Bere Bɛn Na Mfirihyia Apem a Ɛto So Abiɛsa No Fi Ase?
SO WOATE sɛ wɔka sɛ mfirihyia apem a ɛto so abiɛsa no remfi ase wɔ afe 2000 mu, na mmom ebefi ase afe 2001? Saa asɛm no yɛ nokware—kodu baabi. Sɛ yɛfa no sɛ wɔwoo Yesu Kristo wɔ nea ɛnnɛ wɔfrɛ no afe 1 A.Y.B. mu sɛnea na ebinom susuw bere bi no a, ɛnde na December 31, 2000 (ɛnyɛ 1999), na ɛde mfirihyia apem a ɛto so abien no bɛba awiei, na January 1, 2001, afi mfirihyia apem a ɛto so abiɛsa no ase.a Nanso ɛnnɛ, ɛkame ayɛ sɛ nhomanimfo nyinaa gye tom sɛ wɔanwo Yesu Kristo afe 1 A.Y.B. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde na bere bɛn na wɔwoo no?
Bere Bɛn na Wɔwoo Yesu?
Bible nkyerɛ bere pɔtee a wɔwoo Yesu. Nanso, ɛka sɛ, wɔwoo no wɔ “ɔhene Herode bere so.” (Mateo 2:1) Bible ho abenfo pii gye di sɛ Herode wui wɔ afe 4 A.Y.B., ne sɛ, na wɔawo Yesu dedaw—ebia wɔ afe 5 anaa afe 6 A.Y.B. mu. Wɔde nea wɔka fa Herode wu ho no gyina afeha a edi kan Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Flavius Josephus nsɛm so.b
Sɛnea Josephus kyerɛ no, bere tiaa bi ansa na Ɔhene Herode rewu no, ɔsram kyeree owia. Bible ho abenfo twe adwene si ɔsram a ɛkyeree owia wɔ March 11, 4 A.Y.B. mu so de kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ Herode wuu saa afe no. Nanso wɔ afe 1 A.Y.B. mu no, ade kye sae wɔ January 8, na ɔsram kyeree owia wɔ December 27. Obiara ntumi nkyerɛ sɛ ebia na Josephus reka ɔsram a ɛkyeree owia wɔ afe 1 A.Y.B. anaa nea esii wɔ afe 4 A.Y.B. mu no ho asɛm. Ne saa nti, yentumi nnyina Josephus nsɛm no so nkyerɛ afe pɔtee a Herode wui. Sɛ yɛyɛ saa mpo a, yentumi nkyerɛ bere a wɔwoo Yesu, bere a yenni ho nsɛm pii no.
Adanse a edi mũ a yɛwɔ wɔ bere a wɔwoo Yesu ho no fi Bible mu. Kyerɛwtohɔ a efi honhom mu no ka sɛ Yesu maame nua ba Osuboni Yohane fii n’adwuma sɛ odiyifo no ase wɔ Roma Ɔhempɔn Kaesare Tiberio ahenni afe a ɛto so 15 mu. (Luka 3:1, 2) Wiase abakɔsɛm si so dua sɛ wɔhyɛɛ Tiberio ɔhempɔn wɔ September 15, 14 Y.B., enti ne mfe 15 no befi ase afi 28 Y.B. awiei akosi 29 Y.B. awiei. Yohane fii ne som adwuma ase saa bere no, na ɛda adi sɛ Yesu fii ne som adwuma ase asram asia akyi. (Luka 1:24-31) Sɛ yɛde eyi ka adanse afoforo ho a, ɛde bere a Yesu fii ne som adwuma ase no hyɛ 29 Y.B. otwa bere mu.c Bible ka sɛ, bere a Yesu fii ne som adwuma ase no, na wadi bɛyɛ “mfirihyia aduasa.” (Luka 3:23) Sɛ na wadi mfe 30 wɔ afe 29 Y.B. otwa bere mu a, ɛnde na wɔwoo no wɔ 2 A.Y.B. mu. Enti ɛnnɛ, sɛ yɛkan mfirihyia apem a ɛto so abien fi 2 A.Y.B. otwa bere mu (ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ afe “0” biara nni hɔ; ma enti efi afe 2 A.Y.B. kosi afe 1 Y.B. yɛ mfe abien) ba a, yehu sɛ mfirihyia apem a ɛto so abien no ba awiei wɔ afe 1999 otwa bere mu, na mfirihyia apem a ɛto so abiɛsa no fi ase saa bere no!
So ɛno ho hia? Sɛ nhwɛso no, so mfirihyia apem a ɛto so abiɛsa no mfitiase na Yesu Kristo Mfirihyia Apem Nniso a wɔka ho asɛm wɔ Adiyisɛm nhoma mu no befi ase? Dabi. Bible nkyerɛ sɛ mfirihyia apem a ɛto so abiɛsa no ne Kristo Mfirihyia Apem Nniso no wɔ abusuabɔ biara.
Yesu bɔɔ n’asuafo no kɔkɔ wɔ wɔn tirim a wɔbɛbɔ abu mmere ho. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Ɛnyɛ mo asɛm sɛ mubehu bere anaa nna a agya no ahyɛ ato hɔ n’ankasa ne tumi mu.” (Asomafo no Nnwuma 1:7) Ná Yesu adi kan aka sɛ ɔno mpo nnim bere a Onyankopɔn de atemmu bɛba saa nhyehyɛe bɔne yi so, na abue kwan ama Kristo Mfirihyia Apem Nniso no. Ɔkae sɛ: “Da no ne dɔn ko no de, obiara nnim, ɔsoro abɔfo ne ɔba no mpo nnim, gye agya no nko.”—Mateo 24:36.
So ntease wom sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ Kristo bɛsan aba da a wɔwoo no sɛ onipa no mfe 2,000 pɛpɛɛpɛ? Dabi, ɛnte saa. Ɛbɛyɛ sɛ na Yesu ankasa nim bere a wɔwoo no. Na ɛda adi pefee sɛ na onim sɛnea ɔbɛkan mfe 2,000 afi saa bere no. Nanso na onnim da ne dɔn ko a ɔbɛba. Ɛda adi sɛ, ɛrenyɛ mmerɛw saa sɛ yɛbɛkyerɛ bere pɔtee a ɔbɛsan aba! Ná ‘bere anaa nna’ no wɔ Agya no tumi mu—bere nhyehyɛe a na n’ankasa na onim.
Bio nso, Yesu anhyɛ n’akyidifo no sɛ wɔntwɛn no wɔ asase so beae pɔtee bi. Wanka ankyerɛ wɔn sɛ wɔnkɔboa wɔn ho ano ntwɛn, na mmom ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔbɛhwete akɔ “asase ano nohɔ” akɔyɛ amanaman nyinaa asuafo. Ontwaa saa ahyɛde no mu da.—Asomafo no Nnwuma 1:8; Mateo 28:19, 20.
So Wɔn Mfirihyia Apem Anidaso no Bɛyɛ Ɔkwa?
Ɛmfa ho eyinom nyinaa no, nnipa a wokura tetefo adwene wɔ ɔsom ho no wɔ afe 2000 ho akwanhwɛ a emu yɛ den. Wosusuw sɛ, Adiyisɛm nhoma no mu nsɛm bi bɛbam ankasa wɔ asram kakra a ɛda yɛn anim no mu. Nokwarem no wobu wɔn ho sɛ wɔyɛ ne mmamu fã bi. Sɛ nhwɛso no, wɔtwe adwene si nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm 11:3, 7, 8, a ɛka adansefo baanu a wɔhyɛ nkɔm wɔ ‘kurow kɛse no abɔnten so, a ɛno na honhom mu wɔfrɛ no Sodom ne Misraim, nea wɔbɔɔ wɔn Awurade nso asɛndua mu no’ so. Sɛ adansefo baanu no wie wɔn adansedi no a, aboa a ofi ebun mu no bekum wɔn.
Sɛnea amanneɛbɔ bi a ɛwɔ The New York Times Magazine a ɛbae wɔ December 27, 1998 mu kyerɛ no, nyamesom kuw bi kannifo “aka akyerɛ n’akyidifo sɛ ɔyɛ adansefo baanu a wɔde ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔmmɔ asase sɛe ne Awurade ba ho dawuru no mu biako—na ɛno akyi no, Satan bekum no wɔ Yerusalem abɔnten so.” Edi sɛ asɛm no haw Israel atumfoɔ no. Wosuro sɛ anhwɛ a anuɔdenfo bi bɛbɔ mmɔden sɛ wɔn ankasa bɛma nkɔmhyɛ no anya “mmamu”—sɛ ɛno bɛma wɔadi ako mpo a! Nanso Onyankopɔn nhia onipa “mmoa” na n’atirimpɔw abam. Bible nkɔmhyɛ nyinaa bɛbam wɔ Onyankopɔn ankasa bere a wahyɛ mu wɔ ɔkwan a Onyankopɔn pɛ so.
Wɔkyerɛw Adiyisɛm nhoma no wɔ ‘sɛnkyerɛnne’ mu. Sɛnea Adiyisɛm 1:1 kyerɛ no, na Yesu pɛ sɛ ɔma “ne nkoa” (ɛnyɛ wiase no nyinaa) hu nea etwa sɛ ɛba ntɛm. Nea ɛbɛyɛ na Kristo nkoa anaa n’akyidifo ate Adiyisɛm nhoma no ase no, wobehia Onyankopɔn honhom kronkron a Yehowa de ma wɔn a wɔsɔ n’ani no. Sɛ ɛsɛ sɛ wɔfa Adiyisɛm nhoma no mu ntease sɛnea ɛte no ara a, ɛnde anka wɔn a wonnye nni mpo betumi akenkan ate ase. Ɛnde anka ɛho renhia sɛ Kristofo bɔ mpae hwehwɛ honhom kronkron no mmoa ansa na wɔate ase.—Mateo 13:10-15.
Yɛahu sɛ, sɛnea Bible mu adanse kyerɛ no, Yesu awo akyi mfirihyia apem a ɛto so abiɛsa fi ase wɔ 1999 otwa bere mu, ne sɛ saa bere no anaa January 1, 2000, anaa January 1, 2001 ho nhia ahe biara. Nanso, mfirihyia apem bi da so wɔ hɔ a ɛho asɛm hia Kristofo paa. Sɛ ɛnyɛ mfirihyia apem a ɛto so abiɛsa no a, ɛyɛ nea ɛwɔ he? Asɛm a etwa to wɔ nsɛm a ɛwɔ afã horow yi mu no de ho mmuae bɛma.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “2000 Anaa 2001?” wɔ kratafa 5.
b Sɛnea nhomanimfo yi mmerebu kyerɛ no, na ɛsɛ sɛ mfirihyia apem a ɛto so abiɛsa no fi ase 1995 anaasɛ 1996 mu.
c Sɛ wopɛ ɛho nsɛm pii a, yɛsrɛ wo hwɛ Insight on the Scriptures, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no Po 1, nkratafa 1094-5.
[Kratafa 5 adaka]
2000 Anaa 2001?
Nea ɛbɛma woatumi ate nea enti a ebinom ka sɛ Yesu awo akyi mfirihyia apem a ɛto so abiɛsa besi January 1, 2001 ase no, susuw nhwɛso yi ho hwɛ. Fa no sɛ worekenkan nhoma bi a ekura nkratafa 200. Sɛ wudu kratafa 200 atifi a, ɛno kyerɛ sɛ woakenkan nkratafa 199 awie a aka kratafa biako a ɛsɛ sɛ wokenkan. Gye sɛ woadu kratafa 200 awiei ansa na woawie nhoma no kan. Saa ara na wɔ December 31, 1999, mu no, na mfe apem yi mu mfe 1,999 atwam sɛnea nnipa pii susuw no, na na aka afe biako bio ansa na mfe apem no atwam. Sɛ yegyina ɛno so a, ɛnde mfirihyia apem a ɛto so abiɛsa no fi ase January 1, 2001. Nanso ɛno nkyerɛ ankasa sɛ saa bere no ne mfirihyia 2,000 pɛpɛɛpɛ a wɔwoo Yesu, sɛnea asɛm yi kyerɛ no.
[Kratafa 6 adaka]
Sɛnea Wonyaa B.C.-A.D. Mmerebu Nhyehyɛe No
Afeha a ɛto so asia Y.B. mfitiase na Pope John I de hyɛɛ ɔkokorani bi a wɔfrɛ no Dionysius Exiguus nsa sɛ ɔnyɛ mmerebu nhyehyɛe bi a ɛbɛma asɔre ahorow no de bere a wɔde bedi Easter asi hɔ.
Dionysius fii adwuma ase. Obuu mmere kɔɔ n’akyi ma ɛtraa bere a Yesu wui, kosii nea na osusuw sɛ ɛyɛ bere a wɔwoo Yesu so; na afei ofii ase kan afe biara fii ɛno so baa anim. Dionysius frɛɛ bere a efi Yesu awo so no “A.D.” (a egyina hɔ ma Anno Domini—“wɔ yɛn Awurade afe no mu.”) Bere a na Dionysius adwene ne sɛ ɔbɛpɛ ɔkwan pa a wɔbɛfa so ahu bere a Easter bɛso afe biara no, ɔde mmerebu a wɔde gyina bere a wɔwoo Kristo so reba sii hɔ a wanhu.
Ɛwom sɛ ɛkame ayɛ sɛ nhomanimfo dodow no ara gye tom sɛ wɔanwo Yesu wɔ afe a Dionysius de ne mmerebu gyinaa so no de, nanso ne mmerebu nhyehyɛe no boa yɛn ma yehu sɛnea nsɛm sisii tete no, ne nea ɛyɛe a ebiara bae.