Tu A Wotu Obi—Sɛnea Ɛsɛ Sɛ Wobu No
“Yehowa, . . . Hena na ɔbɛtra wo bepɔw kronkron so? Nea ɔnantew pɛpɛɛpɛ na odi asɛntrenee.”—Dw. 15:1, 2.
1, 2. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ n’asomfo kura ne nnyinasosɛm ahorow mu?
YEHOWA yɛ treneeni ne kronkron. Ɛwom sɛ ɔyɛ mmɔborohunufo ne nea ɔda ntease adi wɔ adesamma ho de, nanso ɔhwehwɛ sɛ wɔn a wɔsom no no da ne kronkronyɛ adi denam ne trenee nnyinasosɛm ahorow no a wɔbɔ mmɔden sɛ wobekura mu no so.—Dw. 103:8-14; Num. 15:40.
2 Israelni a ɔboapa buu Onyankopɔn mmara ahorow te sɛ nea etia nokware som no ho a wɔwae fi, awaresɛe anaasɛ awudi so no, na ɛsɛ sɛ wotwa no kyene, wokum no. (Num. 15:30, 31; 35:31; Deut. 13:1-5; Lev. 20:10) Saa pintinnyɛ a wɔde kuraa Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a ntease wom na ɛteɛ yi mu no yɛ nea na eye ma Israelfo nyinaa, efisɛ ɛboae ma wokuraa asafo no ahotew no mu. Na wɔde siw nneyɛe bɔne a obi bɛma atrɛw wɔ nnipa a Onyankopɔn din da wɔn so no mu kwan.
3. Ná Yudani a wɔapam no afi hyiadan mu no tebea te dɛn?
3 Wɔ Yɛn Bere yi afeha a edi kan no mu no na Yudafo a wɔwɔ Roma mmara ase no nni tumi sɛ wɔde owu asotwe ma obi. (Yoh. 18:28-31) Nanso na wobetumi apam Yudani a wadi fɔ sɛ wabu Mmara no so no afi hyiadan no mu. Nea na efi asotwe a emu yɛ den yi mu ba ne sɛ Yudafo a aka no bɛpow no anaasɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi ne ho. Wɔkyerɛ sɛ na afoforo ne no renni gua mpo mmoro asetra mu ahiade ara kwa a wɔbɛtɔn ama no so.a—Yoh. 9:22; 12:42; 16:2.
4, 5. Ná ɛsɛ sɛ Kristofo asafo no ne ɔbɔnefo a onnu ne ho no di wɔ ɔkwan bɛn so?
4 Wɔhyehyɛɛ Kristofo asafo no akyi no, ebesii Yudafo man no anan mu wɔ Onyankopɔn din a ɛda wɔn so no mu. (Mat. 21:43; Aso. 15:14) . Ne saa nti, wobetumi ahwɛ kwan ama afata sɛ Kristofo bekura Yehowa trenee no mu. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Te sɛ nea ɔfrɛɛ mo no yɛ kronkron no, mo nso monyɛ kronkron abrabɔ nyinaa mu, efisɛ wɔakyerɛw sɛ: ‘Monyɛ kronkron efisɛ me, meyɛ kronkron.’” (1 Pet. 1:14-16) Yehowa dɔ ne nkurɔfo na ɔpɛ sɛ ɔbɔ Kristofo asafo no ahotew ho ban. Enti ɔyɛɛ nsiesiei a ɛne sɛ wɔbɛpow anaasɛ wobetu onipa a ɔkɔ so ara wɔ adeyɛ a ɛbɔ Onyankopɔn ahohora na ɛde asafo no to asiane mu no.
5 Ɔsomafo Paulo tuu fo sɛ: “Nkyekyem farebae a woakasa akyerɛ no pɛnkoro ne ne mprenu no, pa no, na hu sɛ, nea ɔte saa no, ne ti asɛe na ɔyɛ bɔne bu n’ankasa ne ho fɔ wɔ mu.” (Tito 3:10, 11) Yiw, na honhon mu mpanyimfo te sɛ Tito no bedi kan abɔ mmɔden wɔ ɔdɔ mu de aboa obi a wayɛ bɔne. Sɛ ɔrennye wɔn mmoa no ntom na ɔkɔ so ara wɔ adeyɛ a ‘ɛyɛ bɔne’ no mu a, wɔwɔ tumi sɛ wɔbɛpaw mpanyimfo boayifo kuw na “wɔabu asafo no mufo atɛn.” (1 Kor. 5:12, Today’s English Version) Ɔdɔ ma Onyankopɔn ne ne nkurɔfo ahotew hwehwɛ sɛ wɔn a wɔwɔ “asafo” no mu no pow saa nipa no.
6. Dɛn nti na ná ɛteɛ na ɛyɛ papa sɛ wotu abɔnefo a wonnu wɔn ho?
6 Wɔ afeha a edi kan no mu no saa nnebɔneyɛfo yi binom sɔree. Na Himeneo ne Aleksandro ka saafo no ho, mmarima a ‘wɔagu gyidi ho asu.’ Paulo kae sɛ: “Mayi wɔn mama Satan, sɛ wɔntwe wɔn aso na wɔanka abususɛm.” (1 Tim. 1:19, 20) Na tu a wotuu saa mmarima baanu no yɛ asotwe anaasɛ nteɛso a emu yɛ den, asotwe a ɛbɛkyerɛ wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wɔka abususɛm tia Onyankopɔn teasefo kronkron no. (Fa toto Luka 23:16 ho, faako a wɔde Hela asɛmfua titiriw a wɔtaa kyerɛ ase ‘asotwe’ no adi dwuma no.) Na ɛfata sɛ wɔdan saa abususɛnkafo no maa Satan tumi, na wɔtow wɔn guu wiase no sum no mu wɔ Satan nkɛntɛnso ase.—2 Kor. 4:4; Efe. 4:11-19; 1 Yoh. 5:19; fa toto Asomafo no Nnwuma 26:18 ho.
SƐNEA ƐSƐ SƐ YƐYƐ YƐN ADE WƆ WƆN A WƆATU WƆN HO
7, 8. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra wɔ obi a wɔatu no ho?
7 Nanso, ebia nsemmisa bi bɛsɔre wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔ obi a na anka ɔka yɛn ho a wɔatu no ho no ho. Yɛda Onyankopɔn ase sɛ ɔde mmuae ne akwankyerɛ horow ama wɔ n’Asɛm no mu a yebetumi agye adi sɛ ɛyɛ pɛ, ɛyɛ trenee na ɛfata.—Yer. 17:10; Deut. 32:4.
8 Bere bi no ná ɔbarima bi a ɔwɔ Korinto asafo no mu rebu bra bɔne na ná ɛda adi sɛ onnuu ne ho. Paulo kyerɛwee sɛ ‘wonyi’ ɔbarima yi a ‘ɔyɛɛ saa ade no mfi wɔn ntam,’ efisɛ na ɔte sɛ mmɔkaw ketewa bi a ebetumi akaw anaasɛ asɛe asafo mũ no nyinaa. (1 Kor. 5:1, 2, 6) Nanso, bere a wɔatu no no, so ná wobebu no sɛ ɔte sɛ nnipa afoforo a wɔwɔ wiase a Kristofo betumi ahyia wɔn wɔ mpɔtam hɔ anaasɛ wɔ wɔn da biara da asetra mu no anaa? Hyɛ nea Paulo kae no nsow.
9. Dɛn ne Paulo afotu a ɛfa sɛnea yɛbɛyɛ yɛn ade wɔ nnipa a wɔnteɛ nyinaa ho ho no?
9 “Makyerɛw mo nhoma no mu sɛ mo ne nguaman mmfrafra; ɛnyɛ wiase nguaman anaasɛ aniberefo ne amimfo anaasɛ abosonsomfo ho na meka koraa; ɛno de, anka ɛsɛ sɛ mufi wiase kɔ.” (1 Kor. 5:9, 10) Wɔ saa nsɛm yi mu no Paulo gye toom ampa sɛ nnipa a yehyia wɔn wɔ yɛn da biara da dwumadi mu no dodow no ara yɛ wɔn a wonnim anaasɛ wonni Onyankopɔn kwan no akyi. Ebia wɔyɛ aguamammɔfo, amimfo, abosonsomfo, enti wɔnnyɛ nnipa a Kristofo paw wɔn sɛ wɔn nnamfo anaasɛ wɔn a wɔne wɔn bɔ fekuw daa. Yɛda so ara te okyinsoromma yi so wɔ adesamma mu na ebia ebehia sɛ yɛbɛn saa nnipa yi na yɛne wɔn kasa wɔ adwumam, wɔ sukuu mu, wɔ yɛn mpɔtam.
10, 11. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ wɔn ade soronko wɔ ɔdebɔneyɛfo a wɔatu no ho?
10 Wɔ nkyekyem a edi hɔ mu no Paulo kyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ tebea yi mu ne sɛnea ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ wɔn ade wɔ obi a wabɛyɛ “onua” Kristoni nanso wɔatu no afi asafo no mu esiane bɔneyɛ nti no: “Na afei makyerɛw mo sɛ, sɛ obi a wɔfrɛ no onua yɛ aguaman anaa oniberefo anaa ɔbosonsonni anaa ɔmaanefo anaa ɔsabofo anaa omimfo a, mo ne no mmmɔ; saa onipa no, mo ne no nnnidi mpo.—1 Kor. 5:11, Twi Bible Foforo.
11 Onipa a wɔatu no no nyɛ wiaseni ara kwa a onhuu Nyankopɔn anaa ɔmfaa asetra kwan pa so da. Mmom no, wahu nokware ne trenee kwan no, nanso wagyaw saa kwan no akodi bɔne akyi a wankyerɛ ahonu biara kosi sɛ na ɛsɛ sɛ wotu no. Enti ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ade soronko wɔ ne ho.b Petro kaa sɛnea ɛsono wɔn a anka wɔyɛ Kristofo yi wɔ ‘nnipa afoforo a wɔwɔ wiase’ no ho no ho asɛm. Ɔsomafo no kae sɛ: “Na sɛ wɔnam Awurade ne agyenkwa Yesu Kristo ho nimdeɛ so aguan wiase fĩ, na wɔtõa bio wɔ mu di nkogu a, wɔn akyiri asetra adan wɔn bɔne akyɛn kan de no. . . . Na ayɛ wɔn sɛnea nokware bɛ no se: ‘Ɔkraman asan akɔ n’ankasa fe so bio, na prako a wɔaguare no akɔ ne dontori a ɔyantam mu no mu.’”—2 Pet. 2:20-22; 1 Kor. 6:11.
12. (a) Dɛn nti na asɛm “tu a wotu obi” no yɛ nea ɛfata? (b) Dɛn na abakɔsɛm kyerɛ wɔ sɛnea wɔn a wɔkyerɛ sɛ wokura Kristosom mu no yɛɛ wɔn ade wɔ abɔnefo ho wɔ tete mmere mu no ho?
12 Yiw, Bible no hyɛ Kristofo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔne onipa a wɔatu no afi asafo no mu bɔ fekuw. Enti Yehowa Adansefo ka ɔdebɔneyɛfo a onnu ne ho na wɔpam no na wɔtwe wɔn ho fi ne ho no ho asɛm ma ɛfata sɛ “tu a wotu obi.” Pow a wɔpow sɛ wɔne onipa a wɔatu no bɛbɔ fekuw wɔ honhom fam anaasɛ agodi mu no da nokwaredi ma Onyankopɔn gyinapɛn ahorow ne osetie ma n’ahyɛde a ɛwɔ 1 Korintofo 5:11, 13 no adi. Eyi ne afotu a Yesu de mae sɛ ɛsɛ sɛ wobu saa nipa yi sɛnea Yudafo a wɔwɔ hɔ saa bere no buu “amanaman muni” no hyia. Asomafo no wuwui no akyi bere bi no, ɛda adi sɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wokura Kristosom mu no dii Bible akwankyerɛ yi akyi.c Nanso nnɛ, asɔre horow ahe na wɔde Onyankopɔn akwankyerɛ a emu da hɔ yi di dwuma wɔ eyi fam?
WƆN A WƆTWE WƆN HO FI ASAFO NO HO
13. Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ obi a ɔbɛyɛ mmerɛw na ontumi nnya dwumadi ahorow mu kyɛfa no ho?
13 Kristoni betumi abɛyɛ mmerɛw honhom mu, esiane sɛ ebia onsua Onyankopɔn nsɛm no daa, ebia esiane nneɛma bi a ɛhaw no anaasɛ ɔtaa a ohyia nti. (1 Kor. 11:30; Rom. 14:1) Ebia onipa a ɔte saa begyae Kristofo adesua ahorow ba. Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ? Kae sɛ asomafo no gyaw Yesu anadwo a wɔkyeree no no. Nanso na Kristo aka akyerɛ Petro sɛ, “Na wo, sɛ daakye wodan a, hyɛ wo nuanom [nso a wogyaw Yesu no] den.” (Luka 22:32) Enti, ɔdɔ mu no ebia Kristofo mpanyimfo ne afoforo bɛkɔ akɔsra nea wayɛ mmerɛw na ɔmfa ne ho nhyɛ dwumadi ahorow mu no na wɔaboa no. (1 Tes. 5:14; Rom. 15:1; Heb. 12:12, 13) Nanso, ɛyɛ asɛm foforo bere a obi pow Kristoni a ɔyɛ no na ɔno ankasa twe ne ho fi asafo no ho no.
14. Ɔkwan bɛn so na obi betumi atwe ne ho afi asafo no ho?
14 Obi a wayɛ nokware Kristoni betumi apow nokware kwan no, aka sɛ ommu ne ho sɛ Yehowa Adansefo mu biako bio na ɔmpɛ sɛ wobu no sɛ wɔn mu biako. Sɛ asɛm a ɛntaa nsi yi si a, na onii no repow ne gyinabea sɛ Kristoni, na na ɔno ankasa retwe ne ho afi asafo no ho. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Wofi yɛn mu na ɛkɔe de, nanso wɔnka yɛn ho, na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn traa hɔ.”—1 Yoh. 2:19, Twi Bible Foforo.
15, 16. (a) Ɔkwan bɛn so nso na obi betumi abɛyɛ nea watwe ne ho afi asafo no ho? (b) Ɛsɛ sɛ Kristofo bu onipa a watwe ne ho afi asafo no ho dɛn na wɔyɛ wɔn ade dɛn wɔ ne ho?
15 Anaasɛ, ebia onipa bi bɛpow n’afa wɔ Kristofo asafo no mu denam ne nneyɛe so, sɛ ebia denam ahyehyɛde bi a ne botae ne Bible no bɔ abira ma enti ɛwɔ Yehowa Nyankopɔn atemmu ase no ho a ɔde ne ho bɛkɔ akɔbɔ so. (Fa toto Adiyisɛm 19:17-21; Yesaia 2:4 ho.) Enti sɛ obi a ná ɔyɛ Kristoni paw sɛ ɔbɛkɔ akɔka wɔn a Onyankopɔn kyi wɔn ho a, ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ wɔma asafo no te denam nkaebɔ tiawa bi a wɔbɛma sɛ watwe ne ho afi asafo no ho na ɔnyɛ Yehowa Adansefo mu biako bio no so.
16 Nnipa a wɔyɛ wɔn ho sɛ “wɔnka yɛn ho” denam pow a wɔboapa pow gyidi no ne nneɛma ahorow a Yehowa Adansefo kyerɛkyerɛ no, ɛfata sɛ wobu wɔn te sɛ wɔn a wɔatu wɔn wɔ bɔneyɛ ho no na wɔyɛ wɔn ade saa ara wɔ wɔn ho.
BIAKO A YƐNE ASAFO NO BƐYƐ
17, 18. Dɛn na ɛka biako a yɛne asafo no bɛyɛ wɔ tu a wotu obi no ho no ho?
17 Ɛwom sɛ Kristofo nya honhom fam ayɔnkofa mu anigye bere a wɔne wɔn nuanom anaasɛ nnipa a wɔwɔ asɛm no ho anigye sua anaasɛ wɔbɔ Bible mu nkɔmmɔ no de, nanso wɔrempɛ sɛ wɔne ɔbɔnefo a wɔatu no (anaasɛ obi a wapow gyidi no ne nneɛma ahorow a Yehowa Adansefo kyerɛkyerɛ, na watwe ne ho afi asafo no ho) no benya ayɔnkofa a ɛte saa. ‘Wɔapow’ onipa a wɔatu no no, wabɛyɛ nea “n’ankasa abu ne ho fɔ” esiane ‘bɔne a ɔyɛ’ nti, na wɔn a wɔwɔ asafo no mu gye Onyankopɔn atemmu tom na wokura mu nso. Nanso tu a wotu obi kyerɛ nneɛma pii kyɛn sɛ wɔne no begyae honhom fam ayɔnkofa.—Tito 3:10, 11.
18 Paulo kyerɛwee sɛ: “Mo ne no mmmɔ . . ., mo ne no nnnidi mpo.” (1 Kor. 5:11, Twi Bible Foforo.) Adidibere yɛ ahomegye ne nkɔmmɔbɔ bere. Enti, ɛha no Bible no bara fekuw a yɛne no bɛbɔ nso, sɛ ebia obi a wɔatu no a yɛne no bɛbom atu kwan akogye yɛn ani anaasɛ yɛbɛbom ato pon, abɔ bɔɔl, atu kwan akɔ mpoano anaasɛ agodibea bi, anaasɛ yɛne no bɛtra ase adidi.d (Nsɛm atitiriw a ɛfa abusuafo a wɔatu wɔn ho no ho asɛm wɔ adesua a edi hɔ no mu.)
19. Dɛn nti na ebia ɛtɔ mmere bi a ɛbɛyɛ sɛnea ɛyɛ den sɛ yebedi obi a wotu no ho ahyɛde no so, nanso dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛyɛ saa?
19 Ɛtɔ mmere bi a, ebia Kristoni bɛte nhyɛso bi nka ma wabu n’ani agu saa Bible afotu yi so. Ebia n’ankasa ne nsusuwii ahorow na ɛde nhyɛso no bɛba, anaasɛ ebia ne nnamfonom de nhyɛso bɛba no so. Sɛ nhwɛso no, wɔyɛɛ onua biako saa ma ɔkɔhwɛɛ nnipa baanu a wɔatu wɔn ayeforohyia so. So yebetumi aka saa adeyɛ yi ho asɛm ama afata sɛ ɛyɛ ayamye adeyɛ ara kwa? Obi betumi ate nka saa. Nanso dɛn nti na wɔpɛe sɛ ɔyɛ ma wɔn mmom sen sɛ wɔbɛma kurow no so hwɛfo anaasɛ nnipa a wɔyɛ aware nhyehyɛe ho adwuma wɔ ɔman no mu no ayɛ? So ná ɛnyɛ ne gyinabea sɛ Onyankopɔn somfo ne mmɔden a ɔbɔ wɔ aware ho afotu a ofi Onyankopɔn Asɛm mu de ma no nti? Saa nhyɛso yi a ɔbɛma kwan ma adi no so yi bɛma ɔne nnipa baanu a wɔatu wɔn afi asafo no mu esiane ɔkwammɔne a wɔfaa so nti no abɔ fekuw.—1 Kor. 5:13.
20. Sɛ wotu obi a yɛne no yɛ adwuma a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
20 Nsɛm afoforo nso sɔre a ɛfa adwumayɛ ho. Na sɛ ná woyɛ ɔbarima bi a mprempren asafo no atu no adwuma, anaa sɛ asɛm bi a ɛte saa ato obi a ɔyɛ w’adwuma nso ɛ? Afei dɛn? Sɛ esiane nhyehyɛe bi a moayɛ anaasɛ sikasɛm bi nti ɛsɛ sɛ wo ne no kɔ so nya adwumayɛ mu nkitahodi bere tenten bi a, ɛda adi sɛ mprempren de wobɛyɛ w’ade soronko wɔ onii a wɔatu no no ho. Ebia ɛho behia sɛ wo ne no bɔ adwuma ho nkɔmmɔ anaasɛ wuhyia no wɔ adwuma mu, nanso honhom fam nkɔmmɔbɔ ahorow ne agodi kwan so fekubɔ bɛyɛ nneɛma a atwam. Wɔ saa kwan no so no wubetumi ada osetie a wowɔ ma Onyankopɔn adi na woanya anohyeto a ɛbɔ w’ankasa wo ho ban. Afei nso ebia eyi bɛma wahu sɛnea ne bɔne no ama wahwere ade wɔ akwan horow so.—2 Kor. 6:14, 17.
SO ƐSƐ SƐ YƐNE ONIPA A WƆATU NO ANAASƐ WƆATWE NE HO AFI ASAFO NO HO KASA?
21, 22. Afotu bɛn na Kyerɛwnsɛm no de ma wɔ obi a wɔatu no a yɛne no bɛkasa ho?
21 So kura a yebekura Onyankopɔn trenee ne ne nhyehyɛe a ɛfa tu a wotu obi ho no mu no bɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ Kristoni ne onipa a wɔatu no kasa koraa, a mpo yenkyia no? Ebinom abisa ho asɛm, esiane Yesu afotu a ose yɛnnɔ yɛn atamfo na ‘yennkyia yɛn nuanom nkutoo’ no nti.—Mat. 5:43-47.
22 Ampa, wɔ Onyankopɔn nyansa mu no wammɔ mmɔden sɛ ɔbɛka tebea biara a ebetumi aba ho asɛm. Nea yehia ne sɛ yɛbɛte nea Yehowa ka fa nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ onipa a wɔatu no ho no ase, na ɛno bɛma yɛatumi abɔ mmɔden akura adwene a Ɔwɔ wɔ ho no mu. Onyankopɔn nam ɔsomafo Yohane so kyerɛkyerɛ mu sɛ:
“Obiara a ɔfom so na ɔntra Kristo kyerɛ no mu no, onni Nyankopɔn; nea ɔte Kristo kyerɛ no mu no, ɔno na ɔwɔ agya no ne ɔba no. Sɛ obi ba mo nkyɛn na onkura kyerɛ yi a, munnnye no nnkɔ mo fi, nso munkyia no; na nea okyia no no yɛ ne nnwuma bɔne no fafafo.”—2 Yoh. 9-11.
23, 24. Dɛn nti na nyansa wom sɛ yɛkwati wɔn a wɔatu wɔn a yɛne wɔn bɛkasa?
23 Ɔsomafo a ɔde saa kɔkɔbɔ a nyansa wom no mae no yɛ obi a ná ɔbɛn Yesu na ná onim nea Kristo aka afa afoforo a wobekyia wɔn ho no yiye. Ná onim nso sɛ nkyia a na wɔtaa de ma saa bere no ne “Asomdwoe.” Nea ɛyɛ soronko wɔ obi a ɔyɛ “ɔtamfo” ankasa anaasɛ wiaseni a odi tumi a ɔsɔre tiaa Kristofo ho no, onipa a wɔatu no anaasɛ watwe ne ho afi asafo no ho a ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛtrɛw n’adwemmɔne no mu anaa ɔbɛkyerɛ sɛ ɛteɛ anaasɛ ɔrekɔ so ara wɔ n’abrabɔ bɔne no mu no, ɛda adi sɛ ɔnyɛ obi a ɛfata sɛ wɔhwehwɛ “Asomdwoe” ma no. (1 Tim. 2:1, 2) Na yɛn nyinaa nim wɔ osuahu a yɛanya wɔ mfe pii mu no mu sɛ kyia a wokyia obi ara kwa no betumi ayɛ adeyɛ a edi kan a ɛde nkɔmmɔbɔ ba na ebi mpo a efi adamfofa ase. So yɛbɛpɛ sɛ yɛne onipa a wɔatu no fi adeyɛ a edi kan yi ase?
24 Ebia obi bebisa sɛ, ‘Na sɛ ɛte sɛ nea wanu ne ho na ohia nkuranhyɛ nso ɛ?’ Nsiesiei bi wɔ hɔ ma tebea horow a ɛtete saa ho dwumadi. Ahwɛfo a wɔwɔ asafo no mu no som sɛ honhom mu nguanhwɛfo ne wɔn a wɔbɔ nguankuw no ho ban. (Heb. 13:17; 1 Pet. 5:2) Sɛ obi a wɔatu no anaasɛ watwe ne ho afi asafo no ho hwehwɛ, anaasɛ ɔma ɛda adi sɛ ɔpɛ sɛ ɔsan benya Onyankopɔn dom a, mpanyimfo no betumi akasa akyerɛ no. Wofi ayamye mu bɛkyerɛ no nea ehia sɛ ɔyɛ na ebia wɔde afotu bi a ɛfata ama no. Wobetumi agyina nokwasɛm ahorow a ɛfa ne bɔne a ɔyɛe no ne ne suban so ne no adi. Afoforo a wɔwɔ asafo no mu no nnim saa nsɛm yi. Enti sɛ obi te nka sɛ onipa a wotuu no anaasɛ ɔtwee ne ho fii asafo no ho no ‘anu ne ho’ a, so ɛno bɛyɛ atemmu a egyina nkate so mmom sen nokwasɛm a edi mu so? Sɛ ahwɛfo no gye tom sɛ onipa no anu ne ho na ɔresow aba a ɛkyerɛ ahonu a,e wɔbɛsan agye no aba asafo no mu. Eyi akyi no, wɔn a aka wɔ asafo no mu no betumi de anigye ama no akwaaba wɔ adesua horow ase, ada fafiri adi akyerɛ no, akyekye ne werɛ na wɔahyɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma no mu den, sɛnea Paulo ka kyerɛɛ Korintofo no sɛ wɔnyɛ ɔbarima a wɔsan gyee no wɔ Korinto no.—2 Kor. 2:5-8.
YƐRENNYA NNWUMA BƆNE HO KYƐFA
25, 26. Dɛn afotu na Onyankopɔn de ma wɔ onipa a wɔatu no no bɔne “fafafo” a yɛbɛyɛ ho?
25 Ɛho hia sɛ nokware Kristofo nyinaa de nokwasɛm a anibere wom a Onyankopɔn maa Yohane kyerɛwee no hyɛ wɔn komam sɛ: “Na nea okyia [ɔbɔnefo a wɔatu no a ɔrehyɛ nkyerɛkyerɛ a ɛnteɛ ho nkuran anaasɛ ɔkɔ so ara wɔ abrabɔ bɔne mu] no yɛ ne nnwuma bɔne no fafafo.”—2 Yoh. 11.
26 Kristoman mu nsɛm asekyerɛfo pii nnye 2 Yohane 11 ntom. Wɔkyerɛ sɛ ‘ɛnyɛ afotu a eye ma Kristofo, a ɛne yɛn Awurade no honhom hyia,’ anaa sɛ ɛhyɛ kateeyɛ ho nkuran Nanso saa adwene ahorow yi fi nyamesom ahyehyɛde ahorow a wɔmmfa Onyankopɔn ahyɛde sɛ “munyi nea ɔyɛ bɔne no mfi mo mu” no nni dwuma na ɛntaa mma mpo sɛ wotu wɔn a wɔyɛ bɔne akɛse mpo fi wɔn asɔre horow mu no mu. (1 Kor. 5:13) Wɔn “abodwokyerɛ” no mfi kyerɛwsɛm mu, ɛnyɛ Kristofo de.—Mat. 7:21-23; 25:24-30; Yoh. 8:44.
27. Ɔkwan bɛn so na ebia Kristoni betumi abɛyɛ “fafafo” a ɔte saa, na dɛn na ebefi mu aba?
27 Nanso ɛnyɛ bɔne sɛ wubedi nokware ama Bible no Nyankopɔn a ɔteɛ na ɔdɔ atɛntrenee no. Ɔka kyerɛ yɛn sɛ wɔn a obegye wɔn wɔ ‘ne bepɔw kronkron no so’ nkutoo ne wɔn a wɔnam tẽe, wodi asɛntrenee na wɔka nokware. (Dw. 15:1-5) Sɛ́ Kristoni ‘bi bɛkɔ so ne ɔdebɔneyɛfo a Onyankopɔn apow no na wɔatu no, anaasɛ ɔno ankasa atwe ne ho afi asafo no ho abɔ no bɛyɛ te sɛ nea ɔreka sɛ, ‘Mempɛ afa biara wɔ Onyankopɔn bepɔw kronkron no so nso.’ Sɛ mpanyimfo no hu no sɛ ɔrefa saa kwan no so denam fekuw a ɔne onipa a wɔatu no no bɔ daa so a, wobefi ɔdɔ ne boasetɔ mu abɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa no ma wasan anya Onyankopɔn adwene (Mat. 18:18; Gal. 6:1) Wobetu no fo, na sɛ ɛho hia a ‘wobeyi no ntɛn denneennen.’ Wɔpɛ sɛ wɔboa no ma ɔtra Onyankopɔn bepɔw kronkron no so.’ Nanso sɛ ɔrennyae ɔne onipa a wɔatu no no fekubɔ a, ɛnde ná wayɛ ne ho ‘nnwuma bɔne no fafafo (ná ɔreboa wɔ saa nnwuma bɔne no mu anaasɛ ɔde ne ho rehyem) ,’ na ɛsɛ sɛ woyi no fi asafo no mu, wotu no.—Tito 1:13; Yuda 22, 23; fa toto Numeri 16:26 ho.
NEA YEHOWA SUSUW HO NOKWARE A YEBEDI
28. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada yɛn nokwaredi wɔ nea Yehowa susuw ho no adi?
28 Nokwaredi ma Yehowa Nyankopɔn ne ne nsiesiei ahorow de anigye ba, efisɛ n’akwan nyinaa yɛ trenee, ɛteɛ na ɛyɛ papa. Eyi yɛ nokware nso, wɔ ne nsiesiei a ɛfa ɔdebɔneyɛfo a onnu ne ho a wotu no no ho. Bere a yɛyɛ biako wɔ saa nhyehyɛe yi mu no, yebetumi anya awerɛhyem wɔ Dawid nsɛm no mu sɛ: “Na munhu sɛ Yehowa ayi ne dɔfo asi hɔ.” (Dw. 4:4) Yiw, Onyankopɔn de wɔn a wodi nokware ma no ne n’akwan horow no si hɔ, hyɛ wɔn anuonyam na ɔkyerɛ wɔn kwan. Nea ɛka nhyira horow pii a yenya fi saa nokwaredi no mu ho ne anigye a yɛwɔ sɛ yɛka wɔn a wɔasɔ Onyankopɔn ani na wagye wɔn ‘wɔ ne bepɔw kronkron no so’ no ho.—Dw. 84:10, 11.
Wokae Saa Nsɛm Ahorow Yi?
Bere a wɔpam Yudafo fii hyiadan no mu no, wobuu wɔn dɛn?
Paulo kyerɛɛ nsonoe bɛn a ɛda sɛnea wobu akuw abien yi ntam,
(1) nnipa a wommu bra pa wɔ wiase?
(2) nnipa a wommu bra pa a wɔatu wɔn afi asafo no mu?
Ɛsɛ sɛ Kristofo bu onipa a ɔno ankasa twe ne ho fi asafo no ho no dɛn?
“Tu a wotu obi” no kyerɛ fekubɔ ahorow bɛn a wɔne no begyae?
Dɛn nti na Kristofo nkyia onipa a wɔatu no anaasɛ wɔne no nkasa?
Ɛdefa tu a wotu obi ho no, dɛn na ehia sɛ yɛyɛ na yɛakɔ so atra ‘Onyankopɔn bepɔw kronkron no so’?
[Ase hɔ nsɛm]
a “Efi saa bere no na ɔte se obi a wawu. Ná wɔmma no kwan sɛ ɔne afoforo besua ade, ná wɔne no ntumi nnya [agodi] mu fekubɔ, na ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛ no kwan mpo. Ampa, obetumi atɔ asetra mu nneɛma a ɛno hia nanso na wɔabara sɛ ɛnsɛ sɛ wɔne obi a ɔte saa didi anaasɛ wɔne no nom.”—The Life and Times of Jesus the Messiah, a A. Edersheim kyerɛwee. Po II, krat. 184
b Anyamesom ho abakɔsɛm kyerɛwfo Joseph Bingham kyerɛwee wɔ mfeha a edi kan no ho sɛ: Ná nteɛso a asɔre no de ma no bi ne sɛ wɔde asubɔ ho mfaso ne hokwan ahorow bɛkame, denam yi a woyi wɔn fi asafo no mu fekubɔ ne nkitahodi mu no so, . . . na obiara twee ne ho fii wɔn ho wɔ nkɔmmɔbɔ ara kwa mpo mu, na asi nteɛso a asɔre no de ama wɔn no so dua, na ama wɔn ani awu, na amma wɔannya wɔn adwemmɔne no bi.” . . ná ɛnsɛ sɛ obiara gye nnipa a wɔatu wɔn no ba ne fie, anaasɛ wɔne wɔn didi wɔ pon biako so; ná ɛnsɛ sɛ wɔne wɔn bɔ nkɔmmɔ sɛ nnamfo, bere a wɔte ase: na ɛnsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ayi, bere a wɔawu. . . . Ahyɛde horow a asomafo no de mae a ɛbaraa fekuw a Kristofo ne nnebɔneyɛfo a wɔnkyerɛ ahonu bɛbɔ no so na wogyina de saa akwankyerɛ horow yi mae.”—The Antiquities of the Christian Church, nkrat. 880, 891.
c Nea ɛne saa Bible nkyerɛkyerɛ yi hyia no. Adam Clarke kyerɛ nsonoe a ɛda mu no sɛ: “Mo ne [ɔbɔnefo a wɔatu no] no mmɔ wɔ nneɛma a ɛyɛ kronkron anaasɛ ɛyɛ wiase de mu. Mubetumi ne nnipa a wonnim Nyankopɔn, a wɔnnka sɛ wɔyɛ Kristofo ayɛ mo wiase nneɛma ho nhyehyɛe, sɛnea wɔn abrabɔ te biara; nanso ɛnsɛ sɛ mugye onipa a ɔka sɛ okura Kristosom mu a obu bra bɔne no mpo tom. Momma onhu kyi a mukyi bɔne nyinaa no.”
d Yɛn November 1, 1981 de no kaa 2 Tesalonikafo 3:14, 15 ho asɛm, baabi a Bible no ka sɛ ebia ɛho behia sɛ ‘wɔhyɛ’ Kristoni bi a ɔkɔ so wɔ abrabɔ a ɛnteɛ mu no “nsow” no. Ɔda so yɛ onua na ɛsɛ sɛ wotu no fo sɛ onua. Nanso ɛsɛ sɛ Kristofo afoforo ne no gyae ‘fekubɔ.’ Sɛ ɛsɛ sɛ wɔkwati fekuw a wɔne no bɛbɔ wɔ agodi kwan so a, ɛnde ɛsɛ sɛ ɔkwan kɛse da yɛne ɔbɔnefo a wɔatu no anaasɛ watwe ne ho afi asafo no ho no ntam.
e Wɔ asɛm a ɛfa ahonu ho no, hwɛ November 1, 1981, Ɔwɛn-Aban mu.
[Kratafa 12 mfoni]
Onipa a wɔatu no no “mo ne no nnnidi mpo”