Gilead De Asɛmpatrɛwfo Kɔ “Asase Ano Nohɔ”
BƐBORO mfirihyia aduonum ni na Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no de asɛmpatrɛwfo akɔ amannɔne nsase so. September 11, 1999 na Gilead adesuakuw a ɛto so 107 no wiee wɔn adesua. Na wɔyɛ adesuafo 48 a wofi aman 11 so, na wɔmaa wɔn dwumadi sɛ wɔnkɔsom wɔ nsase 24 so. Wɔbɛkɔ akɔka asɛmpatrɛwfo foforo mpempem pii a wɔayɛ adwuma ma Yesu nsɛm a etwa to a ɔkae ansa na ɔreforo akɔ soro no anya mmamu no ho. Ɔka siei sɛ n’asuafo no ‘bɛyɛ n’adansefo de akɔpem asase ano nohɔ.’—Asomafo no Nnwuma 1:8.
Adesua awiei no a wɔyɛe wɔ Ɔwɛn Aban Adesuabea hɔ wɔ Patterson, New York, no yɛɛ afahyɛ kɛse wɔ beae a ɛhɔ yɛ fɛ no. Adesuafo a na wɔrewie no ani gyei sɛ wɔn abusuafo, wɔn nnamfo paa, ne wɔn ahɔho baa ase. Sɛ yɛde wɔn a wɔnam telefon so tiei ne wɔn a wɔhwɛɛ dwumadi no wɔ video so wɔ Brooklyn ne Wallkill afie no nyinaa bom a, na atiefo no dodow yɛ 4,992.
Monsom Yehowa ne Mo Yɔnko Nipa Nokware Mu
“Hena na Ɔwɔ Yehowa Afã?” Ɛno ne nnianim asɛm a Carey Barber a ɔyɛ Sodikuw no muni ne adesua awiei dwumadi no guamtrani no mae no asɛmti. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ eyi ne ɔsɛmpɔw a Israelfo no hyiae wɔ Mose bere so. Wɔkaee adesuafo a na wɔrewie adesua no ne atiefo no sɛ Israelfo pii hweree wɔn nkwa wɔ sare no so esiane sɛ wɔannyina Yehowa afã nokware mu nti. Bere a wɔfom kɔsom abosom no, ‘wɔtraa ase didi nomee, na wɔsɔre gorui.’ (Exodus 32:1-29) Yesu bɔɔ Kristofo kɔkɔ wɔ asiane koro no ara ho sɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye, na potwaa ne asabow ne nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw anhyɛ mo koma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim.”—Luka 21:34-36.
Ɔkasafo a odii hɔ, Gene Smalley, a ɔwɔ Akyerɛwfo Dwumadibea no bisaa adesuafo a wɔrewie no sɛ: “So Wobɛyɛ Obi a Ɔhyɛ Afoforo Den?” Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔpaw Hela asɛmfua pa·re·go·riʹa baa Engiresi kasa mu de too aduru bi a wɔde sa ahoyeraw din. Nanso, ɔsomafo Paulo de Hela asɛmfua a etumi kyerɛ nneɛma pii no dii dwuma wɔ Kolosefo 4:11 de kaa ne mfɛfo adwumayɛfo ho asɛm. Wɔ New World Translation mu no, wɔkyerɛɛ saa asɛmfua yi ase sɛ ‘denhyɛ.’
Asɛmpatrɛwfo a na wɔrewie wɔn adesua no betumi ayɛ nnɛyi nnipa a wɔhyɛ afoforo den wɔ ɔkwan a mfaso wɔ so so ankasa denam anuanom mmarima ne mmea a wobefi ahobrɛase mu ahyɛ wɔn den na wɔne wɔn mfɛfo asɛmpatrɛwfo abɔ fekuw wɔ biakoyɛ ne ɔdɔ mu no so.
Daniel Sydlik, a ɔyɛ Sodikuw no muni dii hɔ bɛmaa ɔkasa a n’asɛmti ne “Mmara Pa no a Wode Bɛbɔ Wo Bra.” Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ nnyinasosɛm a ɛkorɔn a Yesu de sii hɔ wɔ Mateo 7:12 a ɛne, “ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara” no, fa nneɛma pa a yɛbɛyɛ ama afoforo ho, na ɛnyɛ nneɛma bɔne a yɛbɛtwe yɛn ho afi ho kɛkɛ.
Sɛ yebetumi ayɛ eyi yiye a, nneɛma abiɛsa ho hia: ani a ehu ade, koma a ɛwɔ tema, ne mmoa a yɛde bɛma. Sɛ yebetwa no tiawa a, ɔkae sɛ: “Sɛ yɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛboa afoforo a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ no ntɛm ara. Ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu yɛ nneɛma a yɛbɛpɛ sɛ afoforo yɛ ma yɛn no ma afoforo.” Ɛsɛ sɛ asɛmpatrɛwfo a wɔrekɔ nsase foforo so akɔboa nkurɔfo ma wɔasom nokware Kristosom no yɛ eyi titiriw.
Afotu a Ɔdɔ Wom a Akyerɛkyerɛfo De Ma
Gilead kyerɛkyerɛfo Karl Adams hyɛɛ asɛmpatrɛwfo a wɔrewie wɔn adesua no nkuran sɛ “Monkɔ so Nnyin.” Akwan bɛn so? Nea edi kan no, wɔ nimdeɛ a wobenya ne sɛnea wɔde bedi dwuma yiye mu. Na adesuafo no asua sɛnea wɔbɛyɛ nhwehwɛmu ahu Bible mu nsɛm ne nneɛma a ɛfa ho wɔ Gilead hɔ. Na wɔahyɛ wɔn nkuran sɛ wonsusuw sɛnea wɔbɛma kyerɛwsɛm biara aka wɔn asetra no ho. Wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnkɔ so nyɛ eyi.
Onua Adams kae sɛ: “Nea ɛto so abien no, monkɔ so nnyin wɔ ɔdɔ mu. Ɔdɔ yɛ ade a sɛ wogugu so a, enyin. Nanso sɛ wobu ani gu so a, ebetumi awu.” (Filipifo 1:9) Afei, sɛ́ asɛmpatrɛwfo no, ebehia sɛ wonyin wɔ ɔdɔ mu wɔ tebea ahorow mu. Na nea ɛto so abiɛsa ne: “Munnyin yɛn Awurade ne agyenkwa Yesu Kristo dom ne nimdeɛ mu.” (2 Petro 3:18) Ɔkasafo no kae sɛ: “Eyi ne ɔdom a Yehowa nam ne Ba no so ada no adi. Sɛ yenya anisɔ kɛse ma saa ɔdom no a, yɛn anigye yɛ kɛse wɔ Onyankopɔn apɛde ne adwuma a ɔde ama yɛn sɛ yɛnyɛ no mu.”
Gilead kyerɛkyerɛfo foforo, Mark Noumair, kasa faa asɛmti a ɛne “Fa Ɔdɔ Gyina Nsɛnnennen Ano, na Wubetumi Agyina” ho. Ɔde afotu mae sɛ: “Sua sɛ wode ɔdɔ begyina asɛmpatrɛw mu nsɛnnennen ano, na wubetumi agyina. Nnipa a Yehowa dɔ wɔn nkutoo na ɔtwe wɔn aso. Sɛ wote nka mpo sɛ afotu bi yɛ nea wɔansusuw ho yiye, ɛyɛ ahi, anaa ɛmfata a, ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa ne abusuabɔ a wo ne no wɔ no bɛboa wo ma woagye atom.”
Onua Noumair kae sɛ nnwuma pii wɔ asɛmpatrɛw adwuma no mu. “Nanso, adwumayɛ a ɔdɔ nnim remma wo abotɔyam. Sɛ wunni dɔ a, ofie nnwuma—te sɛ aduannoa, aguadi, nnuaba ho hohoro, nsu a wobɛnoa—betumi ayɛ wo yaw. Ɛsɛ sɛ wugyina na wubisa wo ho sɛ, ‘Dɛn nti na mereyɛ eyinom?’ Wiɛ, sɛ woka no wo tirim sɛ, ‘Nnwuma a meyɛ no reboa ma me mfɛfo asɛmpatrɛwfo anya ahoɔden ne anigye a,’ ɛnde ɛnyɛ den sɛ wobɛyɛ.” Ne tiaatwa mu no, ɔde afotu mae sɛ: “Ɔdɔ a wode bɛyɛ adwuma no betumi ama woagye nteɛso atom, ayɛ w’asɛmpatrɛw nnwuma, adi ntawntawdi ho dwuma, na woakɔ so akura wo dwumadi mu. ‘Ɔdɔ to ntwa da.’”—1 Korintofo 13:8.
Nea edii hɔ no, Gilead kyerɛkyerɛfo Wallace Liverance hwɛ maa adesuafo no kaa osuahu ahorow a ɛyɛ anigye a wonyae bere a wɔne ɛhɔnom asafo ahorow yɛɛ adwuma no kyerɛe. Nea ɛka afie afie adwuma a wɔyɛe ho no, wɔde asɛmpatrɛwfo ntetee a wonyae no yɛɛ adwuma hwehwɛɛ nkurɔfo wɔ mmeae a lɔre sisi, mmeae a wɔhoro ntade, keteke gyinabea, ne mmeae foforo.
Asɛmpatrɛwfo a Wɔn Ho Akokwaw Ma Wɔn Awerɛhyem
Sɛ asɛmpatrɛwfo foforo kɔ ɔman foforo bi mu a, so ɛsɛ sɛ wodwinnwen pii? So wobetumi agyina amannɔne dwumadi mu nsɛnnennen ano? Dɛn na baa dwumadibea ahorow no yɛ de boa wɔn a wɔba foforo yi ma wotumi yɛ wɔn adwuma no? Nea ɛbɛyɛ na wɔanya saa nsɛmmisa yi ne afoforo ho mmuae no, Steven Lett a ɔyɛ adwuma wɔ Ɔsom Dwumadibea, ne David Splane a ɔyɛ adwuma wɔ Akyerɛwfo Dwumadibea no, bisabisaa anuanom a saa bere no na wɔaba baa dwumadibea sukuu wɔ Ɔwɛn Aban Adesuabea hɔ no nsɛm. Anuanom a wobisabisaa wɔn nsɛm no resom sɛ baa dwumadibea boayikuw mufo wɔ Spain, Hong Kong, Liberia, Benin, Madagascar, Brazil, ne Japan.
Saa Yehowa asomfo a wɔn ho akokwaw yi a wɔn mu pii asom sɛ asɛmpatrɛwfo mfirihyia pii no maa adesuafo a wɔrewie no ne wɔn awofo ne wɔn nnamfonom awerɛhyem. Wogyinaa wɔn ankasa suahu ne wɔn mfɛfo asɛmpatrɛwfo de so daa no adi sɛ wobetumi agyina nsɛnnennen ne dadwen ahorow ano. Onua Raimo Kuokkanen a ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Madagascar no kae sɛ, wobetumi ahyia nsɛm akɛse, “nanso wobetumi adi so, efisɛ Asafo ti no boa yɛn.” Östen Gustavsson a mprempren ɔresom wɔ Brazil no kae sɛ: “Ɛnyɛ yɛn na yɛpaw dwumadi no, wɔde maa yɛn. Enti yesii gyinae sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi na yɛatra mu.” James Linton a ɔsom wɔ Japan no kae sɛ nea ɛboaa no ne “anuanom a na wɔreyɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ hɔ dedaw no.” Asɛmpatrɛw adwuma no yɛ ɔkwan a ɛyɛ anigye na ɛma abotɔyam a wɔnam so som Yehowa na wɔhwɛ ne nguan no.
Ɔhaw a Ɛsɛe Honhom Fam Yiyedi a Wɔbɛkwati
Theodore Jaracz a ɔyɛ Sodikuw no muni a ɔno ankasa wiee ne Gilead adesua wɔ adesuakuw a ɛto so ason wɔ 1946 mu no maa ɔkasa a etwa to a n’asɛmti ne “Yɛn Ani a Yɛbɛma Ada Hɔ Wɔ Honhom Fam Ho Asɛnnennen.” Bere a odii kan kaa atirimɔdensɛm a ɛyɛ hu a ɛrekɔ so wɔ wiase no afã horow ho asɛm wiei no, ɔdaa no adi sɛ adesamma rehyia amanehunu a enye koraa ampa.
Bere a Onua Jaracz retwe adwene asi Dwom 91 so no, ɔkaa “ɔyaredɔm” ne “nsan yare” a honhom fam no, abɔ nnipa a yɛne wɔn te ɔpepem pii akunkum wɔn no ho asɛm. Ɔbonsam ne ne nhyehyɛe bɔne no de nnaadaa a ɛte sɛ ɔyaredɔm, a egyina nhomasua ne ade dodowpɛ so, adi dwuma de rebrɛ honhom fam yiyedi ase asɛe no koraa, nanso Yehowa ma yɛn awerɛhyem sɛ saa ɔhaw no remmɛn ‘obiara a ɔte Tweaduampɔn nwini ase.’—Dwom 91:1-7.
Onua Jaracz kae sɛ: “Nea ehia ne sɛ yɛbɛyɛ den wɔ gyidi mu, na yɛakɔ so atra beae a ahobammɔ wɔ no. Yɛrentumi nyɛ yɛn ho sɛ fɛwdifo a ‘wɔawuwu wɔ honhom fam’ no. Eyi yɛ ɔhaw nnɛ. Ɛda yɛn a yɛwɔ ahyehyɛde no mu nyinaa so. Wubetumi ahyia wɔ asɛmpatrɛw adwuma mu nso.” (Yuda 18, 19) Nanso wɔka kyerɛɛ asɛmpatrɛwfo a wɔrewie adesua no sɛ wobetumi akura wɔn honhom fam yiyedi mu wɔ wɔn dwumadibea ahorow. Sɛ nhwɛso no, wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wonsusuw sɛnea yɛn nuanom a wɔwɔ Russia, Asia, ne Afrika nsase so regyina wɔn mudi mu—ɛmfa ho bara a wɔabara wɔn, ɔsɔretia a emu yɛ den, fɛwdi, Onyankopɔn a wonnye no nni ho nnaadaasɛm, ne atosɛm a wɔka gu wɔn so—no ho. Na mpɛn pii no, mmusua ntam akodi ne asetram ahiade a ɛho yɛ na de honam fam nsɛnnennen abɛka ho.
Sɛ yɛn honhom fam yiyedi kɔ fam a, “ɛho hia sɛ yɛde adwene si nea ɛde ɔhaw no ba so, na afei yɛde Onyankopɔn Asɛm mu afotu di ho dwuma.” Wɔde Bible mu nhwɛso ahorow mae. Wɔhyɛɛ Yosua nkuran maa ɔkenkan Mmara nhoma no daa. (Yosua 1:8) Bere a wohuu Mmara nhoma no wɔ Yosia bere so no, Yehowa hyiraa emu akwankyerɛ a wɔde dii dwuma nokware mu no so. (2 Ahene 23:2, 3) Ná Timoteo nim nkyerɛwee kronkron no fi ne mmofraase. (2 Timoteo 3:14, 15) Na Beroiafo no nyɛ atiefo pa kɛkɛ; wobuu wɔn sɛ nnipa a wɔwɔ ‘adwempa’ esiane sɛ wɔhwehwɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu daa nti. (Asomafo no Nnwuma 17:10, 11) Yesu Kristo yɛ obi a onim Onyankopɔn Asɛm na ɔde dii dwuma sen biara no ho nhwɛso.—Mateo 4:1-11.
Bere a Onua Jaracz rewie no, otuu asɛmpatrɛwfo foforo no fo sɛ: “Mprempren moasiesie mo ho sɛ mobɛyɛ asɛmpatrɛw adwuma no. Na morebɛkɔ amannɔne ankasa, na moakɔ wiase afã pii. Sɛ yetumi ma yɛn ani da hɔ wɔ honhom fam a, ɛnde yɛremma biribiara ntwetwe yɛn adwene mfi adwuma a yɛabɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛyɛ no so. Mode nsi na ɛrekɔka asɛm no, akanyan afoforo ma wɔasuasua mo gyidi, na yɛbɛbɔ mpae ama mo sɛ Yehowa mma wɔn a mobɛkyerɛkyerɛ wɔn no ani nna hɔ sɛnea wayɛ yɛn no. Na ama nnipa pii afa saayɛ so ade wɔn ho afi honhom fam asiane a ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa nnɛ no ho. Wɔbɛba abɛka yɛn ho ama yɛn dodow akɔ anim na yɛayɛ Yehowa apɛde. Yehowa nhyira mmra mo so saa.”
Bere a guamtrani no kenkan nkyia a efi wiase aman horow so wiei no, bere dui sɛ wɔde adesuafo a wɔrewie no adesua ho adansedi nkrataa ma wɔn. Ɛno akyi no, adesuafo no kenkan krataa a wɔakyerɛw a wɔde rekyerɛ anisɔ no. Hwɛ anisɔ araa a wonya maa Yehowa ne n’ahyehyɛde no wɔ ntetee soronko a na wɔanya ne dwumadi a na wɔn mu biara anya sɛ asɛmpatrɛwfo a wɔrekɔ “asase ano nohɔ” no ho!—Asomafo no Nnwuma 1:8.
[Kratafa 29 adaka]
Adesuakuw no Ho Nsɛm
Aman dodow a wofi so: 11
Aman dodow a wɔama wɔn hɔ dwumadi: 24
Adesuafo no dodow: 48
Awarefo dodow: 24
Mfe dodow a wɔadi nkyekyem: 33.9
Mfe dodow a wɔadi wɔ nokware no mu nkyekyem: 16.6
Mfe dodow a wɔde ayɛ bere nyinaa som adwuma nkyekyem: 12.4
[Kratafa 26 mfonini]
Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu Adesuakuw a Ɛto so 107 a Wɔawie Wɔn Adesua
Wɔahyehyɛ akuw no fi anim kɔ akyi, na kuw biara mu din no fi benkum kɔ nifa, wɔ ase hɔ din no mu.
1. Peralta, C.; Hollenbeck, B.; Shaw, R.; Hassan, N.; Martin, D.; Hutchinson, A. 2. Edwards, L.; Vezer, T.; Ceruti, Q.; Entzminger, G.; D’Aloise, L.; Baglieri, L. 3. Knight, P.; Krause, A.; Kasuske, D.; Rose, M.; Friedl, K.; Nieto, R. 4. Rose, E.; Backus, T.; Talley, S.; Humbert, D.; Bernhardt, A.; Peralta, M. 5. D’Aloise, A.; Humbert, D.; Dunn, H.; Gatling, G.; Shaw, J.; Ceruti, M. 6. Baglieri, S.; Krause, J.; Hollenbeck, T.; Martin, M.; Bernhardt, J.; Hutchinson, M. 7. Backus, A.; Dunn, O.; Gatling, T.; Vezer, R.; Knight, P.; Hassan, O. 8. Nieto, C.; Talley, M.; Friedl, D.; Kasuske, A.; Edwards, J.; Entzminger, M.