Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 10/8 kr. 5-6
  • Nna A Edi Akyiri​—Ahenni Ahenni So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nna A Edi Akyiri​—Ahenni Ahenni So
  • Nyan!—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wiase Ko II​—Tumi Soronko a Ɛsɛe Ade
  • Hena Paa na Ɔde Ɔko ne Amanehunu Ba?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Ɔko A Ɛde Akodi Bɛba Awiei
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • So Wontumi Nnyae Akodi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • “Ɔko A Ebetwa Akodi Nyinaa So”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 10/8 kr. 5-6

Nna A Edi Akyiri​—Ahenni Ahenni So

“Na amanaman ntawntawdi fi 1914 kosi 1918 mu no nyɛ ‘ɔko foforo bi ho atesɛm a enni mũ’ bi. Apereperedi no de ɔko wɔ ɔkwan foforo so bae, ɔko koraa a edi kan a adesamma ahu pɛn. Bere tenten a edii, emu den, ne sɛnea ɛtrɛwee no boroo ebiara a na wɔadi kan ahu anaasɛ wɔhwɛ kwan no so. Ná ɛda a obiara ho wɔ akodi mu no adu.”​—The World in the Crucible a Bernardotte E. Schmitt ne Harold C. Vedeler kyerɛwee.

NÁ 1914-18 ɔko no yɛ kɛse wɔ adesɛe ne nkwa hwere mu araa ma wɔ Franse de besi nnɛ no, wubetumi ahu nkaedum a wohyiraa so maa wɔn a wɔtɔe wɔ La Grande Guerre, Ɔko Kɛse no mu no. Amerikani ɔkyerɛwfo Ernest Hemingway frɛɛ no akyiri yi sɛ “okum a ɛso, ahude wom, wɔankyerɛ no kwan yiye a ɛsen biara a asi pɛn wɔ asase so.” Wɔsan too Ɔko Kɛse no din Wiase Ko I bere a Wiase Ko II (1939-45) sɛee wiase no anidaso no.

Na Wiase Ko I yɛ soronko fi ako afoforo a na adi kan asisi no ho wɔ akwan pii so. Asraafo dɔm ɔpepem pii kunkum wɔn ho wɔn ho wɔ Europa atɔe fam sare so ne kwae mu. Atuo a wɔde mfiri to dii tumi bere a etwitwaa asraafo a wɔnam fam pii gugui no. Sɛnea Gwynne Dyer kyerɛ wɔ ne nhoma War mu no: “Wɔ asram abien [wɔ bere a ɔko no fii ase] mu no, na nnipa bɛboro ɔpepem awuwu . . . Akode a wɔde mfiri toto​—aprɛm a ɛtoto ntɛmntɛm ne atuo a wɔde mfiri to a epuw mmoba ahansia simma biara​—de mpewa a edi awu hyɛɛ mframa mu ma.” Ntwitwiridii, po ase akohyɛn, ne wimhyɛn sakraa nsusuwii ne nyansa kwan ahorow. Afei de awudi tew fii soro na epue fii nsu mu.

Ɛkã mu akodi a mframa a awuduru wom a wɔde di dwuma ka ho piaa nnipa koduu boasetɔ, amanehunu, ne ɔsɛe awiei. Na Ɔko Kɛse no yɛ soronko wɔ ɔkwan foforo so: “Eyi ne ɔko a edi kan a nneduafo dodow duu ɔpepem (wɔn nyinaa yɛ 8,400,000) na wɔde wɔn siei mmere atenten mu.” (The World in the Crucible) Ɛno nso ne ɔko a edi kan a ɛkame ayɛ sɛ na nnipa a wɔnyɛ asraafo no nyinaa ho wom bi, sɛ ɛyɛ ahobammɔ ne akodeyɛ mu anaasɛ na wɔyɛ wɔn a ntua ne ɔko kaa wɔn no.

Yehowa Adansefo a na wɔwɔ hɔ wɔ 1914 mu no hui sɛ na saa ɔko huhu no yɛ Yesu nkɔmhyɛ a ɛkyerɛ biribi no mmamu no mfiase. Nanso na nea enye koraa no bɛba.

Wiase Ko II​—Tumi Soronko a Ɛsɛe Ade

Adanse foforo a wɔ nnipa ani so mpo no ɛkyerɛ sɛ eyinom betumi ayɛ nna a edi akyiri no ne sɛnea onipa betumi asɛe ne ho no. Ɔbenfo Bernard Lown kae wɔ ne ɔkasa a ɔde nyaa Nobel Asomdwoe Akyɛde no mu sɛ: “Wiase Nyinaa Ko a Ɛto so Abien no de akodi koraa​—nea nnyinasosɛm nni ɔkwan a wɔfaa so no mu, basabasayɛ no nni ano, na enyiyi wɔn a ekunkum wɔn no mu​—bae. Auschwitz fonoo ne atomik a wɔde hyew Hiroshima ne Nagasaki no de bi kaa adesamma atirimɔdensɛm abakɔsɛm no ho.”

So adesamma suaa ayamhyehye ne mmɔborohunu fii osuahu a ɛyɛ hu no mu? Ɔtoa so sɛ: “Ɛyaw a ɛkɔɔ so a ekunkum nnipa ɔpepem 50 [a ɛne Britania, Franse, anaa Italy nnipa dodow nkabom reyɛ ayɛ pɛ] no amma wɔannya nnyinaso a ɛtra hɔ daa a ɛbɛma wɔagyae atirimɔdensɛm. Nea ɛne no bɔ abira no, ankyɛ na wɔsan de akode a awuduru wom a ebetumi ama wɔanya Wiase Ko II ahorow ɔpepem pii hyɛɛ akode akorae mama.​—Yɛn na yɛde nkyerɛwee soronko akyerɛw afã bi no.

Akyinnye biara nni ho sɛ yɛahu sɛ ‘ɔman sɔre ɔman so ne ahenni ahenni so’ no, na Adiyisɛm mu ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ no sotefo no atrɛw okum mu wɔ asase so nyinaa. (Mateo 24:7; Adiyisɛm 6:4) Nanso ade titiriw bɛn bio na nuklea akode a wɔyɛ ne ne nkɔso no benya wɔ yɛn “nna a edi akyiri” yi so?​—2 Timoteo 3:1.

[Kratafa 6 adaka/mfoni]

“Nea ahyɛ afeha 20 no agyirae ne basabasa a ɛkɔ soro sɛ wɔde toto mfeha abien a edi kan no ho a. . . . Afeha 20 no anya ako ahorow 237, kyereɛ sɛ aperepere a wobu ano a ekunkum nnipa 1,000 anaa nea ɛboro saa afe biara ho kyerɛwtohɔ dedaw.”

“Ɛnyɛ sɛ ako pii wo hɔ nko na mmom n’adesɛe no aso akɔ soro. Ɛde besi saa bere yi no, ako ahorow a asisi wɔ afeha 20 yi mu no akunkum nnipa ɔpepem 99, a ɛyɛ afeha 19 mu de no mpɛn 12, afeha 18 mu de mpɛn 22. . . . Wɔ afeha a edi akyiri no mu no, ako abien a na awufo boro ɔpepem na esisii; wɔ saa afeha yi mu no, ako a ɛtete saa 13 na asisi.”​—World Military and Social Expediture 1986 a Ruth Leger Silvard kyerɛwee.

[Asɛm Fibea]

U.S. Army photo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena