Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 6/8 kr. 21-24
  • Nuklea Harmagedon Biara Remma!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nuklea Harmagedon Biara Remma!
  • Nyan!—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • HARMAGEDON YƐ ONYANKOPƆN KO
  • HARMAGEDON BƐYƐ TRENEE KO
  • AMANAMAN NO NYINAA BƐKƆ AFÃ WƆ HARMAGEDON
  • ABƆNEFO NKUTOO NA WƆBƐSƐE WƆN WƆ HARMAGEDON
  • WƆAHYƐ BƆ SƐ EBINOM BETWA HARMAGEDON
  • HARMAGEDON RENSƐE ASASE NO
  • Nuklea Ko—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Nuklea Ɔsɛe—Ɛyɛ Hu Paara Dɛn?
    Nyan!—1984
  • Harmagedon Bɔ Kwan Ma Nhyehyɛe Foforo!
    Nyan!—1984
  • Nuklea Akodi—Henanom na Wɔde Bɛba?
    Nyan!—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 6/8 kr. 21-24

Nuklea Harmagedon Biara Remma!

ESIANE sɛ nuklea akodi ho hu no yɛ paara nti, ɛyɛ nea nyansa wom sɛ adesamma bɛbɔ mpae sɛ saa ade a ɛyɛ hu yi remma. Nea ɛyɛ anigye no, wɔ 1960 mfe no mfiase mu hɔ no Francis Cardinal Spellman kae sɛ “mommɔ mpae na wɔagye wiase no afi ‘nuklea Harmagedon’ mu.” Asɛmfua “Harmagedon” no pue pɛnkoro pɛ wɔ Bible mu, ɛwom sɛ kyerɛw nsɛm ahorow pii ka ho asɛm wɔ akwan afoforo so de. So kyerɛw nsan ahorow yi kyerɛ sɛ Harmagedon betumi ayɛ nuklea ɔsɛe a anidaso wom sɛ wobetumi akwati? So Harmagedon yɛ ɔko a onipa betumi afi ase?

HARMAGEDON YƐ ONYANKOPƆN KO

Bible no se: “Ahonhommɔne ahonhom . . .no fi kɔ wiase nyinaa ahene nkyɛn kɔboaboa wɔn ano ma Onyankopɔn, Ade nyinaa so Tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no . . .wɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri kasa mu sɛ Harmagedon [anaasɛ Armagedon].​—Adiyisɛm 16:14, 16.

Nanso: Ɔkwan bɛn so na wobetumi afrɛ nuklea ɔsɛe a nnipa nniso horow de ba de ma wɔn amammui botae horow nya nkɔso no sɛ Onyankopɔn ko ma ayɛ yiye? So asɛe a ɛte sɛɛ renyɛ nea ɛteɛ kɛse sɛ wɔbɛka sɛ ɛyɛ onipa ko mmom?

HARMAGEDON BƐYƐ TRENEE KO

Bible no se: “Mihui sɛ ɔsoro abue, na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi ni, na nea ɔte ne so no, wɔfrɛ no nea ɔsɛ gyidi no ɔnokwafo, na obu atɛn na otu sa trenee mu.”​—Adiyisɛm 19:11.

“Trenee na ɔde bebu atɛn ama mmɔborɔni, na ɔde asɛntrenee adi ama asase so amanehunufo; . . . na ɔde n’anom honhom akum abɔnefo, na trenee bɛyɛ n’asen so abɔso, na gyidi ayɛ n’akwaa mu abɔmu.”​—Yesaia 11:4, 5.

Nanso: Dɛn na ɛwɔ ho a ɛbɛyɛ trenee anaa ade pa wɔ nuklea ɔko a wobekunkum nnipa pa ne nnipa bɔne nyinaa a nyiyim biara nni mu no ho? Nokwarem, National Conference of Catholic Bishops boayikuw a ɛwɔ Amerika no kae nnansa yi sɛ “wobu ka a wɔka sɛ wɔde [nuklea] akode horow a ɛte sɛɛ bedi dwuma no sɛ adebɔne.” Na afei sɛ nuklea akodi ho hu no mpo yɛ nea wobu sɛ ɛyɛ adebɔne a, ntease bɛn na yebetumi de aka sɛ ɔko no ankasa yɛ trenee ko?

AMANAMAN NO NYINAA BƐKƆ AFÃ WƆ HARMAGEDON

Bible no se: “Mihuu aboa no ne asase so ahene [ne asase so ahene nyinaa,” “The Jerusalem Bible”] ne wɔn dɔm sɛ wɔaboaboa wɔn ho ano, na wɔne nea ɔte ɔpɔnkɔ fitaa no so no ne ne dɔm bedii ako.”​—Adiyisɛm 19:19.

Nanso: So nuklea ɔsɛe renyɛ nea ebefi ntawntawdi wɔ aman a wɔne wɔn ho wɔn ho di asi ntam aba mmom sen sɛ amanaman no bɛbom akɔ afã biako?

ABƆNEFO NKUTOO NA WƆBƐSƐE WƆN WƆ HARMAGEDON

Bible no se: “[Yehowa] ne amanaman no reham; ɔreba ɔhonam nyinaa atɛn; ɔde abɔnefo ato afoa ano.”​—Yeremia 25:31.

“Na teefo na ɛbɛtra asase no so, . . . na wobegu abɔnefo ase afi asase so, na wɔatu nkontompofo afi so.”​—Mmebusɛm 2:21, 22.

Nanso: So wɔn a wodi fɔ, “abɔnefo” nkutoo na wɔbɛsɛe wɔn wɔ nuklea ɔsɛe mu? Dɛn na esii wɔ nuklea ɔsɛe no mu wɔ Hiroshima ne Nagasaki, Japan wɔ 1945 mu? Wɔn a na wɔka mmarima, mmea ne mmofra mpem dudu pii a wowuwui no ho ne Katolekfo mmea a wɔresua asɔfodi pii, ahɔho pii a na wɔakɔ Japan rekosua ade a ɔko no bɛtoo wɔn wɔ hɔ, Koreafo mpempem pii a na wɔde wɔn aba Japan sɛ wɔmmɛyɛ adwuma sɛ nkoa ne Amerikafo ɔko mu nneduafo dodow bi. So na eyinom nyinaa yɛ wɔn a wodi fɔ, “abɔnefo”?

WƆAHYƐ BƆ SƐ EBINOM BETWA HARMAGEDON

Bible no se: Wɔ “[Yehowa] da kɛse a ɛyɛ hu no [mu no] . . . obiara a ɔbɛbɔ [Yehowa] din no, wobegye no nkwa; na bepɔw Sion so ne Yerusalem na nnipa a wɔafi mu afi ne nnipa a [Yehowa] refrɛ wɔn, wɔn a wɔafi mu aka no mu mma nkwa bɛtra.”​—Yoel 2:31, 32.

Nanso: Wɔ onipa fam no, so obi benya nkwa wɔ nuklea ɔko a, nnipa de ba mu? Ɛho yɛ den. Nnipa kakraa bi na ɛho mframa bɔne no bi renka wɔn. Na ɛno mpo, nkwa a wobenya yɛ nea ɛbo yɛ den. Swedish Royal Academy of Science no bisaa amanaman ntam abenfo dumiɛnsa sɛ wɔnkyerɛ nea ɛbɛba, sɛ wɔtotow nuklea atopae 15,000 wɔ wiase no kusuu fam wɔ nna kakraa ntam a. Wobuae sɛ: “Obiara rennya nkwa wɔ ogya no mu.”

HARMAGEDON RENSƐE ASASE NO

Bible no se: “Amanaman no bo afuw, na [Onyankopɔn] abufuw ne awufu bere no adu . . . na wasɛe wɔn a wɔasɛe asase no.”​—Adiyisɛm 11:18.

Nanso: Wɔ onipa fam no, akyinnye kɛse biara nni ho sɛ nuklea ɔsɛe betumi ama adesamma nyinaa nkwa aba awiei. Jonathan Schell bɔ kɔkɔ wɔ ne nhoma a agye din yiye a wɔfrɛ no The Fate of the Earth no mu sɛ: “Ɛrenyɛ onipa nko, na mmom okyinsoromma no awiei nso​—asase no sɛe.”

Dɛn na yesua fi kyerɛw nsɛm ahorow a ɛwɔ atifi hɔ no mu? Yehu sɛ Onyankopɔn ko wɔ Harmagedon no bɛyɛ soronko koraa wɔ nea nuklea ɔsɛe a onipa de bɛba bɛyɛ no ho. Harmagedon nyɛ nea wɔahyɛ da asiesie sɛ ɛmmɛsɛe asase. Wɔasiesie sɛ wɔde bɛsɛe wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɛe asase no. Enti ka a wɔbɛka nuklea ɔsɛe a ebetumi aba ho asɛm sɛ ɛyɛ Harmagedon no yɛ di a wɔde asɛm no redi dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so. Nanso ɛmfa ho sɛnea yɛfrɛ no no, yɛpɛ sɛ yehu ara sɛ: So nuklea ɔsɛe bi bɛba anaasɛ dabi? Yebetumi adan akɔ Bible no so bio a yegye di sɛ ɛbɛma yɛn mmuae a ahotoso wom.

Wɔ Yesaia 45:18 no, yɛkenkan sɛ: “Na sɛ [Yehowa] a ɔbɔɔ ɔsoro na ɔnwenee asase na ɔyɛe no se ni, ɔne Onyankopɔn, ɔno na ɔde sii hɔ; wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntra so.” Esiane sɛ ‘nea ɔnwenee asase’ no ammɔ “no hunu” nti, ɔremma kwan mma nuklea ɔsɛe mma ɛnnan amanfõ a onipa anaa aboa ntumi ntra so. Eyi bɛyɛ nea ɛbɔ n’atirimpɔw a wɔada no adi wɔ Dwom 37:29 no abira sɛ: ‘Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”

Ebia ebinom bebisa sɛ, ‘Nanso anyɛ yiye koraa no, so 2 Petro 3:7, 10 mmɔ nuklea ɔsɛe din?’ Yɛkenkan wɔ hɔ sɛ: “Na ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi, wɔde n’asɛm no ara akora so, na wɔde asie ama ogya, ama atemmu ne nnipa amumɔyɛfo sɛe da no. Na Awurade da no bɛba sɛ owifo ba. Emu na ɔsoro de kukurududu betwam akɔ, na ewim mfitiasede bɛhyew asɛe, na asase ne emu nnwuma bɛhyew.”

Nanso, ɛda adi sɛ eyi yɛ sɛnkyerɛnne kwan so kasa na ɛnkyerɛ nuklea ɔsɛe ankasa bi a bere a ɛresɛe asase ne nnipa a wɔte so no, ebetumi ama ɔsoro paara a ɛwɔ hɔ yi “de kukurududu betwam akɔ.” Nokwarem no ɛyɛnneɛma nhyehyɛe bɔne yi, nnipa “amumɔyɛfo” abusua no ne ne nniso a ɛwɔ “ɔsoro” no na wɔbɛsɛe no koraa te sɛ ogya na wɔde yɛɛ saa. Wiase no mfitiasede ne n’afã horow nyinaa yɛ nea ɛbɛnnan wɔ Yehowa abufuhyew no mu a adesamma abusua yi honam fam ade dodowpɛ “nnwuma,” sɛnkyerɛnne kwan so “asase” no ka ho. Eyi bɛbɔ kwan ama “ɔsoro foforo ne asase foforo” a Petro ka ho asɛm bio no​—adesamma a wɔagye wɔn asase so abusua foforo wɔ Kristo Mesia Ahenni a trenee te mu no “ɔsoro” nniso foforo no ase. (2 Petro 3:13) Satan nkɛntɛnso a ama nnipa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho no bɛyɛ nea atwam. Nuklea ɔsɛe rentumi mma ɔbonsam ne n’adaemone no mfi onipa so. Harmagedon bebue kwan ama Kristo Yesu wɔ n’Agya akwankyerɛ ase ma wayɛ eyi.​—Hwɛ Adiyisɛm 20:1-3.

Wiase nsɛm a, ɛresisi da no adi sɛ Onyankopɔn atemmu bere no adu na ebetumi aba bere biara. Enti ɛsɛ sɛ nkɔmhyɛ a edi so yi nso nya ne mmamu nnansa yi ara: “Na bere a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ, no, ɛnde mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so.” (1 Tesalonikafo 5:3) Bere a ɛnka sɛ akodi nketenkete anaasɛ mpo atomik akodi a ano nyɛ den ntumi mma no, saa kyerɛwsɛm yi kyerɛ sɛ nuklea ɔsɛe biara remma. Ɔkwan bɛn so na ɛte saa? Eye, bisa wo ho sɛ: Wɔ nuklea ɔsɛe akyi no, henanom na wɔbɛka a wɔbɛteɛm sɛ “asomdwoe” no? Na sɛ ebinom benya wɔn ti adidi mu a, ntease bɛn na wɔwɔ nti a ɛsɛ sɛ wɔteɛm sɛ “ahotɔ” bere a ama wɔte asase a ne mframa ne biribiara asɛe so no?

Afei ebia wubebisa sɛ mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ wɔbɛma obi anya ahotɔ wɔ nuklea ɔsɛe ho hu no mu na ama wabehyia ehu foforo a ɛne ‘mpofirim ɔsɛe’ wɔ Harmagedon? Ma yɛn asɛm a edi hɔ no nkyerɛkyerɛ mu.

[Box on page 24]

HARMAGEDON BƐYƐ

​—Onyankopɔn ko

​—Trenee ko

​—Ɔko a wɔde bɛsɛe abɔnefo nkutoo

[Box on page 24]

NUKLEA ƆSƐE BƐYƐ

​—Onipa ko

​—Ɔko a ɛnyɛ trenee de

​—Ɔko a ɛsɛe apapafo ne abɔnefo nyinaa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena