Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 7/1 kr. 23-28
  • Aware A Ɔpepem Pii A Wɔte Ase Mprempren Nya Mu Mfaso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Aware A Ɔpepem Pii A Wɔte Ase Mprempren Nya Mu Mfaso
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ayeforo a Wofi Soro Paw Maa Isak
  • Nea Ayeforo no ne Ne Mmaawa no Yɛe
  • Isak Kɛse no Aware
  • Oguammaa no Aware Rebɛn
  • Ná Rebeka Pɛ sɛ Ɔma Yehowa Ani Gye
    Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
  • Ɔyere a Wɔhwehwɛ Maa Isak
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • “Mɛkɔ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Rebeka Ɔbea A Osuro Nyankopɔn Na Ɔyɛ Nsi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 7/1 kr. 23-28

Aware A Ɔpepem Pii A Wɔte Ase Mprempren Nya Mu Mfaso

“[Yehowa] Nyankopɔn, Ade nyinaa so tumfoɔ no, adi hene . . . Yɛnhyɛ no anuonyam, efisɛ oguammaa no ayeforohyia adu, na ne yere asiesie ne ho.”​—ADIYISƐM 19:6, 7.

1. Bere bɛn na wobefi ase ato dwom a ɛwɔ Adiyisɛm 19:6-8 no, na dɛn ntia?

SAA anigye nsɛm yi yɛ nkɔmhyɛ kwan so nkonimdi dwom bi fã. Bere bɛn na wobefi ase ato? Bere a wɔasɛe Yehowa som tamfo dedaw​—“Babilon Kɛse,” sɛnkyerɛnne kwan so “aguaman” a ogyina hɔ ma atoro som ahorow nyinaa no akyi. Ɛsɛ sɛ wobu no atɛn esiane ɔkwan a wafa so atoto Onyankopɔn ano nti. Hwɛ sɛnea ɔnam ne ho a ɔde hyehyɛ nnipa amammuisɛm mu, honam fam ade dodowpɛ mu adifudepɛ, ne tan a ɔtan Yehowa nokware asomfo kɛse no so adaadaa adesamma!​—Adiyisɛm 17:1-6; 18:23, 24; 19:1, 2; Yakobo 4:4.

2. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa bɛsɛe Babilon Kɛse no? (b) Sɛ anka atoro som asɛefo bɛkamfo Yehowa mmom no, dɛn na wɔbɛyɛ?

2 Ɛrenkyɛ Onyankopɔn de bɛhyɛ wiase amammui akannifo no komam sɛ wɔnsɛe no. (Adiyisɛm 17:12, 16, 17) Nanso asɛefo no rento nkonimdi kɛse dwom no bi, Mmom no, atoro som wɔ Satan anaasɛ Gog nkɛntɛnso ase no, wɔbɛtow ahyɛ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ nokware som mu a wɔte hɔ asomdwoe mu na wɔtwe wɔn ho fi bɔne a wiase yi yɛ ho no so.​—Yesaia 2:2-4; Hesekiel 38:2; Yohane 17:14; Yakobo 1:27.

3. Dɛn nti na Yehowa nkoa a wɔyɛ nnipa bɛto ɔsoro dwom no bi?

3 Saa amammui sodifo ntua a ebu Onyankopɔn animtiaa yi de Harmagedon ɔko a ɛbɛsɛe aman a wɔmpɛ nyamesom pasaa no bɛba awiei. Afei, wobeyi Satan ne n’adaemone nkɛntɛnso bɔne no afi asase so. (Adiyisɛm 16:14, 16; 19:11-21; 20: 1, 2) Adesamma a wobegye wɔn nkwa nyinaa no de koma a aseda ayɛ no ma begye ɔsoro dwom yi so bi, sɛ: “Haleluia! efisɛ [Yehowa] Nyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no, adi hene.” (Adiyisɛm 19:6) Nokwarem no, saa nsɛm a ebesisi a ɛbɛwosow wiase no bɛkyerɛ sɛ bere foforo bi afi ase. Yehowa bebu ne tumidi bem na wayi wɔn a wotwa ne tumidi mpoa nyinaa afi asase so. Awiei koraa no, bere a wɔbɛhyehyɛ ɔsoro aware no bedu. Sɛnea nkɔmhyɛ mu dwom no toa so no: “Momma yɛn ani nnye, na yenni ahurusi, na yɛnhyɛ no anuonyam, efisɛ oguammaa no ayeforohyia adu, na ne yere asiesie ne ho.”​—Adiyisɛm 19:7, 8.

4. (a) Oguammaa no ne ne “yere” no yɛ henanom ho mfonini? (b) Nsɛm bɛn na wobisa wɔ ha, na ɔkwan bɛn so na yebenya mmuae?

4 Oguammaa no nyɛ obiara sɛ Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no, na ne “yere” no ne n’akyidifo anokwafo 144,000 a wɔasra wɔn a mprempren wɔne no ayɛ biako wɔ soro no nyinaa. Saa ɔsoro awarefo yi na wɔka bom yɛ Onyankopɔn Ahenni a ɛbɛpagyaw adesamma a awufo a wɔanyan wɔn ka ho aba adesamma pɛyɛ mu no nyinaa. (Adiyisɛm 5:8-10; 14:1-4; 20:4, 12, 13; 21:3-5, 9, 10; 22:1-3) So nsɛm a ebesisi a ɛbɛma wɔahyehyɛ saa aware a nhyira wom no bɛba ampa? Ɔkwan bɛn so na wubetumi anya saa aware no mu mfaso? Sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya saa nsemmisa no ho mmuae no, ma yɛnhwehwɛ nsɛm a esisii a ɛfa Isak aware ho a wɔakyerɛw wɔ Genesis ti 24 no mu.

Ayeforo a Wofi Soro Paw Maa Isak

5, 6. Dɛn nti na Abraham hyɛe sɛ ɛnsɛ sɛ Isak ware Kanaanni, na henanom na eyi yɛ akwankyerɛ pa ma wɔn nnɛ? (1 Korintofo 7:39)

5 Akwankyerɛ a Abraham de maa ne fie panyin a ɛda adi sɛ na ɔne Elieser no na efi kyerɛwtohɔ no ase. (Genesis 15:2; 24:2) Abraham kae sɛ: “Na mɛma woaka [Yehowa], ɔsoro Nyankopɔn ne asase Nyankopɔn, ntam sɛ worenware Kanaanfo a mete wɔn mu yi mmabea mu bi mma me ba. Na kɔ me kurow ne m’abusua mu kɔware yere ma me ba Isak.”​—Genesis 24:3, 4.

6 Dɛn nti na Abraham hyɛe araa sɛ ɛnsɛ sɛ ne ba ware Kanaanni? Efisɛ na Kanaanfo yɛ Kanaan a Noa domee no no asefo. (Genesis 9:25) Bio nso, na wonim Kanaanfo no sɛ wɔyɛ akyide, na ne titiriw no, na wɔnsom Yehowa. (Genesis 13:13; Leviticus 18:3, 17-28) Ntease wom sɛ na Abraham pɛ sɛ ne ba ware obi a ofi n’ankasa abusua mu, Sem a onyaa ɔsoro nhyira a efi Noa hɔ no aseni. (Genesis 9:26) Hwɛ akwankyerɛ pa a eyi yɛ ma Kristofo a wɔpɛ sɛ wɔware nnɛ no.​—Deuteronomium 7:3, 4.

7. Ɔkwan bɛn so na Abraham siesiee Elieser maa adwuma no?

7 Enti Elieser fii akwantu a ɛboro akwansin 500 a na ɛde ne bɛkɔ Mesopotamia no ase. Ɔkɔe a na wasiesie ne ho yiye na ɔfaa yoma du a wɔsoso akyɛde ahorow. (Genesis 24:10) Afei nso, na obetumi asusuw ne wura nsɛm a ɛhyɛ gyidi den yi ho: ‘Yehowa, ɔsoro Nyankopɔn no bɛsoma ne bɔfo adi w’anim, na woakɔware yere afi hɔ abrɛ me ba.’​—Genesis 24:7.

8, 9. (a) Dɛn na esii bere a Elieser duu Nahor kurow mu no? (b) Na sɔhwɛ bɛn na wɔnam so bɛpaw ayeforo a ɔfata no?

8 Awiei koraa no okoduu Nahor kurow mu wɔ Mesopotamia kusuu fam. Elieser maa yoma a wɔabrɛ no bututuw asubura bi ho wɔ kurow no kurotia sɛ wɔnhome. Na ɛyɛ bere a mmea bɛsaw nsu​—nokwarem no, hokwan fɛfɛ a ɛbɛma Elieser ahwehwɛ ɔyere! Nanso ɔbea bɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ? Nea ne ho yɛ fɛ sen biara? Dabi. Na Elieser ani gye ɔbea a ɔwɔ Onyankopɔn nipasu ho titiriw. Gyidi mpae a ɛda ahobrɛase adi a ɔbɔe no daa eyi adi: “[Yehowa], me wura Abraham Nyankopɔn, mesrɛ wo, ma emmehyia me nnɛ, na yɛ me wura Abraham adɔe. Hwɛ, migyina asubura yi so ha, na kurom hɔfo mmabea befi abɛsa nsu, na ma ɛmmra sɛ ababaa a mese no sɛ: Soɛ wo kuruwa ma mennom nsu no bi, na ɔbɛka sɛ: Nom, na mɛma wo yoma no anom bi no, ma ɔno ara nyɛ nea woayi no ama w’akoa Isak, na ɛno mu na mehu sɛ woayɛ me wura adɔe.”​—Genesis 24:11-14.

9 Na ɛno yɛ sɔhwɛ a eye ampa. Sɛnea The New Encyclopedia Britannica kyerɛ no, yoma a sukɔm de no yiye no betumi ‘anom nsu galɔn 25 wɔ simma du mu.’ Ebetumi aba sɛ na sukɔm a ɛte saa nne Abraham yoma no, nanso akyinnye biara nni ho sɛ na mmea a wɔwɔ hɔ saa bere no nim sɛnea aboa no tumi nom nsu no. Ɛda adi sɛ ebegye ɔbea yamyefo kɛse, a ɔnyɛ pɛsɛmenkominya, na ɔyɛ nsi na ɔde ne ho ama sɛ ɔbɛsaw nsu ama ɔhɔho bi yoma du a wɔabrɛbrɛ.

10, 11. (a) Wobuaa Elieser mpaebɔ no wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa bɛn so? (b) Ɔkwan bɛn so na Rebeka daa su pa adi? (d) Elieser yɛɛ n’ade dɛn wɔ ho?

10 Ansa na Elieser bewie ne mpaebɔ no mpo no, na wɔabua dedaw, sɛnea kyerɛwtohɔ no kyerɛ no: “Hwɛ, Rebeka . . . bae. Na ababaa no ho yɛ fɛ sɛ, ɔyɛ ɔbaabun a ɔbarima bi nhuu no da, na ɔkɔɔ asubura no mu kɔhyɛɛ ne kuruwa ma, na ɔbae. Na akoa no tuu mmirika kohyiaa no sɛ: Mesrɛ wo, ma memmɔ wo kuruwa yi mu nsu kakra hwirow. Na ose: Me wura, nom! Na ɔyɛɛ ntɛm soɛɛ ne kuruwa no sii ne nsam ma ɔnomee. Na ɔma ɔnom wiei no, ɔkae sɛ: Mɛkɔ makɔsaw bi mabrɛ wo yoma no nso akosi sɛ wobewie nom. Enti ɔyɛɛ ntɛm kohwiee ne kuruwa mu nsu no guu anomee hɔ, na otutuu mmirika kɔɔ abura no mu bio kɔsaw nsu, na ɔsaw maa ne yoma no nyinaa.”​—Genesis 24:15-20.

11 Elieser de ‘ahodwiriw hwɛɛ no’ bere a ohuu ne mpaebɔ ho mmuae a ɛyɛ nwonwa yi no. Bere a ɔbaabun a ɔfata nkamfo no wiei no, ɔde sika hwene mu kaa ne nsa so nkapo abien tuaa no ka na obisae sɛ: “Hena ba ne wo?” Bere a Elieser hui sɛ ɔyɛ Abraham nanabea no, ɔkotow Yehowa wɔ ɔsom kwan so bere a ɔkaa eyi no: “Nhyira nka [Yehowa], me wura Abraham Nyankopɔn a wamma n’adɔe ne ne nokware ammɔ me wura. Na me nso, [Yehowa] akyerɛ me me wura ne nuanom fi kwan.”​—Genesis 24:21-27.

12. Ɔkwan bɛn so na wɔde asɛm no baa awiei wɔ Rebeka fie?

12 Rebeka de anigye tuu mmirika kɔɔ fie kɔka kyerɛɛ n’abusuafo. Akyiri yi, bere a Rebeka n’agya ne ne nuabarima te fii Elieser ankasa anom nea enti a ɔbae ne sɛnea Yehowa abua ne mpaebɔ no, wɔpenee so ntɛm ara sɛ ɛsɛ sɛ Rebeka yɛ Isak yere. “Na Abraham akoa no tee wɔn nsɛm no, ɔkotow fam sɔree [Yehowa]. Na akoa no yii dwetɛ ne sika nnwinne ne ntade maa Rebeka; na ɔde nneɛma a ɛsom bo maa ne nuabarima ne ne na.”​—Genesis 24:52, 53.

