Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 4/15 kr. 23-25
  • ‘Ɔdɔ So A Wogyina De Afotu Ma’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Ɔdɔ So A Wogyina De Afotu Ma’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Oguan no San Ba
  • Nsɛm a Wosiesie wɔ Ɔdɔ Mu
  • Asuade Ahorow ma Kristofo Nnɛ
  • Onuadɔ Yɛ Ade
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Filemon ne Onesimo—Biako a Wɔyɛe Wɔ Kristofo Nuayɛ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Paulo wɔ Roma
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Filemon Mu Nsɛntitiriw
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 4/15 kr. 23-25

‘Ɔdɔ So A Wogyina De Afotu Ma’

BƐYƐ afe 60-61 Y.B. mu no, akoa bi a waguan afi ne wura nkyɛn fii Roma, na ofii ase twaa kilomita 1,400 kwan kɔɔ ne man mu wɔ Kolose, kurow bi a ɛwɔ Asia Kumaa kusuu fam atɔe. Na okura nkrasɛm a wɔde nsa akyerɛw, a ɛnyɛ obiara sɛ ɔsomafo Paulo na ɔkyerɛwee de rekɔma ne wura. Ɛnnɛ, saa krataa no yɛ Bible no fã, na nea ɔde kɔmaa no, Filemon, din na ɛda so.

Anifere nsɛm ne nsɛm a etumi dan ti wɔ krataa a wɔde kɔmaa Filemon no mu. Nanso, nea ehia titiriw ne sɛ asuade dodow bi wom ma Kristofo nnɛ, na emu biako ne bo a Kristofo dɔ so a wogyina tu wɔn ho wɔn ho fo som no. Ma yɛnhwɛ krataa a ɛyɛ tiawa nanso tumi wom yi mu yiye.

Nea Oguan no San Ba

Na Filemon yɛ Kristoni, Kolose asafo no muni a wɔdɔ no yiye. (Filemon 4, 5) Na ɛhɔnom asafo no de ne fi di dwuma sɛ nhyiambea! (Nkyekyem 2) Afei nso, na Filemon ankasa nim ɔsomafo Paulo; ebia na ɔsomafo no titiriw na ɔma ɔbɛyɛɛ Kristoni. Nokwarem no. Paulo kyerɛ sɛ n’ankasa anka asɛm wɔ Kolose. (Kolosefo 2:1) Nanso, ɔtraa Efesofo mfe abien, na ɔkaa asɛm no koduu akyiri ma “wɔn a wɔte Asia nyinaa [a Kolose ka ho] . . . tee Awurade asɛm” no. (Asomafo no Nnwuma 19:10) Ebia na Filemon ka wɔn a wɔde aso pa tiee asɛm no ho.

Sɛnea ɛte biara no, te sɛ saa bere no mu adefo pii no, na Filemon nso wɔ nkoa. Tete no, na ɛnyɛ bere nyinaa na nkoasom yɛ animguase. Wɔ Yudafo mu no, na obi ankasa ho anaasɛ n’abusua mufo a ɔbɛtɔn wɔn akɔ nkoasom mu no yɛ ɔkwan a wogye tom a wɔfa so tua ka ahorow. (Leviticus 25:39, 40) The International Standard Bible Encyclopedia ka Romafo bere no ho asɛm sɛ: “Nneɛma ahorow nti, nnipa bebree tɔn wɔn ho kɔɔ nkoasom mu, a ade titiriw a ɛsen biara nti a obi yɛɛ saa ne sɛ obenya asetra a ɔbrɛ nnim pii na ahotɔ kɛse wom sen sɛ ɔbɛtra ase sɛ ohiani, obi a ɔde ne ho, na ama wanya nnwuma soronko, ne asetra mu dibea kɛse. Nnipa a wɔnyɛ Romafo pii tɔn wɔn ho maa Romafo, a wɔhwɛ kwan sɛ wɔn ankasa bɛdan Romafo bere a wɔanya ahofadi [wɔade wɔn ho], a Romafo mmara a wɔde ahwɛyiye ahyehyɛ di ho dwuma.”

Nanso, ɔhaw bi sɔree, bere a Filemon nkoa no mu biako, ɔbarima bi a wɔfrɛ no Onesimo fii ne nkyɛn na oguan kɔɔ Roma, a ebetumi aba mpo sɛ owiaa Filemon sika de hwɛɛ ne ho wɔ guan a oguan no mu no. (Nkyekyem 18) Wɔ Roma no, Onesimo hyiaa ɔsomafo Paulo a na ɔyɛ ɔdeduani no wɔ hɔ no.

Akoa a “kan no, ne ho nni mfaso” a waguan afi nkoasom mu no dan Kristoni afei. Ɔde ne ho maa Paulo na ɔyɛɛ adwuma a mfaso wɔ so maa ɔsomafo a ɔda afiase no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Onesimo bɛyɛɛ obi a “oye ma” Paulo, na ɔbɛyɛɛ “onua dɔfo” maa Paulo!​—Nkyekyem 11, 12, 16.

Na anka Paulo bɛpɛ sɛ Onesimo tra ne nkyɛn, nanso wɔ mmara mu no, na Filemon ne Onesimo wura. Enti na ɛsɛ sɛ Onesimo san kɔsom ne mmara kwan so wura no. Ɛnde, Filemon begye no dɛn? So ɔde abufuw bɛka sɛ ɔwɔ hokwan sɛ ɔtwe n’aso? So obegye nokware a Onesimo de ka sɛ ɔyɛ ne yɔnko Kristoni no ho kyim?

Nsɛm a Wosiesie wɔ Ɔdɔ Mu

Paulo koma kaa no ma ɔkyerɛw Onesimo ho asɛm kɔmaa Filemon. N’ankasa na ɔkyerɛw krataa no, na wamfa ɔkyerɛwfo anni dwuma sɛnea na ɔtaa yɛ no. (Nkyekyem 19) Fa simma kakraa bi kenkan krataa tiawa a ɔde kɔmaa Filemon no nyinaa. Wubehu sɛ bere a Paulo daa ne ho adi kyerɛe na ɔkae sɛ “ɔdom ne asomdwoe” nka Filemon ne ne fifo akyi no, ɔkamfoo Filemon wɔ ‘ne dɔ ne gyidi a ɔwɔ no Awurade Yesu ne ahotefo nyinaa ho’ no ho.​—Nkyekyem 1-7.

Anka ebetumi ayɛ mmerɛw ama Paulo sɛ ɔde ne tumi a ɔwɔ sɛ ɔsomafo no bedi dwuma de ‘ahyɛ Filemon sɛ ɔnyɛ ade a ɛsɛ,’ nanso Paulo ‘gyinaa ɔdɔ so tuu no fo’ mmom. Ɔkaa nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Filemon abɛyɛ onua Kristoni ampa, nea wada ne ho adi sɛ ne ho wɔ mfaso ma Paulo. Ɔsomafo no gye toom sɛ: “Anka mepɛe sɛ misianka [Onesimo] ma ɔtra me nkyɛn, na wasi w’ananmu asom me, asɛmpa no nkyeree mu. Nanso,” Paulo toaa so sɛ, “mampɛ sɛ mifi w’akyi meyɛ biribiara, na wo yiyeyɛ anyɛ sɛ efi ɔhyɛ mu, na mmom afi ɔpɛ mu.”​—Nkyekyem 8-14.

Enti Paulo hyɛɛ Filemon sɛ ɔnsan nnye ne kan akoa no ntom sɛ onua. Paulo kyerɛwee sɛ: “Gye no sɛ m’ankasa.” Na ɛnkyerɛ ankasa sɛ Onesimo bɛfa ne ho adi sɛ akoa. Paulo ammɔ mmɔden sɛ ɔbɛsakra ne bere so asetra nhyehyɛe a na ɛwɔ hɔ no. (Fa toto Efesofo 6:9; Kolosefo 4:1; 1 Timoteo 6:2 ho.) Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ Kristofo abusuabɔ a afei aba Onesimo ne Filemon ntam no bɛma akoa ne owura ntam abusuabɔ no akari pɛ. Filemon bebu Onesimo sɛ “nea ɔsen akoa, sɛ onua dɔfo.”​—Nkyekyem 15-17.

Na, ɛka a ebia Onesimo de, esiane sɛ ebia ɔbɔɔ korɔn nti no nso ɛ? Bio nso, Paulo gyina ɔne Filemon ntam adamfofa no so kae sɛ: “Na sɛ wayɛ wo bɔne bi, sɛ nso ɔde wo ka bi a, bu brɛ me.” Paulo daa ahotoso adi sɛ Filemon bɛda fafiri honhom adi, na wayɛ ade atra nea Paulo bisae no. Esiane sɛ na Paulo wɔ anidaso sɛ ɛrenkyɛ na wɔayi no afi afiase nti, ɔyɛɛ nhyehyɛe a ɛbɛma Filemon ayɛ no adɔe wɔ bere tiaa bi akyi. Bere a Paulo san kyia Filemon bio, na ɔka sɛ “Awurade Yesu Kristo dom nka” no no, ɔde ne krataa no ba awiei.​—Nkyekyem 18-25.

Asuade Ahorow ma Kristofo Nnɛ

Asuade pa bebree wɔ Filemon krataa no mu ma Kristofo nnɛ. Ade biako ne sɛ ɛma yɛkae sɛnea ehia sɛ yɛde bɔne firi, bere a yɛn yɔnko gyidini ayɛ bɔne a anibere wom atia yɛn mpo no. Yesu Kristo se: “Na sɛ mode nnipa mfomso firi wɔn a, mo soro agya de mo de befiri mo nso.”​—Mateo 6:14.

Wɔn a wokura tumi dibea wɔ Kristofo asafo no mu nnɛ no titiriw betumi anya Filemon krataa no mu mfaso. Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Paulo amfa tumi a ɔwɔ sɛ ɔsomafo no anhyɛ Filemon sɛ ɔnyɛ nea ɛteɛ. Bio nso, Paulo anhyɛ sɛ ɔmma Onesimo kwan ma ɔntra Roma nsom Paulo. Paulo kyerɛɛ agyapade hokwan a afoforo wɔ no ho anisɔ. Ohui nso sɛ bere a ɔhyɛ a ɔde bedi dwuma no betumi ama anka wayɛ nea ɔka no, ɛbɛyɛ papa sɛ Filemon befi ne koma mu ayɛ ade. Ogyinaa ɔdɔ so srɛɛ ade, sɛnea ɛbɛyɛ na wafi komam adi ho dwuma.

Enti ɛnsɛ sɛ Kristofo mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no ‘di wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn agyapade no so bakoma’ da, denam wɔn tumi a wɔde bedi dwuma wɔ ɔkwammɔne so, anaasɛ denam nguankuw no a wɔne wɔn bedi no atirimɔden ne ɔhyɛ so no so. (1 Petro 5:1-3) Yesu se: “Munim sɛ wiase amanaman ahene di wɔn so sɛ awuranom, na wɔn mu akɛse di wɔn so tumi. Na ɛnte saa mo mu.” (Mateo 20:25, 26) Ahwɛfo taa hu sɛ nguankuw no tie ɔdɔ mu a wofi srɛ wɔn sɛ wɔnyɛ biribi no kɛse sen hyɛ a wɔhyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Wɔn a wɔanya adwenemhaw no ani sɔ ahwɛfo a wobefi ayamye mu anya bere atie wɔn haw ahorow na wɔama wɔn afotu a ntease wom no.

Paulo krataa no san ma mpanyimfo kae bo a nkamfo ne anifere som no. Ofii krataa no ase denam gye a ogye toom sɛ Filemon ama “ahotefo yam adwudwo wɔn” no so. (Nkyekyem 7) Akyinnye biara nni ho sɛ nkamfo a efi komam yi ma onya su a ɛbɛma watie nea ɔka no. Saa ara na nnɛ nso wobetumi ama afotu gye ayɛ mmerɛw denam nkamfo a efi komam na ɛyɛ anigye so. Na ɛnsɛ sɛ afotu a ɛte sɛɛ no yɛ penpen anaasɛ nea anifere nnim, na mmom nea “nkyene wɔ mu,” na ama ayɛ dɛ yiye ama otiefo no.​—Kolosefo 4:6.

Paulo san daa ahotoso a ɔwɔ wɔ Filemon mu sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ no adi bio denam nea ɔkae yi so: “Mewɔ wo setie ho anidaso nti na mekyerɛw wo nhoma, na minim sɛ wobɛyɛ asen nea maka yi po.” (Nkyekyem 21) Mpanyimfo, so munya ahotoso koro no ara bi wɔ mo mfɛfo Kristofo mu? So eyi mmoa wɔn sɛ wɔbɛpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛteɛ?

Anigyesɛm ne sɛ awofo taa hu sɛ ahotoso a wobenya wɔ wɔn mma mu nso nya wɔn so nkɛntɛnso pa. Ɛdenam mfaso a ɛwɔ ɔpɛ mu a wofi yɛ osetie​—ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛyɛ nea ɛsen nneɛma a wɔhwehwɛ​—no a wobehu no so na awofo betumi ama wɔn mma anya nidi bi. Bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, ɛsɛ sɛ awofo de nne a ɛkyerɛ ayamye ne ɔdɔ de ahyɛde ma anaasɛ wode bisa ade. Ɛsɛ sɛ wɔda tema adi, na wɔma wohu nea enti a wɔyɛ biribi. Ɛsɛ sɛ awofo de anigye kamfo wɔn mma, bere a wɔfata nkamfo a ɛte saa no, na wɔkwati kasa a wɔkasa tia wɔn mmoroso, titiriw wɔ baguam.

Saa ara na okununom betumi ada odwo ne ayamye adi, a wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔbɛkamfo wɔn yerenom. Eyi ma ɔyerenom ahobrɛase yɛ anigye, na ɛde akomatɔyam ne anigye ba.​—Mmebusɛm 31:28; Efesofo 5:28.

Wɔanka sɛnea Filemon dii Paulo krataa no ho dwuma ankyerɛ. Nanso, yɛrentumi nnya adwene sɛ ne mu ahotoso a na Paulo wɔ no nteɛ. Ɛmmra sɛ Kristofo mpanyimfo, awofo, ne okununom a wɔwɔ hɔ nnɛ bedi yiye wɔ sɛnea wɔne afoforo di no mu, ɛnyɛ ɔhyɛ anaa ahunahuna so, na mmom denam ‘ɔdɔ so a wogyina tu fo’ no so.

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Sɛ anka Paulo de tumi a ɔwɔ sɛ ɔsomafo no bedi dwuma no, ogyinaa Kristofo dɔ so tuu Filemon fo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena