Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 9/8 kr. 22-23
  • Kasa Foforo A Wɔka—So Efi Onyankopɔn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kasa Foforo A Wɔka—So Efi Onyankopɔn?
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Kasa Foforo a Wɔka ho Hia?
  • Kasa Foforo Nnɛ?
  • Asɛm no ho a Wɔdwene ma Emu da Hɔ
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Kasa Horow Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • So Kasa Foforo Akyɛde no Yɛ Nokware Kristosom Fã?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nnɛyi Kasa Horow A Wɔka​—Efi Onyankopɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Kasa Foforo A Wɔka​—Adeyɛ A Ɛrenya Nkɔso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 9/8 kr. 22-23

Bible No Adwene

Kasa Foforo A Wɔka​—So Efi Onyankopɔn?

“NKATE soronko bi baa me so tẽẽ, na . . . ano fii ase yɛɛ den. Na ɛte sɛ anyinam ahoɔden nkyekyem apem​—ɔpedu​—afei eduu ɔpepem . . . Mede nnɔnhwerew abien kaa kasa bi a mente ase.”

Osuahu yi yɛ nneyɛe a wogye ho akyinnye kɛse sen biara a nnipa pii de bata Kristosom ho nnɛ no mu biako ho nhwɛso: kasa foforo a wɔka. Wɔn a wɔwɔ ahonhonsɔre ne akuw horow a ɛwɔ asɔre afoforo mu a wɔde wɔn ho hyɛ ahonhonsɛmdi mu no na asɛm yi fa wɔn ho kɛse.

Ɔbenfo Winson Synan a ɔwɔ Pentecostal Holiness Church no mu no sii nnwenehosɛm a asomfo koma pafo hyia wɔ dwuma a kasa foforo a wɔka di ho no so dua. Ɔkae sɛ: “Kasa foforo a wɔka no ma yɛn ani wu.” Dɛn ntia? Ɔbenfo Synan kae sɛ ɛte sɛ nea nyansa nni kasa foforo a wɔka no mu ma yɛn nnɛ. Ɔtoaa so sɛ: “Ɛwom sɛ glossolalia, [kasa foforo a wɔka] betumi ama yɛn ani awu de, nanso ɛyɛ akyɛde a Onyankopɔn paw wɔ abakɔsɛm mu mmere titiriw mu na ama wɔde atrɛw Asɔre no mu na ama wɔasan ahyɛ mu den.”​—Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.

Na saa ‘mmere titiriw’ no biako ne asɛm soronko bi a esii bɛyɛ mfe 1,900 a atwam ni no.

Dɛn Nti na Kasa Foforo a Wɔka ho Hia?

Ná ɛyɛ Pentekoste da wɔ afe 33 Y.B. mu. Ná bere adu sɛ wɔyɛ nsakrae bi. Ná wɔde apam foforo bi rebɛhyɛ Yudafo Mmara Apam no ananmu. Dɛn ntia? Sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛkyerɛ wɔn ɔkwan pa a wɔbɛfa so asom Yehowa Nyankopɔn. Ɛbɛyɛ dɛn na anwonwade ahorow a kasa foforo a wɔka ka ho no bedi dwuma de aka nnipa a wɔn ani gye trenee nneɛma ho no koma. Na eyinom behu sɛ afei de wɔn tete agyanom Nyankopɔn tumfoɔ no regye Yesu asuafo no atom ampa.

Kasa foforo a wɔka akyɛde no dii atirimpɔw foforo nso ho dwuma wɔ Pentekoste da no. Ná nhoma tintim ne radio nni hɔ wɔ Yesu nna no mu na na kyerɛwtohɔ a wɔde nsa akyerɛw no nnɔɔso wɔ mpapahwekwa no mu. Enti na ɛsɛ sɛ gyidifo de ano ka asɛmpa a ɛfa Onyankopɔn apɛde ne n’atirimpɔw ho no. Ná Yehowa asomfo fi nsase bɛboro dumien so wɔ Afrika, Asia, ne Europa aba Pentekoste Afahyɛ no ase wɔ Yerusalem na na wɔka kasa afoforo pii. Ná Yesu asuafo bɛyɛ 120 ahyia wɔ Yerusalem. Bere a Onyankopɔn honhom kronkron no hyɛɛ wɔn den no, asuafo no fii ase kaa kasa foforo. Asɛmpa a ɛte sɛ apontow bɛn ara na wɔde maa asomfo pii sɛɛ yi! Eyinom ‘tee sɛ wɔde wɔn [ankasa] kasa ka Onyankopɔn ade kɛse.’​—Asomafo no Nnwuma 2:5-11.

Saa anwonwade yi yɛɛ adwuma dɛn? Atiefo mpem abiɛsa bɛyɛɛ gyidifo da no ara! (Asomafo no Nnwuma 2:41) Bere a saa gyidifo afoforo yi san kɔɔ wɔn afi a ɛwɔ akyiri mu no, wodii nokware som ho adanse “de kɔpem asase ano nohɔ.”​—Asomafo no Nnwuma 1:8.

Wɔ nea ɛboro mfe aduonu pɛ akyi no, ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ kasa foforo akyɛde no begyae bere bi akyi. (1 Korintofo 13:8) Dɛn nti na ɛbɛyɛ nea ntease wɔ eyi mu? Efisɛ sɛ́ ade a wɔde rehyɛ Kristosom mu den no, na anwonwade ahorow a wɔyɛe Pentekoste da no adi n’atirimpɔw ho dwuma awie na na ɛho nhia bio.

Saa ara na yebetumi asusuw nea esii wɔ Bepɔw Sinai so bɛboro mfe 1,500 ansa na eyi reba no ho. Ɛha no, Onyankopɔn yɛɛ sɛnkyerɛnne ahorow a ɛyɛ nwonwa pii de maa nnipa a wɔahyiam no hui sɛ na Mmara apam no fi ɔsoro. Bere a nkurɔfo no gyee nhyehyɛe foforo yi toom no, wɔanhu sɛnkyerɛnne ahorow a ɛyɛ nwonwa yi bio.​—Exodus 19:16-19.

Kasa Foforo Nnɛ?

Ɛnnɛ nnipa pii te nka sɛ Onyankopɔn honhom boa wɔn ma wɔka kasa foforo. Ɔkwan bɛn so na yɛde bɛtoto Kyerɛwnsɛm mu adanse a ɛkyerɛ sɛ kasa foforo a wɔka no agyae no ho?

Nea wɔtaa hu wɔ kasa foforo a wɔka mu ne nteɛteɛm a ano yɛ den a obiara nte ase. Enti ɛrentumi nyɛ nea efi Onyankopɔn. Yesu kae sɛ nyamesomfo nyaatwomfo bɛbɔ mmɔden de ne din abata “ahoɔdenne” a ɛtete saa ho, nanso ɔpow eyinom sɛ “wɔn a wɔyɛ nea ɛnteɛ.” (Mateo 7:21-28) Na Paulo bɔɔ kɔkɔ wɔ nkɔmhyɛ mu faa daakye bere bi a wɔbɛyɛ atoro anwonwade ahorow, anaa “atoro tumi ne sɛnkyerɛnne” ho. Enti “nea ɛnteɛ nnaadaa nyinaa” yɛ ɔdaadaafo kɛse, Satan Ɔbonsam adwinnade kɛse.​—2 Tesalonikafo 2:8-10.

So na wunim sɛ kasa foforo a wɔka yɛ Helafo abosonsom ahorow bi fã wɔ Paulo nna no mu? Na wɔn som no de kasa foforo a wɔka ne wɔn honam a wotwitwa ne adagyaw a wɔbɔ de saw dennen frafra.

Asɛm no ho a Wɔdwene ma Emu da Hɔ

Sɛ w’adwene mu da so ara yɛ wo nãã wɔ faako a kasa foforo a wɔka nnɛ fi no ho a susuw 1 Yohane 4:1, a ɛka eyi no ho yiye: “Adɔfo . . . monsɔ ahonhom no nhwɛ sɛ wofi Onyankopɔn anaa.” Yiw, fa Bible a wusua no yiye no so sɔ hwɛ, na bɔ mpae sɛ wɔmmoa wo. (Asomafo no Nnwuma 17:11) Hwɛ sɛ wɔkyerɛ ɔsom ahorow a wɔka kasa foforo no kwan kɔ “nokware no nyinaa mu” anaa.​—Yohane 16:13.

Bere a Kristofo kaa kasa foforo wɔ afeha a edi kan no mu no, ɛmaa atiefo no nyaa nkɔso. Na ɛsɛ sɛ asɛm a efi honhom mu no mu da hɔ a ntease wom.​—1 Korintofo 14:26-28.

Wɔn a wodi Bible mu nokware ahorow ni nnɛ no reka nsɛm a ɛsen nea wɔde honhom kaa wɔn ma wɔde kasa foforo kae wɔ Pentekoste da teteete no. Dɛn nti na ɛte saa? Efisɛ wɔrebɔ Onyankopɔn Ahenni nniso ma adesamma asoɔmmerɛwfo nyinaa a ɛwɔ Kristo nsam no ho dawuru akyerɛ nnipa pii wɔ ɔkwan a ɛtra hɔ daa so. Wɔn asɛm no yɛ Bible kyerɛwtohɔ no fã, na Bible no nyinaa anaa ne fã bi, wɔ kasa horow bɛyɛ 1,800 mu nnɛ.

[Kratafa 23 mfoni]

Wɔde ahyɛde no maa afeha a edi kan no mu Kristofo na ama wɔatumi adi adanse wɔ amannɔne kasa mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena