Sɛnea Wɔbɛma Mpanyinyɛ Asan Akyi
NOKWARE a ɛyɛ sɛ yɛmpɛ sɛ yenyin yɛ nkwakoraa ne mmerewa na yewuwu no yi biribi adi. Yɛpɛ sɛ yɛkɔ so kura ahoɔden a mmerante ne mmaba wɔ no mu denneennen sɛnea yebetumi.
Nokwasɛm a ɛyɛ nhyɛase a ɛkyerɛ ade a yɛn kɔn dɔ yi ne nokwasɛm foforo bi nso hyia: Wɔammɔ yɛn sɛ yennyin nyɛ nkwakoraa ne mmerewa na yenwuwu. Ɛnyɛ sɛ mpanyinyɛ ne owu yɛ ade a wɔmpɛ nko, na mmom ɛne yɛn bɔbeasu nhyia nso.
Nanso so ɛnyɛ saa na Onyankopɔn bɔɔ yɛn, a ɛne sɛ, yɛntra ase bere tiaa bi, na afei yennyin na yenwuwu? So wanyɛ nhyehyɛe sɛ onipa nkɔso nnyin, na owu a edi akyi no ayɛ nea ɛyɛ adesamma asetra no fã?
Mmuae a efi Onyankopɔn ankasa Asɛm no mu ne sɛ, DABI! Wammɔ adesamma sɛ wonwuwu. Wammɔ wɔn sɛ wonnyin nyɛ nkwakora ne mmerewa sɛnea yehu mprempren no. Mpanyinyɛ ne owu yɛ ade a efi mfiase no na adesamma abusua no nnim koraa.
Yɛsrɛ wo sɛ kenkan ɔkwan a Onyankopɔn faa so bɔɔ ɔbarima ne ɔbea a wohu wɔ Bible mu nhoma a ɛyɛ Genesis no atiri abiɛsa a edi kan no mu. Baabiara nni hɔ a ɛka sɛ wɔbɔɔ adesamma na wɔanyin awuwu sɛ adebɔsu mu ade a ɛsɛ sɛ ɛba wɔn asetra mu.
Mmom, Bible no da no adi pefee sɛ mpanyinyɛ ne owu fi Onyankopɔn mmara so a wobui, (Gen. 2:15-17; 3:1-5, 17-19) Sɛ anka yɛn awofo a wodi kan no kɔɔ so yɛɛ osetie maa Onyankopɔn mmara, sɛ anka wɔbrɛɛ wɔn ho ase maa no a, anka wɔda so te nkwa mu de besi nnɛ. Wɔbɛyɛ adesamma a wɔyɛ pɛ a worennyin na wɔawuwu, ɛwom sɛ wɔatra ase mfirihyia mpem bebree.
Bere a Eyi Bɛbam no Abɛn
Atirimpɔw a Onyankopɔn de bɔɔ adesamma wɔ asase so ne sɛ obenya nnipa a wɔyɛ pɛ atra so, atra paradise tebea mu na woayɛ saa de akosi daa. Eyi da so ara yɛ n’atirimpɔw na ɛno nti na Yesu hyɛɛ ɔbɔnefo a ɔrewu a ɔkyerɛɛ gyidi wɔ ne mu no bɔ sɛ: “Wobɛka me ho paradise hɔ.” (Luka 23:43) Nea ɛwɔ Yesu adwene mu ne bere a mpanyinyɛ ne owu bɛyɛ ade a adesamma nnim korakora bio no. Onim sɛ bere bi bɛba a ɔdesani biara a ɔte asase so no bɛyɛ obi a ɔyɛ pɛ na ɔwɔ akwahosan pa na mpanyinyɛ ne owu mu ɔhaw horow renhaw no bio ara da.
Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, yɛrebɛn bere a eyi bɛbam a ɛbɛhyɛ mpanyinyɛ ne owu awiei agyirae no ho ntɛmntɛm. Nea ɛbɛba yi bɛbɔ ɔkwan ama saa ɔhaw horow yi afi ho de akosi daa. Ɛno na afei Ponce de Leon “Mmerante bere mu Asuti” no ho renhia bio efisɛ wɔn a wɔbɛtra ase nyinaa betumi anya akwahosan pa ne ahoɔden a efi nipadua a ayɛ pɛ mu ba no bi, ne afei nso osuahu ne nyansa a efi mfe pii a wɔde atra ase mu ba no, ne afei nso daa nkwa.
Afei nso wobenya eyi nyinaa mu anigye a mprempren tebea a ɛwɔ asase so a enye no nso nni hɔ bio. Saa bere no na wɔayi eyinom nyinaa afi hɔ. Mmom nea ɛbɛba ne asomdwoe ne dwoodwoo asetra a ɛbɛtra hɔ “na obi bi renyi wɔn hu.” (Mika 4:4) “Na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” (Dw. 37:11) De akosi bere tenten bɛn? “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dw. 37:29.
So yɛreka nyansahu mu mmɔdenbɔ bi a ɛbɛbam ho asɛm? Dabi, ɛyɛ biribi a ɛyɛ nwonwa a ɛbɛtra hɔ daa. Nyansahu mu mmɔdebɔ ahorow betumi aboa wɔ akwan horow bi so, nanso wɔde ɔhaw horow nso ba wɔ akwan horow so. Na nyansahufo biara nni hɔ obetumi ahu ɔkwan a wɔbɛfa so atwa onyin ne owu to. Na saa ara nso na nyansahufo biara rentumi nka amanaman ahorow a wɔn mu apaapae na mmom nyɛ wɔn biako wɔ wiase nyinaa na asomdwoe ne anigye ne ɔdɔ ankasa atra wɔn mu.
Hena na Ɔde Tebea a Eye no Bɛba?
Ɛnyɛ adesamma a wowu no na wɔde nsakrae a ɛbɛma adesamma afi wɔn mprempren tebea a ɛyɛ awerɛhow mu no bɛba. (Dan. 2:44) Adesamma de bere tenten akyerɛ nea wɔn ankasa betumi ayɛ. Sɛ yetwa yɛn ani susuw adesamma abakɔsɛm a ɛfa nitan, akodi, pɛsɛmenkominya, awudi, nyaatwom ne nnipa ho adwemmɔne a wonya no ho a, yebetumi agye atom sɛ wɔn ho kyerɛwtohɔ no nyɛ nea ɛkanyan wɔn mu awerɛhyem a yebenya. Wɔ nokwarem no kyerɛwtohɔ no yɛ awerɛhow. Dabi, yɛrentumi mfa yɛn ani nto adesamma so na wɔde biribi papa bi aba wɔ mpanyinyɛ ne owu fam.
Obiako pɛ na ɔwɔ hɔ a obetumi ayɛ ade a ɛte sɛɛ. Oyi ne Nea onim sɛnea ɔdesani nipadua yɛ adwuma fa, na onim sɛnea n’adwene kyɛn obiara. Oyi ne adesamma Bɔfo, Ade Nyinaa so Tumfoɔ Yehowa. Ɔno na obetumi de nsakrae no aba, ɔno na ɔwɔ nyansa, tumi ne ɔdɔ a ebetumi atwa onyin to.
So Onyankopɔn bere abɛn sɛ ɔde bɛyɛ eyi? Yiw! Wɔn a wosua Bible nkɔmhyɛ ne ne mmamu wɔ nnɛ bere mu no nim sɛ adesamma awo ntoatoaso no abakɔsɛm a etwa to a mpanyinyɛ no owu rentra mu bio no mu na yɛte no. Ɛrenkyɛ na Onyankopɔn bo ase a watɔ ama mprempren nneɛma nhyehyɛe a enye a ɛwɔ wiase no mu no aba n’awiei na ɔbɛsɛe no koraa afi hɔ. Sɛ́ eyi bɛbam wɔ “awo ntoatoaso yi” a ɛwɔ yɛn asetra bere yi mu no mu no, Yesu kaa saa wɔ ne nkɔmhyɛ a ɛfa “nneɛma nhyehyɛe no awiei” ho no mu. Enti sɛ mprempren wiase yi mu nneɛma nhyehyɛe no ba awiei a, onyin ne owu nso befi ase aba awiei.—Mat. 24:3, 34.
Nneɛma nhyehyɛe yi awiei bɛbɔ ɔkwan ama “asase foforo.” Wɔkaa eyi siei wɔ ɔsomafo Petro nkyerɛwee a efi honhom mu no mu. (2 Pet. 3:13) “Asase foforo” no bɛkyerɛ adesamma abusua foforo wɔ Onyankopɔn nniso ase. Mfaso horow a wɔn a wɔte asase so saa bere no nsa bɛka te sɛ nea wɔde maa ɔbarima ne ɔbea a wodi kan wɔ paradise a ɛwɔ Eden no.—Gen. 2:8.
Asase So Nhyira Horow
Bible mu nkɔmhyɛ ahorow pii ka tebea a eye a ɛbɛba Onyankopɔn “asase foforo” no mu ama adesamma no ho asɛm tee ne afei nso wɔ akwan horow so. Hyɛ emu kakraa yi nsow:
“Ɛno na afuraefo aniwa bebue, na asotifo aso atue; ɛno na apakye behuruw sɛ ɔfrote, na mum tɛkrɛma ato dwom.”—Yes. 35:5, 6.
“Na ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow! Ɔman a wɔte mu na wɔde wɔn amumɔyɛ befiri wɔn.”—Yes. 33:24.
“Ɛnde ne honam yɛ fɔɔfɔɔ sɛ mmofra de, ɔsan kɔ ne mmerante bere mu.”—Hiob 33:25.
So akwanhwɛ a ɛyɛ san a wɔbɛsan akɔ wɔn mmerante bere mu na wɔanya akwahosan pa mu anigye no yɛ nokware dodo sɛ wobegye adi? Ɛnte saa koraa. Mma wo werɛ mfi nea ɛkɔɔ so wɔ Yɛn Bere mu afeha a edi kan no mu no. Ɛno ne bere a Yesu nam Onyankopɔn tumi so de ɔyɛkyerɛ kyerɛe sɛ saa ayaresa ne nneɛma a wɔsan hyehyɛ no foforo no yɛ Onyankopɔn atirimpɔw ma adesamma no fa.
Bible no ka nea Yesu yɛe no kyerɛ: “Na nkurɔfo akuwakuw pii de mpakye, mmubuafo, anifuraefo, mum ne afoforo pii baa ne nkyɛn, na wɔde wɔn beguu ne nan ase. Na ɔsaa wɔn yare ma ɛyɛɛ nkurɔfokuw no nwonwa, sɛ wohui sɛ mum rekasa, na mpakye ho san, na mmubuafo nantew na anifuraefo hu ade.”—Mat. 15:30, 31.
Yesu bɛyɛ bebree mpo akyɛn saa. Ɛnyɛ sɛ ayaresa ahorow a ɛyɛ nwonwa yi nko ho dwuma na odi maa ayarefo ne mmubuafo, na mmom ɔkyerɛe sɛ, wɔ Onyankopɔn “asase foforo” no mu no wobesusuw awufo nso ho. Bible no ka mpɛn horow pii a Yesu nyan awufu de wɔn baa nkwa mu bio wɔ asase so no ho asɛm. Lasaro yɛ eyinom mu biako. Na wawu nna anan, nanso Yesu nyan no.—Yoh. 11:38-44.
Yesu kae wɔ bere foforo bi mu sɛ: “Wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi; wɔn a wɔayɛ papa no bɛkɔ nkwa sɔre mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no bɛkɔ atemmu sɔre mu.” (Yoh. 5:28, 29) Akyiri no, ɔsomafo Paulo kaa saa ara sɛ: “Owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.”—Aso. 24:15.
Awufo a wɔde wɔn bɛba nkwa mu no nyɛ ɔhaw bi koraa mma ɔbɔadeɛ no, efisɛ ɔno na ɔbɔɔ ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no. Sɛ́ ɔbɛsan abɔ onipa bio afi ne nkae mu no bɛyɛ mmerɛw koraa ama Onyankopɔn. Wɔ nokwarem no, esiane sɛ adesamma atumi asuasua sɛnea obi su horow te, ne nneyɛe te, ne nne te ne sɛnea ne nipasu ne ban te denam mfonini a ɛyɛ sini ahorow a wɔyɛ ne wɔn nne a wɔkyere gu nhama so nti, sɛ onipa Bɔfo no a ɔwɔ tumi ne nyansa pii no rentumi nyɛ nea ɛkyɛn saa?
Onyankopɔn Asɛm no kyerɛkyerɛ ɔkwan a wɔbɛfa so adi owu ne mpanyinyɛ so no mu fɛfɛɛfɛ. Hyɛ Kyerɛwnsɛm bi a ɛka eyi ho asɛm no nsow:
“Ɔbɛmene owu akosi daa, na Awurade [Yehowa] bɛpopa ani nyinaa so nusu.”—Yes. 25:8.
“Na [Onyankopɔn] ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”—Adi. 21:4.
“Ɔtamfo a odi akyiri a obetu no agu ne owu.”—1 Kor. 15:26.
“Wamene owu nkonim mu. Owu, wo nkonim no wɔ he? Owu, wo nwowɔe wɔ he?”—1 Kor. 15:54, 55.
Anigye da ne da a ɛyɛ nwonwa bɛn sɛɛ na eyi bɛyɛ bere a adɔfo a wɔawuwu no bɛba nkwa mu na wɔayɛ wɔn atuu sɛnea ɛbɛyɛ na wɔabenya Onyankopɔn ayaresa ne nhyehyɛe foforo kɛse no mu mfaso!
Saa ogye a wogye nnipa fi mpanyinyɛ ne owu nsa dennen no ase no ho anidaso kɛse no de nkuranhyɛ kɛse ma mpanyimfo nyinaa wɔ mmere a emu yɛ den yi mu. Sɛ nhwɛso no, ɔbea bi a ɔwɔ Florida a ofii ase pɛɛpɛɛ Bible mu bɔhyɛ ahorow no mu wɔ ne kunu wu akyi no kae sɛ ne kunu no wusɔre ho anidaso no ne nea ɛkanyan no ma onyaa Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no ho anigye. Saa anidaso a ɛkyekye onipa werɛ no boaa no ma otumi gyinaa n’awerɛhow no ano, na ɛma onyaa anidaso pa wɔ asetra mu.
Wo de susuw eyi ho! Da no rebɛn, bere a wɔn a wɔn mfe akɔ anim no nyinaa behu sɛnea nneɛma a edi adanse wɔ wɔn nipadua mu sɛ wɔrenyin no befi ase asan n’akyi nkakrankakra, a wɔn anim a apompono no mu reteɛteɛ na ɛreyɛ foforo wɔ bere yi mu. Afei aniwa a ɛso ayɛ kusuu no so bɛtew na wɔatow ahwehwɛ-aniwa akyene. Wobetumi ate asɛm ma nsɛm mu ada hɔ ma wɔatow nneɛma a wɔayɛ a wɔde boa wɔn ma wɔte kasa no nso akyene. Mmubuafo befi ase anantew na ɛno nti wɔrenhia nnua bio, na nea ɛka eyi nyinaa ho no, wobetumi ama wɔn a wɔn adɔfo awuwu a wɔreba nkwa mu no nyinaa akwaaba.
Sɛnea saa bere no bɛyɛ anigye ne akomatɔyam bere afa no nti, ɛmaa Onyankopɔn Asɛm no kae sɛ: “Wɔrenkae kan de no, na ɛremma koma mu bio.” (Yes. 65:17) Sɛnea nneɛma pa bɛdɔɔso afa wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu no bɛma mprempren nneɛma a ɛyɛ awerɛhow na ɛyɛ yaw na ɛde dadwene ne ɔhaw ba no bɛyɛ ade a yɛn werɛ befi a ɛho nkae ketewaa bi pɛ na ɛbɛtra hɔ, na ɛrenhaw anigye a yebenya wɔ asetra mu no bio da biara da.
Onyankopɔn mu a Yɛde Yɛn Werɛ Bɛhyɛ
So yebtumi anya saa bɔhyɛ horow yi mu awerɛhyem? Wiɛ, hena na wobɛpɛ sɛ wode wo werɛ hyɛ ne mu—adesamma a wɔada wɔn ho adi akyerɛ dedaw sɛ obi rentumi mfa ne ho nto wɔn so no, anaasɛ Onyankopɔn a Bible no ka fa ne ho sɛ “ɔrentumi nni atoro” no.—Tito 1:2.
Mmuae a Israel kwankyerɛfo Yosua de mae bere a wahu Onyankopɔn anwonwadwuma no mu binom ne sɛ: “Na munhu mo koma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ, asɛm biako pɛ ntɔɔ fam, nsɛm pa a Awurade [Yehowa] mo Nyankopɔn kae wɔ mo ho no nyinaa mu: Ne nyinaa aba mu ama no, emu asɛm biako pɛ antɔ fam.”—Yos. 23:14.
Sɛ wunim oduruyɛfo a obetumi asa koma yare, samee anaa akisikuru ne nyarewa ahorow nyinaa a, so wobɛkɔ ne nkyɛn ama wasa wo yare? Sɛ obetumi ama onyin asan akyi na wayi owu afi hɔ a, so wobɛkɔ ne nkyɛn? Na sɛ bere koro no ara mu no ɔwɔ tumi a ɔde bɛbɔ paradise ama woatra hɔ a, sika ahe na wubetua de ama nea ɔbɛyɛ ama wo yi? So mobɛka sɛ: “Minni bere, minni adagye koraa”? Anaasɛ wobɛsɔre atia aka sɛ: “’M’ani nnye ho”?
Yehowa Nyankopɔn wɔ tumi kɛse a ɔde bɛsa yare na ɔde asiesie nneɛma akyɛn oduruyɛfo biara. Na wubetumi de wo werɛ ahyɛ ne mu sɛ ɔbɛyɛ adwuma no awiei nso. Dɛn na obisa fi yɛn nkyɛn? Sɛ́, yɛnsan mmra ne nkyɛn wɔ gyidi mu, na yɛmmɛyɛ adwuma mma no, efisɛ “nea ɔyɛ Onyankopɔn ade a ɔpɛ no ɔbɛtra hɔ daa.”—1 Yoh. 2:17.
Asetra Pa Mprempren
Saa anidaso a etim hɔ pintinn yi adan sɛ ‘ɔbotan’ wɔ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no mu pii asetra mu. Akanyan wɔn, ama wɔanya anidaso ne atirimpɔw a eye wɔ wɔn asetra mu mprempren ne afei nso daakye anidaso, na ɛma wonya afoforo a wokura anidaso a ɛte saa ara no ayɔnkofa mu anigye.
Onyankopɔn nneɛma nhyehyɛe foforo no mu anidaso nhyɛ aniwu.” (Rom. 5:5) Eyi nhyɛso ne awerɛhodi ne dwoodwoo asetra a enni hɔ fi hɔ. Na afoforo a wokura anidaso a ɛte saa ara no ayɔnkobɔ mu a woba no ma wunya ɔdɔ a eyi ankonamyɛ ne nka a obi te sɛ mfaso nni ne so no fi hɔ. Afei nso ɛma obi nya ho kwan yɛ nnwuma pa, efisɛ nhyehyɛe foforo no ho anidaso no yɛ nea ɛsɛ sɛ wɔne afoforo kyɛ.
Ɔbaa panyin bi a ofi Caribbean nsupɔw no so gyaee adekyerɛ esiane onyin nti ne afei nso ne menewa a ɛhaw no no nti. Bere a akyiri no osuaa Bible mu nokware a ɛfa nhyehyɛe foforo” no ho ne nhyehyɛe kɛse a Onyankopɔn ayɛ no ho ade no, ofii ase de eyi kyerɛkyerɛɛ afoforo. Ɛno akyi mfe pii no ɔbɛyɛɛ obi a afei de ‘onnyaee adekyerɛ’ efisɛ nea ɔyɛ da biara da ne sɛ ɔde bere pii kyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm no mu nokware ahorow no kyerɛ afoforo mpo kyɛn sɛnea na ɔyɛ kan wɔ bere a ɔkyerɛ ade wɔ sukuu mu no.
Ɔbarima bi a wadi mfirihyia 74 a ofi Spain pɛ sɛ ɔde ne bere nyinaa ka Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no ho asɛm kyerɛ afoforo. Bere a ofii ase no nea ɔkae ne sɛ ɔpɛ sɛ ɔsom wɔ saa adwuma a ɛhyɛ nkuran no mu de akosi bere tenten a ne nipadua no bɛma no kwan ma wayɛ. Mfirihyia ason akyi no, wɔ bere a wadi mfirihyia 81 no, na ɔda so ara wɔ ahoɔden a ɔde yɛ saa. Ohui sɛ adwuma a ɛhyɛ nkuran na ɛma onipa koma tɔ ne yam biara nni hɔ a ɛkyɛn Onyankopɔn “asase foforo” a ɛreba no ho asɛmpa a wɔbɛka akyerɛ afoforo. Dabi, adwuma a ɛfono obi anaa ɛma obi yɛ ankonam, anaasɛ ɛma obi te nka sɛ onyin ama wayɛ obi a mfaso nni ne so.
Wobisaa aberewa bi a wadi mfirihyia 96 a ofi South Africa no sɛ so ɔpɛ sɛ ogyae adwuma a ɔyɛ sɛ Bible mu kyerɛkyerɛfo no anaa,na mmuae a ɔde mae ne sɛ ɔrentumi nyɛ saa da. Ɔkae sɛ: “Mpɛn dodow a mewɔ ɔkasa mu tumi ne nsa a etumi yɛ adwuma yi, mɛkɔ so aka “asɛmpa” no akyerɛ. Menam Yehowa mmoa so mɛkɔ so aka nhyira a ɛyɛ nwonwa a nnipa nsa bɛka wɔ ahenni no ase no ho asɛm.” Ɛwom sɛ ɔkwaha haw no wɔ bere ne bere mu, na ontumi mfi adi mpɛn pii de, nanso ɔkyerɛw nkrataa pii de kyekyere afoforo werɛ, na ɔka Bible mu nsɛm a ɛhyɛ nkuran ho asɛm kyerɛ wɔn ma ɔde nhoma foforo a wɔatintim nso ka ho. Ɔsɛe bere pii de siesie nsɛm a ɛho wɔ mfaso na wakyerɛw wɔ ne nkrataa no mu, na eyi aboa nnipa pii na ahyɛ wɔn den wɔ asetra mu ɔhaw horow no mu. Afei nso ɔne afoforo a wokura anidaso a ɛte saa ara no kɔ nhyiam bere nyinaa. Ɛhɔ na onya nkuranhyɛ kɛse denam gyidi nsɛm a afoforo ka a ɛhyɛ nkuran no so ne afei nso yɔnko a ɔne ne nuanom “mmarima” ne “mmea” pii a wɔwɔ gyidi a ɛte sɛ ne de no bɔ no so. Saa ara nso na nhyiam no ase a ɔkɔ no nso hyɛ wɔn a wohyia no no nyinaa nkuran.
Nea ɛhyɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no nkuran nso ne biako a mmofra a wɔatete wɔn wɔ Onyankopɔn mmara ne ne nnyinasosɛm ahorow mu no ne wɔn yɛ no. Bere a Yehowa Adansefo nhyiam bi baa awiei wɔ Fresno, California no, ɔbea panyin bi kyerɛwee sɛ:
“Migye di sɛ ɛyɛ mmerante ne mmabaa no ne biakoyɛ a ɛwɔ ahyehyɛde no mu a obiara tumi yɛ adwuma na wɔbom wɔ biakoyɛ mu na ɛboa me ma mekɔ so som na metɔ me bo ase.
“Me ne aberante bi ne ne yere a wɔyɛ Adansefo hyiae wɔ saa nhyiam yi ase. Na ɛyɛ den ma me sɛ mɛsɔre na masian atrapoe no, na bere a merebɔ mmɔden asian atrapoe no pɛ na mmarimaa nketewaa baanu bi baa me nkyɛn. Minnim wɔn, nanso wɔkae sɛ: ‘Onuawa, so yebetumi aboa wo ama wɔasian atrapoe no?’ Ɛyɛ nwonwa sɛ mmofra no rehwɛ yɛn a yɛyɛ mpanyimfo no so.”
Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu anidaso a nkwa wom, anuanom a wɔwɔ anidaso a ɛte saa ara no ayɔnkobɔ, ɔdɔ ne biakoyɛ a wɔne wɔn nuanom “mmarima” ne “mmea” ɔpepem bebree a wɔwɔ wiase nyinaa nya mu kyɛfa no di nokwasɛm a ɛkyerɛ sɛ asetra betumi ayɛ nea mfaso wom ama wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ho adanse.
Yiw, Onyankopɔn atirimpɔw ahorow a wonim no tumi ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim no mfe yɛ “mfe pa.” Na sɛ mpo ɛba sɛ owu di wɔn so nkonim bere tiaa bi mu a, wɔkɔ so nya owusɔre wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu no mu awerɛhyem. Ɛhɔ, wɔ nneɛma nhyehyɛe foforo no mu, na obiara bɛde ne ho koraa de akosi daa afi nnɛ bere mu asiane ne amanehunu ahorow a mpanyinyɛ ne owu nso ka ho no mu.
[Kratafa 8 mfoni]
“Ɛnde ne honam yɛ fɔɔfɔɔ sɛ mmofra de, ɔsan kɔ ne mmerantebere mu.”—Hiob 33:25.