Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 5/8 kr. 15-19
  • Nnipa Nyinaa A Me Ne Wɔn Di Wɔ Asomdwoe Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnipa Nyinaa A Me Ne Wɔn Di Wɔ Asomdwoe Mu
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔkwan a Asomdwoe Nnim a Nyamesom Faa So
  • Mihuu Ademude Bi
  • Mihuu Nea Ɔbea no Gyina Hɔ Ma
  • Bere a Ɛsɛ sɛ Misi Gyinae Ahorow
  • Onyankopɔn Honhom​—Tumi a Ɛma Asomdwoe
  • “Ɔman Bi Remma Afoa So Nhyɛ Ɔman Bi”
  • Ma “Onyankopɔn Asomdwoe” Nhwɛ Wo Koma So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nokware Asomdwoe—Efi He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Hwehwɛ Nokware Asomdwoe Na Di Akyi!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Asomdwoe Wɔ Asase So—Adaeso Ara Kwa?
    Nyan!—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 5/8 kr. 15-19

Nnipa Nyinaa A Me Ne Wɔn Di Wɔ Asomdwoe Mu

SƐ́ ABABIMAA a na merenyin wɔ Denmark no, na mewɔ po ho anigye kɛse bere nyinaa. Esiane sɛ ɛkame ayɛ sɛ nsu atwa Denmark ho ahyia nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ ebinom a wɔte saa ɔman no mu de po so hyɛn mu adwumayɛ ayɛ wɔn adwuma. Na ɛwɔ m’adwenem sɛ mɛyɛ ɛno sɛ m’asetra mu adwuma.

Wɔ me mmofraase no, na metaa susuw Vikingfo a na wɔyɛ po so hyɛn mu adwumayɛfo a wɔtraa ase wɔ mfehaha pii a atwam no mu no ho. Ebia na m’ankasa me nananom mu binom ka wɔn ho. Akyiri yi bere a mekɔɔ so yɛɛ po so hyɛn mu adwuma no, no metaa tu kwan kɔfa baabi a wɔkyerɛ sɛ na Vikingfo no taa fa hɔ wɔ po so no.

Ɔkwan a Asomdwoe Nnim a Nyamesom Faa So

Nanso Vikingfo gye di sɛ ɔko ne afoforo so nkonim a wobedi ye. Wɔn basabasayɛ no maa Alcuin a ɔyɛ Engiresini nhomanimfo a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so awotwe no mu no kae sɛ: “Wonnii nsɛmmɔne a ɛte saa da wɔ Britania.” Wɔ mfe 250 a na edi hɔ no mu no, nnipa pii a na wɔwɔ Europa no boɔ mpae sɛ: “Oo Awurade, gye yɛn fi Kusuu Famfo no abufuhyew mu!”

Ná nyamesom ka ho kɛse na Vikingfo no pɛ ɔko no. Na wogye di sɛ, sɛ wowu wɔ ɔsa mu nkutoo a na wobetumi anya kwan akɔ Valhana a ɛyɛ baabi a wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ Vikingfo Paradise no. Wɔkae sɛ ɛwɔ faako a wɔn anyame a wɔn mu otitiriw ne Odin a ɔyɛ ɔko ne owu nyame no te no. Enti Vikingfo nyamesom hyɛɛ ɔpɛ a ɛsɛ sɛ wonya ma akodi ho nkuran. Nhoma bi ka ho asɛm sɛ “nyamesom a ɛpɛ mogyahwiegu.”

Sɛ́ nyamesom betumi ama basabasayɛ anya nkɔso saa no haw me. Esiane eyi nti na metaa susuw sɛ ebia ebetumi aba sɛ nnipa a wofi aman ahorow mu ne nyamesom ahorow nyinaa mufo betumi atra ase wɔ asomdwoe mu. So na ɛsɛ sɛ abakɔsɛm ko so tĩ ne homu mpɛn pii wɔ nsɛm a ɛfa nitan, ɔko, ne owu ho no mu a nyamesom na ɛhyɛ mu fã kɛse no ara ho nkuran ne sɛ, egyina akyi anaasɛ anyɛ yiye koraa no ɛpene so?

Nanso na m’asetra mu ade titiriw yɛ adwuma a na meyɛ wɔ po so a sɛ abarimaa no midii akyi no. Wɔ mfe pii a etwaam mu no, mede po so ahyɛn ahorow pii kɔɔ po na mekɔɔ ɛho sukuu ahorow sɛnea ɛbɛyɛ a mɛfata ama dibea ahorow.

Mihuu Ademude Bi

Nanso wɔ 1960 mu bere a na madi mfe 25 no, mifii me po so hyɛn no mu sii fam wɔ Copenhagen a mansan ankɔyɛ mu adwuma bio. Na ɛyɛ me po so akwantu a etwa to. Dɛn ntia? Dɛn na ɛma migyaee me po adwuma no mpofirim?

Wiɛ, ma minkofi afe 1941 nkyerɛkyerɛ mu nkyerɛ wo. Wɔ saa afe no ahohuru bere mu bere a na meyɛ abofra no, yɛn abusua no kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam bi wɔ kurow a wɔfrɛ no Odense a ɛwɔ Denmark no mu. Na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye kɛse wɔ nhyiam no ase efisɛ na German asraafo wɔ ɔman no mu bere a wɔko faa ɔman no wɔ afe a na atwam no akyi no.

Nea na mekae titiriw wɔ saa nhyiam no ho ne ne dwumadi krataa no. Na ɔbea bi a ɔte akekaboa bi a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du so mfonini wɔ akyi. Wɔ saa bere no mu no, na minnim nea ɔbea no ne aboa a ɔda nsow no gyina hɔ ma. Ná ɛyɛ nea mehu wɔ mfe bi akyi.

Mfe dunan twaam ansa na mesan kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam foforo ase​—saa bere yi de, wɔ Stockholm wɔ 1955 mu. Na po so hyɛn a mete mu no remmɛn Stockholm kosi sɛ wɔbɛyɛ nhyiam no awie. Nanso wɔ Hamburg, Germany no, po so hyɛn adwumakuw no fi ayamye mu de wɔn ho gyee asɛm no mu na wɔma mekɔtraa po so hyɛn bi a eduu hɔ ntɛm no mu. Eyi ma mitumi kɔɔ nhyiam no nyinaa.

Wɔ nhyiam no akyi no, mesan kɔɔ Denmark a na mewɔ ɔpɛ sɛ mesua nneɛma a ɛyɛ nwowa a metee no ho ade pii. Bere a Adansefo no mu biako kae sɛ ɔne me besua Bible no, mede anigye penee so. Mihui sɛ na Bible no aka bere a yɛte mu yi a wobeyi asomdwoe afi asase so no ho asɛm asie wɔ bere tenten a atwam no mu. Ɔko akɛse ne nneɛma bɔne afoforo ahaw adesamma fi 1914 na ama biribiara a Vikingfo no yɛe no ayɛ nea esua. Nea yɛn bere yi mu tebea horow a ɛyɛ hu yi kyerɛ ne sɛ yɛwɔ “nna a edi akyiri” a wɔaka ho asɛm asie wɔ Bible no mu na yɛabɛn mprempren nneɛma nhyehyɛe yi awiei.​—2 Timoteo 3:1-5, 13; Mateo 24:3-14; Adiyisɛm 6:3-8.

Nanso m’ani gyei nso sɛ mihui sɛ Yehowa Nyankopɔn de asomdwoe a enni awiei bɛba asase so wɔ yɛn bere so wɔ saa nhyehyɛe yi awiei akyi. Bible no kyerɛ sɛ nnipa betumi atra ase daa wɔ Paradise tebea horow mu a ɔyare, awerɛhow, anaasɛ osu nni hɔ wɔ nhyehyɛe foforo bi mu. (Dwom 37:29; 46:8, 9; Luka 23:43; Adiyisɛm 21:3, 4) Ademude bɛn ara na mahu wɔ Bible bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ anigye yi mu sɛɛ yi!

Mihuu Nea Ɔbea no Gyina Hɔ Ma

Ná ɔbea a ɔte akekaboa a ne ho yɛ hu a na mekae wɔ dwumadi no mu wɔ mfe 14 a atwam no nso ɛ? Wiɛ, Adiyisɛm 17:18 ka sɛ: “Na ɔbea a wuhuu no no ne kurow kɛse a edi asase so ahene so hene no.” Adiyisɛm 18:24 kyerɛkyerɛ mu sɛ saa “[kurow no] mu na wohuu . . . wɔn a wɔakum wɔn asase so no nyinaa mogya.”

Na hena ne saa ɔbea no? Na mmuae a ɛyɛ nwonwa no ne sɛ ogyina hɔ ma wiase nyinaa atoro som ahemman no! Nanso ɔkwan bɛn so na wiase nyinaa nyamesom a nnipa dodow no ara gye di sɛ etumi ma wɔyɛ nneɛma pa no ma wɔyɛ nneɛma bɔne a ɛyɛ hu a ɛte sɛɛ? Misii gyinae sɛ m’ankasa mɛyɛ nhwehwɛmu bi. Nea ɛyɛ nwonwa no, ɛyɛ nsɛm a nyamesom akannifo kae no na ɛmaa m’adwenem gyaee naayɛ. Ɛnyɛ tete Vikingfo nko na na atoro som adaadaa wɔn na mmom aman ahorow a wɔwɔ yɛn afeha a ɛto so 20 yi mu nso!

Sɛ nhwɛso no, ɔsɔfo panyin a ɔwɔ Cologne, Germany, ka kyerɛɛ German asraafo wɔ Wiase Ko I mu sɛ: “Yɛhyɛ mo wɔ Onyankopɔn din mu sɛ, monko nkosi sɛ mogya a ɛwɔ mo mu nyinaa bɛsa mfa nhyɛ mo man anuonyam.” Wɔ ɔfã foforo no nso ɔsɔfo panyin a ɔwɔ London, England kae sɛ: “Munkunkum Germanfo​—munkunkum wɔn . . . Sɛnea maka mpɛn apem no, mibu no sɛ ɔko a yɛde tew yɛn ho na mibu obiara a owu wom no nso sɛ mogya-dansefo.”

Enti wɔ ɔko bere mu no, Katolekfo kunkum Katolekfo na Protestantfo nso kunkum Protestantfo de kyerɛ sɛ wɔnyɛ nokware Kristofo efisɛ Yesu Kristo ka kyerɛ n’akyidifo sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Ɔdɔ a mihui wɔ Yehowa Adansefo mu wɔ nhyiam no ase wɔ Stockholm ne ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn ho wɔn ho wɔ wiase nyinaa a aman a wofi mu mfa ho no ma wohu wɔn sɛ Yesu nokware asuafo. Wɔrenkɔ ɔko na ama wɔakunkum wɔn mfɛfo Kristofo anaasɛ obi foforo biara. Bible no kyerɛ pefee sɛ Onyankopɔn mma nkunkum wɔn ho wɔn ho.​—1 Yohane 3:10-12.

Enti mihui sɛ wiase yi mu nyamesom ahorow rentumi mfa asomdwoe mma amanaman ntam. Wogyina wiase a emu apaapae a ɛde ne ho ahyɛ akodi mu a Onyankopɔn. ‘akari no nsenia mu a wahu sɛ ennu,’ wiase a ɛrenkyɛ na wasɛe no ne ne nyamesom akyigyinafo no akyi. (Daniel 2:44; 5:27) Nea ɛne eyi bɔ abira no, ɛnyɛ sɛ Yehowa Adansefo gye nea Yesu kyerɛkyerɛe no di nko na mmom wosuasua ankasa nso. Wɔyɛ amanaman ntam anuanom ankasa a asomdwoe ne biakoyɛ wɔ wɔn ntam ampa. Yiw, nyamesom betumi de asomdwoe aba​—nanso ɛnyɛ wiase yi nyamesom.

Mifii ase kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam ahorow wɔ Copenhagen. Wɔ bere tiaa bi akyi no, na mereka nneɛma pa a meresua no ho asɛm kyerɛ nnipa a wɔwɔ mpɔtam hɔ no. Wɔ afe a edi hɔ ɛyɛ 1956 mu no, Wɔbɔɔ me asu wɔ nhyiam bi a baguam ɔkasa a wɔmaa wɔ ase no ti ne “Asomdwoe Foforo Wɔ Wiase Nyinaa wɔ Yɛn Bere So​—Dɛn Ntia?” no ase. M’ani gyei sɛ na meka atiefo a wɔpɛ asomdwoe no ho ne sɛ mabɛka Yehowa amanaman ntam ahyehyɛde a biakoyɛ wom no ho. Manya ademude bi a ɛsom bo kɛse ampa!​—Fa toto Mateo 13:44 ho.

Bere a Ɛsɛ sɛ Misi Gyinae Ahorow

Migyaee po so hyɛn mu adwumayɛ wɔ October 15, 1960 mu. Na ɛnyɛ gyinaesi a ɛyɛ mmerɛw efisɛ na m’ani gye po ho. Bio nso, metee nka sɛ misua dodo sɛ mɛtra faako ayɛ adwuma. Nanso na minim sɛ metumi ayɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani no kɛse denam tu a merentutu akwan bere nyinaa no so.

Afei wɔ 1965 mu no, mekɔɔ Yehowa Adansefo amanaman ntam nhyiam ahorow a na wɔreyɛ wɔ Europa no bi. Bere a mitiee nsɛm a wɔkae wɔ bere nyinaa asɛnka adwuma no ho akyi no, mihui sɛ gyinaesi bi a ɛho hiakɛse da so ara wɔ m’anim. Wɔ afe a edi hɔ no mu no, misii gyinae sɛ mɛyɛ asɛmpa no ho bere nyinaa somfo. (Mateo 24:14) Enti mifii adwuma foforo a ɛbɛma maboa afoforo ma wɔasua Onyankopɔn atirimpɔw a ɛkyerɛ sɛ ɔde asomdwoe a enni awiei bɛba asase so wɔ yɛn bere so no ho ade ase.

Wɔ mfe kakraa a edi hɔ no mu no, minyaa adwene sɛ mɛsan asi gyinae kɛse foforo bio. Wɔ 1969 Yehowa Adansefo “Asomdwoe wɔ Asase So” Amanaman Ntam Nhyiam wɔ Copenhagen ase no, ɔkasa ahorow pii a wɔmaa no kaa tumi a obi betumi ama ne som adwuma anya nkɔanim denam wiase no afã afoforo a ɔbɛkɔ no so. Saa asɛm no boaa me ma mitumi sii gyinaa. Mibisaa tete a wɔbɛtete me sɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu a ɛwɔ New York no ho kwan.

Wɔ afe a edi hɔ no mu no, mekɔɔ Gilead sukuu a ɛto so 50 no bi. Wɔ asram anum adesua a emu dɔ a ɛyɛ anigye akyi no, wɔde me kɔɔ Guatemala wɔ Central America. Yɛn adesua no ho adansedi krataa kae sɛ “yɛfata titiriw sɛ yɛbɛyɛ nkyerɛkyerɛ adwuma na yɛama adamfofa su anya nkɔso na yɛayɛ adwuma a ɛfa asomdwoe a enni awiei ne nneɛma a ɛkɔ so pɛpɛɛpɛ ne trenee ho mmara ho wɔ nnipa nyinaa mu.”

Saa adwuma no na mayɛ wɔ Guatemala fi bere a miduu hɔ wɔ 1971 mu no. Ɛyɛ hokwan a manya sɛ mɛboa nnipa ahobrɛasefo pii a wɔwɔ ɔman yi mu no ma woasua Yehowa asɛm a ɛfa asomdwoe ho no ho ade na mihu nso sɛ wodi ho dwuma. Ɛdenam wɔn asetra a wɔma ɛne Onyankopɔn mmara ne ne nnyinasosɛm hyia no so no, wɔanya asomdwoe mpo wɔ wiase a basabasayɛ wom yi mu. Na wɔwɔ nokware anidaso a ɛne asomdwoe a enni awiei wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo mu. Hwɛ sɛnea Yesu asɛm no yɛ nokware: “Anigye ne wɔn a wɔpɛ asomdwoe.” Saa anigye no bɛyɛ kɛse mpo nnansa yi ara efisɛ Yesu kae nso sɛ: “Anigye ne wɔn a wodwo, efisɛ wɔn na wobenya asase no adi.”​—Mateo 5:5, 9, NW.

Onyankopɔn Honhom​—Tumi a Ɛma Asomdwoe

Onyankopɔn adeyɛ tumi a ɛwɔ tumi kɛse no ma ne nkurɔfo nya nokware asomdwoe ne biakoyɛ na wotumi kura mu, ɛwom sɛ ebia wofi aman ahorow so de. Yɛwɔ nhwɛso ɔpepem pii a ɛfa tumi kɛse a di a wodi asomdwoe akyi no nya wɔ nkurɔfo asetra so no ho.

Nnipa a wɔte sɛɛ no mu biako ne Michael Molina. Ná Michael yɛ wimhyɛn a wɔde ko mu otuotowfo wɔ Vietnam na wɔbɔɔ n’aba so mpɛn 29. Nanso bere a osuaa Onyankopɔnatirimpɔw ahorow ho ade no, osii gyinae sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde na ɔne nnipa nyinaa adi wɔ asomdwoe mu. Mfe kakraa bi akyi no, Michael kɔɔ Gilead Sukuu na wɔde no baa Guatemala sɛ ɔsɛmpatrɛwfo. Ɛnnɛ me ne Michael resom wɔ baa dwumadibea a ɛwɔ Guatemala City no mu ne sɛ ahwɛfo nso wɔ asafo biako mu.

Yiw, sɛ nkurɔfo di asomdwoe akyi sɛnea Onyankopɔn pɛ a, ɔde ne honhom kronkron no gyina wɔn akyi na ɛma wotumi yɛ nsakrae a ɛyɛ nwonwa wɔ wɔn asetra mu.​—Asomafo no Nnwuma 5:32; Galatifo 5:22, 23.

“Ɔman Bi Remma Afoa So Nhyɛ Ɔman Bi”

Bɛyɛ mfe 25 atwam fi bere a memaa me baguam ɔkasa a edi kan wɔ Denmark no. Na ɔkasa no ti ne “‘Momfa Afoa Nyeyɛ Nnare’​—Wɔ Yɛn Bere Yi Mu.” Manhu sɛ mɛka saa asomdwoe no ho asɛm mfe aduonu anum wɔ mmeae ahorow pii a aman a asomdwoe kakraa bi wom mprempren nso ka ho.

Mekae ɔman biako a ɛwɔ Central America a mekɔɔ hɔ a bere a memaa baguam ɔkasa wiei no, metwaam wɔ afunu a egugu lɔre kwan ho no ho no. Na eyi fi amammui mu basabasayɛ a ɛrekɔ so wɔ saa ɔman no mu no. Ɛma misusuwii sɛnea ɛho hia kɛse sɛ yebehu Bible mu bɔhyɛ a ɛfa asetra wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu, faako a “ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu” no anya mmamu ho.​—Dwom 37 :11.

M’adwuma a ɛfa nnipa nyinaa a me ne wɔn bedi wɔ asomdwoe mu ho no ama manya akomatɔyam kɛse sen me po so adwuma no. Bere a m’ani da so ara gye po so ahyɛn ne po ho no, minnuu me ho sɛ mesakraa m’asetra mu adwuma. Na asomdwoe akyi a midi wɔ ɔkwan a Onyankopɔn pɛ so no kyerɛ sɛ merenyɛ sɛnkyerɛnne kwan so ‘hyɛn akwankyerɛfo’ a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Bible nhoma a wɔfrɛ no Adiyisɛm no mu a ‘wosu na wodi nkɔmmɔ’ bere a wohu sɛ wɔasɛe ‘ɔbea’ a midii kan huu ne mfonini wɔ saa nhyiam dwumadi krataa no akyi wɔ 1941 mu no mu biako. (Adiyisɛm 18:17-19) Dabi, merensu na merenni awerɛhow nso bere a mihu sɛ Onyankopɔn asɛe atoro som no. Dɛn ntia? Efisɛ Adiyisɛm 18:20, NW, ka sɛ: “Momma mo ani nnye . . . efisɛ Onyankopɔn abu no atɛn ama mo!”

Awiei koraa no, atoro som nyinaa ne wiase yi mu amammui ne sikasɛm nhyehyɛe a ɛne wɔn ho bɔ abira a wobeyi afi hɔ no bɛma asomdwoe aba asase yi so nyinaa. Bible no mu nkɔmhyɛ ka sɛ: “[Yehowa] bebu amanaman ntam atɛn, na ɔbɛka aman bebree anim, na wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.” Ɛnnɛ, nnipa ɔpepem pii a wɔresom Yehowa no rema saa nkɔmhyɛ no anya mmamu!​—Yesaia 2:4.

So wo nso wopɛ sɛ wotra paradise asase bi so, faako a nokware asomdwoe wɔ? Ɛnde wobɛpɛ sɛ wɔkan wo ka wɔn a wɔredi asomdwoe akyi mprempren no ho!​—Sɛnea Frede E. Bruun ka kyerɛe.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 16]

Ná Vikingfo gye di sɛ, sɛ wowu wɔ ɔsa mu nkutoo a na wobetumi akɔ Valhalla

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 17]

Ɛnyɛ Vikingfo nkutoo na atoro som daadaa wɔn na mmom adaadaa aman a ɛwɔ yɛn afeha a ɛto so 20 yi mu no nso

[Kratafa 18 mfoni]

Frede E. Bruun ne ne nnamfo Adansefo nkumaa bi wɔ Guatemala

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena