm kyerɛɛ nnipadɔm a na wɔahyiam no. Kyerɛwtohɔ no kyerɛ yɛn sɛ ne kasa no ‘wowɔɔ wɔn komam’ na wobisaa nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Petro kae sɛ: “Monsakra mo adwene, na mo nyinaa mma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu mma mo bɔne fafiri.” Nea efii mu bae ne sɛ “wɔn a wɔde fɛw gyee n’asɛm no ma wɔbɔɔ wɔn asu, na da no ara wɔde akra bɛyɛ mpɛnsa bɛkaa wɔn ho.” (Asomafo no Nnwuma 2:14-41) Nsɛm a ɛsisii wɔ ɛno akyi ho kyerɛwtohɔ si so dua sɛ asuafo no dii kan tee Kristofo nkrasɛm no, gyee asɛmpa no dii, na wɔsakraa wɔn adwene ansa na wɔrebɔ wɔn asu.—Asomafo 8:12, 13, 34-38; 10:34-48; 16: 30-84; 18:5, 8; 19:1-5.
Ɔkwan Bɛn So?
Nanso na ɔkwan bɛn so ne wɔbɛbɔ asuafo afoforo yi asu wɔ nsu mu? So na wɔnam nsu a wɔde bɛpetepete wɔn so, nsu a wobehwie agu wɔn ti so, anaasɛ nsu mu a wɔde wɔn bɛhyɛ koraa so na ɛbɛyɛ saa? Dɛn na Bible kyerɛwtohɔ no kyerɛ? Esiane sɛ Yesu gyaw yɛn nhwɛso sɛ ‘yenni n’anammɔn akyi pɛpɛɛpɛ’ nti, ɔkwan bɛn so na wɔbɔɔ no asu?—1 Petro 2:21.
Bible no kyerɛ sɛ wɔbɔɔ Yesu asu wɔ asubɔnten Yordan a ɛsõ sɛnea efata no mu. Wɔbɔɔ no asu wiei no, opue ‘fii nsu no mu.’ (Marko 1:10; Mateo 3:13, 16) Enti wɔde Yesu hyɛɛ asubɔnten Yordan no mu ankasa. Yohane a bere a na ɔhwehwɛ baabi a ɛfata abɔ asu no, ɔpawee beae bi wɔ Yordan Bon mu a ɛbɛn Salim “efisɛ ne asuasu pii wɔ hɔ” na ɔbɔɔ no asu. (Yohane 3:23) Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nsu ase koraa a wɔde obi hyɛ ne ɔkwan a Yesu akyidifo faa so bɔɔ asu no da adi wɔ Etiopiani piani no nsɛm no mu. Bere a ɔreyɛ Filipo nkyerɛkyerɛ no ho ade no, ɔteɛm sɛ: “Hwɛ, nsu ni; ɛdɛn na esiw me asubɔ ho kwan?”
Afei yɛhyɛ no nsow sɛ “wɔn baanu sian kɔɔ nsu no mu” na akyiri yi no ‘wofii nsu no mu bae.’—Asomafo no Nnwuma 8:36-39.
So wiase abakɔsɛm nso twe adwene si nsu ase koraa a Kristofo de obi hya bɔ no asu so? Nokwerem no, ɛyɛ saa. Na ɛyɛ anigye sɛ wohu sɛ asubɔ abura akɛse a ɛfata ma nsu ase koraa a wɔde obi hyɛ bɔ no nsu pii da so ara wɔ nsase bi so. Nsɛmma nhoma Ministry ka sɛ: “Fam a wotutu de hwehwɛ tetefo nneɛma mu adanse si so dua ma ɛboro so sɛ nsu ase koraa a wɔde obi hyɛ ne ɔkwan a na wɔtaa fa so bɔ asu wɔ mfeha du kosi dunan a edi kan no mu.” Ɛde ka ho sɛ: “Wobetumi ahu Kristofo asubɔ ho abakɔsɛm afi tete Kristofo amamfo so, na afei nso wɔ tete asɔre adan a wɔda so ara de di dwuma mu. Aboda ne asɔre adan mu mfonini ahorow, adan mu adwini, afasu ho ne nsɛmso so adwini, nneɛma a wɔasen agu afasu ho, ne tete Apam Foforo nsaano nkyerɛwee mu mfonini ahorow nyinaa de nkyerɛkyerɛmu ahorow ka abakɔsɛm yi ho . . . Eyi ka adanse a wohu wɔ asɔre agyanom nhoma ahorow a ɛkyerɛ sɛ nsu ase koraa a wɔde obi hyɛ ne ɔkwan a tete asɔre no faa so bɔɔ asu no nyinaa mu.”
New Catholic Encyclopedia gye tom sɛ: “Ɛda adi pefee sɛ na wɔnam nsu ase koraa a wɔde obi hyɛ so na wɔbɔ Asu wɔ tete Asɔre no mu.” Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ yehu atesɛm nkrataa mu nsɛmti te sɛ nea edidi so yi: “Katolekfo de Asubɔ a Wɔde Onipa no Hyɛ Nsu Ase Koraa Asan Aba” (The Edmonton Journal, Canada, September 24, 1983), “Katolekfo a Wɔwɔ Ha Ani Agye Asu a Wɔnam Nsu Ase Koraa a Wɔde Obi Hyɛ Bɔ no Asu no Ho” (St. Louis Post-Dispatch, ApriI 7, 1985), “Katolekfo Pii Repaw Asu a Wɔde Obi Hyɛ Nsu Ase Koraa Bɔ No” (The New York Times, March 25, 1989), ne “Asu a Wɔnam Nsu Ase Koraa a Wɔde Obi Hyɛ so Bɔ no Resan Aba” (The Houston Chronicle, August 24, 1991).
Atirimpɔw Bɛn Nti?
Dɛn nti na Yesu kae sɛ wɔmmɔ n’asuafo asu? Na ɛyɛ wɔn koma nyinaa mu a wofi hyira wɔn ho so ma Onyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne a ɛfata. Ná ɛsɛ sɛ wɔka “Asɛmpa” no asase so nyinaa, na wɔyɛ “amanaman nyinaa” asuafo. (Mateo 24:14; 28:19) Ná eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn ne Yudafo man a emufo yɛ nnipa a wɔahyira wɔn ho so ama no fi awo mu no nkutoo renni bio. Ná Kornelio ne n’abusua ne Amanaman Mufo, anaa wɔn a wɔnyɛ Yudafo, a wodii kan gyee Yesu Kristo ho nokware no toom na wɔbɔɔ wɔn asu.
Nsu ase a wɔde wɔn a wɔbɔ wɔn asu hyɛe no kyerɛe sɛ wɔawu ama wɔn ahopɛ asetra kwan. Nsu no mu a woyi wɔn fi no yɛ sɛnkyerenne a ɛkyerɛ sɛ afei de wɔte ase ma Onyankopɔn apɛdeyɛ, na wɔde redi kan wɔ wɔn asetra mu, sɛnea Yesu yɛe no. (Mateo 16:24) Asu a na wɔbɔ wɔn “hyɛ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu” no kyerɛe sɛ wɔasua na wɔagye nokware a ɛfa eyinom mu biara ho atom, na wɔahu nea wɔn mu biara yɛ ankasa. (Mateo 28:19; fa toto Asomafo 13:48 ho.) Ná asubɔ yɛ osetie ma Onyankopɔn ne ahobrɛase ma n’apɛde mfiase ara kwa.
Kyerɛwnsɛm no mfoa nyamesom mu nsusuwii a nnipa pii kura sɛ asubɔ yɛ akronkronne, kyerɛ sɛ nyamesom mu amanne bi a ɛma nea wɔrebɔ no asu no nya mfaso bi —ɔdom, kronkronyɛ, anaa honhom mu mfaso bi no nsɛmmoa. Sɛ nhwɛso no, paapa mmara a Paapa Eugenius IV hyɛe a yɛafa mu asɛm aka wɔ asɛm a edi kan no mu no kɔɔ so kaa asubɔ ho asɛm sɛ: “Nea efi akronkronne yi mu ba ne bɔne nyinaa a wɔde firi, mfitiase de ne nea onipa no yɛ ankasa; na saa ara na wɔde bɔne ho asotwe biara firi. Ne saa nti, wommu wɔn a wɔbɔ wɔn asu no kan bɔne a wɔayɛ no ngu wɔn so; na sɛ wɔanyɛ bɔne bi na wowu a, wonya ɔsoro ahenni mu kwan ntɛm so na wohu Onyankopɔn.”
Yesu ‘anyɛ bɔne,’ nanso, wɔbɔɔ no asu. (1 Petro 2:22) Bio nso, sɛnea Kyerɛwnsɛm no kyerɛ no, Yesu Kristo ogye afɔre no nkutoo so na wogyina de bɔne firi. Anania hyɛɛ Saulo a ofi Tarso sɛ: “Sɔre, ma wommɔ wo asu na hohoro wo bɔne denam [Yesu] din a wobɛbɔ so.” (Asomafo no Nnwuma 22:12-16; New World Translation) Yiw, Yesu mogya a ohwie gui ne gyidi mu a wofi ‘bɔ ne din’ nkutoo so na wɔnam nya nkwagye.—Hebrifo 9:22; 1 Yohane 1:7.
Ɛnde, dɛn na Petro nsɛm a ɛwɔ 1 Petro 3: 21, NW, no kyerɛ? Ɔka wɔ hɔ sɛ: “Ɛno na afei ne nsɛso gye mo nso nkwa, ɛne asubɔ, (ɛnyɛ ɔhonam ho fi yi, na mmom ɛyɛ ahonim pa a yebisa fi Onyankopɔn hɔ, denam Yesu Kristo wusɔre so.” Ná Petro de asubɔ retoto Noa osuahu a ɛne Nsuyiri no mu a ɔfae no ho. (Nkyekyem 20) Noa kyerɛɛ Onyankopɔn mu gyidi koraa, pam adaka de gyee n’abusua nkwa. (Hebrifo 11:7) Saa ara na, ɛdenam Yehowa Nyankopɔn ne ne nkwagye nsiesiei a ɔnam Kristo Yesu so ayɛ mu gyidi a nkurɔfo bɛkyerɛ so no, ‘wobetumi agye wɔn nkwa afi mprempren wiase bɔne yi mu nnɛ. Ɛsɛ sɛ wogyina saa gyidi no so yɛ ade. Wɔnam bɔne a wɔayɛ ho ahonu, wɔn ho a wɔbɛdan afi ɔkwammɔne so, ne wɔn ho so a wɔnam mpaebɔ so hyira koraa ma Yehowa Nyankopɔn no so bisa Onyankopɔn hɔ ahonim pa. Nanso ɛnam Yesu afɔrebɔ ne ne wusɔre a ɛma otumi de saa afɔre no bo a ɛsom no kɔmaa Onyankopɔn wɔ soro no so na bɔne fafiri ne nkwagye tumi ba.—1 Petro 3:22.
Dɛn Na Wobɛyɛ?
So woyɛ obi a wo ne Yehowa Adansefo abɔ bere bi ni? Ebia woayɛ nsakrae a ehia no dedaw wɔ w’asetram ma ɛne Bible nnyinasosɛm ahorow ahyia, nanso wunhyiraa wo ho so na wɔmmɔɔ wo asu ɛ. Ebia wopɛ sɛ woyɛ Onyankopɔn apɛde nanso wusuro sɛ asubɔ bɛma ayɛ asɛyɛde ama wo. Enti, ebia wopɛ sɛ wukwati asɛyɛde ne akontaabu a ɛte saa no kosi bere bi. Nnipa bɛyɛ ɔpepem 11.5 na wɔkɔɔ Awurade Anwumeduan afahyɛ no ase wɔ afe a etwaam no mu. Nanso, nnipa dodow a wonyaa asɛmpaka adwuma no mu kyɛfa wɔ afe mũ no nyinaa mu dodow a ɛsen biara no nnu ɔpepem 4.5. Eyi kyerɛ sɛ nnipa bɛyɛ ɔpepem ason rekyerɛ Onyankopɔn nokware no ho aniso bi, ɛwom sɛ wonyɛ Yehowa Adansefo a wɔabɔ wɔn asu de. Ɛyɛ ampa sɛ eyinom mu bi yɛ mmofra nkumaa ne anigyefo afoforofo. Nanso wɔmmɔɔ wɔn a wɔyɛ asɛnka adwuma no mu binom nso asu. Nnipa pii wɔ hɔ a wɔanya Bible no mu nokware nimdeɛ nanso wonsoo nkwagye nsiesiei a Onyankopɔn ayɛ no mu yiye denam asu a wɔbɛbɔ so.
Asɛnhia bi a ɛsɛ sɛ wokae ne sɛ ɛyɛ nea Onyankopɔn hwehwɛ fi wo hɔ ho nimdeɛ na ɛbɛma woabu akontaa. Yakobo 4:17 se: “Nea onim papa yɛ na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no.” Hesekiel 33:7-9 kyerɛ sɛ ɛyɛ onipa a wɔaka Onyankopɔn mmara nsɛm ne n’ahyɛde ahorow akyerɛ no asɛde sɛ odi so. Enti asɛm no ne sɛ ebia obi dɔ Onyankopɔn nokwarem na ɔpɛ ankasa sɛ ɔbɛsɔ n’ani anaa. Onipa a ɔwɔ ɔdɔ a ɛte saa ampa, na ɔpɛ sɛ ɔne Yehowa Nyankopɔn nya abusuabɔ titiriw no rentwentwɛn ne nan ase sɛ obefi ne pɛ mu ahyira ne nkwa so ama no. Asubɔ yɛ saa ahosohyira no ho sɛnkyerɛnne a wohu kɛkɛ. Ɛyɛ adeyɛ a ehia ma nkwagye. Nokware gyidifo ma wɔbɔ wɔn asu.—Asomafo no Nnwuma 8:12.
Nhyira akɛse a Onyankopɔn de bɛma ankorankoro anokwafo, a wɔahyira wɔn ho so wɔ wiase foforo a ɛreba no mu no sen bere tiaa mu mfaso horow biara a ɛte sɛ nea nneɛma nhyehyɛe bɔne dedaw yi de ma no koraa. Sɛ yesusuw Onyankopɔn nsa a ɛyɛ den no ho a, onipa ho suro biara tu yera. (1 Korintofo 10:22; 1 Petro 5:6, 7) Nokwarem no, eyi ne bere a ɛsɛ sɛ wubisa wo ho sɛnea Etiopiani piani no bisaa Filipo no: “Dɛn na esiw me asubɔ ho kwan?”
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Te sɛ Etiopiani piani no, so wubisa wo ho sɛ: “Dɛn na esiw me asubɔ ho kwan?”