Wɔyɛɛ Yehowa Apɛde
Ɔyere a Wɔhwehwɛ Maa Isak
NÁ AKWAKORA a ɔte asubura no so no abrɛ. Ná ɔne n’ahokafo ne wɔn yoma du a ɛka wɔn ho no atwa kwan fi Beerseba mpɔtam aba Mesopotamia kusuu fam—ɔkwan a ɛboro kilomita 800.a Afei a na wɔadu baabi a wɔrekɔ no, ɔkwantuni a wabrɛ yi gyina susuw ne dwumadi a ɛnna fam no ho. Ná hena ne saa ɔbarima yi, na dɛn nti na na ɔretu kwan a ɛyɛ den yi?
Ná ɔbarima no yɛ Abraham akoa, “ne fie panyin.” (Genesis 24:2) Ɛwom sɛ wammɔ ne din wɔ asɛm no mu de, nanso ɛbɛyɛ Elieser, a bere bi Abraham frɛɛ no ‘ne fienipa’ a ɔkaa ne ho asɛm no sɛ nea ‘obedi n’ade’ no. (Genesis 15:2, 3) Nokwarem no, na ɛno yɛ bere a na Abraham ne Sara nni ba no. Seesei a na wɔn ba Isak adi mfe 40 no, na Elieser nyɛ Abraham dedifo titiriw bio, nanso na ɔda so ara yɛ n’akoa. Enti bere a Abraham de abisade bi a ɛyɛ den too n’anim no, wampopo ne ti. Ná ɛyɛ dɛn?
Dwumadi a Ɛnna Fam
Abraham bere so no, na aware mfa awofo ne mma nko ho, na mmom na ɛfa abusua mũ anaa agyanom asefo nyinaa ho. Enti na ɛyɛ awofo asɛyɛde sɛ wɔpaw ɔhokafo ma wɔn mma. Abraham hyiaa asɛnnennen wɔ ɔyere a na ɔbɛhwehwɛ ama ne ba Isak no ho. Kanaanfo bra a na asɛe nti, na ɛrenyɛ papa sɛ ɔbɛware wɔn mu bi. (Deuteronomium 18:9-12) Na bere a na ɛyɛ amammerɛ sɛ ɔbarima ware wɔ n’ankasa abusua mu no, na Abraham abusuafo wɔ Mesopotamia kusuu fam akyirikyiri nohoa. Ná ɔrentumi mma Isak nsan nkɔtra hɔ, efisɛ na Yehowa ahyɛ Abraham bɔ sɛ: “W’asefo na mede asase yi mɛma wɔn,” Kanaan asase. (Genesis 24:7) Ne saa nti, Abraham ka kyerɛɛ Elieser sɛ: “Kɔ me kurow ne m’abusua mu kɔware yere ma me ba Isak.”—Genesis 24:4.
Bere a Elieser twaa kwan tenten no wiei no, ɔhomee wɔ asubura no ho susuw ne dwumadi no ho. Ohui sɛ ɛrenkyɛ na mmea no aba asubura no ho abɛsaw anwummere nsu. Enti ɔsrɛɛ Yehowa sɛ: “Ma ɛmmra sɛ ababaa a mese no sɛ: Soɛ wo kuruwa ma mennom nsu no bi, na ɔbɛka sɛ: Nom, na mɛma wo yoma no anom bi no, ma ɔno ara nyɛ nea woayi no ama w’akoa Isak, na ɛno mu na mehu sɛ woayɛ me wura adɔe.”—Genesis 24:14.
Ɔda so rebɔ mpae no, ababaa bi a ne ho yɛ fɛ a wɔfrɛ no Rebeka bae. Elieser ka kyerɛɛ no sɛ “Mesrɛ wo, ma memmɔ wo kuruwa yi mu nsu kakra hwirow.” Rebeka yɛɛ saa, na afei ɔkae sɛ: “Mɛkɔ makɔsaw bi mabrɛ wo yoma no nso akosi sɛ wobewie nom.” Na eyi yɛ ayamye ade kɛse efisɛ yoma a sukɔm de no betumi anom nsu lita 95 wɔ simma du pɛ mu! Sɛ́ na sukɔm de Elieser yoma no anaa ɛnte saa no, na Rebeka nim sɛ adwuma a na wagye sɛ ɔbɛyɛ no nna fam. Nokwarem no, “ɔyɛɛ ntɛm kohwiee ne kuruwa mu nsu no guu anomee hɔ, na otutuu mmirika kɔɔ abura no mu bio kɔsaw nsu, na ɔsaw maa ne yoma no nyinaa.”—Genesis 24:15-20.
Bere a Elieser hui sɛ Yehowa nsa wom no, ɔmaa Rebeka sika hwene mu kaa bi, ne nsa so nkapo abien a ano si nnɛyi U.S. dɔla 1,400. Bere a Rebeka kyerɛɛ Elieser sɛ ne nana ne Abraham nuabarima, Nahor no, ɔbɔɔ mpae daa Onyankopɔn ase. Ɔkae sɛ: “Awurade [Yehowa NW] akyerɛ me me wura nuanom fi kwan.” (Genesis 24:22-27) Wɔde Elieser kɔɔ Rebeka abusuafo hɔ. Ankyɛ, Rebeka bɛyɛɛ Isak yere, na onyaa hokwan bɛyɛɛ Mesia, Yesu, nanabea.
Asuade Ahorow a Ɛwom Ma Yɛn
Yehowa hyiraa mpae a Elieser bɔe sɛ ɔmma onya ɔhokafo a osuro Onyankopɔn mma Isak no so. Nanso kae sɛ na Isak aware no fa Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛma aseni bi afi Abraham mu aba no ho tee. Enti ɛnsɛ sɛ saa asɛm yi ma yesusuw sɛ wɔnam anwonwakwan so bɛma obiara a ɔbɔ mpae hwehwɛ ɔhokafo no anya bi. Nanso, sɛ yɛbata Yehowa nnyinasosɛm ahorow ho a, ɔbɛma yɛn ahoɔden a yɛde begyina nsɛnnennen a asetra mu tebea no mu biara—aware anaa sigyadi—de ba no ano.—1 Korintofo 7:8, 9, 28; fa toto Filipifo 4:11-13 ho.
Ná ɛsɛ sɛ Elieser bɔ mmɔden kɛse na watumi ayɛ ade wɔ Yehowa kwan so. Ebia yɛn nso yebehu sɛ Yehowa gyinapɛn a yebedi akyi no nna fam bere nyinaa. Sɛ nhwɛso no, ebia ɛbɛyɛ den sɛ wubenya adwuma a ɛrensiw teokrase dwumadi ahorow kwan, ɔhokafo a osuro Nyankopɔn, nnamfo a wɔhyɛ nkuran, anigyede a ɛho tew. (Mateo 6:33; 1 Korintofo 7:39; 15:33; Efesofo 4:17-19) Nanso Yehowa betumi awowaw wɔn a wonnyae Bible nnyinasosɛm ahorow mu nsiesie no. Bible hyɛ bɔ sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata Awurade [Yehowa NW] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.”—Mmebusɛm 3:5, 6.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wɔde sɛnea yoma nantew no ka asɛm a, ebia wɔde bɛboro nnafua 25 na etwaa kwan no.