Nea Ayeforo no ne Ne Mmaawa no Yɛe

13. Ɔkwan bɛn so na wosii nea Yehowa paw no no so dua sɛ ɔno ne nea ɔfata?

13 Rebeka buu hokwan a onyae sɛ wofi soro apaw no sɛ Isak yere no dɛn? Ade kyee no, asɛm bi sii a ɛdaa sɛnea ɔte nka ankasa wɔ ne mu no adi. Esiane sɛ na Elieser adi n’akwantu no atirimpɔw ho dwuma awie nti, ɔpɛe sɛ ɔsan kɔ ne wura nkyɛn ntɛm ara. Nanso na Rebeka abusua pɛ sɛ anyɛ yiye koraa no ayeforo no tra wɔn nkyɛn dadu. Enti wɔka kyerɛɛ Rebeka sɛ onsi gyinae sɛ ebia wasiesie ne ho sɛ ɔbɛkɔ ntɛm ara anaa. Ɔkae sɛ: “Mɛkɔ.” Pene a ɔpenee so sɛ obefi n’abusua nkyɛn ntɛm ara na watu kwan akɔ ɔman bi a ɛwɔ akyirikyiri mu akɔware ɔbarima bi a onhuu no pɛn da no yɛ Yehowa akwankyerɛ mu gyidi a ɛda nsow a ɔdaa no adi. Esii so dua sɛ na ɔne nea ɔfata sɛ wɔpaw no.​—Genesis 24:54-58.

14. (a) Na henanom na wɔka Rebeka ho? (b) Akwantu bɛn na na ɛda wɔn anim?

14 Rebeka nyaa nnipa kaa ne ho wɔ n’akwantu no mu. Sɛnea kyerɛwtohɔ no kyerɛkyerɛ mu no: “Na Rebeka ne ne mmaawa sɔree, na wɔtratraa yoma no so.” (Genesis 24:61) Enti yoma no fii akwantu a asiane wom a ɛboro akwansin 500 ase wɔ ɔman afoforo asasesin mu. The Living World of Animals nhoma no ka sɛ: “Yoma a wɔsoso nnesoa mmirika bɛyɛ akwansin 2.5 wɔ dɔnhwerew biako.” Sɛ Abraham yoma no nantew nnɔnhwerew awotwe da biara wɔ ɔkwan a ɛte saa so a, ɛnde na ebegye wɔn nnafua 25 na wɔadu faako a na wɔrekɔ wɔ Negeb no.

15. (a) Nhwɛso pa bɛn na yehu wɔ Elieser, Rebeka, ne ne mmaawa no ho? (b) Kyerɛwtohɔ no yɛ dɛn ho mfonini?

15 Elieser, Rebeka ne ne mmaawa no de wɔn ho too Yehowa akwankyerɛ so korakora, nhwɛso pa ma Kristofo nnɛ! (Mmebusɛm 3:5, 6) Bio nso, kyerɛwtohɔ no yɛ nkɔmhyɛ kwan so nhwɛsode a ɛhyɛ gyidi den. Sɛnea yɛahu no, Abraham yɛ Yehowa Nyankopɔn a ɔde ne Dɔba, Isak Kɛse mae sɛnea nnipa abɔnefo benya daa nkwa no ho mfonini. (Yohane 3:16) Ahosiesie ma Isak aware no bae bere bi wɔ bere a na wɔakora no so afi owu mu wɔ afɔremuka so no akyi. Ɛyɛ ahosiesie ma ɔsoro aware no, ahosiesie a efii ase anibere so wɔ Yesu wusɔre akyi no ho nkɔmhyɛ.

Isak Kɛse no Aware

16. (a) Ɔkwan bɛn so na Abraham akoa no yɛ Onyankopɔn honhom kronkron no ho mfonini wɔ ɔkwan a ɛfata so? (b) Asɛm bɛn na wobetumi abisa wɔ honhom no ne ayeforo no ho?

16 Elieser din kyerɛ “Me Nyankopɔn Yɛ Ɔboafo.” Wɔ din ne nneyɛe mu no, ɔyɛ Abraham Kɛse, Yehowa Nyankopɔn honhom kronkron a Ɔsoma baa akyirikyiri asase a ɛne yɛn asase yi so sɛ ɔmmɛpaw ɔyere a ɔfata mma Isak Kɛse, Yesu Kristo no ho mfonini wɔ ɔkwan a ɛfata so. (Yohane 14:26; 15:26) Ayeforo kuw no ne “asafo no” a emufo yɛ Yesu asuafo a wɔde honhom kronkron awo wɔn sɛ Onyankopɔn honhom mu mma no. (Efesofo 5:25-27; Romafo 8:15-17) Sɛnea Rebeka nyaa akyɛde ahorow a ne bo yɛ den no, saa ara nso na Kristofo asafo no mufo a wodi kan no nyaa akyɛde a ɛyɛ nwonwa a ɛyɛ wɔn ɔsoro frɛ no ho adanse wɔ Pentekoste da, 33 Y.B. (Asomafo no Nnwuma 2:1-4) Te sɛ Rebeka no, wofi wɔn pɛ mu apow wiase ne honam fam abusuabɔ biara sɛnea ɛbɛyɛ a awiei koraa no wɔne wɔn soro Ayeforokunu no bɛbom. Efi bere a wɔfrɛ ayeforokuw no muni biara kosi wɔn wu mu no, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn honhom mu ɔbaabunyɛ no so bere a wotu kwan fa Satan nnaadaa wiase a asiane wom no mu no. (Yohane 15:18, 19; 2 Korintofo 11:3; Yakobo 4:4) Esiane sɛ honhom kronkron no ahyɛ ayeforokuw no ma nti, wɔde nokwaredi to nsa frɛ afoforo sɛ wommenya Yehowa nsiesiei ma nkwagye mu kyɛfa. (Adiyisɛm 22:17) So wusuasua ne nhwɛso no denam honhom no akwankyerɛ a wugye tom so?

17. (a) Yoma du no yɛ dɛn ho mfonini? (b) Su bɛn na ɛsɛ sɛ yeyi adi wɔ Bible no ne nhoma ahorow a egyina Bible so a ayeforokuw no asiesie no ho? (Asomafo no Nnwuma 17:11)

17 Ayeforo kuw no bu nea yoma du no yɛ ho mfonini no sɛ ɛsom bo yiye. Wɔde akontaahyɛde du di dwuma wɔ Bible mu de kyerɛ pɛyɛ anaa sɛnea asase so nneɛma di mũ no. Wobetumi de yoma du no atoto mũ a Onyankopɔn Asɛm a ayeforokuw no nam so nyaa honhom mu aduan ne honhom mu akyɛde no di ne pɛ a ɛyɛ no ho. (Yohane 17:17; Efesofo 1:13, 14; 1 Yohane 2:5) The Watchtower a wotintim no November 1, 1948 no reka nsu a Rebeka de maa yoma no ho asɛm no, ɛde asɛm yi dii dwuma wɔ ayeforokuw no ho: “Wofi ɔdɔ mu susuw Onyankopɔn Asɛm a edi ne honhom a ɔde ma wɔn no mu fã kɛse ho adanse no ho. Wɔkyerɛ n’Asɛm a wakyerɛw no ho anigye, wɔde som na wɔma enya ahoɔden foforo denam sua a wosua na wofi koma pa mu dwen ne nsɛm ne n’atirimpɔw ho na wɔhwehwɛ sɛ wobegye adi no so.” Sɛ eyi ho nhwɛso no, ayeforokuw no nkaefo no fi ɔdɔ mu ama ɔpepem pii anya New World Translation of the Holy Scriptures foforo a ɛyɛ ne bere mu de no. Sɛ saa nkyerɛase fɛfɛ yi wɔ wo kasa mu anaasɛ dabi no, so wokyerɛ anisɔ denam adesua mmoa a ayeforokuw no de ama a wode hwehwɛ Bible no mu daa no so?​—2 Timoteo 3:16.

Oguammaa no Aware Rebɛn

18. Dɛn nti na na Rebeka mmaawa no yɛ ayeforo no mmaawa ho mfonini wɔ ɔkwan a ɛfata so nnɛ?

18 Wɔ Satan wiase yi nna a edi akyiri yi mu no, nnipakuw kɛse bi a wobetumi de wɔn atoto Rebeka “mmaawa” no ho abɛka ayeforokuw no nkaefo no ho. Sɛnea na ɛte wɔ Rebeka fam no, eyinom dɔɔso sen ayeforokuw 144,000 a wodi mfi wɔ dodow fam no. Wɔne Yesu Kristo “nguan foforo” no mu nnipakuw kɛse no. (Adiyisɛm 7:4, 9; Yohane 10:16) Sɛ ayeforo no mmaawa anokwafo no, ɛnsɛ sɛ wɔn nso wɔma Satan wiase no gu wɔn ho fĩ. Ɛsɛ sɛ wɔn nso wogye Yehowa honhom ne n’Asɛm no akwankyerɛ ahorow tom sɛnea ayeforokuw no akyerɛkyerɛ mu akyerɛ wɔn no. Nanso ɛsono wɔn akatua. Sɛ wɔde nokwaredi boa Kristo ayeforo no a, wobenya nkwa wɔ Satan wiase no awiei na wɔanya hokwan a ɛyɛ nwonwa a ɛne sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ asase so paradise bi mu.​—Adiyisɛm 21:3, 4.

19. Dɛn na esii bere a Rebeka ne ne mmaawa no dui no?

19 So Rebeka ne ne “mmaawa” no tumi duu wɔn botae no ho? Yiw. Sɛnea Bible no bɔ amanneɛ no: “Na Isak fii adi kɔɔ wuram anwummere kɔdwennwenee ne nsɛm ho. Na ɔmaa n’ani so hwɛɛ, na hwɛ, yoma reba. Na Rebeka maa n’ani so, na ohuu Isak no, ofii yoma no so sii fam.” Bere a Elieser akyerɛkyerɛɛ n’akwantu a ɛyɛɛ yiye no mu akyi no, Isak gyee Rebeka toom sɛ ne yere ‘na ɔdɔɔ no.’​—Genesis 24:63-67.

20. Ahurusidi bere bɛn na Isak aware no yɛ ho mfonini?

20 Saa ara na Yehowa atirimpɔw a ɛfa Kristo ayeforo no ho no rentumi nni nkogu. (Yesaia 55:11) Ɛrenkyɛ, bere a wɔabu Babilon Kɛse no atɛn na wɔasɛe no akyi no, ayeforo no nkaefo a wotwa to bewie wɔn akwantu no. Na bere no adu sɛ wɔtew wɔn ho fi wɔn mmaawa a wɔka wɔn ho no ho na wɔne Isak Kɛse no kɔbom wɔ aware mu wɔ soro. Hwɛ amansan no mu ahurusidi bere kɛse a ɛno bɛyɛ!​—Adiyisɛm 19:6-8.

21. Bere a ɔsoro aware no bɛn no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ?

21 Mprempren ɔpepem pii renya nhyira ama wɔn ho denam ayeforo nkaefo a wɔn so rehuan no som adwuma a wogye tom no so. Ansa na wɔn nyinaa bewie wɔn asase so adwuma wɔ owu mu no, wiase nyinaa atoro som a ɛte sɛ aguaman no sɛe befi “ahohiahia kɛse a en wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da” no ase. Bere a aka no yɛ tiaa. Sɛ wopɛ sɛ wunya nkwa a, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ wubenya ɔsoro ahyɛde ahorow no a wobedi ho dwuma no mu kyɛfa! (Mateo 24:14, 21; Marko 13:10; Luka 21:15; Yohane 13:34) Ahyɛde ahorow a ɛte saa no wɔ mmamu titiriw wɔ yɛn bere a emu yɛ den yi mu. Enti, sɛ ebia woyɛ ayeforo no nkaefo anaasɛ ne ne “nnipakuw kɛse” no muni no, kɔ so tie Yehowa fa hyɛ no anuonyam na ama w’ankasa woanya daa anigye. Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ ama nnipakuw kɛse a wɔabu wɔn sɛ Onyankopɔn nnamfo dedaw no sɛ wɔbɛkɔ so atra ase bere a Yehowa ‘yɛ nneɛma nyinaa foforo’ na ɔpepem pii nya mfaso horow a ɛtra hɔ daa wɔ paradise asase so no!​—Adiyisɛm 21:5; 22:1, 2, 17.

So Wokae?

◻ Anigye nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ esisi nnansa yi ara?

◻ Dɛn na ɛde bɔhyɛ ma sɛ ɔsoro aware no bɛyɛ yiye?

◻ Wobetumi de Elieser ne yoma du no atoto dɛn ho?

◻ Henanom na Rebeka ne ne mmaawa no yɛ wɔn ho mfonini nnɛ?

◻ Dɛn na yesua fi nsɛm a esisii a ɛmaa Isak waree no mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena