Kɔ So Nantew Hann Ne Ɔdɔ Mu
Yohane Nhoma a ɛdi Kan no mu Nsɛntitiriw
YEHOWA ne hann ne ɔdɔ Fibea. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so sɛnea ɛbɛyɛ na yɛanya honhom mu hann. (Dwom 43:3) Na ɔdɔ ka ne honhom kronkron aba no ho.—Galatifo 5:22, 23.
Wɔka hann, ɔdɔ, ne nneɛma afoforo ho asɛm wɔ ɔsomafo Yohane nhoma a edi kan a efi honhom mu, a ebia ɔkyerɛw wɔ Efeso anaasɛ baabi a ɛbɛn hɔ wɔ 98 Y.B. mu no mu. Ade titiriw nti a ɔkyerɛw nhoma no ne sɛ ɔde bɛbɔ Kristofo ho ban wɔ ɔwae ho, na waboa wɔn ma wɔakɔ so anantew hann mu. Esiane sɛ yehyia yɛn dɔ, gyidi, ne nokwaredi ho nsɛnnennen nti, akyinnye biara nni ho sɛ nhoma yi ho a yebesusuw bɛba yɛn mfaso.
‘Nantew Hann no Mu’
Yohane daa no adi pefee sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo anokwafo nantew honhom mu hann mu. (1:1-2:29) Ose: “Onyankopɔn yɛ hann, na esum [bɔne, ɔbrasɛe, atoro, anaasɛ efĩ] biara nni ne mu.” Esiane sɛ Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no ‘nam hann mu’ nti, wɔne Onyankopɔn, Kristo, ne wɔn ho wɔn ho wɔ ‘ayɔnkofa.’ Yesu mogya atew wɔn ho nso.
Sɛ ebia yɛyɛ Kristofo a wɔwɔ ɔsoro anidaso anaasɛ yɛhwɛ daa nkwa wɔ asase so kwan no, yɛbɛkɔ so anya Yesu afɔrebɔ no mu mfaso, sɛ yɛdɔ yɛn nuanom na mmom ɛnyɛ wiase no a. Ɛnsɛ sɛ yɛma awaefo, te sɛ “antikristo” a wɔpow agya no ne ɔba no daadaa yɛn nso. Na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi da sɛ wɔn a wɔbata nokware no ho na wɔyɛ adetrenee no nkutoo na wobenya daa nkwa.
Onyankopɔn Mma Yi Ɔdɔ Adi Kyerɛ
Afei Yohane kyerɛ wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn mma. (3:1-4:21) Ade biako ne sɛ wɔyɛ adetrenee. Wodi Yehowa Nyankopɔn mmara a ese ‘wonnye ne ba Yesu Kristo din no nni, na wɔnnodɔ wɔn ho wɔn ho’ no so nso.
Obi a “onim Nyankopɔn” nim Yehowa atirimpɔw ahorow ne sɛnea oyi Ne dɔ adi kyerɛ. Ɛsɛ sɛ eyi boa no ma oyi ɔdɔ adi kyerɛ. Nokwarem no, “nea ɔnnɔ no nhuu Nyankopɔn ɛ, na Onyankopɔn ne dɔ.” Woyii ɔsoro dɔ adi kyerɛe bere a Onyankopɔn “somaa ne ba sɛ ɔmmɛyɛ yɛn bɔne ho mpata.” Sɛ Yehowa dɔ yɛn saa a, ɛnde ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho. Yiw, ɛsɛ sɛ obiara a ɔkyerɛ sɛ ɔdɔ Onyankopɔn no dɔ ne honhom fam nua nso.
Gyidi ‘Di wiase so Nkonim’
Ɔdɔ ka Onyankopɔn mma ma wodi ne mmara so, nanso wɔnam gyidi so na ‘wodi wiase so nkonim.’ (5:1-21) Onyankopɔn, n’Asɛm ne ne Ba no mu gyidi tumi ma ‘yedi wiase no so nkonim’ denam wiase no nsusuwii ne n’akwan a ɛnteɛ a yɛpow, na yedi Onyankopɔn mmara so no so. Onyankopɔn ama ‘wiase no so nkonimdifo’ daa nkwa anidaso, na otie wɔn mpaebɔ a ɛne n’apɛde hyia no. Esiane sɛ obiara a ‘Onyankopɔn woo no no’ mfa bɔneyɛ nyɛ ne su nti, Satan nni onipa a ɔte sɛɛ so tumi. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔasra wɔn no ne Yehowa nkoa a wɔwɔ asase so anidaso no kae sɛ ‘wiase no nyinaa da ɔbɔne no mu.’
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 29]
Mpata Afɔrebɔ: Yesu ‘ne yɛn bɔne [n’akyidifo a wɔasra wɔn no de] mpata, na ɛnyɛ yɛn de ho nko, na mmom wiase nyinaa,’ adesamma a wɔaka no de ho bi.’ (1 Yohane 2:2) Ne wu no yɛ “mpatade,” (Hela, hi·la·smosʹ, ɛkyerɛ “biribi a wɔde pata,” “mpata”) nanso adwene a ɛwom no nkyerɛ sɛ edwudwo ɛyaw a Onyankopɔn di ano. Mmom no, Yesu afɔrebɔ no patae nea ɔsoro atɛntrenee a ɛyɛ pɛ hwehwɛ anaasɛ edii ho dwuma. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam trenee nnyinasode a ɛbɛma wɔde bɔne afiri a ɔde mae sɛnea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn ‘ateɛ, bere a obu nea [onyaa bɔne fii awo mu] a ɔwɔ Yesu mu gyidi no nso bem no’ so. (Romafo 3:23-26; 5:12) Ɛdenam nea wɔnam so bɛpata adesamma bɔne korakora a Yesu afɔrebɔ de mae no so no, afɔrebɔ no ma ɛfata maa onipa sɛ ɔbɛhwehwɛ na wasan anya ɔne Yehowa ntam abusuabɔ a ɛteɛ. (Efesofo 1:7; Hebrifo 2:17) Aseda bɛn ara na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa de ma wɔ eyi ho sɛɛ yi!